Abebusɛm No Kyerɛ Dɛn?
Nneɛma Nyinaa Ho Da Hɔ Wɔ Yehowa Anim
Obi a ɔkyerɛw Mmebusɛm no kae sɛ: “Asaman ne ɔsɛe amoa wɔ Awurade [Yehowa] anim, na menne nnipa mma koma.”—Mmeb. 15:11.
Wɔ sɛnkyerɛnne kwan so no, biribiara nni hɔ a atew ne ho akɔ akyirikyiri afi Yehowa, Onyankopɔn teasefo no ho akyɛn Sheol anaa asaman, ɔdamoa, faako a awufo kɔ no. Afei nso nnipa pii wɔ hɔ a wɔakunkum wɔn na wɔasɛe wɔn afunu a wɔansie wɔn. Eyinom nyinaa yɛ wɔn a adesamma nhu wɔn, na wɔn mu dodow no ara yɛ wɔn a nnipa werɛ afi wɔn, te sɛ nea wɔntraa ase pɛn mpo ɛ. Sɛnea ɔsɛnkafo 9:5 ka no: “Na ateasefo nim sɛ wobewuwu, na awufo de wonnim biribiara. Na wonni akatua bi bio, na werɛ afi wɔn nkae.” Ɛda adi sɛ nnipa nkorɛnkorɛ ne wɔn su horow ne ban no nyinaa yɛ nea adesamma nnim. Wɔn ho kyerɛwtohɔ biara nnni asase so.
Nanso wɔ Yehowa Nyankopɔn anim de, ne nyinaa mu da hɔ. Odwontofo no kae sɛ: “Sɛ meforo soro a, wowɔ hɔ, na mekɔsɛw me kɛtɛ asaman a, wuni.” (Dw. 139:8) Ɛno nkyerɛ sɛ Onyankopɔn wɔ baabiara, wɔ bere koro no ara mu, na mmom obetumi akɔ asaman akoyi obi afi hɔ. “Sɛ wofunu kɔ asaman a, me nsa bɛfa wɔn afi hɔ aba . . . Na sɛ wɔkɔbɔ Karmel atifi nkokora a, mɛtwee wɔn makɔfa wɔn mafi hɔ; na sɛ wofi m’anim kohintaw ɛpo ase a, ɛhɔ na mɛhyɛ ɔwɔ na wakeka wɔn.” Eyi ne asɛm a Yehowa ka faa wɔn a wɔbɛpɛ sɛ woguan fi n’atemmu mu no ho.—Amos 9:2, 3.
Onyankopɔn nim baabiara a wɔasie ankorankoro biara. Anaasɛ, sɛ ɛpo faa no, sɛ owui wɔ akono anaasɛ wɔhyew no a, Onyankopɔn nim. (Adi. 20:13) Onim sɛnea obiara su ne ban te—sɛnea ɔte, sɛnea ne su horow ne ne nneyɛe te, nea ɔde fi awo mu ne nea onyae wɔ awo akyi nyinaa. (Fa to Dwom 139:16 ho.) Onim wɔn a wɔfata sɛ wonya owusɔre Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre no bɛba,” na Yesu Kristo ankasa nso paee mu kae sɛ: “Dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte ne nne na wɔafi adi; wɔn a wɔayɛ papa no bɛkɔ nkwa sɔre mu, na wɔn a wɔayɛ bɔne no bɛkɔ atemmu sɔre mu.”—Aso. 24:15; Yoh. 5:28, 29.
Sɛ Yehowa nim awufo no yiye saa a, ɛnde hwɛ sɛnea ɛyɛ mmerɛw ma Yehowa, adesamma koma no Bɔfo no sɛ obehu biribiara a ɛwɔ adesamma a wɔte nkwa mu mprempren no komam. Yehowa nam odiyifo Yeremia so kae sɛ: “Me, Awurade [Yehowa], na mehwehwɛ koma mu, mesɔ asaabo mehwɛ, mɛma obiara sɛ n’akwan te, sɛ ne nsennii aba no te.” (Yer. 17:10) Onipa biara kasa ne ne nneyɛe kyerɛ nea ɛwɔ ne komam ankasa. Nnipa mpo hu eyi kosi baabi. Na menne Yehowa! Bere a ɔsomafo Paulo aka sɛ Onyankopɔn Asɛm a wɔapae mu aka no wɔ nkwa na ɛwɔ tumi na etumi hu nsusuwii ne komam adwene horow nyinaa no ɛkɔɔ so kae sɛ: “Na enni abɔde biara a ɛnna adi n’anim, na ade nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue nea yɛne no wɔ asɛm no anim.”—Heb. 4:12, 13.
[Kratafa 3 adaka]
“Mekae me komam sɛ: Nnipa, mma ntia! sɛ Onyankopɔn bɛsɔ wɔn ahwɛ, na wɔahu sɛ wɔn fam no wɔyɛ mmoa ara nko. Na nnipa mma hyɛbea ne mmoa hyɛbea sɛ, na hyɛbea koro da hɔ ma wɔn: sɛ oyi wu te ne no, sɛ oyi wu te ne no, na honhom biako na wɔn nyinaa wɔ, na ɔkyɛn a onipa bɛkyɛn aboa nni hɔ. Ade nyinaa kɔ faako, ade nyinaa fi dɔte mu, na ade nyinaa san kɔ dɔte mu.”—Ɔsɛnk. 3:18-20.