TI 6
“Osuaa Osetie”
1, 2. Sɛ papa bi a ɔwɔ ɔdɔ hu sɛ ne ba reyɛ osetie a, n’ani gye, adɛn ntia? Ɔkwan bɛn so na sɛnea papa no te nka no te sɛ sɛnea Yehowa te nka?
NÁ PAPA bi gyina mpoma mu rehwɛ ne ba abarimaa a ɔne ne nnamfonom rebɔ bɔɔl. Wɔrebɔ no ara na bɔɔl no kɔtɔɔ kar kwan mu. Abarimaa no hwɛɛ bɔɔl no dinn; onyae a anka wakɔfa. Ne nnamfo no mu baako ka kyerɛɛ no sɛ ontu mmirika nkɔfa bɔɔl no mfi kar kwan no mu mmra, nanso abarimaa no popoo ne ti. Ɛnna ɔkaa sɛ: “Me papa se mma mennkɔ kar kwan mu.” Ne papa no ani gyei, na ɔserewee.
2 Adɛn nti na papa no ani gyei saa? Efisɛ na waka akyerɛ ne ba no sɛ ɛnsɛ sɛ ɔno nko ara kɔ kar kwan mu. Enti bere a abarimaa no yɛɛ nea ne papa kae bere a onnim mpo sɛ ne papa rehwɛ no no, ɛmaa papa no hui sɛ ne ba no resua osetie, na ɛbɛbɔ ne ho ban nso. Sɛnea papa no tee nka no, saa ara na yɛn soro Agya Yehowa nso te nka. Onyankopɔn nim sɛ, sɛ yebetumi adi no nokware na yɛatena ase ahu nneɛma pa a ɔde ahyɛ yɛn bɔ daakye no a, ehia sɛ yɛde yɛn ho to ne so na yetie no. (Mmebusɛm 3:5, 6) Ne saa nti, ɔsomaa ɔkyerɛkyerɛfo a ɔkyerɛkyerɛ sen onipa biara ma ɔbaa asaase yi so.
3, 4. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Yesu ‘suaa osetie,’ na wɔma “owiee pɛyɛ”? Fa mfatoho kyerɛkyerɛ mu.
3 Bible ka biribi a ɛyɛ nwanwa fa Yesu ho. Ɛka sɛ: “Ɛwom sɛ na ɔyɛ ɔba de, nanso osuaa osetie fii amanehunu a ɔfaa mu no mu. Na bere a wɔma owiee pɛyɛ no, ɔbɛyɛɛ obi a ɔbɛma wɔn a wotie no no nyinaa anya nkwagye daa.” (Hebrifo 5:8, 9) Ná Ɔba yi atena soro mfe pii a yennim ne dodow. Bere a Satan ne abɔfo afoforo tew atua no, na Ɔba no a na ɔsan yɛ Abakan no wɔ hɔ, nanso wankɔka wɔn ho da. Bible mu nkɔmhyɛ ka ne ho asɛm sɛ: “Mantew atua.” (Yesaia 50:5) Yenim sɛ Ɔba no yɛ osetie wɔ biribiara mu, enti adɛn na Kyerɛwnsɛm no ka sɛ “osuaa osetie”? Ɔba no, na bɔne biara nni ne ho, enti ɔkwan bɛn so na “wɔma owiee pɛyɛ”?
4 Susuw mfatoho bi ho hwɛ. Ɔsraani bi wɔ sekan a wɔde dade ayɛ. Ɛwom sɛ wɔahyɛ da ayɛ sekan no yiye de, nanso wɔmfa nkɔɔ ɔko da. Ɔsraani yi de sekan no kɔsesaa sekan bi a wɔde dade a ɛyɛ den paa ayɛ. Sekan a ɛyɛ den paa yi de, wɔde adi ako pɛn. Nea ɔsraani yi yɛe no, wunhu sɛ nyansa wom? Saa ara na osetie a Yesu yɛe no te. Osetie a ɔyɛe wɔ soro ansa na ɔreba asaase so no, na asɛm biara nni ho. Nanso bere a owiee adwuma a ɔbɛyɛe wɔ asaase so no, ne setie no dii mũ koraa. Sɔhwɛ a Yesu anhyia bi da wɔ ɔsoro a ɔbɛfaa mu wɔ asaase so no sɔɔ ne setie no hwɛe ma edii mũ paa.
5. Adɛn nti na na osetie a Yesu bɛyɛ no ho hia saa, na dɛn na yebesusuw ho wɔ ti yi mu?
5 Asaase so a Yesu bae no, na osetie a ɔbɛyɛ no ho hia paa. Yesu ne “Adam a odi akyiri” no, na ɔbaa asaase so bɛyɛɛ nea yɛn papa a odi kan no antumi anyɛ. Yesu de, ɛmfa ho sɛ ohyiaa sɔhwɛ no, ɔkɔɔ so yɛɛ osetie maa Yehowa Nyankopɔn. (1 Korintofo 15:45) Nanso, wɔanhyɛ Yesu ansa na ɔreyɛ osetie. Ofi n’adwene, ne koma, ne ne kra nyinaa mu na ɔyɛɛ osetie. Ɔde anigye na ɛyɛɛ saa. Ná n’Agya no apɛde a ɔbɛyɛ no ho hia no sen aduan a obedi mpo! (Yohane 4:34) Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛasuasua sɛnea Yesu yɛɛ osetie no? Nea edi kan no, ma yensusuw nea ɛma ɔyɛɛ osetie no ho. Nea ɛmaa Yesu yɛɛ osetie no, sɛ yesuasua a, ɛbɛboa ama yɛako atia sɔhwɛ, na yɛayɛ Onyankopɔn apɛde. Afei nso yɛbɛhwɛ mfaso a ɛwɔ so sɛ yɛbɛyɛ osetie te sɛ Kristo.
Nea Ɛmaa Yesu Yɛɛ Osetie
6, 7. Nneɛma a ɛmaa Yesu yɛɛ osetie no bi ne sɛn?
6 Nea na ɛwɔ Yesu koma mu na ɛma ɔyɛɛ osetie. Sɛnea yehui wɔ nhoma yi Ti 3 no, na Kristo fi koma mu brɛ ne ho ase. Ahomaso nti na nkurɔfo mpɛ sɛ wɔyɛ osetie, nanso ahobrɛase boa ma yefi yɛn pɛ mu tie Yehowa. (Exodus 5:1, 2; 1 Petro 5:5, 6) Ade foforo nso a ɛmaa Yesu yɛɛ osetie ne nneɛma bi a na n’ani gye ho ne nneɛma bi a na okyi.
7 Nea ɛsen ne nyinaa no, na Yesu dɔ Yehowa, ne soro Agya no. Yebesusuw saa ɔdɔ no ho akɔ akyiri wɔ Ti 13. Ɔdɔ a ɛte saa nti na na nyamesuro wɔ Yesu mu saa no. Ná ɔdɔ a ɔwɔ ma Yehowa no mu yɛ den yiye, na na obu n’Agya no ara ma enti na osuro sɛ ɔbɛyɛ nea Yehowa ani nnye ho. Nyamesuro a na Yesu wɔ no nso ka ho bi na Onyankopɔn tiee ne mpaebɔ. (Hebrifo 5:7) Seesei mpo a Yesu yɛ Mesia Ahenni no so Hene no, Yehowa ho suro na ɔde di hene.—Yesaia 11:3.
Nneɛma a wode gyigye w’ani no kyerɛ sɛ wukyi bɔne anaa?
8, 9. Sɛn na Bible nkɔmhyɛ kaa sɛ Yesu bɛte nka wɔ adetrenee ne adebɔne ho, na yɛyɛ dɛn hu sɛ ampa, saa na ɔtee nka?
8 Sɛ obi dɔ Yehowa a, ɛsɛ sɛ okyi nea Yehowa kyi nso. Sɛ nhwɛso no, hwɛ nkɔmhyɛ yi. Ɛfa Mesia Ahenni no so Hene no ho. Ɛka sɛ: “Wodɔɔ adetrenee, na wukyii adebɔne. Ɛno nti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn, de ahurusi ngo asra wo sen wo mfɛfo no.” (Dwom 45:7) Yesu “mfɛfo” a wɔka wɔn ho asɛm yi yɛ ahemfo a na wɔfi Ɔhene Dawid abusua mu no. Bere a wɔsraa Yesu no, odii ahurusi, na n’ani gye sen wɔn mu biara. Adɛn ntia? Efisɛ na n’akatua no sõ sen wɔn nyinaa de, na na nnipa benya n’ahenni no so mfaso asen saa ahemfo no de. Onyaa akatua, efisɛ sɛnea na ɔdɔ adetrenee na okyi adebɔne no ma otiee Onyankopɔn wɔ biribiara mu.
9 Dɛn na Yesu yɛe a ɛma yehu sɛ ampa, na ɔdɔ adetrenee na okyi adebɔne? Momma yɛnhwɛ nhwɛso bi. Bere a Yesu maa n’akyidifo no asɛnka adwuma no ho akwankyerɛ no, wɔtie de yɛɛ adwuma ma ɛsow aba. Ɛbaa saa no, Yesu tee nka sɛn? N’ani gyei papaapa. (Luka 10:1, 17, 21) Bere a ɔdɔ nti, Yesu bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛboa Yerusalemfo nanso wɔkɔɔ so yɛɛ asoɔden no nso ɛ? Ɔtee nka sɛn? Kurow no asoɔden nti, Yesu sui. (Luka 19:41, 42) Enti sɛ nkurɔfo da suban pa adi a, na Yesu ani gye, na sɛ wɔda subammɔne adi nso a, na ne werɛ how.
10. Sɛn na ɛsɛ sɛ yɛte nka wɔ nneɛma pa ne nneɛma bɔne ho, na dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛayɛ saa?
10 Sɛnea na Yesu te nka wɔ nneɛma ho no, sɛ yesusuw ho a, ɛbɛboa yɛn ama yɛahwehwɛ nea ɛma yetie Yehowa no mu yiye. Ɛwom sɛ bɔne wɔ yɛn ho de, nanso yebetumi anya ɔpɛ a emu yɛ den sɛ yɛbɛyɛ ade pa, na yɛafi yɛn koma nyinaa mu akyi nneyɛe bɔne. Ɛho hia sɛ yɛbɔ Yehowa mpae srɛ ne mmoa, na sɛnea na ne Ba no te nka wɔ nneɛma ho no, yɛn nso yɛate nka saa ara. (Dwom 51:10) Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi biribiara a ebetumi asɛe yɛn adwene ho. Ɛho hia paa sɛ yɛhwɛ nneɛma a yɛde gyigye yɛn ani ne yɛn fekubɔ yiye. (Mmebusɛm 13:20; Filipifo 4:8) Sɛ yenya adwene a na Kristo wɔ wɔ nneɛma ho no bi a, yɛrenyɛ osetie mfa nsɔ nnipa ani kɛkɛ. Mmom nea ɛbɛma yɛayɛ nea ɛtene ne sɛ, yɛdɔ adetrenee. Ɛnna nea ɛbɛma yɛatwe yɛn ho afi adebɔne ho ne sɛ yekyi adebɔne, na ɛnyɛ sɛ yesuro sɛ wɔbɛkyere yɛn ntia.
“Wanyɛ Bɔne Biara”
11, 12. (a) Dɛn na ɛtoo Yesu wɔ ne som adwuma no mfiase? (b) Mfiase no, nyansakwan bɛn na Satan faa so sɔɔ Yesu hwɛe?
11 Yesu som adwuma no mfiase pɛɛ no, Ɔbonsam sɔɔ no hwɛe, na Yesu nyaa kwan kyerɛe sɛ ɔkyi bɔne ampa. Bere a wɔbɔɔ no asu wiei no, ɔkɔyɛɛ akɔnkyen adaduanan awia ne anadwo wɔ sare so. Ɛno akyi no, Satan bɛsɔɔ no hwɛe. Hwɛ nyansakwan a Ɔbonsam faa so sɔɔ Yesu hwɛe.—Mateo 4:1-11.
12 Mfiase no, Satan kaa sɛ: “Sɛ woyɛ Onyankopɔn ba a, kasa kyerɛ abo yi ma ɛnnan paanoo.” (Mateo 4:3) Ná Yesu ayɛ akɔnkyen nna pii, enti wohwɛ a, sɛn na na ɔte nka? Bible ka no pefee sɛ: “Ɔkɔm dee no.” (Mateo 4:2) Esiane sɛ ɔkɔm yɛ yaw nti, Satan hyɛɛ da twɛn kosii sɛ ɔkɔm dee Yesu ma ɔyɛɛ mmerɛw ansa na ɔde aduan resɔ no ahwɛ. Afei nso, hyɛ nsɛm a Satan ka de twaa no mpoa no nsow: “Sɛ woyɛ Onyankopɔn ba a.” Ná Satan nim paa sɛ Yesu yɛ “abɔde nyinaa mu abakan.” (Kolosefo 1:15) Ne nyinaa akyi no, Yesu amma Satan ampiapia no amma wanyɛ asoɔden. Ná Yesu nim sɛ Onyankopɔn mpɛ sɛ ɔde tumi a ɔde ama no no yɛ nea n’ankasa pɛ. Enti, Yesu antie Satan. Mmom ɔbrɛɛ ne ho ase de ne ho too Yehowa so sɛ ɔmma no akwankyerɛ ne nea ohia.—Mateo 4:4.
13-15. (a) Dɛn ne sɔhwɛ a ɛtɔ so mmienu ne nea ɛtɔ so mmiɛnsa a Satan de baa Yesu so, na dɛn na Yesu yɛe wɔ ho? (b) Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yesu amma kwan koraa amma Satan annaadaa no?
13 Sɔhwɛ a ɛtɔ so mmienu a Satan de baa Yesu so no, ɔde Yesu kogyinaa asɔredan no atifi. Satan faa nyansakwan so kyinkyim Onyankopɔn Asɛm, na ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ onnyaa ne ho mfi soro mmɛhwe fam, na abɔfo bɛba abegye no ama obiara ahu. Sɛ nnipadɔm a na wɔwɔ asɔrefie hɔ no hu anwanwade a ɛte saa a, hena na afei obegye kyim sɛ Yesu nyɛ Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no? Na sɛ Yesu yɛɛ biribi saa ma obiara gyee no toom sɛ ɔne Mesia no a, anka ɛremma ɔnkwati ahokyere ne ɔhaw pii a akyiri yi ɔfaa mu no anaa? Ebetumi aba saa. Nanso na Yesu nim sɛ Yehowa pɛ sɛ Mesia no de ahobrɛase yɛ n’adwuma, na ɛnyɛ sɛ ɔbɛyɛ biribi soronko bi ama nkurɔfo agye no adi. (Yesaia 42:1, 2) Wei mu nso, Yesu anyɛ Yehowa so asoɔden. Ná ɛnyɛ edin a Yesu begye na ehia no.
14 Tumidi nso ɛ? Ná Yesu ani bɛbere tumidi anaa? Satan sɔhwɛ a ɛtɔ so mmiɛnsa no, ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ, sɛ ɔbɔ ne mu ase baako pɛ som no a, ɔde wiase ahenni nyinaa bɛma no. Yesu nyaa adaagye dwen nea Satan kae no ho anaa? Wantie Satan mpo na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Fi me so kɔ, Satan!” Ɛnna ɔka kaa ho sɛ: “Wɔakyerɛw sɛ: ‘Yehowa wo Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wokotow no, na ɔno nko ara na ɛsɛ sɛ wosom no.’” (Mateo 4:10) Ná biribiara nni hɔ a ɛbɛdaadaa Yesu ama wakɔsom onyame foforo bi. Sɛ wɔde wiase yi mu tumi nyinaa ma Yesu mpo a, na ɔrennye mfa nyɛ Onyankopɔn so asoɔden da!
15 Satan gyaee Yesu haw anaa? Ɛwom, Yesu pamoo no ma ɔkɔe. Nanso Luka Asɛmpa no ka sɛ, Ɔbonsam “[gyaw] no hɔ kosii bere foforo a ɛfata.” (Luka 4:13) Nokwasɛm ne sɛ, efi saa bere no ara kosi sɛ Yesu wui no, Satan faa akwan horow so sɔɔ no hwɛe. Bible ka Yesu ho asɛm sɛ, ‘wɔsɔɔ no hwɛe wɔ biribiara mu.’ (Hebrifo 4:15) Enti Yesu maa n’ani daa hɔ bere nyinaa, na saa ara na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ.
16. Ɔkwan bɛn so na Satan sɔ Onyankopɔn asomfo hwɛ nnɛ, na yɛbɛyɛ dɛn asiw no kwan?
16 Ɛnnɛ, Satan da so ara sɔ Onyankopɔn asomfo hwɛ. Awerɛhosɛm ne sɛ, bɔne a ɛwɔ yɛn ho nti, ɛnyɛ den sɛ Satan benya yɛn. Satan nim sɛ ɛnkyɛ na pɛsɛmenkominya ne ahantan aba yɛn komam, na onim sɛ yɛn ani tumi bere tumidi nso. Ɛno nti na ɔma yɛn kɔn dɔ sɛ yebenya honam fam nneɛma pii no. Enti ɛbɛyɛ papa sɛ ɛwom ara a, yɛn ankasa bisa yɛn ho nsɛm bi. Ɛsɛ sɛ yedwinnwen nsɛm a ɛwɔ 1 Yohane 2:15-17 no ho kɔ akyiri. Bere a yɛreyɛ saa no, yebetumi abisa yɛn ho sɛ: Ɔhonam akɔnnɔ a ɛwɔ wiase yi mu, honam fam nneɛma pii a yɛpɛ, ne nneɛma a yɛyɛ ma afoforo bɔ gye yɛn so no agye m’adwene ama ɔdɔ a mewɔ ma Yehowa no ano adwo anaa? Ehia sɛ yɛkae sɛ, saa wiase yi ne ne sodifo, Satan, nyinaa retwam. Enti mmɔden a Satan rebɔ sɛ ɔbɛma yɛayɛ bɔne no, momma yensiw no kwan! Momma yensi yɛn bo sɛ yebedi yɛn Wura no nhwɛso akyi, efisɛ “wanyɛ bɔne biara.”—1 Petro 2:22.
“Daa Meyɛ Nea Ɛsɔ N’ani”
17. Yesu tee nka sɛn wɔ osetie a ɔyɛ maa n’Agya no ho, na dɛn na ebia ebinom bɛka afa ho?
17 Yesu Kristo tiee n’Agya bere nyinaa. Ɔkaa sɛ: “Daa meyɛ nea ɛsɔ n’ani.” (Yohane 8:29) Wei ma yehu sɛ, yɛka osetie a, ɛnyɛ nea ɛkyerɛ ara ne sɛ yɛbɛtwe yɛn ho afi bɔne ho. Mmom, sɛnea Yesu yɛe no, ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ nea Yehowa aka bere nyinaa. Osetie a ɛte saa a Yesu yɛe no maa n’ani gyei kɛse. Ebia ebinom bɛka sɛ na ɛnyɛ den mma Yesu sɛ ɔbɛyɛ osetie. Ebia wɔbɛka sɛ, Yesu de, Yehowa a bɔne biara nni ne ho no nko ara na na ɛsɛ sɛ obu akontaa kyerɛ no, nanso yɛn de, mpɛn pii no, nnipa a bɔne wɔ wɔn ho a yɛhyɛ wɔn ase na ɛsɛ sɛ yebu akontaa kyerɛ wɔn. Nanso nokwasɛm ne sɛ, Yesu nso yɛɛ osetie maa nnipa a bɔne wɔ wɔn ho a na ɔhyɛ wɔn ase no.
18. Bere a na Yesu yɛ abofra no, dɛn na ɔyɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔyɛ osetie?
18 Bere a na Yesu yɛ abofra no, na ɔhyɛ n’awofo, Yosef ne Maria a bɔne wɔ wɔn ho no ase. Ɛbɛyɛ sɛ na Yesu hu n’awofo sintɔ sen sɛnea mmofra dodow no ara hu wɔn awofo de no. Ɔtew wɔn so atua bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛ wɔn sɛnea ɛsɛ sɛ wɔhwɛ abusua no anaa? Hwɛ nea Luka 2:51 ka faa Yesu ho bere a na wadi mfe 12 no. Ɛka sɛ: “Ɔkɔɔ so brɛɛ ne ho ase maa wɔn.” Yesu brɛɛ ne ho ase maa n’awofo a wɔwɔ asaase so no. Enti ɔyɛɛ nhwɛso pa maa Kristofo mmofra a wɔpɛ sɛ wɔtie wɔn awofo na wɔde obu a ɛfata ma wɔn no.—Efesofo 6:1, 2.
19, 20. (a) Osetie a wɔyɛ ma nnipa a wɔnyɛ pɛ no, ɛmaa Yesu hyiaa ɔhaw soronko. Ɛyɛ ɔhaw bɛn? (b) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ nokware Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ yɛ osetie ma wɔn a wɔdi nneɛma anim no?
19 Osetie a wɔyɛ ma nnipa a wɔnyɛ pɛ no, ɛmaa Yesu hyiaa ɔhaw soronko. Ɔhaw a ohyiae no, nokware Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ renhyia bi da. Wo de, hwɛ nea enti a na nneɛma yɛ soronko wɔ Yesu bere so. Yudafo som, asɔrefie a na ɛwɔ Yerusalem no, ne asɔfodi a na Yehowa de adi dwuma fi teteete no, na Yehowa rebeyi afi hɔ de Kristofo asafo no asi ananmu. (Mateo 23:33-38) Saa bere no nyinaa, na nyamesom akannifo no kyerɛkyerɛ atosɛm a efi Greekfo nyansapɛ mu. Ná kɛtɛasehyɛ ne porɔwee abu so wɔ asɔrefie hɔ ara ma Yesu frɛɛ hɔ “baabi a akorɔmfo-werɛmfo tetɛw.” (Marko 11:17) Wei nti, Yesu ankɔ asɔrefie ne hyia adan mu anaa? Daabi, ɔkɔɔ hɔ! Ná Yehowa da so ara de saa nhyehyɛe no yɛ adwuma. Yesu yɛɛ osetie kɔɔ afahyɛ ahorow wɔ asɔrefie ne hyiadan mu de twɛn kosii sɛ Onyankopɔn bere bɛso ama wayɛ nsakrae.—Luka 4:16; Yohane 5:1.
20 Sɛ bere a na nokwaresom ayɛ basaa no mpo, Yesu yɛɛ osetie a, ɛnde saa bere yi a wɔasan ama nokwaresom so bio sɛnea wɔhyɛɛ ho nkɔm yi de, ɛsɛ sɛ nokware Kristofo yɛ osetie paa! Onyankopɔn ma yɛn awerɛhyem sɛ, ne nkurɔfo a wɔasan de nokwaresom rema no no, ɔremma Satan kwan mma ɔnsɛe wɔn som da. (Yesaia 2:1, 2; 54:17) Ɛwom, nnipa a wɔwɔ Kristofo asafo mu no tɔ sin, na bɔne wɔ wɔn ho. Nanso, ɛsɛ sɛ ɛno ma yɛyɛ Yehowa so asoɔden, na ebia yegyae Kristofo nhyiam kɔ anaa yɛkasa tia asafo mu mpanyimfo no anaa? Daabida! Mmom, ɛsɛ sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu boa wɔn a wɔdi nneɛma anim wɔ asafo no mu no. Yɛyɛ osetie kɔ Kristofo nhyiam nketewa ne akɛse, na yɛde Bible mu afotu a wɔde ma yɛn wɔ hɔ no yɛ adwuma.—Hebrifo 10:24, 25; 13:17.
Sɛ yɛde nea yesua wɔ Kristofo nhyiam ase no yɛ adwuma a, ɛkyerɛ sɛ yɛreyɛ osetie ama Yehowa
21. Bere a nkurɔfo hyɛɛ Yesu sɛ ɔnyɛ Onyankopɔn so asoɔden no, dɛn na ɔyɛe, na dɛn na yesua fi mu?
21 Yesu amma kwan amma obiara annaadaa no amma wanyɛ Yehowa so asoɔden da. Ne nnamfonom a na wɔwɔ ne ho adwempa mpo, wamma wɔanhyɛ no. Sɛ nhwɛso no, ɔsomafo Petro bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma ne Wura Yesu anya adwene sɛ ɛho nhia sɛ ohu amane na owu. Ná Petro wɔ Yesu ho adwempa, nanso afotu a ɔde maa Yesu sɛ ɔnka asɛmpa mma ne ho no, na ɛnyɛ afotu pa, enti Yesu antie koraa. (Mateo 16:21-23) Ɛnnɛ nso, yɛn abusuafo wɔ yɛn ho adwempa, enti ɛyɛ a wɔtumi tu yɛn fo sɛ yɛnyɛ nneɛma bi. Saa nneɛma no, wobɛhwɛ mu no, na ebetumi ama yɛabu Onyankopɔn mmara ne ne nnyinasosɛm so. Nanso yesuasua Yesu akyidifo a wɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so no. Wɔkaa sɛ, “Onyankopɔn ne sodifo a ɛsɛ sɛ yetie no, na ɛnyɛ nnipa.”—Asomafo Nnwuma 5:29.
Yesuasua Yesu Setie No a, Yenya Nhyira
22. Asɛmmisa bɛn na Yesu ma yenyaa ho mmuae, na sɛn na ɔyɛɛ no?
22 Bere a na wɔrebekum Yesu no, ohyiaa osetie ho sɔhwɛ a ɛsen biara. Saa awerɛhow da no paa na “osuaa osetie” ankasa. Wanyɛ nea ɔno ara pɛ, na mmom ɔyɛɛ n’Agya apɛde. (Luka 22:42) Nea ɔyɛe no ma yehu sɛ na ɔyɛ onipa a n’abrabɔ di mu a ɛsɛ sɛ yɛhwɛ no sua no. (1 Timoteo 3:16) Ɔma yenyaa asɛmmisa a ɛsɔree teteete yi ho mmuae: Onipa a bɔne biara nni ne ho betumi ayɛ osetie ama Yehowa wɔ sɔhwɛ mu anaa? Adam ne Hawa nyinaa anyɛ osetie. Nanso Yesu de, ɔbɛtenaa asaase so bɔɔ bra pa kosii sɛ owui, na ɔde asɛmmisa no ho mmuae a edi mu mae. Yehowa abɔde a ne ho hia paa yi maa asɛmmisa no ho mmuae a edi mu koraa. Amane a ɔfaa mu nyinaa akyi, ɔyɛɛ osetie kosii owu mu.
23-25. (a) Osetie a yɛbɛyɛ ne yɛn abrabɔ a yɛbɛma adi mu no, abusuabɔ bɛn na ɛda ntam? Fa mfatoho kyerɛkyerɛ mu. (b) Asɛm bɛn na yebesusuw ho wɔ ti a edi hɔ no mu?
23 Sɛ yetie Yehowa a, ɛno na ɛkyerɛ sɛ yɛn abrabɔ di mu, kyerɛ sɛ, yefi yɛn koma nyinaa mu dɔ no. Esiane sɛ Yesu yɛɛ osetie nti, ɔbɔɔ bra a edi mu maa adasamma nyinaa nyaa so mfaso. (Romafo 5:19) Yehowa hyiraa Yesu pii. Yɛn nso, sɛ yetie yɛn Wura Kristo a, Yehowa behyira yɛn. Kristo a yebetie no no bɛma yɛanya “nkwagye daa”!—Hebrifo 5:9.
24 Afei nso, sɛ yɛma yɛn abrabɔ di mu a, yenya so mfaso ankasa. Mmebusɛm 10:9 ka sɛ: “Nea n’abrabɔ di mu no bɛnantew dwoodwoo.” Yɛmfa no sɛ abrabɔ a edi mu yɛ ɔdan kɛse a wɔde blɔks asi. Osetie biara a yɛyɛ no, ɛte sɛ blɔk baako. Blɔk baako de, anhwɛ a wobɛka sɛ mfaso biara nni so, nanso blɔk biara wɔ baabi a ɛhyɛ, ne dwuma a edi. Sɛ wɔhyehyɛ blɔks dodow bi a, na abɛyɛ ɔdan mũ. Da biara sɛ yɛyɛ osetie a, na ɛreboaboa ano nkakrankakra kosi sɛ yɛn abrabɔ bedi mu te sɛ ɔdan kamakama a wɔde blɔks asi awie.
25 Sɛ yɛyɛ osetie bere nyinaa a, ɛrekyɛ no, na yɛrenya suban foforo. Ɛno ne animia. Yesu daa saa suban no adi, na yɛbɛka ho asɛm wɔ ti a edi hɔ no mu.