Hwɛ Wo Ho Yiye Wɔ Tumi A Wɔmmfa Nni Dwuma Wɔ Ɔkwan A Ɛteɛ So Ho
“[Yehowa] suro ne bɔne tan: Ahokyerɛ ne ahantan ne ɔkwammɔne ne akɔntɔnkyesɛm ano na mikyi.”—MMEBUSƐM 8:13.
1. Ɔkwan biako a onipa a ɔnyɛ pɛ koma no da no adi sɛ ɛyɛ okontomponi no ne nea ɛwɔ he?
AKYINNYE biara nni ho sɛ pɛsɛmenkominya mu a wofi de tumi di dwuma wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so no ka akwammɔne a Yehowa kyi no ho. N’asɛm no bɔ yɛn kɔkɔ wɔ adesamma a wɔnyɛ pɛ su yi ho, efisɛ onim sɛnea ɔdesani koma no te. Yɛkenkan sɛ: “Koma wɔ hɔ yi, ɛyɛ okontomponi sen ade nyinaa na emuɔ, hena na obenya mu ahuye? Me, [Yehowa], na mehwehwɛ koma nyinaa mu, mesɔ asaabo mehwɛ, na mema obiara sɛ n’akwan te, sɛ ne nsenii aba no te.”—Yeremia 17:9, 10.
2. Tumi taa ma wɔn a wɔwɔ bi no yɛ dɛn?
2 Ɛyɛ ntease pa nti na Onyankopɔn Asɛm no bɔ yɛn kɔkɔ wɔ tumi a wɔmmfa nni dwuma wɔ ɔkwan a ɛteɛ so ho no. Tumi a wɔtaa de di dwuma wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so yi yɛ nokware araa ma Engiresini ɔdenimfo bi kae sɛ: “Tumi ma obi sɛe, tumi a anohyeto nnim ma obi sɛe koraa.” Ɔkae nso sɛ: “Wɔ nneɛma ahorow a ɛbrɛ nnipa ase na ɛsɛe wɔn koraa no nyinaa mu no, tumi ne nea ɛtaa ma ɛba saa kɛse a ano yɛ den sen biara.” Sɛnea yɛahu wɔ adesua a edi kan no mu no, ɛnyɛ tumi na ɛma obi sɛe ankasa, nanso ɛyɛ nea ɛno ho asiane wɔ hɔ.
3. Nnipa ntam abusuabɔ ahorow bɛn mu na wobetumi de tumi adi dwuma wɔ ɔkwammɔne so, na dɛn nti na ebetumi aba saa?
3 Henanom na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ yiye wɔ tumi a wɔmmfa nni dwuma wɔ ɔkwan a ɛteɛ so no ho? Obiara! Ɛkame ayɛ sɛ wɔ nnipa ntam nkitahodi biara mu no, tebea horow bi wɔ hɔ a ɛma obi nya hokwan bi sen afoforo, sɛ ebia n’ahonyade, ne nhomanim, n’ahoɔden, ne dibea, n’ahoɔfɛ, ne nea ɛkeka ho nti. Dodow a eyi yɛ kɛse no, dodow no ara na ɛho sɔhwɛ a ɛbɛma wode adi dwuma wɔ pɛsɛmenkominya mu no yɛ kɛse. Dɛn ntia? Efisɛ “onipa komam adwene yɛ bɔne fi ne mmofraase.” (Genesis 8:21) Yiw, onipa a ɔnyɛ pɛ koma no yɛ “okontomponi,” ɔdaadaafo a ɔtɔ kɔ bɔne so.—Yeremia 17:9.
Kristofo Mpanyimfo
4. Afotu pa bɛn na Yetro de maa Mose a ɛkyerɛ hwɛ a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ yiye wɔ sɔhwɛ a ɛka tumi a wonya ho no ho?
4 Ma yenni kan nsusuw mpanyimfo, ahwɛfo a wɔwɔ Kristofo asafo no mu no ho. Sɛ yesusuw nea wɔhwehwɛ wɔ wɔn ho no ho a, yebetumi akae asɛm a Yetro ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔmpaw mmarima na ɔmfa wɔn nsisi nnipa apem apem, ɔha ɔha, aduonum aduonum, ne du du so no: “Yiyi ɔman no nyinaa mu mmarima a wɔyɛ den, wosuro Onyankopɔn, wɔyɛ anokwafo na wɔnnyɛ sikanibere.” (Exodus 18:21) Ná wobetumi de sohwɛ adwuma ahyɛ mmarima a wɔte sɛɛ nsa. Wɔremfa hokwan a wɔn dibea sɛ ahwɛfo no ma wonya no nni dwuma wɔ ɔkwammɔne so, efisɛ Onyankopɔn suro kyerɛ kyi a wokyi bɔne. Mmarima a wɔte sɛɛ ‘renyɛ sikanibere’ na wɔn ani rennye ho sɛ wɔbɛyɛ saa nso.
5. Dɛn nti na afotu a ɛwɔ 1 Petro 5:2, 3 no fata, na ɔkwan bɛn so na wobetumi de adi dwuma?
5 Ná ɔsomafo Petro nim sɛ ebetumi aba sɛ mpanyimfo de tumi a wɔwɔ no bedi dwuma wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so, enti yehu sɛ otuu ahwɛfo a wɔwɔ Kristofo asafo no mu fo sɛ: “Monyɛn Onyankopɔn nguankuw a wɔwɔ mo mu no. Monhwɛ wɔn so, ɛnyɛ ɔhyɛ so, na mmom ɔdɔ so, sɛnea Onyankopɔn pɛ; ɛnyɛ adifudepɛ nti, na mmom koma a ɛpɛ nti; ɛnyɛ sɛ wɔn a wodi asafotow no so bakoma, na mmom monyɛ nhwɛso mma nguankuw no.” (1 Petro 5:2, 3) Sɛ́ wɔbɛhwɛ Onyankopɔn nguankuw no esiane mfaso nti no kyerɛ tumi a wɔde di dwuma wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so. Saa ara na nguankuw no a wobedi wɔn so bakoma no bɛkyerɛ tumi a obi wɔ a ɔde di dwuma wɔ pɛsɛmenkominya mu. Sɛ nhwɛso no, ebia na ɔpanyin bi wɔ adwene pɔtee bi a ɛfa sɛnea ɛsɛ sɛ n’abusua mufo siesie wɔn ho ho. Nanso ɛho hia sɛ ɔhwɛ yiye sɛ ɔremfa n’ankasa adwene a ɛte sɛɛ nhyɛ nguankuw no so; saa a ɔbɛyɛ no kyerɛ di a ɔredi wɔn so bakoma.
6. Dɛn ne animhwɛ, na ɔkwan bɛn so na mpanyimfo betumi adi ho fɔ?
6 Sɛ mpanyimfo anhwɛ yiye a, wobetumi adi animhwɛ a ɛno nso yɛ tumi a wɔde di dwuma wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so no ho fɔ. Animhwɛ? Yiw, eyi yɛ Engiresi asɛmfua nepotism no a wɔakyerɛ ase a ɛno nso fi Latin kasa bi mu a ɛkyerɛ “wɔfaasenom” anaasɛ wɔ borɔfo mu no, “nephews.” Wonyaa, asɛmfua yi esiane nneyɛe bɔne bi a ɛkɔɔ so wɔ paapanom ne asɔre no mpanyimfo mu a ɛmaa wɔde asɔre no ne honam fam dom ahorow maa wɔn abusuafo, a ne titiriw ne wɔn nuanom mmarima ne mmea mma no. Wɔka Paapa Nicholas III ho asɛm mpo sɛ “paapanom animhwɛ su no agyapanyin.” Sɛ Kristofo mpanyimfo anhwɛ yiye a, abusuafo betumi anya wɔn so nkɛntɛnso wɔ ɔkwan a ɛmfata so mmom sen sɛ wɔbɛma honhom mu nnyinasosɛm akyerɛ wɔn kwan. Ɔpanyin bi tee nka kɛse sɛ ɛsɛ sɛ wɔkamfo ne babarima kyerɛ sɛ ɔfata sɛ ɔhwɛfo bere a na mpanyimfo a wɔaka no ne no nyɛ adwene no. Eyi nti agya no fii hɔ kɔɔ asafo foforo mu. Wɔ mfe bi akyi no na wɔnyɛɛ ne ba no ɔpanyin ara ɛ. Ɛda adi sɛ agya no maa honam fam abusuabɔ nyaa ne so nkɛntɛnso.
7, 8. Nhwɛso ahorow bɛn na ɛkyerɛ sɛ animhwɛ betumi ayɛ asiane ankasa ama mpanyimfo?
7 Tumi a wɔde di dwuma wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so a ɛne animhwɛ no ho asɛm foforo ba bere a mpanyimfo nyɛ wɔn abusuafo bɔneyɛ ho hwee no. (Fa toto 1 Samuel 2:22-25, 30-35 ho.) Mfe kakraa bi a atwam mu no, nsɛm a ɛyɛ ahobow a ɛfa bɔneyɛ ho sisii wɔ asafo ahorow bi mu wɔ United States fã baabi. Nnansa yi ara nso, nsɛm a ɛtete saa ara sisii wɔ Europa asafo ahorow bi mu. Ná mmofra pii de wɔn ho ahyɛ aguamammɔ, nnubɔne nom, ne nea ɛtete saa mu. Ná eyinom mu pii yɛ mpanyimfo mma a ɛda adi sɛ wɔn mu binom buu wɔn ani guu wɔn mma abrabɔ bɔne yi so. Bere a nokwasɛm no bɛdaa adi no, woyiyii mpanyimfo yi mu pii fii so esiane sɛ wɔanni mpanyimfo a wɔyɛ no ho dwuma wɔ ɔkwan pa so anaasɛ wɔamfa wɔn tumi a wɔwɔ no anni dwuma wɔ ɔkwan a ɛteɛ so nti.
8 Ɛtɔ bere bi a, ɛte sɛ nea su a ɛte sɛɛ da adi bere a ɔpanyin anaasɛ asafo mu ɔsomfo hwɛ nhyiam bi fã a atiefo nya mu kyɛfa so no. Ɛho hia sɛ ɔhwɛ yiye na wanhwɛ nnipa anim. Ebia n’abusua mufo betumi aboa wɔ eyi mu denam wɔn ani a wɔbɛma ada hɔ ama mmuae bere a ɛyɛ nea obiara nkasa no so a ɛnyɛ sɛ wɔbɛpere wɔn ho apɛ sɛ wɔbɛma mmuae bere a afoforo pii bɛpɛ sɛ wɔyɛ saa no.
Ahwɛfo Akwantufo
9. Dɛn ne tumi a wɔde di dwuma wɔ ɔkwammɔne so a wɔfrɛ no borɔfo mu simony no, na dɛn nti na wɔfrɛ no saa?
9 Ɛsɛ sɛ Kristofo a asɛyɛde hyɛ wɔn nsa, titiriw no, ɔwɛn Aban Asafo no ahwɛfo akwantufo, hwɛ yiye sɛ, sɛ́ ɛyɛ nea wohu anaasɛ wonhu no, wɔrenni dibea a wɔde hwehwɛ mfaso, nea wɔfrɛ no borɔfo mu simony no ho fɔ. Wonyaa Engiresi asɛmfua simony no fii Simon a wɔaka ne ho asɛm wɔ Asomafo no Nnwuma 8:9-24 no mu, a ɔno na ɔmaa asomafo no sika sɛ wɔmma no akyɛde a ɛbɛma watumi de honhom kronkron ama nkurɔfo denam ne nsa a ɔde begu wɔn so no so no. Luka kyerɛwtohɔ no se: “Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Wo sika ne wo nyinaa nyera, efisɛ woasusuw sɛ wɔde sika na enya Onyankopɔn akyɛde. Wunni asɛm yi mu kyɛfa anaa apɛgyade, efisɛ wo koma nteɛ Onyankopɔn anim. Enti sakra w’adwene fi wo bɔne yi ho, na srɛ Onyankopɔn sɛ ebia ɔde wo komam adwene no befiri wo.” Eyi nso yɛ adeyɛ bɔne a ɛkɔɔ so wɔ Roman Katolek Asɔre no mpanyimfo mu wɔ mfe bi a atwam no mu. Encyclopedia bi ka sɛ “nsɛmmɔnedi yi bɛyɛɛ nea abu so kɛse wɔ Asɔre no mu wɔ mfeha a ɛto so 11 ne 12 no mu.”
10, 11. Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo betumi atɔ dibea a wɔde pɛ mfaso anaasɛ simony afiri no mu?
10 Ɔkwan bɛn so na Yehowa asomfo betumi adi mfomso a ɛte sɛɛ? Sɛ wɔanhwɛ yiye a, ebia wɔbɛte nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔkamfo ɔpanyin bi kyerɛ ma ɔmansin anaasɛ ɔmantam nhyiam ase dwumadi esiane ahɔhoyɛ su a oyi adi kyerɛ wɔn anaasɛ akyɛde a wonya fi ne hɔ nti. Wɔ nsɛm kakra bi mu no, ɛyɛ nea aba sɛ ɔpanyin bi de akyɛde ma na bere koro no ara mu no obisa sɛ ɛyɛ nea obetumi anya hokwan titiriw bi. Ɛda adi sɛ saafo no mpɛ sɛ wɔyɛ wɔn ade sɛ ‘nnipa a wɔba fam’ na wogyaw ma honhom kronkron no na akyerɛ nnipa a asɛyɛde hyɛ wɔn nsa no kwan wɔ nnipa a wɔpaw wɔn wɔ teokrase kwan so no mu. (Luka 9:48) Wɔ tebea horow a ɛte sɛɛ mu no, wɔapow akyɛde ahorow a ɛte sɛɛ de ayɛ nhwɛso fɛfɛ a ɛkyerɛ sɛ wɔmmfa tumi akyɛde no nni dwuma wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so. Nhwɛso ahorow yi nyinaa kyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ mpanyimfo a wɔbɔ mmɔden kɛse no hwɛ yiye sɛnea ɛbɛyɛ a wɔremfa wɔn dibea nhwehwɛ mfaso no.
11 Bio nso, ɛtɔ bere bi a, ebia ɛho behia sɛ ɔhwɛfo kwantufo de afotu a emu yɛ den ma ɔpanyin bi. Nanso sɛ ɛyɛ nea saa ɔpanyin no taa ma ɔhwɛfo kwantufo no akyɛde ahorow anaasɛ oyi ahɔhoyɛ su adi kyerɛ no a, ebia ɛbɛyɛ den ama no sɛ ɔde afotu a ɛyɛ tẽẽ bɛma no. So ɔbɛma nneɛma ho a obesusuw wɔ pɛsɛmenkominya mu no asiw no kwan wɔ n’asɛyɛde ho dwuma a obedi de afotu a ehia no ama no mu? So ɔbɛma ne nuanom honhom mu yiyedi adi n’ankasa honam fam mfaso a obenya kan? Yiw, so ɔbɛpɛ sɛ ɔsɔ Onyankopɔn anaasɛ nnipa ani?—Galatifo 1:10.
Abusua No Mu
12. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ okununom hwɛ yiye na ama wɔde tumi adi dwuma wɔ ɔkwan a ɛteɛ so?
12 Wɔ abusua no mu no, ɛho hia sɛ emuni biara hwɛ yiye na wamfa hokwan ahorow anaa tumi a ɔwɔ anni dwuma wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so. Ebia esiane sɛ okunu no ne ti, anaasɛ ɔno na ɔwɔ nipadua mu ahoɔden kɛse, anaasɛ ɔno na ɔma abusua no nya aduan di nti, ɔbɛyɛ ade wɔ ɔkwan a n’ankasa pɛ so wɔ pɛsɛmenkominya mu a onni tema biara. Paulo si so dua kɛse sɛ ɛsɛ sɛ ɔyerenom brɛ wɔn ho ase ma wɔn kununom. Bere koro no ara mu no, ɔka kyerɛ okununom sɛ wɔnnɔ wɔn yerenom sɛ wɔn ankasa nipadua na wonnya ɔpɛ sɛ wobewu ama wɔn sɛnea Kristo wu maa Kristofo asafo no. (Efesofo 5:25-33) Ɛsɛ sɛ afotu a ɛte sɛɛ boa ma esiw okunu tumi anaa hokwan ahorow a ɔde bedi dwuma wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so no ano. Bere a ɔsomafo Petro atu ɔyerenom fo sɛ wɔmmrɛ wɔn ho ase mma wɔn kununom akyi no, otu okununom fo sɛ: “Okununom, mo ne wɔn ntra nimdeɛ mu saa ara, sɛ ɔyere ne ade a ne ho nyɛ den, na munni wɔn ni, sɛ wɔn nso ne mo yɛ nkwa dom no difo bi, na mo mpaebɔ kwan ansiw.” Yiw, sɛ okununom pɛ sɛ wɔne Yehowa Nyankopɔn nya abusuabɔ pa a, ɛnde ɛsɛ sɛ wɔhwɛ yiye na wɔde tumi a wɔwɔ no di dwuma wɔ ɔkwan a ɛteɛ so.—1 Petro 3:7.
13. (a.) Mmea su bɛn na ɛtɔ bere bi a okununom de di dwuma wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so? (b) Ɔkwan bɛn so na ɔyerenom a wɔyɛ pɛsɛmenkominya de tumi adi dwuma wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so, na Kyerɛwnsɛm mu afotu bɛn na wobu so?
13 Ɛyɛ nea wɔahyɛ no nsow sɛ ɔhokafo a oyi ɔdɔ adi kɛse no taa yɛ mmɔbɔ wɔ nea onnyi ɔdɔ adi kɛse no nsam. Ɛte sɛ nea nokware kakra wɔ ɛno a wɔka no mu. Wɔ ne nyinaa mu no, ɔyerenom taa yi ɔdɔ adi kɛse sen wɔn kununom—ɔdɔ ho hia wɔn kɛse—na okununom pii de eyi di dwuma wɔ pɛsɛmenkominya mu. Wɔ ɔkwan foforo so no, ɛyɛ nea wonim sɛ ɔyerenom twentwɛn wɔn nan ase sɛ wobetua aware aboade no bere a wɔn nsa nka nea wɔpɛ no. Nokwasɛm ne sɛ, ɔyerenom binom pow aware aboade no koraa. Nea ɛyɛ awerɛhow no, ɛtɔ bere bi a eyi ka ho na ɛma okunu no sɛe aware no. Paulo afotu a ɛwɔ 1 Korintofo 7:3-5 no a wontie nyinaa yɛ tumi a wɔmmfa nni dwuma wɔ ɔkwan a ɛteɛ so.
14. Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ awofo binom de tumi a wɔwɔ no di dwuma wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so wɔ wɔn mma ho?
14 Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɛsɛ sɛ mmofra tie wɔn awofo Awurade mu no ma ɛyɛ nea wɔn awofo, ne titiriw no, agya no, wɔ wɔn so tumi. Ɔkwan bɛn so na wɔde tumi yi bedi dwuma? Wɔ ɔkwan a nyansa nnim ne atirimɔden so a wonni tema biara? Agyanom a wɔyɛ wiasefo pii, ne ɛnanom binom, yɛ saa na wɔama mmofra a wɔyɛ wɔn ayayade no abu so kɛse. Sɛnea World Health, January/February 1984 de no kyerɛ no, “ɛte sɛ nea nnansa yi, wɔyɛ mmofra pii ayayade, wɔhyɛ wɔn so, wɔhwe wɔn pirapira wɔn anaasɛ woguan gyaw wɔn, na ɛyɛ nea ɛkɔ so wɔ wiase baabiara.” Amanneɛbɔ foforo ka sɛ wɔ United States no, mmofra a wɔyɛ wɔn ayayade no dodow abu abɔ ho wɔ mfe du a atwam no mu. Ampa, eyi nyinaa yɛ tumi a wɔde di dwuma wɔ ɔkwammɔne so. Kristoni ɔwofo a ɛnyɛ n’adwene ne sɛ ɔbɛyɛ ne ba ayayade no mpo betumi adi eyi ho fɔ wɔ ɔkwan bi so. Wubetumi ahu eyi wɔ Paulo afotu no mu: “Agyanom, munnyi mo mma abufuw, na mmom monyɛn wɔn [Yehowa] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.” “Agyanom, munnyi mo mma abufuw, na wɔn koma antu.”—Efesofo 6:4; Kolosefo 3:21.
15, 16. Ɔkwan bɛn so na mma betumi adi tumi a wɔde di dwuma wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so ho fɔ, na eyi hwehwɛ dɛn wɔ awofo ho?
15 Sɛnea ebia ɛbɛyɛ wo nwonwa mfiase no, mmofra ankasa nso betumi adi tumi a wɔde di dwuma wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so ho fɔ. Ɔkwan bɛn so? Mmofra betumi ama wɔn awofo ayɛ ade a ɛne atɛmpa a wɔwɔ no bɔ abira esiane ɔdɔ a wɔn awofonom wɔ ma wɔn nti. Ebia abofra a onim sɛ ɛsɛ sɛ wɔbɔ no abaa kakra no besu wɔ ɔkwan a ɛyɛ mmɔbɔ so araa ma ɛremma ne na ntumi mfa asotwe a ɛfata no mma no. Ɔbea bi a ɔhwɛ sika ho nsɛm so a ɔbɔ mmɔden de sɛnea otumi dɛfɛdɛfɛ nkurɔfo no hoahoaa ne ho sɛ: “Wɔde ɛno wo mmea. Bɛhwɛ sɛnea me babea no tumi dɛfɛdɛfɛ n’agya.”
16 Sɛnea atesɛm krataa biako amanneɛbɔ kyerɛ no, “mmofra a wɔpɛ tumi wɔ North America a wodi wɔn awofo asetra so tumi na wɔkyerɛ wɔn nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ no dodow akɔ anim kɛse.” Nanso, ɛnyɛ ano aduru ne afotu a wɔde bɛma mmofra no, na mmom awofo no. Ɛsɛ sɛ awofo yɛ biako wɔ wɔn mma ho nsɛm mu. Mmofra taa hu biakoyɛ a enni awofo ntam no ntɛm ara na wɔma obiako sɔre tia ɔfoforo de nya nea wɔpɛ. Ɛsɛ sɛ awofo yɛ pintinn wɔ nea ɛteɛ ho, nanso bere koro no ara mu no ɛsɛ sɛ wɔma wohu sɛ wɔdɔ wɔn bere nyinaa. Te sɛ Yehowa no, Kristofo awofo de nteɛso ma esiane ɔdɔ nti.—Hebrifo 12:5, 6.
Wɔ Nkitahodi Afoforo Mu
17. Ɔkwan bɛn so na wobetumi de tumi adi dwuma wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so wɔ adwumawura ne odwumayɛfo ntam nkitahodi mu?
17 Adwumawura ne odwumayɛfo ntam abusuabɔ no nso yɛ nea tumi a wɔde di dwuma wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so ho sɔhwɛ no wom. Bere a eyi wɔ Paulo adwene mu no, otuu nkoa wuranom a wɔte sɛ nnɛyi adwumawuranom, ahwɛfo, anaasɛ adwuma mu mpanyimfo no fo sɛ: “Awuranom, . . . montɔ ateɛteɛ ase, efisɛ munim sɛ wɔne mo ankasa nso wura wɔ ɔsoro, na nnipa animhwɛ bi nni ne fam.” (Efesofo 6:9; Kolosefo 4:1) Ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔyɛ mpanyimfo wɔ honam fam adwuma mu no hwɛ yiye na wɔamfa wɔn tumi anni dwuma wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so. Boas a ɔtraa ase tete no yɛ obi a yebetumi aka ne ho asɛm sɛ na ɔne wɔn a wɔyɛ n’adwuma no wɔ abusuabɔ pa.—Rut 2:4.
18. Dɛn ho na ɛsɛ sɛ anuanom mmarima ne mmea a wonni ahokafo hwɛ yiye na amma wɔanni tumi a wɔde di dwuma wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so ho fɔ?
18 Asɛm foforo biako a ɛsɛ sɛ Kristofo hwɛ yiye wom wɔ tumi a wɔde di dwuma wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so mu ne nea ɛfa ɔbarima anaa ɔbea ho anigye a wonya ho no. Sɛnea mmabea te no ankasa ma ɛyɛ nea wɔn mu pii ani gye ho sɛ wɔbɛware na wɔawo mma. Esiane eyi nti, ebia anuanom mmarima behu sɛ ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔde anuanom mmea dɔ yi bedi agoru. Eyi yɛ tumi a wɔde di dwuma wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so. Paulo tuu Timoteo fo sɛ: ‘Bu mmea mpanyin sɛ ɛnanom, mmabaa sɛ nuabeanom, wɔ ahotew nyinaa mu.’ Wɔ ɔkwan foforo so no, wotu Kristofo mmea fo sɛ ‘wɔnhyɛ ntade a ɛsɛ, mfa ani a ewu ade ne adwenemtew nkeka wɔn ho.’ Sɛ́ ɛyɛ nea wɔaware anaasɛ wɔyɛ ahokwafo no, ɛsɛ sɛ woyi “abrabɔ a ɛho tew” adi.—1 Timoteo 2:9; 5:2; 1 Petro 3:9.
19. Wɔ nyansa, atɛntrenee, ne ɔdɔ adi a yebeyi akyi no, ade foforo bɛn na yɛde di dwuma a ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ ho?
19 Wɔaka pii wɔ yɛn Bible nhoma ahorow no mu wɔ ma a Kristofo bɛma ɔsoro nyansa akyerɛ wɔn kwan, atɛntrenee a wɔde bedi dwuma wɔ nea wɔyɛ nyinaa mu, ne ɔdɔ a ɛwɔ nnyinaso, a·gaʹpe, a wɔbɛma akanyan wɔn no mu. Nea wɔaka yi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ Yehowa asomfo nyinaa ma tumi a wɔwɔ ne sɛnea wɔde di dwuma no ho asɛm hia wɔn. Ɛnsɛ sɛ wɔde di dwuma wɔ ɔkwammɔne so na mmom ɛsɛ sɛ wɔde di dwuma wɔ ɔkwan a ɛteɛ so bere nyinaa. Ampa, Onyankopɔn Asɛm no da ɔsoro nyansa adi wɔ afotu a ɛde ma wɔ eyi mu no mu. Sɛ yetie afotu yi yiye a, ɛbɛhyɛ Yehowa din anuonyam, ɛbɛyɛ nhyira ama afoforo, na yebenya Onyankopɔn dom nso.
Afotu Bɛn Na Wokae?
◻ Ɔkwan bɛn so na wobetumi aka sɛ yɛwɔ awosu a ɛtɔ kɔ tumi a wɔde di dwuma wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so so?
◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mpanyimfo hwɛ yiye na wɔamfa tumi a wɔwɔ no anni dwuma wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so?
◻ Akwan horow bɛn so na ɛnsɛ sɛ okununom ne ɔyerenom de tumi a wɔwɔ no di dwuma wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so wɔ wɔne wɔn ho wɔn ho abusuabɔ mu?
◻ Ɛsɛ sɛ awofo ne mma nyinaa kwati dɛn wɔ tumi a wɔmmfa nni dwuma wɔ ɔkwan a ɛteɛ so wɔ wɔn abusuabɔ mu no mu?
[Mfonini wɔ kratafa 15]
Simon bɔɔ mmɔden sɛ ɔde n’ahonyade benya Petro nkɛntɛnso. Dɛn na yebetumi asua wɔ eyi mu?
[Mfonini wɔ kratafa 17]
So wo ba no de tumi di dwuma wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so de dɛfɛdɛfɛ wo?