Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 9/8 kr. 24-25
  • So Ɛsɛ sɛ Yɛde Bɔne a Yɛyɛ Hyɛ Satan?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Ɛsɛ sɛ Yɛde Bɔne a Yɛyɛ Hyɛ Satan?
  • Nyan!—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Siw Ɔbonsam Kwan
  • Sɛnea ‘Wosiw Ɔbonsam Kwan’
  • Apereperedi a Efi Yɛn Nipadua Mu
  • Gye Asɛyɛde Tom
  • Daa Nkwa Tamfo
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • “Munsiw Ɔbonsam Kwan” Sɛnea Yesu Yɛe No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Munsiw Satan Kwan, Na Obeguan!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Wugye Di sɛ Ɔbonsam Wɔ Hɔ Ankasa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1998
g98 9/8 kr. 24-25

Bible No Adwene

So Ɛsɛ sɛ Yɛde Bɔne a Yɛyɛ Hyɛ Satan?

WƆDE bɔne a edi kan a onipa yɛe no hyɛɛ Satan. Hawa kae sɛ: “Ɔwɔ na ɔdaadaa me na midii.” (Genesis 3:13) Efi saa bere no “ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no ɔbonsam ne Satan” no akɔ so ako atia adesamma, ‘afura nkurɔfo adwene ani,’ na ‘wadaadaa amanaman nyinaa.’ (Adiyisɛm 12:9; 2 Korintofo 4:4) Onipa biara ntumi nkwati ne nhyɛso, nanso eyi kyerɛ sɛ yentumi nko ntia ne nkɛntɛnso? Na so ɔno na ɔma yɛyɛ bɔne bere nyinaa?

Nokwarem no, Bible kyerɛkyerɛ mu sɛ, Satan daadaa Hawa. (1 Timoteo 2:14) Ɔdaadaa no maa osusuw sɛ sɛ obu Onyankopɔn mmara so a, obetumi anya nhumu ne ahofadi te sɛ Onyankopɔn. (Genesis 3:4, 5) Nsusuwii a ɛte saa ma ɔyɛɛ bɔne. Nanso, Onyankopɔn de asodi no too Hawa so buu no kumfɔ. Dɛn ntia? Efisɛ ɛwom sɛ Satan kaa atosɛm de, nanso na Hawa da so kae Onyankopɔn mmara no. Wɔanhyɛ no sɛ ɔnyɛ asoɔden; mmom no, na onim nea ɔreyɛ, a na anka obetumi ako atia Satan nkɛntɛnso koraa.

Siw Ɔbonsam Kwan

Nnipa betumi ako atia Ɔbonsam. Wɔaka akyerɛ yɛn wɔ Efesofo 6:12 sɛ, ‘yɛne ahonhommɔne a ɛwɔ ɔsoro hɔnom’ na ɛredi ako. Ɛnde ɛda adi sɛ Onyankopɔn hwehwɛ sɛ yɛko tia Satan nkɛntɛnso. Nanso ɔkwan bɛn so na nnipa betumi ako atia Satan ne n’adaemone tumi a ɛboro nnipa ahoɔden so no? So wɔrema yɛn adi ako a ɛsõ kyɛn yɛn, nea yebedi nkogu wom ɔkwan biara so? Dabi, efisɛ Onyankopɔn nka nkyerɛ yɛn sɛ yɛmfa yɛn ankasa ahoɔden nko ntia Ɔbonsam. Yehowa ma yɛn akwan horow a yebetumi afa so ako atia Ɔbonsam nnɛɛdɛe na yɛadi nkonim. Bible ka onii ko a Ɔbonsam yɛ, sɛnea ɔyɛ n’ade, ne sɛnea yebetumi abɔ yɛn ho ban afi ne ho kyerɛ yɛn.—Yohane 8:44; 2 Korintofo 2:11; 11:14.

Sɛnea ‘Wosiw Ɔbonsam Kwan’

Akwan abien na Kyerɛwnsɛm no kamfo kyerɛ sɛ wɔfa so ko tia Ɔbonsam. Wotu yɛn fo sɛ: “Enti momfa mo ho nhyɛ Onyankopɔn ase. Munsiw Ɔbonsam kwan, na obeguan afi mo nkyɛn.” (Yakobo 4:7) Ɔkwan a edi kan a yɛnam so de yɛn ho hyɛ Onyankopɔn ase ne osetie a yɛyɛ ma ne mmara. Nim a yenim bere nyinaa sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, ne papayɛ, n’ahoɔden ne tumi kɛse, ne ne nnyinasosɛm a ɛkorɔn no bɛma yɛanya ahoɔden de asiw Satan kwan. Onyankopɔn mpae a yɛbɛbɔ bere nyinaa nso ho hia.—Efesofo 6:18.

Susuw bere a Ɔbonsam sɔɔ Yesu hwɛe no ho hwɛ. Akyinnye biara nni ho sɛ Onyankopɔn mmara ahorow a Yesu twee adwene sii so na ɔfaa mu nsɛm kae no na ɛboaa no ma ɔko tiae. Esiane sɛ Satan antumi annaadaa Yesu amma wanyɛ bɔne nti, ogyaw ne hɔ kɔe. Saa sɔhwɛ no akyi no, Yehowa nam n’abɔfo so hyɛɛ Yesu den bio. (Mateo 4:1-11) Enti, na Yesu betumi de ahotoso ahyɛ n’asuafo nkuran sɛ wɔnsrɛ Onyankopɔn sɛ ‘onnye wɔn mfi ɔbɔnefo no nsam.’—Mateo 6:13.

Gye a Onyankopɔn gye yɛn no nkyerɛ sɛ ɔde kyɛm bi bɔ yɛn ho ban. Mmom no, ɔka kyerɛ yɛn sɛ yenni su pa ahorow te sɛ nokware, trenee, asomdwoe, ne gyidi akyi. Saa su ahorow yi di dwuma sɛ “akode” a ɛma ‘yetumi ne Ɔbonsam nnɛɛdɛe di asi.’ (Efesofo 6:11, 13-18) Enti yɛnam Onyankopɔn mmoa so betumi ako atia Ɔbonsam sɔhwɛ ahorow.

Ɔkwan a ɛto so abien a wɔkamfo kyerɛ wɔ Yakobo 4:7 ne sɛ ‘yebesiw Ɔbonsam kwan.’ Eyi hwehwɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade akokoduru so, guan fi ne nkɛntɛnso a edi awu no ho. Ɛnsɛ sɛ obi tie ne nnaadaasɛm a emu yɛ den no, na ɛsɛ sɛ ɔpo honam fam ade dodowpɛ ne ɔbrasɛe ho nyansapɛ ahorow a abu so wɔ wiase nnɛ no. Ko a yɛko tia Ɔbonsam wɔ saa kwan yi so ne yɛn nkwa so a yehyira ma ɛsɔ Onyankopɔn ani no som bo wɔ ko a yɛko tia Satan no mu. Nanso bɔne a yɛyɛ nyinaa na efi Ɔbonsam nkɛntɛnso tẽẽ?

Apereperedi a Efi Yɛn Nipadua Mu

Bible kyerɛwfo Yakobo kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wɔsɔ obiara hwɛ a, na ɛyɛ n’ankasa akɔnnɔ a egyigye na ɛdaadaa no na ɛsɔ no hwɛ; ansa na akɔnnɔ no nyinsɛn a, ɛwo bɔne, na bɔne no wie nyin a, ɛwo owu.” (Yakobo 1:14, 15) Awerɛhosɛm ne sɛ, yentumi nni mmerɛwyɛ ne sintɔ a yenya fi awo mu no so korakora. (Romafo 5:12) Bible ka sɛ: “Onipa trenee bi nni asase so a ɔyɛ papa na ɔnyɛ bɔne.”—Ɔsɛnkafo 7:20.

Eyi nkyerɛ sɛ bɔne biara nni hɔ a yebetumi adi so korakora. Wɔ nsɛm bi mu no, yɛnam nneɛma bɔne a yɛpaw so de sɔhwɛ ahorow ba yɛn ho so. Enti ɛwom sɛ yɛn ankasa sintɔ anaa Satan nkɛntɛnso betumi ama yɛanya akɔnnɔ bɔne bi de, nanso sɛ yɛbɛma emu ayɛ den anaasɛ yɛbɛpo no yɛ yɛn ankasa asɛm koraa. Ɛfata sɛ ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa.”—Galatifo 6:7.

Gye Asɛyɛde Tom

Mpɛn pii na ɛyɛ den ma nnipa sɛ wobegye wɔn ankasa mmerɛwyɛ, mfomso, sintɔ ahorow—yiw, wɔn bɔne—atom. (Dwom 36:2) Ade biako a ebetumi aboa yɛn ma yɛagye yɛn bɔne ho asɛyɛde atom ne nimdeɛ a yɛwɔ sɛ Onyankopɔn nhwehwɛ sɛ yɛbɛyɛ pɛ seesei no. Odwontofo Dawid kae sɛ: “Onsusuw yɛn bɔne so ne yɛn nni, na ɔnhwɛ yɛn mfomso nhyɛ yɛn ananmu.” (Dwom 103:10) Ɛwom sɛ Onyankopɔn de bɔne firi de, nanso ɔhwehwɛ sɛ yɛko tia, yɛteɛ yɛn ho so wɔ Ɔbonsam nnaadaa ne yɛn ankasa nsusuwii a ɛma yɛtɔ kɔ bɔne so no denneennen.—1 Korintofo 9:27.

Ɛsɛ sɛ yɛte ase sɛ bere a Onyankopɔn gye tom sɛ Ɔbonsam betumi ama yɛaman, na adesamma tebea bɔne no ho asɛyɛde fã kɛse no ara da Ɔbonsam so no, eyi mma yɛmfa yɛn ho nni wɔ yɛn ankasa akontaa a yebebu ho. Enti, Romafo 14:12 ka sɛ: “Yɛn nyinaa bebubu yɛn ho akontaa mmiako mmiako akyerɛ Onyankopɔn.”

Nanso, sɛ ‘yekyi bɔne’ na ‘yɛbata papa ho’ a, yebetumi adi bɔne so nkonim. (Romafo 12:9, 21) Ɔbea a odi kan, Hawa, antumi anyɛ saa, na onyaa n’asoɔden so asotwe; ná anka obetumi ako atia, na wayɛ osetie ama Onyankopɔn. (Genesis 3:16) Nanso, Onyankopɔn ammu n’ani angu dwuma a Ɔbonsam dii de daadaa ɔbea no so. Wɔdomee Ɔbonsam buu no fɔ a awiei koraa no, wobeyi no afi hɔ. (Genesis 3:14, 15; Romafo 16:20; Hebrifo 2:14) Aka kakra, yɛrenhu ne nkɛntɛnso bɔne no bio.—Adiyisɛm 20:1-3, 10.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 24]

Erich Lessing/Art Resource, NY

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena