-
Dɛn Na Ebetumi Aboa Wo Ma Woakɔ So Asua Bible?Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
-
-
5. Sɛ nkurɔfo sɔre tia wo mpo a, mpa abaw
Ɛtɔ da a, ebinom bɛyɛ nneɛma bi a ɛkyerɛ sɛ wɔn ani nnye Bible a woresua no ho. Ebinom mpo betumi aka sɛ gyae. Biribi saa too aberante bi a ne din de Francesco. Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho.
Bere a Francesco kaa nea ɔresua no ho asɛm kyerɛɛ ne nnamfo ne n’abusuafo no, wɔyɛɛ wɔn ade sɛn?
Nea wɔyɛe nyinaa akyi no, wampa abaw. Nhyira bɛn na efii mu bae?
Monkenkan 2 Timoteo 2:24, 25. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:
Nea woresua no, w’abusuafo ne wo nnamfonom hu no sɛn?
Wohwɛ kyerɛwsɛm a yɛakenkan yi a, sɛ obi yɛ nneɛma bi a ɛkyerɛ sɛ n’ani nnye Bible a woresua no ho a, sɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ w’ade? Adɛn ntia?
-
-
Wobɛyɛ Dɛn Aka Asɛmpa No Bi Akyerɛ Afoforo?Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
-
-
Sɛ woreka asɛmpa no akyerɛ afoforo a, ɛnyɛ nea wobɛka nko ara na ɛsɛ sɛ wudwen ho, na mmom sɛnea wobɛka no no nso ho hia. Monkenkan 2 Timoteo 2:24 ne 1 Petro 3:15. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:
Sɛ woreka Bible mu asɛm akyerɛ afoforo a, wobɛyɛ dɛn de kyerɛwnsɛm mmienu yi ayɛ adwuma?
Ebetumi aba sɛ wo nnamfo ne w’abusuafo bi ne wo renyɛ adwene. Ɛba saa a, dɛn na wobɛyɛ, na dɛn na ɛnsɛ sɛ woyɛ?
Sɛ wo ne afoforo rebɔ Bible mu nkɔmmɔ a, ɛbɛyɛ papa sɛ wubisa wɔn nsɛm a ɛbɛma wɔakyerɛ wɔn adwene sen sɛ wode nsɛm bepuapua wɔn. Adɛn ntia?
-