Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 8/8 kr. 5-7
  • Awofo a Nneɛma Hyɛ Wɔn So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Awofo a Nneɛma Hyɛ Wɔn So
  • Nyan!—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Mmere a Emu Yɛ Den”
  • “Wɔn a Wonni Dɔ”
  • Awofo—Montete Mo Mma Wɔ Ɔdɔ Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Yɛn Mma—Agyapade A Ɛsom bo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Awofo—Mommoa Mo Mma Ma Wɔnnɔ Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Wubu Wo Mma Dɛn?
    Nyan!—1980
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1997
g97 8/8 kr. 5-7

Awofo a Nneɛma Hyɛ Wɔn So

ƐTE sɛ nea wɔn a wɔawo foforo no ani taa gye wɔn ho dodo no. Ɛkame ayɛ sɛ wɔn ba no ho biribiara yɛ wɔn anika. Wobu akokoaa serew a edi kan, nsɛmfua a edi kan, ne anammɔn a odi kan tutu sɛ adeyɛ titiriw. Wɔde wɔn ho nsɛm ne mfonini gye wɔn nnamfo ne abusuafo ani. Akyinnye biara nni ho sɛ wɔdɔ wɔn ba no.

Nanso, wɔ mmusua bi mu no, bere a mfe bi twam no, awerɛhosɛm bi fi ase. Nsɛm a epira a ɛhyɛ aniwu besi awofo kasa a wɔde gye agoru no ananmu; akuturuku a wɔtow no abufuw so anaa so a wonsuso wɔn ho mu bio besi ɔdɔ a wɔde yɛ atuu ananmu; yawdi besi ɔwofoyɛ mu anigye ananmu. Awofo pii ka sɛ “Manwo koraa anka ɛyɛ.” Asɛm no sɛe koraa wɔ mmusua bi mu—awofo no anna ɔdɔ adi bere a na abofra no yɛ akokoaa mpo no! Wɔ emu biara mu no, dɛn na esii? Ɔdɔ no faa he?

Nokwarem no, mmofra ntumi mma nsɛmmisa a ɛtete saa ho mmuae. Nanso, ɛno rensiw ɛho adwene a wɔn ankasa benya no kwan. Ebia abofra bi bɛka wɔ ne komam tɔnn sɛ ‘Me subammɔne nti na Maame ne Paapa nnɔ me no. Minye koraa.’ Eyi betumi abɛyɛ gyidi bi a ɛbɛhyɛ ne mu—biribi a ebetumi adi no awu ne nkwa nna nyinaa.

Nanso, nokwasɛm no ne sɛ ebia nneɛma pii nti na awofo nyi ɔdɔ a mmofra hia no adi nkyerɛ wɔn no. Ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ awofo hyia nhyɛso horow a emu yɛ den a ɛso bi mmae da, nnɛ. Wɔ awofo a wonsiesiee wɔn ho sɛ wobedi ho dwuma yiye fam no, nhyɛso horow yi betumi anya wɔn dwumadi sɛ awofo no so nkɛntɛnso bɔne. Tete bɛ bi ka sɛ: “Amimyɛ bɔ onyansafo dam.”—Ɔsɛnkafo 7:7.

“Mmere a Emu Yɛ Den”

Bere a biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ. Ɛno ne ade a nnipa pii hwɛɛ kwan sɛ ɛbɛkɔ so wɔ afeha yi mu. Susuw ho hwɛ—sikasɛm mu ahokyere, aduankɔm, nsu a ɛntɔ, ne akodi a enni hɔ bio! Nanso, anidaso a ɛte saa amma mu. Mmom no, ɛnnɛ wiase yi abɛdan sɛnea Bible kyerɛwfo bi hyɛɛ ho nkɔm wɔ afeha a edi kan Y.B. mu tɔnn no. Ɔkyerɛwee sɛ yebehyia “mmere a emu yɛ den” wɔ yɛn nna yi mu. (2 Timoteo 3:1-5) Awofo dodow no ara begye nsɛm yi atom ntɛm ara.

Wɔn a wɔwo foforo no pii ho dwiriw wɔn kɛse wɔ ɛka kɛse a wɔbɔ wɔ abayɛn ho wɔ nnɛ wiase yi mu no ho. Mpɛn pii no, ɛsɛ sɛ awofo baanu no nyinaa kɔyɛ adwuma na ama wɔatumi anya wɔn asetrade. Ayaresa, ntama, sukuu, nkokoaa sukuu, ne aduan ne ɔdan ho ka mpo betumi ama ɔsram mu ka horow ayɛ kɛse, na ɛma awofo pii te nka sɛ nsu reyɛ ayiri wɔn. Sikasɛm tebea no ma wɔn a wosua Bible no kae nkɔmhyɛ bi a ɛwɔ Adiyisɛm a ɛka bere a nkurɔfo de wɔn da koro akatua bɛtɔ ahiade a ɛbɛso wɔn da koro pɛ ho asɛm no!—Adiyisɛm 6:6.

Wontumi nhwɛ kwan sɛ mmofra bɛte nhyɛso horow yi a wɔn awofo hyia no nyinaa ase. Ɛrentumi mma saa, efisɛ sɛnea mmofra su te no, wohia mmoa, na wɔhwehwɛ sɛ wonya ɔdɔ ne bere ma wɔn. Na wɔtaa dan nhyɛso a efi nsɛm amanneɛbɔfo ne mfɛfo sukuufo hɔ a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ wonya agode, ntade, ne anyinam ahoɔden mfiri a aba so foforo no ho haw to awofo so de hyɛ wɔn sɛ wɔmma wɔn nneɛma pii a wohia no.

Nhyɛso foforo a ɛba awofo so a ɛkame ayɛ sɛ ɛregye wɔn nsam ne atuatew. Nea ɛyɛ nwonwa no, Bible hyɛɛ awofo asɛm ho asoɔden a mmofra bɛyɛ ho nkɔm sɛ yɛn haw mmere yi ho sɛnkyerɛnne. (2 Timoteo 3:2) Ɛwom, mmofra asoɔden nyɛ ade foforo. Na ɔwofo biara ntumi nka mma ɛmfata sɛ abofra bi suban bɔne nti na wɔyɛ no ayayade. Nanso, so wonnye ntom sɛ ɛsɛ sɛ awofo te ase sɛ wɔretete mmofra wɔ tebea a atuatew ahyɛ mu ma mu? Nnwom a agye din a ɛhyɛ abufuw, atuatew, ne abasamtu ho nkuran; TV so dwumadi horow a ɛma awofo yɛ te sɛ ntetekwaa, na ɛma wɔn mma yɛ sɛ mpanyimfo a wɔn ani atew; sini horow a ɛhyɛ abufuw a wɔde yɛ ade ho nkuran—nkɛntɛnso a ɛtete saa hyɛ mmofra so nnɛ. Mmofra a wonya atuatew su yi na wɔda no adi betumi ama wɔn awofo ho ayeraw wɔn kɛse.

“Wɔn a Wonni Dɔ”

Nanso, tete nkɔmhyɛ koro yi ara fã bi nso wɔ hɔ a ɛkaa ɔhaw kɛse a ɛnnɛ abusua no behyia ho asɛm siei. Ɛkyerɛ sɛ nnipa pii bɛyɛ “wɔn a wonni dɔ.” (2 Timoteo 3:3) Ɔdɔ ne ade a ɛka abusua bom. Na ɛsɛ sɛ wɔn a wonnye Bible nkɔmhyɛ nni no mpo gye tom sɛ abusua asetra asɛe ma ɛyɛ nwonwa wɔ yɛn bere yi mu. Awaregyae akɔ soro wɔ wiase nyinaa. Wɔ mmeae pii no, wohu awofo a wonni ahokafo mmusua ne mmusua a mmanoma wom pii sen mmusua a wɔn nyinaa bom tra faako. Awofo a wonni ahokafo ne awofo a wɔwɔ mmanoma taa hyia ɔhaw ne nhyɛso atitiriw bi a ebetumi ama ayɛ den ama wɔn sɛ wɔbɛda ɔdɔ a mmofra hia adi akyerɛ wɔn.

Nanso, ɛwɔ tumi kɛse. Wɔtetee awofo a wɔwɔ hɔ nnɛ no mu dodow no ara wɔ afie a “wonni dɔ” ahe biara anaa ebi nni mu koraa mu—afie a awaresɛe ne awaregyae atetew mu; afie a akayɛ ne nitan ama agyigya; ebia afie a atɛnnidi, adwoodwoo, ɔhwe, anaa mmonnaato mpo abu so wom mu. Ɛnyɛ sɛe nko na mmofra a wobenyin wɔ afie a ɛtete saa mu no sɛe, na mmom ebetumi ama wɔagyigya bere a wɔayɛ mpanyin no nso. Nkontaabu a ɛwɔ hɔ yɛ hu—ɛda adi sɛ awofo a wɔyɛɛ wɔn ayayade wɔ mmofraase bɛyɛ wɔn ankasa mma ayayade. Wɔ Bible mmere mu no, na Yudafo wɔ abebusɛm bi: “Agya se twɛre abun, na mma sẽ fem.”—Hesekiel 18:2.

Nanso, Onyankopɔn ka kyerɛɛ ne nkurɔfo sɛ na ɛnsɛ sɛ nneɛma kɔ so wɔ saa kwan no so. (Hesekiel 18:3) Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ ade titiriw bi nsow wɔ ha. So nhyɛso horow a ɛba awofo so yi kyerɛ sɛ wontumi nyɛ yɛ a wɔbɛyɛ wɔn ankasa mma basabasa no ho hwee? Ɛnte saa ankasa! Sɛ woyɛ ɔwofo a wowɔ nhyɛso horow a yɛabobɔ so no bi, na ɛhaw wo sɛ ebia wubetumi ayɛ ɔwofo pa da bi a, ma wo bo ntɔ wo yam! Wonyɛ obi a ontumi nsesa. Wo kan asetra kɛkɛ nkyerɛ nea wobɛyɛ daakye.

Nea ɛne awerɛhyem a Kyerɛwnsɛm de ma a ɛkyerɛ sɛ wubetumi anya nkɔso hyia no, Healthy Parenting nhoma no ka asɛm yi: “Sɛ woanhyɛ da amfa akwan bi so amma w’asetra anyɛ soronko wɔ w’awofo de ho a, ɛmfa ho sɛ w’ani gye ho anaasɛ ɛnnye ho no, wo mmofraberem su no bɛsan ada adi bio. Nea ɛbɛyɛ na woasiw tebea yi ano no, ehia sɛ wuhu su horow a enye a ɛreyɛ aka wo hɔ no, na wobɔ mmɔden sɛ wobɛsakra.”

Yiw, sɛ ɛho hia a, wubetumi agyae ɔwofo a ɔyɛ ne mma ayayade a wobɛyɛ no! Na wubetumi adi nhyɛso a ɛma awofoyɛ yɛ den kɛse nnɛ no so. Nanso, ɔkwan bɛn so? Ɛhe na wubetumi anya awofoyɛ mu suahu a wotumi de ho to so, ne gyinapɛn a edi mũ mu suahu a eye kyɛn so? Yɛn asɛm a edi hɔ no besusuw asɛm yi ho.

[Kratafa 6 mfonini]

Bere a nneɛma hyɛ wɔn so no, awofo binom ntumi nna ɔdɔ adi nkyerɛ wɔn mma

[Kratafa 7 mfonini]

Ɛsɛ sɛ awofo da ɔdɔ a wɔn mma hia no adi kyerɛ wɔn

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena