Bible no Adwene
So Bible no Kasa Tia Ankorankoro Adwene a Wɔde Susuw Nsɛm Ho?
OGYATANNAA no dɛw kɔ soro bere a ɛhyew nhoma a ɛsom bo a Germany aban mpanyimfo atow agu mu no. So eyi yɛ asɛm a esii wɔ Germany Nasifo bere so? Yiw, nanso ebetumi ayɛ asɛm a esii afe 1199, bere a Roma Katolek ɔsɔfopɔn bi hyɛe sɛ wɔnhyew German kasa mu Bible nyinaa no.
Nokwarem no, nhoma a wɔhyew—amansan sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ wɔmma obi mfa n’adwene nyɛ nea ɔpɛ—akɔ so wɔ aman pii mu wɔ mfehaha pii mu. Mpɛn pii no nyamesom akannifo a na wosuro nea mpapahwekwa a wɔbɛma wɔde wɔn adwene ayɛ nea wɔpɛ no de bɛba na na wɔhyɛ akyi.
Ɛnyɛ nwonwa sɛ ɛnnɛ, nnipa pii afa no sɛ Bible bara nneɛma nyinaa ho nimdeɛ a obi bɛhwehwɛ katee. Nanso so ɛte saa ankasa? So Bible no mma kwan sɛ obi de n’adwene bɛyɛ nea ɔpɛ?
‘Fa W’adwene Nyinaa Dɔ Yehowa’
Bible no nkasa ntia obi adwene a ɔde bedi dwuma. Nokwarem no, Yesu hyɛɛ yɛn mu biara nkuran sɛ ‘yemfi yɛn adwene nyinaa mu nnɔ Yehowa.’ (Marko 12:30) Ne som adwuma no kyerɛ sɛ na n’ani gye ho yiye sɛ obehu wiase nsɛm a ɛresisi (Luka 13:1-5), abɔde a nkwa wom ho nimdeɛ (Mateo 6:26, 28; Marko 7:18, 19), kuayɛ ho nsɛm (Mateo 13:31, 32), ne sɛnea nnipa su te (Mateo 5:28; 6:22-24). Ne mfatoho ahorow no da no adi sɛ na ɔwɔ Onyankopɔn Asɛm no mu nnyinasosɛm ahorow ne n’atiefo amammerɛ ne wɔn nsusuwii ho ntease kɛse, na ɔde ahwɛyiye susuw ɔkwan a obetumi afa so ama Bible no afa wɔn ho ho.
Paulo tuu Kristofo nyinaa fo sɛ womfi wɔn “adwene” mu mfa wɔn som mma Onyankopɔn. (Romafo 12:1) Ɔhyɛɛ Tesalonikafo no nkuran sɛ wɔmmma nnaadaasɛm a ‘wɔnam ahonhommɔne so ka nnnan wɔn adwene.’ (2 Tesalonikafo 2:2) Ná ɔwɔ Helafo ne Kretafo anwensɛm (Asomafo no Nnwuma 17:28; Tito 1:12), ne asraafo nneɛma ne wɔn dwumadi ho nimdeɛ (Efesofo 6:14-17; 2 Korintofo 2:14-16). Afei nso ɔhyɛɛ amammerɛ a ɛwɔ aman ahorow mu nsow.—Asomafo no Nnwuma 17:22, 23.
Ɛwom sɛ Yesu ne Paulo de wɔn adwene susuw nneɛma pii ho de, nanso wɔammu wɔn ho sɛ wɔn na wɔwɔ tumi sɛ wɔkyerɛ nea eye ne nea enye nyinaa. Sɛ́ anka Yesu de n’ankasa nsusuwii bedi Bible no so no, ɔfaa Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm kae mpɛn pii. Mmuae a emu yɛ den a ɔde maa Petro ntɛmso bere a ɔhyɛɛ no sɛ ɔnkwati owu a na Onyankopɔn pɛ sɛ owu de bɔ afɔre no kyerɛ sɛ saa adwene no amma ne tirim mpo. (Mateo 16:22, 23) Saa ara na Paulo ka kyerɛɛ Korintofo no sɛ: “Bere a mebaa mo nkyɛn no, mamfa anotew anaa nyansapɛ ammɛhoahoa me ho, na mmom nea Onyankopɔn asi so dua kɛkɛ na mebɛka kyerɛɛ mo.” (1 Korintofo 2:1, The Jerusalem Bible) Te sɛ Yesu no, na ne nsusuwii gyina Kyerɛwnsɛm no so koraa.—Asomafo no Nnwuma 17:2.
Bible no hyɛ obi adwene a ɔde bedi dwuma akosi ase ho nkuran, nanso ɛsɛ sɛ anohyeto ba mu. Nanso, ɛnyɛ asafo no na ɛsɛ sɛ ɔhwɛ ma yɛn nsusuwii ne Yehowa de hyia, na mmom Kristoni ankorankoro biara. Enti, bere a Efesofo dodow bi gyaee wɔn ahonhonsɛmdi wɔ baguam bɛyɛɛ Kristofo no, Paulo amfa anto ne ho so sɛ ɔbɛhyew wɔn nhoma ahorow no, na mmom “wɔn a wɔyɛ asumanne no dodow bi boaboaa wɔn nhoma ahorow no ano, na wɔhyew no baguam.” (Asomafo no Nnwuma 19:19, JB) Dɛn nti na saa Kristofo yi tee nka sɛ ɛho hia sɛ wɔhyew wɔn ankasa nhoma ahorow no?
Ahobammɔ Kwan a Edi Kan
Susuw mfatoho yi ho. Mpɛn pii no, wɔkyekyɛ asraafo dɔm mu pii de bɔ ɔman ho ban wɔ ɔko mu. Ɔsahene a ne ho akokwaw biara nni hɔ a ɔbɛte nka sɛ afã ahorow yi bi ho nhia nti ɛnsɛ sɛ wɔko bɔ ho ban. Ahobammɔ akwan pii wɔ ɔko a Kristoni ko tia bɔne no nso mu.
Yakobo 1:14, 15 ka sɛ “wɔsɔ obiara hwɛ a, na ɛyɛ n’ankasa akɔnnɔ a egyigye na ɛdaadaa no na ɛsɔ no hwɛ; ansa na akɔnnɔ no nyinsɛn a, ɛwo bɔne.” Ade a edi kan a obi yɛ ansa na wayɛ bɔne ne akɔnnɔ bɔne a osusuw ho wɔ n’adwene mu. Enti, ahobammɔ kwan a edi kan ne sɛ obi bɛkwati sɛ obenya akɔnnɔ—ɔbɛhyɛ ne nsusuwii so.
Ɛyɛ abusuabɔ a ɛda nsusuwii ne nneyɛe mu yi nti na Bible no bɔ kɔkɔ sɛ: “Munnwen nea ɛwɔ soro, na ɛnyɛ nea ɛwɔ asase so.” (Kolosefo 3:2) Sɛ Kristofo pow sɛ wɔde wɔn adwene besi ɔbrasɛe, ahonhonsɛmdi, anaa ɔwae so a, ɛnyɛ sɛ wosuro sɛ saa nsusuwii no betumi adi Bible nokware so nti na wosi saa gyinae yi, na mmom wɔpɛ sɛ wɔkwati biribiara a ebetumi atwetwe wɔn akɔ bɔne mu ntia.
‘Ade Nyinaa so Abue’
Ade titiriw foforo nti a ɛsɛ sɛ yɛhyɛ yɛn nsusuwii so ne ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa, ne obu a yɛkyerɛ wɔ yɛn nsusuwii a otumi hu no ho. Fa no sɛ wowɔ adamfo bi a wopɛ n’asɛm paa anaa obusuani bi a ɔbɛn wo a ne ho mpɛ fĩ anaa mfuturu koraa. So worento nsa mfrɛ w’adamfo no mma wo fie bio esiane sɛ wompɛ sɛ wotew wo fie hɔ kakra ka ho nti? So ɔdɔ renka wo mma wommɔ wo ho mmɔden kakra sɛnea ɛsɛ mfa nsiesie hɔ? Dwom 44:21 kyerɛ sɛnea Yehowa ani wɔ yɛn komam nsusuwii so no: “Onim komam ahintasɛm.” Paulo kae sɛ yebebu saa nsusuwii no ho akontaa: “Enni abɔde biara a ɛnna adi n’anim, na ade nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue, nea yɛne no wɔ asɛm no anim.”—Hebrifo 4:13; Dwom 10:4; Mmebusɛm 6:16, 18.
Hiob gye toom sɛ onipa bebu ne nsusuwii ho akontaa akyerɛ Onyankopɔn. “Hiob . . . [kɔbɔɔ] ɔhyew afɔre . . . , efisɛ Hiob [kae] sɛ: Ebia me mma no ayɛ bɔne na wɔadome Onyankopɔn wɔn koma mu.” (Hiob 1:5) Yehowa betumi abu bɔne a obi hyɛ da susuw ho kɛkɛ sɛ ɛyɛ bɔne.—Fa toto Exodus 20:17 ho.
Ahofadi a Edi Mu a Yɛde Besusuw Nsɛm Ho
Bible no hyɛ Kristoni biara nkuran sɛ ɔmfa nyɛ ne botae sɛ ‘ɔbɛfa adwene nyinaa nnommum de ahyɛ Kristo asoɔmmerɛw ase.’ (2 Korintofo 10:5) Ɛnyɛ anohyeto a nyamesom akannifo de to nkurɔfo so na wɔnam so yɛ eyi, na mmom wɔnam ahosodi ne Yehowa ne Ne nnyinasosɛm ahorow ho dɔ ne ntease a ankorankoro biara benya so. Sɛ yetumi yɛ saa a, yebetumi de yɛn adwene ayɛ nea yɛpɛ ankasa, a Onyankopɔn nnyinasosɛm nkutoo na ɛto ano hye, na nea ɛhyɛ mu den ne nim a yenim sɛ wɔ yɛn nsusuwii mpo mu no, yɛsɔ Yehowa ani.
[Kratafa 23 mfonini]
Efi nhoma, Bildersaal deutscher Geschichte mu