So Wowɔ Onyankopɔn Adwene Wɔ Mmosa Ho?
BƐYƐ mfe 20 ni, wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu no tutuu dɔte dan bi a ɛbɛn Urmia kurow a ɛwɔ Iran, mu. Wohuu kuku bi wom a sɛnea nyansahufo kyerɛ no, adi mfe mpempem pii, fi bere a tetefo no kyekyeree kurow no tɔnn. Wɔnam nnɛyi nyansahu mu nimdeɛ foforo so ayɛ kuku no mu nhwehwɛmu nnansa yi. Nyansahufo no ho dwiriw wɔn sɛ wohuu aduru a akyɛ sen biara a edi adanse sɛ wɔyɛɛ nsã wom.
Bible nso da no adi pefee sɛ nnipa anom bobesa, beer, ne mmosa afoforo fi teteete. (Genesis 27:25; Ɔsɛnkafo 9:7; Nahum 1:10) Te sɛ nnuan foforo no, Yehowa ma yetumi paw nea yɛpɛ sɛ ankorankoro—sɛ́ yɛbɛnom mmosa anaasɛ yɛrennom. Ná Yesu taa de nsã didi. Yohane Suboni no annom nsã.—Mateo 11:18, 19.
Bible kasa tia asanom bebrebe. Asabow yɛ bɔne a etia Onyankopɔn. (1 Korintofo 6:9-11) Nea ɛne eyi hyia no, Yehowa Adansefo mma obiara a ɔbɛyɛ ɔsabofo a onnu ne ho no ntra Kristofo asafo no mu. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ asafo no mu a wɔpaw sɛ wɔbɛnom nsã no yɛ saa wɔ anidahɔ mu.—Tito 2:2, 3.
Adwene a Ɛnteɛ
Ɛnnɛ, nnipa pii nni Onyankopɔn adwene wɔ mmosa ho. Ɛnyɛ den sɛ yebehu sɛ Satan rema wɔde tete anonne yi adi dwuma wɔ ɔkwammɔne so. Sɛ nhwɛso no, wɔ Pacific Kesee fam nsupɔw bi so no, ɛyɛ mmarima no amanne sɛ wohyiam na wɔnom anonne a akaw a wɔyɛ wɔ hɔ no pii. Saa aguabɔ yi betumi adi nnɔnhwerew pii, na wɔtaa hyiam—mmarima no pii de wɔn ho hyɛ adeyɛ no mu da biara. Ebinom bu no sɛ ɛyɛ wɔn amammerɛ no fã bi ara kwa. Ɛtɔ mmere bi a, wɔnom beer ne nsaden mmom sen anonne a wɔyɛ wɔ hɔ no—anaasɛ wɔde ka ho. Asabow na ɛtaa fi mu ba.
Wɔ Pacific asase foforo so no, ɛkame ayɛ sɛ ɛhɔ mmarima mfa anidahɔ nnom nsã. Sɛnea wonim no, bow a wɔbɛbow nti na wɔnom nsã. Titiriw sɛ wotua adwumayɛfo ka a, mmarima kuw bi boa wɔn ho ano na wɔtɔ beer nnaka pii a ebiara fa ntoa 24. Gye sɛ beer no sa ansa na wɔagyae nom. Ne saa nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ wubehu nnipa pii sɛ wɔabobow wɔ mmɔnten so.
Wɔtaa nom nsã a ɛkaw te sɛ nsãfufu ne afoforo a wɔn ankasa noa wɔ Afrika aman mu. Mpɔtam bi amanne ne sɛ sɛ wonya ahɔho a ɛsɛ sɛ wɔde mmosa gye wɔn ani. Nea ogye ɔhɔho taa de nea ɛboro nea ɔhɔho no betumi anom ma no. Wɔ baabi no, amanne no ne sɛ wɔde beer ntumpan 12 besisi ɔhɔho biara anim.
Nnwuma a ɛwɔ Japan no pii yɛ nhyehyɛe ma wɔn adwumayɛfo de bɔs tu akwan kɔhwehwɛ mmeae horow. Wɔde mmosa pii kɔ, na wɔma asabow ho kwan. Adwuma akwantu yi bi di nnanu anaa nnansa. Sɛnea Asiaweek nsɛmma nhoma kyerɛ no, wɔ Japan no, “efi akuafo a wodua ɛmo so kosi amanyɛfo so no, wɔde nsã dodow a obi tumi nom no na ɛkyerɛ ne barima a ɔyɛ.” Su a ɛte saa ara wɔ Asia aman foforo mu. Asiaweek ka sɛ “Seesei, sɛ wɔfa ankorankoro biara a, South Koreafo nom nsã sen asanomfo a wɔwɔ wiase fã biara.”
Asanom bebrebe abɛyɛ adeyɛ a abu so wɔ kɔlege mu wɔ United States. Sɛnea The Journal of the American Medical Association kyerɛ no, “wɔn a wɔnom nsã dodow no ara nhu sɛ wɔyɛ asadweam.”a Ɛnsɛ sɛ eyi yɛ nwonwa efisɛ wɔ aman pii mu no, nsɛm ho amanneɛbɔfo hyɛ asanom ho nkuran sɛ biribi a ɛsɛ sɛ wɔsɔ hwɛ, aba so, anaa ɛkyerɛ anibue. Mpɛn pii no, mmofra titiriw so na wɔde nnaadaasɛm yi kɔ.
Wɔ mfe 20 ntam no, mmosa dodow a wɔnom wɔ Britain no abu abɔ ho, na nsaden dodow a wɔnom ayɛ mmɔho abiɛsa. Mmofra pii resua asanom, na mmea pii renom nsã. Biribi a ɛte saa ara rekɔ so wɔ Europa Apuei fam ne Latin-Amerika aman mu. Sadweamyɛ a akɔ soro ne kar akwanhyia bebrebe ma eyi da adi. Ɛda adi pefee sɛ, sadweamyɛ akɔ soro wɔ wiase nyinaa.
Ahe na Ɛyɛ Nea Ɛboro So?
Bible no adwene wɔ mmosa ho kari pɛ. Wɔ ɔkwan bi so no, Kyerɛwnsɛm no ka sɛ nsã yɛ akyɛde a efi Yehowa Nyankopɔn hɔ a ‘ɛma ɔdesani koma tɔ ne yam.’ (Dwom 104:1, 15) Wɔ ɔkwan foforo so no, bere a ɛrekasa atia asanom bebrebe no, Bible no de nsɛm “asabow,” ‘asanom mmoroso,’ “agobɔne,” ‘asanom ho akansi,’ ne ‘sadweamyɛ,’ di dwuma. (Luka 21:34; 1 Petro 4:3; 1 Timoteo 3:8; Tito 2:3) Nanso dodow ahe na ɛyɛ ‘asanom a ɛboro so’? Ɔkwan bɛn so na Kristoni betumi ahu Onyankopɔn adwene wɔ mmosa ho?
Ɛnyɛ den sɛ wubehu asabow. Wɔde nsɛm yi na aka nea efi mu ba ho asɛm wɔ Bible mu: “Hena na ɔwɔ ahohia mu, hena na ɔwɔ atutuw ne nkɔmmɔdi, hena na ɔwɔ apirapira hunu ne ani a abere? Wɔn a wɔkyɛ nsã ho, wɔn a wɔkɔka afrasa hwɛ. . . . W’aniwa bɛhwɛ ananade, na wo koma aka nkɔntɔnkyesɛm.”—Mmebusɛm 23:29-33.
Mmosa bebrebe tumi ma adwene tu fra, anisokyini, mumtɔ, ne adwene ne nnipadua mu haw afoforo. Nsã betumi ama obi ayɛ nneɛma a ɛmfata de apira ne ho ne afoforo. Asabofo taa de wɔn ho hyɛ aniwude, abufusɛm, anaa ɔbrasɛe mu.
Akyinnye biara nni ho sɛ nsã a wɔnom kosi sɛ wɔbɛbow, ma nea yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no afi mu aba no yɛ asanom a ɛtra so. Nanso, obi betumi anom nsã atra so a ɔrenna asabow ho sɛnkyerɛnne no biara adi. Enti asɛm a ɛne sɛ ebia obi anom nsã ma aboro so ho asɛm ka taa yɛ den. Nsonsonoe bɛn na ɛwɔ asanom a ɛfata ne asabow mu?
Bɔ W’adwene Ho Ban
Bible mfa nsã dodow a ɛsɛ sɛ ɛkɔ obi mogya mu ho anohyeto anaa ɛho mmara foforo bi mma. Ɛsono ankorankoro biara ne sɛnea otumi nom nsã. Nanso Bible nnyinasosɛm fa Kristofo nyinaa ho, na ebetumi aboa yɛn ma yɛanya Onyankopɔn adwene wɔ mmosa ho.
Yesu kae sɛ mmara a edi kan ne sɛ, “dɔ Awurade [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu.” (Mateo 22:37, 38) Nsã nya adwene no so nkɛntɛnso tee, na sɛ wonom pii a, ɛbɛhaw wo wɔ mmara a ɛsen biara no so di mu. Ebetumi anya atɛmpa, nsɛnnennen ho dwumadi, ahosodi a obi benya, ne adwene no dwumadi foforo a ɛho hia so nkɛntɛnso bɔne. Kyerɛwnsɛm no tu yɛn fo sɛ: “Fa nyansahu ne adwempa sie, na ayɛ nkwa ama wo kra, ne anuonyam ama wo kɔn.”—Mmebusɛm 3:21, 22.
