Fa Wo ho to Ahoɔden a Onyankopɔn de Ma So
Timoteo Nhoma a Ɛto so Abien no mu Nsɛntitiriw
YEHOWA ma ne nkoa tumi na wɔatumi agyina sɔhwɛ ahorow ne ɔtaa ano. Hwɛ sɛnea na Timoteo ne Kristofo afoforo hia ahoɔden a Onyankopɔn de ma! Ogya hyew Roma wɔ 64 Y.B. mu, na atesɛm kyerɛe sɛ Ɔhempɔn Nero na ɔhyew no. Nea ɛbɛyɛ na wabɔ ne ho ban no, ɔde asodi no too Kristofo so, na ɛda adi sɛ eyi de ɔtaa baa ntɛm ara. Ɛda adi sɛ saa bere no mu no, (bɛyɛ 65 Y.B.,) wɔde ɔsomafo Paulo too afiase bio. Ɛwom sɛ na wobekum no de, nanso ɔkyerɛw ne nhoma a ɛto so abien no kɔmaa Timoteo.
Paulo krataa no siesiee Timoteo ma ɔko tiaa awaefo na ogyinaa ɔtaa ano pintinn. Ɛhyɛɛ no nkuran sɛ ɔnkɔ n’anim honhom mu, na ɛkaa Paulo tebea wɔ afiase ho asɛm kyerɛɛ no. Krataa no boa akenkanfo nso ma wɔde wɔn ho to ahoɔden a Onyankopɔn de ma no so.
Hu Amane na Fa Odwo Kyerɛkyerɛ
Onyankopɔn ma yɛn ahoɔden na yɛagyina ɔtaa ano sɛ asɛmpa no adawurubɔfo. (2Ti 1:1-18) Paulo werɛ amfi Timoteo da wɔ ne mpaebɔ mu, na ɔkaee ne gyidi a nyaatwom nnim no. Onyankopɔn amma Timoteo “ehu honhom, na mmom ahoɔden ne ɔdɔ ne adwenemtew de.” Enti ɛnsɛ sɛ ɔma n’ani wu adansedi ho na ohu asɛmpa no ho amane. Ɔhyɛɛ no nso sɛ ‘onso nsɛm pa a eye nhwɛso’ a ɔte fii Paulo nkyɛn ‘no mu,’ te sɛ nea ɛsɛ sɛ yɛn nso yedi nokware Kristofo nokware no akyi pɛpɛɛpɛ no, ɛwom sɛ afoforo twe wɔn ho fi ho de.
Na ɛsɛ sɛ ɔde nea Paulo kyerɛkyerɛe no kyerɛ nnipa anokwafo a wɔbɛkyerɛkyerɛ afoforo no. (2:1-26) Ɔhyɛɛ Timoteo sɛ ɔnyɛ Kristo sraani pa, na sɛ ohu amane a, ɛsɛ sɛ odi nokware. Asɛmpa no ka nti, wɔde Paulo ankasa too afiase. Ɔhyɛɛ Timoteo nkuran sɛ ɔnyɛ nea obetumi nyinaa mfa nna ne ho adi sɛ odwumayɛni a ɔsɔ Onyankopɔn ani, na ɔnkwati nsɛnhuhu a egu nea ɛho tew ho fi. Ɔka kyerɛɛ no sɛ ɛsɛ sɛ Awurade akoa de odwo kyerɛkyerɛ afoforo.
Ka Asɛm No!
Yebehia ahoɔden a Onyankopɔn de ma na yɛde agyina nna a edi akyiri yi ano na yɛakura Kyerɛwnsɛm mu nokware mu. (3:1-17) Nnipa a ‘wosua daa, nanso wontumi nhu nokware no ho nokware nimdeɛ no da’ no befi nnipa amumɔyɛfo mu aba. Sɛɛ ‘nnipa bɔne asisifo yi bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu, wɔadaadaa, na wɔadaadaa wɔn.’ Nanso, ɛsɛ sɛ Timoteo ‘kɔ so tra nea wasua no mu.’ Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛyɛ, bere a yenim sɛ “Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nteɛso ne trenee mu yɛn. Na Onyankopɔn nipa ayɛ pɛ a wɔasiesie no koraa ama nnwuma pa nyinaa” no.
Na ɛsɛ sɛ Timoteo ko tia awaefo, na owie ne som adwuma. (4:1-22) Obetumi ayɛ saa denam ‘asɛm no a ɔbɛka’ na wama n’asetra ne no ahyia no so. Na eyi hia, efisɛ na asafo no hyia “bere a ennye,” na na ebinom rekyerɛkyerɛ atoro nkyerɛkyerɛ. Yehowa Adansefo nso di Onyankopɔn Asɛm akyi nnɛ, wɔka no ntɛmpɛ so wɔ asafo no mu, na wɔka kyerɛ nnipa a wɔwɔ asafo no akyi nso, wɔ bere a ennye mpo mu. Paulo ‘soo gyidi no mu,’ ɛwom sɛ ebinom guan gyaw no de. Nanso, ‘Awurade hyɛɛ no den, na wafa no so awie asɛnka no.’ Ɛmmra sɛ yɛn nso yɛde yɛn ho bɛto ahoɔden a Onyankopɔn de ma no so na yɛakɔ so aka asɛmpa no.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 31]
Ɔsraani Pa: Paulo hyɛɛ Timoteo sɛ: “Mia w’ani hu amane sɛ Kristo Yesu sraani pa. Obi nkɔ ɔsa mfa ne ho ntoatoa ofie asetrasɛm mu, na wasɔ ɔsahene ani.” (2 Timoteo 2:3, 4) Romani sraani a ɔnam fam ‘hu amane” bere a ɔso akode a emu yɛ duru, abonnua, kɛntɛn, aduan a obedi no nnansa, ne nneɛma afoforo no. (Josephus’ Wars of the Jews, Nhoma 3, ti 5) Wamfa ne ho anhyɛ ofie asetrasɛm mu, efisɛ ne panyin ani rennye ho, efisɛ wotua no ka. Saa ara nso na Kristoni hyia “Kristo . . . sraani pa” a ɔyɛ no ho sɔhwɛ. Ɛwom sɛ ebia ɔbɛyɛ honam fam adwuma de adi Kyerɛwnsɛm mu asɛyɛde ahorow ho dwuma de, nanso ɛnsɛ sɛ ɔma ne ho a ɔde bɛhyɛ honam fam nneɛma hwehwɛ mu no ma ogyae honhom fam akodi no. (1 Tesalonikafo 2:9) Sɛ odi adanse wɔ afie afie a, ɔde “honhom nkrante a ɛne Onyankopɔn asɛm” di dwuma, na ɔboa nkurɔfo ma wɔde wɔn ho fi ɔsom mu mfomso ho. (Efesofo 6:11-17; Yohane 8:31, 32) Esiane sɛ nkwa ho aba asɛm nti, momma Kristosom mu asraafo nyinaa nkɔ so nsɔ Yesu ne Yehowa ani saa kwan yi so.