Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w87 11/1 kr. 4-6
  • Nsã​—Adwene Bɛn Na Kristofo Kura Wɔ Ho?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsã​—Adwene Bɛn Na Kristofo Kura Wɔ Ho?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Nhu Nyansa”.-Ɛfa Henanom Ho?
  • Bobesa Anaasɛ Bobe Aba Mu Nsu
  • Atɛmpa Ho Hia
  • So Onyankopɔn Kasa Tia Nsa A Ano Yɛ Den Nom?
    Nyan!—1992
  • So Asanom Bebrebe Nye Ankasa?
    Nyan!—2004
  • Mmosã
    Nyan!—2013
  • Hwɛ Wo Asanom Yiye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
w87 11/1 kr. 4-6

Nsã​—Adwene Bɛn Na Kristofo Kura Wɔ Ho?

“HENA na ɔwɔ ahohia mu, hena na ɔwɔ awerɛhow mu, hena na ɔwɔ atutuw ne nkɔmmɔdi, na ɔwɔ apirapira hunu ne ani a abɔre? Wɔn a wɔkyɛ nsa ho.” (Mmebusɛm 23:29, 30) Yiw, Bible no gye tom sɛ nsa betumi anya obi so nkɛntɛnso wɔ ɔkwammɔne bi so: anisobiri, aniwude, adwenem basaayɛ, nyarewa, abusua mu ɔhaw ahorow ne ohia mpo.

Hyɛ no nsow sɛ Bible mu kyerɛwsɛm no ka wɔn a ‘wɔkyɛ nsa ho,’ asadweam, ho asɛm! Wɔ saafo fam no, nsa te sɛ awuduru a ɛtaa nya wɔn nipadua ne wɔn adwene so tumi wɔ ɔkwammɔne so. (Mmebusɛm 23:32-35) Wɔn a wɔnom nsa pii no betumi ahwere ahosodi na wɔafi ase ayɛ nneɛma a sɛ wɔn ani da hɔ a wɔn ani bewu wɔ ho. Enti Bible no de kɔkɔbɔ ma sɛ: “Mfra sadweamfo, ne wɔn a wodi nam fuu no mu: na ɔsadweam ne ohohwini bedi hia, na nkotɔ de ntamagow fura onipa.” (Mmebusɛm 23:20, 21) Wɔde asabow nso ka “ɔhonam nnwuma” a ebetumi ayɛ nea ɛremma obi nkɔ Onyankopɔn Ahenni no mu no ho.​—Galatifo 5:19, 21; 1 Korintofo 6:10.

“Nhu Nyansa”.-Ɛfa Henanom Ho?

So eyi kyerɛ sɛ wosiw Kristofo kwan se wɔnnom nsa koraa? Na nea ɔsɔfo no kae a yɛaka ho asɛm wɔ asɛm a edi kan no mu a ɔkyerɛe sɛ egyina Mmebusɛm 20:1 a ɛkyerɛ sɛ “anyansafo nnom nsa koraa” so no nso ɛ? Bible no ka sɛ: “Nsã yɛ ɔfɛwdifo, mmosa yɛ otutupɛfo, na obiara a ɔtɔ mu ntintan no nhu nyansa.” Bio nso, Bible no nkasa ntia wɔn a wɔnom bobesa na mmom wɔn a wɔtɔ mu ntintan no! “Wɔn a wɔkyɛ nsa ho” ne “asadweamfo”​—eyinom ne wɔn a ‘wonhu nyansa.’

Susuw Yesaia 5:11, 22, NW nso ho: Nkyekyem yi kenkan sɛ: “Wonnue, wɔn a wɔsɔre anɔpatutu di nsa akyi, na wɔnom kosi anadwo ma enti bobesa ankasa bow wɔn. Wonnue, asanom mu mmarima ne nsafra mu ahoɔdenfo!” Dɛn na Yesaia rekasa atia? So ɛnyɛ asanom ntraso, kyerɛ sɛ, nsa a wɔnom fi “anɔpatutu” kosi “anadwo“?

Wɔka Onyankopɔn nkoa anokwafo​—te sɛ Abraham, Isak, ne Yesu ho asɛm sɛ-wɔnom bobesa wɔ anidahɔ mu. (Genesis 14:18; 27: 25; Luka 7:34) Bible no ka sɛ bobesa ka nhyira horow a efi Onyankopɔn hɔ no ho. (Genesis 27:8,7; Deuteronomium 11:14; Yesaia 25:6-8) Bible, no kyerɛ mpo sɛ nneɛma pa betumi afi bobesa a wɔde anidahɔ nom no mu aba. Odwontofo no kae sɛ bobesa ‘ma ɔdesani koma tɔ ne yam.’ (Dwom 104:15) Ɔsomafo Paulo kamfo kyerɛɛ Timoteo sɛ: “Nnom nsu [a emu ntew] bio, na wo yafunu ne wo mmerɛw a wotaa yɛ no nti, nom‘bobesa kakraa bi!” -1 Timoteo 5:23.

Bobesa Anaasɛ Bobe Aba Mu Nsu

Ebinom ka sɛ “bobesa” a wɔka ho asɛm wɔ Bible kyerɛw nsɛm a ɛte saa mu no yɛ bobe aba mu nsu ara kwa. Nanso, Mcclintock and Strong’s Cyclopedia kae yɛn sɛ “Bible no nkyerɛkyerɛ nsonsonoe a ɛwɔ bobesa a ɛbow ne nea ɛmmow no mu—ɛnka nsonsonoe a ɛte saa no ho .asɛm.” Nea ɛne eyi hyia no, wɔka “bobesa” ho asɛm sɛ mmosa na wɔde bata ‘nsa a ɛyɛ den’ ho.​—Genesis 9:21; Luka 1:15; Deuteronomium 14:26; Mmebusɛm 31:4, 6.

Nea ɛyɛ anigye no, na Yesu anwonwade a edi kan ne sɛ ɔbɛma nsu adan bobesa. Bible mu kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Na adidiihwɛfo no kaa . . . nsa no hwɛe no​—na onnim nea efi, . . . [ɔ]frɛɛ ayeforokunu no, na osee no sɛ: Nnipa nyinaa de nsa pa na ebesisi hɔ kan, na sɛ wɔbobow a, ɛno ansa na wɔde nea enye ba; na wo de, wode nsa pa no asie abedu sesɛɛ.” (Yohane 2:9, 10, NW) Yiw, “nsa pa” a Yesu yɛe no yɛ bobesa ankasa

Ampa, nyamesom akannifo a wobuu wɔn ho atreneefo a na wɔwɔ Yesu bere so no kasa tiaa no wɔ nsa a na ɔnom wɔ bere ne bere mu no ho. Yesu kae sɛ: “Na Yohane suboni aba, onnidi na ɔnnom nsa, na muse: Ɔwɔ honhommɔne. Onipa ba no aba, odidi na ɔnom, na muse: Hwɛ, onipa didifo ne sanomfo, towgyefo ne nnebɔneyɛfo adamfo.” (Luka 7:33, 34) Dɛn na anka ɛbɛyɛ nsonsonoe a ɛda nom a Yesu nom nsa ne nom a Yohane nnom no ntam sɛ bobe mu nsu ara’kwa na‘na Yesu nom a? Kae sɛ wɔkaa Yohane ho asɛm sɛ “ɔrennom bobesa anaa nsa biara [a ɛyɛ den].”​—Luka 1:15.

Ɛda adi sɛ Yesu ankasa antia nsa a wɔbɛnom wɔ anidahɔ mu no. Wɔ ne bere so no na bobesa a wɔnom yɛ Twam afahyɛ no fã.a Na bobesa ankasa kɔɔ so yɛɛ Awurade Anwumeduan a wɔde sii Twam no ananmu no fã.

Atɛmpa Ho Hia

Enti Bible no mmara asanom. Wɔ nsɛm tebea horow pii mu no, sɛ́ obi bɛnom nsa a ɛyɛ den anaasɛ dabi no yɛ asɛm a ɛsɛ sɛ n’ankasa si ho gyinae. Nanso Bible no kasa tia asabow ne adidi ntraso ahoɔden so: “Mfra sadweamfo, . . . wɔn a wodi nam fuu no mu; na ɔsadweam ne ohohwini bedi hia.” (Mmebusɛm 23:20, 21) Enti, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa da anidahɔ ne ahosodi adi. “Na mommow nsa, efisɛ ɛno na ɛde sakasaka ba, na mmom monyɛ ma wɔ honhom mu.” Kae sɛ ahosodi yɛ Onyankopɔn honhom aba no mu biako.-Efesofo 5:18; Galatifo 5: 19-23.

Nokwarem no, ɛnsɛ sɛ obi bow nsa na ama wahyia ɔhaw ahorow a ɛfa nsa ho. Nhomawa bi a United States ɔman sukuu a ɛhwɛ nnuru a wɔde di dwuma wɔ ɔkwammɔne so ho nsɛm so yɛe no kae sɛ: “Sɛ obi nom nsa a, ɛfa adidi ne ɔnom nkwaadɔm no mu na ɛkɔ mogya no mu na ekodu amemene no mu ntɛm ara. Efi ase ma amemene no fã a edi nsusuwii ne nkate ho dwuma no ano brɛ ase. Onipa no te nka sɛ ɔwɔ ahotɔ kɛse, biribiara nhaw no.” Saa te a ɔte nka sɛ “ɔwɔ ahotɔ kɛse” yi betumi ama wahyia asetra mu asiane ahorow.

Wohyia asiane foforo, sɛ ɛba afirika so a. Sɛnea nkontaabu ahorow bi kyerɛ no, nnipa 25,000 wuwu wɔ akwanhyia a afirikafo a wɔabow nsa ma ɛba no mu wɔ United States nkutoo. Ɛda adi sɛ nnipa pii mmu sɛnea nsa ma sɛnea wotumi yɛ ade ntɛmntɛm no ho tɔ kyima no ahe biara. Nanso Kristofo bu nkwa sɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ. (.Dwom 36:9) So ɛbɛyɛ nea ɛne adwene yi remmɔ abira sɛ obi de n’ankasa nkwa ne afoforo nso de bɛto asiane mu denam afiri a ɔbɛka bere a nsa ama sɛnea otumi yɛ ade ntɛmntɛm no ano abrɛ ase no so no? Enti, Kristofo pii asi gyinae sɛ wɔremfa nsa nka wɔn ano koraa bere a ɛsɛ sɛ wɔka afiri no.

Kristoni susuw sɛnea n’asanom bɛka afoforo no nso ho. Akyinnye biara nni ho sɛ eyi nti na wotu Kristofo ahwɛfo, asafo mu asomfo ne mmea mpanyimfo nyinaa fo sɛ “wɔnnyɛ asadweam.” no. (1 Timoteo 3:2, 3, 8; Tito 2:2, 3) Bere a ebia ɛte sɛ nea obi pɛ nsa pii no, ɛsɛ sɛ ɔhwɛ yiye sɛ obeyi anidahɔ adi wɔ ne nsanom mu sɛnea ɛbɛyɛ a ne nneyɛe no renhaw obi; saa ara nso na ɛnsɛ sɛ ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛhyɛ obi a ɔmpɛ nsa ma wanom. Bible no kɔ so ka sɛ: “Eye sɛ wunni nam, anaasɛ wonnom nsa, anaasɛ biribiara a ɛbɛto wo nua hintidua.”.​—Romafo 14: 21.

Nsɛm tebea horow bi betumi ama ɛho ahia sɛ obi gyae nsanom. Susuw nyinsɛn ho. International Herald Tribune (Paris de) no kaa nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ North Carolina (U.S.A.) Sukuupɔn mu ho asɛm na ɛbɔɔ amanneɛ sɛ “nsa pii a obi bɛnom wɔ ne nyinsɛn mfiase no betumi asɛe abofra a ɔrenyin no wɔ honam ne adwene mu.” Ɛsɛ sɛ mmea susuw asiane ahorow a ɛte sɛɛ a ebetumi afi nsa a wɔnom bere a wɔanyinsɛn no mu aba no ho anibere so.

Wɔn a wonim wɔn sɛ wɔbow nsa anaasɛ wɔnom ma ɛtra so no nso betumi ahu sɛ eye sɛ wobegyae nsanom koraa.”b Saa ara nso na ebia ɛbɛyɛ papa sɛ wobekwati nom a wɔbɛnom bere a ɔsadweam anaasɛ obi a n’ahonim kasa tia asanom no wɔ hɔ no. Na nsa a ɛbow a wɔbɛnom ansa na wɔakɔ Kristofo nhyiam horow anaasɛ wɔde wɔn ho ahyɛ baguam asɛnka adwuma no mu no bɛyɛ nea ɛmfata. Tete Lewifo yɛɛ nhwɛso wɔ eyi mu bere a wɔannom nsa bere a wɔyɛ adwuma wɔ asɔrefi hɔ no.​—Leviticus 10:8-10.

Awiei koraa no, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ obu ma ɔman no mu mmara. Wɔ aman horow bi mu no, wɔabara nsa koraa. Wɔ afoforo nso mu no, mpanyimfo a wɔadi mfe dodow bi na wɔma wɔnom. Kristoni yɛ osetie ma “tumi a ɛwɔ anuonyam” no nhyehyɛe a ɛte sɛɛ no.​—Romafo 13:1.

Ɛwom sɛ ebia wobɛnom nsa anaasɛ dabi, anaasɛ nea wobɛnom no dɔɔso anaasɛ esua no yɛ gyinae a ɛsɛ sɛ w’ankasa wusi. Sɛ yɛde nhumu di dwuma na yefi yɛn pɛ mu paw sɛ yɛbɛyɛ ade wɔ anidahɔ mu a, ɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam. Ɛnde, fa ɔkwan yi a nyansa wom yi so sɛnea ɛbɛyɛ a ‘sɛ wudidi oo, wonom oo, woyɛ biribiara oo, wobɛyɛ ne nyinaa ahyɛ Onyankopɔn anuonyam.’—1 Korintofo 10:31.

[Ase hɔ nsɛm]

a Wɔ Palestina no, na wɔtew abobe wɔ bere a ahohuru bere rekɔ n’awiei no mu. Nanso na wodi Yudafo Twam no ne Awurade Anwummeduan afahyɛ no wɔ fefɛw bere mu​—-asram asia akyi. Sɛ wɔannya ɔkwan a wɔbɛfa so de bobe aba mu nsu asie a, ɛno ankasa bebuw.

b Nnuruyɛfo kamfo kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ obi a wɔahu sɛ ɔyɛ ɔsadweam no gyae asanom koraa. Hwɛ July 8, 1982 Nyan!

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Ebia Kristoni besi gyinae sɛ ɔrennom nsa esiane obi foforo ahonim nti

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena