Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w84 2/1 kr. 12-19
  • Onyankopɔn A Yɛne No Bɛnantew Wɔ Basabasayɛ Wiase Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn A Yɛne No Bɛnantew Wɔ Basabasayɛ Wiase Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Onyankopɔn Bu Basabasayɛ
  • Basabasayɛ Nkɔanim
  • Kristoni Adwene Wɔ Basabasayɛ Ho
  • Yɛbɛnantew Yehowa Yɛn Nyankopɔn Din Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Ɛho Abehia Kɛse Sɛ Yɛwɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Basabasayɛ a Ɛbɛba Awiei Koraa—Ɔkwan Bɛn So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Onyankopɔn Te Nka Dɛn Wɔ Basabasayɛ Ho?
    Nyan!—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
w84 2/1 kr. 12-19

Onyankopɔn A Yɛne No Bɛnantew Wɔ Basabasayɛ Wiase Mu

“Mma wo werɛ mfi eyi: mmere bɔne bɛba wɔ nna a edi akyiri no mu.”​—2 TIMOTEO 3:1. The New American Bible (Catholic) .

1. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ eyi ne “nna a edi akyiri” no ampa?

SO WUGYE tom sɛ eyi yɛ mmere bɔne? Asɛmfua a wɔakyerɛ ase “bɔne” wɔ kyerɛwsɛm yi mu no fi Hela asɛmfua khalepos mu. Wɔkyerɛ eyi ase nso sɛ “nea emu yɛ den,”a “nea ɛyɛ hu,” “nea asiane wom.” Wɔ Mateo 8:28 no, wɔde asɛmfua koro no ara di dwuma de ka nnipa baanu a na adaemone anya wɔn ho asɛm sɛ “wɔyɛ keka”b anaasɛ “wɔn ho yɛ hu.” Hwɛ nokware a ɛyɛ sɛ yɛte mmere bɔne a basabasayɛ wom mu! Ɛma ɔsomafo Paulo nkɔmhyɛ a ɛwɔ atifi ha no nya mmamu, ma ɛda adi sɛ akyinnye biara nni ho sɛ eyi ne “nna a edi akyiri” no!

2. (a) Ɔkwan bɛn so na nnipa bɔne de saa mmere bɔne yi aba? (b) Kyerɛwnsɛm bɛn na ɛkyerɛ onii a nnɛyi haw ahorow no fi no titiriw, na ɔhaw ahorow no mu atrɛw akodu he?

2 Dɛn na ɛde saa mmere bɔne yi aba, “nna a edi akyiri” yi? So ɛnyɛ tebea horow a Paulo ka siei no, sɛ: ‘Nnipa bɛyɛ ahopɛfo, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa, afatwafo, atirimɔdenfo, ahantanfo’? Bible ka ne ho asɛm sɛ “wiase yi nyame, a wɔfrɛ no ɔbonsam ne Satan, nea ɔdaadaa amanaman nyinaa no,” hyɛ nnipa a wɔte saa a wonnim Nyankopɔn no nkuran. Nea afi mu aba ne tebea a ɛyɛ awerɛhow a atwa yɛn ho nyinaa ahyia nnɛ yi​—wɔ nniso mu, nnwuma ahorow mu, nyamesom mu, wɔ adesamma abusua no nyinaa mu.​—2 Timoteo 3:2-5, 13; 2 Korintofo 4:4; Adiyisɛm 12:9, 12.

3. Dɛn nti na wobetumi aka sɛ basabasayɛ abɛyɛ te sɛ ɔyaredɔm?

3 Bere a yɛkɔ anim wɔ 1980 mfe no mu no, wiase yi rehu basabasayɛ wɔ baabiara. 1980 mu nkutoo no, Amerika bɔɔ nsɛmmɔnedi a ɛyɛ hu ahorow ɔpepem 1.3 ho amanneɛ, ɛboro afe a etwaam no de so ɔha biara mu 13, na awudi so na nnipa a wɔadi efi mfe 25 kosi 44 no mu dodow no nam wuwu. Wɔ mfe du a ɛbaa awiei wɔ saa afe no ara mu no mu no, Britania bɔɔ amanneɛ sɛ awudi kɔɔ anim ɔha biara mu 50, afoforo so a wɔtow hyɛ gye wɔn ho nneɛma kɔɔ anim ɔha biara mu 300 na adesɛe kɔɔ anim ɔha biara mu 200. Wɔ France no, nsɛmmɔnedi akɔ anim bɛboro ɔha biara mu 260 efi 1963. Amanneɛbɔ a ɛtete saa fi wiase nyinaa ba.

4. Ɔkwan bɛn so na wiase tebea asakra fi 1914, na nsemmisa bɛn na ɛma ɛsɔre?

4 Abakɔsɛm kyerɛwfo Walter Laqueur bɔɔ amanneɛ sɛ: “Ne nyinaa mu no, ɛkame ayɛ sɛ na bere a ɛwɔ hɔ ansa na Wiase Nyinaa Ko I reba no yɛ nea ahotɔ kakra wom. Ɛyɛ me awerɛhow sɛ mɛka sɛ ɔdesani nkwa abɛyɛ nea ɛnsom bo titiriw biara wɔ yɛn bere so​—ebia esiane nnipa pii a wokunkum wɔn wɔ Wiase Nyinaa Ko I ne II mu no nti. Afei nso, mprempren, yɛwɔ basabasayɛ ho abenfo a na wonni hɔ afeha a ɛto so 19 no mu​—nnipa a wɔka sɛ basabasayɛ yɛ anigye, sɛ ɛboa wo ɔkwan bi so, sɛ yehia basabasayɛ ankasa.” Efi bere a wiase nyinaa ko a edi kan fii ase wɔ 1914 mu no, basabasayɛ abu so wɔ wiase baabiara. Onyankopɔn bu basabasayɛ dɛn? Ɛsɛ sɛ Kristofo bu no dɛn?

Sɛnea Onyankopɔn Bu Basabasayɛ

5. (a) Basabasayɛ nyaa mfiase ntɛm dɛn? (b) Yesu kaa onii a ɔde basabasayɛ bae no ho asɛm dɛn?

5 Bible no ka abakɔsɛm mfiase ho asɛm, bere a na “anuɔden ahyɛ asase so ma” no. Ɛno yɛ bɛboro mfe 4,300 a atwam ni, bere a na Adam ne Hawa asoɔden a ɛma wɔpam wɔn fii Eden Paradise no mu no ama wiase a na ɛwɔ hɔ no anya mfiase a enye no. Bere bi akyi no, Kain kum ne nua Habel. Kyerɛwtohɔ a efi honhom mu no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Kain . . . fi ɔbɔne no mu na okum ne nua. Na adɛn nti na okum no? Efisɛ n’ankasa nnwuma yɛ bɔne, na ne nua de de, ɛteɛ.” (Genesis 6:11; 1 Yohane 3:12) Yesu da “ɔbɔne” no adi sɛ ɔne Ɔbonsam, sɛ: “Ɔyɛ owudifo fi mfiase.” (Yohane 8:44) Ɛde fi Eden no, Satan ama ada adi pefee sɛ ɔhyɛ adesamma nkuran ma wɔyɛ basabasa.

6. (a) Ahodwiride bɛn na ɛbae wɔ Henok nna no mu, na dɛn na ɛmaa ɛho hiae sɛ Yehowa yɛ? (b) Dɛn nti na Onyankopɔn ‘faa’ Henok? (Genesis 5:24)

6 Kain kum Habel akyi no, saa mfitiase wiase no kɔɔ anim wɔ bɔne mu. Wɔka Kain aseni Lamek nso ho asɛm sɛ okum obi. (Genesis 4:23, 24) Saa bere no, “Henok [a ɔyɛ Set aseni], a ɔto Adam so ason hyɛɛ nkɔm de too hɔ sɛ: Hwɛ, Awurade ne n’ahotefo mpempem reba abebu wɔn nyinaa atɛn, na wayi wɔn mu amumɔyɛfo nyinaa atɛn, wɔn amumɔyɛde a wɔyɛe nyinaa ne wɔn nsɛm a ɛyɛ den a nnebɔneyɛfo amumɔyɛfo no kae de tiaa no nyinaa ho.” (Yuda 14, 15) Onyankopɔn yii Henok fii saa wiase no mu, na saa nnipa bɔne no amfa wɔn basabasayɛ ne wɔn nsɛmmɔnedi no anhaw no bio. Nhyira bɛn ara na ɛbɛyɛ ama no sɛ wobenyan no aba asomdwoe “asase foforo” a Yehowa rebɔ no so!​—2 Petro 3:13; Hebrifo 11:5.

7. Ɛyɛɛ dɛn na basabasayɛ hyɛɛ tete wiase no ma?

7 Wɔ Henok nanankanso Noa bere so no, abɔfo afoforo kɔkaa ɔbɔnefo a aniwa nhu no, Satan, ho. Ná eyinom yɛ Onyankopɔn honhom mu mma a wɔyɛɛ ‘no so asoɔden denam asase so a wɔba bɛwarewaree nnipa mmabea, ne wɔn wowoo mma​—Nefilim​—no so. Saa din yi asekyerɛ ne “Abran,” na nea ɛne saa din no hyia no wodii wɔn awudi kwan no akyi wɔ adesamma mu. “Eyinom ne abirɛmpɔn a wɔwɔ din fi teteete . . . Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ: ɔhonam nyinaa awiei aba m’anim, efisɛ wɔn anuɔden ahyɛ asase so ma, na hwɛ, mɛsɛe wɔn ne asase.”​—Genesis 6:1-13.

8. (a) Ɔkwan bɛn so na wiase nsɛm tebea no te sɛ Noa bere so de no nnɛ? b) nhwɛso bɛn na Noa yɛ maa yɛn, na sɛ yedi akyi a mfaso bɛn na yebenya?

8 Ɔsomafo Petro ka kyerɛɛ yɛn sɛ: “Nsu yirii wiase a ɛwɔ bere no so no ma ɛsɛee. Na ɔsoro ne asase a ɛwɔ hɔ yi, wɔde n’asɛm [Onyankopɔn asɛm] no ara akora so, na wɔde asie ama ogya, ama atemmu ne nnipa amumɔyɛfo sɛe da no.” Bible nkɔmhyɛ mmamu da no adi sɛ nnɛ wiase yi abɛn atemmu da no. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛatumi anya nkwa? Wiɛ, dɛn na Noa ne ne fifo yɛe? Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Noa ne Onyankopɔn na ɛnantewee. . . . Noa yɛɛ sa; sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ no nyinaa, saa ara na ɔyɛe.” (2 Petro 3:6, 7; Genesis 6:9, 22; 7:5) Nea ɛka eyi ho ne “trenee kafo” a ɔbɛyɛe no. Ɔnam ne gyidi so “buu wiase fɔ.” (2 Petro 2:5; Hebrifo 11:7) Bere a yɛhwehwɛ nkwagye afi nnɛ wiase a ‘ɛda ɔbɔnefo no tumi mu’ ampa yi mu no, so ɛnsɛ sɛ yedi nhwɛso pa a Noa ne ne fifo yɛe no akyi pɛɛ anaa?​—1 Yohane 5:19.

Basabasayɛ Nkɔanim

9. (a) Dɛn na efii basabasayɛ a ɛkɔɔ anim Noa bere so no mu bae? (b) Adeyɛ a ɛte saa ara bɛn na ɛkɔɔ so wɔ Nsuyiri no akyi, na ekowiee dɛn mu?

9 Basabasayɛ kɔɔ anim kɛse wɔ wiase ansa na Nsuyiri Kɛse no reba​—kosi sɛ Onyankopɔn ankasa de atemmu bɛsɛee wɔn a na wɔresɛe asase no. (Genesis 6:13, 17) Efi Noa nanankanso Nimrod, ‘ɔbɔmmɔfo kɛse a na ɔsɔre tia Yehowa’ no bere so no, basabasayɛ ama ne ho so bio wɔ mmere horow no mu, ebia efii ase nkakrankakra, na afei akɔ anim ntɛmntɛm. (Genesis 10:1, 6, 8, 9) Bere bi akyi no nkrante, ɛta ne agyan, ne peaw bae; na ɛde reba yɛn bere so no, atuo, ɔprɛm ne ɔtopae afoforo aba. Nanso Wiase Nyinaa Ko I a efii ase 1914 mu no de akode afoforo a ɛyɛ hu bae​—wimhyɛn, ntwitwiridii, ne mframa bɔne a edi awu nso. Saa ko no mu no, ɛpo ase akohyɛn a wɔde dii dwuma no maa ehu kaa nnipa pii na atuo akɛse a ɛto ntoatoaso kunkum nnipa ɔpepem pii.

10. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu nkɔmhyɛ a ɛfa nea ɛbɛkɔ so wɔ “Awurade da” no mu ho no anya mmamu? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ Yehowa bedi atemmu ho dwuma nnansa yi ara?

10 Ná Awurade Yesu Kristo aka ade a ɛte saa a ɛbɛba “Awurade da no” a emu na yɛatra fi 1914 no ho asɛm asie. (Adiyisɛm 1:10) Ɔkaa sɛnea ɔbɛtra pɔnkɔ fitaa so te sɛ Ɔhene a wɔahyɛ no ahemmotiri foforo, a obi a ɔte pɔnkɔ kɔkɔɔ so di n’akyi ho asɛm. Wɔmaa oyi “ahoɔden sɛ ommeyi asomdwoe mfi asase so na wonkunkum wɔn ho wɔn ho, na wɔmaa no nkrante kɛse bi”​—Wiase Nyinaa Akodi nkrante. Ɛnnɛ, saa sɛnkyerɛnne kwan so nkrante no gyina hɔ ma akode ahorow a enye koraa a nnipa ayɛ, a nuklea ɔtopae ahorow a ebetumi asɛe adesamma abusua no nyinaa afi asase so mpɛn pii no ka ho no! Sɛ Nefilim abran a na wɔwɔ hɔ, ne nneɛma bɔne pii a nnipa yɛe wɔ Noa nna no mu no maa Yehowa ‘sɛee adesamma esiane sɛ na basabasayɛ ahyɛ asase so ma nti’ a, ɛnde ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ amansan nyinaa Sodifo no ‘bɛsɛe wɔn a wɔresɛe asase’ nnɛ no! (Genesis 6:4, 7, 13; Adiyisɛm 6:1-4; 11:18) Ɔreka yɛn bere so nnipa bɔne ho asɛm no, Awurade Yesu ankasa kae sɛ: “Sɛnea Noa nna no yɛe no, saa ara nso na onipa ba no ba bɛyɛ. . . . na wɔanhu de kosii sɛ nsu yiri bɛfaa wɔn nyinaa kɔe.”​—Mateo 24:37, 39.

Kristoni Adwene Wɔ Basabasayɛ Ho

11. (a.) Dɛn nti na Onyankopɔn maa tete Israel akodi ahorow no ho kwan‘? (b) Onyankopɔn ne Kristo bebu nnɛyi akodi ahorow dɛn? (2 Korintofo 10:3, 4)

11 Ɛyɛ ampa sɛ Onyankopɔn asomfo a wɔtraa ase tete hɔ no dii ako. Nanso ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ na ɛyɛ teokrase akodi, a Onyankopɔn ankasa de ɛho ahyɛde mae. Israel dii ako de tuu aman a wɔn bra asɛe na wɔsom adaemone fii Onyankopɔn “asase” so. (Leviticus 18:24-27; Deuteronomium 7:1-6) So amanaman no akodi, titiriw wiase so tumidi ho akodi a akɔ so efi 1914 no, yɛ akodi a Onyankopɔn pene so anaa? Bere a Katolekfo kunkum Katolekfo, Protestantfo kunkum Protestantfo, Budhafo kunkum Budhafo, anaasɛ Nkramofo kunkum Nkramofo no, so na wɔreyɛ nea Onyankopɔn a “ɔmaa nnipa nyinaa fi onipa biako mu traa asase so nyinaa” no pɛ hyia? Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ Kristo, Asomdwoe Hene no, bu mogyahwiegu a ɛbae wɔ Kristoman mu bere a Wiase Nyinaa Ko I, ne akyiri yi Wiase Nyinaa Ko II, fii ase no? (Asomafo no Nnwuma 17:24-26; Yesaia 9:6) Ma yɛnhyɛ gyinapɛn foforo a ɛkorɔn a Asomdwoe Hene no de sii hɔ maa Kristofo bere tiaa bi ansa na ɔrewu amanehunu wu no nsow.

12, 13. Dɛn nti na Yesu hwɛ maa n’asuafo no faa nkrante? (b) Afei dɛn na Yesu daa no adi wɔ teokrase akodi ho?

12 Bere a n’afã wɔ nkɔmhyɛ mmamu mu wɔ n’adwene mu no, Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo anadwo a wɔkyeree no no sɛ: “Nea onni [nkrante] no, ɔntɔn ne ntama mfa ntɔ nkrante Na mise mo sɛ, eyi a wɔakyerɛw nso, etwa sɛ ɛba mu wɔ me ho sɛ: Wɔakan no afra mmaratofo mu. Na nea ɛfa me ho no wɔ awiei. Na wose: Awurade, hwɛ, nkrante abien ni. Na osee wɔn sɛ: Ɛdɔɔso.” (Luka 22:36-38) Ɛdɔɔso ma dɛn? Nea edi kan, sɛ ɛbɛma Yesaia 53:12 anya mmamu Nea etia abien, sɛ ɛbɛma Kristofo anya asuade bi a ɛho hia.

13 Ɛda adi sɛ na biribiara nni hɔ a wɔde nkrante bɛyɛ sen sɛ wɔde bɛbɔ Onyankopɔn Ba no ankasa ho ban! Nanso na ɛnyɛ Onyankopɔn pɛ ne sɛ wɔbɛkyɛe Yesu so saa bere no. Enti bere a ɔsomafo Petro twee ne nkrante no wɔ ɔsɔfo panyin no akoa no so no, Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Fa wo nkrante san hyɛ nea ɛhyɛ, na wɔn a wɔtwe nkrante nyinaa. nkrante ano na wobewu.” (Mateo 26:52, 53; Yohane 18:10, 11) Enti Yesu ma ɛdaa adi pefee sɛ efi saa bere no reba no na wɔremfa ɔhonam fam akode ankasa nni dwuma bio wɔ teokrase akodi mu.

14. Sɛnea Yesu kae no, sɛ́ obi ‘nyɛ wiase yi fã’ no kyerɛ dɛn?

14 Na eyi ne nea na Yesu adi kan aka akyerɛ n’asuafo no saa anadwofa koro no ara no hyia, sɛ wɔbɛtaa wɔn esiane sɛ ‘wɔnyɛ wiase yi fã’ nti. Na ɛne Yesu mpae a, ɔbɔɔ n’Agya, saa anadwofa koro no ara, a osii so dua wɔ mu sɛ, te sɛ ɔno no, n’asuafo ‘nyɛ wiase yi fã’ no hyia. Ɛne nea Yesu ka kyerɛɛ Pilato no hyiae: “M’ahenni mfi wi yi ase. Sɛ m’ahenni fi wi yi ase a, anka m’asomfo bɛko na wɔamfa me anhyɛ Yudafo no nsa, nanso m’ahenni mfi ha.”​—Yohane 15:19, 20; 17:14-16; 18:36.

15. (a) Biakoyɛ bɛn na wɔn ho a wɔmfa nhyehyɛ wiase akameakamedi mu no de aba (b) Saa baakoyɛ yi afã horow bɛn na wɔaka ho asɛm wɔ Yesaia 2:2-4?

15 So woatew wo ho mprempren afi wiase yi ne ne basabasayɛ akwan no ho sɛnea Yesu ne n’asuafo no yɛe wɔ afeha a edi kan no mu no anaa? Sɛ saa a, ɛnde woabenya wiase nyinaa biakoyɛ bi a ɛyɛ nwonwa a Yehowa Adansefo nkutoo ntam na ɛwɔ mu kyɛfa. Ɛyɛ biakoyɛ a osetie ma Onyankopɔn mmara horow ne n’apɛde ma nnɛ bere yi de ba. Efisɛ mprempren Kristofo “nnipakuw kɛse” a wɔdɔ asomdwoe a “wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne kasa nyinaa mu” reba Yehowa honhom mu asɔrefi kɛse hɔ abɛsom. (Adiyisɛm 7:9, 10, 15) Wɔka wɔn ho asɛm wɔ Yesaia 2:2-4; “Nna a edi akyiri no mu no, [Yehowa] fi bepɔw no betim hɔ ataa mmepɔw atifi, na wɔama so asen nkoko nyinaa, na amanaman nyinaa asen yuu aba ho. Na aman pii bɛkɔ kɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ .[Yehowa] bepɔw so nkɔ Yakob Nyankopɔn fi, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnantew n’atempɔn so: Na Sion na mmara befi na [Yehowa] asɛm afi Yerusalem. Na obebu amanaman no ntam atɛn, na ɔbɛka aman bebree anim, na wɔde wɔn nkrante abobɔ nsɔw, ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.”

16. (a) Nsonoe bɛn na ɛda Yehowa. Adansefo ne wiase no ntam? (b) Dɛn na Mika 4:1-5 ka siei wɔ nkɔso a Onyankopɔn nkurɔfo benya, nea enti a ɛbɛba saa ne nea awiei koraa no ebefi mu aba no ho? (d) Dɛn nti na asemmisa foforo sɔre?

16 Eyinom nyɛ ɔmampɛfo a wohim frankaa, na mmom nnipa a wofi aman nyinaa mu a wɔaka abom biako. Wonnyina aman a wɔne wɔn ho redi ako no biara afã. Bere a ɛkaa sɛnea ‘wɔde wɔn mfoa bobɔ nsɔw’ ho asɛm akyi no, Mika 4:1-5 ka wɔn honhom mu yiyedi ne anidaso a wɔwɔ sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ asase so biakoyɛ mu ho asɛm. Nkɔmhyɛ no de wɔn toto saa wiase yi mufo ho, sɛ: “Na aman no mu biara nantew ne nyame din mu, na yɛn de, yɛbɛnantew [Yehowa] yɛn Nyankopɔn din mu de akosi daa daa.” Nanso bere a yɛkɔ so nantew Onyankopɔn din mu no, yehyia ɔhaw ahorow pii wɔ basabasayɛ wiase yi mu. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yedi tebea horow a ebetumi asɔre ho dwuma? Adesua a edi so no de asemmisa yi ho mmuae a efi Bible mu ma.

[Ase hɔ nsɛm]

a New World Translation, King James Version, Douay Version, English Revised Version, Moffatt, The Living Bible.

b New World Translation, The New English Bible

Mmuae bɛn na wode bɛma wɔ nea edidi so yi ho:

□ Ɔkwan bɛn so na wiase nsɛm tebea ma yɛn bere yi da adi sɛ ɛne nna a edi akyiri no?

□ Sɛnea kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Genesis no kyerɛ no, Onyankopɔn bu basabasayɛ dɛn?

□ Nsɛdi ahorow bɛn na yetumi hu wɔ Noa nna no ne nnɛ bere yi ntam?

□ Nea ɛne nhwɛso a Yesu yɛe ne nsɛm a ɔkekae hyia no, dɛn ho na ɛsɛ sɛ Kristofo twe wɔn ho fi bere nyinaa?

□ Dɛn na Yesaia 2:2-4 ne Mika 4:1-5 ka kyerɛ yɛn wɔ ɔkwan a yebetumi afa so ne Onyankopɔn anantew, ne nea eyi de bɛba no ho?

[Kratafa 17 mfonini]

“Nna a edi akyiri” no yɛ “mmere bɔne” ampa

[Kratafa 19 mfonini]

Yesu kae sɛ, “Wɔn wɔtwe nkrante nyinaa, nkrante ano na wobewu”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena