Na Kristo Kyi Amumɔyɛ—So Wo Nso Wukyi?
“Wodɔ trenee, na wukyi amumɔyɛ, enti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn, de ahosan ngo asra wo asen wo mfɛfo.”—HEBRIFO 1:9.
1. Wɔ trenee a Yehowa Nyankopɔn nokware asomfo bɛdɔ akyi no, dɛn bio na wɔhwehwɛ sɛ wɔn nyinaa yɛ?
YEHOWA nokware asomfo de wɔn koma, wɔn kra, wɔn adwene, ne wɔn ahoɔden nyinaa dɔ no. (Marko 12:30) Wɔpɛ sɛ wɔma Yehowa koma ani gye denam wɔn mudi mu a wobekura no so. (Mmebusɛm 27:11) Sɛ wobɛyɛ saa a, ɛnyɛ trenee nko na ɛsɛ sɛ wɔdɔ, na mmom ɛsɛ sɛ wokyi amumɔyɛ nso. Nokwarem no, wɔn nhwɛsofo, Yesu Kristo, yɛɛ saa. Wɔaka ne ho asɛm sɛ: “Wodɔ trenee, na wukyi amumɔyɛ.”—Hebrifo 1:9.
2. Dɛn na ɛka amumɔyɛ ho?
2 Dɛn ne amumɔyɛ? Ɛyɛ bɔne, sɛnea ɔsomafo Yohane daa no adi bere a ɔkyerɛwee asɛm yi no: “Obiara a ɔyɛ bɔne no, ɔyɛ de to mmara, na bɔne ne mmarato.” (1 Yohane 3:4) “Mmara nsiw” onipa omumɔyɛfo “kwan anaasɛ enni ne so tumi.” ( Webster’s Ninth New Collegiate Dictionary) Biribiara a ɛyɛ bɔne, nsɛmmɔnedi, ɔbrasɛe, ɔporɔw, ne nsisi yɛ amumɔyɛ. Sɛ yɛhwɛ wiase no mu a, yehu sɛ amumɔyɛ abu so nnɛ sen bere biara a atwam. Ɛda adi pefee sɛ yɛte “mmere a emu yɛ den” a ɔsomafo Paulo ka siei wɔ 2 Timoteo 3:1-5 no mu. Amumɔyɛ yi nyinaa nti, hwɛ sɛnea eye sɛ wɔhyɛ yɛn sɛ yenkyi bɔne nyinaa! Sɛ nhwɛso no, wɔka kyerɛ yɛn sɛ: “Mo a modɔ [Yehowa], munkyi bɔne.” (Dwom 97:10) Saa ara na yɛkenkan sɛ: “Montan bɔne na monnɔ papa.”—Amos 5:15.
Ɔtan Ahorow Abiɛsa
3-5. Akwan abiɛsa bɛn so na wɔde asɛmfua ‘ɔtan’ no adi dwuma wɔ Onyankopɔn Asɛm mu?
3 Sɛ wobɛtan biribi no kyerɛ dɛn? Wɔde ‘ɔtan’ di dwuma wɔ akwan horow abiɛsa so wɔ Onyankopɔn Asɛm mu. Ɔtan a adwemmɔne na ɛma wonya a ɛhwehwɛ sɛ ɛyɛ nea wɔanya ne ho tan no bɔne no wɔ hɔ. Ɛsɛ sɛ Kristofo kwati saa ɔtan yi. Saa ɔtan yi na ɛkanyan Kain ma okum ne nua ɔtreneeni Habel. (1 Yohane 3:12) Eyi nso ne ɔtan a nyamesom akannifo no nyae wɔ Yesu Kristo ho no.—Mateo 26:3, 4.
4 Afei nso, wɔde asɛmfua ‘ɔtan’ no di dwuma wɔ Kyerɛwnsɛm no mu a adwene a ɛwom ne sɛ ɛnsɛ sɛ wɔdɔ biribi pii. Sɛ nhwɛso no, Yesu kae sɛ: “Sɛ obi ba me nkyɛn na ɔntan n’agya ne ne na ne ne yere ne ne mma ne ne nuabarimanom ne ne nuabeanom ne n’ankasa ne kra nso a, ontumi nyɛ me suani.” (Luka 14:26) Ɛda adi pefee sɛ nea na Yesu kyerɛ ara ne sɛ yɛbɛdɔ ɔno asen eyinom. Na Yakob ‘tan Lea,’ nanso na nea ɛkyerɛ ankasa ne sɛ na ɔnnɔ no te sɛ Rahel.—Genesis 29:30, 31.
5 Afei asɛmfua ‘ɔtan’ no asekyerɛ a ɛho hia yɛn titiriw wɔ ha no nso wɔ hɔ. Ekura adwene a ɛne sɛ yekyi anaasɛ yɛmpɛ obi anaasɛ biribi asɛm koraa ma enti yɛkwati biribiara a yɛne saa onipa no anaasɛ dekode no yɛ koraa. Wɔka eyi ho asɛm wɔ Dwom 139 sɛ ‘ɔtan korakora.’ Dawid ka wɔ hɔ sɛ: “O [Yehowa], so mentan wɔn a wɔtan wo denneennen no, na so minkyi wɔn a wɔtew atua tia wo no? Metan wɔn korakora.”—Dwom 139:21, 22, New World Translation.
Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Yekyi Amumɔyɛ
6, 7. (a) Dɛn titiriw nti na ɛsɛ sɛ yekyi amumɔyɛ? (b) Ntease a ɛto so abien a tumi wom bɛn nti na ɛsɛ sɛ yekyi amumɔyɛ?
6 Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yekyi amumɔyɛ? Ade biako ne sɛ ɛbɛma yɛanya obu a ɛfata ne ahonim pa. Saa kwan yi so nkutoo na yɛnam betumi ne yɛn trenee ɔsoro Agya Yehowa a ɔdɔ yɛn no anya abusuabɔ pa.’Dawid yɛɛ eyi ho nhwɛso pa, sɛnea yɛnam Dwom 26 akenkan so betumi ahu no. Sɛ nhwɛso no, ɔkae sɛ: “Metan nnipa bɔne guabɔ, na me ne nnebɔneyɛfo ntra.” (Dwom 26:5) Ɛsɛ sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne trenee no kanyan yɛn ma yenya trenee abufuw—yiw, yɛtan—biribiara a obu no amumɔyɛ, a wɔn a wontie Yehowa na wɔtan no no amumɔyɛde ka ho. Afei nso, ɛsɛ sɛ yekyi amumɔyɛ esiane ahohorabɔ a ɛde ba Onyankopɔn din so no nti.
7 Ade foforo nti a ɛsɛ sɛ Yehowa nkurɔfo kyi amumɔyɛ ne sɛ asiane kɛse wom na edi awu. Dɛn na ebefi ɔhonam so a yegu gu, kyerɛ sɛ amumɔyɛ a yegu no mu aba? Paulo, bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Monnnaadaa mo ho, Onyankopɔn, wonsi no atwetwe; efisɛ nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa. Nea ogu gu ne honam so no fi honam mu betwa porɔwee, na nea ogu gu honhom so no fi honhom mu betwa daa nkwa.” (Galatifo 6:7, 8) Enti ɛsɛ sɛ yɛkwati amumɔyɛ koraa. Ampa, yɛn ankasa yiyedi ne asomdwoe nti, ehia sɛ yekyi amumɔyɛ nyinaa.
Wɔn a Wokyi Amumɔyɛ
8. Hena na wayɛ nhwɛso titiriw wɔ amumɔyɛ a yebekyi no mu, na kyerɛw nsɛm bɛn na ɛkyerɛ saa?
8 Esiane amumɔyɛ a Onyankopɔn kyi nti, ɔyɛ nhwɛso titiriw ma abɔde a wɔwɔ nyansa nyinaa. Ne bo fuw wɔ amumɔyɛ ho wɔ ɔkwan a ɛteɛ so, na n’Asɛm ka sɛ: “Ade asia yi na [Yehowa] tan, na ade ason na ɛyɛ ne kra akyide: ani a ɛtra ntɔn, atoro tɛkrɛma, ne nsa a ehwie mogya a edi bem gu; koma a edwen mmusu adwene, nan a ɛyɛ hare tu mmirika kɔ bɔne mu; ɔdansekurumfo a ohuw atosɛm, ne nea ɔhyɛ anuanom ntam takrawogyam.” Yɛkenkan bio nso sɛ: “[Yehowa] suro ne bɔne tan: ahokyerɛ ne ahantan ne ɔkwammɔne ne akɔntɔnkyesɛm ano na mikyi.” (Mmebusɛm 6:16-19; 8:13) Bio nso, wɔka kyerɛ yɛn sɛ: “Na me, [Yehowa], medɔ atemmu, mikyi atirimɔden so dwowtwa.”—Yesaia 61:8.
9, 10. Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛe sɛ okyi amumɔyɛ?
9 Yesu Kristo kyii amumɔyɛ de suasuaa n’Agya. Enti, yɛkenkan sɛ: “Wodɔ trenee, na wukyi amumɔyɛ, enti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn, de ahosan ngo asra wo asen wo mfɛfo.” (Hebrifo 1:9) Yesu yɛɛ saa ade a wɔtan yi ho nhwɛso maa yɛn. Ɔkyerɛe sɛ okyi amumɔyɛ denam wɔn a wɔhyɛ da yɛ amumɔyɛde—atoro nyamesom akannifo no ho ntama a ɔpae no so. Ɔkasa tiaa wɔn mpɛn pii sɛ wɔyɛ nyaatwomfo. (Mateo, ti 23) Bere foforo nso Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo agya a mufi no mu ne ɔbonsam, na mo agya no akɔnnɔde na mopɛ sɛ moyɛ.” (Yohane 8:44) Yesu kyerɛe sɛ okyi amumɔyɛ koduu baabi mpo a ɔde ɔhyɛ dii dwuma mprenu de pam nyamesomfo adifudepɛfo nyaatwomfo fii asɔrefi hɔ.—Mateo 21:12, 13; Yohane 2:13-17.
10 Yesu kyerɛe nso sɛ okyi amumɔyɛ ne bɔne denam twe a ɔtwee ne ho fi ho koraa no so. Enti, otumi bisaa n’asɔretiafo sɛ: “Mo mu hena na obu me bɔne bi ho atɛn?” (Yohane 8:46) Na Yesu “ho tew, onni bɔne, ne ho nni nkekae, wɔayi no afi nnebɔneyɛfo ho.” (Hebrifo 7:26) Petro resi eyi so dua no, ɔkyerɛw sɛ Yesu ‘anyɛ bɔne, nanso wɔanhu nnaadaa n’anom.’—1 Petro 2:22.
11. Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso ahorow a ɛfa nnipa a wɔnyɛ pɛ a wokyii amumɔyɛ ho bɛn na yɛwɔ?
11 Nanso, na Yesu yɛ onipa a ɔyɛ pɛ. So yɛwɔ Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso a ɛfa nnipa a wɔnyɛ pɛ a wokyii amumɔyɛ ampa ho? Nokwarem no, yɛwɔ bi. Mose ne ne mfɛfo Lewifo no tan ahonisom araa ma wɔnam Yehowa ahyɛde so kunkum abosonsomfo 3,000. (Exodus 32:27, 28) Pinehas kyerɛe sɛ okyi amumɔyɛ koraa bere a ɔde peaw kunkum nguaman baanu no.—Numeri 25:7, 8.
Sɛnea Wɔkyerɛ sɛ Wokyi Amumɔyɛ
12. (a) Ɔkwan bɛn so na yebetumi akyerɛ sɛ yekyi amumɔyɛ? (b) Akwan a eye a yɛbɛfa akwati amumɔyɛ nsusuwii no bi ne nea ɛwɔ he?
12 Sɛ yɛba yɛn mmere yi mu a, yɛbɛyɛ dɛn atumi akyerɛ sɛ yekyi amumɔyɛ? Yebetumi ayɛ saa denam nsusuwii, nsɛm a yɛka ne yɛn nneyɛe a yebedi so no so. Ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn su sɛ yebedwen nneɛma a ɛma denhyɛ ho bere a yɛn adwene nnwen biribi pɔtee ho no. Sɛ yenyan anadwo a, ebia yɛbɛpɛ sɛ yedwen nneɛma bi a ɛmfata, te sɛ kɔ a yɛbɛkɔ so adwen ɔhaw ahorow anaasɛ ɔbarima ne ɔbea nna ho. Nnwen nneɛma a ɛtete saa ho, na mmom fa yɛ wo su sɛ wubedwen nneɛma a mfaso wɔ so ho. Sɛ nhwɛso no, bɔ mmɔden sɛ wobɛkaakae kyerɛw nsɛm, anigye ahorow akron no, ne honhom no aba akron no. (Mateo 5:3-12; Galatifo 5:22, 23) So wubetumi abobɔ asomafo 12 no din? So wunim Mmara Nsɛm Du no? Asafo ahorow ason bɛn na wɔka ho asɛm wɔ Adiyisɛm? Ahenni nnwom a yɛbɛkaakae no nso boa yɛn ma yɛkɔ so dwen nea ɛyɛ nokware, nea anim yɛ duru, nea ɛteɛ, nea ɛho tew, nea ɛwɔ din pa ho.—Filipifo 4:8.
13. Amumɔyɛ a yebekyi no bɛma yɛakyi kasa bɛn?
13 Afei nso, yɛkyerɛ sɛ yekyi amumɔyɛ denam kasafĩ biara a yɛkwati no so. Wiasefo pii ani gye ho sɛ wobedi fɛw a ɛmfata na wɔatie, nanso ɛnsɛ sɛ Kristofo nya ɔpɛ mpo sɛ wobetie wɔn. Mmom no, ɛsɛ sɛ yefi hɔ na yɛkwati nkɔmmɔ biara a ɛdan kasafĩ a ɛte saa no. Sɛ yɛantumi amfi hɔ a, anyɛ yiye koraa no, yebetumi de yɛn anim yɛbea akyerɛ sɛ yɛmpɛ kasa a ɛte saa. Ehia sɛ yetie afotu pa yi: “Mommma asɛm a ɛmfra biara mmfi mo anom, na mmom asɛm a eye na ɛma nkɔso a ehia, na wɔde dom wɔn a wɔte no.” (Efesofo 4:29) Ɛnsɛ sɛ yegu yɛn ho fi denam kasafĩ a yɛbɛka anaasɛ yebetie no so.
14. Ahobammɔ bɛn na amumɔyɛ a yebekyi no bɛma yɛanya wɔ nnwuma mu nneyɛe ne adwuma ho?
14 Ɛsɛ sɛ amumɔyɛ a yekyi no ma yekyi nneyɛe bɔne nyinaa. Amumɔyɛ a yebekyi no bɛboa yɛn ma yɛakwati afiri a ɛne nsɛm mu a yebegyae asiesie wɔ eyi mu no. Nokware Kristofo mfa nyɛ wɔn su sɛ wɔbɛyɛ bɔne. (Fa toto 1 Yohane 5:18 ho.) Sɛ nhwɛso no, ɛsɛ sɛ yekyi adwumayɛ mu nsisi nyinaa. Ɛnnɛ wɔahyɛ Yehowa Adansefo pii sɛ wɔnyɛ nneɛma a ɛnkyerɛ nokwaredi mma wɔn adwumawuranom, nanso wɔampene sɛ wɔbɛyɛ saa. Kristofo wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛma wɔn adwuma afi wɔn nsa mmom sen sɛ wɔbɛyɛ biribi a ɛsɛe wɔn ahonim a Bible atete no no. Bio nso, yɛpɛ sɛ yɛkyerɛ sɛ yekyi amumɔyɛ denam lɔre ho mmara a yebedi so, ne nokware a yebedi bere a ɛsɛ sɛ yetua yɛn tow ahorow ne nneɛma a yɛde fi amannɔne ba ho tow no so.—Asomafo no Nnwuma 23:1; Hebri 13:18.
Ɔbarima ne Ɔbea Nna Mu Afide a Yebekyi
15. Bɔ a wɔde ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wobenya ahokafo bɔɔ nnipa no dii atirimpɔw pa bɛn ho dwuma?
15 Sɛ Kristofo no, ɛsɛ sɛ yekyi ɔbarima ne ɔbea nna mu afide nyinaa titiriw. Onyankopɔn nam ɔhokafo a nnipa benya ho nkate a emu yɛ den a ɔde duaa wɔn mu no so dii atirimpɔw pa abien ho dwuma. Ɔhwɛe sɛ adesamma abusua no ase rengu, na ɔyɛɛ nsiesiei a ɔdɔ wom sen biara na ama wɔanya anigye. Nnipa a wodi hia, wonnim akenkan ne akyerɛw, anaasɛ wɔn ho akam wɔ ɔkwan bi so no mpo betumi anya anigye kɛse wɔ aware mu. Nanso, Yehowa de abusuabɔ yi a wobenya no ho anohyeto mae. Ɛsɛ sɛ wodi ɔsoro anohyeto ahorow a wɔada no adi yi so.—Genesis 2:24; Hebrifo 13:4.
16. Su bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ ɔbarima ne ɔbea nna mu anigyede ne nneyɛe a ɛho ntew ho?
16 Sɛ yekyi amumɔyɛ a, yɛde nsiyɛ bɛkwati ɔbarima ne ɔbea nna mu afideyɛ ne anigyede a ɔbrasɛe wom nyinaa. Enti, yɛbɛkwati nhoma, nsɛmma nhoma, ne atesɛm nkrataa a ɔbrasɛe wom nyinaa. Saa ara nso na sɛ yekyi amumɔyɛ a, yɛrenhwɛ agoru biara a ɛho ntew, sɛ ebia woyi wɔ television so, wɔ sini mu, anaasɛ adehwɛ pon so. Sɛ yehu sɛ ɔbrasɛe wɔ dwumadi bi mu a, ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn ma yedum television no ntɛm ara anaasɛ yenya akokoduru de fi agodibea hɔ. Saa ara nso na amumɔyɛ a yekyi no bɛma yɛahwɛ yɛn ho yiye wɔ nnwom a emu nsɛm anaa sɛnea wɔbɔ no kanyan akɔnnɔ nyinaa ho. Yɛrempɛ sɛ yebenya ɔbrasɛe ho nimdeɛ na mmom yɛbɛyɛ ‘bɔne mu mmofra a asɛm ho dwen mu de, yɛyɛ pɛ.’—1 Korintofo 14:20.
17. Afotu bɛn na Kolosefo 3:5 de ma a ebetumi aboa yɛn ma yɛakura abrabɔ fam ahotew mu?
17 Wotu yɛn fo wɔ ɔkwan a ɛfata sen biara so sɛ: “Enti munkum mo akwaa a ɛwɔ asase so no: aguammamɔ, afideyɛ, akɔnnɔ nhyɛso, [nna ho] akɔnnɔ bɔne.” (Kolosefo 3:5) Akyinnye biara nni ho sɛ, sɛ yebesi yɛn bo sɛ yebekura abrabɔ fam ahotew mu a, ehia sɛ yɛyɛ nhyehyɛe a emu yɛ den. The Expositor’s Bible Commentary ka Hela adeyɛsɛm a wɔakyerɛ ase sɛ “munkum” wɔ Kolosefo 3:5 no ho asɛm sɛ: “Ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛka nneyɛe ne su bɔne hyɛ anaasɛ yedi so kɛkɛ. Ɛsɛ sɛ yegu ase koraa, yetu asetra kwan dedaw no ase koraa. Ebia ‘kum no koraa’ bɛda tumi a ɛwom no adi. . . Nea adeyɛsɛm no ne tumi a ɛwɔ asɛm no kabea mu no nyinaa kyerɛ ne ade a wɔyɛ no ahoɔden so a ɛyɛ yaw a ɛkyerɛ obi bo a wasi.” Enti ɛsɛ sɛ yɛkwati nguamansɛm te sɛ nea ɛyɛ ɔyare a ɛyɛ hu, ɛsan afoforo na ekum nnipa, efisɛ saa na ɛte wɔ abrabɔ ne honhom fam. Kristo daa adwene a ɛte saa ara adi bere a ɔkae sɛ yentwa nsa, ɛnan, anaa ani mpo nkyene, sɛ ɛreto yɛn hintidua a.—Marko 9:43-48.
Atoro Som ne Ɔwae a Yebekyi
18. Ɔkwan bɛn so na yebetumi akyerɛ sɛ yekyi nyamesom mu amumɔyɛ?
18 Bio nso, sɛnea Yesu kyerɛe sɛ okyi amumɔyɛ denam nyamesomfo nyaatwomfo a ɔpaa wɔn ho ntama so no, saa ara na Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ reda no adi sɛ wokyi nyaatwom nyamesom mu amumɔyɛ nyinaa. Ɔkwan bɛn so? Wɔnam Bible nhoma a ɛda onii ko a Babikon Kɛse yɛ ankasa, nyamesom mu aguaman, no adi no so na wɔyɛ saa. Sɛ yekyi amumɔyɛ nyamesom mu nyaatwom ampa a, yɛbɛpa Babilon Kɛse, wiase nyinaa atoro som ahemman no ho ntama pefee. Nnipa komapafo a wafura wɔn ani a ɔde wɔn ayɛ nkoa wɔ honhom fam no nti na yɛbɛyɛ saa. Sɛnea yekyi Babilon Kɛse no amumɔyɛ ankasa bɛma yɛde nnamyɛ anya Ahenni som adwuma no afã horow nyinaa mu kyɛfa.—Mateo 15:1-3, 7-9; Tito 2:13, 14; Adiyisɛm 18:1-5.
19. Ɛsɛ sɛ yebu awaefo dɛn, na dɛn ntia?
19 Asɛyɛde a yɛwɔ sɛ yebekyi amumɔyɛ no fa awaefo dwumadi nyinaa nso ho. Ɛsɛ sɛ su a yenya wɔ awaefo ho no yɛ Dawid de no bi, nea ɔkae sɛ: “O [Yehowa], so mentan wɔn a wɔtan wo denneennen no, na so minkyi wɔn a wɔtew atua tia wo no? Metan wɔn korakora. Wɔabɛyɛ m’atamfo ankasa.” (Dwom 139: 21, 22, NW) Nnɛyi awaefo akɔ “onipa a onni mmara no,” Kristoman asɔfo no afã. (2 Tesalonikafo 2:3) Enti, sɛ Yehowa Adansefo anokwafo no, yɛne wɔn nni hwee yɛ koraa. Esiane sɛ yɛnyɛ pɛ nti, ɛnyɛ den sɛ yɛn koma betumi ama yɛakasa atia yɛn nuanom. Sɛ ankorankoro no, “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no yɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ. (Mateo 24:45-47) Nanso kuw yi mufo yɛ anokwafo ne mmadwemma. Awaefo si mfomso anaa nea ɛte sɛ mfomso a yɛn nuanom a wodi anim no ayɛ no so dua de hwehwɛ nea wɔpɛ. Yɛn ahobammɔ gyina awaefo nsɛm a ɛsɛe adwene a yɛbɛkwati no sɛ awuduru no so, na nokwarem no ɛyɛ awuduru nso.—Romafo 16:17, 18.
20, 21. Yebetumi abɔ nneɛma ahorow nti a ɛsɛ sɛ yekyi amumɔyɛ no mua dɛn?
20 Yɛahu sɛ amumɔyɛ, a ɛkyerɛ bɔne no ahyɛ wiase no mu ma. Ɛnnɔɔso sɛ yɛbɛdɔ trenee; ɛsɛ sɛ yekyi amumɔyɛ nso. Ebia ebinom a wɔatu wɔn afi Kristofo asafo no mu no susuwii sɛ wɔdɔ trenee, nanso wɔankyi amumɔyɛ sɛnea ɛsɛ. Yɛahu nea enti a ɛsɛ sɛ yekyi amumɔyɛ no nso. Sɛ yɛanyɛ saa a, yɛrentumi nnya ahonim pa ne obu a ɛfata mma yɛn ho. Afei nso, amumɔyɛ kyerɛ sɛ yenni Yehowa Nyankopɔn nokware. Na amumɔyɛ ma yetwa aba a ɛyɛ awerɛhow yiye—amanehunu, ɔporɔw, ne owu.
21 Yɛahu ɔkwan a yɛfa so kyerɛ sɛ yekyi amumɔyɛ nso. Yɛyɛ saa denam nsisi, aguamammɔ, anaasɛ ɔwae biara a yɛbɛkwati koraa no so. Esiane sɛ yɛpɛ sɛ yenya Yehowa bembu mu kyɛfa, na yɛma ne koma ani gye nti, ɛnyɛ trenee nkutoo na yɛbɛdɔ, na yɛayɛ pii wɔ ne som mu, na mmom yebekyi amumɔyɛ te sɛ nea yɛn Kannifo ne yɛn Sahene Yesu Kristo yɛe no.
Wubebua Dɛn?
◻ Ɔkwan bɛn so na Kyerɛwnsɛm no de asɛmfua ‘ɔtan’ no di dwuma?
◻ Nneɛma pa nti a ɛsɛ sɛ yekyi amumɔyɛ no bi ne nea ɛwɔ he?
◻ Wɔn a wokyii amumɔyɛ no nhwɛso pa bɛn na yɛwɔ?
◻ Ɔkwan bɛn so na yebetumi akyerɛ sɛ yekyi amumɔyɛ?
[Mfonini wɔ kratafa 8]
Yesu tew asɔrefi hɔ efisɛ na okyi amumɔyɛ
[Mfonini wɔ kratafa 10]
Sɛ yekyi amumɔyɛ a, yɛbɛkwati anigyede a ɔbarima ne ɔbea nna mu abrabɔ bɔne wom