-
Ɔfã 6: Onyankopɔn Mfirihyia Apem Ahenni AbɛnƆwɛn-Aban—1981 | June 1
-
-
Ɔfã 6: Onyankopɔn Mfirihyia Apem Ahenni Abɛn
22, 23. (a) Nea ɛne Lewi ɔsɔfo panyin no bɔ abira no, ɔkwan bɛn so na wɔyɛɛ Yesu ɔsɔfo panyin? (b) Sɛnea Hebrifo 7:23-28 kyerɛ no, ɔkwan bɛn so na Yesu sɛ ɔsɔfo panyin no, obetumi agye wɔn a wɔnam no so bɛn Onyankopɔn no korakora?
22 Yuda sɔfo panyin Aaron ne n’adedifo no anyɛ asɔfo denam ntam a Yehowa Nyankopɔn kae so. Nanso wɔyɛɛ Yesu Kristo a na omfi asɔfo abusua biara mu wɔ asase so no ɔsɔfo panyin denam Onyankopɔn ntam so. N’asetra so twae bere tiaa bi denam wu a owui sɛ ɔdesani afɔre a ɛyɛ pɛ no so, nanso, wonyan no kɔɔ ɔsoro asetra a ɔporɔw nni mu mu ma wakɔyɛ daa ɔsɔfo panyin te sɛ Melkisedek. Wɔda nsonsonoe a ɛda ɔno ne Aaron Lewifo asɔfodi no ne n’adedifo ntam no adi wɔ Hebrifo 7:23-28, faako a yɛkenkan sɛ:
23 “Na wɔn [Aaron mma] de, wɔyɛ asɔfo a wɔdɔɔso, sɛ owu amma wɔantra hɔ ntia; na oyi [Melkisedek a Ɔkyɛn So no] de, sɛ́ ɔte hɔ daa nti, odi sɔfo a wɔnsakra. Enti nso obetumi agye wɔn a wɔnam no so ba Onyankopɔn nkyɛn no koraa, sɛ ɔte ase daa sɛ obedi ama wɔn. Na ɔsɔfo panyin a ɔfata yɛn ne sɛɛ ɔsɔfo panyin yi a ne ho tew, onni bɔne, ne ho nni nkekae, wɔayi no afi nnebɔneyɛfo ho, na wɔama no so akyɛn asoro; ɔno na enhia no daa, sɛ asɔfo mpanyin no, sɛ ɔbɔ n’ankasa bɔne ho afɔre kan ansa na wabɔ ɔman no de; na ɔde ne ho bɔɔ afɔre no, ɔyɛɛ eyi prɛko. Na [Mose] mmara no hyɛ nnipa a wɔyɛ mmerɛw asɔfo mpanyin, na mmara no akyi [bɛboro mfirihyia ahanan no, Onyankopɔn] ntanka no asɛm no hyɛ Ɔba no a wawie ayɛ pɛ daa no sɔfo panyin.”
24. Yesu Kristo yɛ ɔsɔfo panyin wɔ “kronkronbea” bɛn, na bere bɛn a odi sɔfo na ɛsɛ sɛ adesamma da ho ase?
24 Enti asentitiriw a wɔreda no adi wɔ ha no ne nea ɛwɔ he? Wɔada eyi adi wɔ nkyekyem ahorow abien a edidi so no mu (Heb. 8:1, 2) , sɛ: “Na asɛm a yɛreka yi mu titiriw ni: yɛwɔ saa ɔsɔfo panyin a wakɔtra tumi kɛse ahengua no nifa, ɔsoro, sɛ kronkronbea no ne nokware ntamadan a Awurade ankasa na ɛnyɛ onipa pamee no mu sɔfo.” So ɛnsɛ sɛ adesamma da Onyankopɔn ase sɛ wobenya Ɔsɔfo Panyin a ɔte saa a ɔbɛn Onyankopɔn na ɔbɛsrɛ ama wɔn wɔ mfirihyia apem dwumadi no mu bere a wɔde Satan Ɔbonsam ne n’adaemone no begu bun mu no? Yiw! Nokwarem no, Onyankopɔn nsiesie a ɛte saa de nea eye ankasa bɛma adesamma.
25. Dɛn nti na Yesu ansom sɛ ɔsɔfo panyin wɔ Yerusalem asɔrefi, na dɛn na na Yerusalem asɔredan no yɛ ne nsɛso?
25 Bere a na ɔwɔ asase so sɛ onipa a ɔyɛ pɛ no, Yesu Kristo ansom sɛ odwumayɛni wɔ asɔrefi a na ɛwɔ Yerusalem no mu. Mose mmara no amma no kwan sɛ ɔnyɛ saa, efisɛ, na ɔnyɛ Lewini anaasɛ na omfi Aaron asɔfo abusua no mu. Nanso ɔsomee wɔ gyinabea bi a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron mu, wɔ asɔrefi bi a ɛkorɔn na ɛyɛ titiriw a wɔnnam nnipa te sɛ Ɔhene Herode Ɔkɛseɛ anaasɛ Amrado Serubabel anaa Ɔhene Salomo so sii wɔ Yerusalem no mu. Na asɔredan ahorow a nnipa sii, te sɛ ahyiae ntamadan kronkron a Mose sii no yɛ nhwɛso bi ara kwa. (Ex. 40:1-33) Kyerɛwtohɔ biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ Ɔhene Melkisedek sii asɔredan wɔ Salem, na ná ohia ɔdan bi a ɛte saa ma ɔde asom sɛ “Ɔsorosoroni Nyankopɔn no sɔfo.” Enti, wontumi mfa biribiara a ɛte saa a ɛfa Melkisedek ho nni dwuma sɛ nsɛso. Nanso Melkisedek a Ɔkyɛn So, Yesu Kristo, somee sɛ ɔsɔfo Panyin wɔ sɛnkyerɛnne kwan so kronkronbea ne asɔredan a ɛne, “kronkronbea ne nokware ntamadan a Awurade pamee” no mu.
NOKWARE ASƆREDAN NO
26, 27. (a) Wɔkyekyɛe ntamadan kronkron no ne Yerusalem asɔredan no mu ahe? (b) Nneɛma bɛn na na ɛwɔ ntamadan no ne Salomo asɔredan no pia biara mu?
26 Na ntamadan kronkron a Mose sii wɔ Bepɔw Sinai so ne asɔredan ahorow a ɛwɔ Yerusalem no wɔ mpia abien, wɔfrɛ pia a edi kan no Kronkronbea, na wɔfrɛ nea ɛto so abien no Kronkron mu Kronkronbea, nea ɛyɛ Kronkron sen biara.
27 Nneɛma a na ɛwɔ Kronkronbea hɔ no ne sika pon a wɔde abodoo a wɔfrɛ no “kyerɛ abodoo” gu so no, ne sika kaneadua a nsa ason tuatua ho a akanea sisi so ne sika aduhuamhyew muka no. Ɛdenam nkanea a esisi kaneadua no so no hann so no, na ɔsɔfo panyin no tumi hyehyɛ kyerɛ abodoo no na ɔhyew aduhuam wɔ muka no so wɔ ha. Nanso wɔ ntamadan a Mose sii ne asɔredan a Salomo sii no Kronkron mu Kronkronbea hɔ no, na sika Apam Adaka kronkron no ne ne sika mmuaso a sika kerubim abien sisi so a wɔhwɛ wɔn ho anim a wɔatrɛtrɛw wɔn ntaban mu no wɔ hɔ. Na anwonwa kwan so hann a wɔfrɛ no Sekina Kanea a na ɛwɔ kerubim abien no ntam no ma Kronkron mu Kronkronbea hɔ yɛ hann.
28. Ɔkwan bɛn so na Yuda ɔsɔfo panyin no siesiee ne ho maa mpata afɔre horow no mogya a wɔpete wɔ Kronkron mu Kronkronbea hɔ, enti hefo bɔne na ɔpata mae?
28 Ansa na ɔde mpata afɔre mogya no bɛma pɛnkoro afe biara wɔ Mpata Da no, ná ɔsɔfo panyin a ofi Aaron abusua mu no fa aduhuamhyew ade ketewa bi kura ne nsam na ɔtra mmɔhɔɔ a etwa pia a edi kan ne nea ɛto so abien no ntam no kɔ akyi, na ɔhyew aduhuam no wɔ Apam Adaka no anim wɔ Sekina Kanea no hann mu. Ná eyi bue kwan ma no ma ɔde mpata afɔre abien no mogya san ba akyiri yi, na ɔde eyi apete Apam Adaka no Mmɔborohunu Agua no so. Saa kwan yi so no, ɔpata maa n’ankasa ho ne ne Lewifo abusua no, ne afei Israel man no bɔne. Na eyi ne ɔkwan a wɔfa so pata ma, sɛnea na wɔada no adi wɔ Mose Mmara apam no mu no.—Heb. 9:1-10; Num. 7:89.
29. (a) Bere bɛn na wobuee ntamadan a Mose sii no ano, na bere bɛn na wobuee Salomo asɔredan no nso ano? (b) Bere bɛn na wɔde nokware ntamadan anaasɛ asɔredan no bae?
29 Mose sii ahyiae ntamadan kronkron no wɔ Sinai sare so fefɛw bere, Nisan da a edi kan, afe 1512 A.Y.B. mu. Ɔhene Salomo wiee n’asɔredan no wɔ Yerusalem afe 1027 A.Y.B. mu, na ɛno akyi ohyiraa so ofupɛ bere Tishri da a ɛto so dunnum afe 1026 A.Y.B. mu. (1 Ahe. 8:1, 2, 65, 66) Nanso bere bɛn na sɛnkyerɛnne kwan so ntamadan anaasɛ asɔredan, “nokware ntamadan” no ne ne “kronkronbea” no bae? Ɛyɛ bere a na asɔredan ankasa a Ɔhene Herode Ɔkɛseɛ no sii no da so ara si Yerusalem no. Ná ɛyɛ fefɛw bere mfiase wɔ afe 29 Yɛn Bere mu. Ɔkwan bɛn so na na eyi te saa? Dɛn na ɛbae saa bere no ma nokware asɔredan ho behiae?
30, 31. (a) Bere bɛn, ne ɔkwan bɛn so na sɛnkyerɛnne kwan so Ɔsɔfo Panyin no bae? (b) Sɛnkyerɛnne kwan so da a woyi bɔne fi hɔ bɛn na efii ase saa bere no, na nea Yesu de mae ne nea Aaron de mae no te dɛn?
30 Wɔ afe 29 Y.B. mu no, sɛnkyerɛnne kwan so Ɔsɔfo Panyin no puei, na te sɛ Lewi ɔsɔfo panyin Aaron no, na ɛsɛ sɛ onya ntamadan a obedi dwuma wɔ mu. Sɛnkyerɛnne kwan so Ɔsɔfo Panyin a ɔbɔ afɔre yi ne Awurade Yesu a wɔde Onyankopɔn honhom kronkron sraa no ma wabɛyɛ honhom mu ɔsɔfo panyin no. Honhom kronkron a wɔde sraa no yi bae bere a Osuboni Yohane bɔɔ no asu wɔ Yordan Asubɔnten no mu no akyi. Enti, yɛ a ɔbɛyɛɛ Mesia anaasɛ Nea Wɔasra No bere a odii mfe aduasa no bae mfe abiɛsa ne fã ansa na n’afɔrebɔ wu ma adesamma bɔne no reba. (Dan. 9:24, 25, 27; Luka 3:21-23) Saa bere yi no, sɛnkyerɛnne kwan so Mpata Da kɛse no fii ase, na Yesu nyaa biribi a eye sen nea Ɔsɔfo Panyin Aaron nyae wɔ mpata da no ankasa wɔ afe 1512 A.Y.B. mu hɔ, bere a na wɔde ntamadan anaasɛ trabea kronkron no asi hɔ no. Ná eyi yɛ dɛn? Wɔ Hebrifo 8:3-6 ne 9:11-14 no, wɔka kyerɛ yɛn sɛ:
31 “Ɔsɔfo panyin biara, wɔhyɛ no sɛ ɔmfa ayɛyɛde ne afɔre mma, enti ɛsɛ sɛ oyi nso nya biribi a ɔde bɛma. Na sɛ ɔwɔ asase so de a, anka ɔnyɛ ɔsɔfo mpo, efisɛ ɔsɔfo a ɔde ayɛyɛde ma, sɛnea mmara no te no, wɔ hɔ dedaw; wɔn a wɔsom ɔsoro nneɛma nhwɛso ne sunsuma, sɛ asɛm a Mose rebesiesie ntamadan no, ɛbaa ne nkyɛn no, na ose: Hwɛ ade nyinaa sɛnea nsusuwso a wɔkyerɛɛ wo bepɔw no so no te. Na afei ne nsa aka asɔfodwuma a ɛkyɛn so, sɛ wayɛ apam a ɛkyɛn so a wogyina bɔhyɛ a ɛkyɛn so so hyɛɛ ho mmara no ntamgyinafo.”
32. Sɛnea Aaron de no yɛɛ ho mfonini no, dɛn mu na Yesu Kristo hyɛnee, na dɛn na ɔde kɔɔ hɔ a ɛhohoro yɛn ahonim ho fi nnwuma funu ho?
32 “Nanso, Kristo a ɔbae sɛ nnepa a ɛrebɛba no ho sɔfo panyin, nam ntamadan a ɛso na ɛyɛ pɛ kyɛn so a wɔamfa nsa ansi, ɛne sɛ, emfi adebɔ yi mu mu, nanso ɛnyɛ mpapo ne anantwi mma mogya, na n’ankasa ne mogya so na ɔnam kɔɔ kronkron mu [nea na ɛte sɛ ntamadan no mu kronkron mu Kronkronbea no] prɛko konyaa daa ogye. Na sɛ anantwinini ne mpapo mogya ne anantwibere nso a wɔde dwira wɔn a wɔn ho agu fi, tew wɔn ho kɔɔ honam ahofi mu a: mpɛn ahe ara na Kristo a ɔnam daa honhom so de ne ho bɔɔ afɔre a ɛho nni dɛm maa Onyankopɔn no mogya rentew mo ahonim ho mfi nnwuma funu mu nkɔsom Onyankopɔn a ɔte ase?”
33, 34. (a) Ɛdenam asu a ɔbɔe wɔ Yordan Asubɔnten no mu so no, dɛn na Yesu yɛɛ ho sɛnkyerɛnne? (b) Dɛn na na Onyankopɔn asiesie ama onipa Yesu, na dɛn nti na ɔde bɔɔ afɔre, na ɔyɛɛ no mpɛn ahe?
33 Enti, bere a onipa a ɔyɛ pɛ, Yesu, bɛyɛɛ Onyankopɔn Sɔfo Panyin a wɔasra no wɔ ne nsu mu asubɔ no akyi no, dɛn na na ɛsɛ sɛ ɔde bɔ afɔre ma Onyankopɔn? Na ɛnyɛ aboa a ɔba fam sen ɔdesani no mogya a na entumi mpopa onipa bɔne mfi hɔ da no, na mmom n’ankasa ne nipadua a ɛyɛ pɛ, a ɔnam ɔbaabun Maria awo so nyae no. Ohui sɛ na Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn asiesie no ma wafata ama afɔrebɔ adwuma yi. Enti, bere a ɔbaa Osuboni Yohane nkyɛn ma wabɔ no asu wɔ Yordan Asubɔnten no mu no, ɔde ne ho bɛmaa Onyankopɔn sɛ efi hɔ rekɔ no ɔbɛyɛ ɔsoro apɛde no. Ne nsu mu asubɔ no yɛɛ ne ho a na ɔde rema sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde akodu afɔrebɔ wu mpo mu ho sɛnkyerɛnne. Ɛdefa eyi ho no, Hebrifo 10:4-10 ka sɛ:
34 “Anantwinini ne mpapo mogya ntumi nyi bɔne. Enti, ɔba wiase no, ɔka sɛ: ‘Afɔre ne ayɛyɛde, woampɛ, ɔhonam na woasiesie de ama me. Ɛno na mekae sɛ: Hwɛ, mereba (wɔakyerɛw me ho asɛm wɔ nhoma mmobɔwee no mu) sɛ merebɛyɛ nea wo, Nyankopɔn, wopɛ.’ Kan no ɔka sɛ: ‘Afɔre ne ayɛyɛde ne ɔhyew afɔre ne bɔne ho afɔrebɔ, woampɛ, nanso ansɔ wo ani,’ ɛne nea wɔnam mmara so de ma; ɛno na ɔka sɛ: ‘Hwɛ, mereba sɛ merebɛyɛ nea wo, Nyankopɔn, wopɛ;’ oyi nea edi kan, na ɔde nea ɛto so abien no asi hɔ. Saa ɔpɛ no so na wɔnam Yesu Kristo honam a ɔde bɛmae no so atew yɛn ho prɛko.”
35. (a) Wɔ Mpata Da no ankasa so no, dɛn na wɔde dii dwuma wɔ afɔremuka no so, na dɛn na wɔde mae wɔ hɔ? (b) Na dɛn ne sɛnkyerɛnne kwan so “afɔremuka” a Yesu de ne ho bɛma wɔ so no?
35 Wɔ tete mpata da no so no, ɔsɔfo panyin Aaron de mmoa a wɔakum wɔn no mogya no bi pẽtee afɔremuka no so na afei nso ɔhyew mmoa a wɔakum wɔn no srade wɔ afɔremuka a na ɛwɔ adiwo hɔ wɔ ahyiae ntamadan kronkron no anim no so. (Lev. 16:16-19, 25) Ɛnde, na dɛn ne sɛnkyerɛnne kwan so “afɔremuka” a Yesu Kristo, sɛ́ honhom mu ɔsɔfo panyin no, bɔɔ ɔdesani afɔre a ɛyɛ pɛ no wɔ so no? Ná ɛnyɛ honam fam afɔremuka te sɛ kɔbere afɔremuka a na ɛwɔ ahyiae ntamadan no adiwo hɔ no. Na ɛnyɛ asɛndua a ɔsɛn so wɔ Kalvary kosi sɛ owui no, efisɛ na saa dua no yɛ ade a wɔadome no, na na wɔmfaa ne mogya a ɛsom bo no ntew ho. (Deut. 21:22, 23; Gal. 3:13) Mmom no, na ɛyɛ honhom mu ade a na Yesu Kristo betumi de ne desani nipadua a ɛte ase a ɛyɛ pɛ no bo a ɛsom no ama wɔ so. Na ɛyɛ Onyankopɔn “pɛ.” “Apɛde” a ɔbɛyɛ yi nti na ɔde ne ho bɛmae. Afei de na ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ obegye ɔdesani afɔre mmom asen mmoa a wokum wɔn afɔre. Enti, ɛdenam Onyankopɔn “pɛ” yi so no, Yesu de ne desani nkwa no bo a ɛsom mae.
36. Hefo na wɔama wɔn kwan sɛ wonnidi honhom mu “afɔremuka” no so, na dɛn na ebefi mu aba ama wɔn ankasa?
36 Enti sɛnkyerɛnne kwan so “afɔremuka” no bae, nea Hebrifo 13:10 ka ho asɛm kyerɛ Kristofo a wɔasra wɔn no: “Yɛwɔ afɔremuka a wɔn a wɔsom ntamadan no mu no nni ho kwan sɛ wodi ho biribi.” Enti, hwɛ ɔhonam fam adwene a ɛyɛ ne ade a ennyina Kyerɛwnsɛm so ma Kristoman mu asɔfo bi sɛ wobesi honam fam “afɔremuka” wɔ wɔn asɔredan ahorow anaasɛ beae foforo a wɔsom wɔ hɔ na wɔaka sɛ wɔbɔ Kristo afɔre wɔ so mpɛn pii, sɛnea wɔyɛ bere a wɔbɔ “Mass” no! Wɔn a wɔwɔ hokwan sɛ wodidi nokware honhom mu “afɔremuka” no so no, ‘wɔnam Yesu Kristo honam a ɔde bɛmae no so atew wɔn ho prɛko.’
37. (a) Nea ɛka honhom fam “afɔremuka” no ho no, dɛn na ɛbae, sɛnea tete ntamadan no yɛɛ ho mfonini no? (b) Wɔ Yesu fam no, dɛn na adiwo no yɛɛ ho mfonini?
37 Sɛnea na tete kɔbere afɔremuka no si adiwo no mfinimfini wɔ ahyiae ntamadan kronkron no anim no, saa nso na wohuu sɛnkyerɛnne kwan so “afɔremuka” no wɔ sɛnkyerɛnne kwan so “adiwo” hɔ. Eyi nnyina hɔ mma kurow anaa beae bi, na mmom egyina hɔ ma onipa tebea wɔ asase so. Na Yesu Kristo, Ɔsɔfo Panyin a wɔasra no no, wɔ saa sɛnkyerɛnne kwan so adiwo hɔ efisɛ, ná ɔwɔ onipa tebea mu sɛ abɔde a ɔyɛ pɛ. Enti na tebea ankasa a ɔwɔ mu wɔ asase so no yɛ trenee, nea bɔne nni ho, nea nkekae nni mu. Te sɛ Lewini Kora mmabarima no, onyaa atrae maa n’ankasa ho wɔ afɔremuka no ho na wayɛ Yehowa apɛde wɔ Yehowa Nyankopɔn nokware “trabea” a ɛwɔ adiwo hɔ no. (Dw. 84:1-3) N’ani gyee ho sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde.—Dw. 40:8.
38, 39. (a) Dɛn bio na ɛkaa sɛnkyerɛnne kwan so adiwo no ne afɔremuka no ho bae? (b) Asemmisa bɛn na eyi ma ɛsɔre, na Yesu asɛm bɛn na ɛkyerɛ faako a Onyankopɔn wɔ?
38 Ɛnyɛ sɛnkyerɛnne kwan so afɔremuka ne adiwo no nko na ɛbae ma abɛyɛ atrae ama Ɔsɔfo Panyin Yesu a wɔasra no no, na mmom sɛnkyerɛnne kwan so ntamadan anaasɛ asɔredan no nso bae. Efi hɔ rekɔ no, na ‘nokware ntamadan a Yehowa pamee’ no yɛ nhyehyɛe ma honhom mu Ɔsɔfo Panyin foforo no.
39 Dɛn ne saa “nokware ntamadan” anaasɛ asɔredan no? So ɛyɛ ɔdan titiriw foforo bi a Ɔbɔadeɛ no asi ama n’ankasa ho wɔ ɔsoro a aniwa nhu hɔ no? Dabi, efisɛ Onyankopɔn nhia ade a ɛte saa. Ɔsorosoroni Nyankopɔn no wɔ baabi a ɔte daa wɔ ɔsoro. Ɔnyɛ honhom abɔde bi ara kwa a ɔwɔ baabiara wɔ bere biara mu. Sɛ́ ɔyɛ Onipa a onim nyansa no, ɔwɔ n’atrae, baabi a ɔte a wobetumi abɛn no. Yesu Kristo kyerɛɛ n’asuafo sɛ wɔmmɔ mpae sɛ: “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew.” Ɔbɔɔ yɛn kɔkɔ wɔ “nkumaa” a wogye no di no mu biako a yebebu wɔn abomfiaa no ho na ɔkyerɛkyerɛɛ nea enti no mu sɛ: “Na mise mo sɛ ɔsoro no, wɔn abɔfo hwɛ m’agya a ɔwɔ soro no anim daa.” (Mat. 6:9; 18:10) Ɛno kyerɛ sɛ, saa ɔsoro abɔfo no tumi bɛn ɔsoro Agya no.
40. Ɛdefa ne soro atrae ho no, dɛn na na Onyankopɔn betumi ayɛ na wɔatumi de atoto “ntamadan” kronkron no Kronkron mu Kronkronbea no ho?
40 Nanso, Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no betumi asakra nhyehyɛe a ɛwɔ baabi pɔtee a ɔte no. Enti bere a ɔwoo ne honhom mu Ɔsɔfo Panyin, Yesu Kristo, bere a wɔbɔɔ no asu ara pɛ no, ná Onyankopɔn betumi ama ne soro atrae no aba tebea foforo mu anaasɛ anya nhyehyɛe ahorow foforo, esiane adesamma a wɔwɔ bɔne mu nti (na ɛnyɛ abɔfo a bɔne nni wɔn ho no nti) . Kronkron a ne soro atrae no yɛ boroo adesamma bɔne so. N’ankasa n’atrae no bɛdaa adi sɛ Onyankopɔn a ɔyɛ trenee nanso ɔyɛ mmɔborohunufo ma enti obegye afɔre a ɛfata na ɛyɛ pɛ a wɔbɔ ma adesamma no atom no atrae a ɛyɛ kronkron. Nanso na ɔsɔfo Panyin a bɔne nni ne ho a ɔyɛ kronkron na ɔwɔ Onyankopɔn anim dom na ɛsɛ sɛ ɔde afɔre yi ne ɛbo a ɛsom no ma. Enti ne soro ahengua no bɛyɛ bɔne ho mpata agua. Saa kwan yi so no, Onyankopɔn maa ne soro atrae no faa Kronkron mu Kronkronbea a na ɛwɔ ntamadan anaasɛ asɔredan no mu no honhom fam su horow no.
41, 42. (a) Dɛn na wɔmaa Aaron kwan sɛ obetumi ahyɛn mu ‘pɛnkorɔ wɔ afe mu,’ na ɔkwan bɛn so? (b) Dɛn ne Kronkron mu Kronkronbea a Yesu Kristo hyɛn mu no, wɔ bere bɛn mu, na mpɛn ahe?
41 Eyi ne nea Bible no ka. Yɛkae sɛ ɔsɔfo panyin Aaron faa mpata da afɔrebɔde ahorow no mogya no kɔɔ Kronkron mu Kronkronbea a na ɛwɔ asase so ahyiae ntamadan no mu no mu, na ɔkɔɔ mmɔhɔɔ no akyi na wakɔyɛ saa. (Lev. 16:12-17; Heb. 9:7) Sɛnea ɛbɛyɛ na wama ne nsusuwso no abam ankasa no, na ɛsɛ sɛ Ɔsɔfo Panyin, Yesu Kristo, hyɛn Kronkron mu Kronkronbea hɔ. Ɛhe na Bible no kyerɛ sɛ ɛwɔ, na ɛyɛ dɛn?
42 Tie: “Ɛnde na etwa sɛ wɔde eyinom tew ɔsoro nneɛma no nhwɛso ho; na ɔsoro nneɛma no ankasa, wɔde afɔre a eye kyɛn eyinom na ɛtew ho. Na Kristo anhyɛn kronkronbea a wɔde nsa yɛe a ɛyɛ nokware [kronkronbea] no ho sɛnkyerɛnne no mu, na mmom ɔhyɛn ɔsoro ankasa, sɛ afei okoyi ne ho adi Onyankopɔn anim ama yɛn; nanso wanhyɛn hɔ sɛ ɔde ne ho bɛbɔ afɔre mpɛn pii, sɛnea ɔsɔfo panyin de obi mogya hyɛn kronkronbea daa afirihyia no; anka ɛsɛ no [Yesu] sɛ ɔtaa hu amane fi wiase asefi, na afei a wiase mmere [ankasa] rewie du yi wayi ne ho adi prɛko sɛ ɔnam ne ho afɔrebɔ so beyi bɔne.”—Heb. 9:23-26.
43, 44. (a) Ɛnde ɛdefa n’asɔredan ho no, dɛn ne Onyankopɔn atrae kronkron no? (b) Dɛn na etwaa Kronkronbea no ne Kronkron mu Kronkronbea no ntam, na ɔkwan bɛn so na Yesu faa eyi mu wɔ sɛnkyerɛnne kwan so de no mu?
43 Sɛ anka ɔbɛma sɛnkyerɛnne kwan so Mpata Da no aba awiei denam hyɛn a ɔbɛhyɛn “kronkronbea” ankasa mu wɔ ntamadan anaasɛ asɔredan mu so no, Ɔsɔfo Panyin Yesu Kristo hyɛn “ɔsoro ankasa” faako a “Onyankopɔn ankasa wɔ.” Baabi a Onyankopɔn ankasa te wɔ ɔsoro yi yɛ nokware Kronkron mu Kronkronbea, Nea ɛyɛ Kronkron sen biara.
44 Wɔ asase so ntamadan no ankasa mu no, wɔde mmɔhɔɔ kataa Kronkron mu Kronkronbea no anim, na enti na Kronkron mu Kronkronbea no wɔ mmɔhɔɔ no mu. Enti saa mmɔhɔɔ no gyinaa hɔ maa ɔdesani honam ‘a ɛsɛ sɛ wofi mu na ama obi atwam afi ɔdesani asetra wɔ asase so no mu akɔ honhom mu asetra mu no. Ɛdenam ne wu ne ne wusɔre so no, Yesu Kristo twaam sɛnea ɛbɛyɛ na wakɔhyɛn ɔsoro Kronkron mu Kronkronbea hɔ. Eyi na wɔkyerɛ wɔ Hebrifo 6:19, 20, faako a, bere a wɔaka 144,000 akyidifo anokwafo no anidaso ho asɛm akyi no, ɛka sɛ: “Ɛno na yɛwɔ sɛ yɛn kra sɛkyɛ a ɛntew na etim hɔ a ɛhyɛn mu de kosi mmɔhɔɔ no mu, nea dikanfo bi hyɛn hɔ maa yɛn no, ɔne Yesu a wayɛ Melkisedek akwan so daa sɔfo panyin.” Anidaso a wɔato no sɛkyɛ a ɛwɔ “mmɔhɔɔ no mu” no yɛ ɔsoro de.
ONYANKOPƆN HONHOM MU ASƆREDAN “KRONKRONBEA NO”
45. (a) Dɛn bio na na ɛwɔ “ntamadan” no mu ka Kronkron mu Kronkronbea no ho? (b) Henanom na na wɔkɔ Kronkronbea hɔ, mpɛn ahe na ɔkwan bɛn so?
45 Mommma yemmmu yɛn ani ngu nokwasɛm a ɛyɛ sɛ na ɛnyɛ nea ɛwɔ asase so ntamadan anaasɛ asɔredan no mu nyinaa ne Kronkron mu Kronkronbea no so. Ne Kronkron mu Kronkronbea no akyi no, na ntamadan anaasɛ asɔredan no wɔ ɔdan a wosi mu kan wɔ mmɔhɔɔ a etwa mu no anim. Na wɔfrɛ saa pia yi Kronkronbea. (Heb. 9:1-3) Esiane sɛ Kronkron mu Kronkronbea no yɛɛ “ɔsoro ankasa,” faako a “Onyankopɔn ankasa” wɔ no ho mfonini nti, dɛn na Kronkronbea a ɛwɔ mmɔhɔɔ anaasɛ nkataanim no anim no gyinaa hɔ mae? Bere a na ɔsɔfo panyin no nkutoo na otumi kɔ Kronkron mu Kronkronbea hɔ “daa afirihyia” wɔ mpata da no so no, ná wotumi kɔ Kronkronbea hɔ daa, na ɛnyɛ ɔsɔfo panyin no nko, na mmom asɔfo nkumaa no nyinaa nso. Na asɔfo no fa adiwo hɔ, faako a na afɔremuka no wɔ hɔ tẽe kɔ Kronkronbea hɔ; nanso na ɛsɛ sɛ wɔfa nkataanim a etwa Kronkronbea ne adiwo no ntam no mu.
46, 47. (a) Bere bɛn na Yesu hyɛn nsɛso kwan so Kronkronbea hɔ, na ɔkwan bɛn so? (b) Enti dɛn na Kronkronbea no gyina hɔ ma, na hokwan ahorow bɛn na nsɛso kwan so asɔfo no nya wɔ mu?
46 Enti Kronkronbea no gyinaa hɔ maa tebea a ɛyɛ kronkron kyɛn adiwo no. Sɛnea wɔde biribi twaa Kronkronbea no anim na wɔn a wɔwɔ adiwo hɔ no nhu nneɛma a ɛwɔ hɔ nti, Kronkronbea no yɛɛ honhom mu tebea bi a ɛkorɔn sen nea adiwo a ɛyɛɛ ɔdesani tebea a ɛwɔ trenee gyinabea wɔ Onyankopɔn anim ho mfonini no ho mfonini. Yesu Kristo hyɛnee tebea a Kronkronbea no yɛɛ ho mfonini no mu bere a wɔnam Onyankopɔn honhom kronkron so woo no n’asubɔ akyi, na enti ɔbɛyɛɛ Onyankopɔn honhom mu Ba no. (Mat. 3:13-17) Ɛdenam Onyankopɔn honhom a wɔde sraa no nso so no, sɛ́ Onyankopɔn honhom mu Ba no, wɔde asɔfo dwumadi hyɛɛ Yesu nsa; ɔbɛyɛɛ Onyankopɔn Sɔfo Panyin, sɛnea Ɔsɔfo Panyin Aaron yɛɛ ho mfonini no.
47 Eyi nti, wobetumi ahu sɛ, Kronkronbea no gyinaa hɔ maa wɔn a wɔde wɔn aba honhom mu asɔfodi yi mu no honhom fam tebea. Wɔ saa tebea no mu no, honhom mu asɔfo a wɔwɔ asase so yi hu honhom fam hann te sɛ nea sika kaneadua no de ma, wodi honhom fam aduan te sɛ nea efi sika pon a kyerɛ abodoo gu so no so, na wɔde mpaebɔ ne ɔsom a wɔde ma Onyankopɔn ho aduhuam ma te sɛ nea wogyina sika aduhuam afɔremuka bi anim no.—Ex. 40:4, 5, 22-28.
48. Bere tenten bɛn na na Yesu wɔ tebea a Kronkronbea no yɛɛ ho mfonini no mu, na dɛn nti na n’asuafo no annya ne ho ntease a emu da hɔ?
48 Sɛ yebu akontaa fi n’asubɔ da so ne honhom kronkron a wɔde sraa no no so de besi ne wu da so (efi 29 Y.B. besi 33 Y.B.) a, na Yesu Kristo wɔ honhom mu asɔfodi awo tebea a Kronkronbea no yɛɛ ho mfonini no mu mfirihyia abiɛsa ne fã. Na nnipa a wɔwɔ honam mu ara kwa no rente ne nnwuma wɔ tebea yi mu no ase na wɔrennya ho anisɔ, mpo n’akyidifo anokwafo no, efisɛ wofi ɔdesani honam fam gyinabea mu hwɛɛ nneɛma. Ná Pentekoste Afahyɛ da no wɔ afe 33 Y.B. mu ne honhom kronkron a wohwie gui, no nnya nnui ɛ. (Yoh. 7:39) Biribi sii wɔn ntease kwan te sɛ “nkataanim a ɛsɛn trabea no kwan ano,” a ɛde nneɛma a na ɛwɔ Kronkronbea hɔ hintawee no.—Ex. 40:28, 29.
49. Ɔkwan bɛn so na wosiw Yesu a na ɔwɔ sɛnkyerɛnne kwan so Kronkronbea hɔ no kwan wɔ ɔsoro Kronkron mu Kronkronbea hɔ a ɔbɛkɔ no ho?
49 Wɔ Kronkronbea no tebea no mu, honhom mu asɔfodi no awo tebea mu no, wosiw Ɔsɔfo Panyin Yesu Kristo a na ɔwɔ asase so no kwan fii Onyankopɔn a na ɔbɛbɛn no tẽe no ho, esiane sɛ na ɔda so ara wɔ ɔhonam mu sɛ ɔdesani abɔde a ɔyɛ pɛ nti. Ná saa sɛnkyerɛnne kwan so “mmɔhɔɔ” a etwa ɔne ɔsoro Kronkron mu Kronkronbea ntam no wɔ hɔ, te sɛ bere a Mose “sii ntwamu mmɔhɔɔ no, na ɔde kataa adanse adaka no ano” no ara pɛ.—Ex. 40:21.
50. (a) Bere bɛn na Yesu Kristo faa “mmɔhɔɔ” no mu, na ɔkwan bɛn so? (b) Ntam a ɛfa asɔfodi ho bɛn na efii ase dii dwuma wɔ Yesu ho saa bere no, na dɛn ntia?
50 Sɛ ɔsɔfo Panyin no, Yesu Kristo twaam wɔ sɛnkyerɛnne kwan so “nokware ntamadan” no mmɔhɔɔ no ho Nisan 16 afe 33 Y.B. mu, denam awufo mu a wɔma ɔsɔre fii so, a ɔnyɛ nea wɔde honhom awo no na onni honam mu bio ara kwa, na mmom sɛ nea afei de wɔawo no koraa sɛ Onyankopɔn honhom mu Ba wɔ honhom mu asetra mu. Ɔsomafo Petro ka no pefee bere a ɔkyerɛw sɛ: “Efisɛ Kristo nso huu bɔne ho amane prɛko, nea ɔteɛ hu maa wɔn a wɔnteɛ, sɛ ɔde yɛn bɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn; wokum no honam mu, na wɔma ɔtraa ase honhom mu.” (1 Pet. 3:18) Saa da no so no, Onyankopɔn ntam a ɛfa daa asɔfodi wɔ “Melkisedek akwan so” no dii dwuma wɔ Yesu Kristo ho, afei a ná wɔde ‘nkwa a owu nnim ahoɔden’ akatua ama no no. (Heb. 7:16, 24; Aso. 13:33-37; Rom. 1:1-4) Ɔmaa n’asuafo anokwafo no huu no denam ɔkwan titiriw a ɔfaa so yii ne ho adi kyerɛe wɔ adaduanan a edi hɔ no so akyi no, otu kɔɔ soro na ɔde ɛbo a ne desani afɔre a ɛyɛ pɛ no som no kɔmaa Onyankopɔn ankasa wɔ nokware Kronkron mu Kronkronbea hɔ.—Aso. 1:1-11; Heb. 9:24.
51. (a) Bere bɛn na sɛnkyerɛnne kwan so Mpata Da no baa awiei, na na atra hɔ bere tenten ahe? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔma ɛdaa adi sɛ wɔagye ɛbo a Yesu afɔre no som atom wɔ Kronkron mu Kronkronbea hɔ?
51 Ɛdenam ma a wɔde saa Kristo afɔre no bo a ɛsom kɔmae wɔ ɔsoro Kronkron mu Kronkronbea no so no, sɛnkyerɛnne kwan so Mpata Da kɛse no baa awiei. Wɔ ɔsɔfo Panyin Aaron a na ofi Lewi abusua mu no fam no, na ɔman no mpata da no yɛ da a ne tenten yɛ nnɔnhwerew aduonu anan pɛ. Nanso, wɔ Ɔsɔfo Panyin Yesu Kristo fam de, sɛnkyerɛnne kwan so Mpata Da bere no bɛyɛɛ mfirihyia abiɛsa ne asram awotwe. Yesu foro kɔɔ soro dadu akyi no, wɔdaa no adi kyerɛɛ n’asuafo anokwafo a na wɔwɔ asase so no sɛ Onyankopɔn agye ɛbo a ne desani afɔre a ɛyɛ pɛ no som a ɔde akɔma wɔ ɔsoro Kronkron mu Kronkronbea hɔ no atom. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam honhom kronkron no a wohwie guu wɔn so wɔ Yerusalem, Kwasida Sivan 6, Adapɛn Afahyɛ da anaasɛ Pentekoste da, wɔ afe 33 Y.B. mu no so. (Aso. 2:1-36) Eyi hyɛ biribi foforo a ɛfa “nokware ntamadan a Awurade ankasa pamee” no agyirae. Yebehu eyi afei.
HONHOM MU ASƆFO NKUMAA
52. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔyɛɛ ho mfonini sɛ Melkisedek a Ɔso Kyɛn So no wɔ asɔfo nkumaa? (b) Bere bɛn na wɔde Aaron asɔfodi no sii hɔ, na “abɔnim kronkron” bɛn na wɔde bɔɔ Aaron ti?
52 Kyerɛwtohɔ biara nni hɔ sɛ na tete Salem ɔhene Sɔfo Melkisedek wɔ asɔfo nkumaa bi. Nanso, Onyankopɔn Ba a wabɛyɛ “Melkisedek akwan so sɔfo panyin” no wɔ asɔfo nkumaa. (Heb. 5:8-10) Wɔnam Lewini Aaron asɔfo abusua no so yɛɛ eyi ho mfonini. Yehowa Nyankopɔn frɛɛ Aaron ma ɔbɛyɛɛ Israel sɔfo panyin na ne mmabarima bɛyɛɛ asɔfo nkumaa maa no. Wɔ Nisan fefɛw bere da a edi kan wɔ afe 1512 A.Y.B. mu no, odiyifo Mose tiee Onyankopɔn ahyɛde na ɔde Aaron ne ne mmabarima sisii asɔfodi no so. (Ex. 40:1, 2, 12-16; 29:4-9; Lev. 8:1-13) Nea ɛka ɔsɔfo panyin no ntade ho nneɛma ho no, “wɔboroo sika amapa tratraa a ɛyɛ abɔnim kronkron no, na wɔkyerɛw so nkyerɛwee sɛ nsɔanode nkurukyerɛwee sɛ: Kronkron ma Yehowa.”—Ex. 39:30.
53. (a) Enti ɔresiesie Ɔsɔfo Panyin Aaron abotiri no, Yehowa ahyɛde bɛn na Mose tiei? (b) Hebri adeyɛ asɛmfua bɛn na asɛm “kronkronyɛ ahyehyɛde” no fii mu?
53 Enti, bere a ɔrehyɛ ne nua Aaron atade ma wadi sɔfo panyin no, Mose dii Yehowa ahyɛde so: “Na fa abotiten no bɔ ne ti, na fa kronkronyɛ ahyehyɛde no fam abotiten no anim, na fa ɔsra ngo hwie gu n’atifi fa sra no.” (Ex. 29:6, 7) Esiane sɛ na “abɔnim kronkron yi” ne sika “amapa tratraa” no nti, Hebri Kyerɛwnsɛm no nkyerɛasefo bebree pɛ sɛ wɔde asɛm “abotiri kronkron,” di dwuma. (Hwɛ Ex. 29:6, ase hɔ asɛm; Jerusalem Bible) Nokwarem no, Hebri asɛmfua a wɔde di dwuma daa ma “abotiri” ne “ahemmotiri” no yɛ soronko fi Hebri asɛmfua a wɔde di dwuma wɔ ha sɛ “abɔnim kronkron no” ho. Wɔ Leviticus 21:12 no, wɔde Hebri asɛmfua a edi akyiri yi di dwuma wɔ ɔsra ngo a wɔde gu ɔsɔfo Panyin no ti so ho, efisɛ yɛkan sɛ: “Ommfi kronkronbea hɔ, na onnhura ne Nyankopɔn kronkronbea ho, efisɛ ne Nyankopɔn sra ngo no dwira n’atifi.” Wonya Hebri asɛmfua no fi adeyɛ asɛmfua nazar mu, na wɔkyerɛ ase “ahosohyira” wɔ Hosea 9:10.—An American Translation; NW.
54, 55. (a) Na wɔfrɛ ɔsɔfo panyin a wɔasra no no dɛn, na sra a wɔsraa no no yɛɛ dɛn ho sɛnkyerɛnne? (b) So Yohane Osuboni no de honhom kronkron sraa Yesu, anaasɛ hena na ɔyɛɛ saa?
54 Akyinnye biara nni ho sɛ, na ɔsɔfo panyin Aaron ne n’adedifo no yɛ mmarima a wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa Nyankopɔn denam wɔn asɔfodi no so. (Ex. 29:30, 35) Esiane sɛ wɔde ɔsra ngo kronkron sra no nti, na wɔfrɛ ɔsɔfo panyin no “nea wɔasra no” anaasɛ Mesia (Lev. 4:3, 5, 16; 6:22) , saa ara na na ɛte akyiri yi ma Israel ahemfo a wɔsraa wɔn no. (1 Sam. 24:6, 10; 26:9-11; Kwa. 4:20) Enti bere a wɔabobɔ Ɔsɔfo Panyin Aaron mmabarima baanan a wɔyɛ asɔfo nkumaa no din akyerɛ yɛn akyi no, yɛkan sɛ: “Eyinom ne Aaron mma, asɔfo a wɔsraa wɔn ngo a wɔde hyɛɛ wɔn nsa sɛ wonni asɔfo no.” (Num 3:1-3) Bere a Mose, Yehowa Nyankopɔn ne Israel man no ntamgyinafo no sraa ne nuapanyin Aaron ma wabɛyɛ ɔsɔfo panyin no, ná ɛkyerɛ biribi ankasa. Ɛyɛɛ mfonini sɛ ná Onyankopɔn de ne honhom kronkron no bɛsra ne Ba Yesu bere a ofi nsu no mu afi n’asubɔ akyi no.
55 Na Osuboni Yohane yɛ Lewini sɔfo bi a wɔfrɛ no Sakaria a ofi Abia asɔfokuw no mu no babarima. Nanso, Yohane bɔɔ Yesu asu ara kwa wɔ Yordan Asubɔnten no mu; wansra Yesu ma wabɛyɛ honhom mu sɔfo panyin. (Luka 1:5-17; 3:21-23; Marko 1:9-11) Onyankopɔn nkutoo na na obetumi de honhom kronkron asra Yesu.
56, 57. (a) Dɛn na Yohane Osuboni no kae sɛ wɔbɛma Yesu tumi ma wayɛ? (b) Ansa na Yesu regyaw n’asuafo hɔ no, dɛn na ɔka kyerɛɛ wɔn wɔ honhom kronkron asu ho?
56 Ɛdefa Yesu ho no, na Osuboni Yohane aka sɛ: “Nea ne ho yɛ den sen me di m’akyi reba, mensɛ sɛ mekoto mesan ne mpaboa hama. Me de, mebɔ mo asu nsu mu, na ɔno de, ɔbɛbɔ mo asu honhom kronkron mu.” Na Onyankopɔn aka nea ɔbɛba yi ho asɛm akyerɛ Yohane, efisɛ Yohane kae sɛ: “Na me de, anka minnim no, na nea ɔsomaa me nsu asubɔ no, ɔno ara see me sɛ: Nea wubehu sɛ honhom no besian abɛtra no so no, ɔno ne nea ɔbɔ asu honhom kronkron mu.” (Marko 1:7, 8; Yoh. 1:33) Enti ɛnyɛ sɛ wɔde honhom kronkron sraa Yesu ma wabɛyɛ honhom mu ɔsɔfo panyin nko, na mmom na wɔbɛma no tumi ma ɔde honhom kronkron abɔ afoforo asu. Nanso, bere bɛn na na ɔde honhom kronkron bɛbɔ asu? Ná ɔrenyɛ saa ansa na ne wu sɛ ɔdesani afɔre a ɛyɛ pɛ no aba.
57 Wonyan no fii awufo mu akyi no, ɔsakraa ne ho wɔ honam nipadua ahorow mu, na oyii ne ho adi kyerɛɛ n’asuafo a na wɔda so wɔ Yerusalem no. Dɛn na ɔka kyerɛɛ wɔn wɔ honhom kronkron no ho saa bere no? Asomafosɛm 1:4, 5 ka kyerɛ yɛn: “Na ɔne wɔn hyiae no, ɔhyɛɛ wɔn sɛ wommfi Yerusalem nnkɔ, na mmom wɔantwɛn Agya no bɔhyɛ a ose: mote fii m’anom no, sɛ Yohane de, ɔde nsu na ɛbɔɔ asu, na mo de, nna yi mu ɛrenkyɛ na wɔbɛbɔ mo asu honhom kronkron mu.”—Twi Bible Foforo.
58, 59. (a) Bere bɛn na asubɔ yi bae, na ɔkwan bɛn so na sɛnkyerɛnne kwan so no Yesu Kristo maa nea ɔsɔfo panyin no yɛe saa da no wɔ asɔrefi hɔ no nyaa mmamu? (b) Yoel nkɔmhyɛ bɛn na efii ase baa mu wɔ hɔ, na ɔkwan bɛn so na Petro kaa asɛm no faa Yesu ho?
58 Eyi yɛɛ saa ne sorokɔ akyi dadu. Ɛyɛɛ saa wɔ Sivan 6 afe 33 Y.B. mu, Adapɛn Afahyɛ Da no (anaasɛ Pentekoste) , bere a Yudafo sɔfo panyin de abodoo a mmɔkaw wom maa Onyankopɔn sɛ awi afahyɛ aduankan wɔ Yerusalem asɔredan no mu no. (Lev. 23:15-21) Saa da yi ara no, wɔ sɛnkyerɛnne kwan so no, ɔsoro Sɔfo Panyin Yesu Kristo de Kristofo asafo no maa Yehowa Nyankopɔn sɛ Ne mmakan. (Adi. 14:4) Ɔyɛɛ eyi denam dwuma a odii sɛ nea wɔnam no so hwiee honhom kronkron guu n’asuafo a na wɔretwɛn wɔ Yerusalem no so no so. Na ɛyɛ Yoel 2:28, 29 nkɔmhyɛ no mmamu mfiase, na ɔsomafo Petro a na honhom ahyɛ no ma no kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ Yudafo mpempem bɛhwɛɛ-ade-fo no sɛ:
59 “Yesu yi ara na Onyankopɔn anyan no, ɛho adansefo na yɛn nyinaa yɛ. Afei wɔmaa no so kɔɔ Onyankopɔn nifa na onyaa Agya nkyɛn honhom kronkron bɔhyɛ no nti na wahwie nea muhu na mote yi agu. Na Dawid ankɔ soro; na ɔno ara kae sɛ; Awurade see me wura sɛ Tra me nifa kosi sɛ mede wo atamfo mɛyɛ wo nan ase ntiaso. Enti ma Israel fi nyinaa nhu ampa sɛ: Onyankopɔn de Yesu no ara a mosɛn no no ayɛ Awurade ne Kristo.”—Aso. 2:14-21, 32-36.
60. Enti, ɔkwan bɛn so na na wɔnam nea Mose yɛe wɔ Nisan 1, 1512 A.Y.B. no so ayɛ honhom kronkron a Yesu hwie gui no ho mfonini?
60 Saa kwan yi so no, Yesu Kristo de honhom kronkron no bɔɔ n’asuafo anokwafo no asu. Na wɔayɛ eyi ho mfonini dedadedaw wɔ Nisan 1, 1512 A.Y.B. mu. Na eyi yɛ bere a Mose de Yehowa mmara mae na ɔde ɔsra ngo kronkron sraa Ɔsɔfo Panyin Aaron mmabarima no. Yɛkan wɔ eyi ho sɛ: “Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: Ɔsram a edi kan so da a edi kan no si ahyiae ntamadan no trabea no. Na fa Aaron ne ne mma no bɛn ahyiae ntamadan no ano, na fa nsu guare wɔn. Na fa kronkronyɛ ntade no hyɛ Aaron, na sra no ngo na yɛ no kronkron, na onni me sɔfo. Na fa ne mma nso bɛn, na hyehyɛ wɔn ntade no, na sra wɔn ngo sɛnea wosraa wɔn agya no, na wonni me sɔfo, na wɔn sra no nyɛ wɔn daa asɔfodi nkodu wɔn awo ntoatoaso so. Na Mose yɛɛ sɛnea Yehowa hyɛɛ no no nyinaa, saa ara na ɔyɛe.”—Ex. 40:1, 2, 12-16.
61. Dɛn na ɛsɛ sɛ wɔka wɔ sɛ ebia wɔsraa asɔfo nkumaa baanan a wodi kan no adedifo, ne sɛ ebia wɔde ngo kronkron sraa ɔsɔfo panyin no adedifo mmiako mmiako anaa no ho?
61 Enti wɔsraa Aaron mmabarima baanan no sɛ Israel asɔfo nkumaa a wodi kan. Nanso, ɛno akyi no, wɔamfa ɔsra ngo kronkron ansra wɔn adedifo a wɔbɛyɛ asɔfo nkumaa no mmiako mmiako. Wobuu ntade ara kwa a wɔde hyɛɛ wɔn sɛ asɔfo nkumaa no sɛ ɛdɔɔso. Sra a wɔsraa asɔfo nkumaa baanan a wodi kan no gyinaa hɔ maa wɔn. Nanso, wɔsraa ɔsɔfo panyin Aaron ɔdedifo biara. (Num. 3:1-3; Ex. 29:29, 30; Num. 20:23-29; Deut. 10:6) Nanso, na ɛsɛ sɛ wobu Israel asɔfokuw no nyinaa sɛ kuw a wɔasra wɔn, sɛnea sra a wɔsraa wɔn a wodi kan no kyerɛ no.
62. Esiane sɛ wɔde no dii dwuma sraa n’asuafo a wɔwɔ asase so no nti, dɛn na Yesu Kristo ma wɔbɛyɛɛ wɔ n’akwankyerɛ ase, na ɔkwan bɛn so na Yohane foa eyi so wɔ Adiyisɛm no mu?
62 Wɔ sɛnkyerɛnne kwan so mmamu mu no, ɛdenam honhom kronkron a wɔde sra akyidifo anokwafo 144,000 no so no, Yesu Kristo a ɔwɔ soro no di dwuma sɛ Onyankopɔn Ananmusifo na ɔyɛ wɔn honhom mu asɔfo, n’asɔfo nkumaa a ɔyɛ wɔn Sɔfo Panyin. Ɛno nti na ɔsomafo Yohane tumi kyerɛw nea edi so yi wɔ Yesu Kristo ho sɛ: “Yesu Kristo a ɔyɛ dansefo nokwafo ne awufo mu abakan ne asase so ahene so difo . . . Nea ɔdɔ yɛn na ɔde ne mogya aguare yɛn afi bɔne mu, na wayɛ yɛn ahene ne asɔfo ama n’Agya Onyankopɔn no, ɔno na wɔmfa anuonyam ne tumi mma no daa daa! Amen.” Afei nso: “Wɔakum wo, na wode wo mogya atɔ yɛn ama Onyankopɔn, afi mmusua ne kasa ne nkurɔfo ne aman nyinaa mu, na woayɛ yɛn ahene ne asɔfo ama yɛn Nyankopɔn, na yebedi asase so ahene.”—Adi. 1:5, 6; 5:9, 10.
63. Ɔkwan bɛn so na ɔsomafo Petro nam krataa so dii Yesu akyidifo a wɔasra wɔn no asɔfodi ho adanse?
63 Nokwasɛm no ho ɔdansefo foforo a wɔde honhom kaa no wɔ hɔ—ɔsomafo Petro. Ɔrekyerɛw mfe kakraa bi ansa na Romafo asɛe Yerusalem (70 Y.B. mu) ma Lewifo asɔfo a wɔwɔ hɔ no nnwuma abɔ wɔn no, Petro ka kyerɛɛ Kristofo a wɔde honhom asra wɔn a wɔwɔ ɔsoro anidaso no sɛ: “Wɔn na wohintiw, efisɛ wontie asɛm no. Na mo de, moyɛ abusua a wɔapaw wɔn, ahene asɔfokuw, ɔman kronkron, ɔman a wafa wɔn ayɛ ne de, sɛ monka nea ɔfrɛɛ mo fii esum mu baa ne hann a ɛyɛ nwonwa mu no mmaninyɛ nkyerɛ.”—1 Pet. 2:8, 9, Twi Bible Foforo.
-
-
Ɔfã 7: Onyankopɔn Mfirihyia Apem Ahenni AbɛnƆwɛn-Aban—1981 | July 1
-
-
Ɔfã 7: Onyankopɔn Mfirihyia Apem Ahenni Abɛn
64. Enti, tebea bɛn mu na saa asuafo a wɔasra wɔn no wɔ, sɛnea wɔyɛɛ ho mfonini wɔ “ahyiae ntamadan” no mu no, na te sɛ Yesu no, hokwan ahorow bɛn na wonya wɔ saa tebea no mu?
64 Ná asɔfokuw a wɔyɛ mprempren no kyerɛ gyinabea foforo a wɔwom wɔ “nokware ntamadan” anaasɛ asɔredan no ho, nea ɛnyɛ onipa na mmom Yehowa Nyankopɔn na ɔde sii hɔ no. Ɛkyerɛe sɛ, afei de na wɔwɔ asɔfodi honhom mu awo tebea a tete “ahyiae ntamadan” a Mose sii no Kronkronbea no yɛɛ ho mfonini no mu. Na eyi te sɛ Ɔsɔfo Panyin Yesu Kristo de no ara, efi bere a wɔde honhom kronkron sraa no kosi ne wu mu sɛ ɔdesani a ɔyɛ pɛ no. Enti te sɛ ɔno no, bere a wɔda so wɔ asase so no, wonya honhom fam hann te sɛ nea sɛnkyerɛnne kwan so sika kaneadua no de mae no; wodi honhom fam aduan, sɛnea kyerɛ abodoo abien a na egu sika pon no so no yɛɛ ho mfonini no, wɔde mpaebɔ ne ɔsom a emu yɛ den ma Onyankopɔn te sɛ nea wɔrehyew aduhuam wɔ sika aduhuamhyew muka no so wɔ ahyiae ntamadan no Kronkronbea hɔ.
65. Ɛdefa wɔn a wɔwɔ tebea a Kronkronbea no yɛɛ ho mfonini no mu no ho no, dɛn na ɔsomafo Yohane kyerɛw faa sra a wɔsra wɔn no ho?
65 Wɔkyerɛw kɔmaa wɔn a wɔwɔ honhom mu awo tebea a Kronkronbea no yɛɛ ho mfonini no sɛ: “Mo de, moanya ɔsra no afi kronkronni no, na munim ade nyinaa. Eyinom na makyerɛw mabrɛ mo, wɔn a wɔdaadaa mo no ho. Na mo de, ɔsra a munyae ne nsam no te mo mu, na enhia mo sɛ obi kyerɛkyerɛ mo ade nyinaa ho na ɛyɛ nokware na ɛnyɛ atoro; na sɛnea ɛkyerɛkyerɛɛ mo no, montra mu!”—1 Yoh. 2:20, 26, 27.
66. Ɔrekyerɛw krataa akɔma saafo a wɔwɔ tebea a Kronkronbea no yɛɛ ho mfonini no mu no, dɛn na ɔsomafo Paulo kyerɛw faa sra a wɔsra wɔn no ho?
66 Akyiri yi, ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa wɔn a wɔwɔ honhom mu asɔfodi awo tebea a Kronkronbea a wɔmaa Aaron abusua mu asɔfo kwan sɛ wɔnkɔsom wom no yɛɛ ho mfonini no mu no sɛ: “Nea ɔde yɛne mo tim Kristo [Nea Wɔasra No] mu na wasra yɛn no ne Nyankopɔn, ɔno nso na wasɔ yɛn ano na wama yɛn honhom no de ayɛ yɛn guaha, yɛn koma mu.”—2 Kor. 1:21, 22.
67. Ɔrekyerɛw krataa akɔma Hebrifo a na wɔabɛyɛ Kristofo no, dɛn na ɔkyerɛwfo a honhom kaa no no kae wɔ afɔremuka no so a wodidi ne afɔre a wɔbɔ no ho?
67 Esiane sɛ 144,000 yi yɛ honhom mu asɔfo a wɔhyɛ ɔsoro Sɔfo Panyin Yesu Kristo ase nti, wɔwɔ hokwan sɛ wodi Yesu Kristo afɔre no bi wɔ “afɔremuka” a wɔyɛ Onyankopɔn “pɛ” wɔ so no so, na ná wɔn a ogye a wonnye no nni nti wɔpow Yesu sɛ nokware Mesia anaasɛ Kristo no nni ho kwan sɛ wodi n’afɔre no bi wɔ Onyankopɔn sɛnkyerɛnne kwan so “afɔremuka” no so. Nea emfi ahantan mu no, ɔkyerɛwfo a honhom kaa no no tumi ka kyerɛɛ Hebrifo a na wɔabɛyɛ Kristofo gyidifo no wɔ Hebrifo 13:10-15 sɛ: “Yɛwɔ afɔremuka a wɔn a wɔsom ntamadan no [mu] nni ho kwan sɛ wodi ho biribi. Na mmoa a bɔne nti ɔsɔfo panyin de wɔn mogya kɔ kronkron mu no, wɔhyew wɔn afunu nsra no akyi; enti Yesu nso, nea ɛbɛyɛ na ɔde n’ankasa ne mogya atew ɔman no ho no, ohuu amane, kurow [Yerusalem] pon akyi. Ɛno nti momma yemfi adi nkɔ ne nkyɛn nsra no akyi nsoa n’ahohora; na yenni kurow a ɛtra hɔ daa ɛha, na mmom nea ɛbɛba no akyi kwan na yɛhwehwɛ. Na enti momma yɛmfa no so mmɔ Onyankopɔn ayeyi afɔre, ɛne anofafa a ɛbɔ no abodin no aba daa yi.”
68, 69. (a) Afɔremuka no so a wodidi no kyerɛ sɛ wɔwɔ tebea bɛn mu wɔ sɛnkyerɛnne kwan so, na ɔkwan bɛn na wɔfaa so kɔɔ hɔ? b) Nea edi adanse sɛ wɔwɔ gyinabea yi no, dɛn na wɔkyerɛw kɔmaa Romafo Kristofo?
68 Esiane sɛ honhom mu asɔfo nkumaa yi wɔ hokwan a efi soro na wodi afɔre a ɛwɔ Onyankopɔn nokware “afɔremuka” no so no bi nti, eyi kyerɛ sɛ wɔn nso wɔ tebea a wɔde adiwo a sika kɔbere afɔremuka a wɔbɔ so afɔre no sii no yɛɛ ho mfonini no mu. Eyi yɛ trenee anaasɛ bem a Onyankopɔn nam wɔn gyidi wɔ Yesu Kristo a wɔde no bɔɔ afɔre mu so bu wɔn no tebea. Bere a Ɔsɔfo Panyin Yesu Kristo de ɛbo a ne “mogya” a ɔde bɔɔ afɔre no som kɔɔ ɔsoro Kronkron mu Kronkronbea hɔ na ɔde eyi kɔmaa Yehowa Nyankopɔn no, afei de, efi Pentekoste da, 33 Y.B. so rekɔ no, ne desani afɔre a ɛyɛ pɛ no ho mfaso horow fii ase baa n’akyidifo a na wɔwɔ asase so no so,’ esiane wɔn gyidi nti. Ɛdenam gyidi a komam anisɔ ka ho so no, wodii Kristo afɔre a wɔnam Onyankopɔn pɛ so de mae no bi. Saa kwan yi so no, wonyaa bɔne fafiri. Ɛdenam bɔne a wɔde firii wɔn a enti obuu wɔn sɛ bɔne nni wɔn ho no so no, Onyankopɔn buu wɔn atreneefo anaasɛ obuu wɔn bem. Saa kwan yi so no, ɔde wɔn baa nea adiwo hɔ yɛɛ ho mfonini no mu. Nea edi adanse sɛ wɔwɔ gyinabea yi no, yɛkan sɛ:
69 “Yegye nea onyan yɛn Awurade Yesu fii awufo mu no di . . . ; ɔno na yɛn mfomso nti woyii no mae, na yɛn bembu nti wonyan no. Afei efi gyidi mu na wɔabu yɛn bem nti, yɛnam Awurade Yesu Kristo so wɔ Onyankopɔn fam asomdwoe; ɔno nso so na yɛnam de gyidi anya ɔdom yi a yegyina mu no mu kwan, na yɛhoahoa yɛn ho Onyankopɔn anuonyam ho anidaso so. Enti afei mmom a wɔabu yɛn bem ne mogya mu yi, wɔnam no so begye yɛn nkwa afi abufuw no mu.”—Rom. 4:24 kosi 5:2, 9.
70. (a) Ɔresi wɔn tebea a afobu nnim wɔ Onyankopɔn anim so dua bere a wɔda so wɔ honam mu no, dɛn na wɔkyerɛwee wɔ Romafo nhoma no mu? (b) So wɔnam wɔn ankasa wɔn afɔre horow so betumi de biribi aka ɛbo a Kristo afɔre no som no ho anaa?
70 Ɛresi so dua bio sɛ Onyankopɔn abu honhom mu asɔfo nkumaa yi sɛ wɔn a bɔne nni wɔn ho, afobu nni wɔn ho wɔ honam mu bere a wɔda so wɔ asase yi so no, wɔakyerɛw sɛ: “Menam yɛn Awurade Yesu Kristo so meda Onyankopɔn ase. Ɛnde afei me ara [ɔsomafo Paulo] mede m’adwene mesom Onyankopɔn mmara, na ɔhonam de, mede mesom bɔne mmara. Ɛnde afei afobu biara nni hɔ mma wɔn a wɔwɔ Kristo Yesu mu (a wɔnnantew honam fam, na mmom wɔnam honhom de mu) . Na Kristo mu nkwa honhom mmara no agye me afi bɔne ne owu mmara no mu.” (Rom. 7:25 kosi 8:2) Trenee ne bembu gyinabea yi a wɔwɔ wɔ Onyankopɔn anim bere a wɔda so wɔ sintɔ ne honam a ahwease mu ɛno ne nea tete adiwo a na kɔbere afɔremuka a wɔbɔ so afɔre no si Aaron abusua mu asɔfo somee wɔ hɔ no yɛɛ ho mfonini no. Wɔrentumi mfa biribiara nka ɛbo a Kristo bɔne ho afɔre no som no ho denam wɔn ankasa honam mu afɔrebɔ biara so. Ɛno nti na wɔnam Kristo so de “ayeyi afɔre” ma Onyankopɔn na woyi Kristofo papayɛ adi kyerɛ. Wohu mfaso a enni so korakora sɛ wɔbɛbɔ nea wɔfrɛ no “Mass Afɔre” a wɔbɔ wɔ asɔre bi mu no.
71. (a) Enti wɔ sɛnkyerɛnne kwan so no, Kristofo a wɔabu wɔn trenee no nso wɔ beae bɛn? (b) Dɛn na etwa wɔne kronkron mu Kronkronbea no ntam, na hena na wabue emukɔ kwan ama wɔn?
71 Bere a wɔda so wɔ asase so wɔ ɔhonam mu no, asɔfo nkumaa a wɔabu wɔn trenee yi nso wɔ honhom mu awo tebea a ntamadan anaasɛ asɔredan no Kronkronbea no yɛɛ ho mfonini no mu. Nanso, te sɛ wɔn Sɔfo Panyin Yesu Kristo no, wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛhyɛn ɔsoro Kronkron mu Kronkronbea hɔ, faako a Onyankopɔn ankasa te ahengua so no. Nea mprempren esiw wɔn kwan fi Kronkron mu Kronkronbea hɔ a wɔbɛhyɛn no ne ase a wɔda so ara te wɔ honam mu no. Mmɔhɔɔ a ɛkataa ntamadan no Kronkronbea no anim fii Kronkron mu Kronkronbea hɔ, faako a na sika Apam Adaka ne ne Sekina Kanea no wɔ no yɛɛ eyi ho mfonini. Yesu Kristo buee kwan maa wɔn ma “wɔfaa mmɔhɔɔ no mu” kɔɔ nokware Kronkron mu Kronkronbea hɔ. Sɛ́ “odikanfo’ no, ɔhyɛn Kronkron mu Kronkronbea hɔ maa wɔn wɔ “mmɔhɔɔ no mu.” (Heb. 6:19, 20) Enti obuee ɔkwan foforo yi a ɛde kɔ ɔsoro asetra mu no ano.
72. Wɔhyɛ asɔfo nkumaa 144,000 no nkuran sɛ wɔnna wɔn ho adi sɛ wɔfata sɛ wɔhyɛn dɛn mu, na ɔkwan bɛn so?
72 Enti wɔka kyerɛ honhom mu asɔfo nkumaa 144,000 yi sɛ wonnya akokoduru wɔ mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛfata ma wɔagye wɔn akɔ “mmɔhɔɔ no mu” denam nokware a wobedi akosi sɛ wobewu wɔ ɔhonam mu na wɔanyan wɔn afi awufo mu akɔ honhom mu asetra mu so no mu. Ɔkyerɛwfo a honhom kaa no no ka wɔ Hebrifo 10:19-22 sɛ, “Enti anuanom, sɛ yɛwɔ Yesu mogya mu nnam a yɛde bɛkɔ kronkron mu, efisɛ watue emukɔ ama yɛn ayɛ ɔkwan foforo a ɛwɔ nkwa a ɛfa mmɔhɔɔ, ɛne sɛ ne honam mu, na sɛ́ yɛwɔ Onyankopɔn fi so sɔfo kɛse nti, momma yɛmfa nokware koma wɔ gyidi a akyinnye nnim koraa mmɛn.”
73. Sɛ wofi honam mu a, honhom mu asɔfo nkumaa no bɛhyɛn dɛn mu, na wɔakɔyɛ dɛn?
73 Bere a wɔde nokwaredi ayɛ wɔn asase so nnwuma sɛ honhom mu asɔfo nkumaa akodu wu mu mpo no, wɔde wɔn ba nkwa mu wɔ “owusɔre a edi kan” no mu, ná wɔafi ɔhonam a ɛne sɛnkyerɛnne kwan so “mmɔhɔɔ” no mu, na wobegye wɔn akɔ ɔsoro Kronkron” mu Kronkronbea hɔ na wɔahu Onyankopɔn teasefo no anuonyam a ɛne biara nsɛ no. Wɔbɛkɔ n’anim, ɛnyɛ sɛ wɔrekɔyɛ sɛ nea Ɔsɔfo Panyin Yesu Kristo yɛe no, de ɔdesani afɔre a ɛyɛ pɛ bo a ɛsom akɔma, na mmom, sɛ wɔne wɔn Sɔfo Panyin no bɛsom de Kristo afɔre no ho mfaso horow ama adesamma a wohia mmoa no. (Adi. 20:6) Ɛwom sɛ mfirihyia apem ɔsoro asɔfodwuma wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔyɛ de, nso wɔrenhia adedifo ma wɔatoa wɔn dwumadi no so. Te sɛ wɔn Sɔfo Panyin a wɔahyɛ no anuonyam no, wobenya “nkwa a a owu nni mu” na wobetumi awie wɔn mfirihyia apem asɔfodi no a wonni adedifo.—Heb. 7:16, 24.
ASƆFO A WƆYƐ MMƆBOROHUFO NA WƆWƆ NTEASE
74. (a) Kristo mpata afɔre no buee kwan maa 144,000 no ma wɔanya dɛn? (b) Dɛn nti na saa afɔre no bɛma Kristo mfirihyia apem asɔfodi no ayɛ bere a nhyira wom ma adesamma?
74 Bere a nhyira wom bɛn na saa mfirihyia apem ɔsoro asɔfodi yi bɛyɛ ama adesamma a wɔyɛ abɔnefo na wowuwu yi! Ɔɔfo Panyin no amfa afɔre a ɛyɛ pɛ no ankɔma Onyankopɔn amma asɔfo nkumaa 144,000 no nko, na mmom ɔde ma maa adesamma nyinaa. Sɛ́ honhom mu asɔfo nkumaa no mu baako no, Yohane kyerɛwee mfeha dunkron a atwam ni sɛ: “Me mma nkumaa, mekyerɛw yinom mebrɛ no, na moanyɛ bɔne. Na sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ okyigyinafo, Agya no nkyɛn, ɔtreneeni Yesu Kristo, na ɔno ne yɛn bɔne ho mpata, na ɛnyɛ yɛn de ho nko, na mmom wiase nyinaa de ho bi.” (1 Yoh. 2:1, 2) Bɔne ho mpata afɔre a Yesu Kristo bɔe no buee kwan maa asɔfo nkumaa 144,000 no ma wɔade wɔn ho afi bɔne ne ɛho afobu a ɛde kɔ owu mu no na wɔne wɔn Sɔfo Panyin no anya daa nkwa wɔ ɔsoro. Saa bɔne ho mpata koro no ara som bo kɛse na ɛho bɛba mfaso ama adesamma abusua no; ɛyɛ wiase nyinaa bɔne ho mpata. Sɛnea Osuboni Yohane de ne nsa kyerɛɛ Yesu Kristo a na wabɔ asu no so no ɔkae no: “Hwɛ Onyankopɔn guammaa no a ɔsoa wiase bɔne ni!”—Yoh. 1:29.
75. (a) Tumi a Kristo wɔ sɛ ɔboa asɔfo nkumaa 144,000 no bere a wɔwɔ asase so no si so dua sɛ obetumi aboa henanom nso? (b) Nnipakuw kɛse a wofi ahohiahia no mu ka no akyi no, henanom na wobenya mfaso afi ɛbo a Kristo afɔre no som no mu?
75 Ɔsɔfo Panyin Yesu Kristo tumi boaa asafo a n’asɔfo nkumaa 144,000 wom no ma wodii bɔne so na ogyee wɔn fii n’afobu a ɛne owu no ase. Obetumi ayɛ saa ara ama adesamma a aka nyinaa, titiriw wɔn a wɔpɛ, a wɔn kɔn dɔ daa nkwa a wɔwɔ ahonim pa wɔ Onyankopɔn anim no. Kristo wɔ mfirihyia apem a ɔde bɛyɛ eyi. Ofi ne pɛ mu, na n’ani gye ho sɛ ɔbɛyɛ. Ɔrenni huammɔ korakora wɔ ne mfirihyia apem asɔfodi wɔ “Melkisedek akwan so” no mu. Afei, ɔbɛboa pii asen ateasefo, “nnipakuw kɛse” a wofi ahohiahia kɛse a wiase nneɛma nhyehyɛe yi ba awiei wom no mu ka no. Ɔbɛboa ɔpepem pii a wonni ano a mprempren wɔada owu mu wɔ asase so adamoa mu no. (2 Tim. 4:1; Adi. 7:9-15; Aso. 24:15) Ɔremma mfaso a ɛwɔ ne desani afɔre a ɛsom bo no so no ntrã hɔ kwa a ɔmmfa nni dwuma mma wɔn a ehia wɔn no.
76, 77. (a) Bere a ohyiaa sɔhwɛ wɔ asase so no, Yesu yɛɛ n’ade dɛn wɔ nnipa ho, na dɛn na ɛma nea ɔbɛyɛ ama adesamma wɔ ne mfirihyia apem asɔfodi no mu no yɛ nokware? (b) Enti, dɛn nti na Yesu Kristo betumi afata sɛ ɔboa wɔn a wohyia sɔhwɛ no?
76 “Yɛda so yɛ nnebɔneyɛfo no, Kristo wu kyɛɛ yɛn.” (Rom. 5:8) Eyi daa no adi sɛ na ɔwɔ ayamhyehye, mmɔborohunu ne ahofama su wɔ adesamma a na wɔahwe ase a wonyaa bɔne ne owu fii asoɔdenfo Adam ne Hawa nkyɛn no ho. Na ɔwɔ ayamye, boasetɔ ne ayamhyehye, ná ɔyɛ ɔboafo, na ná ɔwɔ ntease bere a ɔwɔ asase so mfe aduasa ne fã no. Sɛ́ onipa a n’ankasa hyiaa sɔhwɛ no, otumi tee adesamma nsɛm ase, na eyi boaa no ma ohuu ade a adesamma a wɔnyɛ pɛ na bɔne ahyɛ wɔn ma no hia no yiye. Mpo bere a na ɔrewu asɛndua so wɔ Kalvary no, ɔmaa kwan ma nnipa a wɔayera no yɛɛ no ayayade na wɔyaw no a wanka hwee. Sɛ ná ɔte saa bere a ɔwɔ asase so wɔ tebea horow a enye sen biara mu no mu a, ɛnde yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɔbɛyɛ saa ara ama adesamma wɔ ne mfirihyia apem asɔfodi no mu. Eyi ne anigyesɛm a ɔkyerɛwfo a honhom kaa no no ka:
77 “Ampa ara, ɛnyɛ abɔnefo na oso wɔn mu gye wɔn, na mmom Abraham asefo na oso wɔn mu gye wɔn; na enti ehiaa no sɛ ɔsɛ ne nuanom ade nyinaa mu, na wayɛ mmɔborohunu ne nokware sɔfo panyin, Onyankopɔn fam nneɛma no mu, na wayɛ ɔman no bɔne ho mpata. Na sɛ n’ankasa huu sɔ a wɔsɔɔ no hwɛe mu amane nti, otumi boa wɔn a wɔsɔ wɔn hwɛ no.”—Heb. 2:16-18. Fa toto Heb. 5:1, 2 ho.
78. Esiane ɔsom kronn ne yɛn nti, dɛn na Hebrifo 5:7-10 kyerɛ sɛ Yesu hyiae?
78 Wɔaka nea Yesu Kristo hyiae sɛnea ɛbɛyɛ na wada ne ho adi sɛ ɔsɔfo a odi mu na ne ho nni nkekae wɔ asase so ma Onyankopɔn som kronn ne yɛn nti no ho asɛm tiaa ama yɛn wɔ Hebrifo 5:7-10 sɛ: “Ɔno a ne honam nna no mu ɔde mpaebɔ nkotɔsrɛ brɛɛ nea obetumi agye no afi wu mu no, [wɔ] nteɛm a emu yɛ den ne nusu mu, na ɔfɛre nti wotiee no, ɔyɛ ɔba de, nanso osuaa amane a ohui no mu osetie, na onya yɛɛ pɛ no, ɔyɛɛ wɔn a wotie no nyinaa daa nkwagye farebae a Onyankopɔn bɔ ne din frɛ no Melkisedek akwan so sɔfo panyin.”
79, 80. (a) “Nkwa a owu nni mu” a ɔwɔ no ma Kristo tumi yɛ dɛn ma adesamma wɔ ne mfirihyia apem asɔfodi no mu? (b) Nea ɛne Mmara no de no bɔ abira no, asɔfodi bɛn na ntam a Onyankopɔn kae no de mae?
79 “Nkwa a owu nni mu ahoɔden” a ɔwɔ no bɛma wadi ne mfirihyia apem sɔfo no a ɔrenhia adedifo kosi sɛ awiei koraa no ɛde nidi bɛbrɛ Onyankopɔn. Obetumi aboa adesamma araa de akosi sɛ wobeyi bɔne ne owu afi hɔ korakora. Obetumi ayɛ nea Aaron abusua mu asɔfo a wɔbae nnidiso no antumi anyɛ da bɛboro mfirihyia apem ne ahanum wɔ wɔn som kronn ho no. Sɛnea wɔakyerɛw wɔ Hebrifo 7:23-28 no:
80 “Na wɔn de, wɔyɛɛ asɔfo a wɔdɔɔso, sɛ owu amma wɔantra hɔ ntia; na oyi de, sɛ ɔte hɔ daa nti, odi sɔfo a wɔnsakra. Enti nso obetumi agye wɔn a wɔnam no so ba Onyankopɔn nkyɛn no koraa, sɛ ɔte ase daa sɛ obedi ama wɔn. Na ɔsɔfo panyin a ɔfata yɛn ne sɛ ɔsɔfo panyin yi a ne ho tew, onni bɔne, ne ho nni nkekae, wɔayi no afi nnebɔneyɛfo ho, na wɔama no so akyɛn ɔsoro; ɔno na enhia no daa, sɛ asɔfo mpanyin no, sɛ ɔbɔ n’ankasa bɔne ho afɔre kan ansa na wabɔ ɔman no de; na ɔde ne ho bɔɔ afɔre no, ɔyɛɛ eyi prɛko. Na mmara no hyɛ nnipa a wɔyɛ mmerɛw asɔfo mpanyin, na mmara no akyi ntanka no asɛm no hyɛ Ɔba no a wawie pɛyɛ daa no sɔfo panyin.”
81. (a) Dɛn nti na asɔfo nkumaa 144,000 no betumi ayi mmɔborohunu ne ntease adi akyerɛ adesamma? (b) Dɛn na “nkwa a owu nni mu” a wɔwɔ no bɛma wɔatumi ayɛ?
81 Na honhom mu asɔfo nkumaa 144,000 a “wɔbɛyɛ Onyankopɔn ne Kristo asɔfo . . . mfirihyia apem” no nso ɛ? (Adi. 20:6) Wiɛ, Onyankopɔn huu wɔn siei “sɛ wɔnsɛ ne Ba suban.” (Rom. 8:29) Wɔn nso wɔawo wɔn sɛ nnipa ma wɔanyinyin sɛ mmarima ne mmea, nanso wɔyɛ abɔnefo a wɔnyɛ pɛ esiane sɛ wofi atuatewfo Adam ne Hawa mu nti. Enti wonim nea ɔbɔnefo a ɔdesani a ɔyɛ mmerɛw yɛ no kyerɛ. Saa nso na, te sɛ wɔn Sɔfo Panyin Yesu Kristo no, wobetumi ayɛ mmɔborohunufo ne wɔn a wɔwɔ ayamye ma adesamma abɔnefo a wowuwu no. Saa ara na na wɔte bere a na wɔda so wɔ asase so sɛ honhom mu asɔfo nkumaa no. Wɔbɛyɛ saa ara bere a wonya kyɛfa wɔ “owusɔre a edi kan” no mu ma wɔbɛyɛ asɔfo nkumaa no. Wɔrenwuwu na wonnyaw wɔn adwuma hɔ a wɔanwie. Dabi, na mmom esiane sɛ wɔwɔ “nkwa a ɛnsɛe ahoɔden” nti, wobetumi ne wɔn Sɔfo Panyin no aka abom na wɔaboa no ma wawie adwuma a wɔyɛ de yi bɔne fi hɔ kɔ pɛyɛ mu no. Dɛn na ebefi mu aba? Adesamma mu asoɔmmerɛwfo nyinaa a wɔbɛsan de wɔn aba ɔdesani pɛyɛ mu.
82. Ɔkwan bɛn so na Adiyisɛm 21:4 ka nnwuma a ɛyɛ nwonwa a saa mfirihyia apem asɔfodi no bɛyɛ ho asɛm, na amansan bɛn na Onyankopɔn benya bio?
82 Wɔaka adwuma a ɛyɛ nwonwa a mfirihyia apem asɔfodi a asɔfokuw ho nhyehyɛe biara nnim no bɛyɛ no ho asɛm akyerɛ yɛn wɔ asɛm a ɛyɛ anigye yi mu sɛ: “Owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne su ne yaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma atwam.” (Adi. 21:4) Yiw, bɔne a ɛne “owu nwowɔee” no befi hɔ! Wɔbɛpopa adesamma bɔne a wonya fii yɛn pɛsɛmenkominya awofo a wodi kan no nkyɛn no afi hɔ a awerɛhow a ɛde ba ne ahohorabɔ a ɛde ba Onyankopɔn so no nyinaa ka ho. Ɔsorosoroni Yehowa Nyankopɔn benya amansan bi a ɛho tew, edi mu na ɛyɛ kronkron bio.
-