Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 8/15 kr. 10-15
  • Ɛsɛ Sɛ Yehowa Yɛ Yɛn Ahotoso

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛsɛ Sɛ Yehowa Yɛ Yɛn Ahotoso
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ahotoso a Egyina Nimdeɛ ne Adamfofa So
  • Wɔn a Yehowa Paw Wɔn no Mu Ahotoso a Yebenya
  • Kwati sɛ Wubenwiinwii Wɔ Wɔn a Yehowa Paw Wɔn no Ho
  • Teɛ a Yehowa Teɛ Mu Ahotoso a Yɛbɛda no Adi
  • Momma Yɛnhyɛ Teɛ A Onyankopɔn Teɛ Mu Ahotoso A Yɛwɔ No Mu Den
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Yebetumi Anya Afoforo Mu Ahotoso Bio!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • ‘Yɛnam Gyidi Mu, Ɛnyɛ Nea Yehu Mu’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Yehowa Akwan A Yebesua Ahu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 8/15 kr. 10-15

Ɛsɛ Sɛ Yehowa Yɛ Yɛn Ahotoso

“Yehowa ankasa bɛyɛ w’ahotoso.”—MMEBUSƐM 3:26, NW.

1. Ɛwom sɛ nnipa pii kyerɛ sɛ wɔwɔ Onyankopɔn mu ahotoso de, nanso dɛn na ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na wɔyɛ saa?

WƆAKYERƐW asɛm “Onyankopɔn na Yɛde Yɛn Ho To No So” agu United States of America sika so. Nanso so wɔn a wodi sika yi wɔ saa man no mu ne mmeae foforo no nyinaa de wɔn ho to Onyankopɔn so ampa? Anaasɛ so sika no ankasa na wɔwɔ mu ahotoso kɛse? Yentumi mfa ahotoso a yebenya wɔ saa ɔman no sika anaa ɔman foforo de mu no ntoto ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ a ɔmfa ne tumi nni dwuma kwammɔne so, na ɔnyɛ odifudepɛfo no mu ahotoso ho da. Nokwarem no, ɔkasa tia adifudepɛ pefee.—Efesofo 5:5.

2. Su bɛn na nokware Kristofo da no adi wɔ tumi a ahonyade wɔ no ho?

2 Nokware Kristofo de wɔn ho to Onyankopɔn so, na ɛnyɛ ahonyade “nnaadaa” so. (Mateo 13:22) Wohu sɛ tumi a sika wɔ sɛ ɛbɛma wɔanya anigye kɛse na akora wɔn nkwa so no sua koraa. Ade Nyinaa So Tumfoɔ Nyankopɔn tumi no nte saa. (Sefania 1:18) Ne saa nti, hwɛ nyansa a ɛwɔ afotusɛm yi mu: “Mommma sikanibere mmma mo abrabɔ mu, na mompene nea mowɔ; efisɛ ɔno ankasa aka sɛ: Merennyaw wo, nanso merempa wo da”!—Hebrifo 13:5.

3. Ɔkwan bɛn so na Deuteronomium 31:6 mu nsɛm ma yehu nea enti a Paulo fa kaa asɛm no?

3 Bere a ɔsomafo Paulo rekyerɛw nsɛm a ɛwɔ atifi hɔ no akɔma Hebrifo Kristofo no, ɔfaa ahyɛde a Mose de maa Israelfo bere tiaa bi ansa na ɔrewu no mu asɛm kae sɛ: “Monyɛ den na monyɛ nnam, munnsuro na mommma wɔn ho nnyɛ mo hu, efisɛ [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn no, ɔno na ɔne wo nam; ɔrempa wo na ɔrennyaw wo.” (Deuteronomium 31:6) Nsɛm no kyerɛ sɛ na Mose rehyɛ Yehowa mu ahotoso a ɛkɔ akyiri sen honam fam ahiade ahorow ara kwa a wobenya ho nkuran. Ɔkwan bɛn so?

4. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn maa Israelfo hui sɛ wobetumi de wɔn ho ato no so?

4 Wɔ mfirihyia 40 a Israelfo de wɔɔ ntwɛtwɛdɛ wɔ sare so no mu no, Onyankopɔn dii wɔn nokware denam asetrade a ɔmaa wɔn nsa kae no so. (Deuteronomium 2:7; 29:5) Afei nso, ɔkyerɛɛ wɔn kwan. Ɔkwan biako a ɔfaa so yɛɛ eyi ne omununkum a edii Israelfo no anim awia ne ogya a edii wɔn anim anadwo, kɔɔ “asase a nufusu ne wo sen wɔ so” no. (Exodus 3:8; 40:36-38) Bere dui sɛ wɔhyɛn Bɔhyɛ Asase no so ankasa no, Yehowa paw Yosua sɛ onsi Mose ananmu. Ná ɛsɛ sɛ wɔhwɛ kwan sɛ asase no sofo no bɛko atia wɔn. Nanso na Yehowa ne ne man anantew mfe dudu pii ma enti na enhia sɛ wosuro. Ná Israelfo no wɔ biribiara a wobegyina so ahu Yehowa sɛ Onyankopɔn a wobetumi de wɔn ho ato no so!

5. Ɔkwan bɛn so na tebea a Kristofo wom nnɛ no te sɛ nea na Israelfo no wom ansa na wɔrehyɛn Bɔhyɛ Asase no so no?

5 Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ no nam mprempren nhyehyɛe bɔne yi sare so rekɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu. Wɔn mu binom afa saa kwan yi so bɛboro mfirihyia 40 ni. Ɛnnɛ, wogyina Onyankopɔn wiase foforo no hye so. Nanso atamfo da so ara siw wɔn kwan, a wɔpɛ sɛ wosiw obiara kwan na wanhyɛn nea ɛbɛyɛ te sɛ Bɔhyɛ Asase, a ɛwɔ anuonyam sen tete de no a ɛwo ne nufusu sen wɔ so no so. Enti hwɛ sɛnea Mose nsɛm a Paulo tii mu yi fata ma Kristofo nnɛ: “Merennyaw wo, nanso merempa wo da”! Wɔn a wɔda so ara yɛ den na wɔwɔ akokoduru, a gyidi ahyɛ wɔn ma, na wɔwɔ Yehowa mu ahotoso no wɔ awerɛhyem sɛ wobenya akatua.

Ahotoso a Egyina Nimdeɛ ne Adamfofa So

6, 7. (a) Dɛn na ɛsɔɔ ahotoso a na Abraham wɔ wɔ Yehowa mu no hwɛe? (b) Ɛbɛyɛ sɛ Abraham tee nka dɛn bere a na ɔrekɔ faako a ɔde Isak rekɔbɔ afɔre no?

6 Eduu bere bi no, wɔhyɛɛ Israelfo no nana Abraham sɛ ɔmfa ne babarima Isak nkɔbɔ ɔhyew afɔre. (Genesis 22:2) Dɛn na ɛmaa agya a ɔwɔ ɔdɔ yi tumi nyaa Yehowa mu ahotoso pintinn araa ma enti onyaa ɔpɛ ntɛm ara sɛ ɔbɛyɛ osetie no? Hebrifo 11:17-19 ma mmuae sɛ: “Gyidi nti na wɔsɔɔ Abraham hwɛe no, ɔde Isak kɔbɔɔ afɔre, na nea ogyee bɔhyɛ no de ne ba koro no kɔmae. Ɔno na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Isak mu na wɔbɛfrɛ w’asefo. Osusuwii sɛ Onyankopɔn betumi anyan no afi awufo mu po; ɛhɔ nso na onyaa no bio, wɔ mfatoho mu.”

7 Kae sɛ egyee Abraham ne Isak nnansa ansa na wɔredu faako a wɔrekɔbɔ afɔre no. (Genesis 22:4) Ná Abraham wɔ bere pii a obetumi de asesa n’adwene wɔ nea na wɔaka akyerɛ no sɛ ɔnkɔyɛ no ho. So yebetumi ayɛ ne nsusuwii ne ne nkate ho mfonini wɔ yɛn adwenem? Isak awo no ma wonyaa anigye a na wɔnhwɛ kwan koraa. Saa adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn de ne ho gyee nsɛm mu no maa abusuabɔ a na ɛda Abraham ne ne yere Sara a kan na ɔyɛ obonini, ne Onyankopɔn ntam no mu yɛɛ den. Akyinnye biara nni ho sɛ ɛno akyi no, wɔtraa ase hwɛɛ nea na ɛbɛba Isak ne n’asefo so daakye kwan. So na anidaso no reba awiei mpofirim esiane sɛnea nea Onyankopɔn rebisa afei no rema ayɛ no nti?

8. Ɔkwan bɛn so na ahotoso a na Abraham wɔ wɔ Onyankopɔn mu no kɔ akyiri sen gye a na ogye di sɛ Obetumi anyan Isak no?

8 Ne nyinaa akyi no, na Abraham da so ara wɔ ahotoso a na egyina sɛnea nnamfo paa nim wɔn ho wɔn ho no so. Sɛ́ ‘Yehowa adamfo’ no, Abraham “gyee [Yehowa, NW] dii, na wobuu ɛno trenee maa no.” (Yakobo 2:23) Ahotoso a na Abraham wɔ wɔ Yehowa mu no kɔɔ akyiri sen gye a na ogye di kɛkɛ sɛ Onyankopɔn betumi anyan Isak no. Ɛwom sɛ na Abraham nnim nokwasɛm no nyinaa de, nanso na ogye di nso sɛ nea na Yehowa rehwehwɛ afi ne nkyɛn no teɛ. Ná onni biribiara a obegyina so abisa teɛ a ɛteɛ sɛ Yehowa hwehwɛ saa ade yi. Afei bere a Yehowa bɔfo de ne ho gyee nsɛm mu a enti wankum Isak amfa ammɔ afɔre no, Abraham ahotoso mu bɛyɛɛ den.—Genesis 22:9-14.

9, 10. (a) Bere bɛn na na Abraham adi kan ada Yehowa mu ahotoso adi? (b) Ade titiriw bɛn na yebetumi asua afi Abraham hɔ?

9 Ná Abraham ada teɛ a Yehowa teɛ mu ahotoso a ɛte saa ara adi bɛyɛ mfirihyia 25 a na atwam no. Bere a wɔbɔɔ no kɔkɔ sɛ wɔbɛsɛe Sodom ne Gomora no, na ɛnyɛ nwonwa sɛ osusuw atreneefo biara a na wɔte hɔ a na ne wɔfase Lot nso ka ho no ho. Abraham nam nsɛm yi so srɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Eyi mpare wo sɛ wubedi saa asɛm yi, sɛ wubekum ɔtreneeni ne ɔbɔnefo afra, na ɔtreneeni ayɛ sɛ ɔbɔnefo; eyi mpare wo. Nea obu asase nyinaa atɛn no remmu atɛntrenee anaa?”—Genesis 18:25.

10 Ná agya panyin Abraham gye di sɛ Yehowa nyɛ ade a ɛnteɛ biara da. Akyiri yi odwontofo no too dwom sɛ: “[Yehowa, NW] teɛ, n’akwan nyinaa mu, na ɔyɛ adɔe ne nnwuma nyinaa mu.” (Dwom 145:17) Eye sɛ yebisa yɛn ho sɛ: ‘So migye nea Yehowa ma kwan ma ɛto me no tom a m’adwenem nyɛ me naa wɔ teɛ a ɔteɛ ho? Migye di sɛ biribiara a ɔma ho kwan no so bɛba me ne afoforo mfaso?’ Sɛ yebetumi abua yiw a, ɛnde na yɛasua biribi titiriw afi Abraham hɔ.

Wɔn a Yehowa Paw Wɔn no Mu Ahotoso a Yebenya

11, 12. (a) Dɛn mu ahotoso na ɛho abehia sɛ Onyankopɔn asomfo nya? (b) Dɛn na ɛtɔ mmere bi a ebetumi ayɛ asɛnnennen ama yɛn?

11 Wɔn a wɔde Yehowa yɛ wɔn ahotoso no nso nya nnipa a Yehowa paw wɔn de di n’atirimpɔw ho dwuma no mu ahotoso. Wɔ Israelfo no fam no, na eyi kyerɛ sɛ wobenya Mose ne Yosua a obesii n’ananmu akyiri yi no mu ahotoso. Wɔ tete Kristofo fam no, na ɛkyerɛ sɛ wobenya asomafo no ne mpanyimfo a na wɔwɔ Yerusalem asafo no mu no mu ahotoso. Yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ no nso, ɛkyerɛ sɛ yebenya “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” a wɔapaw wɔn sɛ wɔmma yɛn honhom fam “aduan ɛbere a ɛsɛ mu,” ne afei nso wɔn a wofi wɔn mu a wɔbom yɛ Sodikuw no mu ahotoso.—Mateo 24:45.

12 Nokwarem no, ahotoso a yebenya wɔ wɔn a wodi anim wɔ Kristofo asafo no mu mu no yɛ mfaso ma yɛn ankasa. Wɔka kyerɛ yɛn sɛ: “Muntie mo mpanyimfo na mommrɛ mo ho ase mma wɔn, efisɛ wɔn na wɔwɛn mo kra sɛ wɔn a wobebu ho akontaa, na wɔde anigye ayɛ, na ɛnyɛ ahomegu; efisɛ eyi nyɛ mfaso bi mma mo.”—Hebrifo 13:17.

Kwati sɛ Wubenwiinwii Wɔ Wɔn a Yehowa Paw Wɔn no Ho

13. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya wɔn a wɔapaw wɔn sɛ wonni anim no mu ahotoso?

13 Bible no boa yɛn ma yɛkari pɛ wɔ nya a yebenya wɔn a wodi anim wɔ Yehowa nkurɔfo mu no mu ahotoso mu. Ebia yebebisa yɛn ho sɛ: ‘So Mose dii mfomso pɛn? So asomafo no daa Kristo su a na Yesu pɛ sɛ wonya no adi bere nyinaa?’ Mmuae no da adi pefee. Yehowa apaw sɛ ɔde mmarima anokwafo a wɔwɔ ahofama bedi dwuma de akwankyerɛ ama ne nkurɔfo ɛmfa ho sɛ wɔyɛ mmarima a wɔnyɛ pɛ no. Saa ara na ɛmfa ho sɛ mpanyimfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no nyɛ pɛ no, ɛsɛ sɛ yebu wɔn sɛ ‘wɔn a honhom kronkron apaw wɔn sɛ wɔnhwɛ Onyankopɔn asafo so.’ Ɛfata sɛ yɛboa wɔn na yedi wɔn ni.—Asomafo no Nnwuma 20:28.

14. Dɛn na ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow wɔ paw a Yehowa paw Mose sɛ ɔkannifo na ɛnyɛ Aaron anaa Miriam no ho?

14 Ná Aaron sen Mose panyin mfe abiɛsa, nanso na wɔn nuabea Miriam anyin sen wɔn baanu nyinaa. (Exodus 2:3, 4; 7:7) Na esiane sɛ na Aaron ano atew sen Mose nti, wɔpaw no sɛ ɔnyɛ ne nua no kasamafo. (Exodus 6:29–7:2) Nanso Yehowa ampaw Miriam a na wanyin sen wɔn nyinaa no, anaa Aaron a na n’ano atew no sɛ onni Israelfo no anim. Ogyinaa nokwasɛm ahorow a na onim ne nea na wohia saa bere no so paw Mose. Bere bi a na Aaron ne Miriam nnim eyi pefee no, wonwiinwii sɛ: “So Mose nko so na [Yehowa, NW] nam kasa, na ɔmfa yɛn so nso nkasa?” Wɔtwee Miriam a ɛda adi sɛ ɔno na ɔkɔfa bae no aso wɔ aniammɔho a ɔdaa no adi wɔ nea Yehowa paw no a na ɛsɛ sɛ ɔne Aaron gye tom sɛ “odwo pii sen nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa” no ho.—Numeri 12:1-3, 9-15.

15, 16. Ɔkwan bɛn so na Kaleb kyerɛe sɛ ɔwɔ Yehowa mu ahotoso?

15 Bere a wɔsomaa akwansrafo 12 sɛ wɔnkɔhwehwɛ Bɔhyɛ Asase no so no, wɔn mu 10 de amanneɛbɔ a enye bae. Wɔmaa Israelfo no koma tui denam Kanaanfo a wɔkaa wɔn ho asɛm sɛ wɔyɛ “abran ara nko” no so. Eyi maa Israelfo no “nwiinwii hyɛɛ Mose ne Aaron.” Nanso ɛnyɛ akwansrafo no nyinaa na wɔannya Mose ne Yehowa mu ahotoso. Yɛkenkan sɛ: “Na Kaleb dwudwoo ɔman no maa Mose, na ɔkae sɛ: Momma yɛnkɔ nkɔforo, na yɛnkɔfa asase no; na otumi de, yebetumi wɔn.” (Numeri 13:2, 25-33; 14:2) Kaleb yɔnko kwansrafo, Yosua, ne no yɛɛ adwene wɔ ne gyinabea pintinn no ho. Wɔn baanu nyinaa kyerɛe sɛ wɔde Yehowa ayɛ wɔn ahotoso bere a wɔkae sɛ: “Sɛ [Yehowa, NW] pɛ yɛn a, ɔde yɛn bedu asase no so na ɔde ama yɛn, asase a ɛsen nufusu ne ɛwo no. . . . Munnsuro asase no sofo no . . . [Yehowa, NW] di yɛn akyi, munnsuro wɔn.” (Numeri 14:6-9) Wonyaa Yehowa mu ahotoso yi so akatua. Kaleb ne Yosua ne Lewifo binom nkutoo na na wɔyɛ saa awo ntoatoaso no mufo a wɔanyinyin a wonyaa hokwan kɔɔ Bɔhyɛ Asase no so.

16 Mfe bi akyi no, Kaleb kae sɛ: “Na me de, midii [Yehowa, NW] me Nyankopɔn akyi miwiei. . . . Na afei hwɛ, [Yehowa, NW] ama matra ase sɛnea ɔkae no, mfirihyia aduanan anum yi, efi bere a [Yehowa, NW] kaa asɛm yi kyerɛɛ Mose, bere a Israel nam sare so no. Na afei, hwɛ, ɛnnɛ madi mfirihyia aduɔwɔtwe anum. Meda so mewɔ ahoɔden nnɛ ara, sɛnea mete da a Mose somaa me no; sɛnea m’ahoɔden te da no, saa ara na ɛte nnɛ.” (Yosua 14:6-11) Hyɛ Kaleb adwempa, ne nokwaredi, ne ahoɔden a na ɔwɔ no nsow. Nanso Yehowa ampaw Kaleb sɛ onsi Mose ananmu. Wɔde hokwan yi maa Yosua. Yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa nim nea enti a ɔpaw no, na na ɛyɛ nea ɛkyɛn so.

17. Dɛn na na ɛrema ayɛ sɛ na ɛmfata sɛ wɔde asɛyɛde hyɛ Petro nsa?

17 Ɔsomafo Petro paa ne Wura mprɛnsa. Afei nso na ɔde ahopere adi ne koko so asɛm atwa ɔsɔfo panyin akoa aso. (Mateo 26:47-55, 69-75; Yohane 18:10, 11) Ebia ebinom bɛka sɛ na Petro yɛ ohufo a ɔnkari pɛ, ma enti na ɔmfata sɛ wɔma no hokwan soronko ahorow bi. Nanso, hena na wɔde Ahenni no nsafe maa no a onyaa hokwan sɛ obebue ɔsoro frɛ hokwan ama kuw abiɛsa? Ɛyɛ Petro.—Asomafo no Nnwuma 2:1-41; 8:14-17; 10:1-48.

18. Mfomso bɛn na Yuda kaa ho asɛm a ɛsɛ sɛ yɛkwati?

18 Nhwɛso ahorow yi ma ɛda adi sɛ ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛannyina nea yɛn aniwa hu so ammu ntɛn. Sɛ yenya Yehowa mu ahotoso a, yɛn adwenem renyɛ yɛn naa wɔ wɔn a ɔpaw wɔn no ho. Ɛwom sɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ na wɔtɔ sin na wɔwɔ n’asase so asafo no mu de, nanso ɔde wɔn reyɛ adwuma ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so. Yesu nuabarima Yuda bɔɔ afeha a edi kan Kristofo no kɔkɔ wɔ ankorankoro a “wɔtew tumidi ahi, na wɔka anuonyamfo ho nsɛmmɔne” no ho. (Yuda 8-10) Mommma yɛnnyɛ sɛ wɔn da.

19. Dɛn nti na yenni biribiara a yebetumi agyina so anwiinwii wɔ wɔn a Yehowa apaw wɔn no ho?

19 Ɛda adi sɛ Yehowa paw nkurɔfo a wɔwɔ su pɔtee bi a ehia na wɔde akyerɛ ne nkurɔfo ɔkwan a ɔpɛ sɛ wɔfa so wɔ bere pɔtee bi mu ma wodi asɛyɛde ahorow bi ho dwuma. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden gye nokwasɛm yi tom, a yennwiinwii wɔ wɔn a Onyankopɔn paw wɔn no ho, na mmom yɛbɛma yɛn ani asɔ sɛ yɛde ahobrɛase bɛsom wɔ faako a Yehowa de yɛn mu biara agyina no. Saa kwan no so no, yɛkyerɛ sɛ yɛde Yehowa ayɛ yɛn ahotoso.—Efesofo 4:11-16; Filipifo 2:3.

Teɛ a Yehowa Teɛ Mu Ahotoso a Yɛbɛda no Adi

20, 21. Dɛn na yebetumi asua afi ɔkwan a Onyankopɔn faa so ne Mose dii nsɛm no mu?

20 Sɛ ɛtɔ mmere bi na sɛ yegye yɛn ho di dodo sen Yehowa a, momma yensua biribi mfi Mose hɔ. Bere a odii mfirihyia 40 no, nankasa siim sɛ ɔrekogye Israelfo afi Misrifo nkoasom mu. Ɛwom sɛ na okura adwempa de, nanso ne mmɔdenbɔ no amma Israelfo annya ogye ntɛm ara, na saa ara nso na anni ammoa no. Nokwarem no, wɔma oguanee. Bere a okonyaa ntetee a emu yɛ den mfirihyia 40 wɔ amannɔne asase bi so akyi ansa na ɔfatae sɛ wɔpaw no ma ɔkɔyɛ nea na ɔpɛ sɛ ɔyɛ kan no. Saa bere yi de na obetumi anya ahotoso sɛ Yehowa di n’akyi efisɛ afei de na wɔyɛ nneɛma sɛnea Yehowa pɛ ma ɛne Ne bere nhyehyɛe hyia.—Exodus 2:11–3:10.

21 Ebia yɛn mu biara betumi abisa ne ho sɛ: ‘So ɛtɔ mmere bi a midi Yehowa ne mpanyimfo a wɔapaw wɔn wɔ asafo no mu no anim, bɔ mmɔden sɛ mɛma nneɛma akɔ ntɛmntɛm, anaasɛ mɛyɛ nneɛma sɛnea mankasa mepɛ? Sɛ anka mɛte nka sɛ wɔabu ani agu me so wɔ hokwan ahorow bi ho no, so migye ntetee a wɔkɔ so de ma me no tom ankasa?’ Ne titiriw no, so yɛasua biribi titiriw afi Mose hɔ?

22. Ɛmfa ho sɛ Mose hweree hokwan kɛse no, ɔtee nka dɛn wɔ Yehowa ho?

22 Bio nso, yebetumi asua biribi foforo afi Mose hɔ. Numeri 20:7-13 ka mfomso bi a ɛma ɔhweree ade kɛse ho asɛm kyerɛ yɛn. Ɔhweree hokwan a anka ɛbɛma wadi Israelfo no anim akɔ Bɔhyɛ Asase so no. So ɔkae sɛ Yehowa anni asɛm no yiye? So ɔpa tweree baabi, sɛnea yɛbɛka no no, a wamuna efisɛ Onyankopɔn ne no anni no yiye? So Mose ankɔ so annya teɛ a Yehowa teɛ no mu ahotoso? Yebetumi anya ɛho mmuae wɔ nsɛm a Mose ankasa ka kyerɛɛ Israelfo bere tiaa bi ansa na ɔrewu no mu. Mose ka faa Yehowa ho sɛ: “N’adeyɛ yɛ pɛ, na n’akwan nyinaa yɛ trenee; ɔyɛ nokware Nyankopɔn na nkontompo nni no mu; ɔtreneeni ne teefo ne no.” (Deuteronomium 32:4) Akyinnye biara nni ho sɛ Mose kuraa ahotoso a na ɔwɔ wɔ Yehowa mu no mu kosii awiei. Yɛn nso ɛ? So yɛn mu biara rebɔ mmɔden sɛ yɛbɛhyɛ yɛn ahotoso wɔ Yehowa ne teɛ a ɔteɛ mu no mu den? Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Ma yɛnhwɛ.

Wubebua Dɛn?

◻ Dɛn nti na na ɛsɛ sɛ Israelfo no nya Yehowa mu ahotoso?

◻ Ahotoso ho asuade bɛn na yebetumi anya afi Abraham hɔ?

◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkwati sɛ yebenwiinwii wɔ wɔn a Yehowa apaw wɔn no ho?

[Kratafa 13 mfonini]

Nea ɛka Yehowa mu ahotoso a yebenya ho ne sɛ yebedi wɔn a wodi anim wɔ asafo no mu no ni

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena