Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g80 11/8 kr. 3
  • Nnipa—Dɛn Na Ɛma Wɔn Nneyɛe Sesa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nnipa—Dɛn Na Ɛma Wɔn Nneyɛe Sesa?
  • Nyan!—1980
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnipa—Sɛnea Wɔsan Benya Onyankopɔn Suban
    Nyan!—1980
  • Ohia Ho Asɛm A Ɛyɛ Den No—Ano Ankasa A Wobesiw
    Nyan!—1982
  • Gyidi Ma Yɛyɛ Nnwuma!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1980
g80 11/8 kr. 3

Nnipa​—Dɛn Na Ɛma Wɔn Nneyɛe Sesa?

Nnipa yɛ nneɛma pa na wɔyɛ nneɛma bɔne. Papa ne bɔne nyinaa wɔ wɔn mu. Mpɛn pii no wɔpɛ nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ, na mpɛn pii nso no wɔpɛ nea ɛmfata. Wɔn ho yɛ anika na wɔn ho yɛ ahometew nso. Dɛn ntia? Dɛn nti na wɔte saa? Dɛn ankasa na ɛma wɔn nneyɛe sesã saa? Nsɛm a edidi so a ɛfa NNIPA ho yi hwehwɛ mmuae no

DƐN nti na ɔbarima biako ba fie da koro na ɔde tuo kum ne yere ne ne mmabarima baanan? Dɛn nti na ɔbarima foforo nso de n’ahoɔden nyinaa yɛ adwuma de hwɛ n’abusua?

Onipa biako bɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ nneɛma de aboa adesamma wɔ n’asetra mu, na ɔfoforo nso de nsɛmmɔnedi ne basabasayɛ yɛ n’adwuma. Obiako fi ayamye mu de nneɛma ahorow ma de boa wɔn a wɔrehu amane, na ɔfoforo nso boaboa nneɛma ano de sie ma nkurɔfo ho kyere wɔn na wohu amane. Ebinom kyɛ ahiafo ade, na afoforo nso bu ahiafo animtiaa esiane sɛ wonni bi nti. Kuw biako ani gye nneɛma a wosiesie no fɛfɛ na wɔhwɛ so ho. Kuw foforo nso nya anigye fi adesɛe a nyansa nni mu mu. Dɛn nti na nnipa ahorow yɛ nneɛma akwan horow so saa?

Afei nso, dɛn nti na ɛtɔ da bi a onipa koro no ara tumi yi ayamye ne ɔdɔ adi kyerɛ, na bere foforo mu no ɔbɔ atirimɔden? Ebia ɔde nimdeɛ ne tumi a ɔwɔ no bedi dwuma de ayɛ biribi pa ama adesamma, na wadan ne ho de nimdeɛ koro no ara a ɔwɔ no ayɛ ɔtopae ahorow de asɛe mmea ne mmofra. Ebinom nu wɔn ho akyiri yi, na afoforo nso de ɛmfa wɔn ho koraa. Dɛn nti na saa apereperedi yi kɔ so wɔ onipa mu, honam ne honhom ntam akodi yi, saa tebea a ɛwɔ onipa mu a ɛma ɔyɛ te sɛ ɔdan a emu apaapae no? So wonya fi awo mu? So faako a wɔte no na ɛma ɛba saa? Anaa so nneɛma bi a nnipa hia a wonnya na ɛde wɔn kɔ nnebɔneyɛ so? Na sɛ wonya nneɛma a ɛho hia yi a, so ɛma wotumi yɛ nneɛma pa a wɔpɛ sɛ wɔyɛ no?

Ɔsomafo Paulo kyerɛw akodi a ɛkɔ so wɔ onipa mu yi ho asɛm sɛ: “Nea meyɛ no, minhu; efisɛ ɛnyɛ nea mepɛ na meyɛ, na mmom nea mikyi no, ɛno na meyɛ. Na papa a mepɛ no, menyɛ, na mmom bɔne a mempɛ no, ɛno na meyɛ. Na me mu nipa fam de, m’ani gye Onyankopɔn mmara ho, nanso mihu mmara foforo bi wɔ me honam akwaa mu a ɛne m’adwene mu mmara ko na ɛfa me dommum ma bɔne mmara a ɛwɔ me honam akwaa mu no.”​—Rom. 7:15, 19, 22, 23.

Yesu nua Yakobo nso kyerɛw akodi a ɛkɔ so wɔ nnipa mu yi ho asɛm sɛ: “Tɛkrɛma de, onipa biara ntumi nnwudwo no, ɛyɛ ade bɔne a ɛyɛ keka, awuduru ayɛ no ma. Ɛno na yɛde hyira Awurade ne Agya no, ɛno ara nso na yɛde dome nnipa a wɔayɛ wɔn Onyankopɔn suban so. Ano koro no ara mu na nhyira ne nnome fi. Me nuanom, ɛnsɛ sɛ eyinom ba saa!”​—Yak. 3:8-10.

Hyɛ ka a wɔka sɛ “wɔayɛ wɔn Onyankopɔn suban so” no nsow. Eyi kyerɛ dɛn? So ɛde nea yebetumi agyina so anya asemmisa, Dɛn na ɛma nnipa nneyɛe sesã, no ho mmuae ma anaa?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena