Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwbq asɛm 166
  • Sika Yɛ Bɔne Nyinaa Ntini Anaa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sika Yɛ Bɔne Nyinaa Ntini Anaa?
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Bible ka
  • Dɛn na Bible ka fa sika ho?
  • Adɛn nti na Bible bɔ yɛn kɔkɔ wɔ sikanibere ho?
  • Bible afotu a ɛfa sika ho no, yɛbɛyɛ dɛn anya so mfaso?
  • Sika
    Nyan!—2014
  • Wobu Sika Sɛn?
    Nyan!—2015
  • So Wotaa Gye Akyinnye Wɔ Sika Ho?
    Nyan!—1981
  • Wobɛyɛ Dɛn Atumi Anya Sika Ho Adwene a Ɛkari Pɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
ijwbq asɛm 166
Owura bi de ne nsa reka sika bebree bi.

Sika Yɛ Bɔne Nyinaa Ntini Anaa?

Nea Bible ka

Dabi. Bible nka no baabiara sɛ sika yɛ bɔne, anaa sika nti na nneɛma bɔne rekɔ so. Ɛyɛ a nkurɔfo taa ka sɛ “sika yɛ bɔne nyinaa ntini,” nanso saa asɛm no nyɛ nokware. Ɛnyɛ saa na wɔakyerɛw wɔ Bible no mu. Nea Bible ka ankasa ne sɛ, “bɔne nyinaa ntini ne sikapɛ.”a—1 Timoteo 6:10, Akuapem Twi Bible.

  • Dɛn na Bible ka fa sika ho?

  • Adɛn nti na Bible bɔ yɛn kɔkɔ wɔ sikanibere ho?

  • Bible afotu a ɛfa sika ho no, yɛbɛyɛ dɛn anya so mfaso?

  • Kyerɛwnsɛm ahorow a ɛka sika ho asɛm

Dɛn na Bible ka fa sika ho?

Bible ma yehu sɛ, sɛ yɛde sika di dwuma yiye a, yebenya so mfaso, na ebetumi ‘abɔ yɛn ho ban.’ (Ɔsɛnkafo 7:12) Bio nso, wɔn a wobue wɔn nsam kyɛ afoforo ade ne wɔn a wɔkyɛ afoforo sika no, Bible kamfo wɔn.—Mmebusɛm 11:25.

Nanso Bible no ara san bɔ yɛn kɔkɔ sɛ, yɛnhwɛ yiye na sika ammɛyɛ biribi a ɛho hia paa wɔ yɛn asetenam. Bible ka sɛ: “Mommma sikanibere mmma mo asetena mu, na momma nea mowɔ no ara nnɔɔso mma mo.” (Hebrifo 13:5) Nea yesua fi saa asɛm no mu ne sɛ, ɛsɛ sɛ yenya sika ho adwempa, na ɛnsɛ sɛ yedi ahonyade akyi. Mmom, sɛ yɛwɔ nea yebedi, baabi a yɛbɛda ne ataade a yɛbɛhyɛ a, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani sɔ.—1 Timoteo 6:8.

Adɛn nti na Bible bɔ yɛn kɔkɔ wɔ sikanibere ho?

Sɛ obi ani bere ade a, ɔrennya daa nkwa. (Efesofo 5:5) Nea enti a ɛte saa ne sɛ, anibere yɛ abosonsom anaa atoro som. (Kolosefo 3:5) Afei nso, sɛ obi ani bere ade a, ɔyɛ nea obetumi biara sɛ ne nsa bɛka dekode a ɔrepɛ no. Abrabɔ pa ho nhia obi ɔte saa koraa. Mmebusɛm 28:20 ka sɛ: “Nea ɔpɛ ntɛm anya ne ho no remfa ne ho nni”. Sɛ obi ani bere sika a, otumi hunahuna afoforo, ɔbɔ wɔn apoo, obu nkurɔfo fa so, okum obi anaa ɔkyere obi sie sɛnea ɛbɛyɛ a obenya sika.

Sɛ sikapɛ amma yɛankɔyɛ biribi a enye mpo a, ebetumi de nsunsuanso bɔne aba. Bible ka sɛ “wɔn a wɔn ani abere sɛ wɔbɛyɛ adefo no hwe sɔhwɛ ne afiri ne nkwasea akɔnnɔ a ɛyɛ hu bebree mu.”—1 Timoteo 6:9.

Bible afotu a ɛfa sika ho no, yɛbɛyɛ dɛn anya so mfaso?

Sɛ yɛamma sikapɛ annye yɛn adwene, na yɛde Bible afotu a ɛfa sika ho no yɛ adwuma a, yɛn ani begye, Onyankopɔn bɛboa yɛn, na yɛbɛte nka sɛ ogye yɛn tom. Onyankopɔn ahyɛ wɔn a woyi wɔn yam som no no bɔ sɛ: “Merennyaw wo na merempa wo nso da.” (Hebrifo 13:5, 6) Wasan ama yɛn awerɛhyem sɛ “onipa nokwafo benya nhyira pii.”—Mmebusɛm 28:20.

Kyerɛwnsɛm ahorow a ɛka sika ho asɛm

Ɔsɛnkafo 7:12: ‘Sika bɔ onipa ho ban.’

Nea ɛkyerɛ: Sɛ yɛde sika di dwuma yiye a, yebenya so mfaso, efisɛ ebetumi abɔ yɛn ho ban kakra.

Luka 12:15: “Sɛ onipa nya ma ebu so mpo a, ɛnyɛ nneɛma a ɔwɔ no mu na ne nkwa fi.”

Nea ɛkyerɛ: Sika nyɛ ade a ɛho hia paa wɔ asetenam. Afei nso, ɛnyɛ sika na ɛbɛma obi anya nkwa.

1 Timoteo 6:10: “Sikanibere yɛ bɔne nyinaa ntini, na ebinom adi akyi ma wɔayera afi gyidi no ho ma wɔde yaw bebree awowɔ wɔn ho nyinaa.”

Nea ɛkyerɛ: Sɛ obi wɔ sika a, ɛnyɛ bɔne. Nanso sɛ obi ani bere sika, na ɔma sikapɛ bɛyɛ ade titiriw wɔ n’asetenam a, ɛde ɔhaw pii bɛbrɛ no. Ebetumi ama n’abusua agyigya. Afei nso, sɛ obi pɛ sɛ onya ne ho a, otumi yɛ adwuma araa ma n’apɔwmuden ho ba asɛm.

Hebrifo 13:5: “Mommma sikanibere mmma mo asetena mu, na momma nea mowɔ no ara nnɔɔso mma mo.”

Nea ɛkyerɛ: Sɛ yɛma yɛn ani sɔ nea yɛwɔ, na yɛanyɛ yɛn adwene sɛ, ɛsɛ sɛ yedi yiye ɔkwan biara so a, yɛn ani begye.

Mateo 19:24: “Ɛyɛ mmerɛw sɛ yoma bɛfa paane aniwa mu sen sɛ ɔdefo bɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu.”

Nea ɛkyerɛ: Bere a Yesu ka kyerɛɛ osikani bi sɛ ommedi n’akyi no, wamfa ne ti annye, efisɛ na ɔdɔ n’agyapade no sen Yesu. Wei nti na Yesu de saa kɔkɔbɔ no mae no. Sɛ sika anaa agyapade ho hia obi sen Onyankopɔn a, ɛbɛyɛ den sɛ obenya daa nkwa.

a Bible nkyerɛase foforo nso ka sɛ: “Sikanibere yɛ bɔne nyinaa ntini.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena