Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Hu Nsonsonoe a Ɛda Wɔn a Wɔsom Yehowa Ne Wɔn a Wɔnsom No Ntam
    Ɔwɛn-Aban (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018 | January
    • 9. Dɛn na ɛbɛboa mmofra ama wɔatie wɔn awofo asɛm?

      9 Sɛ mmofra dwinnwen nea wɔn awofo ayɛ ama wɔn ho a, ebetumi abɔ wɔn ho ban na wɔanyɛ asoɔden. Sɛ wɔte ase sɛ Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn nyinaa Agya no pɛ sɛ wɔyɛ osetie a, ɛbɛma wɔn ani asɔ wɔn awofo. Sɛ mmofra ka nsɛm pa fa wɔn awofo ho a, wobetumi aboa wɔn mfɛfo ama wɔn nso ani asɔ wɔn awofo. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ awofo nni tema ma wɔn mma a, ebetumi ayɛ den ama mmofra no sɛ wobefi wɔn komam atie wɔn. Nanso, sɛ abofra hu sɛ n’awofo dɔ no paa, na sɛ mpo biribi yɛ no sɛ ɔnyɛ wɔn so asoɔden a, ɔdɔ no bɛka no ama wayɛ osetie ama wɔn. Austin ka sɛ: “Ɛwom sɛ ɛtɔ da a na biribi yɛ me sɛ minwia me ho nyɛ bɔne, nanso na m’awofo ma me akwankyerɛ pa; wɔhyɛ mmara bi a na wɔkyerɛkyerɛ mu kyerɛ me, na na wɔne me bɔ nkɔmmɔ bere nyinaa. Wei boaa me ma meyɛɛ osetie. Mihui sɛ wodwen me ho, na ɛno nti, na mepɛ sɛ meyɛ nea ɛsɔ wɔn ani.”

      10, 11. (a) Subammɔne bɛn na ɛkyerɛ sɛ nkurɔfo nnɔ wɔn ho wɔn ho? (b) Ɛsɛ sɛ nokware Kristofo dɔ wɔn yɔnko nnipa sɛn?

      10 Paulo bobɔɔ subammɔne foforo a ɛkyerɛ sɛ nkurɔfo nnɔ wɔn ho wɔn ho. Ɛnyɛ nwonwa sɛ bere a ɔkaa “awofo so asoɔdenfo” ho asɛm wiei no, ɔde bonniayɛfo toaa so. Efisɛ, sɛ obi yɛ bonniayɛ a n’ani nsɔ nea afoforo ayi wɔn yam ayɛ ama no. Paulo san kae sɛ, nkurɔfo bɛyɛ wɔn a wonni nokware. Nkurɔfo bɛyɛ wɔn a wontumi ne wɔn nyɛ apam, kyerɛ sɛ, wɔmpɛ sɛ wɔne afoforo besiesie wɔn ntam. Afei, ɔsan kae sɛ nkurɔfo bɛyɛ wɔn a wɔka abususɛm ne wɔn a woyi afoforo ma, kyerɛ sɛ, wɔn a wɔkasa tia afoforo twa wɔn adapaa ma ebi ka Onyankopɔn mpo. Ɔkaa dinsɛefo nso ho asɛm; nkurɔfo a wɔkeka afoforo ho nsɛmmɔne de sɛe wɔn din.a

  • Hu Nsonsonoe a Ɛda Wɔn a Wɔsom Yehowa Ne Wɔn a Wɔnsom No Ntam
    Ɔwɛn-Aban (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018 | January
    • a Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “dinsɛefo” anaa “ɔnototofo” no ne di·aʹbo·los. Bible mu no, wɔde saa abodin no gyina hɔ ma Satan, otirimɔdenfo a ɔsɛe Onyankopɔn din no.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena