Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • So Wowɔ Gyidi A Ɛte Sɛ Elia De No?
    Ɔwɛn-Aban—1992 | April 1
    • Yɛ ɔbarima yi ho mfonini wɔ w’adwenem, sɛ ɔhyɛ n’akuraase atade a wɔde nhwi na ayɛ no. Ofi Gilead mmepɔw a ɛso abonkyiabonkyi no so, na ebia wɔtetee no wɔ nguanhwɛfo a wɔba fam mu. Ogyina ɔhenkɛse Ahab anim, ebia wɔ n’ahemfie kɛse no mu pɛɛ, faako a asonse fie a agye din, ne nneɛma a ɛsom bo na ɛda nsow ne ahoni akɛse no wɔ no. Ɛhɔ, wɔ Samaria kuropɔn a wɔatwa ho ɔfasu a adagyew nni hɔ no mu, faako a ɛkame ayɛ sɛ werɛ afi Yehowa som koraa no, na ɔka kyerɛ Ahab sɛ saa ne nyame yi, saa Baal yi, nni tumi biara, ne ho nni mfaso. Elia pae mu ka sɛ saa afe no, ne mfe a ebedi ɛno akyi aba no mu no, osu anaa obosu rentɔ!

      Ɛhe na onyaa gyidi a ɛte sɛɛ? So na onsuro, sɛ ogyina saa ɔhene a ɔyɛ ahantan ne ɔwaefo yi anim? Ebia na ɛte saa. Bɛboro mfe apem akyi no, Yesu nua Yakobo ma yɛn awerɛhyem sɛ na Elia yɛ “onipa te sɛ yɛn ara.” (Yakobo 5:17) Nanso hyɛ Elia nsɛm yi nsow: “Sɛ [Yehowa] Israel Nyankopɔn a migyina n’anim te ase yi.” Elia ma ɛtraa n’adwenem sɛ, sɛ Yehowa akoa no, na ogyina ahengua bi a ɛkorɔn koraa sen Ahab de no​—Amansan Hene no ahengua​—anim! Na ɔyɛ saa ahengua no ɔnanmusifo, ɔhemmɔfo. Bere a okura adwene a ɛte saa no, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ osuro Ahab, ɔhene a ɔyɛ onipa ara kwa a Yehowa nhyira nni ne so bio no?

      Sɛnea Yehowa yɛɛ paara maa Elia no nyɛ nea ɛbae ara kwa. Akyinnye biara nni ho sɛ na odiyifo no asua sɛnea Onyankopɔn ne Ne nkurɔfo dii nsɛm no ho kyerɛwtohɔ yiye. Yehowa bɔɔ Yudafo no kɔkɔ sɛ sɛ wɔkɔsom atoro anyame a, ɔde ɔpɛ ne aduankɔm bɛtwe wɔn aso. (Deuteronomium 11:16, 17) Esiane sɛ Elia wɔ Yehowa mu ahotoso sɛ odi n’asɛm so bere nyinaa nti, ɔbɔɔ “mpae dennen sɛ osu nntɔ.”​—Yakobo 5:17.

  • So Wowɔ Gyidi A Ɛte Sɛ Elia De No?
    Ɔwɛn-Aban—1992 | April 1
    • a Yesu ne Yakobo nyinaa se osu antɔ wɔ asase no so ‘mfirihyia abiɛsa ne asram asia.” Nanso wose Elia kɔɔ Ahab anim sɛ ɔrekɔma ɔpɛ no agyae wɔ “afe a ɛto so abiɛsa mu”​—a akyinnye biara nni ho sɛ wɔkan fi da a ɔde ɔpɛ no ho amanneɛbɔ mae no so. Enti, ebetumi aba sɛ na ɛyɛ ɔpɛ bere tenten bi a osu antɔ wom akyi ansa na okogyinaa Ahab anim nea edi kan.​—Luka 4:25; Yakobo 5:17; 1 Ahene 18:1.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena