Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w85 9/1 kr. 5-7
  • Yehowa Obi A Ne Ho Yɛ Hu Nanso Ɔwɔ Ɔdɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Obi A Ne Ho Yɛ Hu Nanso Ɔwɔ Ɔdɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘N’ani,’ ‘N’aso,’ Ne ‘N’anim’
  • Anuonyam Ho Anisoadehu Ahorow
  • Yehowa Ɔsoro Ahengua no Anuonyam
    Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
  • Wɔn a Wɔte Ɔsoro no Ho Anisoadehu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
  • “Minyaa Anisoadehu Fii Onyankopɔn Hɔ”
    Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
  • Sɛnea Yehowa Boa Yɛn Ma Yɛyɛ Asɛnka Adwuma No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
w85 9/1 kr. 5-7

Yehowa Obi A Ne Ho Yɛ Hu Nanso Ɔwɔ Ɔdɔ

YEHOWA Nyankopɔn bisae sɛ, “Hena ho na mode me bɛto”? Nsɛm a ɛkorɔn sen biara mpo rentumi nka Onyankopɔn tumi ne n’anuonyam a ɛso bi nni no ho asɛm nkosi ase. Ɔno ankasa ka kyerɛ yɛn sɛ yensusuw ɔsoro ntrɛwmu no ho, na ose: “Momma mo ani so nhwɛ ɔsoro, na monhwɛ nea ɔbɔɔ eyinom. Ɔno na obu wɔn dɔm ano yi wɔn adi, na ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn; ne tumi dodow ne n’ahoɔden kɛse nti obiara nka akyiri.”​—Yesaia 40:25, 26.

Nsoromma ɔpepem pii a yɛde yɛn aniwa hu no yɛ nsoromma bɛyɛ ɔpepepem 100 a ɛbom yɛ yɛn nsoromma-kuw yi nkutoo no fã bi pɛ! Nanso Yehowa nim nsoromma a ɛwɔ amansan yi nyinaa mu no dodow na watoto wɔn nyinaa din! Susuw ahoɔden dodow a wɔde ahyɛ eyinom nyinaa mu no nso ho. Yɛn owia yi ano hyew yɛ Fahrenheit ɔpepem 27 (15 million degrees Celsius) . Hwɛ ‘ahoɔden kɛse’ ara a Yehowa wɔ a otumi de bɔɔ nuklea fonoo ahorow ɔpepepem pii yi!

Enti sɛ́ yɛbɛte Yehowa ase akosi ase no yɛ nea yɛn ahoɔden ntumi nnu ho. Elihu kae sɛ: “Otumfoɔ de, yennhu no, ɔyɛ tumi mu ɔkɛse, enti nnipa suro no.” (Hiob 37:23, 24) Nanso, Yehowa hwehwɛ nea ɛsen ne ho hu anaa suro a yebesuro no. Bible no ka sɛ, “Fa wo koma nyina ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ [Yehowa] wo Nyankopɔn.” (Deuteronomium 6:5) Nanso so yebetumi adɔ obi a yentumi nte n’ase nwie no? Yiw, efisɛ ɛwom sɛ Yehowa te ɔsoro mu soro de, nanso ɔne adesamma a wɔnnyɛ pɛ di wɔ ɔdɔ mu na anyɛ yiye koraa no, ɔma wɔn kwan ma wonya ne ho ntease kakra.​—Fa toto Dwom 113:5-9 ho.

‘N’ani,’ ‘N’aso,’ Ne ‘N’anim’

Ɔkwan biako a Yehowa fa so boa yɛn ma yɛte n’ase ne sɛ ɔma kwan ma wɔka ne ho asɛm te sɛ onipa. Ɔsomafo Petro kae sɛ: “ [Yehowa] ani wɔ wɔn a wɔteɛ so, na n’aso abue ama wɔn adesrɛ, na [Yehowa] ani sa wɔn a wɔyɛ bɔne.”​—1 Petro 3:12; fa toto Exodus 15:6; Hesekiel 20:33; Luka 11:20 ho.

Ampa, eyinom yɛ nsusuwso ade a ɛnyɛ nea yɛbɛfa no sɛ paara, na saa ara na ɛte bere a Kyerɛwnsɛm no frɛ Onyankopɔn “owia,” “ɔkyɛm,” anaa “ɔbotan no.” (Dwom 84:11; Deuteronomium 32:4, 31) Ebinom ka sɛ, ‘Nanso so Bible no nka sɛ wɔbɔɔ yɛn wɔ ne “suban” so?’ (Genesis 1:26, 27) Yiw, nanso ka a wɔbɛka sɛ Onyankopɔn wɔ ano, ani, ne aso ankasa no ma asɛm a emu yɛ den sɔre. Sɛ nhwɛso no, so ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn no aso bɛyɛ nea asɛm a ɛte ara ne nea mframa ma yɛn aso ankasa yi te no? Dabi, efisɛ Bible no kyerɛ sɛ Onyankopɔn tumi “te” nsɛm a wɔnte a wɔka wɔ onipa koma mu mpo. (Genesis 24:42-45) Na saa ara na ‘hu a otumi hu ade’ no nyɛ nea egyina hann kwan no so.​—Dwom 139:1, 7-12; Hebrifo 4:13.

Enti ɛnyɛ sɛnea Onyankopɔn te wɔ nipadua mu na onipa a ɔyɛ pɛ da no adi na mmom ne su horow te sɛ ɔdɔ ne atɛntrenee. Kristofo da su horow a ɛte sɛɛ adi titiriw bere a wotie ɔsomafo Paulo afotu no, a ɔno na ɔkae sɛ: “Monhyɛ onipa foforo a wɔyɛ no foforo kɔ nimdeɛ mu nea ɔbɔɔ no no suban so no.’​—Kolosefo 3:10.

Anuonyam Ho Anisoadehu Ahorow

Wɔ tete mmere no mu no, Yehowa asomfo binom nyaa hokwan a ɛne Yehowa soro anuonyam ho anisoadehu ahorow a wonyae no. Ná Hesekiel yɛ nnipa yi mu biako. (Hesekiel 1:1) Nea ohui wɔ anisoadehu mu no sen nea obetumi akyerɛkyerɛ mu! Hesekiel de nsɛm a osusuw sɛ, anaasɛ ohu sɛ saa na ɛte di dwuma na mpɛn pii ɔka sɛ nea ohui no yɛ “biribi te sɛ,” nneɛma te sɛ nea onim. Sɛ nhwɛso no, odiyifo no kae sɛ:

“Ntrɛwmu a ɛwɔ wɔn atifi no so no te sɛ hoa bo ahengua sɛso, na ahengua no sɛso so na obi a ɔte sɛ onipa sɛso te wɔ soro. Na mihui, na ɛte sɛ sika ne dwetɛ mfrafrae a adɔ ahoa ani, ɛte sɛ ogya emu fam hyia, efi nea ɛte sɛ n’asen so de rekɔ soro, nanso efi nea ɛte sɛ n’asen so de reba fam no, mihui na ɛte sɛ ogya, na ɛharan twa ho hyia; sɛ nyankontɔn a ɛwɔ omununkum mu osutɔ da te no, saa ara na ɔhyerɛn a etwa ho hyia no te. Ɛno ne [Yehowa] anuonyam sɛso no tebea.”​—Hesekiel 1:26-28.

Anuonyam bɛn ara na Hesekiel kaa ho asɛm sɛɛ yi! Ɔsomafo Yohane nyaa anisoadehu a ɛfa Yehowa ho saa ara, na ɔkyerɛwee sɛ: “Hwɛ wɔde ahengua asi soro, na obi te ahengua no so. Na nea ɔte so no, wohwɛ no a, ɔte sɛ ahwehwɛbo ne bogyanambo, nyankontɔn a wohwɛ a, ɛte sɛ ahabamomonobo atwa ahengua no ho ahyia.” (Adiyisɛm 4:1-3) Ɛwom sɛ wɔda Yehowa adi wɔ kɛseyɛ a ɛte sɛɛ mu de, nanso wɔnna no adi sɛ Onyankopɔn a ne tirim yɛ den. Mmom no, tebea no yɛ dinn, nea asomdwoe wom te sɛ nyankontɔn.​—Fa toto Genesis 9:12-16 ho.

Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Nyankopɔn maa kwan ma wohuu ne soro tumi no wɔ ɔkwan a ɛba fam sɛɛ so no kyerɛ sɛ adwene a ɔwɔ wɔ adesamma ho no yɛ asomdwoe de. Ɛnde, ɛyɛ ampa sɛ wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn no betumi de ahotoso akɔ ne nkyɛn sɛ “mpaebɔ tiefo” yamyefo.​—Dwom 65:2.

Ɔbarima Hiob kae wɔ Onyankopɔn ho sɛ: “Hwɛ, eyinom ne n’akwan ano ano, na ɛho asutu bi nko na yɛte.” (Hiob 26:14) Ampa, pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yesua wɔ Yehowa Nyankopɔn a ɔde daa nkwa anidaso ahyira ne nkoa no ho. (Yohane 17:3) Nanso ‘bere a enni awiei’ mpo renyɛ nea ɛdɔɔso ma yɛn sɛ yɛde ‘behu n’adwumayɛ fi mfiase kosi awiei no.’​—Ɔsɛnkafo 3:11.

Nanso, nea nnipa koma pafo nim anaasɛ wosua betumi akanyan wɔn ma wɔadɔ Onyankopɔn na wɔayɛ osetie ama no. (1 Yohane 5:3) So woyɛ nnipa a wɔte saa no mu biako? Osetie a wobɛyɛ ama Onyankopɔn nyɛ mmerɛw bere nyinaa. Nanso sɛ woba behu Yehowa Nyankopɔn ne n’akwan a ɔdɔ wom no ampa a, mmɔden biara a wobɛbɔ no nyɛ nea ɛso dodo. Enti, so woasi wo bo sɛ wubehu pii afa Onyankopɔn a ne ho yɛ hu nanso ɔwɔ ɔdɔ yi ho?

[Kratafa 6 mfoni]

Nnipa te sɛ Hesekiel ne Yohane nyaa anisoadehu ahorow a ɛma yenya Yehowa anuonyam a ɛyɛ nwonwa no ho adwene ara kwa

[Kratafa 7 mfoni]

Bɔ a Onyankopɔn bɔɔ nsoromma ahorow na ɔtotoo wɔn din no mu yenya ne tumi a enni ano no ho adwene kakra

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena