Onyamesom Pa Ahofama Ahintasɛm Kronkron No A Yebesua
“Kristo nso huu amane maa mo gyaw mo nhwɛso, sɛ munni n’anammɔn akyi.”—1 PETRO 2:21.
1. Dɛn ne Yehowa atirimpɔw wɔ ‘onyamesom pa ahofama ahintasɛm kronkron no’ ho?
“ONYAMESOM pa [ahofama] ahintasɛm kronkron no” nyɛ ahintasɛm bio! (1 Timoteo 3:16) Hwɛ sɛnea ɛyɛ soronko wɔ atoro som ahintasɛm ahorow, te sɛ Baasakoro ahintasɛm a ɛda so ara yɛ ahintasɛm no ho! Obiara ntumi nte ase. Mmom no, Yehowa bɔɔ ne tirim sɛ ɛsɛ sɛ wɔka ahintasɛm kronkron a ɛda adi Yesu mu no ho asɛm kyerɛ nnipa dodow biara a wobetumi. Yesu ankasa yɛɛ obi a ɔde mmɔdenbɔ bɔ Onyankopɔn Ahenni dawuru no ho nhwɛso. Yebetumi asua pii afi ne nkrasɛm no ne sɛnea na ɔka asɛm no mu, sɛnea yebehu mprempren no.
2. Dɛn nti na wɔde Yesu som adwuma no di agyede no anim kan? (Mateo 20:28)
2 Ɛnde, momma yɛnsan nsusuw Yesu a “woyii no adi ɔhonam mu” no ho bio. (1 Timoteo 3:16, New World Translation) Yɛkenkan wɔ Mateo 20:28 sɛ Yesu “amma sɛ wɔnsom no, na ɔbɛsomee, na ɔde ne kra ayɛ agyede ama nnipa pii.” Eyi ma ne som adwuma no yɛ nea ɛho hia sen nnwensa no mpo. Ɔkwan bɛn so na ɛte saa? Wiɛ, wɔ Eden no, Satan ɔdaadaafo no gyee hokwan a Yehowa wɔ sɛ odi adesamma so tumi no ho akyinnye, na ɔkyerɛe sɛ mfomso wɔ Onyankopɔn adebɔ mu ne sɛ wɔ sɔhwɛ ase no, onipa biara nni hɔ a obekura ne mudi mu ama Ɔsorosoroni no. (Fa toto Hiob 1:6-12; 2:1-10 ho.) Yesu som adwuma sɛ ɔdesani a ɔyɛ pɛ, “Adam a odi akyiri” a na sintɔ biara nnim no kyerɛe sɛ mpoatwafo Satan yɛ ɔtorofo bɔne. (1 Korintofo 15:45) Bio nso, Yesu kyerɛe sɛ ɔfata koraa sɛ ɔyɛ Onyankopɔn “Safohene ne Agyenkwa” na ‘obu wiase ntɛn trenee mu,’ de bu Yehowa tumidi bem.—Asomafo no Nnwuma 5:31; 17:31.
3. Dɛn nti na Yesu pow Satan mpoatwa no koraa.
3 Yesu pow Satan mpoatwa a ɛbɔ ahohora no koraa! Abakɔsɛm mu nyinaa no, onipa biara nni asase yi so a ɔde ne ho nyinaa som Onyankopɔn saa—a atwetwesi, ɔhwe, ne ɔhonam ne adwene mu ayayadeyɛ nyinaa mfa ho. Na ɛsɛ sɛ Kristo gyina ahohorabɔ ahorow a abususɛm wom ano sɛ Onyankopɔn Ba. Ne nyinaa mu—de kosi owu a ɛyɛ yaw ne aniwu mu mpo—no, ogyinae pintinn, wannhinhim wɔ nokware a obedi ama n’Agya no mu. Paulo kyerɛwee wɔ Filipifo 2:8, 9 sɛ esiane sɛ Yesu yɛɛ osetie ‘de kosii wu mu, asɛndua ho wu mu po nti, Onyankopɔn maa no so na ɔdom no din a edi din nyinaa so.’ Yesu paa Satan ho ntama sɛ ɔyɛ ɔtorofo a ne ho ye hu sɛnea ɔte ampa no!
4. Dɛn nti na na Yesu betumi aka akyerɛ Pilato sɛ ɔbaa wiase sɛ ɔrebedi nokware no ho adanse?
4 Enti, wɔ mfe kakraa bi asɛnka a emu yɛ hyew awiei no, na Yesu betumi de akokoduru aka akyerɛ Pontio Pilato sɛ: “Wo na woka sɛ meyɛ ɔhene. Me de, eyi nti na wɔwoo me, na mebaa wi yi ase, sɛ merebedi nokware no ho adanse; obiara a ofi nokware no mu no tie me nne.” (Yohane 18:37) Na Yesu ada onyamesom pa ahofama a ɛsen biara adi wɔ Onyankopɔn Ahenni nokware no a ɔpaeem ka kyerɛe wɔ Palestina nyinaa no mu. Ɔtetee n’asuafo no sɛ wɔn nso wɔnyɛ asɛnkafo mmɔdenbɔfo. Hwɛ sɛnea ne nhwɛso no kanyan yɛn sɛ yenni n’anammɔn akyi nnɛ!
Yɛn Nhwɛsofo no a Yebesuasua No
5. Sɛ yɛhwɛ Yesu yiye a, dɛn na yebetumi asua afa onyamesom pa ahofama ho?
5 Ɛdenam onyamesom pa ahofama a yɛde bɛyɛ Yehowa apɛde so no, yɛn nso yebetumi ama Ɔbonsam ayɛ ɔtorofo. Sɛ yehyia sɔhwɛ ahorow bɛn ara mpo a, emu biara nni hɔ a ɛne ɛyaw ne animguase a ɛkaa Yesu no bɛyɛ pɛ. Ɛnde, momma yensuasua yɛn Nhwɛsofo no. Sɛnea Hebrifo 12:1, 2 hyɛ yɛn no, yebetumi de boasetɔ atu mmirika no bere a ‘yɛhwɛ gyidi mu dikanfo ne ne wiefo Yesu’ no. Nea ɛnte sɛ Adam no, Yesu bɛyɛɛ asase so nipa a otumi gyinaa sɔhwɛ ahorow nyinaa ano pɛyɛ mu. Ɔdaa ne ho adi sɛ “ne ho tew, onni bɔne, ne ho nni nkekae, wɔayi no afi nnebɔneyɛfo ho” de kosii owu mu. (Hebrifo 7:26) Na obetumi aka akyerɛ n’atamfo wɔ mudi mu kura a sintɔ biara nni mu mu sɛ: “Mo mu hena na obu me bɔne bi ho atɛn?” Yesu danee Satan mpoatwa no ani, na ɔkae sɛ: “Wi yi ase sodifo no . . . rennya me hɔ hwee.” Na ɔrewie ne kasa a etwa to a ɔde maa n’asuafo no ansa na wɔreyi no ama na wɔakyere no no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma mo bo ntɔ mo yam! Me na madi wiase no so nkonim.”—Yohane 8:46; 14:30; 16:33.
6. (a) Dɛn nti na Yesu nim ɔhome ko a adesamma hia? (b) Yesu daa onyamesom pa osuro adi koduu he?
6 Yesu wɔ asase so wɔ ɔhonam mu no, ohuu nea ɔdesani a obi yɛ, nea “aka kakra na wato abɔfo” no kyerɛ. (Hebrifo 2:7) Ohuu sɛnea ɔdesani mmerɛwyɛ ahorow te na enti wɔasiesie no yiye sɛ ɔbɛyɛ adesamma Hene ne Temmufo mfirihyia apem. Onyankopɔn Ba yi a ɔkae sɛ, “Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma moahome” no nim ɔhome ko a adesamma hia. (Mateo 11:28) Hebrifo 5:7-9 ka kyerɛ yɛn sɛ: “Ɔno na ne honam nna no mu ɔde mpaebɔ ne nkotɔsrɛ brɛɛ nea obetumi agye no afi owu mu wɔ nteɛm a emu yɛ den ne nusu mu, na [onyamesom pa osuro] nti wotiee no. Ɔyɛ ɔba de, nanso osuaa amane a ohui no mu osetie, na onya yɛɛ pɛ no, ɔyɛɛ wɔn a wotie no nyinaa daa nkwagye farebae.” Yesu anhinhim, ɛwom sɛ na ɛsɛ sɛ ɔtɔ ne bo ase kosi sɛ obewu sɛ ɔdesani na ɔde anya ‘nantin kuru’ afi ɔtamfo Satan hɔ de. (Genesis 3:15) Te sɛ Yesu no, ɛmmra sɛ yɛn nso yɛbɛda onyamesom pa osuro adi, de akosi owu mu mpo, sɛ ɛho hia a, bere a yɛwɔ ahotoso sɛ Yehowa Nyankopɔn betie yɛn nkotɔsrɛ na wagye yɛn nkwa no.
‘Trenee a Yɛbɛtra Ase Ama’
7. Sɛnea 1 Petro 2:21-24 kyerɛ no, nhwɛso bɛn na Kristo gyaw maa yɛn, na ɛsɛ sɛ ne kwan a ɔfaa so no ka yɛn dɛn?
7 Woyii Yesu adi ɔhonam mu no, ɔde nokwaredi buee onyamesom pa ahofama ahintasɛm kronkron no so. Yɛkenkan wɔ 1 Petro 2:21-24 sɛ: “Kristo nso huu amane maa mo gyaw mo nhwɛso, sɛ munni n’anammɔn akyi. Ɔno na wanyɛ bɔne, nanso wɔanhu nnaadaa n’anom. Ɔno na wɔyaw no, na wanyaw bi, ohuu amane, na wanteɛteɛ, na ɔde hyɛɛ nea obu ntɛntrenee no nsa. Ɔno ankasa na ɔsoaa yɛn bɔne wɔ ne honam mu kɔɔ dua no so, sɛ, yɛawu ama nnebɔne a, yɛntra ase mma trenee.” Bere a yedwennwen Yesu asetra kwan no ho no, ɛhyɛ yɛn nkuran ma yedi onyamesom pa ahofama akyi, yekura yɛn mudi mu, na yɛtra ase ma trenee sɛnea ɔyɛe no dɛn ara!
8. Ɔkwan bɛn so na yebetumi atra ase ama trenee sɛnea Yesu yɛe no?
8 Yesu traa ase maa trenee ampa. Dwom 45:7 hyɛɛ ne ho nkɔm sɛ: “Wodɔ trenee, na wotan abɔnefosɛm.” Paulo de saa nsɛm no reka Yesu ho asɛm no, ɔkae wɔ Hebrifo 1:9 sɛ: “Wodɔ trenee, na wukyi amumɔyɛ.” Esiane ntease a yɛanya wɔ saa onyamesom pa ahofama ahintasɛm kronkron yi ho no nti, ɛmmra sɛ te sɛ Yesu no, yɛbɛdɔ nea ɛteɛ na yɛatan nea ɛyɛ bɔne. Wɔ Kristofo abrabɔ a Satan wiase no ko tia denneennen mu, ne yɛne wɔn a wɔwɔ Onyankopɔn ahyehyɛde no mu ne wɔn a wonni mu nyinaa nsɛnnii mu no, momma yensi yɛn bo sɛ yɛbɛtra ase ama trenee, na yɛakura Yehowa trenee nnyinasosɛm ahorow mu. Na momma yɛnkɔ so nsua Onyankopɔn Asɛm no sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya onyamesom pa nhumu a ɛho hia na ama yɛako atia Ɔbonsam ne ne nnɛɛdɛe ahorow no.
9. Dɛn na ɛde bi kaa Yesu nsiyɛ wɔ ɔsom adwuma no mu no ho, na na dɛn na ɛka eyi ho wɔ atoro nyamesom nguanhwɛfo ho?
9 Biribi foforo a ɛkanyan Yesu ma ɔyɛɛ nsi wɔ ne som adwuma no mu wɔ hɔ. Na ɛne dɛn? Yɛkenkan wɔ Mateo 9:36 sɛ: “Ohuu nkurɔfo akuwakuw no, ne yam hyehyee no maa wɔn, efisɛ na wɔabrɛ, na wɔsam hɔ sɛ nguan a wonni hwɛfo.” Enti Yesu ‘fii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii.’ (Marko 6:34) Nea ɛho hia no, na nea ɛka eyi ho ne nyamesom ahwɛfo atorofo abɔnefosɛm ne amumɔyɛ a ɔbɛpa ho ntama. Sɛnea Mateo 15:7-9 kyerɛ no, Yesu ka kyerɛɛ eyinom mu binom sɛ: “Nyaatwomfo! Edi sɛ Yesaia hyɛɛ mo ho nkɔm sɛ: Ɔman yi de wɔn anofafa na edi me ni, na wɔn koma de, atwe afi me ho kɔ akyirikyiri. Na wɔsɔre me kwa, wɔkyerɛkyerɛ nsɛm a nnipa ahyehyɛ.”
Ahintasɛm a Wokyi
10. Ɛnnɛ, henanom so na “amumɔyɛ ahintasɛm” no twe adwene si, na dɛn na wodi ho fɔ?
10 Sɛnea Yesu kasa tiaa atoro nyamesom akannifo no, saa ara na yekyi ahintasɛm bi a ɛne onyamesom pa ahofama ahintasɛm kronkron no bɔ abira koraa no nnɛ. Wɔ 2 Tesalonikafo 2:7 no, Paulo frɛɛ no “mmarato ahintasɛm.” Na ɛyɛ ahintasɛm wɔ afeha a edi kan Y. B. no mu efisɛ na wɔremmue so kosi asomafo no wu akyi bere tenten bi. Ɛnnɛ, ɛtwe adwene si Kristoman asɔfo a wɔn ani gye amansɛm ho kɛse sen Onyankopɔn trenee Ahenni no ho asɛmpa a wɔbɛka no so. Nyaatwom abu so wɔ wɔn mu. Kristoman Protestant fekusɛm asɔre ahorow no television so asɛnkafo no yɛ nhwɛso a obiara tumi hu: asisifo a wotwitwa wɔn nguan ho nhwi, wɔhyehyɛ ahemman ahorow a egye sika ɔpepem pii, wɔne nguaman bu ɔbrasɛe, wodi awerɛhow a emmfi komam bere a wɔn ho ada hɔ no, na wɔkɔ so srɛsrɛ sika, sika pii bere nyinaa. Roman Katolek Vatican bra nye saa ara, esiane n’amammui mu nkitahodi ahorow, apɔmpɔmpɛ a wɔde kyerɛ, ne sikakorabea nneyɛe a aporɔw nti.
11. Dɛn na ɛbɛba Kristoman asɔfo ne Babilon Kɛse nyinaa so?
11 Ɛnyɛ nwonwa sɛ wobetumi ahu Kristoman asɔfo kuw no sɛ “onipa a onni mmara”! (2 Tesalonikafo 2:3) Wɔbɛpa Babilon Kɛse a ɔte sɛ aguaman no fã titiriw yi ho ntama koraa na wɔasɛe no aka atoro som nkae nyinaa ho. Sɛnea yɛkenkan wɔ Adiyisɛm 18:9-17 no, amansɛmdifo ne aguadifo (ne wɔn sikakorabea adwumayɛfo) besu saa bere no sɛ: “Due, due, kurow kɛse.” Wɔbɛma Babilon Kɛse ne n’ahintasɛm ahorow no ho ada hɔ ma ɛne nea ɛma onyamesom pa ahofama ahintasɛm kronkron no hyerɛn no abɔ abira koraa.
12. Ɔdɔ a Yesu wɔ ma trenee no ma ɔyɛɛ dɛn?
12 Ɔdɔ a Yesu wɔ ma trenee na okyi amumɔyɛ no ma ɔyeree ne ho a wannyaw hwee wɔ nokware som mu. Ne nsrahwɛ a edi kan a ɔde kɔɔ Yerusalem sɛ Onyankopɔn Ba a wɔasra no mu no, ɔpam aguadifo ne sikasesafo fii asɔrefi hɔ na ɔpaee ma kae sɛ: “Momfa eyinom mfi ha, na monnyɛ m’agya fi aguadi fi!” (Yohane 2:13-17) Akyiri yi nsrahwɛ bi a Yesu de kɔɔ asɔrefi hɔ mu no, ɔka kyerɛɛ Yudafo asɔretiafo sɛ: “Mo agya a mufi ne mu ne ɔbonsam, na mo agya no akɔnnɔde na mopɛ sɛ moyɛ. Ɔno na ɔyɛ owudifo fi mfiase, na onnyina nokware so; efisɛ nokware nni no mu. Sɛ ɔka atosɛm a, efi n’ankasa mu na ɔka; efisɛ ɔyɛ ɔtorofo ne atoro agya.” (Yohane 8:44) Akokoduru bɛn ara na Yesu daa no adi bere a ɔka sii saa nyamesomfo no anim sɛ wɔyɛ atorofo ne Ɔbonsam mma no sɛɛ yi!
13. (a) Ɛhe titiriw na kyi a Yesu kyi amumɔyɛ no da adi kɛse? (b) Dɛn nti na asɔfo amumɔyɛfo no fata atemmu a ɛte sɛ nea Yesu ka tiaa akyerɛwfo ne Farisifo no?
13 Sɛnea Yesu kyi amumɔyɛ no nna adi kɛse baabiara sɛ ne nsɛm a ɛwowɔ a ɔde kasa tiaa akyerɛwfo ne Farisifo a wɔte sɛ nhurutoa no, sɛnea wɔakyerɛw ato hɔ wɔ Mateo ti 23 no mu. Ɛhɔ na ɔka “due” a ɛbɔ ho ason ho asɛm, na ɔde wɔn toto ‘ada a wɔasra ho—efi nyinaa, nyaatwom, ne amumɔyɛ ayɛ no ma’ ho asɛm. Hwɛ sɛnea Yesu pɛe sɛ ogye nkurɔfo a wɔhyɛ wɔn so no fi saa amumɔyɛ no mu! Ɔteɛɛm sɛ: “Yerusalem, Yerusalem, . . . mpɛn ahe na anka mepɛe sɛ meboaboa wo mma ano, sɛnea akokɔtan boaboa ne mma ano ne ntaban ase, nanso moampɛ! Hwɛ, wobegyaw mo fi afituw ama mo.” (Nkyekyem 37, 38) Asɔfo amumɔyɛfo a wɔwɔ hɔ yɛn bere yi so no fata atemmu a ɛte saa ara efisɛ, wɔ 2 Tesalonikafo 2:12 nsɛm yi mu no, ‘wonnye nokware nni na mmom wɔn ani sɔ nea ɛnteɛ.’ Wɔn amumɔyɛ no bɔ onyamesom pa ahofama a Yesu de nokwaredi daa no adi bere a ɔwɔ asase so ha no abira koraa.
Onyankopɔn Atemmu Horow a Wɔbɛpaem Aka Akyerɛ
14. Ɛsɛ sɛ anisɔ a yɛwɔ ma onyamesom pa ahofama no ka yɛn ma yɛyɛ dɛn?
14 Ɛsɛ sɛ anisɔ a yɛwɔ ma onyamesom pa ahofama ahintasɛm kronkron no ma yedi Yesu anammɔn akyi pɛɛ bere nyinaa. Te sɛ ɔno no, ɛsɛ sɛ yɛde nsiyɛ paem ka nea Yesaia 61:1 ka ho asɛm sɛ “[Yehowa] anisɔ afe, ne yɛn Nyankopɔn aweredi da” no kyerɛ. Na ɛmmra sɛ yɛde nsiyɛ bɛyɛ yɛn fam de de ‘akyekye nkɔmmɔdifo nyinaa werɛ.’ Te sɛ bere a na Yesu wɔ asase so no, egye akokoduru nnɛ na yɛapaem aka Yehowa atemmu ahorow, a nkrasɛm ahorow a emu yɛ den a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban ne Revelation—Its Grand Climax At Hand! nhoma no mu nsɛm a wɔka no penpen no mu no ka ho no akyerɛ. Ɛsɛ sɛ yɛde akokoduru ne anifere ka asɛm no, na yɛma yɛn kasa yɛ nea “nkyene wɔ mu” sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛyɛ wɔn a wɔpɛ trenee no dɛ. (Kolosefo 4:6) Bere a yɛasua biribi afi onyamesom pa ahofama ho nhwɛso a Yesu yɛe no mu no, ɛmmra sɛ yebetumi abɔ amanneɛ ɛbere a ɛsɛ mu sɛ yɛawie adwuma a Yehowa de maa yɛn sɛ yɛnyɛ no.—Mateo 24:14; Yohane 17:4.
15. Ɛdefa Onyankopɔn ahintasɛm kronkron no ho no, dɛn na aba fi 1914?
15 Bere a woyii Yesu adi ɔhonam mu no, hwɛ sɛnea ɔyɛɛ nhwɛsofo fɛfɛ! Hwɛ sɛnea onyamesom pa ahofama ahintasɛm no baa mu wɔ ne mu pefee! Hwɛ sɛnea ɔde akokoduru kamfoo Yehowa din! Na hwɛ sɛnea Yesu Agya no tuaa ne mudi mu kura kwan a ɔfaa so no so ka ma ɛyɛɛ nwonwa! Nanso Onyankopɔn ahintasɛm kronkron no ho nneɛma afoforo wɔ hɔ. Yɛatra “Awurade da no” mu fi 1914 mu. (Adiyisɛm 1:10) Sɛnea Adiyisɛm 10:7 kyerɛ no, bere adu sɛ ‘wowie Onyankopɔn ahintasɛm kronkron no, sɛnea ɔkaa ho asɛmpa no.’ Ɛnne a efi soro apae mu aka afei sɛ: “Wiase ahenni ayɛ yɛn Awurade [Yehowa] ne Kristo no de, na obedi hene daa daa.” (Adiyisɛm 11:15) Yehowa de Mesia Ɔhene, Yesu Kristo, asi n’anuonyam ahengua no so sɛ ɔne No nni hene!
16. Ɔkwan bɛn so na Ɔhene Yesu Kristo a wɔde no asi agua so foforo no kyerɛe ntɛm ara sɛ ɔwɔ obu ma onyamesom pa wɔ ɔsoro?
16 Sɛ́ obi a ɔne Onyankopɔn di hene wɔ Ahenni a wɔawo no foforo no mu no, wɔfrɛ Yesu sɛ Mikael (a ɛkyerɛ “Hena na Ɔte sɛ Onyankopɔn?”) nso. Otuatewfo biara nni hɔ a obetumi ayɛ ne ho te sɛ Onyankopɔn, na Ɔhene foforo a wɔde no asi agua so no yɛɛ eyi ho ɔyɛkyerɛ denam Ɔwɔ dedaw, Satan a ɔtow ɔne n’abɔfo kyenee asase so no so. (Adiyisɛm 12:7-9) Yiw, Yesu wɔ obu ma onyamesom pa ɔsoro, sɛnea ɔdaa onyamesom pa ahofama adi bere a na ɔwɔ asase so no ara. Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam no renhome kosi sɛ ɔbɛtɔre atoro som ase koraa na wapopa Satan ahyehyɛde, nea aniwa hu ne nea aniwa ntumi nhu nyinaa afi hɔ.
17. Efi 1914 no, dɛn na aba a ɛma Mateo 25:31-33 nya mmamu?
17 Efi 1914 no, Yesu ankasa nkɔmhyɛ a ɛwɔ Mateo 25:31-33 no mmamu ama Onyankopɔn ahintasɛm kronkron no ahyerɛn kɛse. Ɛhɔ na Yesu pae mu ka sɛ: “Na onipa ba no bɛba n’anuonyam mu a n’abɔfo nyinaa ka ne ho no, ɔbɛtra n’anuonyam ahengua so. Na wɔbɛboaboa amanaman nyinaa ano n’anim. Na ɔbɛpaapae wɔn mu, sɛnea oguanhwɛfo paapae nguanten ne mpapo mu. Na ɔde nguanten no begyina ne nifa, na ɔde mpapo no agyina ne benkum.” Ɔhene, Ɔtemmufo, ne onyamesom pa ahofama Okyigyinafo onuonyamfo yi fi ne soro trabea a ofi hɔ hu nneɛma nyinaa no bedi were, nea edi kan no, wɔ onipa a onni mmara no ne Babilon Kɛse no afã afoforo so, ne afei Satan asase so ahyehyɛde bɔne no mufo ne n’aboafo a wɔte sɛ mpapo a wɔaka nyinaa so. Afei wɔde Satan bɛto ebun mu. (Adiyisɛm 20:1-3) Nanso “nnipa trenee” a wɔte sɛ nguanten no befi hɔ akɔ daa nkwa mu. (Mateo 25:46) Ɛmmra sɛ onyamesom pa ahofama akyi a wudi no de wo bɛka saa teefo kuw no ho!
18. Hokwan a ɛyɛ anigye bɛn na yɛwɔ wɔ onyamesom pa ahofama ahintasɛm kronkron no ho?
18 Adiyisɛm 19:10 hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛnsom Onyankopɔn.’ Na dɛn ntia? Kyerɛwsɛm no toa so sɛ: “Na Yesu adanse ne adiyi honhom.” Tete nkɔmhyɛ a efi honhom mu no dodow ara dii Yesu ho adanse! Na bere a saa nkɔmhyɛ ahorow no anya ne mmamu no, Onyankopɔn ahintasɛm kronkron no mu ada hɔ fann. Enti, yedi ahurusi sɛ yɛahu sɛ saa onyamesom pa ahofama ahintasɛm kronkron yi ada adi Yesu mu. Yɛanya hokwan a ɛyɛ nwonwa sɛ yebedi n’anammɔn akyi sɛ Onyankopɔn Ahenni no asomfo a wɔbrɛ wɔn ho ase. Yiw, ɛyɛ nidi a yɛanya sɛ yebenya Onyankopɔn ahintasɛm kronkron asɛmpa no nyinaa mu ntease a wobenya na wɔapae mu aka akyerɛ no mu kyɛfa!
Wubebua Dɛn?
◻ Dɛn na yebetumi asua afi onyamesom pa ahofama ho nhwɛso a Yesu yɛe no mu?
◻ Ɔkwan bɛn so na yebetumi atra ase ama trenee sɛnea Kristo yɛe no?
◻ Ahintasɛm a wokyi bɛn na ɛbɔ onyamesom pa ahofama ahintasɛm no abira koraa?
◻ Ɛsɛ sɛ anisɔ a yɛwɔ ma onyamesom pa ahofama ahintasɛm no ka yɛn ma yɛyɛ dɛn?
[Mfonini wɔ kratafa 16]
Sɛ́ onyamesom pa ahofama okyingyinafo ne Ahenni ɔdawurubɔfo no, na Yesu betumi aka akyerɛ Pilato sɛ: “Eyi nti na wɔwoo me, mebaa wi yi ase, sɛ merebedi nokware no ho adanse”
[Mfonini wɔ kratafa 18]
Yesu nyamesom pa ahofama no daa adi bere a ɔkasa tiaa akyerɛwfo ne Farisifo no