Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 11/15 kr. 13-18
  • Gyidi Ma Yɛyɛ Nnwuma!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Gyidi Ma Yɛyɛ Nnwuma!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Gyidi Remma Yɛnyɛ Animhwɛ
  • ‘Mmɔborohunu Di Atemmu So Nim’
  • Gyidi De Nnwuma Pa Ba
  • Di Saa Tɛkrɛma no So!
  • Fa Nyansa a Efi Soro Di Dwuma
  • Gyidi Ne Nnwuma Betumi Ama Yɛayɛ Atreneefo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
  • Nya Yehowa Bɔhyɛ Ahorow Mu Gyidi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • So Wowɔ Asɛmpa no Mu Gyidi Ankasa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Nea Enti A Yehia Gyidi Ne Nyansa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 11/15 kr. 13-18

Gyidi Ma Yɛyɛ Nnwuma!

“Woahu sɛ [Abraham] gyidi ne ne nnwuma na ɛyɛɛ ade, na efi nnwuma no mu na gyidi no wiee pɛyɛ.”—YAKOBO 2:22.

1, 2. Sɛ yɛwɔ gyidi a, yɛbɛyɛ yɛn ade dɛn?

NNIPA pii ka sɛ wɔwɔ Onyankopɔn mu gyidi. Nanso, gyidi a obi kyerɛ sɛ ɔwɔ kɛkɛ no yɛ nea nkwa nnim te sɛ funu. Osuani Yakobo kyerɛwee sɛ: ‘Sɛ gyidi nni nnwuma a, na awu wɔ ne nko fam.’ Ɔkae nso sɛ Abraham a na osuro Onyankopɔn no nyaa gyidi a ‘ɛne ne nnwuma na ɛyɛɛ ade.’ (Yakobo 2:17, 22) Saa nsɛm no ho hia ma yɛn dɛn?

2 Sɛ yɛwɔ nokware gyidi a, yɛrennye nea yɛte wɔ Kristofo nhyiam ase no nni kɛkɛ. Yɛbɛkyerɛ sɛ yɛwɔ gyidi esiane sɛ yɛyɛ Yehowa Adansefo a wɔyɛ nnam nti. Yiw, gyidi bɛka yɛn ma yɛde Onyankopɔn Asɛm adi dwuma wɔ asetra mu, na ama yɛayɛ nnwuma.

Gyidi Remma Yɛnyɛ Animhwɛ

3, 4. Ɛsɛ sɛ gyidi ka sɛnea yɛne afoforo di nsɛm no dɛn?

3 Sɛ yɛwɔ Onyankopɔn ne Kristo mu nokware gyidi a, yɛrenyɛ animhwɛ. (Yakobo 2:1-4) Ná wɔn a Yakobo kyerɛw wɔn no bi hwɛ nnipa anim, ade a ɛnyɛ nokware Kristofo su. (Romafo 2:11) Enti, Yakobo bisa sɛ: ‘Moremma nnipa animhwɛ ne yɛn Awurade Yesu Kristo a ɔyɛ anuonyam wura no gyidi nni afra, anaa ɛnte saa?’ Sɛ na ɔdefo a onnye nni a ɔhyɛ sika mpɛtea ne atade fɛfɛ ba nhyiam, na “ohiani” a onnye nni nso “de atade tantan” ba hɔ a, na anka ɛsɛ sɛ wogye wɔn baanu nyinaa fɛw so, nanso na wonya adefo ho bere soronko. Ná wɔma wɔtra “nea eye,” na na wɔka kyerɛ ahiafo a wonnye nni no sɛ wonnyina hɔ anaasɛ wɔntra obi nan ase.

4 Yehowa de Yesu Kristo agyede afɔrebɔ no mae na aboa adefo ne ahiafo nyinaa. (2 Korintofo 5:14) Enti, sɛ yɛhwɛ adefo nkutoo anim a, yɛbɛwae afi Kristo a ‘ɔbɛyɛɛ hiani sɛ yɛmfa ne hia no so nyɛ adefo’ no gyidi no ho. (2 Korintofo 8:9) Mommma yemmmu nnipa wɔ saa kwan no so da—na yɛamfa adwene a ɛnteɛ anhyɛ nnipa anuonyam. Onyankopɔn nyɛ animhwɛ, na sɛ yɛyɛ animhwɛ a, yɛbɛyɛ “atemmufo a wokura adwemmɔne.” (Hiob 34:19) Sɛ yɛpɛ sɛ yɛsɔ Onyankopɔn ani a, akyinnye biara nni ho sɛ yɛrennyae yɛn ho mu mma animhwɛ ho sɔhwɛ anaasɛ ‘yɛrennɛfɛdɛfɛ nnipa esiane mfaso nti.’—Yuda 4, 16.

5. Henanom na Onyankopɔn apaw wɔn sɛ wɔnyɛ “gyidi mu ahonyafo,” na ɔkwan bɛn so na honam fam adefo yɛ wɔn ade?

5 Yakobo kyerɛ nea ɔyɛ ɔdefo ankasa, na ɔhyɛ nkuran sɛ ɛsɛ sɛ yɛda ɔdɔ adi kyerɛ nnipa nyinaa a yɛnyɛ animhwɛ. (Yakobo 2:5-9) ‘Onyankopɔn apaw ahiafo sɛ wɔnyɛ gyidi mu ahonyafo ne ahenni no difo.’ Eyi te saa efisɛ mpɛn pii no ahiafo na wotie asɛmpa no kɛse. (1 Korintofo 1:26-29) Sɛ kuw no, wiase adefo hyɛ afoforo so wɔ ɛka a wɔde wɔn, akatua, ne nsɛnnii mu. Wɔka Kristo ho nsɛmmɔne, na wɔtaa yɛn esiane sɛ ne din da yɛn so nti. Nanso momma yensi yɛn bo sɛ yebedi “mmara a edi hene” a ɛhwehwɛ sɛ yɛdɔ yɛn yɔnko—a yɛbɛdɔ adefo ne ahiafo nyinaa pɛ—no so. (Leviticus 19:18; Mateo 22:37-40) Esiane sɛ eyi na Onyankopɔn hwehwɛ nti, sɛ yɛyɛ animhwɛ a, na ‘yɛreyɛ bɔne.’

‘Mmɔborohunu Di Atemmu So Nim’

6. Sɛ yɛne afoforo anni no mmɔborohunu mu a, ɔkwan bɛn so na yɛbɛto mmara?

6 Sɛ yɛde atirimɔden yɛ animhwɛ a, na yɛyɛ mmaratofo. (Yakobo 2:10-13) Sɛ yɛfom wɔ eyi mu a, yɛfom wɔ Onyankopɔn mmara nyinaa mu. Israelfo a wɔansɛe aware nanso na wɔyɛ awifo no too Mose Mmara no. Sɛ́ Kristofo no, “adehyedi mmara”—honhom fam Israel a wɔwɔ apam foforo no mu na ne mmara wɔ wɔn koma mu de—no na ebu yɛn atɛn.—Yeremia 31:31-33.

7. Dɛn nti na Onyankopɔn rentumi nhu wɔn a wɔkɔ so yɛ animhwɛ no mmɔbɔ?

7 Sɛ yɛkyerɛ sɛ yɛwɔ gyidi nanso yɛkɔ so yɛ animhwɛ a, na yɛwɔ asiane mu. Wɔn a wonni dɔ ne ahummɔbɔ no benya wɔn atemmu a ahummɔbɔ nnim. (Mateo 7:1, 2) Yakobo ka sɛ: “Mmɔborohunu hoahoa ne ho di atemmu so nim.” Sɛ yegye Yehowa honhom kronkron no akwankyerɛ tom ma yɛda mmɔborohunu adi wɔ yɛn nsɛnnii nyinaa mu a, yɛrenni fɔ bere a wobu yɛn atɛn no. Mmom no, wobehu yɛn mmɔbɔ, na wɔrenyɛ katee mmu yɛn fɔ.

Gyidi De Nnwuma Pa Ba

8. Onipa a ɔka sɛ ɔwɔ gyidi nanso nnwuma nni ho no tebea te dɛn?

8 Sɛ ɔdɔ ne mmɔborohunu a ɛbɛma yɛanya no da nkyɛn a, gyidi ma yɛyɛ nnwuma pa foforo. (Yakobo 2:14-26) Nokwarem no, gyidi a yɛbɛka sɛ yɛwɔ a nnwuma nka ho no rennye yɛn. Ampa, yɛrentumi mfa Mmara nnwuma so nnya gyinabea pa wɔ Onyankopɔn anim. (Romafo 4:2-5) Ɛnyɛ nnwuma a mmara nhyehyɛe bi ma yɛyɛ ho asɛm na Yakobo reka, na mmom nea gyidi ne ɔdɔ ma yɛyɛ. Sɛ saa su horow no kanyan yɛn a, yɛrenka nkyerɛ yɛn yɔnko somfo bi a ahia no sɛ ɛbɛyɛ yiye kɛkɛ. Yɛbɛyɛ onua anaa onuawa bi a onni nea ɔde bɛkata ne ho anaa ɔkɔm de no honam fam mmoa. Yakobo bisa sɛ: ‘Sɛ woka kyerɛ onua bi a ahia no sɛ: Fa asomdwoe kɔ, wo ho nyɛ wo hyew na mee, nanso woamma no nea ehia ɔhonam a, mfaso bɛn na ɛwɔ mu?’ Mfaso biara nnim. (Hiob 31:16-22) “Gyidi” a ɛte saa no yɛ nea nkwa nnim!

9. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ gyidi?

9 Yebetumi ne Onyankopɔn nkurɔfo anya fekubɔ akodu baabi, nanso nnwuma a efi koma nyinaa mu nkutoo na ebetumi akyerɛ sɛ yɛwɔ gyidi ampa. Sɛ yɛapo Baasakoro nkyerɛkyerɛ, na yegye di sɛ nokware Nyankopɔn koro pɛ na ɔwɔ hɔ a, eye. Nanso, biribi a obi bɛte ase kɛkɛ no nkyerɛ gyidi. “Ahonhommɔne nso gye di,” na wɔn “ho popo” osuro mu esiane ɔsɛe a ɛretwɛn wɔn nti. Sɛ yɛwɔ gyidi ampa a, ɛbɛma yɛayɛ nnwuma te sɛ asɛmpa no a yɛbɛka, na yɛama mfɛfo gyidifo a ahia wɔn no aduan ne ntama. Yakobo bisa sɛ: “Wo, onipa hunu, [a wunni Onyankopɔn ho nokware nimdeɛ] wopɛ sɛ wuhu sɛ gyidi a adwuma nni ho awu anaa?” Yiw, gyidi hwehwɛ nnwuma.

10. Dɛn nti na wɔfrɛ Abraham “gyidifo nyinaa agya”?

10 Gyidi a na tete agya Abraham a osuro Nyankopɔn wɔ no ma ɔyɛɛ nnwuma. Sɛ́ “gyidifo nyinaa agya” no, ‘wofi ne nnwuma mu buu no bem sɛ ɔde ne ba Isak kɔɔ afɔremuka no so.’ (Romafo 4:11, 12; Genesis 22:1-14) Na sɛ anka Abraham annya gyidi sɛ Onyankopɔn betumi anyan Isak na ɔnam ne so ama Ne bɔhyɛ a ɛfa aseni ho no abam nso ɛ? Ɛnde anka Abraham remmɔ mmɔden da sɛ ɔde ne ba no bɛbɔ afɔre. (Hebrifo 11:19) Ɛnam nnwuma a Abraham de osetie yɛe so na ‘ne gyidi no wiee pɛyɛ,’ anaa edii mũ. Ɛnam so maa “kyerɛw [Genesis 15:6] a ese: Abraham gyee Onyankopɔn dii, na wobuu ɛno trenee maa no . . . no baa mu.” Abraham nnwuma a ɛne mmɔden a ɔbɔe sɛ ɔde Isak bɛbɔ afɔre no sii asɛm a Onyankopɔn dii kan kae sɛ Abraham yɛ treneeni no so dua. Ɛdenam gyidi nnwuma so no, ɔdaa ne dɔ adi maa Nyankopɔn, na wɔbɛfrɛɛ no “Onyankopɔn Adamfo.”

11. Gyidi ho adanse bɛn na yenya wɔ Rahab ho?

11 Abraham kyerɛe sɛ “efi nnwuma mu na wobu onipa bem, na emfi gyidi nko mu.” Saa na ɛyɛe wɔ Rahab, aguaman bi a na ɔwɔ Yeriko, nso fam. ‘Wofi nnwuma mu buu no bem, sɛ ogyee [Israelfo] abɔfo no na ɔma wɔfaa ɔkwan foforo so kɔe’ a wɔn atamfo Kanaanfo no annya wɔn no. Ansa na ɔrehyia Israel akwansrafo no, ohui sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn no, na ne nsɛm a ɔkae akyiri yi ne aguamammɔ a ogyaee no dii ne gyidi ho adanse. (Yosua 2:9-11; Hebrifo 11:31) Wɔ gyidi a wɔde nnwuma daa no adi ho nhwɛso a ɛto so abien yi akyi no, Yakobo ka sɛ: “Na sɛnea nipadua a honhom nni mu awu no, saa ara nso na gyidi a nnwuma nni mu awu.” Sɛ obi wu a, tumi anaa “honhom” biara nni ne mu, na ontumi nyɛ hwee. Gyidi kɛkɛ a obi ka sɛ ɔwɔ no yɛ nea nkwa nnim, na mfaso nni so te sɛ nipadua a awu. Nanso, sɛ yɛwɔ nokware gyidi a, ɛbɛma yɛayɛ nnwuma pa.

Di Saa Tɛkrɛma no So!

12. Dɛn na ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo yɛ?

12 Ɔkasa ne ɔkyerɛkyerɛ nso betumi akyerɛ sɛ yɛwɔ gyidi, nanso ɛho hia sɛ yedi yɛn ho so. (Yakobo 3:1-4) Sɛ́ akyerɛkyerɛfo a wɔwɔ asafo no mu no, mpanyimfo wɔ asɛyɛde a emu yɛ duru ne akontaabu kɛse wɔ Onyankopɔn anim. Enti, ɛsɛ sɛ wɔde ahobrɛase hwehwɛ wɔn nsusuwii ne fata a wɔfata mu. Nimdeɛ ne mmɔdenbɔ akyi no, ɛsɛ sɛ saa mmarima yi nya ɔdɔ a emu yɛ den ma Onyankopɔn ne mfɛfo gyidifo. (Romafo 12:3, 16; 1 Korintofo 13:3, 4) Ɛsɛ sɛ mpanyimfo de wɔn afotu gyina Kyerɛwnsɛm so. Sɛ ɔpanyin di mfomso wɔ ne nkyerɛkyerɛ mu, na eyi de ɔhaw brɛ afoforo a, Onyankopɔn nam Kristo so bebu no fɔ. Enti ɛsɛ sɛ mpanyimfo da ahobrɛase su adi, sua ade yiye, na wɔde nokwaredi kura Onyankopɔn Asɛm mu.

13. Dɛn nti na yɛfom wɔ ɔkasa mu?

13 Akyerɛkyerɛfo pa mpo—nokwarem no, yɛn nyinaa—“fom nneɛma pii mu” esiane sintɔ nti. Ɔkasa mu mfomso yɛ sintɔ ahorow a ɛtaa da adi na etumi sɛe nneɛma paa no mu biako. Yakobo ka sɛ: “Sɛ obi mfom asɛm mu a, ɔno ara na ɔyɛ onipa a owie pɛyɛ a obetumi ato nipadua nyinaa nnareka adi so.” Yɛnte sɛ Yesu Kristo, enti yentumi nni yɛn tɛkrɛma so koraa. Sɛ yetumi di so a, anka yebetumi adi nipadua no nkwaa a aka no so. Anyɛ yiye koraa no, nnareka ne nkaa ma apɔnkɔ kɔ baabi a yɛkyerɛ sɛ wɔnkɔ, na kudɔɔ ketewa na ɛdannan hyɛn a ɛsõ a mframa a emu yɛ den pia no mpo kɔ baabi a hyɛn kwankyerɛfo no pɛ.

14. Ɔkwan bɛn so na Yakobo si hia a ehia sɛ yɛbɔ mmɔden na yɛatumi adi tɛkrɛma no so no so dua?

14 Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa de nokwaredi gye tom sɛ egye mmɔdenbɔ ankasa na yɛadi tɛkrɛma no so. (Yakobo 3:5-12) Sɛ yɛde nnareka toto ɔpɔnkɔ ho a, esua; saa ara na sɛ yɛde kudɔɔ toto hyɛn ho a, ɛte. Na sɛ yɛde tɛkrɛma no toto nipadua ho a, esua “nanso ɛhoahoa ne ho ade kɛse ho.” Esiane sɛ Kyerɛwnsɛm no ma emu da hɔ pefee sɛ Onyankopɔn ani nnye ahohoahoa ho nti, momma yɛnhwehwɛ ne mmoa ntwe yɛn ho mfi ho. (Dwom 12:3, 4; 1 Korintofo 4:7) Ɛmmra sɛ yɛbɛto yɛn tɛkrɛma nnareka nso bere a obi hyɛ yɛn abufuw no, na yɛnkae sɛ ogya ketewaa bi na ɛhyew kwae. Sɛnea Yakobo kyerɛ no, “tɛkrɛma nso yɛ ogya,” na etumi sɛe ade kɛse. (Mmebusɛm 18:21) Hwɛ, sɛ wɔanni tɛkrɛma so a, “ɛyɛ nea ɛnteɛ”! Tɛkrɛma a wonni so no bata amumɔyɛ wiase yi mu su bɔne biara ho. Ɛno na ɛma wɔyɛ nneɛma a ɛsɛe ade te sɛ ntwiri ne atoro nkyerɛkyerɛ. (Leviticus 19:16; 2 Petro 2:1) Wususuw ho dɛn? So ɛnsɛ sɛ yɛn gyidi ka yɛn ma yɛyere yɛn ho di yɛn tɛkrɛma so?

15. Ɔhaw bɛn na tɛkrɛma a wɔnto no nnareka betumi de aba?

15 Tɛkrɛma a wɔnto no nnareka no “keka” yɛn ho nyinaa. Sɛ nhwɛso no, sɛ wɔkyere yɛn sɛ yɛtaa di atoro a, wobehu yɛn atorofo. Nanso, ɔkwan bɛn so na tɛkrɛma a wɔnto no nnareka no ‘de gya to nkwa nkyimii a etwa ne ho fi awo mu no mu’? Ɛdenam nkwa a ɛbɛma ayɛ sɛ kyinhyia bi a ɛso nni mfaso no so. Tɛkrɛma biako a wɔnto no nnareka betumi ama ɔhaw asi asafo mũ bi mu. Yakobo bɔ “Gehenna, NW,” Hinom Bon, no din. Bere bi na wɔde mmofra bɔ afɔre wɔ hɔ, nanso ɛbɛyɛɛ baabi a na wɔde gya hyew wura wɔ Yerusalem. (Yeremia 7:31) Enti Gehenna yɛ ɔsɛe ho sɛnkyerɛnne. Ɔkwan bi so no, sɛnea Gehenna tumi sɛe ade no, saa ara na tɛkrɛma a wonni so no te. Sɛ yɛanto yɛn tɛkrɛma nnareka a, ogya a yɛn ankasa asɔ no bɛhyew yɛn bi. (Mateo 5:22) Wobetumi atu yɛn afi asafo no mu mpo sɛ yɛresopa obi.—1 Korintofo 5:11-13.

16. Esiane ade a tɛkrɛma a wontumi nni so betumi asɛe nti, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

16 Sɛnea wubetumi ahu afi Onyankopɔn Asɛm akenkan mu no, Yehowa hyɛe sɛ onipa nni mmoa so. (Genesis 1:28) Na wɔatumi adwudwo abɔde ahorow nyinaa. Sɛ nhwɛso no, wɔde asansa a wɔatete wɔn di dwuma kyere mmoa afoforo. Awɔ a wɔn a woyi ntafoa tumi dwudwo wɔn no betumi aka “mmoa a wɔwea” a Yakobo ka wɔn ho asɛm no ho. (Dwom 58:4, 5) Onipa betumi adwudwo bonsu mpo, nanso sɛ nnipa a yɛtɔ sin no, yentumi nnwudwo tɛkrɛma no koraa. Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛka nsɛm a epira, ɛwowɔ, anaa etwiri afoforo. Tɛkrɛma a wonni so betumi ayɛ adwinnade a ɛyɛ hu a bɔre ayɛ no ma. (Romafo 3:13) Awerɛhosɛm ne sɛ, atoro akyerɛkyerɛfo tɛkrɛma twee tete Kristofo no bi fii Nyankopɔn ho. Enti mommma yɛmmma kwan mmma awaefo nsɛm a bɔre wom no nnni yɛn so nkonim da, sɛ ɛyɛ nea wɔka anaa nea wɔkyerɛw no.—1 Timoteo 1:18-20; 2 Petro 2:1-3.

17, 18. Nneyɛe a ɛbɔ abira bɛn na wɔda no adi wɔ Yakobo 3:9-12, na dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ eyi ho?

17 Onyankopɔn mu gyidi ne ɔpɛ a yebenya sɛ yɛbɛyɛ nea ɛsɔ n’ani no betumi abɔ yɛn ho ban afi ɔwae ho, na ebetumi abɔ yɛn ho ban na yɛamfa tɛkrɛma no anyɛ nneɛma a ɛbɔ abira. Bere a Yakobo retwe adwene asi nneɛma a ɛbɔ abira a ebinom yɛ so no, ɔka sɛ ‘tɛkrɛma na yɛde hyira yɛn Agya, Yehowa, na ɛno ara na yɛde dome nnipa a wɔayɛ wɔn Onyankopɔn suban so.’ (Genesis 1:26) Yehowa ne yɛn Agya efisɛ ɔno na “ɔma nnipa nyinaa nkwa ne ɔhome ne ade nyinaa.” (Asomafo no Nnwuma 17:24, 25) Ɔno ara nso ne Kristofo a wɔde honhom asra wɔn no honhom fam Agya. Wɔyɛɛ yɛn nyinaa “wɔ Onyankopɔn suban so” wɔ adwene ne abrabɔ fam su horow mu, a nea ɛka ho ne ɔdɔ, atɛntrenee, ne nyansa a ɛma yɛyɛ soronko fi mmoa ho no. Enti, afei, sɛ yɛwɔ Yehowa mu gyidi a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade dɛn?

18 Sɛ yɛdome nkurɔfo a, ɛno bɛkyerɛ sɛ yɛrebɔ mmusu ama wɔn. Esiane sɛ yɛnyɛ adiyifo a Onyankopɔn de ne honhom aka yɛn sɛ yɛnnome nkurɔfo nti, nsɛm a ɛte saa no bɛkyerɛ sɛ yɛtan wɔn, na ɛremma yennya Onyankopɔn nhyira. Ɛmfata sɛ “nhyira ne nnome” nyinaa befi ano koro mu aba. (Luka 6:27, 28; Romafo 12:14, 17-21; Yuda 9) Hwɛ bɔne a ɛbɛyɛ sɛ yɛbɛto ayeyi nnwom ama Onyankopɔn wɔ nhyiam horow ase, na akyiri yi yɛakeka mfɛfo gyidifo ho nsɛmmɔne! Nsu dɛdɛ ne nsu nwenenwene ntumi mfi asuti koro mu. Sɛnea ‘borɔdɔma ntumi nsow ngodua aba na bobe ntumi nsow borɔdɔma’ no, saa ara na asuti nkyenenkyene rentumi mma nsu dɛdɛ. Sɛ yɛn a ɛsɛ sɛ yɛka nea eye no kɔ so ka nsɛmmɔne a, na ɛkyerɛ sɛ biribi atoto wɔ honhom fam. Sɛ saa na yɛte a, momma yɛmmɔ Yehowa mpae na ɔmmoa yɛn ma yennyae sɛ yɛbɛkasa saa kwan no so.—Dwom 39:1.

Fa Nyansa a Efi Soro Di Dwuma

19. Sɛ ɔsoro nyansa kyerɛ yɛn kwan a, nkɛntɛnso bɛn na yebenya wɔ afoforo so?

19 Yɛn nyinaa hia nyansa na yɛde aka nsɛm ayɛ nneɛma a ɛfata gyidifo. (Yakobo 3:13-18) Sɛ yɛwɔ Onyankopɔn ho suro pa a, ɔma yɛn ɔsoro nyansa, nea ɛbɛma yɛde nimdeɛ adi dwuma ɔkwampa so no. (Mmebusɛm 9:10; Hebrifo 5:14) N’asɛm kyerɛ yɛn sɛnea yɛbɛda “odwo a nyansa wɔ mu” adi. Na esiane sɛ yedwo nti, yɛma asomdwoe tra asafo no mu. (1 Korintofo 8:1, 2) Wɔn a wɔhoahoa wɔn ho sɛ wɔyɛ akyerɛkyerɛfo akɛse wɔ mfɛfo gyidifo mu no ‘redi atoro atia Kristofo nokware’ efisɛ ɛkasa tia anuonyamhunu a obi bɛhwehwɛ. (Galatifo 5:26) Wɔn “nyansa” no yɛ ‘fam de’—nea ɛyɛ nnipa abɔnefo a wɔatwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho su no. Ɛyɛ ‘ɔkra de’ efisɛ nnipa nsusuwii na ɛde ba. Hwɛ, ɛyɛ “ahonhommɔne de” mpo efisɛ ahonhommɔne yɛ ahantan! (1 Timoteo 3:6) Enti momma yɛmfa nyansa ne odwo nyɛ ade na amma yɛanyɛ biribi a ɛde tebea a ɛbɛma “nneyɛe bɔne” te sɛ ntwiri ne animhwɛ anya nkɔso bɛba.

20. Wobɛkyerɛkyerɛ ɔsoro nyansa mu dɛn?

20 “Nyansa a efi soro no de, nea edi kan ne sɛ ɛho tew,” na ɛma yɛn ho tew abrabɔ ne honhom fam. (2 Korintofo 7:11) Ɛwɔ “asomdwoe,” na ɛma yɛhwehwɛ asomdwoe. (Hebrifo 12:14) Ɔsoro nyansa ma ‘yɛyɛ nnipa a yɛwɔ ntease,’ yɛnyɛ katee, na yɛn asɛm nyɛ den. (Filipifo 4:5) Nyansa a efi soro wɔ “asoɔmmerɛw,” ɛma yɛyɛ osetie ma ɔsoro nkyerɛkyerɛ, na ɛma yɛne Yehowa ahyehyɛde no yɛ biako. (Romafo 6:17) Nyansa a efi soro no ma yenya mmɔborohunu ne ayamhyehye nso. (Yuda 22, 23) Esiane sɛ “aba pa” ayɛ no ma nti, ɛma yesusuw afoforo ho, na yɛde papayɛ, trenee, ne nokware tra ase. (Efesofo 5:9) Na sɛ́ yɛn a yɛyɛ asomdwoe ade no, ɛma yegu “trenee aba” a enya nkɔso wɔ asomdwoe mu.

21. Sɛnea Yakobo 2:1–3:18 kyerɛ no, nnwuma bɛn na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn mu gyidi ma yɛyɛ?

21 Ɛnde, ɛda adi pefee sɛ gyidi ma yɛyɛ nnwuma. Ɛmma yɛnyɛ animhwɛ, yɛyɛ ahummɔbɔ, na yɛbɔ nnwuma pa ho mmɔden. Gyidi boa yɛn ma yedi tɛkrɛma no so, na yɛde ɔsoro nyansa di dwuma. Nanso ɛnyɛ ɛno nko na yebetumi asua afi saa krataa no mu. Yakobo wɔ afotu foforo a ebetumi aboa yɛn ma yɛabɔ yɛn bra wɔ ɔkwan a ɛfata wɔn a wɔwɔ Yehowa mu gyidi so.

Wubebua Dɛn?

◻ Mfomso bɛn na ɛwɔ animhwɛ a yɛbɛyɛ mu?

◻ Abusuabɔ bɛn na gyidi ne nnwuma wɔ?

◻ Dɛn nti na ɛho hia ankasa sɛ yedi tɛkrɛma no so?

◻ Ɔsoro nyansa te sɛ dɛn?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena