Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w10 3/15 kr. 30-32
  • Monkɔ So Nnya “Koma A Emu Tew” Wɔ Mmere A Emu Yɛ Den Yi Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Monkɔ So Nnya “Koma A Emu Tew” Wɔ Mmere A Emu Yɛ Den Yi Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Yɛyɛ a Ɛkyerɛ sɛ Yɛn “Koma mu Tew”
  • Ɛnyɛ Mmerɛw sɛ Yɛbɛkɔ so Ama Yɛn ‘Koma mu Atew’
  • Bere a Ɔhonam Akɔnnɔ Resɔ Yɛn Ahwɛ
  • Sɛnea Yɛbɛma Yɛn ‘Koma mu Atew’ Bere a Yɛwɔ Sɔhwɛ Mu
  • Nya Koma A Yehowa Pɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Yɛasi Yɛn Bo Sɛ Yɛde Koma Mũ Bɛsom Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Wowɔ ‘Koma a Wode Behu’ Yehowa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Fa Koma A Edi Mũ Som Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
w10 3/15 kr. 30-32

Monkɔ So Nnya “Koma A Emu Tew” Wɔ Mmere A Emu Yɛ Den Yi Mu

KATOLEKNI sɛnkyerɛwfo Vittorio Messori kaa nna ho aniwusɛm a asi wɔ Asɔre no mu nnansa yi wɔ Italy no ho asɛm sɛ: “Obiara begye atom sɛ ahotew ho aba asɛm wɔ Asɔre no mu nnɛ. Na ɛnyɛ twa a wobetwa asɔre mmara a ɛbara sɛ ɛnsɛ sɛ asɔfo ware no mu na ebeyi ɔhaw yi afi hɔ, efisɛ nna ho aniwusɛm no mu ɔha mu 80 fa mmarima a wɔne mmarima da ho—nna mu adapaade a asɔfo de yɛ mmarima ne mmarimaa.”—La Stampa.

Akyinnye biara nni ho sɛ abɔnefosɛm a abu so no yɛ wiase a ɛwɔ hɔ yi “nna a edi akyiri” ho sɛnkyerɛnne. (2 Tim. 3:1-5) Sɛnea nsɛm ho amanneɛbɔ kyerɛ no, nnipa abrabɔ a ɛresɛe no anya nnipa dodow no ara ne wɔn a wɔfrɛ wɔn ho Onyankopɔn nnipa no nso so nkɛntɛnso bɔne. Wɔn koma a asɛe na emu ntew no ma wɔyɛ aniwude. (Efe. 2:2) Ɛyɛ ne kwan so sɛ Yesu bɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ “koma no mu na nsusuwii bɔne, awudi, awaresɛe, aguamammɔ, korɔnbɔ, adansekurum, ne abususɛm fi ba.” (Mat. 15:19) Nanso, Yehowa Nyankopɔn pɛ sɛ n’asomfo nya “koma a emu tew.” (Mmeb. 22:11) Enti, Kristoni bɛyɛ dɛn atumi akɔ so anya koma a emu tew wɔ mmere a emu yɛ den yi mu?

Nea Yɛyɛ a Ɛkyerɛ sɛ Yɛn “Koma mu Tew”

Wɔ Bible mu no, wɔtaa de “koma” gyina hɔ ma biribi. Nhoma bi kyerɛ sɛ, Bible mu asɛm a wɔde gyina hɔ ma koma no kyerɛ nea “ɛwɔ onipa bi mu tɔnn,” na “ɛno ne onipa ho ade titiriw a ɛho hia Onyankopɔn, ɛno na ɛma obi ne Onyankopɔn nya abusuabɔ, na ɛno na ɛkyerɛ sɛnea obi bɔ ne bra.” Koma gyina hɔ ma sɛnea yɛte ankasa wɔ yɛn mu. Nhoma a yɛafa emu asɛm aka no si so dua sɛ ɛyɛ koma no mu na Yehowa hwehwɛ, na ɛno na n’ani gye ho wɔ n’asomfo ho.—1 Pet. 3:4.

Wɔ Bible mu no, biribi a “ɛho tew” betumi akyerɛ ade a ɛho tew wɔ honam fam. Nanso, wɔsan de asɛm no kyerɛ biribi a ɛho nguu fĩ—biribi a wɔmfraa mu, biribi a nkekae nni ho, anaa ɛnsɛee—wɔ abrabɔ ne ɔsom mu. Yesu kae wɔ Bepɔw so Asɛnka no mu sɛ: “Anigye ne wɔn a wɔn koma mu tew.” Ná ɔreka wɔn a sɛ yɛbɛka a, wɔn mu tew ho asɛm. (Mat. 5:8) Wɔn dɔ, wɔn akɔnnɔ, ne wɔn adwene mu tew. Wofi wɔn koma nyinaa mu dɔ Yehowa a nyaatwom biara nnim, na ɔdɔ ne anisɔ na ɛma wɔyɛ saa. (Luka 10:27) So wompɛ sɛ wo ho tew wɔ saa kwan no so?

Ɛnyɛ Mmerɛw sɛ Yɛbɛkɔ so Ama Yɛn ‘Koma mu Atew’

Ɛsɛ sɛ Yehowa somfo ma “ne nsam yɛ kronn,” na ɔma ne “koma mu tew” nso. (Dw. 24:3, 4) Nanso, ɛnnɛ, ɛreyɛ den paa ma Onyankopɔn asomfo sɛ wɔbɛma wɔn ‘koma mu atew.’ Satan ne wiase a odi so no ne yɛn ankasa mmerɛwyɛ hyɛ yɛn so denneennen sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛma yɛatwe yɛn ho afi Yehowa ho. Sɛ yebetumi ako atia saa nhyɛso yi a, ɛho hia paa sɛ yenya “koma a emu tew,” na yesi yɛn bo denneennen sɛ yɛremma biribiara nsɛe no. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛbɔ yɛn ho ban na aboa yɛn ma yɛakɔ so ayɛ Onyankopɔn nnamfo. Yɛbɛyɛ dɛn atumi akɔ so anya koma a emu tew?

Hebrifo 3:12 bɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Anuanom, monhwɛ yiye na koma bɔne a enni gyidi amma mo mu biara mu da, na wanwae amfi Onyankopɔn teasefo no ho.” Sɛ yenya koma a “enni gyidi” a, ɛremma yentumi nkɔ so nnya “koma a emu tew.” Adwene ahorow bɛn na Satan Ɔbonsam ama atrɛw sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛsɛe gyidi a nkurɔfo wɔ wɔ Onyankopɔn mu? Emu bi ne adannandi nkyerɛkyerɛ, ka a wɔka sɛ obiara nyɛ nea ɔpɛ wɔ abrabɔ ne ɔsom ho, ne kyerɛ a wɔkyerɛ sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn honhom na wɔde kyerɛw Kyerɛw Kronkron no. Ɛnsɛ sɛ yɛma kwan ma nsusuwii a ɛte saa a edi awu no nya yɛn so tumi. (Kol. 2:8) Bible a yɛbɛkenkan no daa na yɛadwinnwen ho akɔ akyiri no ne ade titiriw a yɛde bɛbɔ yɛn ho ban afi saa nhyɛso yi ho. Sɛ yenya Onyankopɔn Asɛm no mu nokware nimdeɛ a, ɛbɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne anisɔ a yɛwɔ wɔ sɛnea ɔne ne nkurɔfo di ho no ayɛ kɛse. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛpo nsusuwii a ɛnteɛ, na yenya Yehowa mu gyidi denneennen sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛkɔ so anya koma a emu tew a, ɛho hia paa sɛ yenya ɔdɔ ne anisɔ a ɛte saa.—1 Tim. 1:3-5.

Bere a Ɔhonam Akɔnnɔ Resɔ Yɛn Ahwɛ

Ade foforo a ebetumi ahyɛ yɛn so bere a yɛrebɔ mmɔden sɛ yebenya “koma a emu tew” ne honam akɔnnɔ ne ahonyade akyidi. (1 Yoh. 2:15, 16) Sɛ Kristoni bi ma n’ani bere sika anaa ɔpɛ sɛ onya ne ho, na onya nneɛma pii a, ebetumi asɛe ne koma na ama wayɛ nneɛma a ɛne Onyankopɔn apɛde nhyia. Kristofo kakra abɛyɛ nnipa a wonni nokware wɔ adwuma mu, wɔasisi afoforo, anaa wɔawia nkurɔfo sika anaa wɔn nneɛma mpo.—1 Tim. 6:9, 10.

Nanso, sɛ yenya osuro pa sɛ yɛrenyɛ ade a Yehowa mpɛ, yɛbɛdɔ atɛntrenee, na yɛasi yɛn bo sɛ yebekura ahonim pa mu a, yɛda no adi sɛ yɛpɛ sɛ yenya “koma a emu tew.” Ɔdɔ a ɛte saa ka yɛn ma yɛkɔ so de “nokwaredi bɔ yɛn bra wɔ biribiara mu.” (Heb. 13:18) Sɛ yɛyɛ ade a ɛteɛ a, nokware a yedi no betumi adi adanse kama. Ɔdansefo bi a ɔyɛ Italiani a wɔfrɛ no Emilio a ɔka adwumakuw bi bɔs huu bag ketewaa bi a na sika a ɛhyɛ mu yɛ euro 470 (U.S. $680). Ɛyɛɛ ne mfɛfo adwumayɛfo nwonwa sɛ ɔde bag no kɔmaa n’adwuma mu panyin na akyiri yi ɔno nso de maa onipa a ne sika yerae no. Emilio mfɛfo adwumayɛfo binom ani gyee nea ɔyɛe no ho araa ma wɔn ani begyee Bible ho ma wofii ase suaa ade. Ɛno nti, mmusua abien mu nnipa baason begyee nokware no. Nokwarem no, sɛ yefi koma a emu tew mu di nokware a, ebetumi aka afoforo ma wɔayi Onyankopɔn ayɛ ankasa.—Tito 2:10.

Ade foforo a ebetumi asɛe Kristoni koma a emu tew ne nna ho adwene a akyinkyim a ɛnteɛ a obenya. Sɛnea nnipa pii bu no sɛ mfomso biara nni ɔbarima ne ɔbea a wɔnwaree ntam nna, awaresɛe, ne mmarima a wɔne mmarima da ho no betumi asɛe Kristoni bi koma. Ebia obi a ɔde ne ho hyɛ nna mu ɔbrasɛe mu bɛyɛ nyaatwom, na wayɛ ne ho te sɛ nea ɔnyɛɛ hwee de akata ne bɔne so. Akyinnye biara nni ho sɛ, sɛ obi yɛ saa a, ɛrenkyerɛ sɛ ne “koma mu tew.”

Wɔbɔɔ Gabriele asu bere a na wadi mfe 15, na ntɛm ara na ofii ase yɛɛ akwampae adwuma. Nanso, akyiri yi, ofii ase ne nnipa a wɔn bra asɛe bɔe wɔ mmeae a wɔnom nsa na wodi asaw wɔ hɔ anadwo. (Dw. 26:4) Eyi na ɛma ofii ase buu bra bɔne na ɔbɛyɛɛ nyaatwom, na ɛma wotuu no fii Kristofo asafo no mu. Nteɛso a ɛte saa a onya fii Yehowa hɔ no ma osusuw nneɛma ho anibere so. Gabriele ka sɛ: “Mifii ase yɛɛ nneɛma a kan no na memfa no aniberesɛm no nyinaa. Mekenkan Bible da biara, mebɔɔ mmɔden sɛ mehu nea na Yehowa reka ankasa, na metɔɔ me bo ase suaa asafo nhoma ahorow. Mihuu sɛnea ade a m’ankasa mesua so wɔ mfaso na ɛma akomatɔyam, ne sɛnea Bible akenkan ne mpae a mifi me koma mu bɔ betumi ahyɛ me den.” Eyi boaa Gabriele ma ogyaee ne bra bɔne no, na osiesiee ɔne Yehowa ntam.

Seesei Gabriele asan abɛyɛ ɔkwampaefo, na ɔne ne yere na ɛreyɛ. Nea ɛtoo Gabriele no ma yehu sɛnea Bible ne “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no nhoma ahorow a obi besua betumi aboa no ma wanya koma a emu tew na watwe ne ho afi ɔbrasɛe ho.—Mat. 24:45; Dw. 143:10.

Sɛnea Yɛbɛma Yɛn ‘Koma mu Atew’ Bere a Yɛwɔ Sɔhwɛ Mu

Nhyɛso a efi asɔretiafo hɔ, sikasɛm mu ahokyere, ne yare a emu yɛ den ama Onyankopɔn asomfo binom abam abu. Bere bi wɔ hɔ a, wɔn koma nso botow. Ɔhene Dawid mpo faa ɔhaw a ɛte saa mu. Ɔkae sɛ: “Me honhom atɔ piti me mu; na me koma nso asen wɔ me mu.” (Dw. 143:4) Dɛn na ɛboaa no ma odii ɔhaw a ɛte saa so? Dawid dwinnwen nea na Onyankopɔn ayɛ ama N’asomfo ne sɛnea na Onyankopɔn agye ɔno ankasa ho. Odwinnwen nea na Yehowa ayɛ wɔ Ne din kɛse ho no ho. Dawid susuw Onyankopɔn nnwuma ho. (Dw. 143:5) Saa ara na yɛn nso sɛ yedwinnwen yɛn Bɔfo no ne nea wayɛ ama yɛn nyinaa ne nea ogu so reyɛ ma yɛn ho a, ɛbɛboa yɛn bere a yɛwɔ sɔhwɛ mu mpo.

Sɛ obi ayɛ yɛn bɔne, anaasɛ yɛte nka saa a, yɛn bo betumi afuw. Sɛ yedwinnwen asɛm no ho bere nyinaa a, ebetumi ama yɛanya yɛn nuanom ho adwemmɔne. Ebetumi ama yɛatwe yɛn ho afi wɔn ho anaasɛ yɛne wɔn remmɔ, na ɛremma afoforo ho asɛm renhia yɛn. Nanso, sɛ yɛyɛ saa a, so na yɛreyɛ ade a ɛbɛma yɛanya “koma a emu tew”? Ɛda adi pefee sɛ, sɛnea yɛne yɛn nuanom Kristofo di, ne sɛnea yɛyɛ yɛn ade wɔ nsɛm a ɛsɔre wɔ yɛne wɔn ntam ho no ka ho bi na ɛbɛma yɛanya koma a emu tew.

Wɔ wiase a ɛreporɔw kɛse na emu nnipa abrabɔ nso resɛe mu no, yɛn a yɛyɛ nokware Kristofo no da nsow, efisɛ yɛpɛ “koma a emu tew.” Onyankopɔn apɛde a yɛyɛ no ma yenya asomdwoe, na yɛn asetena yɛ papa. Nea ɛsen ne nyinaa no, yɛne yɛn Bɔfo Yehowa Nyankopɔn a ɔdɔ nnipa a “wɔn komam tew” no nya adamfofa a emu yɛ den. (Dw. 73:1) Nokwarem no, yebetumi aka wɔn a wobenya anigye no ho, efisɛ Yesu hyɛɛ bɔ sɛ “wobehu Onyankopɔn,” bere a Yesu di ma wɔn a wɔpɛ “koma a emu tew” no.—Mat. 5:8.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena