Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Wuhu “Onii a Wonhu No no” Anaa?
    Ɔwɛn-Aban—2014 | April 15
    • 10. (a) Afe 1513 A.Y.B., Nisan mu no, ahyɛde bɛn na Yehowa de maa Israelfo no? (b) Dɛn na ɛmaa Mose dii ahyɛde a Onyankopɔn de mae no so?

      10 Afe 1513 A.Y.B., ɔsram Nisan mu no, Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ wɔnka nkyerɛ Israelfo no sɛ wɔmpɛ odwennini anaa abirekyi na wonkum no na wɔmfa ne mogya mpetepete wɔn apon ho. (Ex. 12:3-7) Na eyi yɛ biribi foforo koraa ma Israelfo no. Nanso dɛn na Mose yɛe? Akyiri yi ɔsomafo Paulo kyerɛw sɛ Mose “gyidi nti odii twam no de mogya petepetee apongua ho sɛnea ɛbɛyɛ na ɔsɛefo no mfa ne nsa nka wɔn mmakan.” (Heb. 11:28) Na Mose nim paa sɛ nea Yehowa aka biara bɛbam, enti na ogye di sɛ Yehowa bekunkum Egyptfo mmakan nyinaa.

      11. Adɛn nti na Mose bɔɔ Israelfo no kɔkɔ?

      11 Saa bere no nyinaa ɛbɛyɛ sɛ na Mose mma wɔ Midian. Enti yɛbɛka a, na wɔn ho sɔnn, efisɛ na “ɔsɛefo” no mmɛn wɔn.a (Ex. 18:1-6) Nanso Mose anka sɛ ne mma mmɛn hɔ enti nea ebesi biara nyɛ no asɛm. Otiee Onyankopɔn asɛm, na ɔbɔɔ ne mfɛfo Israelfo kɔkɔ efisɛ na wɔn mmakan da asiane mu. Na Mose dɔ ne yɔnko nnipa, enti wantwentwɛn ne nan ase koraa na ɔfrɛɛ “Israel mpanyimfo nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: . . . ‘Munkum twam aboa no.’”—Ex. 12:21.

      12. Asɛm bɛn na Onyankopɔn ahyɛ sɛ yɛmpae mu nka?

      12 Yehowa de n’abɔfo bɔ yɛn kyidɔm, na yɛde anibere pae mu ka kyerɛ nnipa nyinaa sɛ: “Munsuro Onyankopɔn na monhyɛ no anuonyam, efisɛ n’atemmu dɔn adu, enti monsom Nea ɔyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne nsuti no.” (Adi. 14:7) Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yɛma nnipa te saa asɛm no. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ nnipa nyinaa kɔkɔ ma wofi Babilon Kɛse no mu na ‘wɔannya ne haw no bi.’ (Adi. 18:4) “Nguan foforo” no ne Kristofo a wɔasra wɔn di nsawɔso wɔ adwuma titiriw yi mu, na wɔresrɛ nnipa a wonnim Onyankopɔn sɛ wɔmfa Onyankopɔn adamfo.—Yoh. 10:16; 2 Kor. 5:20.

      Yehowa Danseni bi reboaboa ne ho akɔ asɛnka; ɔretwa mfonini wɔ n’adwenem sɛ abɔfo kurakura ɔsɛe mframa no mu

      Sɛ wode wo werɛ hyɛ Yehowa bɔhyɛ mu a, ɛbɛma wo kɔn adɔ sɛ wobɛka asɛmpa no daa (Hwɛ nkyekyɛm 13)

      13. Dɛn na ɛbɛka wo ma wode ahotoso aka asɛmpa no daa?

      13 Yebetumi de yɛn nsa asi yɛn bo aka sɛ ‘atemmu dɔn’ no adu. Enti yegye di paa sɛ nnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yɛde nsi ne ahokeka yɛ asɛnka adwuma no sɛnea Yehowa ankasa aka no. Ɔsomafo Yohane nyaa anisoadehu bi, na eyi ma yehu aniberesɛm a ɛwɔ asɛm no mu. Ohuu “abɔfo baanan sɛ wogyinagyina asase afanan kurakura asase so mframa anan no mu denneennen.” (Adi. 7:1) Wowɔ gyidi a ɛma wutumi hu abɔfo baanan yi? Wutumi hu paa sɛ wɔayɛ krado sɛ wɔrebegyae mframa no mu ma ahohiahia kɛse no apae agu Satan wiase yi so? Sɛ wowɔ gyidi a ɛte saa a, ɛbɛma wode ahotoso aka asɛmpa no daa.

  • Wuhu “Onii a Wonhu No no” Anaa?
    Ɔwɛn-Aban—2014 | April 15
    • a Adanse kyerɛ sɛ abɔfo na Yehowa ma wokokunkum Egyptfo mmakan.—Dw. 78:49-51.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena