Ma W’ani Nnye Afoforo Ho
“Mommma obiara nnhwɛ ne nko ade, na mmom ɔnhwɛ ma mfɛfo de bi.”—FILIPIFO 2:4.
1, 2. Ntease horow a enti ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye afoforo ho no bi ne nea ɛwɔ he?
YƐWƆ ntease pa a enti ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye afoforo ho. Sɛ nhwɛso no, ɛsɛ sɛ yɛn ani gye mfɛfo nnipa ho ɛfis ɛsono yɛn mu biara. Awosu mu nneɛma a ɛwɔ yɛn nipadua nkwammoaa ahorow no mu na ɛkyerɛ nea yebenya afi awo mu. Ɛyɛ soronko araa ma wɔn a wɔhwehwɛ nsɛmmɔnedifo de awosu mu “nsa ano nsɛnkyerɛnne” aka nneɛma ahorow a wɔde hu nsɛmmɔnedifo no ho.
2 Ntease afoforo a enti nsonsonoe wɔ yɛn mu na ani gye yɛn ho sɛ ankorankoro wɔ hɔ. Efi nyinsɛn mu no, nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no nya yɛn so nkɛntɛnso Adanse pii wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ mmofra a wonnya nwoo wɔn yɛ nea ɛkɔ so wɔ yafunu akyi no ho ade. Afei, bere a yɛaba wiase sɛ wɔn a wɔn ankasa home, anaasɛ akra no, yɛn awofo su ne wɔn akwan nya yɛn so nkɛntɛnso. Bere a yenyin no, ebia na yɛn nkutoo ne yɛn awofo ba anaasɛ nuabarimanom ne nuabeanom bɛka ho ma yenya wɔn hwɛ mu kyɛfa. Fekubɔ a ɛte saa anaasɛ ɛno a yɛrennya no ka yɛn nyin. Nea yɛkenkan, nea wɔkyerɛ yɛn sukuu mu, ne nea yɛhwɛ wɔ television so nso nya yɛn nsusuwii ne yɛn nneyɛe so nkɛntɛnso.
3. Nea ɛne Filipifo 2:4 hyia no, anigye bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ afoforo ho titiriw?
3 Enti, sɛnea yɛyɛ soronko no ma yenya yɛn ho yɛn ho ho anigye. Nanso na ɔsomafo Paulo wɔ ntease a ɛkorɔn a enti ɛsɛ sɛ yɛn ani gye afoforo ho wɔ n’adwene mu. Enti, ɔhyɛɛ mfɛfo Kristofo sɛ ‘wɔnnhwɛ wɔn nko ade, na mmom wɔnhwɛ wɔn mfɛfo de bi.’ (Filipifo 2:4) Sɛ́ anka yɛbɛhwehwɛ yɛn ankasa mfaso no, ɛsɛ sɛ yɛn ani gye afoforo ho titiriw honhom mu. Ɛnde, akwan a yebetumi afa so anya afoforo ho anigye saa no bi ne nea ɛwɔ he?
Honhom mu Nneɛma ho Anigye ne Nipasu mu Nsonsonoe
4. Sɛnea Efesofo 4:22-24 kyerɛ no, nsakrae ahorow bɛn na ɛma afoforo ho a yɛn ani gye honhom mu no yɛ kɛse?
4 Yɛn ani a egye afoforo ho honhom mu no yɛ kɛse bere a yɛn ankasa de Kyerɛwnsɛm mu nokware di dwuma na yesua sɛ yebedi Yesu Kristo nhwɛso akyi no. (1 Petro 2:21) Sɛ nokware Kristofo no, ‘yeyi yɛn kan abrabɔ mu onipa dedaw no kyene’ na yɛyɛ adwuma de “onipa foforo a wɔbɔɔ no Nyankopɔn so, nokware trenee ne ahotew mu” hyɛ ananmu. (Efesofo 4:22-24) Enti, ayamye ne afoforo ho a wodwen de nkakrankakra rehyɛ pɛsɛmenkominya su horow ananmu.—Yesaia 65:25.
5. Dɛn nti na nipasu ahorow a ɛsonsonoe wɔ Kristofo asafo no mu, na asemmisa bɛn na ɛma ɛsɔre?
5 Ɛwom sɛ Yehowa nkurɔfo ayeyɛ nsakrae akɛseakɛse wɔ wɔn nipasu mu de, nanso bɔne su horow da so ara wɔ hɔ. Paulo mpo gye toom sɛ: “Me a mepɛ sɛ meyɛ nea eye no, bɔne wɔ me hɔ.” (Romafo 7:21) Nokwarem no, su horow binom a yenya fii awo mu ne nea yesuae wɔ hɔ, na eyinom ma yɛda nsow. Ebinom wɔ adwinnidi ho mmɔdenbɔ, afoforo nso tumi pɛɛpɛɛe nneɛma mu. Bere a ebinom mpɛ kasa na wɔne afoforo mmɔ nkɔmmɔ no, afoforo ani so yɛ hyew na wɔpɛ nnamfofa. Ɛnde, ɔkwan bɛn so na yebekura biakoyɛ mu wɔ Kristofo asafo no mu wɔ nipasu mu nsonsonoe a ɛtete sɛɛ mu?
6. Ɛsɛ sɛ yebu nipasu mu nsonsonoe ahorow dɛn, na ɔkwan bɛn so na wobɛyɛ eyi ho nhwɛso?
6 Sɛ yebetumi akyerɛ afoforo ho anigye honhom mu na yɛakora Kristofo biakoyɛ so a, ɛsɛ sɛ yehu sɛnea nneɛma te ankasa na yenya ntease. Esiane sɛ Onyankopɔn nhwehwɛ pɛyɛ mfi yɛn hɔ nti, ɛnsɛ sɛ yebisa fi yɛn mfɛfo Kristofo nkyɛn. Bio, Yehowa nhwɛ kwan sɛ ne nkoa nyinaa bɛyɛ pɛpɛɛpɛ. Kristofo asafo no mu no, yɛn nyinaa wɔ yɛn afã na yebetumi de yɛn tumi horow a wɔde woo yɛn, nea Onyankopɔn de maa yɛn no aboa ama n’adwuma akɔ so. (1 Korintofo 12:12-16) Sɛ yɛkɔ so yɛ adwuma a yenni adagyew wɔ asafo no Ti a ɔne Yesu Kristo no ase a, yɛrennya bere nkasa ntia ɔfoforo. (1 Korintofo 4:1-4) Sɛnea odwumfo nim no, wɔasiesie adwinnade biara ama adwuma pɔtee bi. So asae betumi abɔ tokuru fɛfɛ a fitii bɔ no? So apaso dade betumi de skruu abɔ dua mu? Dabi, efisɛ adwinnade biara wɔ n’adwuma a ɛfata.
7. Bere a yɛbom nya Ahenni som mu kyɛfa no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem titiriw?
7 Ahenni dwom a ɛne “Anigye Som” no nsɛm no yɛ nokware dɛn ara! Ɛhyɛ yɛn sɛ: “Anigye so momma yɛnsom yɛn Hene, yɛmfa akyɛde nyinaa nyɛ adwuma.” Ampa, ebia na yenni tumi soronko biara. Nanso, yɛma adwuma a wɔde ama yɛn sɛ Yehowa Adansefo no tra yɛn adwenem titiriw na yefi yɛn komam de yɛn ho ma. Sɛnea dwom no de ka ho no: “Yɛn som no sua de, nanso yɛde kyerɛ yɛn koma ahofama nyinaa ne yɛn dɔ.”—Sing Praises to Jehovah, dwom 130.
Bu Afoforo sɛ Wɔkorɔn
8. Ɔkwan bɛn so na nea Paulo kae wɔ Filipifo 2:1-3 no a wɔde di dwuma no de biakoyɛ ba?
8 Afoforo a obi bu wɔn sɛ wɔkorɔn sen no no nso de biakoyɛ ba. Paulo kyerɛwee sɛ: “Enti sɛ Kristo mu afotu bi, sɛ ɔdɔ awerɛkyekye bi, sɛ honhom ayɔnkofa bi, sɛ ayamhyehye ne timmɔbɔ bi wɔ hɔ a, momma m’anigye nwie du sɛ mubedwen ade koro anya ɔdɔ koro, ɔkra koro, ne adwenkoro.” Hyɛ no nsow sɛ Paulo de ka ho sɛ: “Munnnwen biribi atutupɛ anaa anuonyamhunupɛ so, na mmom momfa ahobrɛase adwene mmu mo yɔnkonom nkyɛn mo ankasa mo ho.”—Filipifo 2:1-3.
9. Sɛ́ obi bɛyɛ atutupɛ ne ahomaso no kyerɛ dɛn, na ɔkwan bɛn so na yebetumi akwati su ahorow yi?
9 Esiane sɛ otutupɛfo mmu afoforo sɛ wɔkorɔn sen no nti, ɔda “akasakasa ne akyinnyegye su a mpɛn pii no ntease nnim na ɛhyɛ brɛ” adi. (Webster’s New Collegiate Dictionary) Ebia saa su yi bɛda ne ho adi wɔ “nsɛm ho akyinnyegye” mu. (1 Timoteo 6:4, New World Translation) Ampa, ɛsɛ sɛ honhom a ɛhyɛ nsɛm ne nsusuwii akyi no ho asɛm hia yɛn titiriw. Enti kwati yɛ a wobɛyɛ obi a nsɛm bi a wɔka anaasɛ wɔkyerɛw ho hia no sen biara no. Na sɛ obi ka gyidi bi ho adwene a ɛsono kyerɛw no nso ɛ? Bata nea Onyankopɔn nam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so fi Kyerɛwnsɛm mu de ama no ho nokwaredi mu. (Mateo 24:45-47) Anyɛ yiye koraa no, saa kwan no so na yesuaa nokware no nea edi kan. Eyi a yebehu no boa yɛn ma yekwati ahomaso a yɛbɛyɛ, kyerɛ sɛ, nya a yebenya hia a yɛn ho hia ho adwene a wɔagugu mu.
Nya Afoforo ho Anigye
10. Ɛsɛ sɛ wɔde Filipifo 2:4 di dwuma dɛn wɔ asafo no mu?
10 Kae sɛ Paulo hyɛɛ yɛn sɛ ‘yɛnnhwɛ yɛn nko ade, na mmom yɛnhwɛ yɛn mfɛfo de bi.’ (Filipifo 2:4) Eyi kyerɛ dɛn? Sɛnea nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no a yɛbɛhyɛ no nsow no betumi aboa yɛn wɔ asɛnka mu no, saa ara na afoforo a wɔwɔ asafo no mu yiyedi a yɛbɛma yɛn ani agye ho bɛma yɛanya hokwan ahorow de ama ɔdɔ a ɛka yɛn bom no mu ayɛ den. Mpanyimfo titiriw wɔ asɛyɛde sɛ wobesusuw mfɛfo gyidifo ho, efisɛ ɛbɛ bi se: “Ohu na hu sɛnea wo nguan ho te.” (Mmebusɛm 27:23, New World Translation) Nokwarem no, yɛn nyinaa betumi ayɛ na ɛsɛ sɛ yɛyɛ aso wɔ yɛn mfɛfo gyidifo ahiade ahorow ho.—1 Petro 2:17.
11. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yetie bere a yɛne yɛn honhom mu nuanom kasa no?
11 Ɔkwan foforo a wobɛfa so ama biakoyɛ aba na woanya afoforo ho anigye ne sɛ wubegye bere na wo ne wo honhom fam nuanom abɔ nkɔmmɔ. Hu nea wosusuw. Wubetumi ayɛ eyi bere a wokɔsra wɔn wɔn fi, ansa na wobefi nhyiam horow ase wɔ Ahenni asa so ne ɛno akyi, ne bere a yɛasɔre wɔ yɛn nhyiam horow ase no. Na sɛ wɔkasa a tie no yiye. Eyi kyerɛ sɛ ebia yɛbɛte nsɛnnennen a wohyia ho asɛm, nanso ebia yebetumi aboa wɔn ma wɔasoa wɔn nnosoa no na yɛnam saayɛ so awie Kristo mmara no sodi. (Galatifo 6:2) Nanso, biribi a ɛsen yɛn nuanom a yɛne wɔn kasa no bɛbɔ asafo no biakoyɛ ho ban. Eyi ne dɛn?
Da Tema Adi
12. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛda tema adi?
12 Tema nso de Kristofo biakoyɛ ba. Esiane sɛ asetra mu nhyɛso kɔ so yɛ kɛse nti, ɛho hia sɛ yɛn nyinaa yi saa su yi adi. Mommma ɛmma da sɛ biribi a ɛwɔ yɛn adwenem begye yɛn adwene araa ma ɛremma yensusuw afoforo nkate ho. Sɛ nhwɛso no: Bere a obi a ɔwɔ ɔfã wɔ Ɔsom Nhyiam mu bae ara pɛ no, ɔpanyin biako kaa asɛm bi a ɛsɛ sɛ wɔbɔ ho nkae ho asɛm ntɛm ara. Nea ɛyɛɛ ɔpanyin no ahodwiriw ne aniwu no, nea ɔwɔ dwumadi no hwɛɛ no, ɔserew n’ano, na ɔkae sɛ: “Onua, nea edi kan no, mema wo adwo!” Wosusuw asɛm a wɔbɛbɔ ho nkae no ho bere a wɔakyiakyia wɔn ho wɔn ho adamfofa kwan so no akyi na onua no ho dwoo no. Asuade bɛn ara na ɔpanyin no suae sɛɛ yi! Mpɛ ntɛm dodo, na ama woabu w’ani agu nidi ahorow a ɛma wo ne afoforo abusuabɔ yɛ anigye no so.
13. Tema ka mpanyimfo ma wɔyɛ dɛn wɔ wɔne wɔn mfɛfo Kristofo nsennii mu?
13 Tema ka mpanyimfo ma wɔda ayamhyehye ne su pa afoforo adi. Ɛtɔ mmere bi a ɛsɛ sɛ saa mmarima yi dwo, ‘sɛnea ɔbagyigyefo bi yɛn n’ankasa mma.” (1 Tesalonikafo 2:7) Ankorankoro binom a wɔbɛboa wɔn hwehwɛ sɛ wonya boasetɔ ne mmoa a efi ɔdɔ mu. Ebia ‘wɔn a wɔagyaw wɔn kan dɔ no’ behia sɛ wɔkanyan wɔn ma wɔyɛ adwuma kɛse na wɔboa wɔn ma wonya gye a mmere no gye ntɛmpɛ no ho anisɔ. (Adiyisɛm 2:4; 2 Timoteo 4:2; Hebrifo 6:11, 12) Te sɛ Paulo no, mpanyimfo ‘pɛ’ wɔn mfɛfo Kristofo ‘asɛm’ na wotu wɔn fo sɛ ‘wɔnnantew sɛnea ɛsɛ Onyankopɔn.’—1 Tesalonikafo 2:8, 11, 12.
14. Adanse bɛn na Paulo de mae sɛ na ɔwɔ tema?
14 Paulo gyaw nhwɛso fɛfɛ maa mpanyimfo wɔ sɛnea wosusuw honhom fam nuanom yiyedi ho ɔdɔ mu no mu. Ɔkyerɛwee sɛ: “Nea ɛbatabata ho no nkamfuaw, nea ɛkyere me so daa ne asafo no nyinaa ho dadwen. Esiane sɛ na Paulo dwen wɔn ho sɛɛ nti, na obetumi abisa sɛ: “Hena na ɔyɛ mmerɛw, na menyɛ mmerɛw bi? Hena na wɔto no hintidua, na me yam nhyehye me?” Sɛ woyɛ ɔpanyin a, so wowɔ tema a ɛte saa?—2 Korintofo 11:28, 29.
Nya a Wubenya Wo Nua
15. Sɛ nsɛnnennen a anibere wom sɔre anuanom ntam a, Yesu afotu bɛn a ɛwɔ Mateo 18:15 na ɛsɛ sɛ wodi akyi, na dɛn na ɛsɛ sɛ ɛyɛ wɔn botae?
15 Tema a woyi adi de biakoyɛ ba Yehowa nkoa mu. Nanso, nnakoro nnakoro bi no, ntawntawdi sɔre. Sɛ ɛyɛ nsɛm a anibere wom a, ɛsɛ sɛ Kristofo di Yesu afotu a wɔakyerɛw ato hɔ wɔ Mateo 18:15-17 no akyi. Hyɛ adeyɛ a edi kan no nsow. Ɛne sɛ wo ne wo nua no nkɔkasa kokoam sɛnea ɛbɛyɛ a ‘wobeyi no ntɛn.’ Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛyɛ wo botae? Ɛdɛn, sɛ ‘wubenya wo nua’! Yesu kae sɛ: “Sɛ otie wo a, woanya wo nua.” Nea ɛyɛ anigye no, mpɛn pii no kasa a wone no bɛkasa kokoam no ne nea ehia nyinaa na ama asomdwoe asan aba wo ne wo yɔnko Yehowa somfo ntam.
16. Sɛ wuhu sɛ wo nua wɔ biribi tia wo a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?
16 Sɛ wuhu sɛ wo nua wɔ biribi tia wo a, di Yesu afotu a ɛne sɛ “wo ne wo nua nkɔbom” no akyi. (Mateo 5:24) Monka asɛm no odwo ne ayamye mu, na mommɔ mmɔden sɛ obiara bɛte ne yɔnko nsusuwii ase. Saa kwan yi so no, mpɛn pii no wobetumi asiesie asɛm no na asafo no asomdwoe atra hɔ.
Wɔn a Wonnye Nni a Wobenya Wɔn
17, 18. Afotu bɛn na Petro de maa Kristofo ɔyerenom a wɔte afi a emu apaapae ɔsom mu mu no?
17 Tebea horow a ɛsɛ sɛ wɔde Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm di dwuma wom a emu yɛ den sen biara ne afi a ɛsono obiara som mu. Kristofo pii yɛ adwuma nokwaredi mu bere a wogyina ahoyeraw ne nsɛnnennen a honhom mu biakoyɛ a enni wɔn aware mu de ba ano no. Ɔkwan bɛn so na wobetumi aboa wɔn?
18 Esiane sɛ mpanyimfo ani gye afoforo ho nti, wɔde anigye de honhom fam mmoa ma wɔn a wɔte afi a emu apaapae ɔsom mu mu no. Sɛ nhwɛso no, ebia wɔbɛdan adwene akɔ Petro afotu a ɛfa Kristofo yerenom abrabɔ ho wɔ saa tebea yi mu no so. Ɔka kyerɛ wɔn sɛ wɔmmrɛ wɔn ho ase mma wɔn kununom, sɛ wɔnnyɛ gyidifo na ‘wontie asɛm no’ mpo a. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase? “Na wɔafa ɔyerenom abrabɔ . . . so anya wɔn.” (1 Petro 3:1) Nanso saa afotu yi a wɔde bedi dwuma no tu mpɔn dɛn?
19. Ma nhwɛso bi fa yɛ mfaso a ɛwɔ 1 Petro 3:1 a wɔde di dwuma no so no ho mfatoho.
19 Ɔbea bi a wɔfrɛ no Vera gye tom sɛ mfiase a ɔbɛyɛɛ Kristoni no, na ɔtaa ka Bible mu nokware no ho asɛm kyerɛ ne kunu, na ɛfonoo no. Ɔde ka ho sɛ: “Me nsa kaa Kyerɛwnsɛm mu afotu bi a me nsa ka fii ɔpanyin bi hɔ akyi no, misii gyinae sɛ eye sɛ mɛyɛ anifere na matwɛn kosi sɛ menya hokwan ahorow a eye. Vera de 1 Petro 3:1 dii dwuma titiriw, ɛwom sɛ na egye sɛ odi kan yɛ ade de kanyan ne kunu Barry ma wosusuw Bible mu nnyinasosɛm ahorow ho de. Ne kunu no kyerɛkyerɛɛ mu akyiri yi sɛ: “Mfe no mu no, mihui sɛ na Nyan! [Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no hokafo] deda mmeae a ɛnyɛ ɛhɔ na wɔde to wɔ fie hɔ. Na nsɛm a eye na ɛtɔ mmere bi a wɔkyerɛw ansa na aba atesɛm ahorow mu no wom. Nea efii mu bae ne sɛ, wɔ mfe 20 mpaapaemu akyi no, Barry ne Vera ani agye sɛ wɔaka abom wɔ Yehowa som mu.
20. Mmoa bɛn na mpanyimfo betumi de ama Kristofo okununom a wɔwɔ afi a emu paapae ɔsom mu mu no?
20 Sɛ okunu a ogye di yere sɔre tia nokware Kristosom na ɔkanyan wɔn mma tia no a, ohyia nsɛnnennen akɛse. Sɛ mpanyimfo rekyerɛ ɔbarima a ɔte saa ho anigye a, wobetumi atwe adwene akɔ Bible mu nnyinasosɛm ahorow a ɛboa so. Sɛ nhwɛso no, wobetumi ada no adi akyerɛ sɛ wɔ ne yere ɔsɔretia nyinaa akyi no, ɔne abusua no ti na ɛsɛ sɛ ɔde Kyerɛwnsɛm mu kyerɛkyerɛ ma ne mma. (Efesofo 6:4) Wobetumi akyerɛ no sɛ ɔne ne yere ntra “nimdeɛ mu,” na ɔnkyerɛ nea ɔyɛ ho anigye na ɔmmoa no ofie nnwuma ne mmofra no hwe mu. (1 Petro 3:7) Nea ɛsen ne nyinaa no, ɛsɛ sɛ wɔhyɛ okunu gyidini no nkuran ma ɔma nkɔmmɔbɔ ho kwan da hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a obehu nea ɛwɔ n’abusua no muni biara komam. Mpanyimfo no betumi ahyɛ no nkuran nso sɛ ɔnkɔ so mmɔ mmɔden mmoa ne yere no denam nsɛm a “nkyene wom” so, na ɔmfa anifere nka Kyerɛwnsɛm mu nokware no nkyerɛ no mmere a ɛfata mu.—Kolosefo 4:6.
21. Ɔkwan bɛn so na wobetumi aboa ɔyere a onnye nni ma n’ani abegye nokware no ho?
21 Ɛtɔ mmere bi a Kristofo a wɔwɔ afi a emu apaapae ɔsom mu mu no abusuafo ho anigye a wɔkyerɛ ma wɔyɛ Ahenni nkrasɛm no ho biribi. Sɛ yɛbɛyɛ ho nhwɛso a: Kristoni ɔbarima bi abaw mu bui efisɛ na ne yere asɔre atia no dennen mfe pii. Ɔpanyin bi kae sɛ ɔbɛkɔ akɔboa denam Bible mu nkɔmmɔbɔ so. Bere a ɔpanyin no duu fie hɔ no, okyiaa ɔyere no fɛw so na obisae sɛ: “So ɛbɛhaw wo sɛ wo ne yɛn bɛtra ase?” Nsa a wɔto frɛɛ ɔbea no adamfofa kwan so no kaa ne koma araa ma ɔde anigye kɔtraa nkɔmmɔbɔ no mu. Ankyɛ na ogyee nokware no na ofii ase kaa asɛm kyerɛɛ afoforo.
22. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye yɛn ho yɛn ho ho?
22 Ɛnde, sɛ Yehowa Adansefo no, momma ‘yɛnyɛ ade nyinaa asɛmpa no nti.’ (1 Korintofo 9:23) Ampa ara, “yɛwɔ bere a ɛfata yi, momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye, titiriw no, wɔn a wɔyɛ gyidi fifo.” (Galatifo 6:10) Ɛmmra sɛ yebenya yɛn ho yɛn ho anigye sɛnea ɛbɛyɛ a ɔdɔ bɛkɔ so yɛn wiase nyinaa onuayɛ no mu.
Wubebua Dɛn?
◻ Dɛn titiriw nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn anigye afoforo ho?
◻ Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya mfɛfo gyidifo ho anigye?
◻ Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo betumi ada tema adi?
◻ Dɛn na ebetumi afi wɔn a wonnye nni ho anigye a yebenya mu aba?