Ɔsomafo Paulo tu Kristofo fo sɛ: “Momfa mo nipadua nsi hɔ sɛ afɔre a ɛte ase a ɛyɛ kronkron a ɛsɔ Onyankopɔn ani a ɛne mo nyamesom a adwene wɔ mu no.” (Romafo 12:1) Sɛ Kristoni bi nom nsã kosi sɛ ‘ɔhwere n’adwene tumi’ a, so obetumi ‘asɔ Onyankopɔn ani’? Mpɛn pii no, obi a ɔnom nsã bebree no dan ɔsadweam. Ebia obi bɛte nka sɛ nsã bebrebe a ɔnom—wɔ ne fam no—nyɛ nea ebetumi abow no. Nanso ebia na ɔredan ɔsadweam. So nipa a ɔte saa no betumi de ne nipadua asi hɔ sɛ “afɔre a ɛte ase a ɛyɛ kronkron”?
Nsã dodow biara a ɛsɛe wo “nyansahu ne adwempa” sɛ́ Kristoni no, yɛ nsã a ɛboro so ma wo.
Dɛn na Ɛkyerɛ W’adwene Kwan Wɔ Mmosa Ho?
Ɛsɛ sɛ Kristoni susuw ho hwɛ sɛ ebia nnansa yi nneyɛe anaa amanne na ɛma ɔnom nsã anaa. Ɛdefa mmosa ho no, akyinnye biara nni ho sɛ woremma wo gyinaesi nnyina amammerɛ anaa nsɛm ho amanneɛbɔfo nnaadaasɛm so. Bere a worehwehwɛ w’ankasa mu no, bisa wo ho sɛ, ‘So nea amanfo gye tom no na enya me so nkɛntɛnso? Anaasɛ Bible nnyinasosɛm ahorow na ɛkyerɛ m’asanom kwan?’
Ɛwom sɛ Yehowa Adansefo nkasa ntia amammerɛ de, nanso wonim sɛ Yehowa kyi nneyɛe ahorow a wogye tom nnɛ no mu pii. Aman bi ma nyinsɛn a wotu gu, mogya a wɔde fa ntini mu ma obi, wɔn a wokura bɔbeasu biako ntam nna, anaa aware dodow, ho kwan. Nanso Kristofo yɛ wɔn ade ma ɛne Onyankopɔn adwene wɔ eyinom ho hyia. Yiw, Onyankopɔn adwene bɛkanyan Kristoni ma wakyi nneyɛe a ɛtete saa, ɛmfa ho sɛ wogye tom wɔ amammerɛ kwan so anaasɛ wonnye ntom no.—Dwom 97:10.
Bible no ka “nea amanaman no pɛ” a nea ɛka ho ne “asabow” ne ‘nsanom ho akansi.’ Asɛm ‘nsanom ho akansi,’ kura adwene a ɛne guabɔ, a n’atirimpɔw ne sɛ wɔbɛnom mmosa pii. Ɛbɛyɛ sɛ wɔ Bible mmere mu no, wɔn a na wogye wɔn ho di sɛ wotumi nom nsã pii no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛnom nsã asen afoforo anaasɛ wɔbɛhwɛ nea obetumi anom nsã pii. Ɔsomafo Petro kaa saa su yi ho asɛm sɛ “sakasaka dontori” a Kristofo a wɔasakra mfa wɔn ho nhyem bio.—1 Petro 4:3, 4.
So ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ Kristoni bi benya adwene sɛ bere dodow a ɔmmow nsã no, beae, bere, anaa dodow a ɔnom no rensɛe hwee? Yebetumi abisa sɛ, So ɛno yɛ Onyankopɔn adwene? Bible ka sɛ: “Sɛ mudidi oo, monom oo, moyɛ biribiara oo, monyɛ ne nyinaa nhyɛ Onyankopɔn anuonyam!” (1 Korintofo 10:31) Sɛ mmarima kuw bi bɔ gua sɛ wɔrebɛnom nsã pii a, ebia wɔn nyinaa remmow nsã de, nanso so wɔn nneyɛe no bɛhyɛ Yehowa anuonyam? Bible hyɛ nkuran sɛ: “Monnyɛ mo ho sɛ wiase yi, na mmom momfa adwenem foforoyɛ nsakra mo ho, na moasɔ nea Onyankopɔn pɛ a eye, na ɛsɔ ani, na ɛyɛ pɛ no ahwɛ.”—Romafo 12:2.
Kwati Sɛ Wobɛto Afoforo Hintidua
Nea ɛyɛ anigye ne sɛ mpɛn pii no aman a ɛma asabow ho kwan no kasa tia, bere a ɔsadweam bi kyerɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn nipa no. Wɔ South Pacific akuraa bi ase no, obi kae sɛ: “M’ani gye mo ho. Mokyerɛkyerɛ nokware no. Nanso ade a ɛhaw adwene a yehu ne sɛ mo nkurɔfo no nom nsã dodo.” Sɛnea amanneɛbɔ kyerɛ no, wɔmmow nsã de, nanso ɔmanfo no mu dodow no ara nnim saa nokwasɛm no. Ɛnyɛ den sɛ wɔn a wohu no bɛka sɛ te sɛ mmarima foforo pii a wɔde wɔn ho hyɛ asanom mu no, Adansefo no nso bow nsã. So Kristoni somfo a ɔtra nsaguaase kyɛ betumi akura din pa a ɔwɔ no mu, na ɔde kasa mu ahofadi ayɛ ne baguam ɔsom adwuma no?—Asomafo no Nnwuma 28:31.
Amanneɛbɔ bi a efi Europa ɔman bi mu kyerɛ sɛ ɛtɔ mmere bi a, anuanom mmarima ne mmea binom kɔ Ahenni Asa so a wɔn ho bɔn nsã. Eyi ahaw afoforo ahonim. Bible tu fo sɛ: “Eye sɛ wunni nam, anaasɛ wonnom nsã, anaasɛ biribiara a ɛbɛto wo nua hintudua.” (Romafo 14:21) Onyankopɔn adwene wɔ mmosa ho bɛhyɛ Kristoni a ne ho akokwaw ma wayɛ anidahɔ wɔ afoforo ahonim ho, sɛ mpo tebea horow bi hwehwɛ sɛ ɔnnom nsã a.
Akyinnye Biara Nni Ho sɛ Kristofo Da Nsow
Awerɛhosɛm ne sɛ wiase yi afom Yehowa yiye denam nneɛma pa a ɔde ama wɔn a wɔde adi dwuma wɔ kwammɔne so, a mmosa ka ho, so. Ɛsɛ sɛ Kristoni a wahyira ne ho so no bɔ mmɔden sɛ ɔbɛkwati adwene horow a ɛnteɛ a abu so no. Enti nkurɔfo betumi ahu “nsonoe a ɛda ɔtreneeni ne ɔbɔnefo ntam, ne nea ɔsom Onyankopɔn ne nea ɔnsom no no ntam.”—Malaki 3:18.
Sɛ wɔka mmosa ho asɛm a, ɛsɛ sɛ “nsonoe” a ɛda Yehowa Adansefo ne wiase no ntam no da adi pefee. Asanom nyɛ ade titiriw wɔ Kristofo amapa asetram. Wɔmfa nsã dodow a wobetumi anom nni agoru, ma ɛntwetwe wɔn nkɔ asiane a ɛne asabow mu; saa ara nso na wɔmma mmosa nsɛe anaa entwitware ɔkra nyinaa ne adwenemtew a wɔde som Nyankopɔn no mu.
Sɛ kuw no, Yehowa Adansefo wɔ Onyankopɔn adwene wɔ mmosa ho. Na wo nso ɛ? Yɛn mu biara betumi ahwɛ kwan sɛ obenya Yehowa nhyira bere a yedi Bible akwankyerɛ so ‘na yɛpa mmusubɔ ne wiase akɔnnɔ, de adwenemtew ne trenee ne onyamesom pa tra wiase bere yi mu no.’—Tito 2:12.
[Ase hɔ asɛm]
a “Wɔkyerɛɛ asanom bebrebe ase sɛ nsã a mmarima nom no mpɛn anum toatoa so, na mmea nom no mpɛn anan toatoa so.”—The Journal of the American Medical Association.
[Kratafa 28 adaka/mfonini]
Tie W’adɔfo
Mpɛn pii no, obi a ɔyɛ ɔsabofo nhu sɛ ɔwɔ ɔhaw bi. Ɛnsɛ sɛ abusuafo, nnamfo, ne Kristofo mpanyimfo twentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛboa wɔn adɔfo a wontumi mfa anidahɔ nni dwuma no. Ɔkwan foforo so no, sɛ adɔfo da no adi sɛ wɔn ani nnye sɛnea wonom nsã no ho a, akyinnye biara nni ho sɛ wɔwɔ ntease pa bi nti. Gye nea wɔreka no tom.—Mmebusɛm 19:20; 27:6.