Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban—2001 | October 1
    • Ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa afeha a edi kan mu Kristofo no sɛ: “Homedadi aka ama Onyankopɔn man. Na nea wahyɛn ne home mu no, ɔno nso home fii ne nnwuma ho, sɛnea Onyankopɔn home fii ne de ho no. Enti momma yɛmmɔ mmɔden nhyɛn ɔhome no mu, na obi anhwe ase anyɛ asoɔden koro no ara ho nhwɛso.”—Hebrifo 4:9-11.

  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban—2001 | October 1
    • Sɛ yɛsan kɔ asɛm a Paulo ka kyerɛɛ Hebrifo no so a, yehu sɛ ɔkyerɛe sɛ, “homedadi aka ama Onyankopɔn man,” na ɔhyɛɛ ne mfɛfo Kristofo nkuran sɛ wɔmmɔ mmɔden ‘nhyɛn saa ɔhome no mu.’ Eyi kyerɛ sɛ bere a Paulo kyerɛw saa nsɛm no, na Onyankopɔn “da a ɛto so ason” a ɔhomee a na afi ase dedaw bɛyɛ mfe 4,000 wɔ saa bere no nnya mmaa awiei. Ɛremma awiei kosi sɛ Onyankopɔn atirimpɔw a ɛfa adesamma ne asase ho benya ne mmamu koraa wɔ “home da wura,” Yesu Kristo Mfirihyia Apem Nniso no awiei.—Mateo 12:8; Adiyisɛm 20:1-6; 21:1-4.

  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban—2001 | October 1
    • Ɛda adi sɛ, sɛnea Paulo kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn home mu ne ɔkwan a obi betumi afa so ahyɛn mu no yɛ nkuranhyɛ ma Hebrifo Kristofo a na wɔte Yerusalem, a na wɔagyina ɔtaa ne fɛwdi pii ano wɔ wɔn gyidi ho no. (Asomafo no Nnwuma 8:1; 12:1-5) Saa ara na Paulo nsɛm no betumi ahyɛ Kristofo nkuran nnɛ. Bere a yenim sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛde paradise bɛba wɔ Ahenni no ase mmamu abɛn pɛɛ no, ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛhome fi yɛn ankasa nnwuma ho na yɛyɛ nea yebetumi biara na ama yɛahyɛn Onyankopɔn home mu.—Mateo 6:10, 33; 2 Petro 3:13.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena