Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w06 7/15 kr. 25-29
  • Yehowa Gye Ɔmanehunufo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Gye Ɔmanehunufo
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Amanehunu De Ba
  • Yɛn Mmerɛwyɛ Betumi Ama Yɛahaw
  • Yɛn Sintɔ Ahorow Betumi Abu Yɛn Abam
  • “Mmere a Emu Yɛ Den” Betumi Ama Yɛabotow
  • Akwampa a Yɛbɛfa So Adi Abasamtu So
  • “Nyankopɔn Nsa a Tumi Wom no Ase” a Yɛbɛhyɛ
  • Yehowa, Yɛn ‘Ahohia Bere Mu Guankɔbea’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • ‘Yehowa Rennyaw Ne Man’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Yehowa Dwen Wo ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Wubetumi Anya Awerɛkyekye Wɔ Ɔhaw Mmere Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
w06 7/15 kr. 25-29

Yehowa Gye Ɔmanehunufo

“Ɔtreneeni amane dɔɔso, na [Yehowa, NW] gye no ne nyinaa mu.”—DWOM 34:19.

1, 2. Ɔhaw bɛn na Kristoni nokwafo bi hyiae, na dɛn nti na ebia yɛn nso yɛbɛte nka saa ara?

ABABAA bi a wɔfrɛ no Keikoa asom sɛ Yehowa Dansefo bɛboro mfe 20 ni. Bere bi, na ɔsom sɛ daa kwampaefo anaa bere nyinaa Ahenni sɛnkafo. Ná n’ani gye adwuma yi ho paa. Nanso nnansa yi Keiko bɛtee nka sɛ ɔnsɛ hwee na wayɛ ankonam. Ɔka sɛ, “na metaa su.” Nea ɛbɛyɛ na wadi n’adwennwen so no, ogyee bere de suaa ade. Ɔtoaa so sɛ: “Nanso ne nyinaa akyi no, mantumi anyɛ me tebea no ho hwee. Eduu baabi no, na me kɔn adɔ owu.”

2 Woate nka saa pɛn? Sɛ́ Yehowa Dansefo no, wowɔ nneɛma pii a ebetumi ama w’ani agye efisɛ onyamesom pa ‘kura nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne nea ɛreba no ho bɔhyɛ.’ (1 Timoteo 4:8) Seesei wote honhom fam paradise mu! Nanso, so eyi kyerɛ sɛ woade wo ho afi amanehunu nyinaa ho? Ɛnte saa koraa! Bible ka sɛ: “Ɔtreneeni amane dɔɔso.” (Dwom 34:19) Eyi nyɛ nwonwa efisɛ “wiase nyinaa da ɔbɔnefo no [Satan Ɔbonsam] tumi mu.” (1 Yohane 5:19) Wɔ ɔkwan bi so no, Satan nkɛntɛnso ka yɛn nyinaa.—Efesofo 6:12.

Nea Amanehunu De Ba

3. Bible mu nhwɛso horow bɛn na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn asomfo huu amane a emu yɛ den?

3 Sɛ yehu amane kyɛ a, ebetumi aka biribiara a yɛyɛ. (Mmebusɛm 15:15) Susuw ɔtreneeni Hiob ho hwɛ. Bere a ɔrehu amane no, ɔkae sɛ: “Onipa a ɔbea awo no, ne nna yɛ tiaa bi, na ɔhaw mee no.” (Hiob 14:1) Ná Hiob anigye nyinaa atu ayera. Eduu bere bi no, osusuwii sɛ Yehowa apo no. (Hiob 29:1-5) Ɛnyɛ Hiob nko ne Onyankopɔn somfo a ohuu amane a emu yɛ den. Bible ka Hana ho asɛm sɛ esiane sɛ na onni ba nti, “ne kra werɛ howee.” (1 Samuel 1:9-11) Esiane ɔhaw a na Rebeka rehyia wɔ n’abusua mu nti, ɔkae sɛ: “M’asetra afono me.” (Genesis 27:46) Bere a Dawid resusuw ne mfomso a odii ho no, ɔkae sɛ: “Da mũ nyinaa mede awerɛhow menam.” (Dwom 38:6) Nhwɛso kakra yi ma emu da hɔ pefee sɛ mmarima ne mmea a na wɔyɛ Onyankopɔn asomfo ansa na Kristosom reba no gyinaa amanehunu a emu yɛ den paa ano.

4. Dɛn nti na ɛnyɛ nwonwa sɛ Kristofo binom “ahaw” nnɛ?

4 Na Kristofo nso ɛ? Ɛho behiae sɛ ɔsomafo Paulo ka kyerɛ Tesalonikafo no sɛ, ‘wɔnkyekye akra a wɔahaw no werɛ.’ (1 Tesalonikafo 5:14) Nhwehwɛmu nhoma bi ka sɛ Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “akra a wɔahaw” no betumi akyerɛ wɔn a “asetra mu dadwen hyɛ wɔn so bere tiaa bi no.” Paulo nsɛm no kyerɛ sɛ nnipa binom a na wɔde honhom asra wɔn a wɔwɔ Tesalonika asafo mu no abam bui. Ɛnnɛ nso, Kristofo binom abam abu. Dɛn na ama wɔahaw saa? Momma yensusuw nneɛma abiɛsa a ɛde abasamtu ba no ho nhwɛ.

Yɛn Mmerɛwyɛ Betumi Ama Yɛahaw

5, 6. Awerɛkyekyesɛm bɛn na yebetumi anya afi Romafo 7:22-25 mu?

5 Kristofo nte sɛ nnipa binom a “wɔatoto wɔn ani awe” no, na mmom wodi wɔn mfomso ahorow ho yaw. (Efesofo 4:19) Ebia wɔbɛte nka sɛnea Paulo a ɔkyerɛwee asɛm yi tee nka no: “Na me mu de, m’ani gye Nyankopɔn mmara ho yiye, nanso mihu mmara foforo bi wɔ m’akwaa mu a ɛne m’adwene mu mmara ko na ɛfa me dommum ma bɔne mmara a ɛwɔ m’akwaa mu no.” Ɛno akyi no Paulo kae sɛ: “M’asɛm yɛ mmɔbɔ!”—Romafo 7:22-24.

6 Paulo nsɛm yi bi ato wo pɛn? Mfomso nni ho sɛ wubehu wo mmerɛwyɛ, efisɛ eyi betumi ama woahu aniberesɛm a bɔne yɛ, na ɛbɛboa wo ma woakwati adebɔne. Nanso enhia sɛ woma wo mmerɛwyɛ bunkam wo so bere nyinaa. Paulo kaa asɛm yi de toaa n’abooboodi no so sɛ: “Aseda mfa yɛn Awurade Yesu Kristo so nka Nyankopɔn!” (Romafo 7:25) Yiw, na Paulo wɔ ahotoso sɛ Yesu mogya a ohwie gui no betumi agye no afi bɔne a wɔde woo no no mu.—Romafo 5:18.

7. Dɛn na ebetumi aboa obi na wanni ne mmerɛwyɛ ho yaw pii?

7 Sɛ wo mmerɛwyɛ hyɛ wo so a, ma ɔsomafo Yohane nsɛm a ɔkyerɛwee yi nkyekye wo werɛ: “Me mma nkumaa, merekyerɛw mo eyinom na moanyɛ bɔne. Nanso sɛ ɛba sɛ obi yɛ bɔne bi a, yɛwɔ ɔboafo Agya no nkyɛn, ɔtreneeni Yesu Kristo. Ɔno ne yɛn bɔne ho mpata afɔre, na ɛnyɛ yɛn de nko, na mmom wiase nyinaa nso de bi.” (1 Yohane 2:1, 2) Sɛ wo mmerɛwyɛ nti woahaw a, kae bere nyinaa sɛ Yesu anwu amma atreneefo na mmom, owu maa nnebɔneyɛfo. Nokwarem no, yɛn ‘nyinaa ayɛ bɔne na yennu Onyankopɔn anuonyam ho.’—Romafo 3:23.

8, 9. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ho fɔ?

8 Fa no sɛ bere bi a atwam no, woyɛɛ bɔne a anibere wom. Akyinnye biara nni ho sɛ woaka ho asɛm akyerɛ Yehowa wɔ mpaebɔ mu mpɛn pii. Kristofo asafo no mu mpanyimfo de mmoa a ehia ama wo. (Yakobo 5:14, 15) Wufi komam nuu wo ho ma enti wɔantu wo amfi asafo no mu. Anaa ebetumi aba sɛ wufii Onyankopɔn ahyehyɛde no mu kakra, nanso akyiri yi wunuu wo ho na woasan anya gyinabea pa wɔ Onyankopɔn anim. Wɔ tebea no mu biara mu no, ɛwom wom a, wobɛkae bɔne a woyɛe no ma ahaw wo. Sɛ ɛba saa a, kae sɛ Yehowa de wɔn a wofi wɔn komam nu wɔn ho no bɔne ‘firi wɔn koraa.’ (Yesaia 55:7) Bio nso, Yehowa mpɛ sɛ wote nka sɛ, wonsɛ hwee. Satan na ɔpɛ sɛ wote nka saa. (2 Korintofo 2:7, 10, 11) Wɔbɛsɛe Ɔbonsam ɔkwan biara so, nanso ɔpɛ sɛ wote nka sɛ wo nso wofata atemmu a ɛte saa. (Adiyisɛm 20:10) Mma Satan kwan mma ɔmfa saa kwan yi so nsɛe wo gyidi. (Efesofo 6:11) Mmom no, ‘gyina hɔ pintinn ne no nni asi’ sɛnea wugyina amanehunu ahorow ano no.—1 Petro 5:9.

9 Wɔfrɛ Satan wɔ Adiyisɛm 12:10 sɛ “nea ɔtoto yɛn nuanom [Kristofo a wɔasra wɔn no] ano.” “Ɔtoto wɔn ano awia ne anadwo” wɔ Nyankopɔn anim. Kyerɛwnsɛm yi a wubesusuw ho no bɛma woahu sɛ Satan, ɔnototofo no ani begye sɛ wubebu wo ho fɔ, nanso Yehowa ani nnye ho sɛ wobɛyɛ saa. (1 Yohane 3:19-22) Sɛ saa na ɛte de a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ wudi wo mmerɛwyɛ ho yaw araa ma w’abam bu? Mma Satan nsɛe wo ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ. Mma Ɔbonsam nnaadaa wo wɔ nokwasɛm a ɛne sɛ Yehowa yɛ “mmɔborohunufo ne ɔdomfoɔ, nea n’abodwo kyɛ na n’adɔeyɛ ne ne nokware dɔɔso pii” no ho.—Exodus 34:6.

Yɛn Sintɔ Ahorow Betumi Abu Yɛn Abam

10. Akwan bɛn nso na yɛn mmerɛwyɛ betumi abu yɛn abam?

10 Esiane sɛ Kristofo binom sintɔ ahorow mma wontumi nyɛ pii wɔ Onyankopɔn som mu nti, wɔn abam abu. Saa na wote nka? Ebetumi aba sɛ ɔyare a emu yɛ den, mpanyinyɛ anaa tebea foforo a woyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye mma wuntumi mfa bere pii nyɛ ɔsom adwuma no sɛnea bere bi na woyɛ no. Nokwarem no, wɔhyɛ Kristofo nyinaa nkuran sɛ wonnya bere mma Onyankopɔn som. (Efesofo 5:15, 16) Nanso sɛ ɛyɛ nokware paa sɛ mmerɛwyɛ bi ama wuntumi nyɛ pii wɔ ɔsom adwuma no mu ama abu w’abam nso ɛ?

11. Yɛbɛyɛ dɛn anya Paulo afotu a ɛwɔ Galatifo 6:4 no so mfaso?

11 Bible no tu yɛn fo sɛ mma yɛnyɛ anihaw, na mmom ‘yensuasua wɔn a wɔnam gyidi ne ntoboase so nya bɔhyɛ ahorow no.’ (Hebrifo 6:12) Sɛ yebetumi ayɛ saa a, gye sɛ yesusuw wɔn nhwɛso pa no ho na yɛhwehwɛ akwan a yɛbɛfa so asuasua wɔn gyidi. Nanso sɛ yɛde yɛn ho toto afoforo ho wɔ ɔkwan a ɛmfata so na yesusuw sɛ nea yɛyɛ biara nsɔ ani a, yɛrennya so mfaso. Enti ɛsɛ sɛ yɛde Paulo afotu yi di dwuma: “Ma obiara nsɔ n’ankasa adwuma nhwɛ, ɛno na obenya biribi de ahoahoa ɔno ara ne ho, na ɛnyɛ obi ho a ɔde bɛtoto.”—Galatifo 6:4.

12. Yɛbɛyɛ dɛn anya ɔsom a yɛde ma Yehowa no mu anigye?

12 Sɛ yare a emu yɛ den bɔ Kristofo mpo a, wɔwɔ nnyinaso pa a enti ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani gye. Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ sɛ ne werɛ befi mo adwuma ne ɔdɔ a modaa no adi wɔ ne din ho” no. (Hebrifo 6:10) Ebetumi aba sɛ tebea bi a woyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye ama wuntumi nyɛ Yehowa som adwuma no sɛnea bere bi na woyɛ no. Nanso ɛdenam Yehowa mmoa so no, wubetumi afa telefon anaa krataakyerɛw so adi adanse de anya Kristofo som adwuma no mu kyɛfa. Wubetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa Nyankopɔn behyira koma nyinaa mu a wufi som no no so. Na ne werɛ remfi ɔdɔ a wowɔ ma no ne wo mfɛfo nnipa no.—Mateo 22:36-40.

“Mmere a Emu Yɛ Den” Betumi Ama Yɛabotow

13, 14. (a) Akwan bɛn so na “mmere a emu yɛ den” yi betumi ama yɛahu amane? (b) Yɛyɛ dɛn hu sɛ nkurɔfo nni tema nnɛ?

13 Ɛwom sɛ yɛrehwɛ Onyankopɔn wiase foforo no mu asetra kwan de, nanso yɛte “mmere a emu yɛ den” mu saa bere yi. (2 Timoteo 3:1) Nim a yenim sɛ nsɛm a ɛhaw adwene a ɛrekɔ so no kyerɛ sɛ yɛn nkwagye abɛn no ma yenya awerɛkyekye. Nanso nea ɛrekɔ so no ka yɛn. Sɛ nhwɛso no, sɛ wunni adwuma yɛ a, ɛte dɛn? Ebia adwuma ho yɛ den, na bere rekɔ so no w’adwene bɛyɛ wo sɛ Yehowa nhu wo haw anaa ontie wo mpaebɔ. Ebetumi aba nso sɛ afoforo bu wo animtiaa anaa wosisi wo. Atesɛm krataa mu a wobɛhwɛ mpo betumi ama woate nka sɛnea ɔtreneeni Lot bere sofo no nnebɔne “maa ne ho hiahiaa” no no.—2 Petro 2:7.

14 Yɛrentumi mmu yɛn ani ngu ade titiriw bi a ɛrekɔ so wɔ nna a edi akyiri yi mu no so. Bible hyɛɛ nkɔm sɛ nnipa pii ‘renna tema’ adi. (2 Timoteo 3:3) Ɔdɔ nni mmusua pii mu. Nokwarem no, sɛnea nhoma bi kyerɛ no, “ɛnyɛ den sɛ abusua bi muni bekunkum emufo, ahwe wɔn, ateetee wɔn anaa wato wɔn mmonnaa. Baabi a anka ɛsɛ sɛ mpanyimfo ne mmofra te nka sɛ wɔdɔ wɔn na wɔwɔ ahobammɔ no, ɛhɔ mmom na wɔyɛ wɔn basabasa.” (Family Violence) Ebetumi aba sɛ daakye, abasamtu ne dadwen bɛhyɛ wɔn a wofi afie a asomdwoe nni mu no so. So ɛte saa wɔ wo fam?

15. Ɔkwan bɛn so na ɔdɔ a Yehowa wɔ ma yɛn no sen nnipa biara de?

15 Odwontofo Dawid too dwom sɛ: “M’agya ne me na agyaw me, na [Yehowa, NW] de, ogye me.” (Dwom 27:10) Hwɛ awerɛkyekye ara a ɛyɛ bere a yehu sɛ Yehowa dɔ yɛn sen sɛnea yɛn awofo mpo dɔ yɛn no! Ɛwom, sɛ w’awofo po wo, wogyaw wo, anaa wɔyɛ wo basabasa a ebetumi ayɛ wo yaw de, nanso ɛrentumi nsɛe wo ne Yehowa ntam abusuabɔ da. (Romafo 8:38, 39) Kae sɛ, Onyankopɔn twe wɔn a wɔdɔ no no bɛn no. (Yohane 3:16; 6:44) Ɛmfa ho sɛnea nnipa ne wo adi nsɛm afa biara no, wo soro Agya no dɔ wo!

Akwampa a Yɛbɛfa So Adi Abasamtu So

16, 17. Sɛ obi abam bu a, dɛn na obetumi ayɛ de ahyɛ ne ho den wɔ honhom mu?

16 Wubetumi afa akwampa so agyina abasamtu ano. Sɛ nhwɛso no, fa wo ho hyɛ Kristofo dwumadi a ɛhyɛ nkuran mu. Sɛ wote nka sɛ nneɛma hyɛ wo so dodo a, dwennwen Onyankopɔn Asɛm ho. Odwontofo no too dwom sɛ: “Sɛ mise me nan rewatiriw a, wo, [Yehowa, NW], w’adɔe na ɛwaw me. Me mu dadwen dɔɔso a, w’awerɛkyekye gye me kra ani.” (Dwom 94:18, 19) Bible a wobɛkenkan daa no bɛboa wo ma wode awerɛkyekye nsɛm ahyɛ w’adwenem.

17 Mpaebɔ nso ho hia paa. Sɛ wuntumi nka wo komam asɛm nyinaa mpo a, Yehowa nim nea ɛwɔ w’adwenem. (Romafo 8:26, 27) Odwontofo no ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Dan w’adesoa to [Yehowa, NW] so, na obeso wo mu, ɔremma ɔtreneeni ntwiw n’anan mu da.”—Dwom 55:22.

18. Sɛ obi nya adwenemhaw a, ade a mfaso wɔ so bɛn na obetumi ayɛ?

18 Adwenemhaw a emu yɛ den betumi ama ebinom abotow.b Sɛ yare a ɛte saa rehaw wo a, bɔ mmɔden sɛ wode w’adwene besi Onyankopɔn wiase foforo no so, na hwɛ bere a ‘obiara renka sɛ meyare’ no kwan. (Yesaia 33:24) Sɛ ɛte sɛ nea w’adwenemhaw no mu yɛ den a, ɛbɛyɛ papa sɛ wukohu oduruyɛfo. (Mateo 9:12) Ehia nso sɛ wohwɛ w’akwahosan so yiye. Aduanpa a wubedi ne w’apɔw mu a wobɛteɛteɛ nso betumi aboa. Hwɛ sɛ wubenya bere de ada agye w’ahome. Nsi pɛ nhwɛ television pii, na kwati sɛ wode wo ho bɛhyɛ agorudi a ebetumi ama woabrɛ wɔ honam mu ne nkate fam mu. Nea ɛsen ne nyinaa no, kɔ so fa wo ho hyɛ Onyankopɔn som mu! Ɛwom sɛ ennuu bere a Yehowa bɛpopa aniwam “nusu nyinaa” de, nanso ɔbɛboa wo ma woagyina ano.—Adiyisɛm 21:4; 1 Korintofo 10:13.

“Nyankopɔn Nsa a Tumi Wom no Ase” a Yɛbɛhyɛ

19. Dɛn na Yehowa de hyɛ wɔn a wɔrehu amane no bɔ?

19 Ɛwom sɛ ɔtreneeni amane dɔɔso de, nanso Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ “[Yehowa, NW] gye no ne nyinaa mu.” (Dwom 34:19) Ɔkwan bɛn na Onyankopɔn fa so yɛ eyi? Bere a ɔsomafo Paulo bɔɔ mpae mpɛn pii sɛ Yehowa nnye no mfi ne ‘honam mu nsɔe’ mu no, Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Me tumi wie pɛyɛ wɔ mmerɛwyɛ mu.” (2 Korintofo 12:7-9) Dɛn na Yehowa de hyɛɛ Paulo bɔ, na dɛn na ɔde ahyɛ wo nso bɔ? Ɛnyɛ ayaresa a wubenya no nnɛ, na mmom tumi a wode begyina ano.

20. Ɛmfa ho sɔhwɛ ahorow a yehyia no, awerɛhyem bɛn na 1 Petro 5:6, 7 ma yenya?

20 Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Mommrɛ mo ho ase nhyɛ Nyankopɔn nsa a tumi wom no ase na wɔama mo so bere a ɛsɛ mu; na montow mo dadwen nyinaa ngu no so, efisɛ ɔdwene mo ho.” (1 Petro 5:6, 7) Esiane sɛ Yehowa dwen wo ho nti, ɔrennyaw wo da. Ɛmfa ho ɔhaw a wuhyia nyinaa no, ɔbɛboa wo. Ma ɛntra w’adwenem sɛ nokware Kristofo hyɛ “Nyankopɔn nsa a tumi wom no ase.” Bere a yɛsom Yehowa no, ɔma yɛn ahoɔden ma yetumi de gyina nsɛnnennen ano. Sɛ yedi no nokware a, biribiara ntumi nsɛe yɛne ne ntam abusuabɔ da. Ɛmmra sɛ yɛbɛkɔ so adi Yehowa nokware sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya daa nkwa a wahyɛ ho bɔ wɔ wiase fofoforo no mu no, na yɛahu da a obegye amanehunufo koraa no!

[Ase hɔ nsɛm]

a Wɔasesa din no.

b Adwenemhaw a emu yɛ den nte sɛ abasamtu ara kwa, na mmom ɛyɛ tebea a ɛma obi di awerɛhow kyɛ. Sɛ wopɛ ho nsɛm pii a, hwɛ Borɔfo Ɔwɛn-Aban a ɛbaa October 15, 1988, kratafa 25-29; November 15, 1988, kratafa 21-24; ne September 1, 1996, Twi de no kratafa 30-31.

Wokae?

• Dɛn nti na Yehowa asomfo mpo hu amane?

• Nneɛma bɛn na ebetumi ama Onyankopɔn nkurɔfo binom abam abu?

• Ɔkwan bɛn so na Yehowa boa yɛn ma yegyina yɛn dadwen ahorow ano?

• Ɔkwan bɛn so na yɛhyɛ “Nyankopɔn nsa a tumi wom no ase”?

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Sɔhwɛ a Yehowa asomfo hyia nyinaa akyi no, wɔwɔ nnyinaso pa a enti ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani gye

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Telefon so adansedi yɛ ɔkwan biako a wubetumi afa so ayɛ pii wɔ Yehowa som mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena