-
Boasetɔ—Ehia Ma KristofoƆwɛn-Aban—1993 | September 15
-
-
Boasetɔ—Ehia Ma Kristofo
‘Momfa boasetɔ nka no gyidi ho.’—2 PETRO 1:5, 6.
1, 2. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa nya boasetɔ kosi awiei?
NÁ ƆHWƐFO kwantufo no ne ne yere akɔsra wɔn yɔnko Kristoni a wadi boro mfe 90. Ná ɔde mfe pii ayɛ bere nyinaa som adwuma no. Bere a wɔrebɔ nkɔmmɔ no, onua a ne mfe akɔ anim no kaakaee hokwan ahorow a onyae wɔ mfe a atwam no mu. Nusu fii ase guu no bere a ɔbɔɔ abubuw yi no: “Nanso mprempren biribiara nni hɔ a mitumi yɛ no kɛse.” Ɔhwɛfo kwantufo no buee ne Bible mu kenkan Mateo 24:13, faako a Yesu Kristo asɛm yi wɔ sɛ: “Nea obegyina akodu awiei no, ɔno na wobegye no.” Afei ɔhwɛfo no hwɛɛ onua dɔfo no, na ɔkae sɛ: “Adwuma a etwa to a ɛhyɛ yɛn nyinaa nsa a dodow a yebetumi ayɛ mfa ho ne sɛ yebegyina mu akosi awiei.”
2 Yiw, sɛ́ Kristofo no, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa gyina mu kosi nneɛma nhyehyɛe yi awiei anaa yɛn wu mu. Yentumi mfa ɔkwan foforo biara so nnya Onyankopɔn anim dom na ama yɛanya nkwa. Yɛwɔ nkwa mmirikatu mu, na ɛsɛ sɛ ‘yɛde boasetɔ tu’ kosi sɛ yebewie. (Hebrifo 12:1) Ɔsomafo Petro sii hia a saa su yi ho hia so dua bere a ɔhyɛɛ mfɛfo Kristofo sɛ: ‘Momfa boasetɔ nka mo gyidi ho’ no. (2 Petro 1:5, 6) Nanso dɛn ankasa ne boasetɔ?
Boasetɔ—Nea Ɛkyerɛ
3, 4. Dɛn na boasetɔ a obi benya no kyerɛ?
3 Dɛn na boasetɔ a obi benya no kyerɛ? Nea Hela adeyɛ asɛm a wɔkyerɛ ase “nya boasetɔ” (hy-po-me’no) kyerɛ ankasa ne “gyina mu.” Epue mpɛn 17 wɔ Bible no mu. Sɛnea nsɛm asekyerɛ nhoma akyerɛwfo W. Bauer, F. W. Gingrich, ne F. Danker kyerɛ no, ɛkyerɛ “kɔ so gyina mu sen sɛ wubeguan . . ., gyina pintinn, kura dwumadi mu.” Hela edin asɛm ma “boasetɔ” (hy-po-mo-ne’) no pue bɛboro mpɛn 30. A New Testament Wordbook, a William Barclay kyerɛwee no ka wɔ ho sɛ: “Ɛyɛ honhom a etumi gyina nneɛma ano, a ɛnyɛ sɛ wofi ahomegu mu ara kwa, na mmom wofi anidaso a emu yɛ den mu . . . Ɛyɛ su a ɛma ɔbarima kɔ so gyina hɔ na ɔde n’ani kyerɛ mframa. Ɛyɛ su pa a ebetumi asakra sɔhwɛ a emu yɛ den sen biara ma adan anuonyam, efisɛ wɔ ɛyaw no akyi no, ɛma yehu botae no.”
4 Enti boasetɔ ma yetumi gyina pintinn a yɛmpa abaw wɔ akwanside ne ɔhaw ahorow mu. (Romafo 5:3-5) Ɛma yɛhwɛ ade tra mprempren yaw no hu botae no—akatua, anaa akyɛde a ɛne asetra a enni awiei wɔ soro anaa asase so.—Yakobo 1:12.
Boasetɔ—Dɛn Nti Na Yehia?
5. (a) Dɛn nti na “boasetɔ hia” Kristofo nyinaa? (b) Yebetumi akyekyɛ yɛn sɔhwɛ ahorow no mu wɔ akuw abien bɛn mu?
5 Sɛ́ Kristofo no, “boasetɔ hia” yɛn nyinaa. (Hebrifo 10:36) Dɛn ntia? Ade titiriw nti a ɛte saa ne sɛ ‘yehyia sɔhwɛ ahorow.’ Hela kasa a wɔde di dwuma wɔ Yakobo 1:2 no kyerɛ biribi a yɛnhwɛ kwan anaa yɛmpɛ a yehyia, te sɛ bere a ɔkwanmukafo to hyɛ obi so no. (Fa toto Luka 10:30 ho.) Yehyia sɔhwɛ ahorow a yebetumi akyekyem wɔ akuw abien mu: nea ɛtaa to nnipa esiane sɛ yeanya bɔne afi awo mu nti, ne nea yɛn nyamesom pa de ba. (1 Korintofo 10:13; 2 Timoteo 3:12) Dɛn ne sɔhwɛ ahorow yi bi?
6. Ɔkwan bɛn so na Ɔdansefo bi tumi gyinaa ɔyare a ɛyɛ yaw bi a onyae no mu?
6 Ɔyare a emu yɛ den. Te sɛ Timoteo no, ɛsɛ sɛ Kristofo binom tumi gyina ‘yare a wɔtaa yare’ mu. (1 Timoteo 5:23) Sɛ yenya ɔyare a enni sabea a ebia ɛyɛ yaw kɛse a, na ehia sɛ yenya boasetɔ titiriw, na yegyina pintinn denam Onyankopɔn mmoa so, na yɛkɔ so kae yɛn Kristofo anidaso no. Susuw Ɔdansefo bi a na ɔwɔ ne mfe 50 mu a biribi a ebetumi akum no a ɛyɛ kɛse ntɛmtɛm hon no bere tenten nhwɛso no ho. Wɔ oprehyɛn abien a wɔyɛɛ no mu no, ogyinaa pintinn wɔ ne bo a na wasi sɛ onnye mogya no mu. (Asomafo no Nnwuma 15:28, 29) Nanso ɛhon no bio wɔ ne yafunu mu, na ɛkɔɔ so yɛɛ kɛse kɔɔ n’akyi dompe nkyɛn. Bere a ɛbaa saa no, ɔtee yaw a emu yɛ den sen biara a aduru biara antumi ammrɛ no ase nka. Nanso ɔhwɛ traa mprempren yaw no huu akatua a ɛne asetra wɔ wiase foforo mu no. Ɔkɔɔ so kaa n’anidaso a emu yɛden no kyerɛɛ nnuruyɛfo, ayarehwɛfo ne wɔn a wɔbɛhwɛɛ no. Ogyinaa mu kosii awiei—ne nkwa awiei. Ebia na wo yare no nyɛ hu anaa ɛnyɛ yaw te sɛ nea ɛbaa onua dɔfo no so no, nanso ebetumi asɔ wo boasetɔ ahwɛ.
7. Ɛyaw bɛn na boasetɔ de ba yɛn honhom fam anuanom mmarima ne mmea binom so?
7 Nkate mu yaw. Wɔ bere ne bere mu no, Yehowa nkurɔfo binom hyia “komam awerɛhow” a ɛma ‘honhom bubu.’ (Mmebusɛm 15:13) Adwenemhaw a ano yɛ den abu so wɔ “mmere a emu yɛ den” yi mu. (2 Timoteo 3:1) December 5, 1992 Science News bɔɔ amanneɛ sɛ: “Nnipa a wonya adwenemhaw a ano yɛ den, a mpɛn pii no ɛmma wontumi nyɛ hwee no dodow akɔ soro wɔ awo ntoatoaso a adidi so fi 1915 no biara mu.” Nneɛma a egu ahorow na ɛde adwenemhaw ba, efi asetra mu nneyɛe so kosi osuahu ahorow a ɛyɛ yaw so. Wɔ Kristofo binom fam no, nea boasetɔ kyerɛ ne sɛ wɔbɛko atia nkate fam yaw denneennen. Nanso wɔmpa abaw. Wɔkɔ so di Yehowa nokware a awerɛhow no mfa ho.—Fa toto Dwom 126: 5, 6 ho.
8. Sikasɛm mu sɔhwɛ bɛn na yebetumi ahyia?
8 Sɔhwɛ ahorow a yebetumi ahyia no bi ne sikasɛm mu ahokyere a ano yɛ den. Bere a onua bi a ɔwɔ New Jersey, U.S.A., hweree n’adwuma mpofirim no, na akɔnhama a ɔbɛbɔ n’abusua ne sɛnea ɛbɛyɛ a ne fie mu ne nsa ho asɛm haw no a na ntease wom. Nanso wamma n’ani ampa Ahenni anidaso no so. Bere a na ɔrehwehwɛ adwuma foforo no, ɔfaa hokwan no de som sɛ ɔkwampaefo boafo. Awiei koraa no, onyaa adwuma.—Mateo 6:25-34.
9. (a) Ɔkwan bɛn so na yɛn dɔfo a yɛhwere no wɔ owu mu betumi ama boasetɔ ho ahia? (b) Kyerɛw nsɛm bɛn na ɛkyerɛ sɛ mfomso nni ho sɛ yebedi awerɛhow?
9 Sɛ woahwere wo dɔfo bi wɔ owu mu a, wuhia boasetɔ a ɛtra hɔ bere tenten wɔ bere a wɔn a wɔte wo ho san fi wo nkyɛn no. Ebetumi mpo aba sɛ afe biara sɛ edu bere a wo dɔfo no wui a, wo werɛ how kɛse. Boasetɔ a wubenya wɔ obi a wohwere no sɛɛ ho no nkyerɛ sɛ ɛyɛ mfomso sɛ wubesu awerɛhow su. Mfomso biara nni ho sɛ yebesu bere a obi a yɛdɔ no awu, na eyi nkyerɛ wɔ ɔkwan biara so sɛ yenni owusɔre anidaso no mu gyidi. (Genesis 23:2; fa toto Hebrifo 11:19 ho.) Yesu “sui” wɔ Lasaro wu no akyi, ɛwom sɛ na Ɔde ahotoso aka akyerɛ Marta sɛ: “Wo nua no bɛsɔre bio” de. Na Lasaro sɔree ampa!—Yohane 11:23, 32-35, 41-44.
10. Dɛn nti na Yehowa nkurɔfo hia boasetɔ wɔ ɔkwan soronko so?
10 Wɔ boasetɔ a Yehowa nkurɔfo nya wɔ sɔhwɛ ahorow a ɛto nnipa nyinaa mu akyi no, wohia boasetɔ wɔ ɔkwan soronko bi so. Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Me din nti aman nyinaa bɛtan mo.” (Mateo 24:9) Ɔkae nso sɛ: “Sɛ wɔataa me a, wɔbɛtaa mo nso.” (Yohane 15:20) Dɛn nti na ɔtan ne ɔtaa nyinaa ba? Efisɛ ɛmfa ho baabi a yɛte wɔ asase so sɛ Onyankopɔn asomfo no, Satan rebɔ mmɔden sɛ ɔbɛma yɛagyae yɛn mudi ma Yehowa mu kura. (1 Petro 5:8; fa toto Adiyisɛm 12:17 ho.) Enti Satan kanyan ɔtaa a ano yɛ den mpɛn pii, de sɔ yɛn boasetɔ hwɛ kɛse.
11, 12. (a) Yehowa Adansefo ne wɔn mma hyiaa boasetɔ ho sɔhwɛ bɛn wɔ 1930 mfe no mu ne 1940 mfe no mfiase? (b) Dɛn nti na Yehowa Adansefo pow sɛ wobekyia ɔman agyiraehyɛde?
11 Sɛì nhwɛso no, wɔ 1930 mfe no mu ne 1940 mfe no mfiase no, wɔtaa Yehowa Adansefo a wɔwɔ United States ne Canada ne wɔn mma denneennen wɔ frankaa a esiane ahonim nti wɔpow sɛ wobekyia no ho. Adansefo no kyerɛ obu ma aman a wɔte mu no agyiraehyɛde, nanso wodi Onyankopɔn Mmara yi a ɛwɔ Exodus 20:4, 5 no mu nnyinasosɛm so: “Nyɛ ohoni bi anaa ade a ɛwɔ wim wɔ ɔsoro anaa nea ɛwɔ nsu mu wɔ asase ase nsɛso biara mfa; nkotow wɔn, na nsom wɔn. Na me, [Yehowa] wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn ninkufo.” Bere a woyii Adansefo mmofra binom a wɔwɔ sukuu adi esiane sɛ na wɔpɛ sɛ wɔde ɔsom ma Yehowa Nyankopɔn nkutoo nti no, Adansefo no tee Ahenni Sukuu ahorow de kyerɛkyerɛɛ wɔn. Sukuufo yi san kɔɔ aban sukuu ahorow no mu bere a United States Asennibea Kunini no penee wɔn nyamesom gyinapɛn no so sɛnea aman a wɔwɔ ntease yɛ no nnɛ no. Nanso, akokoduru a saa mmofra yi de gyinaa mu no yɛ nhwɛso pa titiriw ma Kristofo mmofra a ebia mprempren wobehyia fɛwdi esiane sɛ wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde Bible gyinapɛn ahorow bɛbɔ wɔn bra nti no.—1 Yohane 5:21.
12 Sɔhwɛ ahorow a yehyia no—nea ɛto nnipa nyinaa ne nea yɛn Kristofo gyidi no nti yehyia no nyinaa—kyerɛ nea enti a yehia boasetɔ. Nanso ɔkwan bɛn so na yebetumi anya boasetɔ?
Gyina Mu Kosi Awiei—Ɔkwan Bɛn So?
13. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ma boasetɔ?
13 Onyankopɔn nkurɔfo nya mfaso pɔtee bi sen wɔn a wɔnsom Yehowa. Yebetumi asrɛ mmoa afi ‘Onyankopɔn a ɔma boasetɔ no’ hɔ. (Romafo 15:5) Nanso ɔkwan bɛn so na Yehowa ma boasetɔ? Ɔkwan biako a ɔnam so yɛ saa ne boasetɔ ho nhwɛso ahorow a wɔakyerɛw wɔ n’Asɛm Bible no mu. (Romafo 15:4) Bere a yesusuw eyinom ho no, ɛnyɛ hyɛ nko na ɛhyɛ yɛn nkuran ma yenya boasetɔ na mmom yesua pii fa sɛnea yebetumi anya boasetɔ ho. Susuw nhwɛso a ɛda nsow abien ho—akokoduru a Hiob de daa boasetɔ adi, ne Yesu boasetɔ a mfomso biara nni ho no.—Hebrifo 12:1-3; Yakobo 5:11.
14, 15. (a.) Sɔhwɛ ahorow bɛn na Hiob gyinaa mu? (b) Dɛn na ɛmaa Hiob tumi gyinaa sɔhwɛ ahorow a ohyiae no mu?
14 Tebea ahorow bɛn na ɛsɔɔ Hiob boasetɔ hwɛe? Ɔbaa ahokyerɛ mu bere a ɔhweree n’ahode pii no. (Hiob 1:14-17; fa toto Hiob 1:3 ho.) Bere a ahum kunkum Hiob mma du no nyinaa no, ɔtee nea wahwere no mu yaw. (Hiob 1:18-21) Onyaa ɔyare a ɛyɛ yaw kɛse. (Hiob 2:7, 8; 7:4, 5) N’ankasa ne yere hyɛɛ no sɛ ɔmpow Onyankopɔn. (Hiob 2:9) N’ayɔnkofo a wɔbɛn no kaa nsɛm a ɛyɛ yaw, a ayamye nnim na ɛyɛ atoro. (Fa toto Hiob 16:1-3 ne Hiob 42:7 ho.) Nanso wɔ eyi nyinaa mu no, Hiob gyinaa pintinn kuraa ne mudi mu. (Hiob 27:5) Nneɛma a ogyinae mu no te sɛ sɔhwɛ ahorow a Yehowa nkurɔfo hyia nnɛ no.
15 Ɛyɛɛ dɛn na Hiob tumi gyinaa saa sɔhwɛ ahorow no nyinaa mu? Ade biako a ɛwowaw Hiob titiriw ne anidaso. Ɔkae sɛ: “Dua po, anidaso wɔ hɔ ma no, sɛ wotwa a, ɛbɛfefɛw, na ne nnubaa remmɔ no.” (Hiob 14:7) Anidaso bɛn na na Hiob wɔ? Sɛnea wɔakyerɛw wɔ ɛno akyi nkyekyem kakraa bi a edi hɔ mu no, ɔkae sɛ: “Sɛ onipa wu a, so ɔbɛtra ase bio? . . .Anka wobɛfrɛ, na me nso magye wo so, anka w’ani begyina [anaa, wo kɔn bɛdɔ] wo nsa ano adwuma no.” (Hiob 14:14, 15) Yiw, Hiob hu traa yaw a odii saa bere no. Ná onim sɛ ne sɔhwɛ ahorow no rentra hɔ daa. Ayere so ara ne sɛ obegyina mu akosi owu mu. Nea ɔde anidaso hwɛɛ kwan ne sɛ, Yehowa, a ofi ɔdɔ mu pɛ sɛ onyan awufo no bɛsan de no aba nkwa mu bio.—Asomafo no Nnwuma 24:15.
16. (a) Dɛn na yesua wɔ boasetɔ ho fi Hiob nhwɛso no mu? (b) Ɛsɛ sɛ yegye Ahenni anidaso no di dɛn, na dɛn ntia?
16 Dɛn na yesua fi Hiob boasetɔ no mu? Sɛ yebetumi anya boasetɔ akosi awiei a, ɛnsɛ sɛ yɛn ani pa yɛn anidaso no so da. Kae nso sɛ, Ahenni anidaso no a ɛbɛbam ampa no kyerɛ sɛ yɛde toto ho a, amanehunu biara a yɛhyia no yɛ ‘bere tiaa mu ade.’ (2 Korintofo 4:16-18) Nea yɛn anidaso a ɛsom bo no gyina so pintinn ne ɛbɔ a Yehowa ahyɛ sɛ wɔ daakye bere bi a enni akyiri mu no, “ɔbɛpopa [yɛn] aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio” no, (Adiyisɛm 21:3, 4) Ɛsɛ sɛ saa anidaso a ‘enkowie huammɔdi mu’ no bɔ yɛn nsusuwii ho ban. (Romafo 5:4, 5; 1 Tesalonikafo 5:8) Ɛsɛ sɛ yegye di ankasa—yegye di araa ma yetumi de gyidi aniwa twa yɛn ho mfonini sɛ yɛwɔ wiase foforo no mu—sɛ yennnya ɔyare anaa adwenemhaw bio, na mmom yɛbɛsɔre da biara na yɛwɔ akwahosan pa na yɛn adwene mu tew; sikasɛm mu ahokyere akɛse renhaw yɛn bio, na mmom yebenya ahobammɔ; yɛrensu yɛn adɔfo a wɔawuwu bio, na mmom yebenya anigye afi hu a yebehu sɛ wonyan wɔn no mu. (Hebrifo 11:1) Sɛ anidaso a ɛte saa nni hɔ a, sɔhwɛ ahorow a yehyia mprempren no betumi ahyɛ yɛn so araa ma yɛapa abaw. Hwɛ sɛnɛa anidaso a yɛwɔ no kanyan yɛn kɛse ma yɛkɔ so yere yɛn ho, yɛkɔ so gyina mu kosi owu mu pɛɛ!
17. (a) Sɔhwɛ ahorow bɛn na Yesu gyinaa mu? (b) Nokwasɛm bɛn na ebetumi ama yɛahu sɛnea na amanehunu a Yesu faa mu no ano yɛ den? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)
17 Bible no hyɛ yɛn sɛ ‘yɛnnyen yɛn ani nhwɛ’ Yɛsu na ‘yensusuw ne ho yiye.’ Sɔhwɛ ahorow bɛn na otumi gyinaa mu? Emu bi fi afoforo bɔne ne wɔn sintɔ. Ɛnyɛ “ntuatuaano a nnebɔneyɛfo de tuaa n’ano” nkutoo ho boasetɔ na onyae, na mmom nsɛnnennen a ɛsɔree wɔ n’asuafo no ntam, a nea ɔyɛ wɔn mu kɛse a wogyee ho akyinnye mpɛn pii no ka ho. Nea ɛsen saa no, ohyiae gyidi ho sɔhwɛ a enni sɛso. ‘Ɔtɔɔ ne bo ase huu asɛndua ho amane.’ (Hebrifo 12:1-3; Luka 9:46; 22:24) Ɛyɛ den mpo sɛ yebesusuw adwene ne nipadua mu amanehunu a ɛwɔ asɛndua ho yaw mu ne animguase a ɛyɛ sɛ wobekum obi sɛ obususɛnkafo no ho.a
18. Sɛnea ɔsomafo Paulo kyerɛ no, nneɛma abien bɛn na ɛwowaw Yesu?
18 Dɛn na ɛmaa Yesu tumi gyinaa mu kosii ase? Ɔsomafo Paulo ka nneɛma abien a ɛwowaw Yesu: “Mpaebɔ ne nkotɔsrɛ” ne afei “anigye a ɛda n’anim” no. Yesu, Onyankopɔn Ba a ɔyɛ pɛ no ani anwu sɛ obebisa mmoa. Ɔde “nteɛm a ɛmu yɛ den ne nusu” bɔɔ mpae. (Hebrifo 5:7; 12:2) Bere a na ne sɔhwɛ kɛse no rɛbɛn titiriw na ohui sɛ ɛsɛ sɛ ofi komam bɔ mpae srɛ ahoɔden mpɛn pii. (Luka 22:39- 44) Bere a Yehowa redi Yesu mpaebɔ no ho dwuma no, wanyi sɔhwɛ no amfi hɔ, na mmom ɔhyɛɛ Yesu den maa otumi gyinaa mu. Yesu tumi gyinaa mu nso, efisɛ ɔhwɛ traa asɛndua no huu n’akatua—anigye a obenya wɔ nea wayɛ de atew Yehowa din ho ne adesamma abusua a wagye wɔn afi owu mu no ho.—Mateo 6:9; 20:28.
19, 20. Ɔkwan bɛn so na Yesu nhwɛso no boa yɛn ma yenya nea boasetɔ kyerɛ ho adwene a ɛteɛ.
19 Yesua nneɛma pii afi Yesu nhwɛso no mu, na ɛboa yɛn ma yenya nea boasetɔ hwehwɛ ho adwene a ɛteɛ. Boasetɔ a wɔde tra ase nyɛ mmerɛw. Sɛ ɛyɛ yɛn den sɛ yebegyina sɔhwɛ pɔtee bi mu a, hu a yebehu sɛ na ɛte saa ara wɔ Yesu mpo fam no ma yenya awerɛkyekye. Sɛ yebetumi agyina mu akosi ase a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so bɔ mpae srɛ ahoɔden. Sɛ yehyia sɔhwɛ a, ɛtɔ da bi a yebetumi ate nka sɛ yɛmfata sɛ yɛbɛbɔ mpae. Nanso Yehowa to nsa frɛ yɛn sɛ yenyi yɛn yam nkyerɛ no ‘efisɛ odwen yɛn ho.’ (1 Petro 5:7) Na esiane nea Yehowa ahyɛ ho bɔ wɔ N’asɛm mu nti, ɔde ayɛ n’asɛyɛde sɛ ɔde “tumi a ɛboro so” bɛma wɔn a wɔfrɛ no wɔ gyidi mu no.—2 Korintofo 4:7-9.
20 Edu mmere bi a ɛsɛ sɛ yɛde nusu gyina mu. Ná asɛndua ho yaw no ankasa nyɛ anigyede mma Yesu. Mmom no, na anigye no wɔ akatua a esi n’ani so no mu. Wɔ yɛn fam no, ntease nnim sɛ yɛbɛhwɛ kwan sɛ bere biara a yɛwɔ sɔhwɛ mu no yɛn ani begye na yɛn ho atɔ yɛn. (Fa toto Hebrifo 12:11 ho.) Nanso ɛdenam yɛn ani a yɛde besi akatua no so so no, sɛ yehyia sɔhwɛ tebea a ɛyɛ den sen biara mpo a, yebetumi ‘abu no anigye koraa.’ (Yakobo 1:2-4; Asomafo no Nnwuma 5:41) Nea ehia no ne sɛ yebegyina pintinn—sɛ ɛsɛ sɛ yɛde nusu yɛ saa mpo a. Yesu anka sɛ, ‘Nea osu kakraa bi no na wobegye no’ na mmom, “Nea obegyina akodu awiei no, ɔno na wobegye no.”—Mateo 24:13.
21. (a) Dɛn na 2 Petro 1:5, 6 hyɛ yɛn sɛ yɛmfa nka yɛn boasetɔ ho? (b) Nsemmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?
21 Enti boasetɔ ho hia ma nkwagye. Nanso, wɔ 2 Petro 1:5, 6 no, wɔhyɛ yɛn sɛ yɛmfa onyamesom pa nka yɛn boasetɔ ho. Dɛn ne onyamesom pa? Abusuabɔ bɛn na ɛne boasetɔ wɔ, na ɔkwan bɛn so na wubetumi anya? Yebesusuw nsemmisa yi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.
[Ase hɔ asɛm]
a Yebetumi ahu amanehunu kɛse a Yesu faa mu no afi nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nkwa fii ne nipadua a ɛyɛ pɛ no mu bere a odii nnɔnhwerew kakraa bi wɔ asɛndua no so, wɔ bere a na ɛsɛ sɛ wobubu adwowtwafo a wɔsɛn wɔn wɔ ne nkyɛn no anan na ama wɔawuwu ntɛm no mu. (Yohane 19:31-33) Ná wonhuu adwene ne nipadua mu amane a Yesu hui anadwo a wɔrebɛsɛn no no nyinaa a wanna na wodii n’ani, a ebia ekosii sɛ na ontumi nsoa n’ankasa asɛndua mpo no bi.—Marko 15:15, 21.
-
-
Fa Onyamesom Pa Ka Wo Boasetɔ HoƆwɛn-Aban—1993 | September 15
-
-
Fa Onyamesom Pa Ka Wo Boasetɔ Ho
‘Momfa boasetɔ nka mo gyidi ho, onyamesom pa nka mo boasetɔ ho.’—2 PETRO 1:5, 6.
1, 2. (a) Efi 1930 mfe no mu no, dɛn na ɛbaa Yehowa Adansefo a wɔwɔ aman a ɛwɔ Nasifo nniso ase no so, na dɛn ntia? (b) Esii Yehowa nkurɔfo dɛn wɔ aninyanne a wɔyɛɛ wɔn yi mu?
NÁ ƐYƐ bere bɔne wɔ afeha a ɛto so 20 no mu abakɔsɛm mu. Efi 1930 mfe no mu no, wɔkyeree Yehowa Adansefo a wɔwɔ aman a ɛhyɛ Nasi nniso ase mu guu nneduaban mu wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so. Dɛn ntia? Efisɛ wosii wɔn bo sɛ wonnyina ɔfã biara, na wɔpow sɛ wɔbɛka sɛ nkwagye fi Hitler. Wɔne wɔn dii ɔkwan bɛn so? “Nneduafo kuw foforo biara nni hɔ . . . a wohuu SS asraafo no atirimmɔdenne mu amane sɛnea Bible Asuafo no [Yehowa Adansefo] hui no. Ná ɛyɛ atirimmɔdenne a nipadua ne adwene mu aninyanne a wontumi mfa nsɛm nkyerɛkyerɛ mu a ɛkɔɔ so daa, hyɛɛ no agyirae.”—Kan Germany aban panyin, Karl Wittig.
2 Esii Adansefo no dɛn? Ɔbenfo Christine E. King kae wɔ ne nhoma The Nazi State and the New Religions: Five Case Studies in Non-Conformity mu sɛ: “Yehowa Adansefo nkutoo na [sɛ wɔde wɔn toto nyamesom kuw afoforo ho a] aban no antumi anni wɔn so nkonim.” Yiw, Yehowa Adansefo sɛ kuw no gyinaa pintinn, ɛwom sɛ wɔ wɔn mu ɔhaha pii fam no, na eyi kyerɛ sɛ wogyina ano kosi owu mu de.
3. Dɛn na aboa Yehowa Adansefo ma wɔatumi agyina sɔhwɛ horow a emu yɛ den mu?
3 Dɛn na aboa Yehowa Adansefo ama wɔatumi agyina sɔhwɛ ahorow a ɛte saa mu wɔ Nasi nniso ase wɔ Germany ne wiase nyinaa? Wɔn soro Agya no aboa wɔn ma wɔatumi agyina mu esiane wɔn nyamesom pa nti. Ɔsomafo Petro kyerɛkyerɛ mu sɛ: ‘Yehowa nim sɛnea obeyi wɔn a wɔde onyamesom pa som no afi sɔhwɛ mu.’ (2 Petro 2:9) Ná Petro adi kan atu Kristofo fo wɔ krataa koro no ara mu sɛ: ‘Momfa boasetɔ nka mo gyidi ho, onyamesom pa nka mo boasetɔ ho.’ (2 Petro 1:5, 6) Enti wɔde boasetɔ bata onyamesom pa ho kɛse. Nokwarem no, sɛ yebegyina mu akosi awiei a, ɛsɛ sɛ ‘yedi onyamesom pa akyi’ na yɛda no adi. (1 Timoteo 6:11) Nanso dɛn ankasa ne onyamesom pa?
Nea Onyamesom Pa Yɛ
4, 5. Dɛn ne onyamesom pa?
4 Wobetumi akyerɛ Hela edin asɛm ma “onyamesom pa” (eu-se’bei-a) ase ankasa sɛ “nidi a wɔde ma wɔ ɔkwan a efata so.”a (2 Petro 1:6, Kingdom Interlinear) Ɛkyerɛ Onyankopɔn ho nkate a efi komam a emu yɛ den. Sɛnea W. E Vine kyerɛ no, edin nkyerɛkyerɛmu eu-se-bes’, a nea ɛkyerɛ ankasa ne “nea ɛwɔ nidi a ɛfata” no gyina hɔ ma “ahoɔden a Onyankopɔn ho osuro kronkron kyerɛ no kwan ma wɔda no adi wɔ dwumadi a ahofama wom mu.”—2 Petro 2:9, Int.
5 Enti asɛm “onyamesom pa” no kyerɛ nidi anaa ahofama a wɔde ma Yehowa a ɛkanyan yɛn ma yɛyɛ nea ɛsɔ n’ani. Yɛyɛ saa mpo wɔ sɔhwɛ a emu yɛ den mu efisɛ yefi komam dɔ Onyankopɔn. Ɛyɛ nokwaredi mu a yefi de yɛn ankasa ho bata Onyankopɔn ho a ɛda adi wɔ ɔkwan a yɛfa so bɔ yɛn bra mu. Wɔhyɛ nokware Kristofo sɛ wɔmmɔ mpae na ama wɔatumi ‘atra ase komm, na wɔn ho adwo wɔn, Onyamesom pa nyinaa mu.’ (1 Timoteo 2:1, 2) Sɛnea nsɛm asekyerɛ nhoma akyerɛwfo J. P. Louw ne E. A. Nida kyerɛ no, “wɔ kasa pii mu no, wobetumi akyerɛ [eu-se’bei-a] wɔ 1 Tim. 2:2 ase ma afata sɛ ‘sɛ́ yɛbɛbɔ yɛn bra sɛnea Onyankopɔn pɛ sɛ yɛyɛ’ anaa ‘sɛ́ yɛbɛbɔ yɛn bra sɛnea Onyankopɔn aka akyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ.’”
6. Abusuabɔ bɛn na ɛda boasetɔ ne onyamesom pa ntam?
6 Yebetumi ate abusuabɔ a boasetɔ ne onyamesom pa wɔ no ase yiye afei. Esiane sɛ yɛbɔ yɛn bra sɛnea Onyankopɔn pɛ sɛ yɛyɛ —wɔ onyamesom pa mu—nti, wiase no tan yɛn, na ɛkɔ so sɔ yɛn gyidi hwɛ. (2 Timoteo 3:12) Nanso sɛ ɛnyɛ yɛn ankasa ho a yɛde bata yɛn soro Agya ho a, anka biribiara nni hɔ a ɛbɛkanyan yɛn ama yɛagyina mu wɔ sɔhwɛ a ɛtete saa mu. Afei nso, Yehowa ani sɔ ahofama a ɛte saa a efi komam no. Wode susuw ho hwɛ sɛnea ɔbɛte nka bere a ofi soro hwɛ wɔn a esiane ahofama a wɔwɔ ma no nti, wɔyere wɔn ho sɛ wɔbɛsɔ n’ani wɔ ɔsɔretia ahorow nyinaa akyi no. Ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔwɔ ɔpɛ sɛ ‘obeyi wɔn a wɔwɔ onyamesom pa afi sɔhwɛ mu’!
7. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya onyamesom pa?
7 Nanso yennya onyamesom pa mfi awo mu, na yennya mfi awofo a wosuro Onyankopɔn hɔ kɛkɛ. (Genesis 8:21) Mmom no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden na yɛatumi ada no adi. (1 Timoteo 4:7, 10) Ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho de onyamesom pa ka yɛn boasetɔ ne yɛn gyidi ho. Petro ka sɛ eyi gye ‘mmɔdenbɔ kɛse.’ (2 Petro 1:5) Ɛnde, yɛbɛyɛ dɛn atumi anya Onyamesom pa?
Ɔkwan Bɛn so na Yɛbɛfa Anya Onyamesom Pa?
8. Sɛnea ɔsomafo Petro kyerɛ no, dɛn ne ade a ɛbɛma yɛanya onyamesom pa?
8 Ɔsomafo Petro kyerɛkyerɛɛ nea ɛbɛma obi anya onyamesom pa mu. Ɔkae sɛ: “Ɔdom ne asomdwoe nnɔɔso mma mo, Onyakopɔn ne yɛn Awurade Yesu ho [nokware] nimdeɛ mu. Sɛnea ne Nyankopɔn fam ahoɔden de nneɛma a ɛfa nkwa ne onyamesom pa ho nyinaa akyɛ yɛn, nea ɔnam anuonyam ne mmaninyɛ so afrɛ yɛn no ho [nokware] nimdeɛ mu.” (2 Petro 1: 2, 3) Enti sɛ yɛde onyamesom pa bɛka yɛn gyidi ne boasetɔ ho a, ɛsɛ sɛ yenyin wɔ nokware nimdeɛ mu, kyerɛ sɛ, Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo ho nimdeɛ a edi mũ, anaa ɛntɔ sin mu.
9. Mfatoho bɛn na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn ne Kristo ho nokware nimdeɛ a yebenya no hwehwɛ pii sen hu ara kwa a yebehu nnipa ko a wɔyɛ?
9 Onyankopɔn ne Kristo ho nokware nimdeɛ a wubenya no kyerɛ dɛn? Ɛda adi pefee sɛ ɛhwehwɛ pii sen hu ara kwa a wubehu nnipa ko a wɔyɛ. Sɛ yɛbɛyɛ ho mfatoho a: Wubetumi ahu onii ko a wo fipamfo yɛ, na ebi mpo a wobɛbɔ ne din akyia no. Nanso wode sika kɛse bɛfɛm no? Worenyɛ saa, gye sɛ wunim nipa ko a ɔyɛ ankasa. (Fa toto Mmebusɛm 11:15 ho.) Saa ara na Yehowa ne Yesu a wubehu sɛnea wɔte pɛpɛɛpɛ, anaa wubehu wɔn yiye no hwehwɛ pii sen sɛ wubegye adi sɛ wɔwɔ hɔ na woahu wɔn din ara kwa no. Sɛ yebenya ɔpɛ sɛ wɔn nti yebegyina sɔhwɛ ahorow mu akosi owu mu mpo a, ɛsɛ sɛ yehu wɔn yiye ankasa. (Yohane 17:3) Dɛn na eyi hwehwɛ?
10. Yehowa ne Yesu ho nokware nimdeɛ a yebenya no hwehwɛ nneɛma abien bɛn, na dɛn ntia?
10 Yehowa ne Yesu ho nimdeɛ a ɛyɛ nokware, anaa edi mũ a yebenya no hwehwɛ nneɛma abien: (1) sɛ yebehu wɔn sɛ ankorankoro—wɔn su horow, nkate horow, ne wɔn akwan—ne (2) wɔn nhwɛso a yebesuasua. Onyamesom pa hwehwɛ Yehowa a yɛn ankasa yefi komam bɛbata ne ho, na eyi da adi wɔ ɔkwan a yɛfa so bɔ yɛn bra mu. Enti, sɛ yebetumi anya a, ɛsɛ sɛ yɛn ankasa yehu Yehowa na yehu n’apɛde ne n’akwan yiye sɛnea yɛn tebea sɛ́ nnipa no bɛma kwan. Nokwarem no, sɛ yebehu Yehowa, a ɔbɔɔ yɛn wɔ ne sɛso so no a, ɛsɛ sɛ yɛde nimdeɛ a ɛte saa di dwuma na yɛyere yɛn ho yɛ sɛ ɔno. (Genesis 1:26-28; Kolosefo 3:10) Na esiane sɛ Yesu suasuaa Yehowa pɛpɛɛpɛ wɔ ne kasa ne nneyɛe mu nti, Yesu a yebehu no yiye no bɛboa yɛn kɛse ma yɛanya onyamesom pa.—Hebrifo 1:3.
11. (a) Ɔkwan bɛn so na yebetumi afa anya Onyankopɔn ne Kristo ho nokware nimdeɛ? (b) Dɛn nti na ehia sɛ yedwen nea yɛkenkan no ho?
11 Ɛnde ɔkwan bɛn so na yebetumi anya Onyankopɔn ne Kristo ho nokware nimdeɛ a ɛte saa? Ɛdenam Bible ne Bible ho nhoma ahorow a yebesua no so.b Nanso, sɛ yɛn kokoam Bible adesua betumi ama yɛanya onyamesom pa a, ehia sɛ yegye bere dwen nea yɛkenkan no ho, kyerɛ sɛ, yesusuw ho. (Fa toto Yosua 1:8 ho.) Dɛn nti na eyi ho hia? Kae sɛ onyamesom pa yɛ Onyankopɔn ho nkate a emu yɛ den a efi komam. Wɔde nsɛm a wodwen ho bata sɛnkyerɛnne kwan so koma—kyerɛ sɛ komam nipa no ho mpɛn pii wɔ Kyerɛwnsɛm no mu. (Dwom 19:14; 49:3; Mmebusɛm 15:28) Sɛ yedwen nea yɛkenkan no ho sɛnea ɛfata a, esian kɔ yɛn komam nipa no mu, na ɛkanyan yɛn nkate horow, na ɛka yɛn nsusuwii. Saa kwan no so nkutoo na adesua betumi ahyɛ yɛne Yehowa abusuabɔ no mu den, na aka yɛn ma yɛabɔ yɛn bra sɛnea ɛsɔ Onyankopɔn ani wɔ tebea ne sɔhwɛ ahorow a emu yɛ den mu.
Onyamesom Pa a Yɛbɛda no Adi wɔ Fie
12. (a) Sɛnea Paulo kyerɛ no, ɔkwan bɛn so na Kristoni betumi ada onyamesom pa adi wɔ fie? (b) Dɛn nti na nokware Kristofo hwɛ wɔn awofo a wɔn mfe akɔ anim?
12 Ɛsɛ sɛ yedi kan da onyamesom pa adi wɔ fie. Ɔsomafo Paulo ka sɛ: “Sɛ okunafo bi wɔ mma anaa mmanana a, wonsua onyamesom pa wɔn fi mu kan ntua wɔn awofo ka; efisɛ eyi na eye na ɛsɔ Onyankopɔn ani.” (1 Timoteo 5:4) Sɛnea Paulo da no adi no, awofo a wɔn mfe akɔ anim a wɔhwɛ wɔn no yɛ onyamesom pa a wɔda no adi. Ɛnyɛ sɛ ɛyɛ nokware Kristofo asɛyɛde kɛkɛ nti na wɔhwɛ wɔn awofo a wɔn mfe akɔ anim na mmom esiane sɛ wɔdɔ wɔn no nti. Nanso nea ɛsen saa no, wohu hia a obi abusua a ɔbɛhwɛ wɔn no ho hia Yehowa no. Wonim yiye sɛ wɔn awofo a wobebu wɔn ani agu wɔn so wɔ wɔn ahohia bere mu no bɛkyerɛ sɛ ‘wapa Kristofo gyidi no.’—1 Timoteo 5:8.
13. Dɛn nti na onyamesom pa a wɔda no adi wɔ fie no betumi ayɛ den kɛse, nanso akomatɔyam bɛn na obi awofo a ɔhwɛ wɔn no de ba?
13 Nokwarem no, ɛnyɛ mmerɛw bere nyinaa sɛ wɔbɛda nyamesom pa adi wɔ fie. Ebetumi aba sɛ faako a abusuafo tete no ntam kwan ware. Ebia na mma a wɔanyinyin rehwɛ wɔn ankasa mmusua na ebia wɔn ho kyere wɔn wɔ sika fam. Sɛnea ɔhwɛ a ɔwofo bi hia te no betumi aka nea ɔrehwɛ no no akwahosan wɔ nipadua, adwene, ne nkate fam. Nanso nim a obi nim sɛ n’awofo a ɔhwɛ wɔn no nyɛ ‘akatua a ɛsɛ wɔn’ nko na mmom ɛsɔ Onii a “wofi no mu frɛ abusua biara a ɛwɔ ɔsoro ne asase so” no nso ani no betumi de akomatɔyam ankasa aba.—Efesofo 3:14, 15.
14, 15. Ka nhwɛso bi a ɛfa mmofra bi a wɔde ahofama hwɛɛ wɔn papa ho no ho asɛm.
14 Susuw nhwɛso a ɛka koma ankasa bi ho. Ellis ne ne nuanom mmarima ne mmea baanum wɔ asɛyɛde a ɛyɛ den sɛ wɔhwɛ wɔn agya wɔ fie. Ellis kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wɔ 1986 mu no, me papa fã dwudwoe, na ɛmaa obubui koraa.” Mmofra baasia no kyɛ wɔn agya ahiade ahorow ho dwumadi, fi guare a wobeguare no so kosi hwɛ a wɔbɛhwɛ adannan no wɔ mpa so bere ne bere mu sɛnea ɛbɛyɛ na ne ho ntutu akuru. “Yɛkenkan nneɛma kyerɛ no, kasa kyerɛ no, bɔ nnwom kyerɛ no. Yennim sɛ ebia onim nea ɛkɔ so no anaa, nanso yɛne no di te sɛ nea onim biribiara.”
15 Dɛn nti na mmofra no hwɛ wɔn papa saa? Ellis toa so sɛ: “Yɛn maame wui wɔ 1964 mu akyi no, Paapa nkutoo na ɔhwɛɛ yɛn. Saa bere no na yɛadi fi mfe 5 kosi 14. Ná wayɛ krado sɛ ɔbɛboa yɛn saa bere no; mprempren yɛn nso yɛayɛ krado sɛ yɛbɛboa no.” Ɛda adi pefee sɛ ɛnyɛ mmerɛw sɛ wɔde ɔhwɛ a ɛte saa bɛma, na edu mmere bi a, mmofra no abam bu. Ellis ka sɛ: “Nanso yehu sɛ yɛn papa tebea no yɛ bere tiaa mu ɔhaw. Yɛn ani da bere a wɔbɛsan ama yɛn papa akwahosan pa, na yɛne yɛn maame asan ahyiam no so.” (Yesaia 33:24; Yohane 5:28, 29) Nokwarem no, ahofama a ɛte sɛɛ a yɛde bɛhwɛ yɛn wofo bi no bɛma Onii a ɔhyɛ mmofra sɛ wonni wɔn awofo ni no koma ani agye!c—Efesofo 6:1, 2.
Onyamesom Pa ne Ɔsom Adwuma No
16. Adwene titiriw bɛn na ɛsɛ sɛ ɛkanyan nea yɛyɛ wɔ asɛnka adwuma no mu?
16 Sɛ yɛpene nsa a Yesu to frɛ yɛn sɛ ‘yɛnkɔ so nni n’akyi’ no so a, ɛde ɔsoro ahyɛde to yɛn so sɛ yɛnka Ahenni no ho asɛmpa na yɛnyɛ asuafo. (Mateo 16:24; 24:14; 28:19, 20) Ɛda adi pefee sɛ ɛyɛ Kristoni asɛyɛde wɔ “nna a edi akyiri” yi mu sɛ onya asɛnka adwuma no mu kyɛfa. (2 Timoteo 3:1) Nanso, ɛsɛ sɛ adwene a yɛde ka asɛm na yɛde kyerɛkyerɛ no kɔ akyiri sen adwuma anaa asɛyɛde ara kwa. Ɛsɛ sɛ ɔdɔ a emu yɛ den a yɛwɔ ma Yehowa yɛ adwene titiriw a ɛwɔ nea yɛyɛ ne dodow a yɛyɛ wɔ asɛnka adwuma mu no akyi. Yesu kae sɛ: “Nea ayɛ koma ma abu so no na ano ka.” (Mateo 12:34) Yiw, sɛ Yehowa ho dɔ yɛ yɛn koma ma a, ɛkanyan yɛn ma yedi ne ho adanse kyerɛ afoforo. Sɛ Onyankopɔn ho dɔ ne adwene a yɛde yɛ yɛn som adwuma a, ɛyɛ yɛn nyamesom pa a yɛda no adi wɔ ɔkwan a ɛfata so.
17. Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya asɛnka adwuma no ho adwene a ɛfata?
17 Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya asɛnka adwuma no ho adwene a ɛfata? Susuw ntease abiɛsa a Yehowa de ama yɛn a enti ɛsɛ sɛ yɛdɔ no no ho. (1) Yɛdɔ Yehowa esiane nea wayɛ ama yɛn dedaw no nti. Ɔdɔ biara nni hɔ a anka obetumi ada no adi a ɛsen sɛ ɔde agyede no bɛma. (Mateo 20:28; Yohane 15:13) (2) Yɛdɔ Yehowa esiane nea ɔreyɛ ma yɛn mprempren nti. Yetumi ne Yehowa kasa bere biara, na otie yɛn mpaebɔ. (Dwom 65:2; Hebrifo 4:14-16) Bere a yɛde Ahenni nneɛma di kan no, yɛn nsa ka asetra mu ahiade ahorow. (Mateo 6:25-33) Yɛn nsa ka honhom mu aduan a ɛfata a ɛboa yɛn ma yegyina nsɛnnennen a yehyia no ano. (Mateo 24:45) Na yɛwɔ nhyira a ɛne sɛ yɛka wiase nyinaa Kristofo onuayɛ a ɛma yɛda nsow fi wiase no ho no ho. (1 Petro 2:17) (3) Yɛdɔ Yehowa nso esiane nea ɔbɛyɛ ama yɛn daakye no nti. Esiane ne dɔ nti, yekura ‘nkwa ankasa no mu pintinn’—daa nkwa a ɛbɛba daakye. (1 Timoteo 6:12, 19) Nokwarem no, sɛ yesusuw ɔdɔ a Yehowa akyerɛ ama yɛn no ho a, yɛn koma bɛka yɛn ma yɛde yɛn ho ama aka ɔno ne n’atirimpɔw ahorow a ɛsom bo no ho asɛm akyerɛ afoforo! Ɛnyɛ afoforo na wɔbɛka nea yɛnyɛ anaa kyɛfa a ɛsɛ sɛ yenya wɔ ɔsom adwuma no mu. Yɛn koma bɛka yɛn ma yɛayɛ nea yebetumi.
18, 19. Akwanside bɛn na onuawa bi dii so na ama watumi anya asɛnka adwuma no mu kyɛfa?
18 Wɔ tebea horow a emu yɛ den mu mpo no, onyamesom pa bɛkanyan obi ma wakasa. (Fa toto Yeremia 20:9 ho.) Stella, Kristoni bea a ɔfɛre ade kɛse bi tebea da eyi adi. Bere a ofii ase suaa Bible no foforo no, osusuwii sɛ, ‘Mintumi nkɔ afie afie da!’ Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ná meyɛ dinn bere nyinaa. Ná mintumi nkɔ afoforo nkyɛn ne wɔn nkofi nkɔmmɔbɔ ase.” Bere a ɔkɔɔ so suaa ade no, ɔdɔ a ɔwɔ ma Yehowa no yɛɛ kɛse, na obenyaa ɔpɛ a emu yɛ den sɛ ɔbɛka ne ho asɛm akyerɛ afoforo.’ “Mekae sɛ meka kyerɛɛ me Bible kyerɛkyerɛfo no sɛ, ‘Mepɛ sɛ mekasa paa, nanso mintumi nyɛ saa, na ɛhaw me ankasa.’ Me were remfi nea ɔka kyerɛɛ me yi da: ‘Stella, ma w’ani nsɔ sɛ wopɛ sɛ wokasa.’”
19 Ankyɛ na Stella fii ase sɛ ɔredi ne fipamfo adanse. Afei ɔyɛɛ biribi a na ɛyɛ ade kɛse ma no—onyaa afie afie adwuma no mu kyɛfa nea edi kan. (Asomafo no Nnwuma 20: 20, 21) Ɔkae sɛ: “Mekyerɛw m’asɛm no. Nanso me bo tui araa maa ɛwom sɛ na ekura me de, nanso ne ehu aka me ma mintumi nhwɛ nea makyerɛw no so!” Mprempren, bɛboro mfe 35 akyi no, Stella da so ara fɛre ade kɛse. Nanso ɔdɔ asɛnka adwuma no na ɔkɔ so nya mu kyɛfa kɛse.
20. Nhwɛso bɛn na ɛkyerɛ sɛ ɔtae anaa afiasenna mpo ntumi mma Yehowa Adansefo a wɔwɔ ahofama mmua wɔn ano?
20 Ɔtaa anaa afiasenna mpo ntumi mma Yehowa Adansefo a wɔwɔ ahofama mmua wɔn ano. Susuw Ernst ne Hildegard Seliger a wofi Germany nhwɛso no ho. Esiane wɔn gyidi nti, wɔka bom a wɔn baanu dii bɛboro mfe 40 wɔ Nasifo nneduaban ne Komunisfo afiase ahorow mu. Wɔ afiase hɔ mpo no, wɔkɔɔ so dii nneduafo afoforo adanse. Hildegard kae sɛ: “Afiase ahwɛfo buu me sɛ obi a ne ho yɛ hu titiriw, efisɛ, sɛnea deduani bea biako kae no, mekaa Bible no ho asɛm daa nyinaa. Enti wɔde me too afiase dan a ɛwɔ asase ase mu.” Bere a awiei koraa wogyaa wɔn no, Onua ne Onuawa Seliger de wɔn bere nyinaa sii hɔ maa Kristofo ɔsom adwuma no. Wɔn baanu nyinaa de nokwaredi somee kosii wɔn wu mu, Onua Seliger wui wɔ 1985 mu, na ne yere nso wui wɔ 1992 mu.
21. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛatumi de onyamesom pa aka yɛn boasetɔ ho?
21 Ɛdenam Onyankopɔn Asɛm a yɛde nsi besua na yɛagye bere de adwen nea yesua no ho yiye so no, yebenyin wɔ Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo ho nokware nimdeɛ mu. Eyi nso bɛma yeanya su a ɛsom bo kɛse no bi —onyamesom pa. Sɛ yenni onyamesom pa a, ɔkwan biara nni hɔ a yebetumi afa so agyina sɔhwɛ ahorow a ɛba yɛn so sɛ Kristofo no mu. Enti momma yenni Petro afotu no akyi, na yɛnkɔ so ‘mfa boasetɔ nka yɛn gyidi ho ne onyamesom pa nka yɛn boasetɔ ho.’—2 Petro 1:5, 6.
-