Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 3/14 kr. 8-9
  • Sika

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sika
  • Nyan!—2014
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Enti bɔne nyinaa nhini ne sika?
  • Dɛn na sika yɛ ma yɛn?
  • Dɛn na ɛbɛma woahwɛ wo sika yiye?
  • Sika Yɛ Bɔne Nyinaa Ntini Anaa?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Wobu Sika Sɛn?
    Nyan!—2015
  • Sɛnea Mobɛhwɛ Mo Sikasɛm Yiye
    W’abusua Betumi Anya Anigye
  • So Wotaa Gye Akyinnye Wɔ Sika Ho?
    Nyan!—1981
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2014
g 3/14 kr. 8-9
Adaka a sika pii wom a yɛabue so

BIBLE NO ADWENE

Sika

Enti bɔne nyinaa nhini ne sika?

‘Sikanibere yɛ bɔne nyinaa nhini.’—1 Timoteo 6:10.

NEA NKURƆFO KA

Bɔne nyinaa nhini ne sika.

NEA BIBLE KA

Ɛnyɛ sika na ɛde “bɔne” ba; “sikanibere” mmom na ɛyɛ bɔne. Wohwɛ Bible mu a, Ɔhene Solomon a na ɔyɛ sikani no kyerɛɛ nneɛma mmiɛnsa a etumi pira nnipa a wɔn ani bere sika. Adwennwene: “Ɔdefo adedodow mma ontumi nna.” (Ɔsɛnkafo 5:12) Nea ɔwɔ biara nso no: “Nea ɔpɛ dwetɛ no, dwetɛ mmee no, na nea ɔpɛ adedodow nso, ahonyade mmee no.” (Ɔsɛnkafo 5:10) Anhwɛ a na wabu mmara so: “Nea ɔpɛ ntɛm anya ne ho no remfa ne ho nni.”—Mmebusɛm 28:20.

Dɛn na sika yɛ ma yɛn?

‘Sika bɔ onipa ho ban.’—Ɔsɛnkafo 7:12.

NEA NKURƆFO KA

Sika bɔ wo ho ban na ɛma w’ani gye.

NEA BIBLE KA

Asɛm a nkurɔfo ka sɛ sika ma nipa ani gye na ɛbɔ ne ho ban no nyinaa yɛ “ahonyade nnaadaa.” (Marko 4:19) Nanso “sika na wɔde yɛ biribiara.” (Ɔsɛnkafo 10:19) Ebi ne sɛ, wubetumi de sika atotɔ nneɛma a ehia te sɛ aduane ne aduro.—2 Tesalonikafo 3:12.

Bio nso, sika boa ma wutumi hwɛ w’abusua. Bible kyerɛ sɛ, “Sɛ obi nhwɛ n’ankasa ne nnipa, ne ne titiriw no, ne fiefo a, wapa gyidi no, na ɔyɛ onipa bɔne sen nea onnye nni mpo.”—1 Timoteo 5:8.

Dɛn na ɛbɛma woahwɛ wo sika yiye?

‘Di kan tena ase sēsē hwɛ.’—Luka 14:28.

NEA BIBLE KA

Fa sika yɛ ade a Onyankopɔn pɛ. (Luka 16:9) Di nokware wɔ sika ho; nyɛ sika basabasa. (Hebrifo 13:18) Nea ɛbɛboa ama woayɛ wo ho awiɛmfoɔ no, ‘mma sikanibere mmma w’asetena mu.’ —Hebrifo 13:5.

Bible nkasa ntia boseabɔ, nanso ɛma yɛte ase sɛ: “Nea ogye obi hɔ bosea no yɛ akoa ma nea ɔbɔ no bosea no.” (Mmebusɛm 22:7) Ntotɔ nneɛma basabasa efisɛ, “obiara a ɔpere ne ho de, ohia na ebehia no.” (Mmebusɛm 21:5) Mmom, hwɛ wo sika ho na ‘yi biribi sie’ na wode atɔ ade a ehia wo.—1 Korintofo 16:2.

Bible tu yɛn fo sɛ, ‘yɛnkɔ so mma’ anaa yɛnkyɛ ade. (Luka 6:38) Sɛ obi yam ye a, Onyankopɔn ani gye ne ho efisɛ, “Onyankopɔn dɔ nea ɔtew n’anim ma.” (2 Korintofo 9:7) Enti “mommma mo werɛ mmfi papayɛ ne nneɛma a mo ne afoforo bɛkyɛ, efisɛ afɔrebɔ a ɛtete saa no sɔ Onyankopɔn ani.”—Hebrifo 13:16.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena