So Anidaso A Ɛda W’anim No Mu
1, 2. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wususuw asɛm a ɛfa w’anidaso a wubesó mu ho no ho yiye?
ƆSOMAFO PAULO kyerɛwee sɛ “yɛanya Kristo ho biribi, nanso gye sɛ nea Yefii ase de yɛn ho too so no, yeso mu pintinn kosi ase.” (Hebrifo 3:14) Ɔkaa hia a ehia nso sɛ ‘yeso anidaso a ɛda yɛn anim no mu’ no ho asɛm.—Hebrifo 6:18.
2 Ebia nnansa yi na woabɛyɛ Yehowa Adansefo mu biako na wowɔ wo gyidi horow mu ahotoso yiye. Anaasɛ ebia woayɛ ɔdansefo Kristoni mfe dodow bi na wote nka sɛ w’ase atim wɔ nokware no mu. Sɛnea ɛte biara no, yɛn mu biara betumi akae nnipa bi a yenim wɔn a wɔagyae nokware no mu nantew, sɛnea ɛyɛe wɔ afeha a edi kan no mu mpo no. (Filipifo 3:18; Asomafo no Nnwuma 20:30) Ebia nkakrankakra no ebinom hweree wɔn gyidi, ma ɔhonam fam nneɛma gyee wɔn bere nyinaa, anaasɛ wɔmaa sɔhwɛ dii wɔn so nkonim na wɔyɛɛ bɔne.
3-5. Dɛn nti na Hebrifo nhoma no betumi ayɛ mmoa wɔ yɛn anidaso no fam?
3 Yɛbɛyɛ dɛn atumi asiw ade a ɛte saa kwan na amma yɛn so? Momma yensusuw afotu a ɛwɔ Hebrifo nhoma no mu no ho. Yebehu sɛnea eyi fata yɛn bere yi, denam nnɛyi Yehowa adansefo pii a afotu a ɛte saa ahyɛ wɔn den no nokwaredi mu boasetɔ so.
4 Wɔkyerɛw Hebrifo nhoma no maa Kristofo a na wɔwɔ “ɔsoro frɛ” no mu kyɛfa. Wɔde Onyankopɔn honhom sraa wɔn na na wɔwɔ anidaso sɛ wobedi Kristo akyi akɔ ɔsoro. Sɛnea wubetumi ahu no, na ‘saa anidaso yi yɛ ɔkra sɛkyɛ a ɛntew na etim hɔ.’ Nanso Paulo twee adwene kɔɔ hia a ehia sɛ ‘yeso anidaso a ɛda yɛn anim no mu’ no so. (Hebrifo 3:1; 6:18-20) Sɛ na ade a ɛte saa ho hia wɔn a, hwɛ sɛnea ɛho behia nkaefo a wɔasra wɔn no ne “nnipakuw kɛse” a wɔhwɛ kwan sɛ wobetwa “ahohiahia kɛse” a ɛreba no kɛse mpo nnɛ.—Adiyisɛm 7:9, 15
5 Wɔ Hebrifo nhoma no mu no Yehowa bɔ yɛn kɔkɔ wɔ asiane ahorow te sɛ ‘fi a yebefi ho,’ ‘wae a yɛbɛwae,’ ‘nyãa a yɛbɛyɛ,’ ‘akyi a yɛbɛsan akɔ ɔsɛe mu’ anaasɛ ‘dan a yɛbɛdan afi ho’ ho. (Hebrifo 2:1; 6:6, 12; 10:39; 12: 25) Nhoma no de afotu fɛfɛ ma na aboa yɛn ma yɛada ‘mmɔdenbɔ adi wɔ anidaso a akyinnye nni mu koraa mu de akodu ase’ na yɛayɛ “wɔn a wogye di kɔ ɔkra nkwagye mu.”—Hebrifo 6:11; 10:39.
“Yɛmfra Wɔn A Wɔtwe Wɔn Ho”
6. Ná dɛn na Hebrifo Kristofo ahyia, nanso na dɛn na wohia?
6 Ɛda adi sɛ na Hebrifo Kristofo no pii ahyia ɔtaa. ‘Wohuu ɔko bebree mu amane,’ te sɛ ebia yi a woyii wɔn mae wɔ Roma agumadibea anaa asiane a wɔde baa wɔn ankasa so denam wɔn a wogu afiase a wɔkɔboaa wɔn no so. (Hebrifo 10:32-34) Nanso, na ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ sɛ ‘wɔmfra wɔn a wɔtwe wɔn ho kɔ ɔsɛe mu mu, na mmom wɔfra wɔn a wogye di kɔ ɔkra nkwagye mu mu.’—Hebrifo 10:39.
7. (a) Ɔtaa a ebetumi aba ho adwene betumi aka Kristoni dɛn? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ wubisa wo ho?
7 Enti asiane wɔ hɔ sɛ Kristoni betumi anya ɔsɔretia ho suro, ma ‘watwe ne ho’ anaasɛ wagyaa ne nokwaredi mu. Na yɛn nso ɛ? Ebia na yɛahyia ɔsɔretia kakra, te sɛ ebia nea efi mfɛfo sukuufo anaa adwumayɛfo nkyɛn. Ebinom ahyia ɔhwe ankasa mpo, nea efi ɔhokafo a onnye nni anaa ɔwofo nkyɛn. Nanso wɔ nsase pii so no, ɛyɛ nea ɛntaa mma sɛ Ɔdansefo bi behyia ɔtaa denneennen esiane ne gyidi nti. Eyi betumi ama wayɛ obi a onsiesiee ne ho mmaa ɔtaa a emu yɛ den, na enti obetumi ‘atwe asan’ bere a aba. Ma yemmisa sɛ, ‘Bere a matra asetra a ahotɔ wom mu akyi no, sɛ mihyia tebea bi a emu yɛ den yiye, te sɛ ebia me dan, m’adwuma anaa me mma a wobefi me nsa, anaasɛ afiasenna ne ɔhwe ankasa a, so ɛbɛma matwe asan?’
8. Ɔtaa ano a yebegyina ho afotu bɛn na Hebrifo de ma?
8 Bere a ɔreka yɛn gyidi a yɛbɛda no adi wɔ tebea a emu yɛ den mu ho asɛm no, Paulo hyɛɛ yɛn nkuran sɛ yensusuw sɛnea Yesu tɔɔ ne bo ase huu amane no ho. (Hebrifo 12:2, 3) Afei Paulo kaee yɛn sɛ sɛ ɔtaa a emu yɛ den ba a, ɛsɛ sɛ yebu no sɛ nteɛso a ɛho wɔ mfaso. Ampa, ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔde ɔtaa no ba; ɔma ho kwan ara kwa. Nanso, ɔtaa betumi asiesie yɛn anaa aboa yɛn ma yɛanya nkɔso wɔ Kristofo su horow a ɛho hia mu, te sɛ boasetɔ, nokwaredi ne Yehowa mu ahotoso.—Hebrifo 12:4-11; Yakobo 1:2-4.
9. (a) Yɛyɛ dɛn hu sɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ betumi agyina ɔtaa ano? (b) Dɛn na ɛbaa anuanom mmea bi so wɔ komunist man bi mu wɔ 1960 mfe no mu?
9 Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛante nka sɛ onipa a ɔyɛ pɛ, te sɛ Yesu, nkutoo na obetumi agyina no, Hebrifo nhoma no bobɔ mmarima ne mmea a wɔnyɛ pɛ te sɛ yɛn a wɔnam gyidi so gyinaa ɔhaw ahorow ano din. (Hebrifo 11:35-40; 12:1) Wɔde “adansefo mununkum” a wɔnam gyidi so gyinaa ɔhaw ahorow ano no bi aka ho wɔ nnɛ mmere yi mu. Wɔ August 1982 mu no, Swiss atesɛm krataa bi tintim osuahu bi a ɔbea bi nyae wɔ Yehowa Adansefo a na wɔde wɔn akogu afiase wɔ mmea nneduafo adwumayɛban mu wɔ komunist asase so mfe kakra a atwam ni ho no. Nea ɔkae no mu nsɛm atitiriw no bi ni:
Asɔre akɛse no nkutoo na wɔwɔ ahofadi kakra efisɛ wɔka nea ɔman no ma ho kwan. Ɛnte saa wɔ akuw nketewa a wohyiam wɔ afi mu no ho. Wɔn a wɔtaa wɔn kɛse ne Yehowa Adansefo. Wɔde Adansefo a wohuu Ɔwɛn-Aban wɔ wɔn fie no mu dodow no ara akogu afiase mfirihyia du. Enti wutumi hu nea enti a afiase hɔ mpanyimfo no ani bere bere a Adansefo no kɔ so nya nhoma pii no. Na wɔaworɔw odeduani biara atade ahwehwɛ ne ho, na wɔhwehwɛɛ wɔn ntade nyinaa mu yiye. Afei nso, deduani biara a ɔyɛ adwuma wɔ afuw mu no, awɛmfo a wokurakura atuo hwɛɛ no so na wɔhwehwɛɛ ne ho nyinaa bere a ɔresan abewura ban no mu no. Nanso nsa kaa nhoma no wɔ hɔ. Ná ɛte sɛ nea abɔfo na wotu de brɛɛ wɔn anadwo. Ná Adansefo no bebree yɛ mmabaa. Ná afiasenna a edi kan no betumi ayɛ efi mfe 5 kosi 7, na na nea ɛto so abien a wɔkyere obi no yɛ nea ɛmma fam nsen mfe 10. Adansefo no ne wɔn a wɔhaw wɔn sen biara wɔ hɔ. Sɛ wɔn mu baasa pɛ hyiam a, wɔhyɛ wɔn ma wɔtetew mu.
10. Hebrifo nhoma no boa yɛn ma yesi gyinae dɛn wɔ ɔtaa ho?
10 Ɛdefa tete gyidi nhwɛso ahorow wɔ ɔtaa mu ho no, Hebrifo nhoma no se ná “wɔnsɛ wiase,” nanso Yehowa bɛhwɛ ma ‘wɔayɛ pɛ’ wɔ asase so Paradise no mu. Hena na obetumi ahwehwɛ nea ɛsen saa. Enti momma yensuasua tete ne nnɛyi gyidi nhwɛso horow no. Sɛ́ anka ‘yɛbɛtwe asan akɔ ɔsɛe mu no,’ ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho sɛ ‘yebenya gyidi a ɛde kɔ ɔkra nkwagye mu.’—Hebrifo 11:38, 40; 10:39.
Mommma ‘Yɛnnwae Mmfi Ho’
11. Dɛn nti na obi a wayɛ Kristoni bere tenten no nso betumi ‘awae afi ho’?
11 Sɛnea Hebrifo nhoma no kyerɛ no, asiane foforo ne sɛ obi ‘bɛwae afi ho.’ (Hebrifo 2:1) Hwɛ sɛnea ɛno betumi aba. Obi—ebetumi ayɛ yɛn mu biara—bɛyɛɛ Kristoni na onyaa anigye kɛse. Ofii ase nyaa asɛnka adwuma mu kyɛfa bere a na ne Bible mu nimdeɛ nnɔɔso mpo no. (Asomafo no Nnwuma 3:1-9; 8:39; 13:48, 49) Mfe dodow bi akyi no, na anka ɛsɛ sɛ mfitase anigye a onyae no nyin na obenya mmɔdenbɔ ne ahofama a emu yɛ den. So ayɛ saa? So obu Kristofo som adwuma no sɛ nea ɔnam so da ne dɔ ma Onyankopɔn no adi na ɔde boa afoforo, sɛnea wɔboaa ɔno ankasa no? Anaa so abɛyɛ biribi a ɔyɛ ara kwa, te sɛ adesoa bi? Sɛ ɔwɔ mma a, so ɔhyɛ wɔn nkuran anigye so daa sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ ɔsom adwuma a wɔde bere nyinaa yɛ mu? Anaa so ɔbɔ so ara kwa, a ahoɔden titiriw biara nni mu te sɛ bere a ɔka ade a wobesua akɔ anim, anya adwuma pa anaa wɔasi fie fɛfɛ ho asɛm no anaa?—Adiyisɛm 2:4
12. (a) Afotu bɛn na Hebrifo nhoma no de ma yɛn na yɛatumi akwati ‘wae a yɛbɛwae afi ho’? (b) Nsemmisa bɛn na yebetumi asusuw ho wɔ Asɛm no tie ho?
12 Ade a ɛbɛboa yɛn na ‘yɛamfi ho’ ne ‘nneɛma a yɛate no mu a yebeso ma aboro so’ no. (Hebrifo 2:1) Hebrifo Kristofo no mu binom tɔɔ sin wɔ eyi mu. Bere a wosuaa ‘Kristo mfitiase asɛm no’ akyi no, ‘wɔampere ankɔ nea ɛyɛ pɛ no mu.’ Bere a na ‘anka ɛsɛ sɛ wɔyɛ akyerɛkyerɛfo no,’ na wɔda so ara kura mfitiasesɛm no mu. (Hebrifo 5:12-6:2) Na yɛn nso ɛ? So ‘yɛnenam mu’ ara kwa anaasɛ yɛrenya nkɔso denam yɛn adwene a yɛde kɔ kokoam adesua so no so anaa? So yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛkenkan Bible no fã bi daa? So yɛde anigye sua Kristofo nhoma horow, na yɛne afoforo bɔ nneɛma afoforo a yesua ho nkɔmmɔ mpo anaa? So yɛreboa yɛn mma ma wɔanya nkɔso asen “Asɛm no mu nufusu” a wɔbɛnom daa? So wofi Bible mu tumi kyerɛkyerɛ nokware a ɛfa ɔkra, owusɔre, Baasakoro, Paradise asase, ne nea ɛkeka ho mu anaa? So wɔreyɛ saa wɔ asɛnka mu, anaa wogyina faako a na wogyina afe a etwaam no?—1 Petro 3:15.
13. Nhwɛso bɛn na yɛn nuanom mmea a wɔde wɔn koguu afiase no yɛe wɔ adesua ho, na dɛn na ɛkyerɛ ma yɛn?
13 Ɛdefa Adansefo a wɔde wɔn koguu afiase no ho no, amanneɛbɔ no kae sɛ:
Hokwan kakraa biara a wonyae mu no, wɔbɔɔ mmɔden sɛ wobesua Bible mu nsɛm agu wɔn tirim. Afei nso, wɔbɔɔ mmɔden sɛ wobesua kasa afoforo, titiriw Engiresi, Franse ne German. Ná nhoma ahorow a wɔn nsa ka no taa ba wɔ kasa horow yi mu, na wɔn a wosuae no tumi kyerɛɛ ase maa anuanom mmea afoforo.
Ɛwom sɛ yɛn mu kakraa bi na wɔhyɛ yɛn sɛnea wɔhyɛɛ wɔn no ma yɛde nnɔnhwerew pii yɛ adwuma bere a wɔmma yɛn aduan sɛnea ɛsɛ de, nanso so yɛde yɛn adagyew ‘hwehwɛ nneɛma a yɛate no mu ma ɛboro so’?
‘Mmfi Ho Nhwe Ase’
14. Dɛn na ebetumi aba nnipa a wɔayɛ Kristofo bere tenten no mpo so?
14 Bere a ahyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnkɔ so nnyin no, Hebrifo nhoma no bɔ kɔkɔ sɛ “wɔn a wɔanya hann pɛn” no betumi ‘afi ho ahwe ase,’ a ebia wontumi nkyerɛ ahonu mpo. (Hebrifo 6:4-8) Yiw, Kristofo a wɔde bere tenten asom Onyankopɔn, wɔn a wɔasra wɔn a ‘wɔanya honhom kronkron no bi’ no mpo betumi adan akɔ biribi a ɛtwetwe adwene wɔ mprempren nhyehyɛe yi mu so
15. Ɔkwan bɛn so na ebinom ahwehwe ase wɔ ɔbarima ne ɔbea nna ho ne nnwuma ahorow ho?
15 Ebinom ahwehwe ase denam honam akɔnnɔ anaa ahonyade ho akɔnnɔ so. (1 Yohane 2:16) Ampa, ɔbarima ne ɔbea nna ho akɔnnɔ nso wom bere a mmerante ne mmabaa de wɔn ho hyɛ aguamammɔ mu no. Nanso susuw ade foforo nso ho. Awarefo bi ani nnye wɔn ahokafo ho bio na wɔahyia onipa foforo a ɛte sɛ nea ne ho yɛ anika kɛse, ne nkɔmmɔbɔ yɛ dɛ anaasɛ wanya nkɔso kɛse wɔ saa wiase yi mu. Nea ɛyɛ awerɛhow no, eyi akowie awaregu ne aware ahorow foforo a ɛmfata mu. Afoforo nso ‘adan kɔ’ honam fam nneɛma akyidi so, ma wɔde wɔn ho akɔhyehyɛ nnwuma a ɛda adi pefee sɛ nokwaredi nni mu anaasɛ ebu ani gu aban mmara horow ne tow ahorow a ɛsɛ sɛ wotua so mu, (Mateo 22:21) Anaasɛ ɛma wɔhyɛ nnwuma ahorow a ɛde sika pii ba anaasɛ nhyehyɛe horow a ɛma obi nya ne ho ntɛmntɛm na ɛma nkurɔfo sisi wɔn nuanom mpo ho nkuran. (Fa toto Asomafo no Nnwuma 20:33; 2 Tesalonikafo 3:10, 11 ho.) Ahenni nneɛma a ɛtaa ma wobu ani gu so akyi no, nnwuma ahorow yi yɛ nea ɛde abufuw ne akasakasa ba mmere horow, sɛ ɛnyɛ odwotwa ankasa mpo a. Ada adi sɛ nea Bible ka no yɛ nokware: “Wɔn a wɔpɛ wɔn ho anya no hwe sɔhwɛ ne afiri . . . mu.”—1 Timoteo 6:9
16. Nhwɛso pa bɛn na anuanom a wɔde wɔn koguu afiase no yɛe wɔ sɔhwɛ ano a wogyinaa mu?
16 Sɛ yɛde ahobrɛase gye tom sɛ yɛn ho nyɛ den mmoroso a yentumi nhwe ase a, ɛnde na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛremma sɔhwɛ ne bɔne mfiase ho kwan. (Romafo 12:3; 1 Korintofo 10:12) Anuanom mmea a na wɔwɔ nneduafo adwumayɛban no mu no ma yɛn nhwɛso pa:
Wɔde wɔn mu binom, mmiako mmiako, kɔɔ kurow kɛse bi mu, faako a aguadidan akɛse, sini, agodibea ahorow ne anigyede afoforo wɔ. Sɛ nhwɛso no, polisifo no baanu de onuawa bi kɔɔ aguadidan bi a wɔahyehyɛ nnuan pii wɔ mu mu. Wɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Paw nea wopɛ.’ Ɔkae sɛ onhia biribiara. Ná ɛyɛ ahometew sɛ wɔde abodoo a wɔato no foforo ne nnuan ahorow ahorow a wɔahyehyɛ bɛkyerɛ obi a wayɛ mmerɛw na onnyaa aduan pa biara nnii mfe pii. Wɔsɔɔ no hwɛe saa ara wɔ aguadi afiase afoforo mu ne agodibea ahorow. Ɛwom sɛ wɔma ɔtraa hɔ adapɛn kakra na wɔhyɛɛ no bɔ sɛ sɛ ɔpa gyidi no a, wɔbɛma wade ne ho, nanso anyɛ yiye. Onuawa biako pɛ na wotumi ma ɔpaa ne gyidi. Asram dodow bi akyi no ɔsan baa nneduafo adwumayɛban no mu a na wayɛ kɛse na ɔhyɛ atade fɛfɛ bi. Ɔde nnɔnhwerew abien kasa kyerɛɛ eyinom a na anka wɔyɛ ne nuanom, a wɔankyia no mpo no. Ɛda adi sɛ polisifo no susuwii sɛ na eyi bɛka wɔn kɛse na anuanom mmea no nyinaa bɛpa wɔn gyidi mmiako mmiako. Nanso nea ɛbɔ eyi abira mmom na ɛbae.
17. Ɛsɛ sɛ yɛte nka dɛn wɔ sɔhwɛ ahorow a yenhyia ho?
17 Wugye di sɛ anka wubetumi agyina wɔ sɔhwɛ ahorow no mu anaa? Na sɔhwɛ ahorow a wuhyia no nso ɛ? Paulo kyerɛwee sɛ: “Monhwɛ yiye, anuanom, na koma bɔne a ennye nni amma mo mu biara mu, na wɔanwae amfi Nyankopɔn teasefo ho. Na mmom muntutu mo ho fo da biara a wɔda so bɔ din sɛ ‘ɛnnɛ’ no, na bɔne nnaadaa ampirim mo mu biara koma.” (Hebrifo 3:12, 13) Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛanwae amfi ho anaasɛ yɛantwe ansan no, ɛho hia sɛ yɛde yɛn adwene si “ɛnnɛ” so.
Gyidi A Yɛbɛda No Adi “Ɛnnɛ”
18. Dɛn nti na Israelfo no antumi anhyɛn Onyankopɔn home no mu?
18 Paulo asɛm a na ɛfa “ɛnnɛ” ho no yɛ nea na egyina asɛm a ɛwɔ Dwom 95:7-11 no so. (Hebrifo 3:7-11) Sɛnea saa asɛm no da no adi no, na Israelfo no apirim wɔn koma wɔ Mose nna no mu. Israelfo no, bere a wɔate Yosua ne Kaleb amanneɛbɔ a ɛfa Bɔhyɛ Asase no ho akyi no, wɔdaa gyidi a wonni adi. (Numeri 13:17-14:38) Ɛwom na anka wobetumi anya asomdwoe ne nhyira wɔ Onyankopɔn homeda a na ɛda so wɔ hɔ no mu de, nanso Israelfo a na wɔapirim wɔn koma na wonnye nni no ampene so sɛ wobetu akɔ asase no so akɔtra hɔ. Enti Onyankopɔn ma wokyinkyinii wɔ sare no so mfirihyia 40.—Hebrifo 3:17-19.
19. Bere bɛn ne ɔkwan bɛn so na yebetumi ahyɛn Yehowa home no mu?
19 Onyankopɔn Homeda Kɛse no da so wɔ hɔ. (Genesis 1:31-2:3) Paulo kyerɛwee sɛ “wɔagyaw ne home mu kɔ ho bɔhyɛ.” (Hebrifo 4:1, 9) Enti, yɛn a yɛyɛ Kristofo no betumi ahyɛn saa “home” no mu anaasɛ yɛatra mu. Ɔkwan bɛn so? Denam gyidi a yɛbɛkyerɛ so, ɛnyɛ gyidi wɔ Yosua a ɔtraa ase wɔ tete hɔ no mu, na mmom gyidi wɔ Yosua Kɛse, yɛn dikanfo Yesu, mu. Ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi nnwuma a ɛnkyerɛ gyidi ho, te sɛ nea nnipa a wonnye nni ankasa sɛ nhyehyɛe foforo bi bɛba no yɛ no. Wɔn asetra gyina anigyede so titiriw. Ebia wɔbɛpɛ sɛ wɔyɛ “nnipa akɛse,” te sɛ ɛdenam dibea anaa abodin a wobenya so. Anaa, ebia wɔbɛfa ɔkwan bi so a ɛbɛma wɔabu wɔn sɛ wɔyɛ nnipa “pa.”
20, 21. (a) Nnwuma bɛn na ɛho hia sɛ yɛkwati? (b) Nnwuma pa bɛn na ɛsɛ sɛ yenya mu kyɛfa, sɛnea anuanom mmea a na wogu afiase no yɛɛ ho nhwɛso no?
20 Sɛ yɛwɔ Yesu ne nea ɛda Onyankopɔn nkurɔfo anim no mu gyidi a, ɛsɛ sɛ yɛda no adi denam yɛn nneyɛe so. Paulo kyerɛwee sɛ: “Nea wahyɛn ne home mu no, ɔno nso home fii ne nnwuma ho.” (Hebrifo 4:10) Enti, sɛ anka yɛbɛyɛ nnwuma a ɛkyerɛ gyidi a obi nni anaasɛ nneɛma a ɛma obi bɔ mmɔden sɛ obebu ne ho bem no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nneɛma a ɛda yɛn gyidi adi.
21 Kristofo adwuma titiriw ne sɛ wɔbɛka Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba no ho asɛm. Ɛdefa Yesu ho no, Paulo hyɛɛ nkuran sɛ: “Momma yenso yɛn asɛm a yegyina so ka no mu denneennen.” (Hebrifo 4:14) Na, yebetumi ayɛ eyi na ɛsɛ sɛ yɛyɛ no wɔ Kristofo nhyiam horow ase bere a yɛka yɛn anidaso kyerɛ wɔ hɔ no. (Hebrifo 10:23-25) Nanso ɛsɛ sɛ saa ‘baguam mpaemuka’ no yɛ nea yɛn gyidi ne anidaso ho asɛm a yɛbɛka akyerɛ wɔn a wonni asafo no mu ka ho. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yɛte nka sɛ ɛho hia sɛ ‘yɛbɔ Onyankopɔn ayeyi afɔre, ɛne anofafa a ɛbɔ no abodin no aba.’ (Hebrifo 13:15; 1 Korintofo 9:16) Onii a ɔkyerɛw asɛm a yɛafa emu asɛm aka dedaw no ka nkɔmmɔ bi a ɔne onuawa bi bɔe ho asɛm sɛ:
Mekãe sɛ ɔman mpanyimfo no rekyere mo nyinaa agu afiase, ɛnyɛ mo gyidi nti, na mmom esiane asɛm a moka kyerɛ afoforo nti. Sɛ wo nkutoo wotra fie bɔ mpae dinn a, obiara renhu. Obuae sɛ, “Ɛyɛ ampa, nanso yɛn asɛyɛde ne sɛ yɛbɛka asɛm akyerɛ afoforo na yɛanya anuanom mmarima ne mmea afoforo. Yɛrentumi nyɛ pɛsɛmenkominya na yensiesie yɛn ho mma yɛn nkutoo asetra wɔ asase so, wɔ mfirihyia apem bere no mu. Ɛsɛ sɛ nnipa nyinaa te sɛnea asetra bɛyɛ saa bere no ho asɛm.”
22. Gyidi bɛn a egyina Hebrifo nhoma no so na wowɔ?
22 Wutumi hu sɛ asɛntitiriw a ɛwɔ Hebrifo nhoma no mu ne sɛ ɛsɛ sɛ ‘yɛyɛ nea yebetumi nyinaa sɛ yɛbɛhyɛn Onyankopɔn home no mu, na obi anhwe ase . . . asoɔden mu.’ (Hebrifo 4:11) Yebetumi anya anigye kɛse sɛ yɛwɔ saa ɔhome no mu mprempren, ne sɛ yɛwɔ anidaso sɛ yɛbɛkɔ so atra mu bere a wɔn a wɔte asase so nyinaa som Onyankopɔn no. Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa behyira na wabɔ wɔn a ɛdenam gyidi ne osetie so no wɔhyɛn ne home no mu mprempren no ho ban. Ɔyɛ “wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no katuafo.” (Hebrifo 11:6) Sɛ asɛm bi wɔ hɔ a, ɛfa yɛn ho mmom. Na mpo ɛho nhia sɛ ɛba saa. ɛdenam yɛn gyidi ne boasetɔ so, ne ɛdenam Yehowa mmoa so no, yebetumi ‘aso anidaso a ɛda yɛn anim no mu.’—Hebrifo 6:18.
So Woanya Ho Mfaso?
□ Afotu anaa asuade bɛn no wunya fii Hebrifo nhoma no mu?
□ Ɔkwan bɛn so na wubetumi anya anuanom a wɔde wɔn koguu afiase nhwɛso no ho mfaso?
□ Dɛn na Hebrifo 2:1 hyɛ wo nkuran sɛ yɛ no woakwati wae a wobɛwae afi ho?
□ Ɔkwan bɛn so no wubetumi ahyɛn Onyankopɔn home no mu?
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 19]
Adansefo no ne wɔn a wɔhaw wɔn sen biara wɔ nneduafo adwumayɛban no mu. Bere biara a wɔn mu bɛboro baasa hyiae no, wɔhyɛɛ wɔn ma wɔtetew mu
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 22]
Wɔde Adansefo pii a wohuu Ɔwɛn-Aban no bi wɔ wɔn fie no akogu afiase mfe 10
[Kratafa 21 mfoni]
Israelfo no tee Yosua ne Kaleb amanneɛbɔ no nanso wɔankyerɛ gyidi. Enti wɔantumi anhyɛn Onyankopɔn home no mu wɔ Bɔhyɛ Asase no so