Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w82 5/1 kr. 19-22
  • Nea Enti A Wɔn A Wɔte Sɛ Mpapo No Nnya Ahenni No Nni

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Enti A Wɔn A Wɔte Sɛ Mpapo No Nnya Ahenni No Nni
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Nsɛmti Nketewa
  • BERE A “MPAPO” NO FI KƆ WƆN AHOYERAW MU
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
w82 5/1 kr. 19-22

Nea Enti A Wɔn A Wɔte Sɛ Mpapo No Nnya Ahenni No Nni

1. Wɔ nguanten ne mpapo no bɛ no mu no, ɔkwan bɛn so na Ɔhene no da ne ho adi kyerɛ wɔn a wɔde wɔn agyina ne benkum no?

NANSO su bɛn na na saa nnipa a wofi “amanaman nyinaa so” a wɔde wɔn toto “mpapo” ho, a wɔde wɔn gyina Ɔhene no nsa benkum no benya? Yesu toa ne bɛ a ɛfa nguanten ne mpapo ho no so se: “Ɛnna ɔbɛka akyerɛ wɔn a wɔwɔ benkum no nso sɛ: Mo a wɔadome mo, mumfi me so nkɔ daa ogya a wɔasiesie ama ɔbonsam ne n’abɔfo no mu! Na ɔkɔm dee me, na moamma me biribi manni, osukɔm dee me, na moamma me biribi mannom; meyɛɛ ɔhɔho, na moamfa me ankɔ mo fi, medaa adagyaw, na moamfura me ntama; meyaree na medaa afiase, na moammɛhwɛ me.”​—Mateo 25:41-43.

2. Dɛn na ‘nnome’ ase a wɔn a wɔte sɛ mpapo no wɔ no kyerɛ ma wɔn?

2 Ɔhene Yesu Kristo da no adi sɛ nnipa a wɔte sɛ “mpapo” no anyɛ nneɛma ahorow a “nguanten” kuw no yɛe no. Esiane eyi a wɔanyɛ nti na ɔka kyerɛ wɔn sɛ womfi ne so nkɔ no. Ɔmpɛ wɔn sɛ asase so mma wɔ ne mfirihyia apem ahenni no mu. Wɔyɛ nnipa a “wɔadome” wɔn. Wɔwɔ ɔsoro nnome ase mmom sen sɛ anka wɔbɛba nhyira a nnipa a wɔte sɛ nguanten no nya fi Ɔhene no soro Agya hɔ no ase. Eyi kyerɛ sɛ ɔsoro atemmu, sɛnea wɔaka ho asɛm ato hɔ wɔ Bible nkɔmhyɛ ahorow mu no, de nneɛma bɔne ahorow bɛba wɔn so. Wɔwɔ ɔsoro nnome ase, na nsiesiei biara nni hɔ a wɔde beyi saa nnome no afi wɔn so sɛnea na ɛte wɔ ɔhonam fam Yudafo twetiafo a na wɔwɔ Yehowa Mmara apam a ɔne wɔn yɛe no nnome ase no. (Galatifo 3:13) Wɔadome wɔn, sɛnea wɔayɛ Satan ɔbonsam ne n’abɔfo a wɔyɛ adaemone no. Enti, wɔfata daakye a enni awiei te sɛ ɔbonsam ne n’abɔfo de no​—“daa ogya a wɔasiesie ama ɔbonsam ne n’abɔfo no.”

3. (a) Dɛn na Kristoman asɔre ahorow no ka sɛ “ogya a wɔasiesie ama Ɔbonsam ne n’abɔfo” no kyerɛ ma “mpapo” no? (b) Dɛn na Adiyisɛm no ankasa kyerɛkyerɛ mu sɛ ‘ɔtare a ogya ne sufre dɛw mu’ no kyerɛ?

3 So eyi kyerɛ ayayade a wɔyɛ wɔn daa anikan wɔ nea ɛte sɛ ogya mu wɔ atrae a aniwa nhu hɔ (honhom atrae) , faako a Satan ne n’abɔfo a wɔyɛ adaemone wɔ no? Eyi ne nea Kristoman nyamesom asɔre ahorow no akyerɛkyerɛ wɔ mfehaha pii mu. Wɔbɛdan akɔ Adiyisɛm 20:10 sɛ nea wɔde gyina wɔn nkyerɛkyerɛ no akyi, efisɛ wɔ saa nkyekyem no mu wɔ Bible mu no wɔakyerɛw sɛ: “Na ɔbonsam a ɔdaadaa wɔn no, wɔtow no kyenee ogya ne sufre tare no mu, nea aboa no ne atoro diyifo no wɔ, na wɔbɛyɛ wɔn ayayade awia ne anadwo daa daa.” Nanso, sufre nni honhom atrae hɔ, faako a Satan ne n’abɔfo no wɔ no. Ɛda adi sɛ asɛm no yɛ sɛnkyerɛnne kwan so de, sɛnea “aboa no” ne “atoro diyifo” no te no ara. Enti “ogya ne sufre tare” no yɛ dɛn ho sɛnkyerɛnne? Ti koro no ara nkyekyem dunan kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na wɔtow owu ne asaman kyenee ogya tare no mu; eyi ne owuprenu no.” Adiyisɛm 21:8 tĩ saa nkyerɛkyerɛmu a ɛfa “ɔtare a ogya ne sufre dɛw mu” no mu sɛ: “Ɛne owuprenu no.”

4. Ɔkwan bɛn so na eyi ne Hebrifo 2:14 hyia wɔ nea wɔbɛyɛ Ɔbonsam no ho?

4 Eyi ne asɛm a emu da hɔ pefee wɔ Hebrifo 2:14, a ɛnka no sɛnkyerɛnne kwan so no hyia sɛ: “Enti sɛ mma no anya ɔhonam ne mogya koro no bi no, saa ara na ɔno [Yesu] nso faa mu bi, sɛ ɔnam owu so betu nea ɔwɔ owu tumi a ɔne ɔbonsam no.” Wɔ Onyankopɔn bere a ɛsɛ mu no Yesu a owui nanso mprempren wɔanyan no na wɔahyɛ no anuonyam no “betu” Satan Ɔbonsam; kyerɛ sɛ ɔbɛsɛe saa ɔbɔnefo ne owudifo no. Ɔno na ɔbɛsɛe Ɔbonsam. Yesu a opiraa no, a ɔne Onyankopɔn “ɔbea” no “aseni” titiriw no ne nea Onyankopɔn apaw no sɛ ɔmmɔ ɔwɔ no ti.​—Genesis 3:15; Romafo 16:20.

5. (a) Enti dɛn ne “daa ogya” a wɔde retwɛn Ɔbonsam ne n’abɔfo a emu na wɔde kuw a wɔte sɛ mpapo no kɔ no? (b) Dɛn nti na bɔne a mpapo no nyɛ Kristo nuanom no tee no mma wɔnyɛ wɔn a wonni afa biara?

5 Enti, “owuprenu” no ne nea wɔde retwɛn Ɔbonsam ne n’abɔfo no, na daa ɔsɛe koro yi ara a wɔde “daa ogya” yɛ ho mfonini no mu na nnipa a wɔyɛ “mpapo” asoɔdenfo kuw no fi Ɔhene Yesu Kristo anim kɔ. Ɔrebu eyinom atɛn no, Ɔhene no nka sɛ wɔtaa ne honhom mu “nuanom” no tẽe na wopiraa wɔn ankasa. Ɛwom mpo sɛ wɔannya Kristo “nuanom” no ho adwempa de, nanso ná wɔregyina ɔbonsam ne n’abɔfo no afã. Bere a na Yesu wɔ asase so sɛ onipa a ɔyɛ pɛ a ɔreka Onyankopɔn Mesia ahenni no ho asɛmpa no, ɔkae sɛ: “Nea ɔnka me ho no, na ɔne me anya; na nea ɔne me mmoaboa ano no, na ɔhwete mu.” (Mateo 12:30) Ɔbonsam nni Yesu afã, na enti nnipa a wɔte sɛ mpapo a wɔnyɛ biribiara mmoa ɔhene Yesu Kristo a ɔredi tumi no ne no anya, na wɔwɔ Ɔbonsam afã. Adantam gyinabea biara nni hɔ wɔ Kristo ba a waba anaasɛ parousia bere no mu.

6. Dɛn ne nea wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde beyi wɔn ho ano a ɛda adi wɔ mmuae a “mpapo” no de maa Ɔhene Yesu no mu?

6 Ebia nnipa a wɔte sɛ mpapo no bɛbɔ mmɔden ayi wɔn ho ano aka sɛ, sɛ wohuu Yesu Kristo ankasa wɔ nipadua mu a ɔwɔ ahokyere a ɛte sɛɛ mu sɛnea ɔkyerɛ no a, anka wɔbɛba abɛboa no. Sɛɛ mmɔden a wɔbɛbɔ sɛ wobeyi wɔn ho ano yi da adi wɔ mmuae a wɔde ma ɔhene no mu. “Ɛnna wɔn nso bebua sɛ: Awurade, da bɛn na yehuu wo sɛ ɔkɔm dee wo, anaasɛ osukɔm dee wo, anaasɛ woyɛɛ ɔhɔho, anaasɛ wodaa adagyaw, anaasɛ woyaree, anaasɛ wodaa afiase, na yɛammɛsom wo?”​—Mateo 25:44.

7. Dɛn nti na hu a wɔn a wɔte sɛ mpapo no behu Yesu no renyɛ nea esi so dua sɛ anka wɔbɛsom no na wɔde mmoa ama no?

7 Nanso, hu a wobehu no wɔ ɔhonam mu na wɔahu onipa ko a ná ɔyɛ no renyɛ nea esi so dua sɛ wɔbɛsom no na wɔde mmoa ama no. Mfeha dunkron a atwam ni no na Yesu Kristo wɔ ɔhonam mu a wohu no ankasa a na ɔreyɛ adwuma a Onyankopɔn adi kan ahyira so ama Mesia no, nanso Yesu ankasa nkurɔfo, ɔhonam fam Yudafo no fã kɛse no ara ansom ɔno anaa n’asomafo dumien no. Mmom, wɔ Roma amrado, Pontio Pilato anim no, wɔteɛm sɛ wonkum Yesu wɔ asɛndua so, anaasɛ wokogyinaa wɔn a wogyee asɛyɛde no too wɔn ho so tẽe kum no yayaaya no afã. Saa ara na nnipa a wɔte sɛ mpapo a wɔwɔ hɔ nnɛ bere yi no ntumi nyi wɔn ho ano sɛ na wonnim, efisɛ wɔanhu no tẽe bere a wɔpowee sɛ wɔde mmoa a ɛfa ne ho bɛma no.

8. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ ebia wowɔ obi afa anaasɛ wunni n’afã bere a onii nni hɔ nanso ɔwɔ ɔnanmusifo bi ankasa wɔ hɔ no?

8 Ɛnsɛ sɛ obi hu onipa foforo bi anim ankasa ansa na wasi gyinae sɛ ɔbɛboa no anaasɛ ɔremmoa no. Ɛho nhia sɛ obi hu onipa foforo sɛ ogyina n’anim ansa na wakyerɛ sɛ ɔwɔ onii no afã anaasɛ onni n’afã. Obi betumi asi gyinae na wakyerɛ ne gyinabea wɔ onii no ho denam sɛnea ɔyɛ n’ade wɔ obi a ɔyɛ n’ananmusifo ho no so. Ɔnanmusifo no da ne ho adi sɛ ogyina onipa a onni hɔ a nea ɔne no rekasa anaasɛ ɔne no redi no ntumi nhu n’anim no ananmu. Eyi ma onipa no tumi si gyinae sɛ ebia ɔpɛ sɛ ɔboa anaasɛ dabi, sɛ ɔbɛdom no anaasɛ dabi, sɛ obegyina onipa a n’ananmusifo gyina n’anim a ohu no no afã anaasɛ ɔbɛsɔre atia no. Wɔ saa kwan yi so no onipa no da ne suban adi na eyi ne nea ɛho hia onipa a onni hɔ, onii a wonhu no no, te sɛ nea na ɔno ankasa wɔ hɔ.

9, 10. Ɔkwan bɛn so na Yesu kaa eyi ho asɛm wɔ ɛbɛ no mu denam sɛnea Ɔhene no bua wɔn a wɔte sɛ mpapo wɔ ne benkum so no so?

9 Eyi ne nea Yesu ka ho asɛm bere a ɔkyerɛ sɛnea ɔhene no bua “mpapo” a wɔwɔ ne benkum a woyi wɔn ho ano wɔ ne bɛ no mu no:

10 “Ɛnna obebua wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ, sɛ́ moanyɛ amma nketewaa yi mu biako yi, moanyɛ amma me.”​—Mateo 25:45.

11. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔne Kristo honhom mu anuanom no bɔ no bu nea ɔyɛ ketewaa wɔ wɔn mu no mpo animtiaa?

11 Enti, otitiriw a ebia Kristo honhom mu “nuanom” no bi nyɛ no mfa ho. Ɛwom sɛ ɔne wɔn mu ketewaa de, nanso ɔyɛ Ɔhene Kristo ‘nua,’ na ɔyɛ Onyankopɔn ba a wɔde honhom awo no, a ɔyɛ Onyankopɔn ɔdedifo ankasa ne Kristo yɔnkodifo. (Romafo 8:17) Eyi ne aniberesɛm a ɛwɔ asɛm no mu. Kristo honhom mu “nuanom” no bi nni hɔ a ɔyɛ kɛse, otitiriw, nea wagye din wɔ wiase yi mu, sɛ́ wɔ amammuisɛm mu anaasɛ anyamesom mu asɔfodi wɔ Kristoman mu mu, efisɛ Kristo “nuanom” ankasa no mfi wiase, sɛnea na n’ankasa mfi wiase no. (1 Korintofo 1:26-31; Yohane 15:19; 17:14, 16) Nanso eyi nyɛ nea enti ɛsɛ sɛ saa nnipa a wɔte sɛ mpapo no bu wɔn animtiaa. Ɛsɛ sɛ wobu wɔn, esiane nea wogyina n’ananmu ne Bible mu asɛm a wɔrebɔ no dawuru no nti. Sɛ wɔammu wɔn wɔ saa ntease titiriw yi mu a, ɛnde na wɔn a wonni obu no da no adi sɛ wommu eyinom Nua a ɔwɔ soro no nso.

12. (a) Dɛn nti na “mpapo” no yɛ nyaatwom sɛ wɔfrɛ Ɔhene no “Awurade”? (b) Dɛn nti na wontumi nyi wɔn ho ano sɛ na wonnim wɔn a wɔyɛ Ɔhene “nuanom” no, fi Wiase Ko I awiei?

12 O, yiw, ebia nnipa a woyi wɔn ho ano a wɔte sɛ mpapo no bɛfrɛ Ɔhene Yesu Kristo sɛ “Awurade,” nanso ɛno yɛ nyaatwom kwan so ɔfrɛ ara kwa wɔ wɔn fam. Sɛ wogyee no toom ankasa sɛ wɔn “Awurade” a, anka wɔrempow sɛ wɔde mmoa bɛma ne honhom mu “nuanom” no, a nea ɔyɛ “anuanom” yi mu ketewaa mpo ka ho. Saa “anuanom” yi ankyinkyin a wɔasakra wɔn ho ayɛ te sɛ wɔn a wotie ɔman bi so nsɛm de kɔ ɔman foforo so anaasɛ te sɛ wɔn a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔde anifere bedidi nnipa no ho. Titiriw fi bere a Wiase Ko I baa awiei wɔ 1918 mu ne wɔn baguam dwumadi ahorow a wɔsan fii ase wɔ afe 1919 mu no, Kristo honhom mu nuanom nkaefo no akɔ so adi ne nkɔmhyɛ ahyɛde no so: “Na wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mateo 24:14) Wɔabɔ Kristo ba a waba anaasɛ parousia a aniwa ntumi nhu wɔ ne soro ahenni a wɔde asi hɔ no mu ho dawuru. Titiriw fi afe 1926 mu no wɔakɔ so ada Ɔhene Yesu Kristo soro Agya no din adi ara ma mpo wogyee edin “Yehowa Adansefo” no too wɔn ho so wɔ afe 1931 mu. Enti anoyi biara nni hɔ sɛ wonnim nnipa kõ a wɔyɛ.

13. (a) So ɛyɛ nnipa ko ankasa a Kristo “nuanom” no yɛ nti na “mpapo” no pow sɛ wobɛboa wɔn? (b) Dɛn nti na “mpapo” no nya Onyankopɔn nnome mmom sen sɛ wobenya ne nhyira?

