Ɔhene No Ahyɛde Ahorow So A Yebedi Pɛpɛɛpɛ
“Meredwen wo nsiesiei ho, na merehwɛ w’akwan. W’ahyɛde ho na me ho sɛpɛw me, me werɛ remfi wo nsɛm.”—DWOM 119:15, 16.
1. Dɛn nti na obiara ne biribiara hyɛ Yehowa nhyehyɛe ase?
OBIARA ne biribiara hyɛ Ade Nyinaa so Tumfoɔ, Yehowa Nyankopɔn, daa Hene, no nhyehyɛe ase. Ɔno na ɔbɔɔ amansan yi. Ɔne nkwa nyinaa Fibea. Ɔno na ɔnwenee asase na osiesiei sɛ wɔntra so. Ɔyɛ Onyankopɔn a ɔwɔ nhyehyɛe, na ɛdenam ne mmara horow a ɔhyɛ mu den so no, biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ wɔ n’abɔde nyinaa mu.—Dwom 36:9; Yesaia 45:18; Adiyisɛm 15:3.
2. Hena na odi ɔsoro a nsoromma pii wɔ hɔ no so, na ɔkwan bɛn so?
2 Ɛyɛ Yehowa Nyankopɔn na ɔhyɛe maa ɔsoro a nsoromma pii wɔ hɔ no mu trɛwee sɛ ntamadan wɔ asase atifi no, na afei ɔka kyerɛɛ ne nkurɔfo sɛ: “Momma mo ani so nhwɛ ɔsoro, na monhwɛ nea ɔbɔɔ eyinom. Ɔno na obu wɔn dɔm ano yi wɔn adi; na ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn.” Ɛyɛ Yehowa na obisaa Hiob eyi: “So wunim ɔsoro nhyehyɛe anaa wubetumi ahyehyɛ sɛnea enni asase so mfa?” Ɛyɛ Ne tumi a ɛtwe ade ho mmara no na ɛka nsoromma-kuw ɔpepem pii a nsoromma ɔpepepem pii wɔ emu biara mu no bom na ɛno na edi asase a etwa ne ho wɔ ahunmu no so.—Yesaia 40:26; Hiob 38:33.
3. Hena ahyɛde ahorow so na mmoa nam tra ase, na sɛ wɔyɛ asoɔden a dɛn na ɛbɛba?
3 Ɔno na ɔma nwura fifi kata asase ani. Ɛyɛ n’ahyɛde nti na afifide nyinyin na ɛsow aba. Mmoa ahorow ahorow pii wɔ asase so—efi asasetifi kosi nhimahobea kwae ahorow no mu, efi ahunmu kosi asase mu, efi po ani kosi po bun mu. Sɛ wobetumi atra ase a, ɛsɛ sɛ wɔn mu biara tra ase sɛnea Yehowa ahyehyɛ no. Ɔnam nkate so de n’ahyɛde ahorow a ɛbɛma wɔanya nkwa hyɛ wɔn mu. “Wɔyɛ [nkate mu] anyansafo.” (Mmebusɛm 30:24) Na sɛ anomaa ketewa a ɔte sɛ aseredowa a ɔwɔ Alaska no ka sɛ, ‘Merentu akwansin mpempem pii nkɔ South America. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mekɔ hɔ’ a, dɛn na ɛbɛba? Saa anomaa ketewaa no bewu wɔ awɔw a ano yɛ den a ɛba saa bere no mu no mu. Nanso ɔrenka saa. Wahyɛ da de ɛno ahyɛ ne mu sɛ ɛsɛ sɛ otu kɔ hɔ na wanya nkwa. Saa ara na ɛte wɔ mmoa ahorow no nyinaa ho. Wofi nkate mu di ahyɛde a wɔn Bɔfo Yehowa de ahyɛ wɔn mu no so. Wɔrentumi mpaw nea wɔpɛ.
4. Hokwan bɛn na nnipa wɔ, na dɛn na ebefi emu biara mu aba?
4 Ɛyɛ soronko wɔ nnipa ho. Wɔbɔɔ yɛn wɔ Onyankopɔn suban so, na yetumi paw nea yɛpɛ. Nanso bere a Yehowa anyɛ yɛn sɛ yemfi nkate nkutoo mu nyɛ ade nyansam no, wannyaw yɛn kwa nso a yennim nea yɛbɛyɛ. Ɔnam n’Asɛm Bible no so de n’ahyɛde ahorow a ɛbɛma yɛanya nkwa ma yɛn. Sɛ yedi Ɔhene no ahyɛde ahorow no so a, yɛbɛtra ase. Sɛ yɛde ahofadi a yɛwɔ no pow n’ahyɛde na yɛfa yɛn ankasa ahofadi kwan so a, yebewu. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade wɔ ɔkwan a ɛbɛma yɛanya nkwa so. Ɛyɛ asɛm tiawa. Odwontofo no kae sɛ: “W’asɛm yɛ me nan ase kanea, ne me kwan so hann.” Wɔ ɔkwan foforo so no, ebia “ɛwɔ ɔkwan bi a ɛteɛ onipa ani so, na n’awiei yɛ owu kwan.” (Dwom 119:105; Mmebusɛm 14:12) Ɛyɛ nea ɛho hia wɔ awiei bere yi mu sɛ yɛde asɛm a ɛwɔ Dwom 119:15, 16 a wɔka kyerɛɛ Yehowa yi bɛyɛ yɛn de, sɛ: “Meredwen wo nsiesiei ho, na merehwɛ w’akwan. W’ahyɛde ho na me ho sɛpɛw me, me werɛ remfi wo nsɛm”
Yehowa a Ɔyɛ Nhyehyɛe Ma Ne Nkurɔfo
5. Akwan horow bɛn so na na Yehowa yɛ Israel Temmufo, ne Mmarahyɛfo, ne ne Hene?
5 Yehowa kasa kyerɛɛ Mose wɔ Bepɔw Sinai ho na ɔde ahyɛde ahorow a ɛbɛkyerɛ Israel kwan mae. Nea ɛyɛ titiriw wɔ eyi mu ne Mmarasɛm Du a Onyankopɔn de ne nsateaa kyerɛw guu abo pon so no. (Exodus 20:1-17; 31:18) Wɔ Israel Mmarahyɛfo a na Yehowa yɛ akyi no, na ɔne wɔn Temmufo a ɔnam Mose ne mpanyimfo afoforo so dii dwuma. Mose tuu saa mpanyimfo no fo sɛ: “Monnhwɛ nnipa anim atemmu mu, muntie aketewa sɛ ɔkɛse, munnsuro onipa anim, efisɛ atemmu yɛ Onyankopɔn dea.” (Deuteronomium 1:17) Ná Yehowa yɛ wɔn Hene nso, na ɔyɛɛ nhyehyɛe maa nnipa ɔpepem pii yi sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nneɛma bɛkɔ so pɛpɛɛpɛ. Eyi nyinaa nti na n’adiyifo no mu biako tumi kaa eyi akyiri yi no: “ [Yehowa] ne yɛn temmufo, [Yehowa] ne yɛn mmarahyɛfo, [Yehowa] ne yɛn hene.”—Yesaia 33:22.
6. Ɔkwan bɛn so na Yehowa daa no adi sɛ ɔyɛ Israel Nhyehyɛe Yɛfo ne wɔn Kwankyerɛfo wɔ sare no so?
6 Wɔhyehyɛɛ Israel man no mmusuakuw, mmusua, ne afi ahorow. Bere a na wɔnam sare so no, Yehowa kyerɛɛ faako a ɛsɛ sɛ abusuakuw biara di. Sɛ wɔbɔ nsra wɔ ahyiae ntamadan no ho a, abusuakuw biara wɔ faako a ɛsɛ sɛ ogyina. (Numeri 2:1-34; Yosua 7:14) Yehowa nam omununkum so kyerɛɛ wɔn kwan wɔ wɔn akwantu no mu: “Na sɛ omununkum no ma ne ho so fi ntamadan no so a, na Israelfo no tu; na nea omununkum no gyina no, ɛhɔ na Israelfo no bɔ nsra. [Yehowa anom asɛm so na Israelfo no nam tu, na [Yehowa] anom asɛm so na wɔnam bɔ nsra.”—Numeri 9:17, 18.
7. Hena na na obetumi ayɛ nsakrae ahorow wɔ Israel nhyehyɛe no mu a enti ɔyɛe no?
7 Bere a ahyehyɛde mu nsakrae ho behiae no, Yehowa yɛe. Mose kae sɛ: “Me nko mintumi minkura ɔman yi nyinaa, efisɛ ɛyɛ duru sen me.” Yehowa buae sɛ: “Boa Israel mpanyimfo mu mmarima aduɔson ano ma me, nnipa a wunim wɔn sɛ wɔyɛ ɔman no mpanyimfo ne wɔn kyerɛwfo, . . . na wɔne wo aso ɔman no adesoa no mu, na wo nko woankura.” (Numeri 11:14,16,17) Bere a akyiri yi ɔman no kae sɛ wɔpɛ ɔdesani hene mpo no, daa Ɔhenkɛse no annyaw Israel. Ná ɔdesani hene no wɔ Yehowa Mmara no bi. Adiyifo kaa Yehowa atemmu kyerɛe. Ahemfo anokwafo kɔɔ so ara somee sɛ wɔn a wodi nsɛm ho dwuma ma Onyankopɔn bere a ‘wɔtraa [Yehowa] agua so’ no.—1 Beresosɛm 29:23; Deuteronomium 17:18; 2 Ahene 17:13; Yeremia 7:25.
Ɔhene No Ahyɛde Ahorow So a Wodi Ho Nhwɛso a Ɛyɛ Pɛ
8. Ɔkwan bɛn so ne hefa na Yesu bɔɔ Yehowa Ahenni a ɛbɛba no ho dawuru, na dɛn na efii mu bae?
8 Bere a Yesu bae sɛ Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no, odii ne soro Agya no ahyɛde ahorow so wɔ nnamyɛ kɛse mu. Bere a Galilea som adwuma kɛse no fii ase no, Yesu “fii ase kaa asɛm sɛ: “Monsakra mo adwene; na ɔsoro ahenni no abɛn. Yesu kyinii Galilea nyinaa kyerɛkyerɛe wɔn hyia adan mu, na ɔkaa ahenni no ho asɛmpa no, na ɔsaa ɔyare ne ahoɔmmerɛw biara ɔman no mu. Na nkurɔfo akuwakuw pii a wofi Galilea ne Dekapolis no mu ne Yerusalem ne Yudea ne Yordan agya dii n’akyi.” (Mateo 4:17, 23, 25; Yohane 2:17) Wanyɛ n’asɛnka adwuma no wɔ hyia adan mu nkutoo. Ɔkaa Ahenni ho asɛmpa no wɔ baabiara a nkurɔfo wɔ a wobetie: asɔrefi, mpoano, bepɔw so, ɔman no mu, nkurow mu ne nkuraase, ne nkurɔfo afi mu. Nkurɔfo akuwakuw pii baa ne nkyɛn na ‘wɔde anigye tiee no.’ Wɔde “wɔn ho bataa ne ho tiee no.”—Marko 12:37; Luka 19:48.
9. Dɛn na Yesu yɛe de trɛw asɛnka adwuma no mu, na akwankyerɛ ahorow bɛn na ɔde mae?
9. Ɛdefa n’asomafo no ho no, ohuu hia a adwumayɛfo pii ho hia, enti “dumien yi na Yesu somaa wɔn hyɛɛ wɔn sɛ: Monnnan nnkɔ amanaman kwan so, na monnhyɛn Samariafo kurow biara mu, na mmom monkɔ Israel fi nguan a ayera no nkyɛn! Na mokɔ a, monkɔka sɛ: Ɔsoro ahenni no abɛn. Na kurow anaa akuraa biara a mobɛhyɛn mu no, mummisa nea ɔsɛ wɔ hɔ, na ɛhɔ na montra nkosi sɛ mubefi hɔ akɔ. Na mohyɛn ofi bi mu a, munkyia emufo no. Na sɛ ɛsɛ ofi no a, mo asomdwoe mmra so; na sɛ ɛnsɛ no a, mo asomdwoe nsan mmra mo nkyɛn.” (Mateo 10:5-7, 11-13) Akyiri yi ɔsomaa 70 foforo na ɔde akwankyerɛ a ɛte saa ara maa wɔn, na ɛdenam ahyɛde ahorow yi a wodii akyi so no, wotumi yɛe na wonyaa anigye kɛse nso.—Luka 10:1, 17.
10. (a) Wɔ Yesu wusɔre akyi no, ahyɛde foforo bɛn na ɔde mae, na dɛn na efii mu bae? (b) Dɛn nti na na mmarima bi a wɔbɛpaw wɔn ho hia, na na nneɛma a wɔhwehwɛ bɛn na ɛsɛ sɛ wodu ho?
10 Kristo Yesu wu ne ne wusɔre akyi no, ɔtrɛw n’akyidifo asasesin no mu, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me. Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne ɔba ne honhom kronkron din mu, na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.” (Mateo 28:18-20) Bere a ɔforo kɔɔ soro no, ɔde ahyɛde a ɛte saa ara mae: “Mubenya ahoɔden, na moayɛ m’adansefo Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de akɔpem asase ano nohɔ.” (Asomafo no Nnwuma 1:8) Bere a n’akyidifo kaa Ahenni no ho asɛm no, mpempem pii bɛkaa wɔn ho. (Asomafo no Nnwuma 2:41; 4:4; 5:14; 6:7) Wɔhyehyɛɛ asafo ahorow wɔ baabiara. Wɔpaw ahwɛfo ne asomfo a woduu nneɛma atitiriw a wɔhwehwɛ wɔ Kyerɛwnsɛm mu no ho no ma wɔboa ma wɔhwɛɛ nguankuw yi so. Asafo ahorow no yɛɛ den na ɛdɔe.—1 Timoteo 3:2-10, 12, 13; Tito 1:5-9.
11. Ahyehyɛde bɛn na Yehowa Adansefo wɔ nnɛ, na dɛn nti na nea edi dwuma yiye ho hia mprempren?
11 Ɛnnɛ ɛho hia titiriw sɛ Yehowa Adansefo asafo ahorow no di Yesu nhwɛso no akyi wɔ asɛnka adwuma no mu. Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ eyi wɔ ɔkwan a etu mpɔn so no, wodi ahyehyɛde kwan so nhyehyɛe a wɔde sii hɔ wɔ asomafo no bere so no akyi. Yɛwɔ awiei bere no mu, bere a Yesu ka too hɔ sɛ wɔbɛyɛ wiase nyinaa asɛnka adwuma bi no: “Wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mateo 24:14) Wɔ Wiase Ko I akyi no, nnipa mpem kakraa bi fii ase kaa Ahenni ho asɛmpa yi; mprempren wɔn dodow akɔ soro aboro ɔpepem abiɛsa! Ɛyɛ bere a ɛho hia sɛ yedi daa Ɔhenkɛse, Yehowa Nyankopɔn, ne ahene mu Hene, Kristo Yesu, nyinaa ahyɛde ahorow no so.
Ɛho Hia Sɛ Mudi Mpanyimfo No Ni Na Moboa Wɔn
12. Dɛn na wɔhwehwɛ wɔ mpanyimfo ho nnɛ, na ɔkwan bɛn so na yebetumi ama wɔn adwuma no ayɛ anigye?
12 Asafo mu mpanyimfo wɔ asɛyɛde titiriw wɔ ɔhene no ahyɛde ahorow so a yebedi no mu. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ nhwɛso: “Monyɛn Onyankopɔn nguankuw a wɔwɔ mo mu no. Monhwɛ wɔn so, ɛnyɛ ɔhyɛ so, na mmom ɔdɔ so, sɛnea Onyankopɔn pɛ; ɛnyɛ adifudepɛ nti, na mmom koma a ɛpɛ nti; ɛnyɛ sɛ wɔn a wodi asafotow no so bakoma, na mmom monyɛ nhwɛso mma nguankuw no.” (1 Petro 5:1-3) Ɛyɛ Onyankopɔn nguankuw. Mpanyimfo no na ɔma wobu wɔn ho akontaa, nanso osetie mu a obiara befi ne wɔn ayɛ biako no betumi ama wɔn adwuma no ayɛ anigye: “Muntie mo mpanyimfo na mommrɛ mo ho ase mma wɔn, efisɛ wɔn na wɔwɛn mo kra sɛ wɔn a wobebu ho akontaa, na wɔde anigye ayɛ, na ɛnyɛ ahomegu; efisɛ eyi nyɛ mfaso bi mma mo.”—Hebrifo 13:17.
13. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wode nidi mmɔho ma mpanyimfo?
13 Ɛsɛ sɛ wodi obiara a ɔwɔ asafo no mu ni, nanso ɛte saa titiriw wɔ mpanyimfo a wɔyɛ adwumaden no ho: “Mpanyimfo a wɔhwɛ asafo no so yiye no, wɔmfa nidi mmɔho nni wɔn, ne titiriw no wɔn a wɔyɛ asɛnka ne kyerɛkyerɛ ho adwuma.” (1 Timoteo 5:17; Romafo 12:10) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔde “nidi mmɔho” ma mpanyimfo no? Esiane adwuma pa a wɔyɛ nti. Wɔakyerɛw wɔ wɔn ho sɛ: “Honhom kronkron de mo asisi wɔn so ahwɛfo sɛ monyɛn Onyankopɔn asafo a ɔde n’ankasa [Ba] mogya anya wɔn no.” (Asomafo no Nnwuma 20:28) Wɔyɛ adwumaden de som wo ne afoforo. Ebia ɛho behia sɛ wɔde nteɛso ma ankorankoro bi a wobu ani gu ɔhene no ahyɛde ahorow no so anaasɛ wɔtõ no—ɛnyɛ asɛyɛde a ɛyɛ anika, na ɛyɛ nea ebetumi ama obi bo afuw. Ebia ɛho behia sɛ wɔde afotu ma wɔ ntadehyɛ ne abrabɔ ho na ɛyɛ nea ebia wobedi yaw wɔ ho. Nanso wɔyɛ eyi nyinaa esiane asafo no honhom mu yiyedi nti. Ɛsɛ sɛ wobu mpanyimfo no na wodi wɔn ni.
14. (a) Esiane nea ɛwɔ Yakobo 4:12 no nti, ɔkwan bɛn so nkutoo na atɛn a mpanyimfo bu no betumi ayɛ nea eye? (b) Bere bɛn na wobetumi ahu mmɔbɔ wɔ atemmu mu, na bere bɛn na mmɔborohunu betumi adi atemmu so nim?
14 Ɛtɔ bere bi a mpanyimfo som sɛ asenni boayifo na wobu atɛn a emu bi yɛ nea ɛtɔ bere bi a ani nnye ho. Ɔkwan bɛn na atemmu yi ne Yakobo 4:12 hyia? Ɛka sɛ: “Obiako ne mmarahyɛfo ne temmufo, ɔne nea obetumi agye na wasɛe. Na ɛhena ne wo a wubu obi atɛn?” Yiw, ɛnsɛ sɛ ankorankoro bu wɔn ho wɔn ho atɛn. Bio nso, ɛnsɛ sɛ atɛn a mpanyimfo bu no yɛ nea efi wɔn ankasa adwene mu na mmom sɛnea Yehowa Asɛm no kyerɛ. Hyɛ sɛnea Ɔhene Yehosafat bɔɔ atemmufo a ɔpaw wɔn no kɔkɔ no nsow: “Ɛnyɛ onipa na morebu atɛn ama no, na mmom [Yehowa], . . . [momma Yehowa] ho hu ntra mo so. Monhwɛ mo ho yiye na monyɛ, efisɛ [Yehowa] yɛn Nyankopɔn no, nkontompo ne animhwɛ ne mmoaagye nni ne fam.” (2 Beresosɛm 19: 6, 7) Ɛsɛ sɛ wɔma ahyehyɛde no ho tew. Nanso ɛnsɛ sɛ mpanyimfo yɛ katee anaa ‘amaanefo.’ Wobetumi ayi mmɔborohunu ne fafiri adi bere a obi di awerɛhow kɛse na oyi ahonu ankasa adi no. Ɛnde, ‘mmɔborohunu bɛhoahoa ne ho adi atemmu so nim.’—1 Timoteo 3:3; Yakobo 2:13, hwɛ Reference Bible asehɔ asɛm.
15. Nnwuma ahorow a mpanyimfo yɛ bɛn na ɛma wobu wɔn na wodi wɔn ni?
15 Enti mpanyimfo asɛyɛde ahorow no taa yɛ nea ɛyɛ den na egye bere, nanso mpanyimfo a wofi nokwaredi ne ɔdɔ mu di asɛyɛde ahorow yi ho dwuma no betumi ayɛ honhom mu ahomegyebea ne ahobammɔ. “Na wɔn mu biara bɛyɛ sɛ mframa ano hintabea ne osu ano guankɔbea, sɛ nkyerekyerewa so nsuwansuwa, sɛ asase a akyen so botan kɛse onwini.” (Yesaia 32:2) Ɛyɛ ɔhobammɔfo a ɔwɔ ayamye ne ɔdɔ na ɔma obiara nya anigye, ɔno na wobu no na wodi no ni, na Yehowa gye no tom—na ɛnyɛ obi a ɔde ahopere kasa tia anaasɛ ɔde nteɛso ma wɔ kateeyɛ mu.
Munnya Boasetɔ Mma Mo Ho Mo Ho
16. (a) Ebinom yɛ wɔn ade dɛn wɔ afoforo mfomso ho. na dɛn na ɛbɛma wɔrenkasa ntia afoforo pii na wɔate nneɛma ase kɛse? (b) Yehowa bu asomfo anokwafo a wɔyɛ mfomso ahorow no dɛn?
16 Bere biara a nkurɔfo bom yɛ adwuma no ɔhaw ahorow taa sɔre. Wɔyɛ mfomso ahorow. Sɛ ɛba saa a, ɛhaw ebinom kɛse. Ebinom mpo de afoforo mfomso ahorow no yɛ anoyi de di mfomso a ɛsen biara—wogyae Yehowa som! Nanso sɛ wɔfeefee wɔn ankasa mfomso ahorow mu te sɛ nea wɔyɛ wɔ afoforo de ho a, anka ebia wɔrenkasa ntia wɔn pii saa na wɔbɛte nneɛma ase kɛse. Mose yɛɛ mfomso ahorow. Dawid nso saa ara. Petro nso yɛɛ bi. Yɛn nyinaa nso saa ara. Nanso Yehowa kɔɔ so de tete mmarima anokwafo yi dii dwuma, na ɔkɔ so de yɛn di dwuma. Enti “hena ne wo a wubu obi fienipa atɛn? N’ankasa ne wura anim na ogyina anaasɛ ɔhwe ase; nanso obegyina, na [Yehowa] betumi ama wagyina.”—Romafo 14:4.
17. Wɔ asɛm a ɛfa mfomso ahorow a wɔyɛ ne afoforo a wobu wɔn atɛn yi ho no, nsɛm afoforo bɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae?
17 Momma yɛnkae nso sɛ: Wɔ asase so ha no, Yehowa de nnipa a wonyɛ pɛ di dwuma—nea ɔwɔ mprempren ara nen. Nokwarem no, eyi da Yehowa ayeyi adi. Otumi de ketewaa bi yɛ pii! Yɛn mmerɛwyɛ ma ne tumi yɛ kɛse: “Me dom no dɔɔ wo so, na me tumi wie pɛyɛ wɔ mmerɛwyɛ mu.” (2 Korintofo 12:9) Wiase nyinaa adansedi adwuma no nya nkɔso esiane nea Yehowa ankasa ka no nti: “Ɛnyɛ tumi so, na ɛnyɛ ahoɔden so, na me honhom so.” (Sakaria 4:6) Enti momma yɛmfa afoforo mfomso ne sintɔ ahorow mfirifiri wɔn na ama wɔde yɛn de nso afiri yɛn. Kae: “Sɛ mode nnipa mfomso firi wɔn a, mo soro agya de mo de befiri mo nso.”—Mateo 6:14, 15.
Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Adi Ɔhene No Ahyɛde Akyi Aka Asɛm No
18. Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde akwankyerɛ a ɛde biakoyɛ ba bɛma wɔ asafo ahorow no asɛnka no mu no, na nhyehyɛe bɛn na ɛwɔ hɔ wɔ asomafo no bere so a ɛwɔ hɔ mprempren wɔ yɛn bere yi mu?
18 Asomafo ne mpanyimfo a na wɔwɔ Yerusalem no na wɔka boom yɛɛ sodikuw a esisii gyinae ahorow na ɛde akwankyerɛ a ɛde biakoyɛ ba maa tete Kristofo asafo ahorow no. (Asomafo no Nnwuma 15:1-31; 16:1-5) Ɛnnɛ Yehowa adansefo a wɔasra wɔn, “‘akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no wɔ Sodikuw wɔ wɔn asafo no ti wɔ Brooklyn, New York. (Mateo 24:45-47) Ɛno na ɛkyerɛ wiase nyinaa Ahenni adansedi adwuma kɛse a wɔreyɛ mprempren de ama ahyɛde a ɛne sɛ wɔmmɔ Yehowa Ahenni no ho dawuru no abam no kwan. (Mateo 24:14) Wɔrentumi nyɛ adwuma yi a nhyehyɛe biara nni ho. Obi nkutoo ntumi nyɛ.
19. Adwuma a ankorankoro nkutoo ntumi nyɛ bɛn na Yehowa Adansefo reyɛ esiane Ɔhene no ahyɛde so a wodi pɛpɛɛpɛ nti‘?
19 Onipa biako bi anaa nnipakuw bi a wonni nhyehyɛe a wɔabɔ ahwete biara rentumi nka asɛm wɔ kasa horow a ɛboro 190 mu wɔ nsase 205 so, nyɛ ofie Bible adesua a ɛreyɛ adu ɔpepem abien ne fã na wɔabɔ Ahenni no ho asomfo afoforo bɛyɛ 190,000 asu afe biara. Dabi, egyee Adansefo a wɔn dodow boro ɔpepem abiɛsa no asɛnka nnɔnhwerew bɛyɛ ɔpepem ahansia na wɔde yɛɛ saa adwuma no wɔ 1985 afe no mu. Wotumi yɛɛ eyi esiane sɛ wɔahyehyɛ wɔn yiye ayɛ wɔn asafo ahorow bɛyɛ 50,000 a wɔn nyinaa wɔ wɔn Sodikuw biako a aniwa tua no akwankyerɛ ase nti. Wɔ ɛno mu mpo no, wotumi yɛe esiane sɛ Sodikuw no, baa dwumadibea 94 no, asafo ahorow 50,000 no, ne Adansefo 3,000,000 no nyinaa de biakoyɛ di Ɔhene no ahyɛde ahorow so nti.
So Wokae?
◻ Ɔkwan bɛn so na Yehowa hyehyɛ Israel man no?
◻ Nhwɛso pa bɛn na Yesu gyawee wɔ Yehowa Ahenni ho dawurubɔ adwuma a wɔbɛyɛ o mu?
◻ Nnwuma ahorow pii bɛn na mpanyimfo yɛ a enti ɛsɛ ɛ yedi wɔn ni no?
◻ Dɛn nti na akuw horow a atew ne ho anna ankorankoro rentumi nyɛ adansedi adwuma no?
[Kratafa 21 mfoni]
Ɔbɔadeɛ no yɛ kɔ a mmoa nyinaa bɛkɔ so atra ase no ho nhyehyɛe
Ɛsɛ sɛ nnipa yɛ nkwa a wobenya ho nhyehyɛe denam Yehowa ahyɛde a wobesua so