Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • So Woahyɛn Onyankopɔn Home Mu?
    Ɔwɛn-Aban—2011 | July 15
    • “Onyankopɔn Asɛm Wɔ Nkwa”

      20. Yebetumi de Hebrifo 4:12 adi dwuma wɔ akwan abien bɛn so? (Hwɛ asehɔ asɛm no.)

      20 Bere a Paulo kyerɛwee sɛ “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa” no, na ɛnyɛ Onyankopɔn Asɛm Bible no ho asɛm ankasa na na ɔreka.c Nsɛm foforo a ɛwɔ saa kyerɛwsɛm no mu no da no adi sɛ na ɔreka Onyankopɔn bɔhyɛ ho asɛm. Asɛm a na Paulo reka ne sɛ sɛ Onyankopɔn hyɛ bɔ a, ɔma ɛbam bere nyinaa. Yehowa nam odiyifo Yesaia so daa saa asɛm yi adi sɛ: ‘Asɛm a efi m’anom rensan mma me nkyɛn kwa, gye sɛ ɛyɛ nea enti a mesomae no.’ (Yes. 55:11) Enti, sɛ nneɛma nkɔ so ntɛmntɛm sɛnea ebia yɛhwɛ kwan a, ɛsɛ sɛ yesi abotare. Yehowa ‘kɔ so yɛ adwuma,’ a ne botae ne sɛ ɔbɛma n’atirimpɔw abam.—Yoh. 5:17.

      21. Ɔkwan bɛn so na Hebrifo 4:12 betumi ahyɛ “nnipakuw kɛse” no mufo a wɔn mfe akɔ anim a wɔde nokwaredi asom no nkuran?

      21 “Nnipakuw kɛse” no mufo a wɔn mfe akɔ anim de nokwaredi asom Yehowa mfe bebree. (Adi. 7:9) Wɔn mu pii anhwɛ kwan sɛ wobenyinyin abobɔ nkwakoraa ne mmerewa wɔ wiase bɔne yi mu. Nanso, wɔmmaa wɔn abam mmui. (Dw. 92:14) Wonim sɛ sɛnea ɛte biara no, ɛbɔ a Onyankopɔn ahyɛ no bɛbam. Bɔhyɛ a ɛwɔ Onyankopɔn asɛm mu no bɛbam, na Yehowa reyɛ ho adwuma ma abam. Esiane sɛ Onyankopɔn atirimpɔw da ne koma so nti, sɛ yɛn nso yɛkɔ so ma ɛho hia yɛn a, ɛma n’ani gye. Yehowa rehome wɔ ɛda a ɛto so ason yi mu, na ɛwɔ n’adwenem paa sɛ ɔbɛma n’atirimpɔw abam, na onim sɛ sɛ kuw no, ne nkurɔfo gye tom. Na wo nso ɛ? So w’ankasa woahyɛn Onyankopɔn home mu?

  • So Woahyɛn Onyankopɔn Home Mu?
    Ɔwɛn-Aban—2011 | July 15
    • c Ɛnnɛ, Onyankopɔn nam Bible so na ɔkasa kyerɛ yɛn. Bible wɔ tumi a ɛsakra yɛn abrabɔ. Enti, asɛm a ɛwɔ Hebrifo 4:12 no fa Bible ho nso.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena