-
Wubetumi Agyina Akodu AwieiƆwɛn-Aban—1999 | October 1
-
-
10 Henanom na wɔyɛ bɛhwɛadefo wɔ nkwa ho mmirika a Kristofo retu no mu? Bere a Paulo bobɔɔ Yehowa adansefo a wɔtraa ase ansa na Kristosom reba din, sɛnea wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Hebrifo ti 11 wiei no, ɔkyerɛwee sɛ: ‘Ne saa nti yɛn nso, sɛ yɛwɔ adansefo mununkum a ɛte sɛɛ a atwa yɛn ho ahyia yi, momma yɛmfa boasetɔ ntu mmirika a ɛda yɛn anim no.’ (Hebrifo 12:1) Bere a Paulo refa mununkum sɛ kasakoa de aka asɛm no, wamfa Hela asɛmfua a ɛkyerɛ mununkum no kɛse ne ne yɛbea na edii dwuma. Mmom no, ɔde nea sɛnea nsɛm asekyerɛ nhoma kyerɛwfo W. E. Vine kyerɛ no, “ɛkyerɛ mununkum kɛse a enni yɛbea a ɛwɔ wim,” na edii dwuma. Ɛda adi sɛ, adansefo mununkum ho adwene na na ɛwɔ Paulo tirim—na wɔdɔɔso araa ma na wɔte sɛ mununkum kɛse bi.
11, 12. (a) Ɔkwan bɛn so na sɛnea yɛbɛka no no, adansefo anokwafo a wɔtraa ase ansa na Kristosom reba no betumi ahyɛ yɛn nkuran ma yɛawie mmirika no tu? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya ‘adansefo mununkum kɛse’ no so mfaso pii?
11 So adansefo anokwafo a wɔtraa ase ansa na Kristosom reba no betumi ayɛ ɛnnɛyi bɛhwɛadefo ankasa? Dabida. Wɔn nyinaa adeda wɔ owu mu retwɛn owusɔre. Nanso, bere a wɔte ase no, na wɔn ankasa yɛ mmirikatufo nkonimdifo, na wɔn nhwɛso ahorow no wɔ Bible mu. Sɛ yesua Kyerɛwnsɛm no a, yebetumi ahu saa anokwafo yi wɔ yɛn adwenem, na sɛnkyerɛnne kwan so no, wobetumi ahyɛ yɛn nkuran na ama yɛatumi awie mmirika no tu.—Romafo 15:4.a
12 Sɛ nhwɛso no, sɛ wiase nneɛma sɔ yɛn hwɛ a, so susuw a yebesusuw sɛnea Mose poo Misraim anuonyam ho no renhyɛ yɛn nkuran mma yɛnkɔ so ntu mmirika no? Sɛ ɛte sɛ nea sɔhwɛ a yɛrehyia no mu yɛ den a, akyinnye biara nni ho sɛ sɔhwɛ a emu yɛ den a Abraham hyiae bere a wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa ne ba Isak nkɔbɔ afɔre no a yɛbɛkae no bɛhyɛ yɛn nkuran ma yɛakɔ so akura yɛn gyidi mu. Baabi a saa adansefo ‘mununkum kɛse’ yi bɛhyɛ yɛn nkuran akodu wɔ saa kwan yi so no gyina sɛnea yɛde yɛn ntease aniwa behu wɔn no so ankasa.
13. Ɔkwan bɛn so na ɛnnɛyi Yehowa Adansefo hyɛ yɛn nkuran ma yetumi tu nkwa ho mmirika no?
13 Yehowa Adansefo mununkum kɛse atwa yɛn nso yɛn ho ahyia nnɛ. Gyidi ho nhwɛso akɛse bɛn ara na Kristofo a wɔasra wɔn ne mmarima ne mmea a wɔyɛ “nnipakuw kɛse” no mufo ayɛ sɛɛ yi! (Adiyisɛm 7:9) Yebetumi akenkan wɔn asetra ho nsɛm bere ne bere mu wɔ saa nsɛmma nhoma yi ne Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma foforo mu.b Sɛ yesusuw wɔn gyidi ho a, ɛhyɛ yɛn nkuran ma yegyina kodu awiei. Na hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ yebenya nnamfo pa ne abusuafo a wɔn nso, wɔde nokwaredi resom Yehowa no mmoa! Yiw, yɛwɔ nnipa pii a wɔbɛhyɛ yɛn nkuran ma yɛatu nkwa ho mmirika no.
Tutu W’anammɔn Nyansam
14, 15. (a) Dɛn nti na ɛho hia sɛ yetutu yɛn anammɔn nyansam? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde ntease di dwuma wɔ botae ahorow a yɛde sisi yɛn anim no ho?
14 Sɛ mmirikatufo retu mmirika-tenten a, ɛsɛ sɛ otutu n’anammɔn nyansam. Atesɛm krataa New York Runner ka sɛ: “Sɛ wufi ase denneennen a, wubetumi adi nkogu. Nea ebetumi aba ne sɛ wobɛbrɛ bere a wunnya nnuruu baabiara no, anaasɛ wubegyae.” Obi a otu mmirika-tenten kae sɛ: “Ɔkasafo a mikotiee ne kasa bere a na meresiesie me ho ama akansi no bɔɔ kɔkɔ pefee sɛ: ‘Enni mmirikatufo a wɔn ho yɛ hare no akyi. Tu mmirika no sɛnea eye ma wo. Anyɛ saa a, wobɛbrɛ, na ebia woagyae.’ Saa afotu yi a mitiei no boaa me ma miwiee mmirika no tu.”
15 Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo yere wɔn ho denneennen wɔ nkwa ho mmirika a wɔretu no mu. (Luka 13:24) Nanso, osuani Yakobo kyerɛwee sɛ: “Nyansa a efi soro no . . . wɔ ntease.” (Yakobo 3:17, NW) Bere a afoforo nhwɛso pa betumi ahyɛ yɛn nkuran ma yɛayɛ pii no, ntease bɛboa yɛn ma yɛde botae ahorow a ɛne yɛn ahoɔden ne yɛn nsɛm tebea hyia asisi yɛn anim. Kyerɛwnsɛm no kae yɛn sɛ: “Na ma obiara nsɔ n’ankasa n’adwuma nhwɛ, ɛno na obenya n’ankasa ne ho biribi ahoahoa ne ho, na ɛnyɛ obi ho. Na obiara bɛsoa n’ankasa n’adesoa.”—Galatifo 6:4, 5.
16. Ɔkwan bɛn so na ahobrɛase boa yɛn ma yetutu yɛn anammɔn?
16 Wobisa yɛn asɛm a ɛkanyan adwene yi wɔ Mika 6:8, NW, sɛ: ‘Dɛn na Yehowa hwehwɛ fi wo hɔ sɛ wo ne wo Nyankopɔn bɛnantew ahobrɛase mu?’ Nea ahobrɛase kyerɛ nso ne sɛ yebehu yɛn sintɔ ahorow. So nyarewa anaa onyin ama nea yetumi yɛ wɔ Onyankopɔn som adwuma mu no so atew? Mommma yɛn abam mmmu. Yehowa ani sɔ yɛn mmɔdenbɔ ne afɔre ahorow a yɛbɔ ‘sɛnea yɛwɔ ade, na ɛnyɛ sɛnea yenni.’—2 Korintofo 8:12; fa toto Luka 21:1-4 ho.
-
-
Wubetumi Agyina Akodu AwieiƆwɛn-Aban—1999 | October 1
-
-
Bere a Awiei no Bɛn No
20. Bere a nkwa ho mmirikatu no rebɛn n’awiei no, ɔkwan bɛn so na emu betumi ayɛ den pii?
20 Wɔ nkwa ho mmirikatu no mu no, ɛsɛ sɛ yɛne yɛn tamfo kɛse, Satan Ɔbonsam di asi. Bere a yɛbɛn awiei no, wayere ne ho denneennen sɛ ɔbɛto yɛn suntidua anaasɛ ɔbɛma yɛagow yɛn nsam. (Adiyisɛm 12:12, 17) Ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛkɔ so ayɛ Ahenni adawurubɔfo anokwafo a yɛahyira yɛn ho so bere a akodi, aduankɔm, nyarewa, ne ahokyere foforo nyinaa a ɛyɛ “awiei bere” no ho sɛnkyerɛnne no wɔ hɔ yi. (Daniel 12:4; Mateo 24:3-14; Luka 21:11; 2 Timoteo 3:1-5) Afei nso, ɛtɔ bere bi a, ebetumi ayɛ yɛn sɛ nea awiei no wɔ akyiri sen sɛnea yɛhwɛ kwan, titiriw sɛ yɛde yɛn ho hyɛɛ mmirikatu no mu akyɛ a. Nanso, Onyankopɔn Asɛm ma yɛn awerɛhyem sɛ awiei no bɛba. Yehowa ka sɛ ɛrenka akyi. Awiei no abɛn.—Habakuk 2:3; 2 Petro 3:9, 10.
21. (a) Dɛn na ɛbɛhyɛ yɛn den bere a yɛkɔ so tu nkwa ho mmirika no? (b) Bere a awiei no bɛn no, dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?
21 Enti, sɛ yebedi nkonim wɔ nkwa ho mmirikatu no mu a, ɛsɛ sɛ yenya ahoɔden fi honhom fam nnuan a Yehowa fi ɔdɔ mu de ama yɛn no mu. Yɛn nso yehia nkuranhyɛ biara a yebetumi anya afi fekuw a yɛne yɛn mfɛfo gyidifo a wɔn nso retu mmirika no bi bɔ mu no. Sɛ ɔtaa ne asiane a emu yɛ den mpo to yɛn kwan mu ma mmirika a yɛretu no mu yɛ den kɛse a, yebetumi agyina akodu awiei, efisɛ Yehowa ma yɛn “tumi a ɛboro so.” (2 Korintofo 4:7) Hwɛ sɛnea ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yebehu sɛ Yehowa pɛ sɛ yewie mmirika no tu nkonimdi mu! Momma yensi yɛn bo ‘mfa boasetɔ ntu mmirika a ɛda yɛn anim no,’ a yɛwɔ ahotoso koraa sɛ “sɛ yɛampa abaw a, yebetwa so aba ne bere mu.”—Hebrifo 12:1; Galatifo 6:9.
-