Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ‘Akoa Nokwafo No’ Di Nkonim Wɔ Sɔhwɛ Mu!
    Ɔwɛn-Aban—2004 | March 1
    • 15, 16. (a) Bere bɛn na ɛbere soe sɛ wobu akontaa? (b) Hokwan foforo a wɔde ‘yɛ adwuma’ bɛn na wɔde maa anokwafo no?

      15 Ɛbɛ no toa so sɛ: “Na ɛkyɛe no, nkoa no wura no bae, na ɔne wɔn bebuu akontaa.” (Mateo 25:19) Kristo Yesu baa N’ahenni mu wɔ afe 1914 mu, na sɛ wobu fi afe 33 Y.B. a, akyinnye biara nni ho sɛ na akyɛ ampa. Wɔ mfe abiɛsa ne fã akyi wɔ afe 1918 mu no, ɔbaa Onyankopɔn honhom mu asɔrefie hɔ maa Petro nsɛm yi nyaa mmamu: “Ɛbere no adu sɛ atemmu fi ase Onyankopɔn fi.” (1 Petro 4:17; Malaki 3:1) Ná ɛbere aso sɛ wobu akontaa.

  • ‘Akoa Nokwafo No’ Di Nkonim Wɔ Sɔhwɛ Mu!
    Ɔwɛn-Aban—2004 | March 1
    • Wɔka Yesu “ba” a waba no ho asɛm wɔ akwan pii so wɔ Mateo ti 24 ne 25. Enhia sɛ ofi baabi kɔ baabi foforo ansa na watumi ‘aba.’ Mmom no, ‘ɔba’ wɔ ntease a ɛne sɛ ɔde n’adwene si adesamma anaa n’akyidifo so a mpɛn pii no botae no ne sɛ ɔrebebu wɔn atɛn. Enti ‘ɔbae’ sɛ Ɔhene a wɔde no asi agua so wɔ afe 1914 mu. (Mateo 16:28; 17:1; Asomafo no Nnwuma 1:11) ‘Ɔbae’ sɛ apam no bɔfo fii ase buu wɔn a na wɔka sɛ wɔsom Yehowa no atɛn wɔ afe 1918 mu. (Malaki 3:1-3; 1 Petro 4:17) ‘Ɔbɛba’ wɔ Harmagedon abebu Yehowa atamfo atɛn.—Adiyisɛm 19:11-16.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena