Tra Onyankopɔn Ahyehyɛde No Mu Na Nya Ahobammɔ
“Aban dennen ne [Yehowa, “NW”] din, ɛno mu na ɔtreneeni guan kɔ, na wɔkora no.”—MMEBUSƐM 18:10.
1. Sɛnea Yesu mpaebɔ no kyerɛ no, tebea a emu yɛ den bɛn mu na Kristofo wɔ?
BERE tiaa bi ansa na Yesu rewu no, ɔbɔɔ ne soro Agya no mpae maa n’akyidifo no. Ofi ɔdɔ mu kae sɛ: “Mede w’asɛm ama wɔn, na wiase atan wɔn, efisɛ wɔnyɛ wiase fã, sɛnea me nso menyɛ wiase fã no. Mensrɛ sɛ yi wɔn fi wiase, na mmom sɛ hwɛ wɔn so esiane ɔbɔnefo no nti.” (Yohane 17:14, 15, NW) Ná Yesu nim sɛ wiase renyɛ baabi pa mma Kristofo. Ɛbɛda tan a ɛtan wɔn no adi denam wɔn ho atosɛm a ɛbɛka ne ɔtaa a ɛde bɛba wɔn so no so. (Mateo 5:11, 12; 10:16, 17) Afei nso ɛbɛsɛe nkurɔfo bra.—2 Timoteo 4:10; 1 Yohane 2:15, 16.
2. Ɛhefa na Kristofo betumi anya honhom fam ahobammɔ?
2 Wɔn a wɔatwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho na wɔhyɛ Satan tumi ase no ne wiase a ɛbɛtan Kristofo no. (1 Yohane 5:19) Saa wiase yi so sen Kristofo asafo no koraa, na Satan ankasa wɔ tumi sen onipa biara. Ne saa nti, ɔtan a efi wiase no yɛ asɛm kɛse ankasa. Ɛhefa na Yesu akyidifo betumi anya honhom fam ahobammɔ? Asɛm bi a ɛwɔ December 1, 1922, Engiresi Ɔwɛn-Aban no mu no de mmuae no too gua sɛ: “Yɛwɔ nna bɔne no mu mprempren. Akodi a ɛda Satan ahyehyɛde ne Onyankopɔn ahyehyɛde ntam no rekɔ so. Ɛyɛ ɔko a anibere wom.” Wɔ saa ntawntawdi yi mu no, Onyankopɔn ahyehyɛde no yɛ honhom fam guankɔbea. Engiresi asɛmfua organization a wɔkyerɛ ase Twi kasa mu “ahyehyɛde” no mpue wɔ Bible mu, na wɔ 1920 mfe no mu no, ná “Onyankopɔn ahyehyɛde” no yɛ asɛmfua foforo koraa. Ɛnde dɛn koraa ne saa ahyehyɛde yi? Na ɔkwan bɛn so na yebetumi anya ahobammɔ wom?
Yehowa Ahyehyɛde
3, 4. (a) Sɛnea nsɛm asekyerɛ nhoma bi ne Ɔwɛn-Aban no kyerɛ no, dɛn ne ahyehyɛde? (b) Ntease bɛn mu na yebetumi aka sɛ Yehowa Adansefo wiase nyinaa fekuw no yɛ ahyehyɛde?
3 Sɛnea Concise Oxford Dictionary no kyerɛ no, ahyehyɛde yɛ “kuw bi a wɔahyehyɛ.” Bere a ɛno wɔ yɛn adwenem no, yehu sɛ esiane sɛ asomafo no hyehyɛɛ afeha a edi kan Kristofo no sɛ asafo ahorow a na ɛhyɛ sodikuw bi a na ɛwɔ Yerusalem ase nti, ɛfata sɛ yɛka saa “anuanom” no ho asɛm sɛ ahyehyɛde. (1 Petro 2:17) Yehowa Adansefo wɔ nhyehyɛe a ɛte saa ara nnɛ. ‘Nnipa mu akyɛde’ te sɛ “ahwɛfo ne akyerɛkyerɛfo” no hyɛɛ biakoyɛ a na ɛwɔ afeha a edi kan kuw mu no mu den. Wɔn mu binom srasraa asafo ahorow bere a afoforo somee sɛ mpanyimfo wɔ asafo a wɔwom no mu. (Efesofo 4:8, 11, 12; Asomafo no Nnwuma 20:28) “Akyɛde” a ɛtete saa ara hyɛ Yehowa Adansefo ntam biakoyɛ mu den nnɛ nso.
4 November 1, 1922, Engiresi Ɔwɛn-Aban no kaa asɛmfua “ahyehyɛde” no ho asɛm sɛ: “Ahyehyɛde yɛ nnipakuw bi a wodi atirimpɔw pɔtee bi ho dwuma.” Ɔwɛn-Aban no kɔɔ so kyerɛkyerɛɛ mu sɛ frɛ a wɔfrɛ Yehowa Adansefo sɛ ahyehyɛde no mma wɔnyɛ “matew-me-ho kuw bi, sɛnea wɔde saa asɛm no di dwuma no, na mmom nea ɛkyerɛ ara ne sɛ Bible Asuafo [Yehowa Adansefo] no rebɔ mmɔden sɛ wobedi Onyankopɔn atirimpɔw ho dwuma na wɔayɛ no sɛnea Awurade yɛ biribiara no, wɔano wɔano.” (1 Korintofo 14:33) Ɔsomafo Paulo kyerɛe sɛ ne bere so Kristofo no nso yɛɛ ade wɔano wɔano. Ɔde Kristofo a wɔasra wɔn fekuw no totoo nipadua a ɛwɔ akwaa ahorow a emu biara di n’asɛyɛde ho dwuma sɛnea ɛbɛyɛ a nipadua no bɛyɛ adwuma pɛpɛɛpɛ no ho. (1 Korintofo 12:12-26) Ɛno yɛ ahyehyɛde ho mfatoho a edi mũ! Dɛn nti na wɔhyehyɛɛ Kristofo sɛ kuw? Sɛnea ɛbɛyɛ a ebedi “Onyankopɔn atirimpɔw” ho dwuma, ayɛ Yehowa apɛde.
5. Dɛn ne Onyankopɔn ahyehyɛde a aniwa hu no?
5 Bible hyɛɛ nkɔm sɛ nokware Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ bɛyɛ biako, na wɔbɛka wɔn abom wɔ “asase” biako so sɛ “ɔman” biako, faako a ‘wɔbɛhyerɛn sɛ akanea wɔ wiase.’ (Yesaia 66:8; Filipifo 2:15) Mprempren, “ɔman” a wɔahyehyɛ wɔn yi dodow bɛboro ɔpepem anum ne fã. (Yesaia 60:8-10, 22) Nanso, ɛnyɛ sɛnea Onyankopɔn ahyehyɛde no te ara ne no. Abɔfo nso ka ho.
6. Sɛ yɛkyerɛkyerɛ mu kɔ akyiri a, ɛhefo na wɔbom yɛ Onyankopɔn ahyehyɛde no?
6 Yɛwɔ abɔfo a wɔne Onyankopɔn asomfo a wɔyɛ nnipa yɛɛ adwuma boom ho nhwɛso pii wɔ hɔ. (Genesis 28:12; Daniel 10:12-14; 12:1; Hebrifo 1:13, 14; Adiyisɛm 14:14-16) Enti ɛfata sɛ May 15, 1925, Engiresi Ɔwɛn-Aban a ɛbae no kae sɛ: “Ɔsoro abɔfo kronkron no nyinaa yɛ Onyankopɔn ahyehyɛde no fã.” Afei nso ɛde kaa ho sɛ: “Nea otua Onyankopɔn ahyehyɛde no ano, a ahoɔden ne tumi nyinaa kura no ne, Awurade Yesu Kristo.” (Mateo 28:18) Ne saa nti, sɛ yɛbɛtrɛw mu a, wɔn a wɔwɔ ɔsoro ne asase so a wɔyɛ adwuma bom de yɛ Onyankopɔn apɛde nyinaa na wɔka bom yɛ Onyankopɔn ahyehyɛde no. (Hwɛ adaka mu nsɛm no.) Hwɛ hokwan ara a ɛyɛ sɛ yɛbɛyɛ ahyehyɛde yi fã! Na hwɛ anigye a ɛyɛ sɛ yɛde yɛn ani bɛto bere a wɔbɛhyehyɛ abɔde nyinaa, a wɔwɔ ɔsoro ne asase so, ama wɔde biakoyɛ ayi Yehowa Nyankopɔn ayɛ no so! (Adiyisɛm 5:13, 14) Nanso dɛn ne ahobammɔ a Onyankopɔn ahyehyɛde de ma nnɛ no?
Ahobammɔ a Yenya Wɔ Onyankopɔn Ahyehyɛde Mu—Ɔkwan Bɛn So?
7. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn ahyehyɛde no bɔ yɛn ho ban?
7 Onyankopɔn ahyehyɛde no betumi aboa yɛn ma yɛako atia Satan ne ne nnaadaasɛm. (Efesofo 6:11) Satan de nhyɛso, ɔtaa, ne sɔhwɛ ba Yehowa asomfo so, a okura atirimpɔw biako pɛ: sɛ ɔbɛtwe wɔn afi ‘ɔkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so no so.’ (Yesaia 48:17; fa toto Mateo 4:1-11 ho.) Yɛrentumi nkwati ntua a ɛtete saa no nyinaa wɔ nhyehyɛe yi mu da. Nanso yɛn ho a yɛde bɛbɔ Onyankopɔn ne n’ahyehyɛde no denneennen no hyɛ yɛn den na ɛbɔ yɛn ho ban, ma enti ɛboa yɛn ma yɛkɔ so fa “ɔkwan” no so. Ne saa nti, yennyae yɛn anidaso mu.
8. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ahyehyɛde a aniwa nhu no boa n’asase so asomfo?
8 Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn ahyehyɛde no de ahobammɔ yi ma? Nea edi kan no, yɛwɔ Yehowa asomfo a wɔyɛ ahonhom no mmoa a enni huammɔ. Bere a na Yesu wɔ nhyɛso a emu yɛ den mu no, ɔbɔfo bi bɛsom no. (Luka 22:43) Bere a Petro tɔɔ owu ho asiane mu no, ɔbɔfo bi begyee no anwonwakwan so. (Asomafo no Nnwuma 12:6-11) Bere a anwonwade a ɛte saa nni hɔ nnɛ no, wɔahyɛ Yehowa nkurɔfo bɔ sɛ abɔfo bɛboa wɔn wɔ wɔn asɛnka adwuma no mu. (Adiyisɛm 14:6, 7) Sɛ wohyia tebea horow a emu yɛ den a, mpɛn pii no, wonya tumi a ɛboro so. (2 Korintofo 4:7) Bio nso, wonim sɛ “[Yehowa, NW] bɔfo bɔ wɔn a wosuro no ho nsra hyia, na ogye wɔn.”—Dwom 34:7.
9, 10. Ɔkwan bɛn so na yebetumi aka sɛ “aban dennen ne [Yehowa, NW] din,” na ɔkwan bɛn so na nnyinasosɛm yi fa Onyankopɔn ahyehyɛde mũ no nyinaa ho?
9 Yehowa ahyehyɛde a aniwa hu no nso yɛ ahobammɔ. Ɔkwan bɛn so? Yɛkenkan wɔ Mmebusɛm 18:10 sɛ: “Aban dennen ne [Yehowa, NW] din, ɛno mu na ɔtreneeni guan kɔ, na wɔkora no.” Eyi kyerɛ sɛ bɔ a yɛbɛbɔ Onyankopɔn din kɛkɛ no bɛma yɛanya ahobammɔ. Mmom, nea Onyankopɔn din mu a yebeguan akɔ no kyerɛ ne sɛ yebenya Yehowa ankasa mu ahotoso. (Dwom 20:1; 122:4) Nea ɛkyerɛ ne sɛ yebegyina ne tumidi akyi, adi ne mmara ne ne nnyinasosɛm ahorow so, na yɛanya ne bɔhyɛ ahorow mu gyidi. (Dwom 8:1-9; Yesaia 50:10; Hebrifo 11:6) Nea ɛka ho nso ne sɛ yɛde ɔsom a edi mũ bɛma Yehowa. Wɔn a wɔsom Yehowa saa kwan yi so nkutoo na wobetumi ne odwontofo no abom aka sɛ: “[Yehowa, NW] mu na yɛn koma bɛtɔ yɛn yam, efisɛ yɛde yɛn ho ato ne din kronkron so.”—Dwom 33:21; 124:8.
10 Mprempren wɔn a wɔwɔ Onyankopɔn ahyehyɛde a aniwa hu mu nyinaa ne Mika ka sɛ: “Yɛn de, yɛbɛnantew [Yehowa, NW] yɛn Nyankopɔn din mu de akosi daa daa.” (Mika 4:5) “Nyankopɔn Israel” a Bible mu no wɔfrɛ no ‘ɔman a wɔapaw wɔn ama ne din’ no so na nnɛyi ahyehyɛde no anoboaboa gyina. (Galatifo 6:16; Asomafo no Nnwuma 15:14; Yesaia 43:6, 7; 1 Petro 2:17) Ne saa nti, sɛ́ yɛbɛyɛ Yehowa ahyehyɛde no fã no kyerɛ sɛ yɛbɛyɛ nnipa a wɔhwehwɛ, na wonya ahobammɔ wɔ Onyankopɔn din mu no fã.
11. Akwan pɔtee bɛn so na Yehowa ahyehyɛde no bɔ wɔn a wɔwom no ho ban?
11 Bio nso, Onyankopɔn ahyehyɛde a aniwa hu no yɛ gyidifo fekuw, mfɛfo gyidifo a wɔhyɛ wɔn ho wɔn ho den, na wɔhyɛ wɔn ho nkuran fekubɔ. (Mmebusɛm 13:20; Romafo 1:12) Ɛyɛ baabi a Kristofo ahwɛfo hwɛ nguankuw no so, hyɛ wɔn a wɔyare na wɔahaw nkuran, na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔn a wɔahwe ase so. (Yesaia 32:1, 2; 1 Petro 5:2-4) “Akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no nam ahyehyɛde no so ma wɔn “aduan ɛbere a ɛsɛ mu.” (Mateo 24:45) Saa “akoa,” a Kristofo a wɔasra wɔn na wɔka bom yɛ no, de honhom fam nnepa a ɛkyɛn so na ɛma—nokware nimdeɛ a egyina Bible so a ebetumi de wɔn akɔ daa nkwa mu. (Yohane 17:3) Akwankyerɛ a efi “akoa” no nkyɛn no aboa Kristofo ma wɔakura abrabɔ pa ho gyinapɛn a ɛkorɔn mu, na wɔayɛ ‘anifere sɛ awɔ, ayɛ kronn sɛ mmorɔnoma’ wɔ tebea bɔne a atwa wɔn ho ahyia no mu. (Mateo 10:16) Na bere nyinaa wɔboa wɔn ma ‘wɔyɛ pii wɔ Awurade adwuma no mu,’ a ɛno ankasa nso yɛ ahobammɔ kɛse.—1 Korintofo 15:58.
Henanom na Wɔyɛ Onyankopɔn Ahyehyɛde no Fã?
12. Ɛhefo na wohu wɔn sɛ wɔyɛ Onyankopɔn soro ahyehyɛde no fã?
12 Esiane sɛ ahobammɔ yi wɔ hɔ ma wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn ahyehyɛde no fã nti, henanom na wɔka ho? Ɛdefa ɔsoro ahyehyɛde no ho de, mmuae no mu da hɔ pefee. Satan ne n’abɔfo nni ɔsoro bio. Nea ɛne eyi bɔ abira no, abɔfo anokwafo no da so ara wɔ hɔ, ‘ɔsoro bagua kɛse’ no mu. Ɔsomafo Yohane hui sɛ nna a edi akyiri mu no, “oguammaa no,” kerubim (“ateasefo baanan”), ne “abɔfo bebree” bɛbɛn Onyankopɔn ahengua no. Na mpanyimfo 24—a wogyina hɔ ma Kristofo a wɔasra wɔn a wɔanya wɔn soro apɛgyade a anuonyam wom dedaw—no bɛka wɔn ho. (Hebrifo 12:22, 23; Adiyisɛm 5:6, 11; 12:7-12) Ɛda adi pefee sɛ wɔn nyinaa yɛ Onyankopɔn ahyehyɛde no fã. Nanso nneɛma nte saa ankasa wɔ nnipa fam.
13. Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛɛ wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn ahyehyɛde no fã ne wɔn a wɔnyɛ ne fã no?
13 Yesu kaa ebinom a wɔbɛka sɛ wodi n’akyi no ho asɛm sɛ: “Ɛda no, nnipa pii bɛka akyerɛ me sɛ: Awurade, Awurade, yɛmfaa wo din nhyɛɛ nkɔm, na yɛmfaa wo din ntuu ahonhommɔne, na yɛmfaa wo din nyɛɛ ahoɔdenne pii anaa? Ɛno na mɛpaem maka makyerɛ wɔn sɛ: Minhuu mo da, mumfi me so nkɔ, mo a moyɛ nea ɛnteɛ!” (Mateo 7:22, 23) Sɛ obi yɛ ade a ɛnteɛ a, akyinnye biara nni ho sɛ ɔnyɛ Onyankopɔn ahyehyɛde no fã, ɛmfa ho nea ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ biara, ne faako a ɔkɔ kɔsom. Afei nso Yesu kyerɛɛ sɛnea yebehu obi a ɔyɛ Onyankopɔn ahyehyɛde no fã. Ɔkae sɛ: “Ɛnyɛ obiara a ose me sɛ Awurade, Awurade no na ɔbɛkɔ ɔsoro ahenni mu, na nea ɔyɛ m’agya a ɔwɔ soro no apɛde no.”—Mateo 7:21.
14. Onyankopɔn apɛde no afã horow bɛn na wɔkyerɛ sɛ ɛyɛ wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn ahyehyɛde no fã no asɛyɛde?
14 Ne saa nti, sɛ obi betumi abɛyɛ Onyankopɔn ahyehyɛde—a egyina “ɔsoro ahenni” no so titiriw—no fã a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn apɛde. Dɛn ne n’apɛde? Paulo daa ne fã titiriw bi adi bere a ɔkae sɛ: “[Onyankopɔn pɛ] sɛ wogye nnipa nyinaa nkwa na wɔba nokware nimdeɛ mu.” (1 Timoteo 2:4) Sɛ obi pɛ sɛ onya Bible mu nokware nimdeɛ ampa, de bɔ ne bra, na ɔde kyerɛkyerɛ “nnipa nyinaa” a, na ɔreyɛ Onyankopɔn apɛde. (Mateo 28:19, 20; Romafo 10:13-15) Ɛyɛ Onyankopɔn apɛde nso sɛ wɔma Yehowa nguan aduan na wɔhwɛ wɔn. (Yohane 21:15-17) Kristofo nhyiam horow di dwuma titiriw wɔ eyi yɛ mu. Obi a biribiara nsiw no nhyiam ahorow a ɛtete saa kɔ ho kwan nanso obu n’ani gu so no, nkyerɛ gyinabea a ɔwɔ wɔ Onyankopɔn ahyehyɛde no mu ho anisɔ.—Hebrifo 10:23-25.
Wiase Adamfofa
15. Kɔkɔbɔ bɛn na Yakobo de maa ne bere so asafo horow no?
15 Yesu wu akyi bɛyɛ mfirihyia 30 no, ne nua Yakobo daa nneɛma bi a ebetumi asɛe obi gyinabea wɔ Onyankopɔn ahyehyɛde mu no adi. Ɔkyerɛwee sɛ: “Awaresɛefo, munnim sɛ wiase adamfofa ne ɔtan a wɔtan Onyankopɔn? Enti obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfo no gyina hɔ sɛ Onyankopɔn tamfo.” (Yakobo 4:4) Onyankopɔn tamfo rentumi nyɛ n’ahyehyɛde no fã ɔkwan biara so. Ɛnde dɛn ne wiase adamfofa? Wɔakyerɛkyerɛ mu sɛ ɛwɔ afã horow pii, te sɛ fekubɔne a obi bɔ anaa ɔde ne ho hyem. Afei nso Yakobo twe adwene si biribi pɔtee so—adwemmɔne a ɛma wɔyɛ nneɛma a ɛmfata.
16. Dɛn ne nsɛm a na ɛfa Yakobo kɔkɔbɔ a ɛka sɛ wiase adamfofa yɛ tan a wɔtan Onyankopɔn no ho?
16 Yɛkenkan wɔ Yakobo 4:1-3 sɛ: “Ɛhe na ɔsa ne ɔko a ɛwɔ mo mu no fi? Emfi mo akɔnnɔ a ɛne mo honam akwaa ko no mu anaa? Mo kɔn dɔ, na munnya. Mudi awu na mo ani bere, na muntumi nnu ho. Moko na mutu sa, nanso munnya, efisɛ mummisa. Mubisa na munnya, efisɛ mubisa no bɔne, sɛ mobɛhwere no mo anigyede mu.” Bere a Yakobo kyerɛw nsɛm yi akyi na ɔde wiase adamfofa ho kɔkɔbɔ no mae.
17. Ɔkwan bɛn so na na “akasakasa” ne “kunsunkunsun” wɔ afeha a edi kan Kristofo asafo no mu?
17 Yakobo wu akyi mfehaha pii no, atoro Kristofo dii ako kunkum wɔn ho wɔn ho ankasa. Nanso na Yakobo rekyerɛw krataa yi akɔma afeha a edi kan mu “Nyankopɔn Israel” no mufo a na wobedi ‘asɔfo ne ahene’ wɔ soro daakye no. (Adiyisɛm 20:6) Wɔanni wɔn ho wɔn ho awu anaa wɔanni ako ankunkum wɔn ho ankasa. Ɛnde dɛn nti na Yakobo ka sɛ saa nneɛma no kɔɔ so wɔ Kristofo mu? Wiɛ, ɔsomafo Yohane frɛɛ obiara a ɔtan ne nua owudifo. Na Paulo kaa nkurɔfo ani a na enhyia ne nitan a na ɛrekɔ so wɔ asafo ahorow no mu ho asɛm sɛ “akasakasa” ne “kunsunkunsun.” (Tito 3:9; 2 Timoteo 2:14; 1 Yohane 3:15-17) Saa ara nso na ɛda adi sɛ na dɔ a wɔnnɔ mfɛfo Kristofo ho asɛm wɔ Yakobo adwenem. Na Kristofo ne wɔn ho wɔn ho di nsɛm te sɛ nea wɔn a wɔwɔ wiase no taa ne wɔn ho wɔn ho di no ara pɛ.
18. Dɛn na ebetumi ama Kristofo ayɛ nneɛma a ɛnkyerɛ ɔdɔ atia wɔn ho na wɔanya adwemmɔne ama wɔn ho?
18 Adɛn nti na nneɛma a ɛtete saa sisii wɔ Kristofo asafo horow mu? Esiane su horow a enye te sɛ, anibere ne ‘ɔhonam akɔnnɔ’ nti. Ahantan, ahoɔyaw, ne ahomaso betumi asɛe Kristofo fekubɔ a ɔdɔ wom no wɔ asafo bi mu. (Yakobo 3:6, 14) Su a ɛtete saa ma obi yɛ wiase adamfo, ma ne saa nti, ɔbɛyɛ Onyankopɔn tamfo. Obiara a okura su horow a ɛte sɛɛ ntumi nhwɛ kwan sɛ ɔbɛkɔ so ayɛ Onyankopɔn ahyehyɛde no fã.
19. (a) Sɛ Kristoni bi hu sɛ adwemmɔne regye nhini ne komam a, hena so titiriw na ɛsɛ sɛ ɔde asodi no to? (b) Ɔkwan bɛn so na Kristoni betumi adi adwemmɔne so?
19 Sɛ yehu sɛ adwemmɔne agye nhini wɔ yɛn komam a, hena na yebetumi de asodi no ato no so? Satan? Ɔkwan bi so no, ɛte saa. Ɔno na odi wiase a su horow a ɛtete saa abu so wom yi ‘wim tumi so panyin.’ (Efesofo 2:1, 2; Tito 2:12) Nanso mpɛn pii no, yɛn ankasa honam a ɛtɔ sin no na ɛma yenya adwemmɔne. Bere a Yakobo de wiase adamfofa ho kɔkɔbɔ ama awie no, ɔkyerɛwee sɛ: “Mususuw sɛ kyerɛw no kasa kwa, sɛ: nea honhom a ɛte yɛn mu no pɛ ne sɛ ɛtwe ninkunu?” (Yakobo 4:5, NW) Yɛn nyinaa fi awosu mu tɔ kɔ bɔne so. (Genesis 8:21; Romafo 7:18-20) Nanso sɛ yegye yɛn mmerɛwyɛ tom na yɛde yɛn ho to mmoa a Yehowa de ma so a, yebetumi ako atia saa su no. Yakobo ka sɛ: ‘Ɔdom a Onyankopɔn de ma no so kyɛn awosu mu a yefi twe ninkunu no.’ (Yakobo 4:6) Esiane Onyankopɔn honhom kronkron no ne Kristofo anokwafo mmoa, ne afei bo a Yesu agyede afɔrebɔ no som nti no, Kristofo anokwafo honam a ɛtɔ sin no ntumi nnii wɔn so. (Romafo 7:24, 25) Wɔanya ahobammɔ wɔ Onyankopɔn ahyehyɛde no mu sɛ Onyankopɔn nnamfo, ɛnyɛ wiase no de.
20. Nhyira akɛse bɛn na wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn ahyehyɛde no fã no nya?
20 Bible hyɛ bɔ sɛ: “[Yehowa, NW] bɛma ne man ahoɔden, [Yehowa, NW] de asomdwoe behyira ne man.” (Dwom 29:11) Sɛ yɛyɛ Yehowa “man,” n’ahyehyɛde a aniwa hu nnɛ no fã ampa a, yebenya ahoɔden a ɔde ma no bi, na yɛanya asomdwoe a ɔde ma ne nkurɔfo no bi. Ɛwom, Satan wiase no sõ sen Yehowa ahyehyɛde a aniwa hu no ma ɛboro so, na Satan ho yɛ den sen yɛn koraa. Nanso Yehowa ne Ade Nyinaa so Tumfoɔ. Biribiara ntumi n’adeyɛ tumi no. Afei nso n’abɔfo a wɔwɔ tumi no de biakoyɛ ne yɛn resom Onyankopɔn. Enti, ɛmfa ho nitan a yehyia no, yebetumi agyina pintinn. Te sɛ Yesu no, yebetumi adi wiase so nkonim.—Yohane 16:33; 1 Yohane 4:4.
Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?
◻ Dɛn ne Onyankopɔn ahyehyɛde a aniwa hu no?
◻ Akwan bɛn so na Onyankopɔn ahyehyɛde no nam de ahobammɔ ma?
◻ Henanom na wɔyɛ Onyankopɔn ahyehyɛde no fã?
◻ Yɛbɛyɛ dɛn atumi akwati wiase adamfofa?
[Kratafa 9 adaka]
Dɛn Ne Onyankopɔn Ahyehyɛde?
Wɔde asɛm “Onyankopɔn ahyehyɛde” no di dwuma akwan abiɛsa so wɔ Yehowa Adansefo nhoma mu.
1 Yehowa ɔsoro ahyehyɛde a aniwa nhu a honhom abɔde anokwafo na wɔwom no. Wɔfrɛ eyi “ɔsoro Yerusalem” wɔ Bible mu.—Galatifo 4:26.
2 Yehowa ahyehyɛde a aniwa hu a nnipa na wɔwom. Ɛnnɛ, nkaefo a wɔasra wɔn a nnipakuw kɛse no abɛka wɔn ho no na wɔwom.
3 Yehowa amansan ahyehyɛde no. Ɛnnɛ, wɔn a wɔyɛ Yehowa soro ahyehyɛde no mufo ne wɔn a wɔasra wɔn afa wɔn ayɛ mma wɔ asase so, a wɔwɔ ɔsoro honhom fam anidaso no na wɔwom. Bere bi akyi no, adesamma a wɔte asase so a wɔyɛ pɛ bɛka ho.
[Kratafa 10 mfonini]
Wɔnam Yehowa ahyehyɛde no so na ɛde honhom fam aduan a eye sen biara no ma