13 Enti, sɛnkyerɛnne kwan so “mpapo” no pow sɛ wɔde mmoa bɛma eyinom ɛbere a ɔkɔm ne osukɔm ankasa de wɔn, wɔda adagyaw, wonni baabi te, wɔyare anaasɛ wɔda afiase ankasa a ɛnyɛ nnipa kõ a saa Kristo honhom mu “nuanom” no yɛ ankasa nti. Dabi, nanso sɛ wɔantaa wɔn tẽe esiane nea eyinom gyina n’ananmu no nti mpo a, wɔmmoa wɔn. Asɛm bi wɔ mu, na “mpapo” no si gyinae a nyansa wom wɔ asɛm yi ho! Saa asɛm yi a wɔde si “mpapo” no anim denam Kristo “nuanom” yi asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no so no ne ɔkwan a Ɔhene Yesu Kristo a ɔwɔ hɔ a aniwa ntumi nhu no no nam so paapae “mpapo” no mu fi “nguanten” no ho nnɛ, titiriw efi afe 1935 reba. Adantam gyinabea biara nni hɔ wɔ asɛm a ɛfa amansan nyinaa ho yi mu. Sɛ́ wogyina Yehowa Mesia ahenni a ɛwɔ Awurade Yesu Kristo nsam no afã anaasɛ wɔsɔre tia. “Mpapo” no sɔre tia. Wɔ eyi mu no wɔrentumi nnya Kristo soro Agya no nhyira. Nea ɛwɔ hɔ a wobenya ara ne Ne nnome, nea ɛbɔ Ne nhyira abira.

BERE A “MPAPO” NO FI KƆ WƆN AHOYERAW MU

14, 15. (a) Bere bɛn na “mpapo” no bɛkɔ “daa ogya a wɔasiesie ama Ɔbonsam ne n’abɔfo” no mu? (b) Ɔkwan bɛn so na Paulo yɛ ade koro no ara a wɔde bɛsɛe wɔn no ho mfonini wɔ 2 Tesalonikafo 1:7-10?

14 Yesu kyerɛ sɛ nea ɛwɔ hɔ ma saa sɛnkyerɛnne kwan so “mpapo” a wɔwɔ ne benkum a wɔadome wɔn yi ne “ogya a wɔasiesie ama ɔbonsam ne n’abɔfo no.” Wɔamfa mmoa biara amma Onyankopɔn Mesia ahenni no na enti wɔada wɔn ho adi sɛ wɔyɛ wiase a Satan Ɔbonsam ne ne “sodifo” a aniwa nhu no no fã. (Yohane 12:31; 14:30; 16:11) Wɔbɛsɛe saa wiase bɔne a ɛwɔ Satan Ɔbonsam ase yi wɔ “ahohiahia kɛse” a ɛwɔ yɛn anim pɛɛ no mu. “Mpapo” no bɛkɔ “ogya,” a ɛkyerɛ ɔsɛe mu bere a wowura saa “ahohiahia kɛse a efi wiase asefi de besi nnɛ ebi mmae da nanso ɛremma da” a ɛbɛba no mu no. (Mateo 24:21; Marko 13:19) Wɔpow sɛ wɔbɛpene so, agye atom sɛ Onyankopɔn ne Yehowa, a ne din da adi mpɛn mpempem pii wɔ Kyerɛw Kronkron no Hebri kyerɛwnsɛm a efi honhom mu no mu no, na wɔpow sɛ wobedi asɛmpa a ɛfa Awurade Yesu Kristo ho no so anaasɛ wɔde bɛyɛ adwuma Wɔ Kristo a ɔwɔ hɔ a aniwa ntumi no no ahoɔden ne tumi ahoyi mu wɔ “ahohiahia kɛse” no mu no, “mpapo” no behu nea ɔsomafo Paulo ka too hɔ wɔ 2 Tesalonikafo 1:7-10 no:

15 “Wobeyi Awurade Yesu adi afi soro, ne ne tumi abɔfo, ogyaframa mu, na wadi wɔn a wonnim Nyankopɔn ne wɔn a wɔantie yɛn Awurade Yesu asɛmpa no were. Wɔn na wobenya akatua, daa ɔsɛe, afi Awurade anim ne n’ahoɔden anuonyam ho, ɛbere a ɔbɛba sɛ wɔnhyɛ no anuonyam n’ahotefo mu,”​—ne honhom mu “nuanom.”

16. Ɔde ɛbɛ no reba awiei no, Yesu se “mpapo” no fi kɔ dɛn mu, na “nguanten” no kɔ dɛn mu?

16 Enti nea Yesu ka siei wɔ ne bɛ a ɛfa “nguanten” ne “mpapo” ho no mu nsɛm a etwa to no mu, a ɛno na ɛde Yesu nkɔmhyɛ a ɛfa ne ba a waba anaasɛ parousia no ho “sɛnkyerɛnne” no ba awie, sɛnea Mateo amanneɛbɔ no kyerɛ no nya mmamu wɔ sɛnkyerɛnne kwan so “mpapo” no ho: “Na eyinom befi hɔ akɔ daa ahoyeraw mu; na nnipa trenee no bɛkɔ daa nkwa mu.”​—Mateo 25:46.

17. Dɛn nti na “mpapo” no daa ahoyeraw no nkyerɛ ayayade a wɔyɛ wɔn daa anikan wɔ honhom atrae bi a aniwa nhu hɔ?

17 Mommma yɛnnyɛ mfomso wɔ nea ɛba sɛnkyerɛnne kwan so “mpapo” a wɔwɔ ɛbɛ no mu so no ho. Yesu nka sɛ “eyinom befi hɔ” akɔ daa ayayade mu anikan wɔ honhom atrae bi a aniwa nhu hɔ. Sɛ eyinom behu amane daa anikan wɔ ɔkwan bi so a na ɛsɛ sɛ wonya daa nkwa, efisɛ nkwa nni hɔ a, sɛ wɔyɛ wɔn ayayade o, wonya anigye o, wɔrente. Yesu ka no pefee sɛ ɛyɛ sɛnkyerɛnne kwan so nguanten, “nnipa trenee,” no nko na wɔkɔ “daa nkwa mu.” Enti “daa ahoyeraw” a “mpapo” a wɔnteɛ no fi kɔ mu no bɔ “daa nkwa” a “nguanten” a wɔteɛ no nya no abira ankasa, a ɛne daa owu. Esiane sɛ saa owu yi tra hɔ daa nti, ɛyɛ ‘daa asotwe.’ Saa ara na bere a nnɛyi asase so asɛnnibea bi de owu afobu twe obi a ada adi sɛ ɔyɛ ɔbɔnefo aso no, kum a wokum saa ɔbɔnefo no yɛ ‘daa asotwe.’ Ɛnkyerɛ daa ayayade a wɔyɛ ɔbɔnefo no. Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn nkutoo na obetumi ama saa daa asotwe no aba awiei denam wɔn a wɔnteɛ a obenyan wɔn so. Asase so asɛnnibea ntumi nyɛ saa.​—Asomafo no Nnwuma 24:15.

18. Diaglott ne New World Translation no kyerɛ Hela asɛmfua ma “ahoyeraw” no ase dɛn, na dɛn nti na saa nkyerɛase yi fata?

18 Nea ɛne saa Kyerɛwsɛm mu ntease a ɛwɔ asɛm no mu a nyansa wom no hyia no, The Emphatic Diaglott a Benjamin Wilson yɛe (1864 de) no kyerɛ Mateo 25:46 ase sɛnea edi so yi: “Na eyinom befi akɔ ɔsɛe a enni awiei mu, na nnipa trenee no bɛkɔ Nkwa a enni awiei mu.” The New World Translation of the Holy Scriptures (1971 de) no kenkan saa ara: “Na eyinom befi hɔ akɔ daa ɔsɛe mu, na nnipa trenee no akɔ daa nkwa mu.” Wɔ asɛmfua “ɔsɛe” ho no, saa nkyerɛase yi de nkyerɛkyerɛmu a edi so yi ma wɔ ase sɛ: “Ne nkyerɛase ankasa mu no, ‘ntwafihɔ’; enti wotwa so, wosiw ano. Hwɛ 1 Yohane 4:18.” Hwɛ fata a saa nkyerɛase yi fata, efisɛ “mpapo” a wɔnteɛ no daa owu a wonya no kyerɛ twa a wotwa wɔn kyene fi nkwa mu daa wɔ baabiara. Enti daa ayayade a wɔbɛyɛ wɔn anikan no yɛ nea entumi nyɛ yiye wɔ wɔn fam. Wɔsɛe wɔn, sɛnea wɔbɛyɛ ɔbonsam ne n’abɔfo a wɔyɛ adaemone no awiei koraa no. “Ahohiahia kɛse” no akyi no wɔbɛtow ɔbonsam ne n’abɔfo no akyene “bun” no mu. Nanso wɔ Kristo mfirihyia apem ahenni no akyi no, wobegyaa wɔn kakra ma wɔabɛsɔ adesamma a wɔasesɛw wɔn no ahwɛ, a ɛno akyi no wɔbɛsɛe wɔn korakora.

19. Ɔkwan bɛn so na “nguanten” kuw a wɔteɛ no benya wɔn akatua, sɛnea wɔada no adi wɔ Adiyisɛm 7:14 no?

19 Nnipa ‘atreneefo’ a wɔte sɛ nguanten, a wɔyɛ Kristo honhom mu “nuanom” no yiye kosi sɛ “ahohiahia kɛse” no pae gu no fam de, ɔhene Yesu Kristo bɛda wɔn ho anigye a ɔwɔ no adi saa bere no. (Mateo 25:34) Te sɛ Oguanhwɛfo pa wɔ ne “nguanten” ho no, ɔbɛbɔ wɔn ho ban wɔ “ahohiahia kɛse” no mu sɛnea ɛbɛyɛ a ebia wɔbɛkɔ mfirihyia apem a ɛyɛ n’ahenni nhyira bere no mu. Sɛnea wɔkae wɔ “nnipakuw kɛse” no ho wɔ Adiyisɛm 7:14 no, saa ara na wɔbɛka wɔ nnipa a wonya nkwa wɔ “ahohiahia kɛse” no mu a wɔte sɛ nguanten yi ho: “Eyinom ne wɔn a wofi ahohia kɛse no mu.”

20. Kristo mfirihyia apem ahenni no fi ase wɔ dɛn akyi pɛɛ, na, wɔ “nguanten” a wobenya nkwa no fam no, eyi hyɛ dɛn mfiase agyirae?

20 “Ahohiahia kɛse” no akyi pɛɛ no wobesiw “Ɔbonsam ne n’abɔfo” no ano te sɛ nea wɔakyekyere wɔn na wɔatow wɔn agu “ebun” a ɛyɛ afiase no mu. Afei ɔhene Guanhwɛfo, Yesu Kristo mfirihyia apem anuonyam ahenni no fi ase. Wɔn a wonya nkwa a wɔte sɛ nguanten, “nnipa trenee” no bɛba abɛyɛ Kristo mfirihyia apem ahenni no asase so mma asoɔmmerɛwfo. Afei wɔ nipadua ne adwene mu no wobefi ase ate Kristo ahenni no ɔsesɛw tumi no nka, na eyi bɛhyɛ ɔkwan a ɛde kɔ ɔdesani pɛyɛ mu daa daa no mfiase agyirae ama wɔn.

21. Henanom nkuranhyɛ titiriw mprempren nti na ɔde saa bɛ yi kaa ne nkɔmhyɛ a ɛfa “sɛnkyerɛnne” no ho no ho, na anidaso bɛn na ɛde si wɔn anim?

21 Sɛnea ɛbɛhyɛ nguanten kuw a ‘wɔteɛ’ no nkuran titiriw nti na Awurade Yesu Kristo de saa bɛ yi kaa nkɔmhyɛ a ɛfa “sɛnkyerɛnne” a ɛfa ne ba a waba ne nneɛma nhyehyɛe no awiei ho no ho. Anidaso a ɛyɛ anigye bɛn ara na saa bɛ yi de si wɔn a wɔyɛ Kristo honhom mu “‘nuanom” yiye nnɛ no anim sɛɛ yi! Kɔ a wɔkɔ so gyina pintinn wɔ saa papayɛ yi mu no bɛbɔ kwan ama wɔn ma wɔate asɛm a ɔhene no de ma wɔn akwaaba no: “Mo a m’agya ahyira mo, mommra mmɛfa ahenni a wɔasiesie ama mo fi wiase asefi mu no nni.”​—Mateo 25:34.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena