Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w20 March kr. 18-23
  • Bere Bɛn Na Ɛfata Sɛ Yɛkasa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere Bɛn Na Ɛfata Sɛ Yɛkasa?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • BERE BƐN NA ƐSƐ SƐ YƐKASA?
  • BERE BƐN NA ƐSƐ SƐ YƐYƐ KOMM?
  • SƐN NA YEHOWA TE NKA WƆ NSƐM A YƐKA HO?
  • Ɔyɛɛ N’ade Nyansam
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Abigail ne Dawid
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Ɔbea Nyansafo Bi Sianka Asiane
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Ma Wo Kasa Nhyɛ Yehowa Anuonyam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
w20 March kr. 18-23

ADESUA ASƐM 12

Bere Bɛn Na Ɛfata Sɛ Yɛkasa?

“Kommyɛ wɔ ne bere, na ɔkasa nso wɔ ne bere.”​—ƆSƐNK. 3:1, 7.

DWOM 124 Yebedi Nokware Daa

NEA YƐREBESUAa

1. Dɛn na yesua fi Ɔsɛnkafo 3:1, 7 mu?

YƐN mu bi pɛ kasa paa. Ebinom nso mpɛ kasa. Sɛnea kyerɛwsɛm a adesua yi gyina so no ma yehu no, kasa wɔ ne bere, na kommyɛ nso wɔ ne bere. (Kenkan Ɔsɛnkafo 3:1, 7.) Nanso, yɛn yam a anka yɛn nuanom a wɔmpɛ kasa no bɛkasa kakra, na wɔn a wɔpɛ kasa no nso atew wɔn kasa so kakra.

2. Hena na ɔwɔ hokwan sɛ ɔkyerɛ bere a ɛsɛ sɛ yɛkasa ne sɛnea ɛsɛ sɛ yɛkasa?

2 Kasa yɛ akyɛde a Yehowa de ama yɛn. (Ex. 4:10, 11; Adi. 4: 11) Yehowa nam n’Asɛm no so boa yɛn ma yehu sɛnea yɛde saa akyɛde yi bɛyɛ adwuma yiye. Adesua yi mu no, yebesusuw nnipa bi a Bible ka wɔn ho asɛm ho, na ɛbɛboa yɛn ama yɛahu bere a ɛsɛ sɛ yɛkasa ne bere a ɛsɛ sɛ yɛyɛ komm. Afei nso, nsɛm a yɛka kyerɛ afoforo no, yebehu Yehowa adwene wɔ ho. Momma yenni kan nhwɛ bere a ɛsɛ sɛ yɛkasa.

BERE BƐN NA ƐSƐ SƐ YƐKASA?

3. Sɛnea Romafo 10:14 kyerɛ no, bere bɛn na ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho sɛ yɛbɛka Yehowa ne Ahenni no ho asɛm?

3 Ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho bere nyinaa sɛ yɛbɛka Yehowa ne Ahenni no ho asɛm. (Mat. 24:14; kenkan Romafo 10:14.) Yɛyɛ saa a, na yɛresuasua Yesu. Ade baako nti a Yesu baa asase so ne sɛ ɔbɛkaa n’Agya ho nokwasɛm kyerɛɛ afoforo. (Yoh. 18:37) Nanso, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, sɛnea yɛkasa nso ho hia. Enti sɛ yɛreka Yehowa ho asɛm akyerɛ afoforo a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa wɔ “odwo ne obu a emu dɔ mu.” Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛte onipa no ase, na ɛnsɛ sɛ yɛkasa tia nea ogye di. (1 Pet. 3:15) Yɛyɛ saa a, ɛremma yɛnkasa kɛkɛ, mmom yɛbɛkyerɛkyerɛ onii no na ebia ɛbɛka ne koma.

BERE A ƐSƐ SƐ YƐKASA

  • Sɛ woreka Yehowa ho asɛm akyerɛ afoforo a, ɛsɛ sɛ woyɛ saa wɔ “odwo ne obu a emu dɔ mu,” na ɛnsɛ sɛ wokasa tia nea wogye di (nkyekyɛm 3)

  • Bere a yɛahu sɛ obi reyɛ biribi a ebetumi ama wadi mfomso kɛse

  • Sɛ ehia sɛ asafo mu mpanyimfo tu obi fo a, wɔtɔ wɔn bo ase ne no kasa na wɔkyerɛkyerɛ no

Anuanom mmea mmienu rekɔtɔ ntaade wɔ sotɔɔ bi mu. Wɔn mu baako reka akyerɛ ne yɔnko sɛ skɛɛt a wafa no yɛ tia, enti ɛmfata.

(Hwɛ nkyekyɛm 8)b

Asafo mu panyin bi kura Bible; ɔde afotu a ɛfa ahotew ho rema onua aberante bi. Aberante no fie hɔ ayɛ basaa.

(Hwɛ nkyekyɛm 4, 9)c

4. Sɛnea Mmebusɛm 9:9 ma yehu no, sɛn na yɛn kasa betumi aboa afoforo?

4 Sɛ asafo mu mpanyimfo hu sɛ ɛsɛ sɛ wotu onua anaa onuawa bi fo a, ɛnsɛ sɛ wɔtwentwɛn wɔn nan ase. Nanso, wɔbɛhwɛ bere a ɛfata sɛ wɔne no kasa na anhaw no. Afei nso, wɔbɛhwɛ sɛ afoforo rente nea wɔne onii no reka ho asɛm. Mpanyimfo no bɔ mmɔden sɛ bere nyinaa wɔne onii no bɛkasa nidi mu. Ne nyinaa mu no, Bible nnyinasosɛm a ɛbɛboa afoforo ama wɔayɛ wɔn ade nyansam no, mpanyimfo no mfa nkame wɔn. (Kenkan Mmebusɛm 9:9.) Adɛn nti na ɛho hia paa sɛ yenya akokoduru kasa bere a ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa? Yɛbɛhwɛ nnipa mmienu bi nhwɛso; ɛsono nea wɔn mu biara yɛe. Nhwɛso a edi kan no, na ɛsɛ sɛ ɔbarima bi teɛ ne mma mmarima so; nea ɛto so mmienu no, na ɛsɛ sɛ ɔbea bi ne ɔbarima bi a na obedi hene daakye kasa.

5. Bere bɛn na na ɛsɛ sɛ Ɔsɔfo Panyin Eli teɛ ne mma no so a wanyɛ saa?

5 Ná Ɔsɔfo Panyin Eli wɔ mma mmarima mmienu a na ɔdɔ wɔn paa. Nanso, na ne mma mmarima no mmu Yehowa. Ná wɔsom sɛ asɔfo wɔ ntamadan no mu, na na ɛyɛ dibea kɛse. Nanso, wɔde wɔn tumi no hyɛɛ nkurɔfo so, ná wɔmfa afɔre a wɔbɔ ma Yehowa no nyɛ hwee, na na wɔbɔ aguaman a wɔmfɛre ho. (1 Sam. 2:12-17, 22) Wohwɛ Mose Mmara no mu a, na Eli mma no fata owu, nanso Eli yɛɛ abahyɛbɔne; sɛ́ anka ɔde ne nan besi fam aka wɔn anim no, wanyɛ saa, na mmom ɔma wɔkɔɔ so somee wɔ ntamadan no mu. (Deut. 21:18-21) Nea Eli yɛe no, Yehowa huu no sɛn? Ɔka kyerɛɛ Eli sɛ: ‘Adɛn nti na wudi wo mma ni sen me?’ Ná Yehowa ayɛ n’adwene sɛ obekum saa mmarima abɔnefo mmienu yi.—1 Sam. 2:29, 34.

6. Dɛn na yesua fi Eli asɛm no mu?

6 Asuade titiriw bi wɔ Eli asɛm no mu. Ɛne sɛ, sɛ yehu sɛ yɛn adamfo anaa yɛn busuani bi abu Onyankopɔn mmara so a, ɛnsɛ sɛ yɛka yɛn ano tom, na mmom ɛsɛ sɛ yɛma ohu Yehowa adwene wɔ nea wayɛ no ho. Afei, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ ma ɔka kyerɛ wɔn a Yehowa apaw wɔn no ma wɔboa no. (Yak. 5:14) Yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ te sɛ Eli; yɛrenni yɛn nnamfo anaa yɛn abusuafo ni nsen Yehowa. Sɛ obi di mfomso a, yehia akokoduru na yɛatumi aka ho asɛm akyerɛ no, nanso sɛ yetumi yɛ saa a, ɛbɛsow aba pa. Israelni bea bi a wɔfrɛ no Abigail anyɛ n’ade te sɛ Eli. Ma yɛnhwɛ nea ɔyɛe.

Abigail abu nkotodwe ne Dawid rekasa.

Abigail yɛɛ nhwɛso pa; ɔhwɛɛ bere a ɛfata sɛ ɔkasa (Hwɛ nkyekyɛm 7-8)d

7. Adɛn nti na Abigail ne Dawid kasae?

7 Ná Abigail kunu Nabal yɛ asasewura, na na ɔyɛ ɔdefo. Bere a Dawid ne ne mmarima no reguan afi Ɔhene Saul anim no, wɔne Nabal nguanhwɛfo no tenae kakra na wɔbɔɔ Nabal mmoa ho ban fii akorɔmfo ho. Nabal ani sɔɔ nea wɔyɛ maa no no anaa? Dabi. Bere a Dawid srɛɛ no sɛ ɔmma ne mmarima no aduan kakra ne nsu no, Nabal bo fuwii na ɔteɛteɛɛ wɔn didi wɔn atɛm. (1 Sam. 25:5-8, 10-12, 14) Ɛno nti, Dawid yɛe sɛ obekunkum mmarima a wɔwɔ Nabal fie nyinaa. (1 Sam. 25:13, 22) Dɛn na na Nabal fiefo bɛyɛ, na amanehunu a ɛte saa amma wɔn so? Abigail hui sɛ na wei nyɛ bere a ɛsɛ sɛ ɔka n’ano tom, enti ɔde akokoduru kohyiaa mmarima 400 a wokurakura akode a ɔkɔm de wɔn na wɔn bo afuw no, na ɔne Dawid kasae.

8. Dɛn na yesua fi Abigail asɛm no mu?

8 Bere a Abigail hyiaa Dawid no, sɛnea ɔne no kasae no kyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru, na na obu Dawid. Wei maa Dawid tiee nea ɔkae no. Ná Abigail nim sɛ Dawid yɛ onipa pa, na ɔbɛyɛ nea ɛteɛ. Enti Abigail de ne ho too Yehowa so sɛ ɔmmoa no. (1 Sam. 25:24, 26, 28, 33, 34) Sɛnea Abigail yɛe no, sɛ yehu sɛ obi reyɛ biribi a ebetumi ama wadi mfomso kɛse a, ɛsɛ sɛ yenya akokoduru na yɛne no kasa. (Dw. 141:5) Ɛsɛ sɛ yebu afoforo, nanso ɛsɛ sɛ yɛde akokoduru kasa. Sɛ yehu sɛ ɛfata sɛ yetu obi fo na yeyi yɛn yam yɛ saa a, yɛda no adi sɛ yɛyɛ yɔnko pa.—Mmeb. 27:17.

9-10. Sɛ asafo mu mpanyimfo retu afoforo fo a, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔkae?

9 Sɛ onua anaa onuawa bi di mfomso a, ɛho hia paa sɛ asafo mu mpanyimfo nya akokoduru kasa kyerɛ no. (Gal. 6:1) Asafo mu mpanyimfo wɔ ahobrɛase na wogye tom sɛ wɔn nso tɔ sin, na ɛtɔ da a wobehia afotu. Nanso, asafo mu mpanyimfo nka sɛ ɛno nti sɛ obi hia afotu a, wɔrentu no fo. (2 Tim. 4:2; Tito 1:9) Sɛ wɔretu obi fo a, wɔtɔ wɔn bo ase ne no kasa na wɔkyerɛkyerɛ no. Wɔdɔ wɔn nua no, na ɛno na ɛma wɔboa no. (Mmeb. 13:24) Nanso, ade a ɛho hia wɔn paa ne sɛ wɔbɛhyɛ Yehowa anuonyam, kyerɛ sɛ, wobedi ne mmara so na wɔaboa afoforo nso ama wɔayɛ saa, na afei nso wɔabɔ asafo no ho ban.—Aso. 20:28.

10 Besi ha yi, yɛahu bere a ɛsɛ sɛ yɛkasa. Nanso, bere bi wɔ hɔ a, nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ara ne sɛ yɛbɛyɛ komm. Dɛn na ebetumi ama ayɛ den ama yɛn wɔ tebea a ɛte saa mu?

BERE BƐN NA ƐSƐ SƐ YƐYƐ KOMM?

11. Mfatoho bɛn na Yakobo de yɛɛ adwuma, na adɛn nti na ɛfata?

11 Ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛhwɛ yɛn kasa yiye. Bible kyerɛwfo Yakobo de mfatoho bi a ɛfata kyerɛkyerɛɛ saa asɛm yi mu. Ɔkaa sɛ: “Sɛ obi nni mfomso wɔ kasa mu a, ɛkyerɛ sɛ saa onipa no yɛ pɛ a otumi to ne nipadua mũ no nyinaa nso nnareka.” (Yak. 3:2, 3) Wɔde nnareka to ɔpɔnkɔ ano. Sɛ nea ɔte so no twe ahama a ɛsa nnareka no so a, obetumi akyerɛ ɔpɔnkɔ no kwan anaa obetumi ama wagyina. Sɛ nea ɔte pɔnkɔ no so no gyaa ahama no mu a, pɔnkɔ no betumi atew praka na wapira, na wama nea ɔte ne so no nso apira. Saa ara na yɛn nso sɛ yɛanhwɛ yɛn kasa yiye a, ebetumi akɔfa ɔhaw pii aba. Momma yɛnhwɛ tebea horow bi a ɛho behia sɛ yɛto yɛn ano nnareka anaa yɛhyɛ yɛn ho so na yɛankasa.

BERE A ƐSƐ SƐ YƐYƐ KOMM

  • Bere a ɛyɛ yɛn sɛ yɛnka ɔkwan a wɔfa so yɛ ɔsom adwuma no wɔ aman a wɔabara yɛn som ho asɛm no

  • Bere a yenim asafo no ho nsɛm bi a ɛnsɛ sɛ yɛka kyerɛ obiara

Awarefo bi fi baabi aba asafo nhyiam wɔ Ahenni Asa so, na anuanom a wɔwɔ hɔ no atwa wɔn ho ahyia rebisabisa wɔn nsɛm.

(Hwɛ nkyekyɛm 12)e

Asafo mu panyin bi rekasa wɔ fon so na ɔreto pon mu. Ne yere nso wɔ dan foforo mu resua ade.

(Hwɛ nkyekyɛm 13-14)f

12. Bere bɛn na ɛsɛ sɛ yɛto yɛn ano nnareka anaa yɛhyɛ yɛn ho so na yɛankasa?

12 Sɛ wuhu sɛ onua anaa onuawa bi nim asɛm bi a ɛnsɛ sɛ afoforo te a, dɛn na woyɛ? Sɛ wuhyia obi na sɛ ɔman a ɔte mu no wɔabara yɛn som adwuma no wɔ hɔ a, ɛyɛ a biribi yɛ wo sɛ bisa no ɔkwan a wɔfa so yɛ ɔsom adwuma no wɔ saa ɔman no mu anaa? Akyinnye biara nni ho sɛ wowɔ adwempa. Yɛdɔ yɛn nuanom na yɛpɛ sɛ yehu sɛnea nneɛma rekɔ so wɔ baabi a wɔwɔ no. Afei nso yɛrebɔ mpae ama wɔn a, yɛpɛ sɛ yɛka biribi pɔtee ho asɛm. Nanso, saa bere yi na ɛsɛ sɛ yɛto yɛn ano nnareka anaa yɛhyɛ yɛn ho so na yɛankasa. Aman a wɔabara yɛn som wom no, sɛ obi nim sɛnea wɔyɛ ɔsom adwuma no wɔ hɔ mpo a, anuanom hwɛ kwan sɛ ɔmmɔ so nkyerɛ obiara. Enti sɛ yɛhyɛ no sɛ ɔnka ho asɛm nkyerɛ yɛn a, ɛkyerɛ sɛ yɛnnɔ onii no ne anuanom a wɔaka no nso. Aman a wɔabara yɛn som adwuma no, yɛn nuanom a wɔwɔ hɔ no hyia ɔhaw, na yegye di sɛ yɛn mu biara nni hɔ a ɔpɛ sɛ ɔyɛ biribiara ma ɔhaw no yɛ kɛse. Afei nso, anuanom a wɔwɔ ɔman a ɛte saa so no, sɛnea Adansefo a wɔwɔ hɔ no reyɛ asɛnka adwuma no ne nneɛma foforo a ɛfa yɛn som ho no, wɔn mu biara nni hɔ a n’ani begye ho sɛ ɔbɛka ho asɛm akyerɛ afoforo.

13. Sɛnea Mmebusɛm 11:13 ka no, dɛn na ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo yɛ, na adɛn ntia?

13 Asafo mu mpanyimfo paa na ɛsɛ sɛ wɔde Bible nnyinasosɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 11:13 no yɛ adwuma na wamma afoforo ante asɛm a ɛnsɛ sɛ wɔte. (Kenkan.) Sɛ asafo mu panyin aware a, ebetumi ayɛ den paa. Nea ɛma awarefo ayɔnkofa mu yɛ den ne sɛ, wɔtaa bɔ nkɔmmɔ ka wɔn tirim asɛm, sɛnea wɔte nka, ne wɔn dadwen ho asɛm. Nanso, asafo mu panyin nim sɛ ɛnsɛ sɛ oyi asafo no mufo “atirimsɛm” adi. Sɛ ɔyɛ saa a, anuanom rennya ne mu ahotoso na wɔremmɔ no din pa. Anuanom a wɔapaw wɔn de asɛyɛde ahyehyɛ wɔn nsa wɔ asafo no mu no, ɛnsɛ sɛ ‘wɔyɛ ano nta,’ anaa wotwa nkontompo. (1 Tim. 3:8) Wei kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔdaadaa afoforo anaa wodi afoforo ho nseku. Sɛ asafo mu panyin dɔ ne yere a, asɛm a ɛnsɛ sɛ ɔte no, ɔrenka nkyerɛ no na ayɛ ne so adesoa.

14. Dɛn na asafo mu panyin yere betumi ayɛ de aboa ne kunu ama wanya din pa?

14 Nsɛm a ɛnsɛ sɛ afoforo te no, ɔbea warefo renhyɛ ne kunu sɛ ɔnka nkyerɛ no. Ɔyɛ saa a, ɛbɛboa ama ne kunu anya din pa. Sɛ ɔbea warefo de saa afotu yi yɛ adwuma a, ɔboa ne kunu, na afei nso, ɛkyerɛ sɛ wɔn a wɔaka wɔn kokoam asɛm akyerɛ ne kunu no, odi wɔn ni. Nea ɛho hia paa ne sɛ, ɔma Yehowa ani gye efisɛ ɔreboa ama asomdwoe ne baakoyɛ atena asafo no mu.—Rom. 14:19.

SƐN NA YEHOWA TE NKA WƆ NSƐM A YƐKA HO?

15. Sɛn na Yehowa buu Hiob nnamfo mmiɛnsa no, na adɛn ntia?

15 Sɛ yɛkenkan Hiob nhoma a ɛwɔ Bible mu no a, yebetumi asua sɛnea ɛsɛ sɛ yɛkasa ne bere a ɛsɛ sɛ yɛkasa ho nsɛm pii. Bere a Hiob hyiaa amanehunu pii no, mmarima nnan bi baa ne nkyɛn bɛkyekyee ne werɛ na wotuu no fo. Saa mmarima no yɛɛ komm bere tenten. Nanso nsɛm a akyiri yi wɔn mu mmiɛnsa, Elifas, Bildad, ne Sofar kae no, ɛma yehu sɛ wɔamfa saa bere no annwen sɛnea wobetumi aboa Hiob no ho. Mmom, asɛm a na wobetumi aka de akyerɛ sɛ Hiob ayɛ bɔne bi na na wɔredwen ho. Wɔkaa nsɛm bi a ɛyɛ nokware, nanso Hiob ne Yehowa ho nsɛm a wɔkae no, na emu fã kɛse no ara nyɛ nokware. Wɔkasa tiaa Hiob yayaayaw. (Hiob 32:1-3) Dɛn na Yehowa yɛe wɔ wei ho? Yehowa bo fuw saa mmarima mmiɛnsa no paa. Ɔkaa sɛ wɔadi nkwaseasɛm, na ɔka kyerɛ wɔn sɛ wɔmma Hiob mmɔ mpae mma wɔn.—Hiob 42:7-9.

16. Elifas, Bildad, ne Sofar nhwɛso bɔne no, dɛn na yebetumi asua afi mu?

16 Nhwɛso bɔne a Elifas, Bildad, ne Sofar yɛe no, yebetumi asua nneɛma pii afi mu. Nea edi kan ne sɛ, ɛnsɛ sɛ yebu yɛn nuanom atɛn. (Mat. 7:1-5) Mmom, sɛ yɛn nuanom rekasa a, ɛsɛ sɛ yɛtɔ yɛn bo ase tie wɔn yiye ansa na yɛakasa. Yɛyɛ saa a, ɛnna yebetumi ate nea wɔrefa mu no ase. (1 Pet. 3:8) Nea ɛto so mmienu, sɛ yɛbɛkasa a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛ nsɛm a yɛbɛka no yɛ nokware na ɛrenwowɔ yɛn nuanom. (Efe. 4:25) Nea ɛto so mmiɛnsa, nsɛm a yɛka kyerɛ yɛn nuanom no, ɛho hia Yehowa.

17. Dɛn na yebetumi asua afi Elihu nhwɛso no mu?

17 Ɔbarima a ɔto so nnan a ɔkɔsra Hiob ne Elihu; ná Elihu yɛ Abraham busuani. Bere a Hiob ne mmarima mmiɛnsa no rekasa no, Elihu tiei. Yehu sɛ ɔyɛɛ aso tiee nea wɔkae no, efisɛ otumi maa Hiob afotu pa, na nea ɛsɛ sɛ ɔka kyerɛ no nso, ɔka kyerɛɛ no. Wei boaa Hiob ma ɔteɛteɛɛ ne nsusuwii. (Hiob 33:1, 6, 17) Ná ɛnyɛ nea ehia Elihu paa ne sɛ ɔbɛhyɛ ne ho anaa obi foforo anuonyam, na mmom na ɔpɛ sɛ ɔhyɛ Yehowa anuonyam. (Hiob 32:21, 22; 37:23, 24) Yehu wɔ Elihu asɛm no mu sɛ bere bi wɔ hɔ a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ komm na yetie asɛm. (Yak. 1:19) Afei nso, yɛahu sɛ, sɛ yɛretu afoforo fo a, nea ɛsɛ sɛ ehia yɛn paa ne sɛ yɛbɛhyɛ Yehowa anuonyam na ɛnyɛ sɛ yɛbɛhyɛ yɛn ho anuonyam.

18. Kasa yɛ akyɛde a Yehowa de ama yɛn. Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ?

18 Kasa yɛ akyɛde a Yehowa de ama yɛn. Bible mu afotu a ɛfa bere a ɛsɛ sɛ yɛkasa ne sɛnea ɛsɛ sɛ yɛkasa ho no, sɛ yɛde yɛ adwuma a, ɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ saa akyɛde no. Yehowa maa Ɔhene Solomon nyansafo no kyerɛwee sɛ: “Asɛm a wɔka wɔ bere a ɛfata mu no te sɛ sika aduaba a egu dwetɛ anwenne mu.” (Mmeb. 25:11) Sɛ yɛtɔ yɛn bo ase tie nsɛm a afoforo ka na yedwen asɛm a yɛpɛ sɛ yɛka ho ansa na yɛakasa a, yɛn nsɛm bɛyɛ te sɛ saa sika aduaba a ɛyɛ fɛ na ɛsom bo no. Ɛba saa a, yɛpɛ kasa oo, yɛmpɛ kasa oo, nsɛm a yɛka bɛhyɛ afoforo den, na Yehowa ani begye yɛn ho. (Mmeb. 23:15; Efe. 4:29) Wei ara ne ɔkwan pa a yebetumi afa so akyerɛ akyɛde a Onyankopɔn de ama yɛn yi ho anisɔ!

WUBEBUA SƐN?

  • Bere bɛn na ɛsɛ sɛ yɛkasa?

  • Bere bɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ komm?

  • Nnipa a Bible ka wɔn ho asɛm a yɛasusuw wɔn ho wɔ adesua yi mu no, dɛn na woasua afi wɔn hɔ?

DWOM 82 “Momma Mo Kanea Nhyerɛn”

a Yɛhwɛ Bible mu a, yebehu nnyinasosɛm a ɛbɛboa yɛn ama yɛahu bere a ɛsɛ sɛ yɛkasa ne bere a ɛsɛ sɛ yɛyɛ komm. Sɛ yehu nea Bible ka na yɛde yɛ adwuma a, yɛn kasa bɛsɔ Yehowa ani.

b MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onuawa bi ahu sɛ ehia sɛ otu onuawa foforo fo.

c MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onua bi de afotu a ɛfa ahotew ho rema aberante bi.

d MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Bere pa mu no, Abigail ne Dawid kasae, na biribi pa fii mu bae.

e MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Wɔabara yɛn som adwuma no wɔ ɔman bi so; awarefo bi mpɛ sɛ wɔka sɛnea wɔyɛ ɔsom adwuma no wɔ hɔ ho asɛm.

f MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Asafo mu panyin bi hwɛ yiye sɛ ɔremma obiara nte asafo no mu nsɛm a ɛnsɛ sɛ afoforo te no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena