Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w88 2/1 kr. 26-31
  • “Asomdwoe Nka Mo”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Asomdwoe Nka Mo”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn Asomdwoe Nnɛ
  • Onyankopɔn Asomdwoe Bɛbɔ Wo Ho Ban
  • Asiane Ahorow A Ebetumi Asɛe Onyankopɔn Asomdwoe
  • Ma “Onyankopɔn Asomdwoe” Nhwɛ Wo Koma So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Sɛnea Wubetumi Anya Ɔsoro Asomdwoe a Ɛdɔɔso Kɛse
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • “Monhwehwɛ Asomdwoe Na Munni Akyiri”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Ɔsoro Asomdwoe Ma Wɔn A Yehowa Akyerɛkyerɛ Wɔn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
w88 2/1 kr. 26-31

“Asomdwoe Nka Mo”

“Yesu ba begyinaa wɔn mfinimfini, na osee wɔn sɛ: Asomdwoe nko mo!”​—YOHANE 20:19.

1. Dɛn nti na mmɔden a onipa bɔ sɛ ɔde wiase nyinaa asomdwoe bɛba no renyɛ yiye?

“WIASE nyinaa da ɔbɔne no mu.” (1 Yohane 5:19) Na eyi yɛ nokware wɔ Yohane bere so, na ɛte saa kɛse mpo nnɛ esiane basabasayɛ, amumɔyɛ, akokoakoko ne ɔporɔw a ɛrenya nkɔanim kɛse no nti. Yohane asɛm a efi honhom mu no nso mma yennya anidaso biara a ɛkyerɛ sɛ yɛnam nnipa mmɔdenbɔ so benya asomdwoe wɔ mmɔden a paapa no, aman akannifo, ne Amanaman Nkabom no bɔ nyinaa akyi no. Dɛn ntia? “Asomdwoe nni hɔ mma abɔnefo, me Nyankopɔn na ose.”​—Yesaia 57:21.

2. Asɛmfua “asomdwoe” no kyerɛ dɛn, ne titiriw wɔ Hebri ne Hela mu?

2 Nanso, asɛmfua “asomdwoe” no betumi akyerɛ biribi a ɛsen ɔko a enni hɔ ara kwa. Asomdwoe betumi ayɛ “adwene anaasɛ honhom mu tebea bi a ade ne ho afi nsusuwii anaasɛ nkate mu basaayɛ ho; adwene ne koma mu odwo nso.” Nanso Hebri asɛmfua ma “asomdwoe” (sha.lohm’) ne Hela de (ei.re’ne) no kura nkyerɛase a emu trɛw mpo. Ɛkyerɛ yiyedi nso, sɛnea nsɛm a wɔde di nkra a ɛne “Kɔ asomdwoe mu” kyerɛ no. (1 Samuel 1:17; 29:7; Luka 7:50; 8:48) Eyi boa yɛn ma yehu ɔdɔ mu a Yesu fi susuw n’asuafo no ho wɔ bere a ɛyɛ awerɛhow a ɛfa ne wu ho no mu no.

3. Ɔkwan bɛn so na Yesu susuw n’asuafo no ho kɛse wɔ ne wusɔre no akyi, na dɛn na efii mu bae?

3 Yesu wui Fida, Nisan 14, wɔ afe 33 Y.B. mu. Wonyan no Kwasida, Nisan 16. Esiane sɛ osusuw n’asuafo yiyedi ho bere nyinaa nti, ɔhwehwɛɛ wɔn akyi kwan. Ohuu wɔn wɔ he? Na wɔatoto wɔn ho apon mu “Yudafo no ho nti.” Ɛyɛ nea ntease wom sɛ na wɔahaw na ehu aka wɔn.” Nanso Yesu kae sɛ: “Asomdwoe nka mo.” (Yohane 20:19-21, 26) Akyiri yi bere a na honhom kronkron ahyɛ wɔn den akyi no, wotumi yɛɛ wɔn ade yiye. Wɔde akokoduru yɛɛ wɔn asɛnka adwuma no na wɔboaa nnipa pii ma wonyaa Onyankopɔn asomdwoe

Onyankopɔn Asomdwoe Nnɛ

4. Ɔkwan bɛn so na Yehowa nkurɔfo betumi akura adwene ne koma mu asomdwoe mu wɔ mmere a emu yɛ den yi mu?

