Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Yiyedi​—A Nea Wobɛhwere Biara Mfa Ho?
    Ɔwɛn-Aban—1988 | October 1
    • Esiane sɛ ohia abu so nti, nnipa pii ahwehwɛ sika fam yiyedi na wɔapow biribi foforo biara. Ebinom sisi afoforo sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya eyi. Nanso bere a wɔabɛyɛ Kristofo no, ɛsɛ sɛ anka wogyae saa su yi koraa sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nneyɛe ne Bible trenee gyinapɛn ahorow no behyia.

      Nanso, Kristofo binom mpo san de wiase no nneɛma yɛ wɔn botae. Ebia wobebu ɔbra a ɛne Kristosom nhyia na ama wɔatumi adi yiye. Awofo bu wɔn ani gu wɔn mmusua so. Ankorankoro bu wɔn ani gu ɔsom a wɔde ma Onyankopɔn no so. Wɔ asetra mu akomatɔyam ne anigye fam no, wususuw sɛ dɛn na ebefi mu aba?

      Bere a Bible no rema yɛahu nea ebefi mu aba no, ɛde kɔkɔbɔ ma sɛ: “Na wɔn a wɔpɛ wɔn ho anya no hwe sɔhwɛ ne afiri ne nkwasea akɔnnɔ . . . mu. Na bɔne nyinaa ntini ne sikapɛ a ebinom dii akyiri yeraa gyidi kwan na wɔde yaw pii wowɔɔ wɔn ho.”​—1 Timoteo 6:9, 10.

  • Yiyedi​—A Nea Wobɛhwere Biara Mfa Ho?
    Ɔwɛn-Aban—1988 | October 1
    • Sika ho dɔ yɛ owura nhyɛsofo. Egye nkurɔfo bere, wɔn ahoɔden, ne tumi horow; esiw onyamesom pa ahofama kwan. Ɛtaa daadaa nkurɔfo ma wɔhwehwɛ ahonyade kɛse ne wiase anuonyam mpo ma enti wɔkɔ so twe wɔn ho fi gyidi no ho. Bible no ka ma ɛteɛ sɛ: “Nea ɔpɛ sika no, sika mmee no, na nea ɔpɛ adedodow no nnya mu mfaso.”​—Ɔsɛnkafo 5:10.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena