-
Honhom Bɛn na Woda no Adi?Ɔwɛn-Aban—2012 | October 15
-
-
“Awurade Yesu Kristo adom nka honhom a moda no adi no.”—FILEM. 25.
-
-
Honhom Bɛn na Woda no Adi?Ɔwɛn-Aban—2012 | October 15
-
-
1. Sɛ Paulo rekyerɛw ne mfɛfo gyidifo a, asɛm bɛn na na ɔtaa ka?
SƐ ƆSOMAFO Paulo rekyerɛw ne mfɛfo gyidifo a, na ɔtaa ka sɛ ogye di sɛ Onyankopɔn ne Kristo ani sɔ honhom anaa suban a asafo no da no adi no. Nhwɛso biako ne asɛm a ɔkyerɛw kɔmaa Galatifo no. Ɔkae sɛ: “Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka honhom a moda no adi no. Amen.” (Gal. 6:18) Dɛn ne ‘honhom a yɛda no adi no’?
2, 3. (a) Bere a Paulo de asɛmfua “honhom” dii dwuma no, dɛn na na ɔrepɛ akyerɛ? (b) Sɛ yɛpɛ sɛ yehu honhom a yɛda no adi a, nsɛm bɛn na yebetumi abisa?
2 Asɛmfua “honhom” a Paulo de dii dwuma no kyerɛ biribi a epusuw yɛn ma yɛka asɛm bi anaa yɛyɛ biribi. Nnipa bi dwo, wodwen afoforo ho, wɔn yam ye na wɔde bɔne kyɛ. Bible ma yehu sɛ eye sɛ yebenya “honhom a ɛyɛ komm na edwo” saa. (1 Pet. 3:4; Mmeb. 17:27) Nanso ebinom tu wɔn nsɛm bumbum, wɔn hwenem bɔn wɔn, na wɔmpɛ sɛ obi kyerɛ wɔn nea wɔnyɛ. Afoforo nso ama sikapɛ adi wɔn ti. Ebinom mpo de, ahantan ne atuatew ne ahohwibra adonnɔn wɔn.
3 Enti bere a Paulo kae sɛ ‘Awurade nka honhom a woda no adi’ no, na ɔrehyɛ ne nuanom nkuran sɛ wonsuasua Kristo na wonnya su a Onyankopɔn ani gye ho. (2 Tim. 4:22; monkenkan Kolosefo 3:9-12.) Yɛn nso yebetumi abisa sɛ: ‘Honhom bɛn na meda no adi? Mɛyɛ dɛn anya su a Onyankopɔn ani gye ho? Dɛn na metumi ayɛ aboa ma asafo no anya su a Onyankopɔn ani gye ho?’ Momma yɛnyɛ mfatoho yi: Sɛ wokɔ turo bi mu na nhwiren a ɛwɔ hɔ nyinaa ahanhan a, ɛma hɔ yɛ fɛfɛɛfɛ. So yɛn mu biara “han” ma asafo no mu yɛ fɛ te sɛ turo? Ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ saa. Afei momma yɛnhwɛ sɛnea yebetumi anya su a Onyankopɔn ani gye ho.
-