4 Yɛte awiei bere no mu wɔ “mmere a emu yɛ den” mu. (2 Timoteo 3:1) Apɔnkɔsotefo a wɔkaa wɔn ho asɛm siei wɔ Adiyisɛm no nenam asase no so​—sɛnea wubetumi ahu wɔ akokoakoko, aduankɔm, ne nyarewa a ekunkum nnipa mu no. (Adiyisɛm 6:3-8) Tebea a atwa Yehowa nkurɔfo ho ahyia no nso ka wɔn. Enti ɔkwan bɛn so na wubetumi akura Onyankopɔn asomdwoe a ɛwɔ adwene ne koma mu no mu? Ɛdenam bɛn a wɔbɛbɛn awerɛkyekye ne asomdwoe Fibea kɛse no kɛse no so. Sɛnea asɛm a edi kan no kyerɛe no, eyi gye mpaebɔ ne ɔsrɛ a wɔyɛ no daa. Wɔ saa kwan no so no, ‘Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no bɛhwɛ wo koma ne w’adwene so Kristo Yesu mu.’​—Filipifo 4:6, 7.

5. Dɛn nti na na Paulo wɔ awerɛhyem sɛ “Onyankopɔn asomdwoe” betumi ahwɛ yɛn koma so?

5 Na ɔsomafo Paulo a ɔkyerɛw saa nsɛm no ankasa agyina asiane ahorow ne nsɛnnennen ano. Na Yudafo ne Romafo de no ato afiase na na wɔahwe no. Wosiw n’abo na wogyaw no hɔ sɛ wawu. Na asiane wɔ ɔkwan a wotu no saa bere no mu; Paulo guu asu mprensa na na ɛtaa yɛ nea akwamukafo ma ne nkwa da asiane mu. Osii pɛ nna pii a na awɔw, ɔkɔm ne sukɔm taa de no. Wɔ eyi nyinaa akyi no, na ‘odwen asafo no nyinaa ho’ da biara. (2 Korintofo 11:24-28) Enti na Paulo nam n’ankasa osuahu so nim sɛnea “Onyankopɔn asomdwoe” a ebetumi ahwɛ yɛn koma so no ho hia no.

6. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛne yɛn Bɔfo no nya abusuabɔ a emu yɛ den na yekura mu?

6 Wobetumi akyerɛ “Onyankopɔn asomdwoe” ase sɛ kommyɛ nka a obi te a ɛda abusuabɔ pa a ɔne Onyankopɔn wɔ no adi. Eyi ho hia kɛse ma Kristofo, ne titiriw bere a wohyia ɔtaa anaasɛ wɔwɔ ahohiahia mu no. Dɛn ntia? Wiɛ, yɛn nyinaa nyɛ pɛ; enti sɛ yehyia ɔhaw, yɛyɛ basaa, wɔtaa yɛn anaasɛ nneɛma ahorow twe yɛn san akyiri a, ɛyɛ mmerɛw sɛ ehu betumi aka yɛn. Ebia ɛno remma yenkura yɛn mudi mu. Ɛde ahohorabɔ bɛba Yehowa din so, ɛbɛma yɛahwere Yehowa anim dom na ebetumi ama daa nkwa abɔ yɛn. Enti hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛbɛbɔ mmɔden sɛ yebenya “Onyankopɔn asomdwoe” a ɛbɛboa yɛn ma yɛagyina nsɛnnennen a ɛte saa no ano. Ɛda adi sɛ saa asomdwoe no yɛ ‘akyɛde pa nyinaa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ’ a yɛn soro Agya no de ama no mu biako.​—Yakobo 1:17.

7, 8. (a) “Onyankopɔn asomdwoe” gyina dɛn so, na ɔkwan bɛn so na ‘ɛtra adwene nyinaa so’? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔyɛɛ asomdwoe a ɛte saa no ho nhwɛso wɔ asɛm a ɛfa Afrika anuanom no mu biako ho no mu?

7 Ebia woahu sɛ nkurɔfo binom yɛ ade wɔ kommyɛ ne ahotoso mu wɔ asetra mu. Mpɛn pii eyi fi wɔn dom akyɛde, abusua mu nkɛntɛnso, ahode, nhomasua, anaasɛ nneɛma afoforo a ɛte saa. “Onyankopɔn asomdwoe” yɛ soronko. Ɛnyɛ nea egyina tebea horow a eye so, saa ara nso na ɛnyɛ nea efi obi dom akyɛde anaasɛ nsusuwii. Efi Onyankopɔn hɔ, na “ɛtra adwene nyinaa so.” J. B. Philips kyerɛɛ Filipifo 4:7 ase sɛ “Onyankopɔn asomdwoe . . . sen nnipa ntease.” Sɛnea Kristofo gyina ɔhaw ahorow a emu yɛ den, opira, ne owu mpo ano no ma wiasefo ho taa dwiriw wɔn.

8 Nnɛ bere yi mu nhwɛso fa Yehowa Adansefo mu biako a na ɔrehwɛ Kristofo nhyiam bi so wɔ Afrika ɔman bi mu a esiane Katolekfo a wɔwɔ hɔ no anototo nti, wɔkae sɛ wɔyɛ nsɛmmɔnedifo no ho. Mpofirim ara asraafo a wokurakura atuo a asekan hyehyɛ ano baa hɔ. Wɔmaa mmea ne mmofra no kɔɔ fie nanso wofii ase hwee mmarima no. Ɔdansefo no ka sɛ: “Minni nsɛm a mede bɛka sɛnea wɔyɛɛ yɛn no ho asɛm. Asraafo no mu panyin kae pefee sɛ wɔbɛboro yɛn akunkum yɛn. Wɔde mporibaa boroo me araa ma akyiri yi mefee mogya nnafua 90. Nanso na nea misusuw ho ne me mfɛfo no nkwa. Mesrɛɛ Yehowa wɔ mpaebɔ mu sɛ ɔnhwɛ ne nguan yi nkwa so,” na wɔn nyinaa nyaa nkwa. Komm a wɔyɛ wɔ ɔhaw a emu yɛ den mu ne ɔdɔ mu a wofi susuw afoforo ho ho nhwɛso bɛn ara ni! Yiw, yɛn soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no ma ne nkoa anokwafo adesrɛ ho mmuae na ɔma wonya n’asomdwoe. Asraafo a na wɔn ho adwiriw wɔn no mu biako kae sɛ Adansefo no Nyankopɔn no “bɛyɛ nokware de no.”

9. Tumi bɛn na Bible no a obi kenkan na osusuw ho no betumi anya wɔ ne so?

9 Wɔ mmere a emu yɛ den yi mu no, Kristofo pii wɔ ɔhaw ahorow a ɛma wɔn aba mu bu na wɔpa abaw. Ɔkwan pa a wɔbɛfa so akɔ so anya asomdwoe adwene ne sɛ wɔbɛkenkan Bible no na wɔasusuw ho. Ebetumi ama obi anya ahoɔden na wasi ne bo sɛ ɔbɛkɔ n’anim na wagyina pintinn. “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na ahoɔden wom.”​—Hebrifo 4:12.

10. Ɔkwan bɛn so na kae a obi tumi kaakae kyerɛw nsɛm no yɛ nhyira?

10 Nanso sɛ ɔhaw to yɛn bere a yenni Bible nso ɛ? Sɛ nhwɛso no, wobetumi akyere Kristoni bi mpofirim na wɔde no ato afiase a onni Bible. Wɔ eyi mu no, ɛbɛyɛ nhyira ankasa sɛ obetumi akae kyerɛw nsɛm te sɛ Filipifo 4:6, 7; Mmebusɛm 3:5, 6; 1 Petro 5:6, 7; ne Dwom 23. So ɛnyɛ nea wobɛkyerɛ anisɔ kɛse sɛ wutumi kaakae nsɛm a ɛte saa na wususuw ho no? Wɔ afiasenna a ɛyɛ den mu no, ɛbɛyɛ te sɛ nea Yehowa ankasa rekasa akyerɛ wo. Onyankopɔn Asɛm betumi asa adwene a ɛho aka no yare, ahyɛ koma a ayɛ mmerɛw den na ama adwene a ahaw no anya asomdwoe. (Hwɛ Dwom 119:165) Yiw, ɛho hia kɛse sɛ yɛde kyerɛw nsɛm besie yɛn adwenem mprempren bere a yɛda so ara wɔ hokwan sɛ yɛbɛyɛ saa no.

11. Ɔkwan bɛn so na onua bi a ɔwɔ Netherlands daa hia a honhom mu aduan ho hia no adi?

11 Na Arthur Winkler yɛ obi a na ɔkyerɛ Bible no ho anisɔ kɛse, ne titiriw wɔ bere a Nazifo bɛtraa Netherlands a na ɛsɛ sɛ Adansefo no yɛ wɔn Kristofo adwuma wɔ sum ase no mu no. Na Germanfo asraafo rehwehwɛ onua Winkler. Bere a awiei koraa no wɔkyeree no no, wɔbɔɔ mmɔden se wɔbɛma wagyae nsɛm mu asiesie nanso wɔantumi. Wɔboroo no maa ade tɔɔ no so. Bere a na ne se atutu, n’abɔgye ahuan na wɔabɔ no mmaa no, wɔde no kɔtoo afiasedan ketewa bi mu. Nanso na nea ɔwɛn no no wɔ mmɔborohunu ne adamfofa su. Onua Winkler hwɛhwɛɛ Yehowa akwankyerɛ wɔ mpaebɔ mu. Ɔtee nka kɛse sɛ ohia honhom fam aduan na ɔka kyerɛɛ ɔwɛnfo no sɛ ɔmmoa no. Akyiri yi afiasedan no buei na wɔtow Bible kyenee mu. Onua Winkler kae sɛ: “Hwɛ anigye araa a na ɛyɛ sɛ minya nokware nsɛm a ɛyɛ anigye da biara. Metee nka sɛ merenya ahoɔden wɔ honhom mu.”a

Onyankopɔn Asomdwoe Bɛbɔ Wo Ho Ban

12. Dɛn nti na ɛho hia titiriw sɛ yɛhwɛ yɛn koma ne yɛn adwene so?

12 Yehowa hyɛ bɔ sɛ n’asomdwoe ‘bɛhwɛ wo koma ne w’adwene so.’ (Filipifo 4:7) Eyi ho hia kɛse! Koma no mu na nea ɛkanyan obi ne nkate wɔ. Wɔ nna a edi akyiri yi mu no, ehu anaasɛ dadwen betumi adaadaa yɛn ma yɛayɛ bɔne. Asetra ankasa resɛe ntɛmntɛm. Ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ bere nyinaa. Wɔ koma a ɛyɛ den a yehia akyi no, ɛsɛ sɛ yɛma Onyankopɔn de n’Asɛm ne n’asafo no hyɛ yɛn “adwene” den na ɔkyerɛ no kwan.

13. Mfaso bɛn na ebetumi afi yɛn adwene a yɛbɛhwɛ so no mu aba?

13 Sɛnea W. E. Vine kyerɛ no, Hela asɛmfua no’e.ma (a wɔkyerɛɛ ase “adwene” no) kura adwene a ɛkyerɛ “atirimpɔw” anaasɛ “tirimbɔ” a obi wɔ. (An Expository Dictionary of New Testament Words) Enti Onyankopɔn asomdwoe betumi ahyɛ yɛn Kristofo atirimpɔw no mu den na abɔ yɛn ho ban wɔ su biara a ɛbɛma yɛn adwene ayɛ mmerɛw anaasɛ ɛbɛsakra yɛn adwene a ntease pa biara nnim. Ɛdenam saayɛ so no, abasamtu anaasɛ ɔhaw ahorow remma yɛnyɛ basaa. Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛabɔ yɛn tirim sɛ yɛbɛsom Yehowa wɔ ɔkwan titiriw bi so, te sɛ ebia yɛ a yɛbɛyɛ ɔkwampaefo anaasɛ tu a yebetu akɔsom wɔ baabi a asomfo ho hia kɛse wɔ bɔ a, “Onyankopɔn asomdwoe” bɛboa yɛn kɛse ma yɛakɔ so apere adu saa botae no ho. (Fa toto Luka 1:3; Asomafo no Nnwuma 15:36; 19:21; Romafo 15:22-24, 28; 1 Tesalonikafo 2: 1, 18 ho.) Sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛkɔ so ahyɛ w‘adwene den no, fa bere a ɛdɔɔso sua Onyankopɔn Asɛm na wo ne Kristofo mmɔ fekuw. Ɛdenam saayɛ so no, woma w’adwene ne wo koma nya nsusuwii a ɛho tew a ɛma denhyɛ. So wutumi nya bere a ɛdɔɔso de sua Onyankopɔn “kasa” a efi honhom mu no? So ɛsɛ sɛ woma w’ani ku ho kɛse?

14. Afotu a efi honhom mu bɛn na ɛsɛ sɛ yetie no yiye, na dɛn ntia?

14 Wubetumi ahu sɛ koma no ne adwene no nyinaa ka ho na ama woanya “Onyankopɔn asomdwoe” na woanya mu mfaso. Eyi da adi wɔ afotu a efi soro yi mu: “Me ba, tie me nsɛm, wɛn w’aso ma me kasa. Mma emmfi w’ani so, fa sie wo komam tɔnn. Na ɛyɛ nkwa ma wɔn a wohu, ne akwahosan ma ne honam nyinaa. Kora wo koma so sen nea wode sie nyinaa, na emu na nneyɛe nyinaa fi.”​—Mmebusɛm 4:20-23.

15. Afã bɛn na Yesu wɔ wo nya a yebenya “Onyankopɔn asomdwoe” no mu?

15 “Onyankopɔn asomdwoe” a efi abusuabɔ a emu yɛ den a yɛne Yehowa wɔ mu ba no hwɛ yɛn koma ne yɛn adwene so “Yesu Kristo mu.” (Filipifo 4:7) Afã bɛn na Yesu wɔ wɔ eyi mu? Paulo kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɔdom ne asomdwoe a efi yɛn agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo. Ɔno na yɛn bɔne nti ɔde ne ho mae, na wayi yɛn afi wiase bɔne yi mu, sɛnea yɛn agya Onyankopɔn pɛ no te.” (Galatifo 1:3, 4) Yiw, Yesu fi ɔdɔ mu de ne nkwa mae sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi agye yɛn. (Mateo 20:28) Enti ‘ɛnam Kristo Yesu so’ na yebetumi asɔ Yehowa ani sɛ ne nkoa a wɔahyira wɔn ho so na yɛatumi anya Onyankopɔn asomdwoe a ebetumi abɔ yɛn ho ban no.

Asiane Ahorow A Ebetumi Asɛe Onyankopɔn Asomdwoe

16. Afotu bɛn na Paulo de mae a ebetumi aboa yɛn ma yɛakura “Onyankopɔn asomdwoe” mu?

16 Bere a yɛanya Onyankopɔn asomdwoe no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye sɛ yebekura mu. Nneɛma pii betumi ama asomdwoe afi Kristofo nsa. Nea abu so kɛse no mu biako a ɛda adi sɛ asiane wom sen biara ne mmeranteberem anaasɛ mmabaaberem akɔnnɔ. Wɔ Paulo krataa a ɛto so abien a ɔkyerɛw kɔmaa Timoteo a na ɛda adi sɛ ɔwɔ ne mfe aduasa mfiase mu hɔ wɔ saa bere no mu no, ɔde eyi kaa n’afotu no ho sɛ “Guan mmerante bere mu akɔnnɔ, na di trenee, gyidi, ɔdɔ ne asomdwoe a ɛka wo ne wɔn a wofi koma a emu tew mu frɛ Awurade bom no akyi.”​—2 Timoteo 2:22.

17. Ɛdefa Yehowa nsiesiei a ɛne ɔbarima ne ɔbea nna ho no, dɛn na asi mpɛn pii?

17 Nea ɛka saa akɔnnɔ no ho ne nna ho nkate a ɛwɔ afã a nidi wom wɔ aware mu no. Nanso wɔ abakɔsɛm mu nyinaa no, wɔadi nkate yi ho dwuma wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so wɔ mpenatwe mu, ade a yɛn Bɔfo a ɔwɔ nyansa no mpene so. (Hebrifo 13:4; Genesis 34:1-3) Asiane a ɛne bɔ a Kristofo betumi abɔ aguaman no yi wɔn hu nnɛ, mmofra ne mpanyin nyinaa. Wɔ ahohwi wiase yi nna a edi akyiri yi mu no, ɔbarima ne ɔbea nna kyerɛ honam fam akɔnnɔ ara kwa ma nnipa pii a mpɛn pii nneyɛe a ɛkɔ so wɔ mmarima ne mmarima a wɔne wɔn ho da ne mmea ne mmea a wɔne wɔn ho da ntam no ka ho.​—Romafo 1:24-27.

18. Dɛn nti na ebinom koma hinhim, na eyi betumi ama wɔayɛ dɛn?

18 Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ yɛwɔ tebea a ɛte sɛɛ mu no si sɛnea ɛho hia sa yenya koma a ɛyɛ den a enhinhim a yɛde ama Yehowa no so dua. Ebinom a wɔagye Ahenni asɛm no atom, wogye Bible no mu nokware atitiriw no di na wɔne Yehowa nkurɔfo bɔ fekuw daa no nkyerɛ Yehowa, n’Asɛm, ne ne wiase nyinaa asafo no ho anisɔ a emu dɔ. Wɔn koma hinhim. “Mmerante bere mu akɔnnɔ” betumi atwe wɔn ntɛm ara. Wɔn mu binom betumi ako atia sɔhwɛ ahorow a ɛbɛma wɔabɔ aguaman anaasɛ wɔasɛe aware; nanso sɛnea Paul bɔɔ kɔko no, wɔdan bɛyɛ “wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn.” (2 Timoteo 3:4) Wɔde bere pii hwɛ TV, kenkan nhoma ahorow, anaasɛ wotie nnwom a emu nsɛm no nnye sen sɛ wɔbɛyɛ kokoam adesua, wɔbɛkɔ Kristofo nhyiam ahorow anaasɛ wɔbɛyɛ Ahenni adwuma no. Eyi ma wɔyɛ mmerɛw wɔ honhom mu na awiei koraa no wɔyɛ bɔne a anibere wom.

19. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛakwati twe a yɛbɛtwe yan ho?

19 Te sɛ ɔkorow a enni sɛkyɛ no, saafo no retwe wɔn ho brɛoo akɔ asiane mu. Dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ? Paulo de afotu ma sɛ: “Ɛno nti na ehia sɛ yɛde asoyɛ a ɛboro so tie nneɛma a yɛte no, na yɛamfi ho da.” (Hebrifo 2:1, NW) Enti ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ asiane mu no de “asoyɛ a ɛboro so” sua Onyankopɔn Asɛm, siesie wɔn ho ma Kristofo nhyiam horow, na wɔka Ahenni ho nokware no ho asɛm kyerɛ afoforo. Ɛwom, ɛyɛ mmerɛw sɛ wubesusuw sɛ, ‘Ɛno yɛ afotu pa, nanso minni saa tebea no mu enti ɛmfa me ho.’ Hwɛ sɛnea nyansa kɛse wom ma yɛn mu biara sɛ yebesusuw sɛnea yebetumi akɔ so atew yɛn koma, nsusuwii a ɛwɔ yɛn mu tɔnn ne yɛn akɔnnɔ ahorow ho ho anibere so na ‘yɛadi trenee, gyidi, ɔdɔ ne asomdwoe a ɛka yɛne wɔn a wofi koma a emu tew mu frɛ Awurade bom no akyi.’ (2 Timoteo 2:22) Nea ɛsen ne nyinaa no, ɛsɛ sɛ yɛsrɛ Onyankopɔn ma ɔma yɛn akwankyerɛ ne ne honhom no mmoa a ɛma denhyɛ no.

20. Dɛn na ɛsɛ sɛ obiara a ɔyɛ bɔne a anibere wom no yɛ?

20 Sɛ yɛn mu biara yɛ bɔne a anibere wom na ɔkata so a, wɔbɛhwere Onyankopɔn anim dom ne “Onyankopɔn asomdwoe” a wɔwɔ no. Asomdwoe adwene a wɔwɔ no befi wɔn nsa. (Fa toto 2 Samuel 24:10; Mateo 6:22, 23 ho.) Ɛnde wubetumi ahu nea enti a ɛsɛ sɛ Kristoni biara a wɔyɛ bɔne a anibere wom no ka ho asɛm kyerɛ Yehowa ne mpanyimfo a wɔwɔ ɔdɔ a wobetumi asa honhom mu yare no. (Yesaia 1:18, 19; 32:1, 2; Yakobo 5:14, 15) Sɛ obi a wawatiriw wɔ honhom mu wɔ bɔne kwan a ɛso yɛ toro no so hwehwɛ mmoa fi anuanom a wɔn ho akokwaw no nkyɛn a, ɛrenyɛ nea n’ahonim bɛkɔ so ahaw no anaasɛ ɔrennya Onyankopɔn asomdwoe.

21. Ade a yebegyina so de aseda kɛse ama Yehowa bɛn na yɛwɔ nnɛ, na dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?

21 Hwɛ hokwan ara a ɛyɛ sɛ wobɛyɛ Yehowa Adansefo a wɔahyira wɔn ho so no mu biako! Wɔ baabiara no, saa Satan wiase yi resɛe na ɛredan ayɛ nea asɛe pasaa. Ebetwam akɔ wɔ bere tiaa bi mu. ‘Ehu ne nneɛma a wɔhwɛ a ɛreba wiase no rema nnipa pii atotɔ beraw.’ Nanso yebetumi ama yɛn ti so efisɛ yenim sɛ yɛn “gye rebɛn.” (Luka 21:25-28) Sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛkyerɛ sɛ yɛda Yehowa ase wɔ “Asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so” no ho no, momma yɛnyɛ nea yebetumi nyinaa mfa nsom “Asomdwoe Nyankopɔn” no wɔ nokwaredi mu.​—Romafo 15:33; 1 Korintofo 15:58.

[Ase hɔ asɛm]

a Hwɛ 1986 Yearbook of Jehovah’s Witnesses, nkratafa 154-7.

Nsɛntitiriw ma Ntimu

◻ Ɔkwan bɛn so na “Onyankopɔn asomdwoe” boa yɛn nnɛ, na ɔkwan bɛn so na ‘ɛtra adwene nyinaa so’?

◻ Nneɛma bɛn na ɛma yetumi kɔ so nya asomdwoe adwene?

◻ Asiane a ne hu yɛ den bɛn na eyi Kristofo pii hu nnɛ, na dɛn na ebetumi ama wɔayɛ?

◻ Sɛ Kristoni yɛ bɔne a anibere wom a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ?

[Kratafa 29 adaka/mfonini]

Ohui Sɛ Ɛyɛ Nokware

Wɔ Wiase Ko II mu no. Nasifo no de Elsa Abt kunu kɔɔ Sachsenhausen adwumayɛban mu esiane ne Kristofo asɛnka no nti. Afei wɔ May 1942 mu no. asraafo ba bɛfaa Elsa babea ketewaa bi kɔe na wɔmaa Elsa Abt kɔyɛɛ adwuma wɔ adwumayɛban ahorow mu na ohuu amane. Ɔde adansedi a ɛfa n’ankasa ho yi ma:

“Mfe a midii wɔ Germanfo adwumayɛban ahorow mu no ma misuaa biribi titiriw bi. Ɛyɛ sɛnea Yehowa honhom betumi ahyɛ wo den kɛse bere a wowɔ sɔhwɛ a emu yɛ den mu no! Ansa na wɔrekyere me no, na makenkan onuawa bi krataa a ɛkae sɛ Yehowa honhom ma woyɛ ade komm ben a wowɔ sɔhwɛ a emu yɛ den mu no. Misusuwii sɛ oguguu mu kakra. Nanso bere a m’ankasa mekɔɔ sɔhwɛ ahorow mu no mihui sɛ nea ɔkae no yɛ nokware. Ɛbaa saa ankasa. Sɛ ɛntoo wo a, ɛyɛ den sɛ wobɛyɛ ho mfonini. Nanso ɛbaa saa wɔ me fam ankasa. Yehowa boa.”

[Kratafa 27 mfonini]

Na osuahu ama Paulo nim sɛ Onyankopɔn asomdwoe betumi ahwɛ yɛn koma so

[Kratafa 30 mfonini]

So wowɔ asiane a ɛne twe a wobɛtwe wo ho wɔ honhom mu no mu?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena