ADESUA ASƐM 46
“Gyidi Kyɛm Kɛse” No, Worehwɛ Wo De So Yiye Anaa?
‘Fa gyidi kyɛm kɛse no.’—EFE. 6:16.
DWOM 119 Ɛsɛ sɛ Yenya Gyidi Ankasa
NEA YƐREBESUAa
1-2. (a) Sɛnea Efesofo 6:16 kyerɛ no, adɛn nti na yehia “gyidi kyɛm kɛse”? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho?
WOWƆ “gyidi kyɛm kɛse”? (Kenkan Efesofo 6:16.) Akyinnye biara nni ho sɛ wowɔ bi. Sɛnea kyɛm kɛse bɔ ɔsraani nipadua fã kɛse no ara ho ban no, wo gyidi bɔ wo ho ban fi ɔbrasɛe, basabasayɛ, ne biribi foforo biara a Onyankopɔn mmara kasa tia ho.
2 Nanso, yɛte “nna a edi akyiri” no mu, na yɛbɛkɔ so ahyia yɛn gyidi ho sɔhwɛ. (2 Tim. 3:1) Wobɛyɛ dɛn ahwɛ ahu sɛ wo gyidi kyɛm no te apɔw? Na wobɛyɛ dɛn aso wo kyɛm no mu denneennen? Yebenya nsɛmmisa yi ho mmuae wɔ adesua yi mu.
HWƐ HU SƐ WO KYƐM NO TE APƆW
Sɛ asraafo kɔ ɔko wie a, na wɔhwɛ siesie wɔn kyɛm (Hwɛ nkyekyɛm 3)
3. Dɛn na na asraafo yɛ wɔn kyɛm, na adɛn ntia?
3 Bible mmere mu no, na asraafo taa de kyɛm a wɔde aboa nhoma adura ho na ɛkɔ ɔko. Ná asraafo no de ngo srasra kyɛm no ho sɛnea ɛbɛyɛ a aboa nhoma no rensɛe, na na ɛmma dade a ɛwɔ kyɛm no ho no nwe nkannare. Sɛ ɔsraani bi hu sɛ ne kyɛm no ho atɔ kyima a, na ɔhwɛ siesie sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛyɛ krado ama ɔko a ɛda n’anim no. Saa mfatoho yi fa wo gyidi ho sɛn?
4. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wohwɛ hu sɛ wo gyidi kyɛm no te apɔw, na wobɛyɛ dɛn ayɛ saa?
4 Tete no, sɛnea na asraafo yɛ no, wo nso, ɛsɛ sɛ da biara wohwɛ hu sɛ wo gyidi kyɛm no te apɔw na wokɔ so siesie ma ɛyɛ den. Ɔko a Kristofo reko no yɛ honhom mu de; yɛn atamfo a yɛne wɔn redi asi no yɛ ahonhommɔne. (Efe. 6:10-12) Obiara rentumi nhwɛ wo gyidi kyɛm no so mma wo. Wobɛyɛ dɛn ahu sɛ, sɛ wuhyia sɔhwɛ a, wubetumi anya ahoɔden de agyina ano? Nea edi kan, ɛsɛ sɛ wobɔ mpae srɛ Onyankopɔn mmoa. Afei, ɛsɛ sɛ woma Onyankopɔn Asɛm boa wo ma wuhu wo ho sɛnea Onyankopɔn hu wo. (Heb. 4:12) Bible ka sɛ: “Fa wo koma nyinaa to Yehowa so, na mfa wo ho ntweri w’ankasa ntease.” (Mmeb. 3:5, 6) Bere a wei wɔ w’adwene mu no, wubetumi asusuw gyinae a woasisi no nnansa yi no mu bi ho ahwɛ. Ebi ni. Wo ho kyeree wo wɔ sikasɛm mu anaa? Wususuw Yehowa bɔhyɛ a ɛwɔ Hebrifo 13:5 no ho anaa? Ɛhɔ ka sɛ: “Merennyaw wo na merempa wo nso da.” Saa bɔhyɛ no ma wunyaa awerɛhyem sɛ Yehowa bɛboa wo anaa? Sɛ saa a, ɛnde nea ɛkyerɛ ne sɛ worehwɛ wo gyidi kyɛm no so yiye.
5. Sɛ wohwehwɛ sɛnea wo gyidi te mu yiye a, dɛn na ebia wubehu?
5 Sɛ wotɔ wo bo ase hwɛ sɛnea wo gyidi te a, ebia nea wubehu no bɛyɛ wo nwonwa. Ebia wubehu mmerɛwyɛ bi a w’ani mmaa so. Nhwɛso bi ni. Ebia wubehu sɛ adwinnwen bebrebe, atosɛm, anaa abasamtu ama wo gyidi ayɛ mmerɛw. Sɛ biribi a ɛte saa ato wo a, dɛn na wobɛyɛ na wo gyidi ansɛe?
MMA ADWINNWEN BEBREBE, ATOSƐM, NE ABASAMTU NSƐE WO GYIDI
6. Nneɛma bɛn na ɛnyɛ mfomso sɛ yebedwinnwen ho?
6 Nneɛma bi wɔ hɔ a, ɛnyɛ mfomso sɛ yebedwinnwen ho. Nhwɛso bi ni. Nea yɛbɛyɛ de asɔ Yehowa ne Yesu ani no, sɛ yedwinnwen ho a, mfomso biara nni ho. (1 Kor. 7:32) Sɛ yɛyɛ bɔne a emu yɛ duru a, yedwinnwen ho hwɛ nea yebetumi ayɛ ama yɛne Onyankopɔn ntam asan ayɛ kama. (Dw. 38:18) Ade foforo a yedwinnwen ho ne nea yebetumi ayɛ de asɔ yɛn kunu anaa yɛn yere ani, ne sɛnea yɛbɛhwɛ yɛn mmusua na yɛaboa yɛn mfɛfo gyidifo.—1 Kor. 7:33; 2 Kor. 11:28.
7. Sɛnea Mmebusɛm 29:25 kyerɛ no, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yesuro nnipa?
7 Adwinnwen bebrebe betumi asɛe yɛn gyidi. Ebi ne sɛ, ebia yebedwinnwen aduan a yebedi ne atade a yɛbɛhyɛ ho daa. (Mat. 6:31, 32) Ɛba saa a, ebia yɛbɛkɔ akodi ahonyade akyi. Anhwɛ mpo a yɛbɛyɛ sikanibere. Sɛ yɛma biribi a ɛte saa to yɛn a, gyidi a yɛwɔ wɔ Yehowa mu no bɛyɛ mmerɛw, na ɛbɛsɛe yɛne no ntam. (Mar. 4:19; 1 Tim. 6:10) Afei, sɛ ade a ɛho hia yɛn ara ne sɛ nkurɔfo begye yɛn atom a, ɛno nso betumi agyaw yɛn adwinnwen. Ɛba saa a, sɛ nkurɔfo di yɛn ho fɛw anaa wɔtaa yɛn a, ebia ehu bɛka yɛn, na ɛbɛyɛ den sɛ yebedi Yehowa mmara so. Nea ɛbɛyɛ na yɛantɔ asiane a ɛte saa mu no, ɛsɛ sɛ yɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmma yɛn gyidi ne akokoduru a yehia na yɛansuro nnipa.—Kenkan Mmebusɛm 29:25; Luka 17:5.
(Hwɛ nkyekyɛm 8)b
8. Sɛ yɛte atosɛm bi a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?
8 Satan yɛ “atoro agya,” na ɔfa ne nkurɔfo so keka Yehowa ne yɛn nuanom ho atosɛm. (Yoh. 8:44) Ebi ne sɛ, awaefo kyerɛw atosɛm na wokyinkyim nokwasɛm a ɛfa Yehowa ahyehyɛde ho wɔ wɛbsaet ahorow, television, ne radio so. Wɔsan nso yɛ saa wɔ atesɛm nkrataa ne nhoma ahorow mu. Saa atosɛm no ka Satan “mmɛmma a ɛredɛw” no ho. (Efe. 6:16) Sɛ obi ka atosɛm a ɛte saa kyerɛ yɛn a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Ɛnsɛ sɛ yetie! Adɛn ntia? Efisɛ yɛwɔ Yehowa mu gyidi, na yegye yɛn nuanom nso di. Nea ɛte ne sɛ, yɛne awaefo nni hwee yɛ. Yɛremma kwan mma obi anaa biribi mma yɛne wɔn nkogye akyinnye. Saa ara nso na yɛrenkɔyɛ asɛmpɛ ne wɔn nkogye akyinnye.
9. Dɛn na abasamtu betumi ama ato yɛn?
9 Abasamtu betumi ama yɛn gyidi ayɛ mmerɛw. Yɛrentumi mmu yɛn ani ngu yɛn haw so. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛkyerɛ sɛ biribiara mfa yɛn ho. Ɛtɔ da a, yɛn abam betumi abu. Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn haw hyɛ yɛn so ma yedwinnwen pii. Sɛ yɛyɛ saa a, ebetumi ama yɛn werɛ afi anidaso a ɛyɛ nwonwa a Yehowa ama yɛanya no. (Adi. 21:3, 4) Ɛba saa a, yɛn abam betumi abu ama yɛayɛ mmerɛw na yɛagyae Yehowa som. (Mmeb. 24:10) Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛma wei to yɛn.
10. Dɛn na wusua fi krataa a onuawa bi kyerɛwee no mu?
10 Onuawa bi a ɔwɔ United States rehwɛ ne kunu a ɔyare denneennen. Yɛnhwɛ nea wayɛ de akɔ so akura ne gyidi mu. Ɔkyerɛw krataa kɔmaa asafo ti. Ɔkaa sɛ: “Asɛm a ato yɛn no ma yɛbrɛ paa, na ɛtɔ da a na yɛn abam abu, nanso yɛn anidaso nsae koraa. Nneɛma a ɛhyɛ yɛn gyidi den na ɛhyɛ yɛn nkuran a yenya no, m’ani sɔ paa. Yehia saa afotu ne nkuranhyɛ yi paa. Ɛboa yɛn ma yɛkɔ so som Yehowa, na ɛboa yɛn ma yegyina sɔhwɛ biara a Satan de ba yɛn so ano.” Nea yesua fi onuawa yi asɛm mu ne sɛ, yɛn abam bu a, yebetumi agyina ano! Yɛbɛyɛ no sɛn? Kae sɛ ɔhaw a worehyia no, Satan na ɔde resɔ wo ahwɛ. Hu sɛ Yehowa na obetumi akyekye wo werɛ. Honhom fam aduan a ɔde ma yɛn no nso, ma w’ani nsɔ.
Wukura wo “gyidi kyɛm kɛse” no mu denneennen anaa? (Hwɛ nkyekyɛm 11)c
11. Yɛpɛ sɛ yehu sɛ yɛn gyidi yɛ den a, nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho?
11 Wo gyidi kyɛm no, baabi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wusiesie anaa? Abosome kakra a atwam no, woatumi atew w’adwinnwen so anaa? Woabɔ mmɔden sɛ worentie awaefo na wo ne wɔn nnye atosɛm a wɔkeka no ho akyinnye anaa? W’abam abu ama woatumi agyina ano anaa? Sɛ saa a, ɛnde wo gyidi yɛ den. Nanso ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ, efisɛ Satan wɔ akode foforo a ɔpɛ sɛ ɔde sum yɛn afiri. Momma yɛnhwɛ emu baako.
HWƐ YIYE NA WOANKODI AHONYADE AKYI
12. Sɛ yedi ahonyade akyi a, dɛn na ebetumi ama yɛayɛ?
12 Sɛ yedi ahonyade akyi a, ebetumi atwetwe yɛn adwene na ɛremma yɛnhwɛ yɛn gyidi kyɛm no so yiye. Ɔsomafo Paul kaa sɛ: “Obiara nni hɔ a ɔreyɛ asraafodwuma a ɔde ne ho hyehyɛ aguadisɛm mu, efisɛ ɔpɛ sɛ ɔsɔ nea ɔfaa no sraadi mu no ani.” (2 Tim. 2:4) Nea ɛte ne sɛ, na wɔmma Roma asraafo mfa wɔn ho nhyehyɛ aguadi mu. Sɛ ɔsraani bi anni saa mmara yi so a, na dɛn na ebesi?
13. Adɛn nti na ɔsraani remfa ne ho nhyɛ aguadi mu?
13 Twa asɛm yi ho mfoni hwɛ. Ná asraafo bi resɔ wɔn akode ahwɛ anɔpa bi, nanso na ɔsraani baako nni hɔ. Ná saa ɔsraani no wɔ gua so retɔn aduan. Eduu anwummere no, asraafo no gyee bere hwɛe sɛ wɔn akode te apɔw, na wɔsew wɔn nkrante ano. Nanso, ɔsraani a ɔtɔn aduan no de, ɔde ne bere noaa aduan a ɔbɛtɔn no da a edi hɔ no. Ade kyee no, ɔtamfo bi bɛtow hyɛɛ wɔn so mpofirim. Wohwɛ a, asraafo no mu hena na na wayɛ krado sɛ ɔbɛko na ama ne panyin apɛ n’asɛm? Wɔn mu hena na w’ani begye ho sɛ obegyina wo nkyɛn? Ɔsraani a osiesiee ne ho maa ɔko no, anaa nea ɔmaa nneɛma twetwee n’adwene no?
14. Yɛyɛ Kristo asraafo, ɛno nti dɛn na ɛho hia yɛn?
14 Yɛte sɛ asraafo a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko, enti yɛmma biribiara ntwetwe yɛn adwene mfi ade a ɛho hia yɛn paa no so. Ɛno ne sɛ yɛbɛma Yehowa ne Kristo a wɔyɛ yɛn Asahene no apɛ yɛn asɛm. Yebu wei sɛ ɛsom bo sen biribiara a yebetumi anya wɔ Satan wiase no mu. Yɛhwɛ sɛ yɛwɔ bere ne ahoɔden a yehia na ama yɛatumi asom Yehowa, na yɛhwɛ nso sɛ yɛn gyidi kyɛm ne Onyankopɔn akode a aka nyinaa te apɔw.
15. Dɛn na Paul bɔɔ yɛn kɔkɔ wɔ ho, na adɛn ntia?
15 Ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ bere nyinaa! Adɛn ntia? Ɔsomafo Paul bɔɔ kɔkɔ sɛ ‘wɔn a wɔn ani abere sɛ wɔbɛyɛ adefo no bɛyera afi gyidi no ho.’ (1 Tim. 6:9, 10) Asɛmfua ‘bɛyera’ no ma yehu sɛ, sɛ yedi nneɛma a yenhia akyi a, ebetumi atwetwe yɛn adwene. Ɛba saa a, ebetumi ama yɛn koma akodi “nkwasea akɔnnɔ a ɛyɛ hu bebree” akyi. Ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn koma kodi saa akɔnnɔ no akyi, mmom ɛsɛ sɛ yehu sɛ ɛyɛ akode a Satan betumi de asɛe yɛn gyidi.
16. Yɛhwɛ asɛm a ɛwɔ Marko 10:17-22 no a, ɛsɛ sɛ ɛka yɛn ma yesusuw nsɛmmisa bɛn ho?
16 Yɛmfa no sɛ yɛwɔ sika a yebetumi de atotɔ nneɛma pii. Sɛ yɛtotɔ nneɛma a yɛpɛ nanso yenhia a, mfomso bi wɔ ho anaa? Ɛnte saa ankasa. Nanso susuw nsɛmmisa yi ho: Sɛ yɛwɔ sika a yɛde bɛtɔ biribi mpo a, yebenya adagyew de ayɛ adwuma na yɛahwɛ so yiye? Afei nso, ebetumi aba sɛ ɛno bɛma yɛde yɛn werɛ ahyɛ ahonyade a yɛwɔ mu anaa? Yesu frɛɛ aberante bi sɛ ommedi n’akyi na ɔnyɛ pii mfa nsom Onyankopɔn nanso wanyɛ. Yɛde yɛn werɛ hyɛ ahonyade mu a, ebetumi ama yɛayɛ yɛn ade te sɛ saa aberante no anaa? (Kenkan Marko 10:17-22.) Biribiara nni hɔ a ɛsen sɛ yebetwitwa nneɛma so na yɛde yɛn bere a ɛsom bo ne yɛn ahoɔden ayɛ Onyankopɔn apɛde!
KURA WO GYIDI KYƐM NO MU DENNEENNEN
17. Dɛn na ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi da?
17 Ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi da sɛ yegyina akono, na ɛsɛ sɛ da biara da yɛyɛ krado sɛ yɛbɛko. (Adi. 12:17) Yɛn nuanom rentumi nkura yɛn gyidi kyɛm no mma yɛn. Yɛn ankasa na ɛsɛ sɛ yekura mu denneennen.
18. Tete no, adɛn nti na na asraafo kura wɔn kyɛm mu denneennen?
18 Tete no, sɛ ɔsraani bi de akokoduru kɔ ko a, na wɔhyɛ no anuonyam. Nanso sɛ wamfa ne kyɛm amma fie a, na ɛyɛ animguase ma no. Romani abakɔsɛm kyerɛwfo Tacitus kyerɛwee sɛ: “Ade a egu ɔsraani anim ase kyɛn biribiara ne sɛ obegyaw ne kyɛm wɔ akono.” Ɛno ne ade baako nti a na asraafo hwɛ sɛ wobekura wɔn kyɛm mu denneennen.
Onuawa bi kura ne gyidi kyɛm kɛse no mu den; ɔbɔ mpae na ɔkenkan Onyankopɔn Asɛm, ɔkɔ asafo nhyiam daa, na ɔyere ne ho yɛ asɛnka adwuma no (Hwɛ nkyekyɛm 19)
19. Yɛbɛyɛ dɛn akura yɛn gyidi kyɛm no mu denneennen?
19 Sɛ yɛkɔ Kristofo nhyiam daa, na yɛka Yehowa din ne n’Ahenni ho asɛm kyerɛ afoforo a, ɛkyerɛ sɛ yekura yɛn gyidi kyɛm no mu denneennen. (Heb. 10:23-25) Afei nso, yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm no da biara, na yɛbɔ mpae srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn mma yɛmfa emu afotu ne akwankyerɛ nyɛ adwuma wɔ biribiara mu. (2 Tim. 3:16, 17) Yɛyɛ saa a, akode biara a Satan de bɛba yɛn so no, ɛrentumi mpira yɛn afebɔɔ. (Yes. 54:17) Yɛn “gyidi kyɛm kɛse” no bɛbɔ yɛn ho ban. Yebegyina pintinn ne yɛn nuanom abom asom. Bio nso, ɔko a da biara yɛko no, yebedi nkonim. Na nea ɛsen saa no, sɛ Yesu di nkonim wɔ ɔko a ɔne Satan ne n’akyitaafo reko no mu a, yebenya hokwan agyina Yesu afã.—Adi. 17:14; 20:10.
DWOM 118 “Ma Yɛn Gyidi Nyɛ Kɛse”
a Ná asraafo hia kyɛm na abɔ wɔn ho ban afi asiane ho. Yɛn gyidi te sɛ kyɛm. Sɛnea na ɛsɛ sɛ asraafo hwɛ wɔn kyɛm so yiye no, saa ara na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛ yɛn gyidi bɛkɔ so ayɛ den. Adesua yi bɛma yɛahu nea yebetumi ayɛ na ama yɛn “gyidi kyɛm kɛse” no akɔ so ayɛ den.
b MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Awaefo keka Yehowa Adansefo ho atosɛm, na ɛho amanneɛbɔ aba TV so; abusua bi a wɔyɛ Adansefo adum TV no amonom hɔ ara.
c MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Akyiri yi, bere a wɔreyɛ abusua som no, agya no ne n’abusua resusuw Bible mu asɛm ho de ahyɛ wɔn gyidi den.