Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Onyankopɔn Asɛm Mu A Yɛbɛpɛɛpɛe Akɔ Akyiri
    Ɔwɛn-Aban—1985 | December 1
    • 4 Saa ara na nnɛ ɛte sɛ nea bere a ebinom nya nimdeɛ a ɛdɔɔso a ɛbɛma wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ Paradise asase so no, wɔmmɔ mmɔden sɛ wobenya adesua a ɛkɔ akyiri. Ebia wɔbɛte nka sɛ nea wonim no ara dɔɔso a ɛbɛma “wɔakɔ so,” sɛ yɛbɛka no wɔn honhom mu a. Wɔnkɔ wɔn anim ntra “nufu” gyinabea no. Paulo ka no pen sɛ saafo no “nhuu trenee asɛm no mu ɛ,” kyerɛ sɛ, wɔn ho nkokwawee wɔ “trenee asɛm” no a wɔde di dwuma de sɔ nneɛma hwɛ no mu. Paulo de ka ho sɛ: “Na aduan a ɛyɛ den no fata wɔn a wɔanyin a anem nti wɔn nkatede akokwaw papa ne bɔne mu yiyi hɔ.”​—Hebrifo 5:14.

  • Onyankopɔn Asɛm Mu A Yɛbɛpɛɛpɛe Akɔ Akyiri
    Ɔwɛn-Aban—1985 | December 1
    • 7. Sɛnea Hebrifo 5:14 kyerɛ no, henanom na “aduan a ɛyɛ den” fata wɔn, na ɔkwan bɛn so na Kristoni ba bɛyɛ saafo no mu biako?

      7 Paulo ka sɛ “aduan a ɛyɛ den no fata wɔn a wɔanyin,” na ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ saafo no ne wɔn a “anem nti wɔn nkatede akokwaw papa ne bɔne mu yiyi ho.” Wɔ ɔkwan foforo so no, wɔn a wɔde yɛ wɔn su sɛ wɔde Onyankopɔn asɛm mu nimdeɛ biara a wɔwɔ bedi dwuma de ayiyi papa ne bɔne mu no de nkakrankakra bɛma wɔn nkatede akokwaw na wobedu Kristofo onyin ho. Wɔn ho bɛkokwaw wɔ “trenee asɛm” a wɔde bedi dwuma de asɔ nneɛma ahwɛ na wɔnam saa yɛ so ayiyi nneɛma a ɛho tew ne nea ɛho ntew wɔ abrabɔ, honhom, ne honam mu mpo no mu. Ɛdenam nea wosua no a wɔde di dwuma so no, wɔrennyɛ ‘wɔn a wonhuu trenee asɛm no mu’ bio. Wɔbɛyɛ “wɔn a wɔanyin,” wɔn a “aduan a ɛyɛ den fata wɔn.”​—Hebrifo 5:13, 14.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena