Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w83 7/1 kr. 20-23
  • San Fa Wo Koma Bra Yehowa Nkyɛn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • San Fa Wo Koma Bra Yehowa Nkyɛn
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Koma a Ekyinkyin
  • Koma No​—“Biribiara Nyɛ Nkontompo Saa”
  • Wobetumi Asakra Wo Koma
  • Hwɛ Wo Fekubɔ Yiye
  • ‘Onyankopɔn Sõ Sen’ Wo Koma’
  • Yehowa De Mmoa Bɛba
  • Nya Koma A Yehowa Pɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Yɛasi Yɛn Bo Sɛ Yɛde Koma Mũ Bɛsom Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Bɔ Wo Koma Ho Ban
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Wowɔ ‘Koma a Wode Behu’ Yehowa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
w83 7/1 kr. 20-23

San Fa Wo Koma Bra Yehowa Nkyɛn

So awofo a wɔyɛ Yehowa Adansefo na wɔtetee wo? Nanso, mprempren, so wo mmɔdenbɔ wɔ nokware no mu ano abrɛ ase asen sɛnea na anka ɛte no? Sɛ saa a, ɛsɛ sɛ w’ani gye asɛm a edi so yi ho.

NKATE ahorow ahorow pii sɔre wɔ aberante anaa ababaa koma mu. Sɛ nhwɛso no, ebia wobɛpɛ sɛ wunya ahofadi pii. Wuhu asetra mu nneyɛe horow a ɛyɛ te sɛ nea anigye wom nanso ebia ɛne nea wɔakyerɛkyerɛ wo no bɔ abira. Ɛtɔ da bi a wubu ani gu nneɛma a wusua fii wo mmofraase no so. Ebia aba saa wɔ wo fam, sɛ w’awofo yɛ Yehowa Nyankopɔn asomfo mpo a.

Bere ne bere mu no, mmerante ne mmabaa bi wae fi Kristofo asafo no ho. Sɛ aba saa wɔ wo fam a, akyinnye biara nni ho sɛ wokae nneɛma a wusuae wɔ Yehowa ho no binom. Bere bi a atwam no ebia wotee nka sɛ wobɛn Onyankopɔn na wobɔɔ no mpae daa. Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa hwɛɛ wo so sɛnea ɔyɛ maa Israel a na wɔyɛ ne nkurɔfo wɔ tete hɔ no. Ɔde ɔman no retoto abofra ketewaa ho no, Yehowa kae sɛ: “Na migyigyee Efraim [kyerɛ sɛ, Israelfo no] taataa; oturuu wɔn n’abasa so, . . . Nnipa nhama na mede metwee wɔn, ne ɔdɔ ntampe hama nso.”​—Hosea 11:3, 4.

Hwɛ sɛnea egu awɔse! Abofra ketewaa a ontumi nnantew yiye a wɔde nhama a ɔwofo a ɔwɔ ɔdɔ kura mu de reboa no ma wanantew. Ɛdenam eyinom mu a osuso so no, abofra no tumi gyina a ɔnhwe ase. Na, so ayamhyehye a na Yehowa wɔ ma wo no nte saa ara? Nokwarem no ne dɔ no daa adiwo akwankyerɛ a wunya fii w’awofo a wɔwɔ Onyankopɔn suro nkyɛn anaasɛ afoforo nkyɛn wɔ Ahenni Asa no so no mu. So akwankyerɛ a ɛte saa nyɛ nea wobetumi de ato “ɔdɔ ntampe hama” a wɔde gye wo taataa ho? Ɛda adi sɛ w’awofo ne asafo no mu mpanyimfo no pɛe sɛ wɔboa wo na woampira wo ho wɔ nkãte fam, ɔhonam fam ne honhom fam. Wɔpɛe sɛ wokɔ so nantew wɔ nokware kwan no so.​—Fa toto 3 Yohane 2-4 ho.

Mprempren eyi nyinaa betumi ayɛ te sɛ ade a wokae ara kwa. Bere a wusuw ho no, ebia wubetumi ahu nneɛma horow a ɛma wowae fii nokware no ho no.

Koma a Ekyinkyin

Dɛn nti na tete Israelfo no pii wae fii nokware som no ho? Efisɛ “na wɔn koma de, ɛmmata” Yehowa ho. (Dwom 78:37) Nneɛma afoforo a w’ani gye ho betumi abunkam ɔdɔ ma Onyankopɔn no so. Sɛnea Yesu Kristo kae no, wiase yi mu dadwen ne haw, ahonyade ne ‘asetra yi mu anigyede’ akyidi betumi amia Onyankopɔn asɛm a bere bi woduae wo koma no mu no.​—Luka 8:14; Marko 4:19.

Mfɛfo sukuufo, dawurubɔ nkrataa ne agodi ahorow ma ‘asetra yi mu anigyede’ yɛ nea ɛtwetwe adwene. Sɛ nhwɛso no, ababaa bi a na n’awofo akyerɛkyerɛ no Onyankopɔn Asɛm fi mmofraase no wae fii nokware no ho bere a odii mfe dunkron no. Nea ɔkae ne sɛ: “Ná mepɛ sɛ mihu sɛnea asetra te ankasa na meyɛ nneɛma a mmofra afoforo no ma ɛyɛ te sɛ nea ɛyɛ anigye kɛse no bi. Enti mitu kɔtraa m’ankasa me dan mu na mifii ase ne mmarima nantewee na mekɔɔ apontow ahorow ase esiane anigye a ɛyɛ ara kwa nti. Ankyɛ na migyaee asafo nhyiam horow kɔ. Ankyɛ na miyii m’adwene fii abrabɔ pa ho asɛm a Bible ka no so.”

Ampa, ɛnyɛ wɔn a wɔwae fi nokware no ho no nyinaa na wɔde wɔn ho hyɛ abrabɔ bɔne mu. Anigye a ebinom wɔ wɔ Yehowa som ho no kɔ fam ara kwa. Ebia na wɔannye nokware no antom yiye fi mfiase. Ebia nhwɛso pa a awofo anyɛ anaasɛ ani a wobu guu wɔn so no amma wɔamfa nokware no aniberesɛm. Afei ebia nneɛma te sɛ abusua mu nsɛm, nneɛma a ehia wɔ asetra mu a wobenya, anaa ɔpɛ denneennen a wɔwɔ sɛ wobedu wɔn botae ho no hyɛ wɔn ma.

Nanso, sɛ wubu ani gu wo Yɛfo no so a, so wubetumi anya anigye ankasa? So wo koma akyi a wubedi no betumi ama woanya anigye ankasa?

Koma No​—“Biribiara Nyɛ Nkontompo Saa”

“Koma wɔ hɔ yi, ɛyɛ okontomponi sen ade nyinaa na emuɔ, hena na obenya mu ahuye?” (Yeremia 17:9) Yiw, wo koma betumi adaadaa wo​—na apira wo. Eyi baa ababaa a yɛadi kan aka ne ho asɛm no so. Ɔkae sɛ: “Mfiase a na mereyɛ nea mepɛ no, na ɛyɛ anigye. Nanso akyiri yi, ɛwom sɛ na meda so ara yɛ nneɛma koro no ara de, nanso na minni abotɔyam ankasa. Ná ɛte sɛ nea biribi atõto. Ná anigye no nni mũ ankasa. Meyɛɛ basaa.”

Bebree a wɔafi nokware no mu no gye tom sɛ ‘anigye a wonya no yɛ aniani de.’ Esiane abotɔyam a na wonni bere a wodi wɔn koma bɔne no akyi nti, afei de wɔahu sɛ ‘biribiara nni hɔ a ɛyɛ okontomponi saa.’​—Today’s English Version.

Sɛ wohwɛ wo ankasa w’abrabɔ a, so wote nka saa ara? So nneɛma a bere bi a atwam no na wubu sɛ ɛne nea wo koma ani gye ho no ma wunyaa abotɔyam? So w’abrabɔ ama woanya asomdwoe ne obu ama wo ankasa ho?

Sɛ wunni abotɔyam a, worentumi nnya anigye ankasa. Sɛ ‘wuredi yaw’ wɔ wo komam a, serew dodow biara nni hɔ a ebetumi ayi afi hɔ. (Mmebusɛm 14:13) Sɛ nhwɛso no, bere a na wadi mfe dunwɔtwe no, ababaa bi nso dan fii Bible gyinapɛn ahorow a na wɔde akyerɛkyerɛ no ne nkwa nna nyinaa mu no ho. Nanso, bere a odi ‘ahofadi ne anigye asetra’ akyi no, ose: “Mifii ase susuw daakye ho. Sɛ mekɔ so yɛ eyi a, dɛn na ɛbɛba me so wɔ mfe anum bere mu? Ná mintumi nnye nntom sɛ mewɔ anigye. Bere a na minni anidaso no metee nka sɛ mene abeawa a onni anigye koraa wɔ wiase!”

Enti, sɛ woafi nokware kwan no so a, wobɛyɛ dɛn atumi asan anya anigye ankasa? Odwontofo Dawid daa asɛm no adi bere a ɔsrɛɛ Onyankopɔn sɛ: “[Yehowa], kyerɛ me wo kwan, mɛnantew wo nokware mu. Ka me koma bom ma ensuro wo din.” (Dwom 86:11) Ná Dawid nim sɛ koma a ne dɔ yɛ ntanta no yɛ asiane kɛse. Enti, ɛsɛ sɛ wusiesie wo koma ma ɛde ne tumi nyinaa kɔ ade koro so​—“ɔsom kronn” ma Yehowa ne obu a efi koma nyinaa mu ma yɛn Nyankopɔn. (Romafo 12:1, 2) Nanso ɛbɛyɛ dɛn na saa koma mu tebea pa yi aba?

Wobetumi Asakra Wo Koma

Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ wuhu sɛ wobetumi asakra koma no​—wo koma. Ɛdefa ne nkurɔfo asoɔdenfo no ho no, Yehowa kae sɛ: “Mɛma wɔn koma koro [koma a aka abom], na mede honhom foforo mahyɛ mo mu, na mayi ɔbo koma no mafi wɔn honam mu, na mama wɔn ɔhonam koma, na wɔanantew m’ahyɛde mu, na wɔadi m’atemmude so ayɛ, na wɔayɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn.” (Hesekiel 11:19, 20) Ayamye a efi soro bɛn ni! Na susuw ho hwɛ​—koma a apirim te sɛ ɔbo a wɔbɛma agow, ate nka na anya ɔpɛ sɛ ebegye honhom fam akwankyerɛ.

Nanso, so anwonwadeyɛ bi so na Yehowa nam de nsakrae a ɛte saa ba? Anaa, so wowɔ kyɛfa bi wɔ eyi yɛ mu? Ɛsɛ sɛ wobɔ mmɔden sɛ wobɛhyehyɛ nneɛma a wokae wɔ Yehowa ho no wɔ wo koma mu. (Mmebusɛm 16:1) Susuw saa nsɛm yi ho. Sua bi ka ho. Bere bɛn ne nea etwa to a wofaa Bible anaasɛ Bible sua nhoma bi a Yehowa ahyehyɛde no ayɛ? Akyinnye biara nni ho sɛ wowɔ nhoma ahorow yi bi wɔ fie, anaasɛ wunim faako a wubetumi anya bi. Dɛn nti na wumfi ase nkenkan eyinom yiye? Nimdeɛ a edi mu a wode bedi dwuma no betumi asakra wo koma ne w’asetra.​—Mmebusɛm 2:10-14.

Bere a wokenkan Bible no ankasa no, ebia wubehu sɛ Dwom 25 yɛ nea ɛma awerɛkyekye titiriw. Susuw adesrɛ a ɛtete sɛɛ a wɔde too Yehowa anim te sɛ ‘nnkae me mmofraase bɔne’ ne “fa me bɔne firi me, ɛdɔɔso pii” ho. Na susuw awerɛkyekye ara a ɛyɛ sɛ yebehu sɛ “[Yehowa] yi ne tirim asɛm kyerɛ wɔn a wosuro no” no ho.​—Dwom 25:7, 11, 14.

Nanso, ɛsɛ sɛ Bible adesua a ɛte saa yɛ nea ɛsen nokwasɛm ahorow kɛkɛ a wosua. Ɛsɛ sɛ yenya adwene koro no ara a odwontofo no nyae no, nea ɔkae sɛ: “Mede wo [Yehowa] nsɛm makora me komam, na manyɛ wo ho bɔne bi.” (Dwom 119:11) Wobɛyɛ dɛn atumi ‘akora’ Yehowa nsɛm? Bere a woakenkan Bible no ne ɛho nhoma horow a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ayɛ no, bisa wo ho sɛ: Saa afotu yi som bo dɛn? So ɛbɛboa me ma masɔ Yehowa ani na makwati amanehunu a ɛmfata? Mɛyɛ dɛn na matumi de adi dwuma? So afotu a ɛho wɔ mfaso saa yi nkyerɛ sɛ me soro Agya no nim nea eye ma me anaa?​—Mateo 24:45-47.

Sɛ woma Onyankopɔn mmara kɔ wo komam a, ɛnde wo nan ‘renwatiriw.’ (Dwom 37:31) Nanso, sɛnea ɛbɛyɛ na woasan de wo koma aba Yehowa nkyɛn no, mpɛn pii no wubehia mmoa a efi ɔdɔ mu a Yehowa dansefo bi a ne ho akokwaw de bɛma. Yiw, ebia ebehia sɛ obi ‘fi ase’ na ɔkyerɛkyerɛ wo “Onyankopɔn asɛm mu mfitiasesɛm.” (Hebrifo 5:12) Asafo mu mpanyimfo no ani begye sɛ wɔbɛboa. Dɛn nti na wunkohu wɔn?

Hwɛ Wo Fekubɔ Yiye

Ɛyɛ mmerɛw sɛ nkurɔfo ‘bɛkom wo koma’ ma woayɛ nea eye anaa nea enye. (Fo toto 1 Ahene 11:3, 4 ho.) Ebetumi aba sɛ wo nnamfonom subammɔne ne ‘akɛsesɛm a wɔkeka’ no ka ho na wufii nokware kwan no so. Ebia nnipa a wɔte saa no bɛka sɛ: ‘Obiara nnkyerɛ me nea ɛsɛ sɛ meyɛ! Dɛn nti na wohaw wo ho saa?’ Nanso so wɔwɔ ahofadi ankasa? Na abrabɔ ahorow a ɛmfata Kristofo a afa wɔn nnommum no nso ɛ? (Fa toto 2 Petro 2:18, 19 ho.) So saa nnipa yi reboa wo ma woayɛ nneɛma a ɛde yiyedi a enni awiei bɛbrɛ wo anaa? Dabi, wɔresiw wo kwan. Enti twe wo ho fi nnamfo bɔne a wɔte saa ho na hwehwɛ nnipa a wɔn ho akokwaw, wɔn a wɔyɛ “anyansafo” wɔ Onyankopɔn anim!​—Mmebusɛm 13:20; 1 Korintofo 15:33.

‘Onyankopɔn Sõ Sen’ Wo Koma’

Abofra bi a ɔde ne ho hyɛɛ abrabɔ a ɛmfata Kristofo mu bere a na wadi mfe dunwɔtwe no kae sɛ: “Nea enti a na ɛyɛ den kɛse ma me sɛ mɛsan aba nokware no mu ne sɛ metee nka sɛ memfata. Metee nka sɛ nea na mayɛ no nnye koraa ma Yehowa remfa nkyɛ me da anaasɛ ɔrensan nnye me. Ɛwom sɛ ne koma buu no fɔ de, nanso bere bi akyi no obehuu Yehowa mmɔborohunu. Wɔ tebea horow a ɛte sɛɛ mu no, hwɛ awerɛkyekye ara a kyerɛw nsɛm te sɛ 1 Yohane 3:19, 20 betumi ayɛ! Yɛkenkan wɔ hɔ sɛ: “Eyi mu na yebehu sɛ yefi nokware no mu, na yebedwudwo yɛn koma wɔ n’anim sɛ, sɛ yɛn koma bu yɛn fɔ a, Onyankopɔn sõ kyɛn yɛn koma na ohu ade nyinaa.”

Ampa, ebia yɛn koma bebu yɛn fɔ. Nanso Yehowa hu nea ɛsen yɛn bɔne no. Ohu yɛn “komam ahintasɛm” nyinaa. (Dwom 44:21) Ne nimdeɛ sõ a ɛsõ no ma otumi de mmɔborohunu tie yɛn bɔne fafiri ho mpaebɔ a emu yɛ den no. Sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ na yɛsakra a, ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ obegyina Yesu ogye afɔre no so apopa bɔne a anibere wom kɛse mpo. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ obi di yaw kɛse wɔ ne komam no kyerɛ sɛ onii no nkɔɔ akyiri dodo sɛ ɔbɛsan aba. Nanso, sɛnea ɛbɛyɛ na onii no anya honhom mu mmoa ne ahoɔden no, ɛsɛ sɛ obi a ɔte saa no nya mmoa a efi Kyerɛwsɛm mu fi asafo no mu mpanyimfo nkyɛn. (Yesaia 1:18; 1 Yohane 2:1, 2; 3:21; Yakobo 5:13-16) Sɛ woatwe wo ho afi nokware no ho a, so wobɛyɛ nneɛma a ɛho hia no na woasan aba? Yɛhyɛ wo nkuran sɛ yɛ saa.

Yehowa De Mmoa Bɛba

Enti “kyerɛ wo koma kwan,” mmom sen sɛ wobɛma ɛde wo afa ɔkwammɔne so. Nya osuro a ɛfata ma Yehowa. Bible se, woyɛ saa a ‘wubenya daakye bi, na wɔrentwa nea w’ani da so no nkyene.’ (Mmebusɛm 23:17-19) Na anidaso a ɛsom bo bɛn ara na ɛyɛ​—daakye a enni awiei wɔ asase foforo a Onyankopɔn ahenni nniso ama adan paradise so! Hwɛ sɛnea koma bɔne mu akɔnnɔ horow renhaw wo bio! Afei nso, wiase nsɛm tebea horow da no adi sɛ afei de yɛadu akyiri wɔ nna a edi akyiri no mu, na ɛrenkyɛ, saa anidaso yi bɛbam ankasa. Mmɔden a yɛbɛbɔ sɛ yebekura anidaso a ɛte sɛɛ mu no yɛ mmɔdenbɔ a ɛfata ampa!​—Mateo 24:7-14, 34; 2 Timoteo 3:1-5; 2 Petro 3:13; Luka, 23:43; Adiyisɛm 21:3, 4.

Ɛsɛ sɛ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Yehowa de daakye a anuonyam wom to yɛn anim na ɔhyɛ yɛn den na yɛn nsa aka no hyɛ yɛn nkuran ma yɛbɛn no. Saa abusuabɔ yi ankasa yɛ akatua kɛse. Bere a ɔsan nyaa ahoɔden honhom mu no, ababaa a yedii kan kaa ne ho asɛm no kae sɛ: ‘Mete nka te sɛ nea Yehowa yɛ m’Agya bio.’ Abusuabɔ a emu yɛ den a obi ne Yehowa Nyankopɔn wɔ no ma onya ahonim pa, abotɔyam ne obu ma n’ankasa ho. Bio nso, ɛdenam Yehowa ne n’ahyehyɛde no nkyɛn a wobɛsan aba so no, wubenya nnamfo pa bio.

Ampa, ɛnyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛsakra koma no. Nanso Yehowa behyira wo mmɔdenbɔ so. Ne honhom no bɛboa wo ma woanya ‘tumi ne ahoɔden.’ (Efesofo 3:16) Wubehu sɛ bere a wokɔ so wɔ mpaebɔ ne honhom mu adesua mu, na wo ne Yehowa Adansefo bɔ fekuw na woteɛ wo koma so no, apereperedi no bɛyɛ mmerɛw. Wo koma benya nneɛma pa ho akɔnnɔ. Ɛbɛpɛ sɛ ɛsan kɔ Yehowa nkyɛn.

Yehowa se: “Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ, mma wo bo ntu, na me ne wo Nyankopɔn. Mehyɛ wo den, nso meboa wo.” (Yesaia 41:10) Eyi ne nea Yehowa bɛyɛ ama wɔn a wɔdɔ no nokware mu no. Sɛ woatwe wo ho afi nokware no ho na wo koma ka wo ma wopɛ sɛ woyɛ nea ɛteɛ a, Onyankopɔn ‘bɛboa wo ampa’ denam ne honhom kronkron no so, ne ɛdenam Kristofo asafo no mufo a wɔn ho akokwaw so. Ne saa nti, mpanyimfo a wɔapaw wɔn no ani gye sɛ wɔde honhom fam mmoa bɛma. (1 Tesalonikafo 5:12; Hebrifo 13:7) Ma mmoa a wofi ɔdɔ mu de ma no ho mmra wo mfaso. Dɛn nti na wonhwehwɛ no mprempren yi ara?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena