-
Ahwɛfo a Wɔhwɛ Nguankuw No SoNhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
-
-
11 Mmarima a wɔfata ma enti wɔpaw wɔn sɛ ahwɛfo no kari pɛ wɔ wɔn nneyɛe mu. Wɔne afoforo redi nso a, wɔda ntease adi. Wɔnyɛ katee, mmom sɛnea wɔbɔ wɔn bra no ma wuhu sɛ wɔn ani da hɔ, na wɔwɔ ahosodi. Wɔredidi oo, wɔrenom oo, wɔredi agorɔ anaa wɔregye wɔn ani mpo a, wɔnyɛ mma ɛntra so. Ɛba nsanom nso a, wɔma wɔn ani da hɔ na obi anka sɛ wɔabow nsa anaa wɔyɛ asadweam. Sɛ obi nom nsa na ɔbow a, ɛyɛ den sɛ obedi ne ho so, efisɛ ontumi nnwen nneɛma ho yiye na kampɛsɛ waboa wɔn a wɔwɔ asafo no mu ma wɔasom Yehowa.
-
-
Ahwɛfo a Wɔhwɛ Nguankuw No SoNhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
-
-
14 Bio nso, sɛ obi bɛfata sɛ ɔhwɛfo wɔ asafo no mu a, ɛsɛ sɛ n’adwenem da hɔ. Wei kyerɛ sɛ ɔyɛ obi a ɔtɔ ne bo ase susuw nneɛma ho, na ɔmpere ne ho mmu atɛn. Ɔte Yehowa nnyinasosɛm ahorow ase yiye, na onim sɛnea wɔde yɛ dwuma nso. Obi a n’adwenem da hɔ de, ogye afotu ne akwankyerɛ tom, na ɔnyɛ nyaatwom.
-
-
Ahwɛfo a Wɔhwɛ Nguankuw No SoNhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
-
-
15 Paulo ka kyerɛɛ Tito sɛ ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo yɛ obi a ɔpɛ papayɛ. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ade a ɛteɛ na odi nokware. Sɛ ɔne afoforo redi a, wuhu saa su yi wɔ ne ho. Na wuhu nso sɛ n’ani gye nea ɛteɛ na ɛyɛ papa ho. Ɔntoto ne som ase koraa, na ɔde Yehowa trenee nnyinasosɛm yɛ adwuma bere nyinaa. Ɔhwɛfo yɛ obi a otumi kora kokoam nsɛm so. Afei nso ɔpɛ ahɔhoyɛ paa. Onya afoforo ho adagyew na ɔde n’ahonyade boa wɔn.—Aso. 20:33-35.
-