Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 7/1 kr. 4-7
  • Anidaso Di Abasamtu so Nkonim!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Anidaso Di Abasamtu so Nkonim!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Anidaso Nnyinaso
  • Anidaso​—“Ɛntew na Etim Hɔ”
  • Anidaso​—“Ɔkra Sɛkyɛ”
  • ‘Munso mu Pintinn’!
  • Kɔ So Ara Hyɛ W’anidaso Mu Den
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Anidaso a Wowɔ No Renni Huammɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
  • Ɛhe na Wubetumi Anya Anidaso Ankasa?
    Nyan!—2004
  • Ma W’ani Nna Yehowa So, Na Nya Akokoduru
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 7/1 kr. 4-7

Anidaso Di Abasamtu so Nkonim!

WƆKYERƐ abasamtu ase wɔ Webster’s Ninth New Collegiate Dictionary mu sɛ “anidaso a wɔhwere koraa.” Ɛnde, ɛda adi pefee sɛ yehia anidaso, na ama yɛatumi adi abasamtu so nkonim!

Sɛ obi a ohia ama ɔde kwankyɛn ayɛ ne fie no wɔ anidaso a, ɔrente abasamtu korakora nka. Anidaso betumi ama wɔn a nnuruyɛfo akyerɛ sɛ wɔwɔ adwenemhaw no anya akokoduru ne ahoɔden de agyina ano. Nanso ɛsɛ sɛ anidaso no yɛ nea wotumi de ho to so! Dɛn na eyi kyerɛ?

Anidaso Nnyinaso

Susuw nea ɛtoo agya panyin Abraham yere Sara no ho. Bere a aka kakraa ma wadi mfe 90 no, na ɔda so ara yɛ obonin na ɔpaa abaw bere tenten sɛ ɔrenwo da. Nanso, bere a ne kunu dii mfe 99 no, Yehowa san kaa ne bɔhyɛ bi a ɔde mae mfe bi a atwam no ho asɛm bio​—Abraham benya “aseni,” anaa ɔdedifo ampa. Na Abraham nim sɛ eyi yɛ bɔhyɛ a wotumi de ho to so. Susuw anigye a ebia Sara nyae bere a anigyesɛm no sii anwonwa kwan so, na ɔwoo Isak no ho. (Genesis 12:2, 3; 17:1-4, 19; 21:2) Onyankopɔn mu ahotoso a Abraham nyae no anyɛ ɔkwa, sɛnea ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu no: “Onyankopɔn bɔhyɛ no ho de, [Abraham amfa] ogye a wonnye nni annye kyim, na mmom onyaa gyidi mu ahoɔden hyɛɛ Onyankopɔn anuonyam.”​—Romafo 4:20.

Paulo rekyerɛw Yudafo a na wɔabɛyɛ Kristofo wɔ ne mmere so no, ɔkae sɛ wobetumi de wɔn ho ato Onyankopɔn nkwagye a ɛnam Yesu so ho bɔhyɛ no so esiane nneɛma abien a ntease wom nti. Ɔreka Onyankopɔn bɔhyɛ a ɔde maa Abraham ne Ne ntam a ɔka kaa ho no ho asɛm no, ɔsomafo no kae sɛ: “Nnipa ka nea ɔso sen wɔn ntam, na ntuatuaano nyinaa totwa ne ntanka a wɔde hyɛ asɛm mu den. Ɛno nti na Onyankopɔn pɛ sɛ oyi n’atirimsɛm a ɛnsakra kyerɛ bɔhyɛ no difo pefee no, ɔde ntam gyinaa mu, na yɛafa ade abien a ɛnsakra a Onyankopɔn ntumi nni mu atoro so anya afotu a emu yɛ den, yɛn a yɛaguan abɛdɔ sɛ yebeso anidaso a ɛda yɛn anim no mu.” (Hebrifo 6:16-18) Yiw, Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow no yɛ nokware na wotumi de ho to so. Yehowa yɛ ade nyinaa so tumfoɔ na ɔno nkutoo na otumi de n’asɛm mmamu ho adanse ma.

Anidaso​—“Ɛntew na Etim Hɔ”

Paulo kyerɛwee sɛ Kristofo anidaso no yɛ nea “ɛntew na etim hɔ.” (Hebrifo 6:19) Na Paulo nim faako a n’anidaso no wɔ. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “[Anidaso] hyɛn mu de kosi mmɔhɔɔ no mu.” Dɛn na eyi kyerɛ? Ɛda adi sɛ na Paulo reka tete asɔrefi a na ɛwɔ Yerusalem no ho asɛm. Eyi mu na ná Kronkron mu Kronkronbea bi a wɔde mmɔhɔɔ akyɛ ɛno ne ɔdan no fã a aka no mu no wɔ. (Exodus 26:31, 33; Mateo 27:51) Ampa, wɔasɛe Yerusalem asɔrefi ankasa no bere tenten a atwam ni. Enti, dɛn na ɛne saa Kronkron mu Kronkronbea yi sɛ nnɛ?

Ɛsɛ ɔsoro ankasa, faako a Onyankopɔn ankasa te ahengua so no! Paulo kyerɛkyerɛɛ eyi mu bere a ɔkae sɛ Yesu, wɔ ne sorokɔ akyi no, “anhyɛn kronkronbea a wɔde nsa yɛe [wɔ Yerusalem asɔrefi hɔ] a ɛyɛ kronkronbea ankasa no ho sɛnkyerɛnne no mu, na mmom ɔhyɛn ɔsoro ankasa sɛ afei okoyi ne ho adi Onyankopɔn anim ama yɛn.” (Hebrifo 9:24) Enti Kristofo anidaso a ɛboa yɛn ma yɛko tia abasamtu no, nnyina nnipa amammuifo so na mmom egyina ɔsoro nhyehyɛe bi so. Egyina nea Onyankopɔn paw no, Yesu Kristo, a ɔde ne nkwa too hɔ sɛ agyede maa yɛn bɔne na afei oyi ne ho adi wɔ Onyankopɔn anim ma yɛn no so. (1 Yohane 2:1, 2) Bio nso, sɛnea wɔtaa da no adi wɔ nsɛmma nhoma yi mu no, Yesu koro yi ara ne nea Onyankopɔn apaw no sɛ onni tumi sɛ Ɔhene wɔ Onyankopɔn soro Ahenni no mu, na wayɛ saa fi 1914. Ɛrenkyɛ na ɔsoro Ahenni yi ayi nneɛma a ɛma nnipa pii te abasamtu nka no afi hɔ.

Anidaso​—“Ɔkra Sɛkyɛ”

Nea ɛbɛyɛ na wama n’akenkanfo agye adi sɛ wɔn nkwagye a ɛnam Yesu so ho anidaso no wɔ nnyinaso pa no, Paulo de mfatoho bi dii dwuma. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Yɛwɔ [anidaso yi] sɛ ɔkra sɛkyɛ.”​—Hebrifo 6:19.

Akwantufo te sɛ Paulo nim asɛkyɛ yiye. Na tete mmere mu asɛkyɛ te sɛ nnɛyi de no ara, wɔtaa de dade na ɛyɛ, na ɛwɔ afanu atenten a ɛte sɛ ɛsẽ a ekotim po no ase. Bere a na Paulo nam kwan so rekɔ Roma wɔ bɛyɛ afe 58 Y.B. mu no, hyɛn a na ɔwom no yɛɛ sɛ nea ɛrebɛmem. Nanso bere a hyɛn no duu nea nsu no mu nnɔ pii no, hyɛn mufo no “tow asɛkyɛ anan fi hyɛn no to.” Esiane saa asɛkyɛ no nti, hyɛn no tumi gyinaa ahum no ano dwoodwoo.​—Asomafo no Nnwuma 27:29, 39, 40, 44.

Ɛnde, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ na w’anidaso ayɛ den sɛ sɛkyɛ na ama woatumi agyina sikasɛm mu ahokyere, honam anaa nkate mu ɔyare, anaa “ahum” foforo biara a ebia wubehyia no ano? Di kan ma wo ho awerɛhyem sɛ Bible mu bɔhyɛ ahorow no yɛ nea wotumi de ho to so. “Monsɔ ade nyinaa nhwɛ.” (1 Tesalonikafo 5:21) Sɛ nhwɛso no, bere foforo a Yehowa Adansefo ne wo bɛkasa no, tie nea wɔka no. Sɛ wɔntaa mma faako a wote no a, kɔhwehwɛ wɔn wɔ Ahenni Asa a ɛbɛn wo sen biara no so. Wɔrenhyɛ wo sɛ kɔka wɔn ho, na mmom wɔbɛto nsa afrɛ wo sɛ ma wɔne wo nsua Bible no a wuntua hwee, na wɔbɛyɛ nhyehyɛe ne wo ayɛ wɔ baabiara ne bere biara a eye ma wo mu.

Adesua a ɛte sɛɛ no bɛma woanya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn “yɛ wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no katuafo.” (Hebrifo 11:6) Wubesua sɛ ɛrenkyɛ, Onyankopɔn Ahenni a ɛhyɛ Ɔhene, Kristo Yesu nsam no beyi ɔporɔw ne nsisi a ɛma nnipa pii te abasamtu nka nnɛ no afi hɔ. Wɔ saa Ahenni no ase no, wɔbɛsan ayɛ asase yi paradise, na Onyankopɔn bɛma wɔn a wɔdɔ no no daa nkwa. (Dwom 37:29; Adiyisɛm 21:4) Anuonyam anidaso bɛn ara ni!

Fa boasetɔ kenkan Bible no na woahu sɛ anidaso yi yɛ nokware. Afei bɔ mmɔden sɛ wo ne Onyankopɔn benya abusuabɔ a emu yɛ den, ayɛ n’adamfo te sɛ Abraham. (Yakobo 2:23) Esiane sɛ Yehowa ne “mpaebɔ Tiefo” no nti, ka nsɛm a ɛhaw wo no kyerɛ no. Sɛ ɔkwan a wofa so yɛ saa no fi wo komam a, wo mpaebɔ no bɛboa wo ma woayi wo nnesoa no afi wo ho so na woadi w’abasamtu no so nkonim. Ebia Onyankopɔn honhom no bebue kwan mpo ma asakra tebea a ɛma wote abasamtu nka no.​—Dwom 55:22; 65:2; 1 Yohane 5:14, 15.

‘Munso mu Pintinn’!

Bere a Paulo kamfo kyerɛɛ ne mfɛfo asuafo sɛ ‘wɔnsɔ ade nyinaa nhwɛ’ akyi no, ɔde kaa ho sɛ: ‘Munso nea eye no mu pintinn.’ (1 Tesalonikafo 5:21) Ɔkwan biako a wobɛfa so ayɛ eyi ne sɛ wo ne nnipa a wɔn nso kura Kristofo anidaso no mu pintinn bɛnantew. Ɔhene Salomo nyansafo no bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Nea ɔne anyansafo bɔ no bɛyɛ onyansafo, nanso nea ɔne nkwasea bɔ no behu amane.” (Mmebusɛm 13:20, New World Translation) Mma afoforo ho adwemmɔne anaa fɛre nsiw wo kwan sɛ wobɛhwehwɛ fekubɔ pa. Sɛ nhwɛso no, nnipa a na anka wonni anidaso biara wɔ Yehowa Adansefo mu. Nanso Bible no a wosua, ne wɔn mfɛfo gyidifo fekubɔ a ɛyɛ anigye no, hyɛ wɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ mu den na ɛma wonya anidaso a wotumi de ho to so te sɛ sɛkyɛ. So eyi di abasamtu so nkonim ampa? Yiw, ɛyɛ saa ampa.

Fa Annmarie a sɛnea ne kunu yɛɛ no ayayade no maa ɔtee abasamtu nka kɛse no sɛ nhwɛso. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Misii gyinae sɛ medi me ho dɔm, nanso biribi nti, misii gyinae sɛ mɛbɔ Onyankopɔn mpae ansa. Mekae sɛ meka mekyerɛɛ no sɛ, ‘Dɛn nti na wuntumi mmoa me? Bere tenten ni a mede m’ani mato wo so, nanso ayɛ ɔkwa.’ Miwiee me mpaebɔ no a misusuw sɛ atirimpɔw biara nni asetra mu, enti ɛbɛyɛ papa mmom sɛ mewu. Saa bere no ara na obi bɔɔ pon no mu. Misii gyinae sɛ meremmua onii ko no, a na mehwɛ kwan sɛ awiei koraa no, nea ɔrebɔ pon no mu no befi hɔ akɔ.

“Wɔkɔɔ so bɔɔ pon no mu, na afei mehawee. Mepopaa m’aniwam nusu na mekɔhwɛɛ nea ɔrebɔ pon no mu no, na ama manya kwan ntɛm ayɛ nea m’abɔ me tirim sɛ mɛyɛ no.” Annmarie se, “meda Yehowa ase sɛ amma saa, efisɛ bere a mibuee ɔpon no, mihui sɛ mmea baanu gyina hɔ. Nokwarem no, na mayɛ basaa, na mante nea na wɔreka no ase. Nanso wɔmaa me nhoma bi a ɛbɛkyerɛkyerɛ mu akyerɛ me sɛ atirimpɔw bi wɔ asetra mu. Na ɛno ara ne nea mihia na akanyan m’anigye wɔ asetra ho bio.” Wɔn a wɔbɛsraa no no ne no yɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔne no besua Bible no daa. Annmarie suae sɛnea ɔbɛyɛ Onyankopɔn adamfo. Eyi maa onyaa atirimpɔw wɔ asetra mu. Mprempren ɔboa afoforo na wɔn nso anya Onyankopɔn mu ahotoso.

Ebia woahwɛ kwan sɛ abasamtu bɛba awiei wɔ bere a wunnim nea ebegye ansa na ɛno nyinaa abam. Nanso sɛ woabɔ mpae sɛ: “Ma w’ahenni mmra. Ma wɔnyɛ w’apɛde wɔ asase so, sɛnea ete wɔ soro,” pɛn a, ɛnde na woabɔ mpae sɛ Onyankopɔn Ahenni a ɛhyɛ Yesu Kristo nsam, a ebeyi nneɛma nyinaa a ɛma nnipa komapafo te abasamtu nka afi hɔ no mmra. (Mateo 6:10, NW) Bible no a w’ankasa wubesua ne wo ne afoforo a wɔwɔ ahotoso koro no ara fekubɔ daa no bɛma woakura anidaso sɛ Yehowa Ahenni no mmra na ɛmfa Paradise mmra yɛn asase so no mu denneennen. (1 Timoteo 6:12, 19) Eyi ne anuonyam anidaso a nsɛmma nhoma yi bɔ ho dawuru wɔ ebiara a wotintim no mu. Gye saa anidaso no tom anigye so na woako atia abasamtu. Nokwarem no, anidaso “remma wonte huammɔdi nka da.”​—Romafo 5:5, NW.

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Bible na sua ma yɛn anidaso a edi dwuma sɛ “ɔkra sɛkyɛ”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena