Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 1/15 kr. 4-7
  • Ma Nokware Nkwa no Nsom Bo Mma Wo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ma Nokware Nkwa no Nsom Bo Mma Wo
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔkwan a Ɛkɔ “Nokware Nkwa” no Mu
  • Hia a Ɛho Hia sɛ Yɛkyerɛ Yɛn Mprempren Nkwa Ho Anisɔ
  • Mogya ho Mmara a Ɛho Hia
  • Nokware Nkwa no a Yɛbɛma Asom Bo Ama Yɛn
  • Onyankopɔn Adwene a Yebenya Wɔ Nkwa Ho
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Nkwa Yɛ Akyɛde A Ɛnsɛ Sɛ Wototo No Ase
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Bu Nkwa A Wɔde Ama Wo No Sɛ Akyɛde A Ɛfata
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Nkwa Ho Hia Wo Sɛnea Ehia Onyankopɔn No?
    “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 1/15 kr. 4-7

Ma Nokware Nkwa no Nsom Bo Mma Wo

SO NKWA yi ara ne nea ɛwɔ hɔ? Hyɛ a Bible no hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yenso nokware nkwa no mu pintinn’ no kyerɛ sɛ foforo wɔ hɔ. (1 Timoteo 6:17-19) Sɛ ɛnyɛ nkwa a yɛwɔ seesei no ne nokware nkwa a, na ɛno ne nea ɛwɔ he?

Kyerɛwsɛm a yɛaka ho asɛm yi ho nsɛm afoforo kyerɛ sɛ “daa nkwa” na ɛsɛ sɛ onipa a osuro Onyankopɔn so mu pintinn. (1 Timoteo 6:12) Wɔ nnipa pii fam no eyi kyerɛ daa nkwa a wobenya wɔ asase so. Ná Adam, onipa a odi kan no wɔ daa nkwa wɔ paradise asase so ho anidaso. (Genesis 1:26, 27) Sɛ na odi “papa ne bɔne hu dua” no aba nkutoo a, na obewu. (Genesis 2:17) Nanso esiane sɛ Adam ne ne yere Hawa yɛɛ asoɔden na wodii saa dua no aba nti, Onyankopɔn de owu afobu no maa wɔn. ‘Ɛda a wodii dua no aba no,’ wowui Onyankopɔn ani so, na wofii ase yɛɛ mmerɛw kosii honam fam wu mu. Ná wɔn asetra nyɛ papa te sɛ nea na wɔwom kan no bio.

Ɔkwan a Ɛkɔ “Nokware Nkwa” no Mu

Nea ɛbɛyɛ na Yehowa Nyankopɔn de “nokware nkwa” no aba no, ɔyɛɛ nhyehyɛe a ɔde begye adesamma. Sɛnea ɛbɛboa yɛn ma yɛate nhyehyɛe yi ase no, momma yensusuw adwinnan ketewa bi ho. Esiane sɛ odwumayɛni a odii kan de mfiri no yɛɛ adwuma mfe pii a atwam no buu n’ani guu akwankyerɛ nhoma no so na ɔsɛɛsɛee ne nyinaa nti, mfiri a ɛwom no nyinaa nyɛ adwuma yiye, na ɛhaw wɔn a wɔde yɛ adwuma no. Wɔn a wɔde mfiri no yɛ adwuma nnɛ no de nea wɔwɔ no yɛ nea wobetumi biara. Adwinnan wura no pɛ sɛ osiesie mfiri no de boa n’adwumayɛfo no, na ɔreboaboa sika a ɛbɛso saa dwuma no ano.

Adam, onipa a odii kan de ‘afiri no yɛɛ adwuma’ no amma nkwa a na wɔde ama no no ansom bo amma no. Enti, ɔde nkwa a ɛnyɛ pɛ, te sɛ afiri a entumi nyɛ adwuma yiye maa n’asefo. (Romafo 5:12) Te sɛ wɔn a akyiri yi wɔde mfiri no bɛyɛɛ adwuma wɔ adwinnan no mu a wɔantumi ansiesie tebea no, Adam asefo ntumi nyaa nokware nkwa no mmaa wɔn ho. (Dwom 49:7) Sɛnea ɛbɛyɛ na Yehowa asiesie tebea a ɛte sɛ nea anidaso biara nnim no, ɔsomaa ne Ba a ɔwoo no koro no baa asase so ma ɔbɛtɔɔ daa nkwa maa adesamma bio. (Luka 1:35; 1 Petro 1:18, 19) Ɛdenam afɔrebɔ wu a Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro no, wu maa adesamma so no, ɔde sika a wɔde bedi dwuma no mae—nkwa a ɛne nea Adam yeraa no no yɛ pɛ no. (Mateo 20:28; 1 Petro 2:22) Bere a wabɔ saa afɔre a ɛsom bo yi no, afei Yehowa wɔ nea obegyina so de nokware nkwa no ama.

Yesu agyede afɔre no bɛkyerɛ daa nkwa wɔ paradise asase so ama adesamma asoɔmmerɛfo. (Dwom 37:29) Saa anidaso yi bɛtrɛw aka wɔn a wobetwa “Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛse no mu ko no” a wɔato din sɛ Harmagedon no nyinaa. (Adiyisɛm 16:14-16) Ebeyi abɔnefosɛm nyinaa afi asase so. (Dwom 37:9-11) Wobenyan wɔn a wɔwɔ Onyankopɔn nkae mu a wowuwu bere tenten no akɔ Paradise a wɔasan de aba asase so no mu saa bere no, na wobenya nokware nkwa a wɔakora so ama wɔn a wɔyɛ osetie ma Onyankopɔn nyinaa no ho anidaso.—Yohane 5:28, 29.

Hia a Ɛho Hia sɛ Yɛkyerɛ Yɛn Mprempren Nkwa Ho Anisɔ

Eyi nkyerɛ sɛ yebetumi abu kronkron a yɛn mprempren nkwa no yɛ no animtiaa ma afata. So adwinnan wura no bɛsɛe bere ne sika de asiesie afiri bi ama odwumayɛni a ɔnhwɛ so yiye? Mmom no, so adwumawura no remfa afiri a wasiesie no mma onipa a ɔbɔɔ mmɔden biara a obetumi de hwɛɛ dedaw no so yiye no?

Nkwa yɛ akyɛde a ɛsom bo a efi Yehowa hɔ. Sɛ́ ɔyamyefo a ɔde saa akyɛde no mae no, ɔpɛ sɛ yɛkyerɛ ho anisɔ. (Dwom 36:9; Yakobo 1:17) Bere a Yesu reka sɛnea Yehowa dwen nnipa a wɔwɔ asase so ho no, ɔkae sɛ: “Mo ti nhwi mpo wɔakan ne nyinaa.” (Luka 12:7) Yehowa hyɛɛ Israelfo sɛ wonnni awu, a sɛnea ɛte no, na obi ankasa ho a obekum no ka ho. (Exodus 20:13) Eyi boa yɛn ma yɛkwati sɛ yebebu yɛn ho a yebekum sɛ biribi a yebetumi apaw.

Bere a nnipa a wosuro Onyankopɔn nim sɛnea Yehowa fi ɔdɔ mu dwen wɔn yiyedi ho no, wɔde Bible nnyinasosɛm ahorow susuw ɛnnɛyi nneyɛe ahorow ho. Sɛ́ nhwɛso no, esiane sɛ wɔhwehwɛ sɛ nokware Kristofo ‘hohoro wɔn ho fi ɔhonam ne honhom mu fi nyinaa mu, na wɔawie wɔn ahotew Onyankopɔn suro mu’ nti, wɔkwati tawa ne nnuru biara a ne nom ka nkurɔfo hɔ, a ɛsɛe adwene.—2 Korintofo 7:1.

Yetumi hu sɛnea Onyankopɔn dwen nnipa nkwa ho nso wɔ n’afotu a ese yennya “komam dwo” na yɛnkwati ɔbrasɛe no mu. (Mmebusɛm 14:30; Galatifo 5:19-21) Sɛ yɛde yɛn ho bata gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn yi ho a, ɛbɔ yɛn ho ban fi nneɛma te sɛ abufuw a ɛsɛe akwahosan ne nyarewa a wonya fi ɔbarima ne ɔbea nna mu.

Dwen a Yehowa dwen ne nkurɔfo ho no da adi bio wɔ n’afotu a ese yɛntwe yɛn ho mfi adidi ntraso ne asanom bebrebe ho no mu. (Deuteronomium 21:18-21; Mmebusɛm 23:20, 21) Wɔbɔ Kristofo kɔkɔ sɛ adifudepɛfo ne asabofo rennya Onyankopɔn Ahenni, a ɛno kyerɛ sɛ, wɔrennya nokware nkwa no da. (1 Korintofo 6:9, 10; 1 Petro 4:3) Yehowa nam ade a wɔnyɛ mma ɛntra so ho nkuran a ɔhyɛ no so kyerɛkyerɛ yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn ankasa benya mfaso.—Yesaia 48:17.

Sɛ yɛde Onyankopɔn gyinapɛn ahorow di dwuma a, yɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ yɛn mprempren nkwa no. Nokwarem no, nea ɛho hia titiriw ne nokware nkwa no. Esiane sɛ ɛtra hɔ daa nti, nokware Kristofo bu ɛno sɛ ehia sen nkwa a wɔwɔ mprempren no. Bere a Yesu Kristo de ne nkwa bɔɔ afɔre no, ɔde ne ho maa Yehowa apɛdeyɛ. Ná osetie a ɔbɛyɛ ama n’Agya no ho hia no koraa sen ne nkwa a na ɔwɔ wɔ asase so no. Yesu kwan a ɔfaa so no ma wonyanee no, na onyaa nkwa a owu nnim wɔ soro. (Romafo 6:9) Ne wu no nso kyerɛ daa nkwa ma adesamma asoɔmmerɛfo a wɔkyerɛ ne gye afɔre no mu gyidi no.—Hebrifo 5:8, 9; 12:2.

Mogya ho Mmara a Ɛho Hia

Ntease wom sɛ Yesu akyidifo da ne nsusuwii adi. Wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛsɔ Onyankopɔn ani wɔ ade nyinaa mu, sɛnea Kristo nso yɛe no. Ade biako ne sɛ, eyi kyerɛkyerɛ nea enti a wonnye mogya, a nnuruyɛfo binom frɛ no ade a egye nkwa, no mu. Momma yɛnhwɛ sɛnea obi da no adi sɛ nokware nkwa no som bo ma no denam mogya a onnye so.

Te sɛ Yesu Kristo no, nokware Kristofo pɛ sɛ wɔtra ase sɛnea Onyankopɔn pɛ, na ɛno hwehwɛ sɛ wɔyɛ osetie koraa ma No. Onyankopɔn Asɛm hyɛ Kristo akyidifo sɛ: “Munyi mo ho mfi nam a wɔakum ama abosom ne mogya ne mmoa a wɔanhwie wɔn mogya na wowui ne aguamammɔ mu.” (Asomafo no Nnwuma 15:28, 29) Dɛn nti na wɔde mogya ho mmara yi kaa Kristofo ahyɛde horow ho?

Mmara a wɔde maa Israelfo no hwehwɛe sɛ woyi wɔn ho fi mogya ho. (Leviticus 17:13, 14) Kristofo nni Mose Mmara no ase. Nanso wohu sɛ wɔde ahyɛde a ɛne sɛ wonnni mogya no mae ansa na wɔde Mmara no rema; na wɔde ama Noa dedaw wɔ Nsuyiri no akyi. (Genesis 9:3, 4; Kolosefo 2:13, 14) Ná saa ahyɛde yi fa Noa asefo nyinaa, a wɔn mu na asase so aman nyinaa fi no ho. (Genesis 10:32) Nea ɛka ho no, Mose Mmara no boa ma yehu nea nti a Onyankopɔn hyɛe katee sɛ wommu mogya kronkron no. Bere a Onyankopɔn baraa Israelfo sɛ wonnni mogya biara no akyi no, ɔkae sɛ: “Ɔhonam kra wɔ mogya no mu, na mede mama mo, afɔremuka no so sɛ wɔmfa mpata mma mo kra; na mogya na wɔde pata ma ɔkra.” (Leviticus 17:11) Onyankopɔn yii mogya sii hɔ maa afɔre a wɔbɛbɔ wɔ afɔremuka so. Ne mmara a ɛfa kronkron a mogya yɛ ho no da ne tumi a ɔwɔ wɔ asase so abɔde a nkwa wom nyinaa so no adi. (Hesekiel 18:4; Adiyisɛm 4:11) Sɛ yebu yɛn nkwa sɛnea Yehowa bu no no a, yehu sɛ ɛnyɛ yɛn de, na mmom Onyankopɔn de ahyɛ yɛn nsa ara kwa.

Sɛnea afiri bi a yɛaka ho asɛm wɔ yɛn mfatoho no mu ho asɛyɛde da obi a ɔde yɛ adwuma so no, saa ara na wɔde yɛn mprempren nkwa ahyɛ yɛn nsa. Sɛ ɛho hia sɛ wusiesie w’afiri, na obi a osiesie mfiri ka kyerɛ wo sɛ fa afiri afã bi a akwankyerɛ nhoma no ka no pefee sɛ ɛnsɛ sɛ wɔde di dwuma hyɛ baabi a, dɛn na wobɛyɛ? Anka worenkohu nnipa foforo a wosiesie mfiri nhwɛ sɛ ebia wobetumi asiesie afiri no wɔ ɔkwan a ɛne nea akwankyerɛ nhoma no ka no hyia so? Nnipa nkwa ho asɛm hia, na emu dɔ koraa sen afiri bi. Yɛn Bɔfo no bara mogya a yɛde bedi dwuma de akora nkwa so no wɔ n’Asɛm a efi honhom mu no mu, akwankyerɛ nhoma a ɛma nnipa kɔ so tra nkwa mu no. (Deuteronomium 32:46, 47; Filipifo 2:16) So ntease nnim sɛ yɛbɛbata nea akwankyerɛ nhoma no hwehwɛ ho?

Nokwarem no, ɛnyɛ sɛ Kristofo a wɔyare a wobisa sɛ wɔnsa wɔn yare bere a wɔmfa mogya nni dwuma wɔ wɔn ayaresa mu no repow ayaresa biara. Nea wɔrehwehwɛ ara ne ayaresa a ɛbɛkyerɛ obu ama wɔn nkwa—mprempren ne daakye de. Nnuruyɛfo a wofi akokoduru mu kyerɛ obu ma gyinabea a Kristofo apaw no di adanse sɛ mfaso horow wɔ sa a wɔsa wɔn yare ma ɛne wɔn abisade hyia no so. Oduruyɛfo bi a na ɔtaa ma nkurɔfo mogya ka sɛ: “Yehowa Adansefo a me ne wɔn hyiae no ma minyaa gyinapɛn foforo.” Seesei ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛsa wɔn a wɔnyɛ Adansefo mpo yare a ɔmma wɔn mogya.

Nokware Nkwa no a Yɛbɛma Asom Bo Ama Yɛn

Ɛdɛn ne gyinapɛn foforo a saa oduruyɛfo yi nam Yehowa Adansefo a ɔsaa wɔn yare so nyae no? Afei wahu sɛ ɛnyɛ nipadua no fã bi a yare aka no nko na ehia bere a wɔresa ɔyarefo bi yare no, na mmom nipadua mũ no nyinaa. So ɛnsɛ sɛ wɔma ɔyarefo kwan ma obisa ayaresa a eye sen biara ma ne honam, honhom, ne ne nkate fam yiyedi?

Wɔ Kumiko a wadi mfe 15 fam no, na mogya a wɔde bɛma no asa leukemia a ɛyɛ owuyare a na ayɛ no no ne ɔkwan a enye koraa a wɔbɛfa so. Ná saa kwan yi a ɔbɛfa so abɔ mmɔden ato ne nkwa nna so adapɛn, asram, anaasɛ mfe kakraa bi mpo no mfata biribi a ɛbɛma wahwere awiei koraa no. Esiane sɛ na wahyira ne nkwa so ama Yehowa Nyankopɔn sɛ n’Adansefo no mu biako nti, ɔkyerɛɛ obu maa kronkron a nkwa ne mogya yɛ no. Ɛwom sɛ ne papa ne abusuafo afoforo sɔre tiaa ne gyinabea no denneennen de, nanso Kumiko gyinaa pintinn. Ne duruyɛfo bisaa no bere bi sɛ: “Sɛ wo Nyankopɔn de mfomso ahorow firi a, ɛnde sɛ wogye mogya mpo a, ɔremfa mfiri wo?” Kumiko ampene sɛ obegyae nneɛma mu asiesie na ɔnam saayɛ so apow ne gyidi a egyina Bible so no. ‘Okuraa nkwa asɛm no mu pintinn,’ ɔbataa ne gyinabea no ho. (Filipifo 2:16) Sɛnea ne nanabea a onnye nni kae no, “Kumiko annyae ne gyidi mu.” Ankyɛ na ne papa ne ne nanabea ne nnuruyɛfo a wɔrehwɛ no no nyinaa nneyɛe sesae.

Gyidi a emu yɛ den a Kumiko wɔ wɔ Yehowa Nyankopɔn a obetumi anyan no afi awufo mu no kaa nnipa pii koma. Bere a na ɔda so te ase no, ɔka kyerɛɛ ne papa sɛ: “Sɛ miwu mpo a, wobenyan me aba Paradise. Nanso sɛ wɔsɛe wo wɔ Harmagedon a, merenhu wo. Enti mesrɛ wo, sua Bible no.” Nea na ne papa taa ka ara ne sɛ: “Sɛ wo ho tɔ wo a, mesua.” Nanso bere a ɔyare a ɛkɔɔ so haw Kumiko no kum no no, ne papa kyerɛw asɛm bi too ne funnaka mu a ɛkae sɛ: “Kumiko, mehu wo wɔ Paradise.” Bere a wɔmaa ayie ase ɔkasa no wiei no, ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔbaa ɔkasa no ase no sɛ: “Mehyɛɛ Kumiko bɔ sɛ mehu no wɔ Paradise. Ɛwom sɛ minnye nni efisɛ minsuaa ade pii de, nanso masi me bo sɛ mɛhwehwɛ mu. Mesrɛ mo, mommoa me.” N’abusuafo afoforo nso fii ase suaa Bible no.

Ná Kumiko wɔ obu ankasa ma nkwa na ɔpɛe sɛ ɔtra ase. Ɔkyerɛɛ anisɔ wɔ nea ne nnuruyɛfo no yɛe sɛ wɔde begye no nkwa mprempren no nyinaa ho. Nanso, ɔnam Ɔbɔadeɛ no nhoma mu akwankyerɛ ahorow akyi a odii so no so daa no adi sɛ nokware nkwa no som bo ma no. Wɔ nnipa ɔpepem pii fam no, ɛno bɛyɛ daa nkwa a wobenya wɔ paradise asase so. Wobɛka wɔn ho?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena