-
Momma Yɛnyɛ Nnipa a Wɔwɔ GyidiƆwɛn-Aban—1999 | December 15
-
-
Onyankopɔn Asɛm a Yɛde Bedi Dwuma Yiye
6. Ɛhe na Paulo faa ne nsɛm a ɔkyerɛwee wɔ Hebrifo 10:38 no fii?
6 Paulo nam Kyerɛwnsɛm a ɔde dii dwuma ahokokwaw so nso so hyɛɛ ne mfɛfo gyidifo den. Sɛ nhwɛso no, ɔkyerɛwee sɛ: “Na nea ɔteɛ no fi gyidi mu benya nkwa, na sɛ ɔtwe ne ho a, me kra ani rensɔ no.” (Hebrifo 10:38) Ɛha no, na Paulo refa odiyifo Habakuk asɛm na aka.a Ɛda adi sɛ na Hebrifo Kristofo a na wonim nkɔmhyɛ nhoma no yiye no nim Paulo nsɛm yi. Sɛ yesusuw ne botae—sɛ ɔbɛhyɛ Kristofo a na wɔbɛn Yerusalem wɔ bɛyɛ afe 61 Y.B. mu no den—no ho a, na Habakuk nhwɛso a Paulo pawee no fata. Dɛn ntia?
7. Bere bɛn na Habakuk kyerɛw ne nkɔmhyɛ no, na na tebea no te dɛn wɔ Yuda saa bere no?
7 Ɛda adi sɛ Habakuk kyerɛw ne nhoma no bɛboro mfe aduonu ansa na wɔresɛe Yerusalem wɔ 607 A.Y.B. mu. Wɔ anisoadehu mu no, odiyifo no huu Kaldeafo (anaa, Babilonfo) sɛ, “ɔman a wɔn tirim yɛ den na wɔn ho yɛ hare” a wɔtow hyɛɛ Yuda so sɛee Yerusalem, na wɔnam so menee nkurɔfo ne amanaman. (Habakuk 1:5-11) Nanso, na wɔaka amanehunu a ɛte saa ho asɛm asie dedaw wɔ Yesaia bere so bɛboro mfe ɔha a na atwam no mu. Wɔ Habakuk bere so no, Yehoakim bedii Ɔhempa Yosia ade, na abɔnefosɛm nyaa nkɔanim wɔ Yuda bio. Yehoakim de ɔtaa baa wɔn a na wɔkasa Yehowa din mu no so na okunkum wɔn mpo. (2 Beresosɛm 36:5; Yeremia 22:17; 26:20-24) Enti ɛnyɛ nwonwa koraa sɛ odiyifo Habakuk de awerɛhow teɛɛm sɛ: “[Yehowa, NW], mateɛm makyɛ dɛn ara?”—Habakuk 1:2.
8. Dɛn nti na na Habakuk nhwɛso no so betumi aba afeha a edi kan no mu Kristofo no ne Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ no mfaso?
8 Ná Habakuk nnim bere tenten a ebegye ansa na wɔasɛe Yerusalem. Saa ara nso na na afeha a edi kan no mu Kristofo no nnim bere a na Yudafo nneɛma nhyehyɛe no bɛba awiei. Na saa ara na yɛn nso yennim “da no ne dɔn ko” a Yehowa atemmu bɛba nhyehyɛe bɔne yi so. (Mateo 24:36) Ɛnde, momma yɛnhyɛ mmuae a ɛbɔ ho abien a Yehowa de maa Habakuk no nsow. Nea edi kan no, ɔmaa odiyifo no awerɛhyem sɛ sɛ bere no so pɛ a, awiei no bɛba. Ɛwom sɛ wɔ nnipa ani so no, na ɛte sɛ nea akyɛ de, nanso Onyankopɔn kae sɛ “ɛrenka akyiri.” (Habakuk 2:3) Nea ɛto so abien no, Yehowa kaee Habakuk sɛ: “Ɔtreneeni de, ne gyidi mu na obenya nkwa.” (Habakuk 2:4) Nokwasɛm a ɛyɛ dɛ bɛn ara ni! Ɛnyɛ bere a awiei no bɛba na ehia kɛse, na mmom sɛ ebia yɛde gyidi bɛkɔ so abɔ yɛn bra no.
9. Ɔkwan bɛn so na Yehowa asomfo asoɔmmerɛfo gyidi maa wonyaa wɔn ti didii mu (a) wɔ 607 A.Y.B.? (b) wɔ 66 Y.B. akyi? (d) Dɛn nti na ehia sɛ yɛhyɛ yɛn gyidi den?
9 Bere a wɔfow Yerusalem wɔ 607 A.Y.B. no, Yeremia ne ne kyerɛwfo Baruk, Ebed-Melek, ne Rekabfo anokwafo no huu nokwasɛm a na ɛwɔ Yehowa bɔ a ɔhyɛɛ Habakuk no mu. Wɔde ‘wɔn ani’ huu Yerusalem ɔsɛe a na ɛyɛ hu no. Dɛn ntia? Yehowa tuaa wɔn nokwaredi no so ka. (Yeremia 35:1-19; 39:15-18; 43:4-7; 45:1-5) Saa ara na ɛbɛyɛ sɛ afeha a edi kan no mu Hebrifo Kristofo no tiee Paulo afotu no, efisɛ bere a Roma asraafo tow hyɛɛ Yerusalem so wɔ 66 Y.B., na wɔsan wɔn akyi a obiara ante ase no, saa Kristofo no ammu wɔn ani angu Yesu kɔkɔbɔ a ɔde maa wɔn sɛ wonguan no so. (Luka 21:20, 21) Wɔn gyidi nti na wonyaa wɔn ti didii mu. Saa ara nso na sɛ awiei no ba na sɛ wohu yɛn sɛ nnipa a wɔwɔ gyidi a, yebenya yɛn ti adidi mu. Hwɛ sɛnea ɛho hia ankasa sɛ yɛhyɛ yɛn gyidi den nnɛ!
-
-
Momma Yɛnyɛ Nnipa a Wɔwɔ GyidiƆwɛn-Aban—1999 | December 15
-
-
a Yehowa Adansefo afe asɛm ma 2000 ne sɛ: “Yɛnyɛ wɔn a wɔtwe wɔn ho, . . . na yɛyɛ wɔn a wɔwɔ gyidi.”—Hebrifo 10:39, NW.
-