Dɛn Na Ɛreba Abusua Asetra So?
“MESRƐ wo wubetumi aboa me. Me kunu di me nya na merentumi nnyina ano bio. Minni obiara a mɛkɔ ne nkyɛn. Minni obiara ka me babarima a wadi afe biako no ho. Me kunu wɔ koma bɔne na ɛtɔ bere bi a twɛre ahorow a ɔde bobɔ me no ma me nsa ho yɛ tumm. Ɔde ne ti pem me hwene adapɛn abien a atwam ni na ɛmaa me hwene mu fii mogya kɛse. Afei da koro anadwo a yɛda mpa so no, ofii ase miaa me kɔn kosii sɛ ade tɔɔ me so ansa na ɔrehu nea wayɛ no. Wɔ nna pii mu no na ɛyɛ den ma me sɛ mɛmene ade. . . .
“Me kunu teɛteɛm na ɔbɔbɔ nneɛma wɔ fie hɔ na ɛma abofra no suro. Bere a me kunu abɔ me ahwe fam anadwo bi akyi no, abofra no de ehu teɛɛm, mipirae na misuroe kɛse sɛ mɛyɛ biribi. . . . Maka akyerɛ no sɛ mepɛ sɛ migyae aware. Afei misuro sɛ mɛka sɛ merekɔ efisɛ sɛ meyɛ saa a obefi ase bio na misuro sɛ ɛba saa a m’ankasa anaasɛ me babarima no nkwa yɛ nea ɛda asiane mu.”—Efi nhoma, Scream Quietly or the Neighbors Will Hear a Erin Prizzey kyerɛwee no mu.
So ɛyɛ asɛm a ɛntaa nsi? Ɛnte saa koraa! Wobu akontaa sɛ wɔ United States nkutoo no, ɔyerenom bɛyɛ ɔpepem 1.8 kununom hwe wɔn afe biara, kyerɛ sɛ wɔde wɔn anan bobɔ wɔn, wɔkeka wɔn, wɔde twɛre bobɔ wɔn, wɔde nneɛma bobɔ wɔn, wɔde sekan anaa atuo hunahuna wɔn. Fa ɔbarima ne ɔbea nna mu nneyɛe bɔne a wɔde tia afoforo ne mmofra nkate a wobu ani gu so, awofo ne nananom a wɔyɛ wɔn ayayade no ka eyi ho na asɛm no bɛyɛ nea ɛyɛ awerɛhow kɛse. Enti na wɔrebisa sɛ: Dɛn na ɛreba abusua asetra so? no.
Ɛsɛ sɛ woma ɛho asɛm hia wo. Ebia wubebisa sɛ, ‘Me anaa? Metumi asi so dua akyerɛ wo sɛ nsɛm a ɛtete saa nsi wɔ m’abusua mu!’ Sɛ saa mpo a, ɛsɛ sɛ abusua mu ɔhaw ahorow a ɛte sɛɛ yɛ nea ɛho hia wo. Dɛn ntia? Efisɛ Bible no hyɛɛ nkɔm bere tenten ni sɛ abusua mu ɔhaw ahorow a ɛte sɛɛ a ebebu so no bɛyɛ adanse a emu da hɔ pefee sɛ yɛte wiase nyinaa nneɛma nhyehyɛe yi “nna a edi akyiri” mu no fã.a Hyɛ nea ɔsomafo Paulo ka too hɔ no nsow: “Hu eyi sɛ, nna a edi akyiri mu no mmere a emu yɛ den bɛba efisɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfo, . . . awofo asɛm ho asoɔdenfo, bonniayɛfo, wɔn a biribiara ho ntew mma wɔn, wɔn a wonni dɔ.”—2 Timoteo 3:1-3.
So Paulo asɛm no renya mmamu ankasa nnɛ? Abusua mu nitan a ɛte sɛɛ mu yɛ den dɛn? So ɛma Paulo nkɔmhyɛ no nya mmamu a ɛkyerɛ sɛ yɛte “nna a edi akyiri” mu ampa?
[Ase hɔ asɛm]
a Hyɛ no nsow sɛ Bible nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa “nna a edi akyiri” ho no yɛ sɛnkyerɛnne ahorow a ɛbom. Kyerɛ sɛ bere a nneɛma a wɔka too hɔ no nyinaa bɛba awo ntoatoaso biako so no, ebedi adanse sɛ yɛte awiei bere no mu. Wɔ nsɛm ahorow yi mu no, yɛde adwene besi nkɔmhyɛ ahorow no fã biako so a ɛne sɛnea yɛn “mmere a emu yɛ den” yi kã mmusua horow.