Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 7/15 kr. 9-14
  • Hwɛ Yiye Na Woanyɛ Obi A Onni Gyidi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hwɛ Yiye Na Woanyɛ Obi A Onni Gyidi
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Nti na Wɔde Afotu a Ano Yɛ Den Yi Mae?
  • Obi a Ɔsen Mose
  • “Mummpirim Mo Koma”
  • Asuade a Ɛwom Ma Yɛn
  • Mpa Abaw Wɔ Nkwa Mmirikatu No Mu!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Bere A Wiase Amanehunu Bɛn No​—‘Monhwɛ Yesu’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • So Anidaso A Ɛda W’anim No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Krataa Bi a Ebetumi Aboa Yɛn Ma Yɛde Animia Agyina Mu Akosi Awiei
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 7/15 kr. 9-14

Hwɛ Yiye Na Woanyɛ Obi A Onni Gyidi

“Monhwɛ yiye, anuanom, na koma bɔne a ennye nni amma mo mu biara mu, na wanwae amfi Nyankopɔn teasefo ho.”—HEBRIFO 3:12.

1. Nokwasɛm a ɛyɛ ahodwiriw bɛn na Paulo nsɛm a ɔkyerɛw kɔmaa Hebrifo Kristofo no ma yehu?

HWƐ aniberesɛm a ɛyɛ—sɛ́ nkurɔfo a bere bi na wɔne Yehowa wɔ abusuabɔ pa benya “koma bɔne” na ‘wɔawae afi Nyankopɔn teasefo no ho’! Na hwɛ kɔkɔbɔ a eyi yɛ! Ɛnyɛ wɔn a wɔnyɛ gyidifo na ɔsomafo Paulo kaa nsɛm yi kyerɛɛ wɔn, na mmom ɔka kyerɛɛ nkurɔfo a wogyina Yesu Kristo agyede afɔrebɔ no so ahyira wɔn nkwa so ama Yehowa no.

2. Nsɛmmisa bɛn na ɛho hia sɛ yesusuw ho?

2 Ɔkwan bɛn so na obi a ɔwɔ honhom fam ɔdom tebea a ɛte saa mu betumi anya “koma bɔne a ennye nni”? Ɛbɛyɛ dɛn koraa na obi a waka Onyankopɔn dɔ ne ne dom ahwɛ no bɛboapa atwe ne ho afi ne ho? Na so eyi betumi ato yɛn mu biara? Eyi yɛ aniberesɛm ankasa, na ehia sɛ yɛhwehwɛ nea enti a wɔde kɔkɔbɔ yi mae mu.—1 Korintofo 10:11.

Dɛn Nti na Wɔde Afotu a Ano Yɛ Den Yi Mae?

3. Kyerɛkyerɛ tebea a na afeha a edi kan Kristofo a wɔte Yerusalem ne mmeae a ɛbemmɛn hɔ no wom no mu.

3 Ɛbɛyɛ sɛ Paulo kyerɛw ne krataa yi kɔmaa Hebrifo Kristofo a na wɔte Yudea no wɔ 61 Y.B. Abakɔsɛm kyerɛwfo bi kae sɛ na eyi yɛ bere a na “mmarima anokwafo a wɔmfa nneɛma nni agoru no mu biara nni asomdwoe anaa ahobammɔ wɔ Yerusalem kuropɔn no mu anaa ɔmantam no mu baabiara.” Ná ɛyɛ amumɔyɛ ne basabasayɛ bere, a nea ɛde bae ne Roma asraafo a na wɔaba hɔ no nhyɛso, akakabensɛm a Yudafo Asɔretiafo a na wokyi Romafo no dii, ne awifo a wɔfaa tebea a na ayɛ basaa no so dii nsɛmmɔne no a adi afra. Eyinom nyinaa maa nneɛma mu yɛɛ den maa Kristofo a wɔbɔɔ mmɔden kɛse sɛ wɔmfa wɔn ho nnye nsɛm a ɛtete saa mu no. (1 Timoteo 2:1, 2) Nokwasɛm ni, esiane ɔfã biara a na wonni nti, ebinom buu wɔn sɛ nkurɔfo a wontumi ne nnipa afoforo mmɔ, anaasɛ wotutu ɔman ase mpo. Mpɛn pii no, na wɔyɛ Kristofo basabasa, na wɔhweree nneɛma pii.—Hebrifo 10:32-34.

4. Ɔsom mu nhyɛso bɛn na Hebrifo Kristofo no hyiae?

4 Ná Hebrifo Kristofo no wɔ ɔsom mu nhyɛso nso ase. Mmɔden a na Yesu asuafo anokwafo no bɔ, ne nkɔso a ɛmaa Kristofo asafo no nyaa ntɛmntɛm no maa Yudafo—titiriw no, wɔn nyamesom akannifo no—ani beree wɔn ma wɔn bo fuw wɔn. Wɔyɛɛ nea wobetumi biara de haw Yesu Kristo akyidifo no, na wɔtaa wɔn.a (Asomafo no Nnwuma 6:8-14; 21:27-30; 23:12, 13; 24:1-9) Sɛ na Kristofo no binom nhyia ɔtaa pɔtee mpo a, na Yudafo no serew wɔn di wɔn ho fɛw. Ná wobu Kristosom animtia sɛ ɛyɛ ɔsom a ɛbae nkyɛe a na enni anuonyam te sɛ Yudasom, enni asɔrefie, enni asɔfokuw, enni afahyɛ ahorow, wɔmmɔ afɔre, ne nea ɛkeka ho. Wɔn kannifo Yesu mpo, wobuu no fɔ kum no sɛ ɔdebɔneyɛfo. Ná egye gyidi, akokoduru, ne boasetɔ, na Kristofo no atumi asom.

5. Dɛn nti na na ɛho hia sɛ Kristofo a wɔwɔ Yudea no ma wɔn ani da hɔ wɔ honhom mu?

5 Nea ɛsen ne nyinaa no, na Hebrifo Kristofo a wɔwɔ Yudea no te ɔman no abakɔsɛm mu bere titiriw bi mu. Na nneɛma a wɔn Wura, Yesu Kristo aka sɛ ɛbɛhyɛ Yudafo nhyehyɛe no awiei agyirae no pii asisi dedaw. Enti na awiei no nni akyiri koraa. Ná ɛsɛ sɛ Kristofo ma wɔn ani da hɔ honhom mu, na wosiesie wɔn ho sɛ ‘wobeguan akɔ mmepɔw so,’ na ama wɔanya wɔn ti adidi mu. (Mateo 24:6, 15, 16) So na wobenya gyidi ne honhom fam ahoɔden a ehia na ama wɔayɛ ade ntɛm sɛnea Yesu de ho akwankyerɛ mae no? Ná ɛte sɛ nea ebinom adwenem yɛ wɔn naa no.

6. Dɛn na na Kristofo a wɔwɔ Yudea no hia kɛse?

6 Afeha a ɛbae ansa na wɔresɛe Yudafo nneɛma nhyehyɛe mũ no nyinaa no, na ɛda adi sɛ Hebrifo Kristofo no wɔ nhyɛso kɛse a efi asafo no mu ne akyi ase. Ná wohia nkuranhyɛ. Nanso na wohia afotu ne akwankyerɛ a ɛbɛboa wɔn ma wɔahu sɛ baabi a wɔnam no ne ɔkwan pa no, ne sɛ wɔn amanehunu ne wɔn brɛ nyɛɛ ɔkwa. Anigyesɛm ne sɛ, Paulo tuu ne ho mae, bɛboaa wɔn.

7. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma nea Paulo kyerɛw kɔmaa Hebrifo Kristofo no ho hia yɛn?

7 Ɛsɛ sɛ nea Paulo kyerɛw kɔmaa Hebrifo Kristofo no ho hia yɛn kɛse. Dɛn ntia? Efisɛ yɛte bere bi a ɛne wɔn de no di nsɛ mu. Da biara da yɛte nhyɛso ahorow nka fi wiase a Satan di so tumi no mu. (1 Yohane 5:19) Nsɛm a ɛfa nna a edi akyiri ne “wiase awiei” ho a Yesu ne asomafo no hyɛɛ ho nkɔm no reba mu wɔ yɛn bere yi so. (Mateo 24:3-14; 2 Timoteo 3:1-5; 2 Petro 3:3, 4; Adiyisɛm 6:1-8) Nea ɛsen ne nyinaa no, ehia sɛ yɛma yɛn ani da hɔ wɔ honhom mu sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi “aguan afi nneɛma a ɛrebɛba yi nyinaa mu.”—Luka 21:36.

Obi a Ɔsen Mose

8. Ɛdenam nea Paulo kae a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Hebrifo 3:1 so no, dɛn na na ɔrehyɛ ne mfɛfo Kristofo nkuran sɛ wɔnyɛ?

8 Bere a Paulo rebɔ asɛntitiriw bi so no, ɔkyerɛwee sɛ: “Monhwɛ yɛn asɛm a yegyina so ka no ho somafo ne sɔfo panyin Yesu.” (Hebrifo 3:1) “Monhwɛ” kyerɛ sɛ “mubehu mu yiye . . . , sɛ mobɛte ase yiye, na moasusuw ho yiye.” (Vine’s Expository Dictionary of Old and New Testament Words) Enti na Paulo rehyɛ ne mfɛfo gyidifo no nkuran ma wɔabɔ mmɔden ahu dwuma a Yesu dii wɔ wɔn gyidi ne nkwagye mu no mu yiye. Eyi a wɔbɛyɛ no bɛhyɛ wɔn bo a wɔasi sɛ wobegyina pintinn wɔ gyidi no mu no mu den. Ɛnde, dwuma bɛn na Yesu dii, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ ‘yɛhwɛ’ no?

9. Dɛn nti na Paulo frɛɛ Yesu “somafo” ne “sɔfo panyin”?

9 Paulo de nsɛm “somafo” ne “sɔfo panyin” na ɛkaa Yesu ho asɛm. ‘Ɔsomafo’ yɛ obi a wɔasoma no, na wɔ ha no, ɛka ɔkwan a Onyankopɔn nam so ne adesamma di nkitaho no ho asɛm. ‘Ɔsɔfo panyin’ yɛ obi a nnipa nam ne so kɔ Onyankopɔn anim. Nsiesiei abien yi ho hia ma nokware som, na Yesu gyina hɔ ma n’abien nyinaa. Ɔno ne nea wɔsomaa no fii soro sɛ ɔmɛkyerɛkyerɛ adesamma Onyankopɔn ho nokware. (Yohane 1:18; 3:16; 14:6) Afei nso Yesu ne nea wɔde no asi hɔ sɛ Ɔsɔfo Panyin nsusuwso wɔ Yehowa honhom mu asɔrefie nhyehyɛe no mu, ma bɔne fafiri. (Hebrifo 4:14, 15; 1 Yohane 2:1, 2) Sɛ yehu nhyira horow a yɛnam Yesu so betumi anya no ampa a, ɛbɛma yɛanya akokoduru ne ahoɔden a yɛde begyina pintinn wɔ gyidi no mu.

10. (a) Ɔkwan bɛn so na Paulo boaa Hebrifo Kristofo no ma wohuu ye a Kristosom ye sen Yudasom no? (b) Nokwasɛm a wogye tom baabiara bɛn na Paulo kae de sii n’asɛm no so dua?

10 Nea ɛbɛyɛ na Paulo asi mfaso a ɛwɔ Kristofo gyidi so no so dua no, ɔde Yesu totoo Mose a na Yudafo no bu no sɛ odiyifo a ɔsen biara wɔ wɔn nananom mu no ho. Sɛ na Hebrifo Kristofo no betumi afi wɔn koma nyinaa mu agye nokwasɛm a ɛne sɛ Yesu so sen Mose no atom a, ɛnde na ɛrenyɛ den sɛ wobegye atom sɛ Kristosom ye sen Yudasom. Paulo kae sɛ ɛmfa ho sɛ wobuu Mose sɛ ɔfata sɛ wɔde Onyankopɔn ‘fie’—Israel man anaa asafo—hyɛ ne nsa no, ná ɔyɛ ɔsomfo anaa akoa nokwafo kɛkɛ. (Numeri 12:7) Nea ɛne eyi bɔ abira no, na Yesu ne Ɔba no, ofie no so panyin. (1 Korintofo 11:3; Hebrifo 3:2, 3, 5) Nea ɛbɛyɛ na Paulo asi n’asɛm no so dua no, ɔkaa nokwasɛm a wogye tom wɔ baabiara yi: “Efisɛ ofi biara, obi na osi, na nea osiesie nneɛma nyinaa ne Onyankopɔn.” (Hebrifo 3:4) Obiara ntumi nnye kyim sɛ Onyankopɔn korɔn sen obiara, efisɛ ɔno ne nneɛma nyinaa Yɛfo anaa Bɔfo. Enti sɛnea ntease wom no, esiane sɛ na Yesu yɛ Onyankopɔn adwumayɛboafo nti, ɔsen abɔde nyinaa, a Mose nso ka ho.—Mmebusɛm 8:30; Kolosefo 1:15-17.

11, 12. Dɛn nti na Paulo hyɛɛ Hebrifo Kristofo no nkuran sɛ ‘wonso mu pintinn nkosi ase,’ na ɔkwan bɛn so na yebetumi de n’afotu no adi dwuma?

11 Nokwarem no, na Hebrifo Kristofo no wɔ gyinabea a ɔdom wom kɛse. Paulo kaee wɔn sɛ ‘wɔfra ɔsoro frɛ no mu,’ hokwan a na ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ ho anisɔ kɛse sen biribiara a na wobetumi anya afi Yudafo nhyehyɛe no mu. (Hebrifo 3:1) Ɛbɛyɛ sɛ Paulo nsɛm no maa Kristofo a wɔasra wɔn no ani gyei sɛ wɔn ani da apɛgyade foforo so sen sɛ anka wobedi yaw sɛ wɔagyae nneɛma a anka wobenya afi Yudafo nhyehyɛe no mu no. (Filipifo 3:8) Bere a Paulo rehyɛ wɔn nkuran sɛ wonkura hokwan a wɔanya no mu na wɔnntoto no ase no, ɔkae sɛ: “Kristo de, odi [Onyankopɔn] fi so sɛ ɔba; nso ne fi no ne yɛn, nanso gye sɛ yeso anidaso no ho nnam ne ahohoahoa mu pintinn kosi ase.”—Hebrifo 3:6.

12 Yiw, sɛ Hebrifo Kristofo no benya wɔn ti adidi mu wɔ Yudafo nneɛma nhyehyɛe a na ɛreba awiei no mu a, na ehia sɛ woso wɔn anidaso a Onyankopɔn de ama wɔn no mu “pintinn kosi ase.” Sɛ yɛpɛ sɛ yenya yɛn ti didi mu wɔ nhyehyɛe yi awiei a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa ara nnɛ. (Mateo 24:13) Ɛnsɛ sɛ yɛma asetra mu dadwen, nkurɔfo anibiannaso, anaa yɛn ankasa mmerɛwyɛ ma yehinhim wɔ gyidi a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow mu no ho. (Luka 21:16-19) Nea ɛbɛma yɛahu ɔkwan a yɛbɛfa so ahyɛ yɛn ho den no, momma yentie Paulo nsɛm a ɛka ho no.

“Mummpirim Mo Koma”

13. Kɔkɔbɔ bɛn na Paulo de mae, na ɔkwan bɛn so na ɔde Dwom 95 dii dwuma?

13 Bere a Paulo asusuw gyinabea a ɔdom wom a na Hebrifo Kristofo wɔ ho awie no, ɔde kɔkɔbɔ yi mae sɛ: “Sɛnea Honhom Kronkron ka no: Ɛnnɛ, sɛ mote ne nne a, mummpirim mo koma, sɛ ntawntaw no mu, sɔhwɛ da no wɔ sare so hɔ.” (Hebrifo 3:7, 8) Ná Paulo refa Dwom a ɛto so 95 hɔ asɛm aka, ma enti na obetumi aka sɛ “sɛnea Honhom Kronkron ka no.”b (Dwom 95:7, 8; Exodus 17:1-7) Kyerɛwnsɛm no fi Onyankopɔn home mu denam ne honhom kronkron no so.—2 Timoteo 3:16.

14. Israelfo no yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ nea Yehowa yɛ maa wɔn no ho, na dɛn ntia?

14 Bere a woyii Israelfo fii nkoasom mu wɔ Misraim akyi no, wɔde hokwan a ɛne sɛ wɔne Yehowa benya apam mu abusuabɔ no maa wɔn. (Exodus 19:4, 5; 24:7, 8) Nanso, sɛ́ anka wɔbɛkyerɛ nea Onyankopɔn ayɛ ama wɔn no ho anisɔ no, ankyɛ na wɔtew atua. (Numeri 13:25–14:10) Ɛyɛɛ dɛn na ɛbaa saa? Paulo twee adwene sii nea ɛyɛe a ɛbaa saa no so: pirim a wopirim wɔn koma. Nanso ɛyɛ dɛn na koma a enim Onyankopɔn na etie N’asɛm tumi pirim? Na dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ de kwati eyi?

15. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔate ‘Onyankopɔn nne’ tete ne nnɛ? (b) Nsɛm bɛn na ehia sɛ yebisa yɛn ho wɔ ‘Onyankopɔn nne’ ho?

15 Paulo de nsɛm a wɔde hwɛ biribi kwan na efii ne kɔkɔbɔ no ase sɛ, “sɛ mote ne nne a.” Onyankopɔn nam Mose ne adiyifo afoforo so na ɛkasa kyerɛɛ ne nkurɔfo. Na afei Yehowa nam ne Ba, Yesu Kristo so kasa kyerɛɛ wɔn. (Hebrifo 1:1, 2) Ɛnnɛ, yɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mũ, Kyerɛw Kronkron no nyinaa. Afei nso yɛwɔ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” a Yesu apaw wɔn sɛ wɔmma yɛn honhom mu “aduan ɛbere a ɛsɛ mu” no. (Mateo 24:45-47) Enti, Onyankopɔn da so ara kasa. Nanso, so yɛretie? Sɛ nhwɛso no, ɔkwan bɛn so na yɛde afotusɛm a ɛfa ntadehyɛ ne ahosiesie anaa anigyede ne nnwom ko a yɛpɛ ho no di dwuma? So ‘yɛte ne nne,’ kyerɛ sɛ yɛde yɛn adwene si nea yɛte no so di so? Sɛ ɛyɛ yɛn suban sɛ yeyiyi nsɛm ano, anaa yennye afotu ntom a, ɛnde na yɛrema kwan ma asiane a ɛnam anifere kwan so ba no apirim yɛn koma.

16. Dɛn ne ɔkwan biako a yɛn koma betumi afa so apirim?

16 Afei nso sɛ yeguan fi nea yebetumi ayɛ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ho a, yɛn koma betumi apirim. (Yakobo 4:17) Ɛmfa ho nea Yehowa yɛ maa Israelfo no nyinaa no, wɔantumi ankyerɛ gyidi, wɔtew atua tiaa Mose, gyee Kanaan ho atosɛm mmom dii, na wɔpoo sɛ wɔbɛkɔ Bɔhyɛ Asase no so. (Numeri 14:1-4) Enti Yehowa hyɛe sɛ wobedi mfe 40 wɔ sare no so—bere tenten a ɛbɛma saa awo ntoatoaso no mufo a wɔankyerɛ gyidi no awuwu afi mu. Bere a wɔn ho yɛɛ Onyankopɔn ahi no, ɔkae sɛ: “Wɔfom so daa wɔ wɔn komam. Nanso wɔn de, wɔanhu m’akwan; sɛnea mekaa ntam m’abufuw mu no: Wɔrenhyɛn me home mu.” (Hebrifo 3:9-11) So yehu sɛ asuade bi wɔ eyi mu ma yɛn?

Asuade a Ɛwom Ma Yɛn

17. Dɛn nti na na Israelfo no nni gyidi ɛmfa ho sɛ wohuu Yehowa nnwuma akɛse na wɔtee mpaemuka ahorow no?

17 Israelfo awo ntoatoaso a wofii Misraim no de wɔn aniwa huu Yehowa nnwuma akɛse, de wɔn aso tee ne mpaemuka ahorow. Ne nyinaa akyi no, na wonni gyidi sɛ Onyankopɔn betumi de wɔn akɔ Bɔhyɛ Asase no so dwoodwoo. Dɛn ntia? Yehowa kae sɛ: “Wɔanhu m’akwan.” Na wonim nea Yehowa aka na wayɛ, nanso na wonnyaa ne mu awerɛhyem ne ahotoso sɛ obetumi ahwɛ wɔn. Na wɔn ankasa ahiade ahorow ne nneɛma a wɔn ani gye ho agye wɔn adwene araa ma wɔansusuw Onyankopɔn akwan ne n’atirimpɔw ho ahe biara. Yiw, na wonni ne bɔhyɛ mu gyidi.

18. Sɛnea Paulo kyerɛ no, nneyɛe bɛn na ebetumi ama yɛanya “koma bɔne a ennye nni”?

18 Nsɛm a edi hɔ a ɔka kyerɛɛ Hebrifo yi fa yɛn ho saa ara: “Monhwɛ yiye, anuanom, na koma bɔne a ennye nni amma mo mu biara mu, na wanwae amfi Nyankopɔn teasefo ho.” (Hebrifo 3:12) Paulo kyerɛɛ nea ɛkɔfaa asɛm no nyinaa bae bere a ɔkae sɛ “koma bɔne a ennye nni” no fi ‘wae a wɔwae fi Nyankopɔn teasefo no ho.’ Ná wadi kan aka ‘siane a wosiane ho’ esiane aso a wɔnyɛ nti ho asɛm wɔ ne krataa no mu. (Hebrifo 2:1) Nanso Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase ‘wae fi’ no kyerɛ “twe a obi twe ne ho,” na ɛne asɛmfua “ɔwae” wɔ abusuabɔ. Ɛkyerɛ boa a obi boapa po biribi, twe a ɔtwe ne ho fi ho, na ɔyɛ biribi de kyerɛ animtiabu bere a wayi ne ho afi ho no.

19. Ɔkwan bɛn so na sɛ yɛantie afotu a, ebetumi akowie bɔne kɛse mu? Yɛ ho mfatoho.

19 Enti asuade a ɛwom ne sɛ sɛ yɛde yɛ yɛn su sɛ ‘yɛrentie Yehowa nne,’ na yebu yɛn ani gu afotusɛm a ɔnam N’asɛm ne akoa nokwafo kuw no so de ma no so a, ɛrenkyɛ na yɛn koma asi kyekye, apirim. Sɛ nhwɛso no, ebia nnipa baanu a wɔnwaree benya nkitahodi a ɛkɔ akyiri dodo. Sɛ wobu wɔn ani gu asɛm no so kɛkɛ a, dɛn na ɛbɛba? So ɛno bɛbɔ wɔn ho ban afi yɛ a wɔbɛyɛ bio no ho, anaasɛ ɛno bɛma ayɛ mmerɛw ama wɔn sɛ wɔbɛyɛ bio? Saa ara na sɛ akoa kuw no de afotu ma wɔ hia a ehia sɛ yeyiyi nnwom ne anigyede a yɛpɛ, ne nea ɛkeka ho mu a, so yefi anisɔ mu gye tom, yɛ nsakrae a ehia? Paulo hyɛɛ yɛn sɛ ‘yennyae yɛn ho yɛn ho nhyiam.’ (Hebrifo 10:24, 25) Ɛmfa ho afotu yi no, ebinom bu Kristofo nhyiam ahorow animtiaa. Ebia wɔbɛte nka sɛ, pa a ebi bɛpa wɔn ti so, anaa kɔ a wɔnkɔ nhyiam ahorow bi koraa no nyɛ hwee.

20. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛde adwempa tie Kyerɛwnsɛm mu afotusɛm?

20 Sɛ yɛamfa adwempa antie Yehowa “nne” sɛnea wɔada no adi pefee wɔ Kyerɛwnsɛm no ne nhoma ahorow a egyina Bible so no mu a, ɛrenkyɛ, nea yebehu ara ne sɛ ‘yɛrewae afi Nyankopɔn teasefo no ho.’ Afotu a yɛnhyɛ da mfa no aniberesɛm no betumi akowie bu a yebebu no abomfiaa koraa, akasa atia, na yɛasɔre atia. Sɛ yɛanteɛteɛ nneɛma a, nea ebefi mu aba ne “koma bɔne a ennye nni,” na mpɛn pii no, te a yɛbɛtete yɛn ho afi tebea a ɛte saa mu no tumi yɛ den paa. (Fa toto Efesofo 4:19 ho.) Yeremia kyerɛw ma ɛfatae sɛ: “Koma wɔ hɔ yi, ɛyɛ okontomponi sen ade nyinaa na emuɔ, hena na obenya mu ahuye?” (Yeremia 17:9) Eyi nti, Paulo hyɛɛ ne mfɛfo Hebrifo a wɔyɛ gyidifo no nkuran sɛ: “Muntutu mo ho fo da biara a wɔda so bɔ din sɛ ‘Ɛnnɛ’ no, na bɔne nnaadaa ampirim mo mu biara koma.”—Hebrifo 3:13.

21. Dɛn na wɔhyɛ yɛn nyinaa nkuran sɛ yɛnyɛ, na dɛn na yɛhwɛ kwan?

21 Hwɛ sɛnea yɛn ani agye sɛ Yehowa nam N’asɛm ne n’ahyehyɛde no so kɔ so ara kasa kyerɛ yɛn nnɛ! Yɛde aseda ma sɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no kɔ so boa yɛn ma ‘yeso nea yefii ase de yɛn ho too so no mu pintinn kosi ase.’ (Hebrifo 3:14) Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yɛyɛ Onyankopɔn dɔ ne n’akwankyerɛ ho biribi. Bere a yɛyɛ saa no, yɛn nsa betumi aka Yehowa bɔhyɛ foforo a ɛyɛ anigye—a ɛne hyɛn a ‘yɛbɛhyɛn’ ne home mu. (Hebrifo 4:3, 10) Ɛno ne asɛm a edi so a Paulo ne Hebrifo Kristofo no susuw ho, na ɛno nso ne nea yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ nsɛm]

a Josephus bɔɔ amanneɛ sɛ bere a Festus wui akyi bere tiaa bi no, Ananus (Anania) a ɔyɛ Sadukifo a wɔatew wɔn ho muni no bɛyɛɛ ɔsɔfo panyin. Ɔde Yesu nuabarima, Yakobo ne asuafo afoforo kɔɔ Sanhedrin no anim ma wobuu wɔn kumfɔ siw wɔn abo.

b Ɛda adi sɛ Paulo faa Hela Septuagint no mu nsɛm a ɛkyerɛ Hebri asɛm “Meriba” ne “Masa” ase sɛ, “ntawntaw” ne “sɔhwɛ” no na ɛkae. Hwɛ Insight on the Scriptures Po 2, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii no nkratafa 350 ne 379.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

◻ Dɛn nti na Paulo kyerɛw afotu a emu yɛ den saa kɔmaa Hebrifo Kristofo no?

◻ Ɔkwan bɛn so na Paulo boaa Hebrifo Kristofo no ma wohui sɛ wɔwɔ biribi a eye sen asetra a na wɔwom wɔ Yudasom mu no?

◻ Ɔkwan bɛn so na obi koma tumi pirim?

◻ Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛakwati sɛ yebenya “koma bɔne a ennye nni”?

[Kratafa 10 mfonini]

So worekyerɛ gyidi wɔ Yesu, Mose Ɔkɛse no, mu?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena