Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Awofo—Mommoa Mo Mma Ma ‘Wonhu Nyansa Nkɔ Nkwagye Mu’
    Ɔwɛn-Aban (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017 | December
    • 3. (a) Ɛyɛɛ dɛn na Timoteo bɛyɛɛ Kristoni, na ɔyɛɛ n’ade sɛn wɔ Kristo nkyerɛkyerɛ ho? (b) Adesua ho nneɛma mmiɛnsa bɛn na Paulo de ho afotu maa Timoteo?

      3 Afe 47 Y.B. mu ne bere a edi kan a ɔsomafo Paulo kɔɔ Listra. Ɛbɛyɛ sɛ saa bere no na Timoteo dii kan tee Kristo nkyerɛkyerɛ. Ɛbɛyɛ sɛ na Timoteo nnii mfe 20, nanso ɔde nea ɔtee no bɔɔ ne bra yiye. Mfe mmienu akyi no, ɔne Paulo boom tutuu akwan. Mfe 16 akyi no, Paulo kyerɛw Timoteo sɛ: “Tena nea woasua na woagye adi sɛ ɛyɛ nokware no mu, na wunim nnipa a wusua fii wɔn nkyɛn no, na wufi wo mmofraase nso nim nkyerɛwee kronkron [Hebri Kyerɛwnsɛm] no, na ɛno na ebetumi ama woahu nyansa akɔ nkwagye mu denam Kristo Yesu mu gyidi so.” (2 Tim. 3:14, 15) Hyɛ no nsow sɛ, Paulo kae sɛ na Timoteo (1) nim nkyerɛwee kronkron no, (2) ogye dii sɛ nea wasua no yɛ nokware, na (3) ɛma ohuu nyansa kɔɔ nkwagye mu denam Kristo Yesu mu gyidi so.

  • Awofo—Mommoa Mo Mma Ma ‘Wonhu Nyansa Nkɔ Nkwagye Mu’
    Ɔwɛn-Aban (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017 | December
    • “WOAGYE ADI SƐ ƐYƐ NOKWARE”

      5. (a) Bible ka sɛ obi ‘agye biribi adi sɛ ɛyɛ nokware’ a, ɛkyerɛ sɛn? (b) Yesu ho asɛmpa no, yɛyɛ dɛn hu sɛ wɔkyerɛkyerɛɛ Timoteo ma ogye dii sɛ ɛyɛ nokware?

      5 Ehia sɛ obi hu nea ɛwɔ nkyerɛwee kronkron no mu. Nanso, sɛ obi kyerɛkyerɛ ne mma ma wohu nnipa a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu ne nsɛm a esisii wɔ Bible mu a, ɛno nko ara nkyerɛ sɛ ɔde Onyankopɔn ho nimdeɛ redua wɔn mu. Timoteo nso, wɔkyerɛkyerɛɛ no ma ‘ogye dii.’ Hela asɛm a Paulo de yɛɛ adwuma no kyerɛ sɛ “wubenya biribi mu ahotoso” anaa “woahu biribi na woagye atom sɛ ɛyɛ nokware.” Ná Timoteo nim Hebri Kyerɛwnsɛm no fi ne mmofraase. Nanso eduu bere bi no, onyaa adanse a edi mũ, na ɛma ogye dii sɛ Yesu ne Mesia no. Yɛbɛka no kwan foforo so a, ne gyidi maa ne nimdeɛ sii pi. Nokwasɛm ne sɛ, Timoteo gyee asɛmpa no dii paa, na ɛno kaa no ma ɔbɔɔ asu bɛyɛɛ osuani, na ɔne Paulo kɔyɛɛ asɛmpatrɛw adwuma.

      6. Wobɛyɛ dɛn aboa wo mma ama woagye adi sɛ nea wɔresua wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no yɛ nokware?

      6 Sɛnea wɔkyerɛkyerɛɛ Timoteo ma ogye dii no, wobɛyɛ dɛn aboa wo mma ama wɔagye adi sɛ nea worekyerɛkyerɛ wɔn no yɛ nokware? Nea edi kan, nya abotare. Ɛnyɛ da koro pɛ na yɛde nya gyidi; saa ara nso na ɛnyɛ sɛ wɔakyerɛkyerɛ wo ama woagye adi nti, sɛnea ɛte biara wo mma nso begye adi. Ɛsɛ sɛ abofra biara de ɔno ara ‘n’adwene’ yɛ adwuma na ɛboa no ma ogye nokware a ɛwɔ Bible mu no di. (Kenkan Romafo 12:1.) Wo agya anaa ɛna no, sɛ wo ba gyidi betumi ayɛ den a, woka ho bi paa, ɛnkanka sɛ wo ba abisa wo nsɛm bi. Yɛnhwɛ nhwɛso bi.

      7, 8. (a) Sɛ Kristoni barima bi rekyerɛkyerɛ ne babea a, dɛn na ɔyɛ de kyerɛ sɛ onya ne ba no ho abotare? (b) Dɛn ho na woahu sɛ ɛsɛ sɛ wunya wo ba ho abotare?

      7 Thomas wɔ babea a wadi mfe 11. Thomas ka sɛ: “Me babea tumi bisa me sɛ, ‘Enti adannandi na Yehowa faa so bɔɔ nneɛma a nkwa wom wɔ asase so?’ Anaa ‘Adɛn nti na yɛne ɔmanfo mmom nyɛ nneɛma a ɛde mpɔntu ba? Ebi ne sɛ adɛn nti na yɛntow aba?’ Ɛtɔ da a, ɛsɛ sɛ mehyɛ me ho so na manka nea ɛsɛ sɛ ogye di kɛkɛ ankyerɛ no. Minim sɛ ɛnyɛ nokwasɛm baako pɛ a yɛbɛka akyerɛ obi na ɛbɛma wagye nokware no adi. Mmom adanse nketenkete pii na ɛma ogye di.”

      8 Thomas nim nso sɛ ehia sɛ onya abotare ansa na watumi akyerɛkyerɛ ne ba no. Nokwasɛm ne sɛ, ehia sɛ Kristofo nyinaa nya abotare. (Kol. 3:12) Thomas nim sɛ, sɛ obetumi aboa ne ba no a, ehia sɛ ogye bere ne no bɔ nkɔmmɔ nkakrankakra. Ehia sɛ ɔne ne babea no susuw Kyerɛwnsɛm no ho, na aboa no ama wagye nea ɔresua no adi. Thomas ka sɛ: “Ɛyɛ a me ne me yere pɛ sɛ yehu sɛ yɛn babea no te nea ɔresua no ase na ogye di ankasa; ɛnkanka bere a yɛresusuw nneɛma a ɛho hia paa ho no. Sɛ obisa nsɛm a, m’ani gye paa. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ ogye nea mɛka biara di na wammisa ho asɛm biara a, anka ɛbɛhaw me.”

      9. Wobɛyɛ dɛn de Onyankopɔn Asɛm adua wo mma koma mu?

      9 Sɛ awofo nya abotare kyerɛkyerɛ wɔn mma a, nkakrankakra mmofra no benya gyidi, na wobehu “ne tɛtrɛtɛ ne ne tenten ne ne sorokɔ ne sɛnea emu dɔ yiye.” (Efe. 3:18) Yebetumi ahwɛ mfe a mmofra no adi ne wɔn mmɔdenbɔ na yɛahu nea ɛfata sɛ yɛde kyerɛkyerɛ wɔn. Sɛ nkakrankakra nea wɔresua no ma wɔn gyidi yɛ den a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama wɔn sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn gyidi mu akyerɛ afoforo ne wɔn sukuufo. (1 Pet. 3:15) Yɛmfa no sɛ obi abisa wo mma sɛ, Yewu a tebea bɛn mu na yɛkɔ? Wobetumi de Bible akyerɛkyerɛ mu? Nkyerɛkyerɛmu a Bible de ma no, wɔte ase?a Ɛwom, ehia sɛ wunya wo ba ho abotare ansa na woatumi de Onyankopɔn Asɛm adua ne koma mu. Nanso woyɛ saa a, wobrɛ renyɛ kwa.​—Deut. 6:6, 7.

      10. Sɛ worekyerɛkyerɛ wo mma a, dɛn na ehia paa sɛ wode ka wo nkyerɛkyerɛ ho?

      10 Sɛ wopɛ sɛ wokyerɛkyerɛ wo mma ma wonya gyidi a, wo nneyɛe nso ka ho bi paa. Stephanie wɔ mmabea mmiɛnsa. Ɔkae sɛ: “Efi me mma mmofraase pɛɛ no, ɛwɔ hɔ ara a mibisa me ho sɛ, ‘Ɛyɛ a meka nea enti a me ara migye di sɛ Yehowa wɔ hɔ, ɔdɔ me, na n’akwan teɛ no kyerɛ wɔn? Me mma tumi hu pefee sɛ, me, medɔ Yehowa paa?’ Sɛ me ara mamma me mma anhu sɛ mewɔ gyidi a, ɛbɛyɛ dɛn na mahwɛ kwan sɛ wɔn nso begye nea merekyerɛkyerɛ wɔn no adi?”

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena