-
Ná Wiase No Mfata WɔnƆwɛn-Aban—1987 | May 1
-
-
7. (a) Henanom na “wɔnam gyidi so ko dii ahene so nkonim” no? (b) Henanom na wɔnam gyidi so “dii asɛntrenee” no?
7 Yɛnam gyidi so betumi adi nkonim wɔ mudi mu kura ho sɔhwɛ biara mu na yɛayɛ biribiara a ɛne ɔsoro apɛde hyia no awie. (Kenkan Hebrifo 11:33, 34.) Bere a na Paulo rebobɔ gyidi nnwuma foforo din bio no, ɛda adi sɛ na Hebrifo atemmufo, ahene ne adiyifo no ho asɛm na na ɛwɔ n’adwene mu, efisɛ na ɔbobɔɔ eyinom din nkyɛe. “Gyidi nti” atmmufo te sɛ Gideon ne Yefta “kodii ahene so nkonim.” Saa ara nso na ɔhene Dawid a odii Filistifo, Moabfo, Siriafo, Edomfo, ne afoforo so no yɛe. (2 Samuel 8:1-14) Afei gyidi nti, atemmufo a wɔteɛ “dii asɛntrenee,” na anyɛ yiye koraa no, Samuel ne adiyifo afoforo afotu a ɛteɛ no kaa ebinom ma wɔtwee wɔn ho fii bɔneyɛ ho.—1 Samuel 12:20-25; Yesaia 1:10-20.
-
-
Ná Wiase No Mfata WɔnƆwɛn-Aban—1987 | May 1
-
-
10. Henanom na wɔnam gyidi so “dum ogya tumi” no, na gyidi a ɛte saa bɛboa yɛn ma yɛatumi ayɛ dɛn?
10 Daniel mfɛfo Hebrifo mudi mu kurafo a wɔne Sadrak, Mesak, ne Abednego tumi “dum ogya tumi.” Bere a wɔde owu wɔ fononoo a adɔ aboro so mu hunahunaa wɔn no, wɔka kyerɛɛ Ɔhene Nebukadnesar sɛ, sɛ Onyankopɔn gye wɔn oo, sɛ wannye wɔn oo, wɔrensom Babilon tumfoɔ no anyame anaa ohoni a ɔde asi hɔ no. Yehowa annum fononoo no mu gya no, nanso ɔhwɛe sɛ ɛrenyɛ Hebrifo baasa no hwee. (Daniel 3:1-30) Gyidi a ɛte saa ara boa yɛn ma yekura yɛn mudi mu ma Onyankopɔn kosi sɛ ebia atamfo no bekum yɛn mpo.—Adiyisɛm 2:10.
11. (a) Henanom na wɔnam gyidi so “guan nkrante ano” no? (b) Henanom na wɔnam gyidi so ma “wonyaa ahoɔden” no? (d) Henanom na “wɔyɛɛ ɔko mu den” na “wɔkaa ananafo mpasua gui” no?
11 Dawid “guan” fii Ɔhene Saulo mmarima no “nkrante ano.” (1 Samuel 19:9-17) Adiyifo Elia ne Elisa nso guan owu wɔ nkrante ano. (1 Ahene 19:1-3; 2 Ahene 6:11-23) Nanso henanom na ‘wɔnam gyidi so nyaa ahoɔmmerɛw mu ahoɔden’ no? Wiɛ, Gideon susuwii wɔ ɔne ne mmarima ahasa no ho sɛ wɔyɛ mmerɛw dodo sɛ wobegye Israel afi Midianfo nsam. Nanso Onyankopɔn ma “onyaa ahoɔden” na odii nkonim—na ɔde mmarima ahasa pɛ na ɛyɛɛ saa! (Atemmufo 6:14-16; 7:2-7, 22) Bere a woyii Samson ti nhwi wɔ “ahoɔmmerɛw mu” no, Yehowa ma ‘onyaa ahoɔden’ na okunkum Filistifo pii. (Atemmufo 16:19-21, 28-30; fa toto Atemmufo 15:13-19 ho.) Ebia na Paulo susuw Ɔhene Hesekia nso ho sɛ obi a ‘onyaa ahoɔden’ wɔ sraadi ne honam mu mmerɛwyɛ mpo mu. (Yesaia 37:1-38:22) Onyankopɔn nkoa a “wɔyɛɛ ɔko mu den” no mu binom ne Ɔtemmufo Yefta ne Ɔhene Dawid. (Atemmufo 11:32, 33; 2 Samuel 22:1, 2, 30-38) Na wɔn a “wɔkaa ananafo mpasua gui” no nso bi ne ɔtemmufo Barak. (Atemmufo 4:14-16) Ɛsɛ sɛ saa nnwuma a efi akokoduru mu yi nyinaa ma yɛte ase pefee sɛ yɛnam gyidi so betumi adi nkonim wɔ yɛn mudi mu kura ho sɔhwɛ biara mu na yebetumi awie biribiara a ɛne Yehowa apɛde hyia no yɛ.
-